Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

Woatɔ wo bo ase akenkan Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

Dɛn na Kyerɛwnsɛm no ka a ɛma yehu sɛ Onyankopɔn wɔ tema ma yɛn?

Bere a tete Israelfo no yɛ nkoa wɔ Egypt no, Onyankopɔn huu ahohia a na wɔrefa mu, na na ɔte yaw a wɔrefa mu no ase. (Ex. 3:7; Yes. 63:9) Onyankopɔn bɔɔ yɛn wɔ ne suban so, enti yebetumi anya tema ama afoforo. Sɛ yɛte nka sɛ yɛmfata sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn mpo a, ɔwɔ tema ma yɛn.—wp18.3, kr. 8-9.

Sɛn na Yesu nkyerɛkyerɛ boaa nkurɔfo ma woyii ɔtan hunu fii wɔn mu?

Yesu bere so no, na Yudafo pii tan nkurɔfo kwa. Kristo sii so dua sɛ ehia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase, na ɔkaa sɛ ɛyɛ mfomso sɛ obi de abusuakuw a ofi mu bɛhoahoa ne ho. Ɔhyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ wommu wɔn ho wɔn ho sɛ anuanom.— w18.06, kr. 9-10.

Adɛn nti na Onyankopɔn amma Mose ankɔ Bɔhyɛ Asase no so? Dɛn na yesua fi mu?

Ná Mose ne Yehowa wɔ abusuabɔ pa. (Deut. 34:10) Israelfo no twaa kwan wɔ sare no so mfe 40. Aka kakra ama wɔawie sare no so akwantu no, wonwiinwii ne mprenu so sɛ wonnya nsu. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnkasa nkyerɛ ɔbotan no. Nanso, Mose de ne poma no bɔɔ ɔbotan no mu mmom. Ɛbɛyɛ sɛ nea ɛmaa Yehowa bo fuw Mose ne sɛ, Mose anni akwankyerɛ a ɔde maa no no so bere a ɔyɛɛ anwonwade no, anaasɛ wamfa ho anuonyam amma Onyankopɔn. (Num. 20:6-12) Ɛsɛ sɛ wei ma yehu sɛ, ɛho hia pa ara sɛ yetie Yehowa na yɛhyɛ no anuonyam.—w18.07, kr. 13-14.

Sɛ yegyina nea yɛn ani hu so bu atɛn a, adɛn nti na ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ yebedi mfomso?

Nneɛma mmiɛnsa na ɛtaa ma nnipa pii gyina nea ani hu so gye obi tom anaa wobu no animtiaa: abusuakuw a onii no fi mu, n’ahonyade, ne mfe a wadi. Ɛho hia sɛ yɛbɔ mmɔden suasua Yehowa, na yɛanyɛ animhwɛ! (Aso. 10:34, 35)—w18.08, kr. 8-12.

Nneɛma bɛn saa na Kristofo a wɔn mfe akɔ anim betumi ayɛ de aboa afoforo?

Kristoni a ne mfe akɔ anim a ɔsom hokwan a ɔwɔ asesa no da so ara som bo ma Onyankopɔn, na obetumi aboa afoforo wɔ akwan pii so. Obetumi adi anuanom a wɔn kununom anaa wɔn yerenom nni asafo no mu adanse, aboa wɔn a wɔagyae asɛnkakɔ, ayɛ Bible adesua, na watrɛw ne som adwuma mu.—w18.09, kr. 8-11.

Dɛn ne Nnwinnade Titiriw a Kristofo De Kyerɛkyerɛ?

Ebi ne wɛbsaet kaad ne nsato krataa. Ebi nso ne nkratawa nwɔtwe a wɔayɛ no kama, ne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma. Nhomawa kakra, nhoma titiriw mmienu a yɛde sua Bible, ne video ahorow nnan a ɛboa pa ara nso ka ho. Video no baako ne Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wusua Bible?w18.10, kr. 16.

Sɛnea Mmebusɛm 23:23 ka no, Kristoni bɛyɛ dɛn ‘atɔ nokware’?

Ɛnyɛ sika na yɛde tɔ nokware. Nanso, sɛ yebetumi atɔ nokware a, egye bere, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho adwuma ansa na yɛn nsa aka.—w18.11, kr. 4.

Sɛnea Hosea ne ne yere Gomer dii no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

Gomer sɛee aware mpɛn pii de, nanso Hosea de ne bɔne kyɛɛ no, na wannyae no aware. Sɛ Kristoni bi kunu anaa ne yere bɔ aguaman a, ɔhokafo a ne ho nni asɛm no betumi de akyɛ no. Sɛ ɔhokafo a ne ho nni asɛm no san fi ase ne ne kunu anaa ne yere a wabɔ aguaman no da a, onni biribiara a obetumi agyina so agyae ne hokafo no aware.—w18.12, kr. 13.