Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

“Wohwim” ɔsomafo Paulo “kɔɔ ɔsoro a ɛto so abiɛsa,” na wohwim no “kɔɔ paradise.” Saa asɛm no kyerɛ sɛn?​—2 Kor. 12:2, 4.

Paulo kaa ɔbarima bi a ‘wohwim no kɔɔ ɔsoro a ɛto so abiɛsa’ ho asɛm wɔ 2 Korintofo 12:2, 3. Hena ne saa ɔbarima no? Bere a Paulo kyerɛw Korinto asafo no, osii so dua sɛ Onyankopɔn de no reyɛ adwuma sɛ ɔsomafo. (2 Kor. 11:5, 23) Afei, ɔkaa “Awurade anisoadehu ne n’adiyi” ho asɛm. Paulo anka anuanom foforo ho asɛm wɔ saa asɛm yi mu. Ɛno nti, ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ, ɔbarima a onyaa anisoadehu ne adiyi no, na Paulo reka ɔno ankasa ho asɛm.—2 Kor. 12:1, 5.

Enti, Paulo ne ɔbarima a ‘wohwim no kɔɔ ɔsoro a ɛto so abiɛsa’ na “wohwim no kɔɔ paradise” no. (2 Kor. 12:2-4) Ɔde asɛmfua ‘adiyi’ dii dwuma, na ɛkyerɛ biribi a ɛbɛba daakye a woyi kyerɛɛ no.

“Ɔsoro a ɛto so abiɛsa” a Paulo hui no yɛ dɛn?

Bible ka “ɔsoro” a, etumi kyerɛ ewim. (Gen. 11:4; 27:28; Mat. 6:26) Wotumi de asɛmfua “ɔsoro” gyina hɔ ma nneɛma foforo nso. Ɛtɔ da a, egyina hɔ ma nnipa tumidi. (Dan. 4:20-22) Anaa ebetumi akyerɛ Onyankopɔn tumidi; ebi ne sɛ, Yehowa tumi fa Onyankopɔn Ahenni no so di tumi.—Adi. 21:1.

Paulo huu “ɔsoro a ɛto so abiɛsa.” Ɛkyerɛ sɛn? Ɛtɔ da a, Bible ka asɛm bi mprɛnsa de si biribi so dua, de hyɛ asɛm bi mu den, anaa ɛde kyerɛ sɛnea asɛm bi yɛ aniberesɛm. (Yes. 6:3; Hes. 21:27; Adi. 4:8) Bere a Paulo kaa “ɔsoro a ɛto so abiɛsa” ho asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔreka nniso a ɛkorɔn bi ho asɛm. Ɛno ne Mesia Ahenni a Yesu Kristo ne ne mfɛfo 144,000 di so no. (Hwɛ Insight on the Scriptures, Po 1, kr. 1059, 1062.) Ɔsomafo Petro kaa sɛ, sɛnea Onyankopɔn bɔhyɛ te no, yɛretwɛn “ɔsoro foforo.”—2 Pet. 3:13.

“Paradise” a Paulo kaa ho asɛm no nso ɛ?

Asɛmfua “paradise” nso tumi kyerɛ nneɛma pii: (1) Sɛnea na baabi a edi kan a Onyankopɔn de nnipa kɔtenae te nti, yebetumi aka sɛ asɛmfua “paradise” no kyerɛ Paradise a ɛbɛba asase so ankasa. (2) Ebetumi akyerɛ asomdwoe soronko a Onyankopɔn nkurɔfo benya wɔ wiase foforo no mu. (3) Afei nso, ebetumi akyerɛ anigye kɛse a ɛwɔ “Onyankopɔn paradise” a ɛwɔ soro a wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 2:7 no mu.—Hwɛ July 15, 2015, Ɔwɛn-Aban, kr. 5 nky. 8.

Ebetumi aba sɛ, bere a Paulo reka nea ohui no ho asɛm wɔ 2 Korintofo 12:4 no, na saa nneɛma mmiɛnsa no nyinaa ho asɛm na ɔreka.

Yɛbɛbɔ asɛm no mua sɛ:

“Ɔsoro a ɛto so abiɛsa” a Paulo kaa ho asɛm wɔ 2 Korintofo 12:2 no, ɛbɛyɛ sɛ ɛno ne Mesia Ahenni a Yesu Kristo ne 144,000 no di so no, ɛno ne “ɔsoro foforo” no.—2 Pet. 3:13.

Ahenni no yɛ “ɔsoro a ɛto so abiɛsa” efisɛ ɛyɛ tumidi a ɛkorɔn.

Ɛbɛyɛ sɛ “paradise” a “wohwim” Paulo kɔe wɔ anisoadehu mu no yɛ (1) Paradise a ɛbɛba asase so no, (2) honhom fam paradise a ɛbɛba saa bere no a asomdwoe a ɛbɛba mu no bɛyɛ kɛse asen honhom fam paradise a ɛwɔ hɔ nnɛ no, (3) “Onyankopɔn paradise” a ɛwɔ soro no a yebenya bi wɔ asase so wɔ wiase foforo no mu no.

Ɛno nti, wiase foforo no bɛyɛ ɔsoro foforo ne asase foforo no. Ɛbɛyɛ nhyehyɛe foforo; ɔsoro Ahenni nniso ne adesamma a wɔresom Yehowa wɔ paradise wɔ asase so.