Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Yebehyia Wɔ Paradise!”

“Yebehyia Wɔ Paradise!”

“Wobɛka me ho wɔ Paradise.”​—LUKA 23:43.

NNWOM: 145, 139

1, 2. Ɛsono sɛnea obiara te paradise ase. Ebi ne sɛn?

NEA na ɛrekɔ so no, na ɛka koma pa ara. Anuanom a wofi aman foforo so kɔɔ nhyiam bi wɔ Seoul, Korea. Bere a anuanom refi agoprama no so no, Adansefo a wɔwɔ Korea no betwaa wɔn ho hyiae. Wɔn mu pii nyam wɔn nsa, na wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ “Yebehyia wɔ Paradise!” Wohwɛ a, paradise bɛn na na wɔreka ho asɛm no?

2 Ɛsono sɛnea obiara te paradise ase. Ebinom ka sɛ paradise yɛ nsusuwii hunu. Afoforo nso ka sɛ, baabiara a wɔkɔ a wɔn ani gye na wɔn koma tɔ wɔn yam no, ɛhɔ ne paradise. Obi a ɔkɔm de no a ɔte ɔpon a aduan ahyɛ so ma ho nso, ebia ɔbɛte nka sɛ ɔwɔ paradise. Mfe pii a atwam no, ɔbea bi kopuee obon bi a wuram nhwiren ahyɛ mu mã so. Ɛkaa ne koma araa ma ɔteɛɛm sɛ: “Hwɛ, Paradise ni!” Ɛwom sɛ afe biara sukyerɛmma tɔ gu hɔ ma ɛba soro bɛboro anammɔn 50 (mita 15) de, nanso ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, wɔda so ara frɛ saa beae no Paradise. Sɛ wɔka Paradise a, wote ase sɛn? Wugye di sɛ ɛbɛba?

3. Bere bɛn na Bible dii kan kaa Paradise ho asɛm?

3 Bible ka paradise a na ɛwɔ hɔ bere bi ne paradise a ɛbɛba daakye ho asɛm. Paradise ho asɛm pue wɔ Bible ho nhoma a edi kan no mu. Wɔkyerɛɛ Katolek Douay Version nkyerɛase no ase fii Latin kasa mu. Saa Bible nkyerɛase no ka wɔ Genesis 2:8 sɛ: “Efi mfiase no na Awurade Nyankopɔn yɛɛ paradise a ɛhɔ yɛ anigye: ɛhɔ na ɔde [Adam] a na wabɔ no no kɔtenae.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Tete Hebri nkyerɛwee no ka ‘Eden turo’ ho asɛm. Eden kyerɛ “Anigye,” na nokwasɛm ne sɛ, na turo no mu yɛ anika. Ná aduan abu so wɔ hɔ, na ɛhɔ yɛ fɛ, na na asomdwoe wɔ nnipa ne mmoa pii a wɔwɔ hɔ no ntam.—Gen. 1:29-31.

4. Adɛn nti na yebetumi afrɛ Eden turo no paradise?

4 Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ “turo” no, Hela mu no, wɔkyerɛ ase pa·raʹdei·sos; nea ɛkyerɛ ne paradise. M’Clintock ne Strong Cyclopaedia no ka sɛ, sɛ Helani te pa·raʹdei·sos a, nea ɛba n’adwenem ni: “Prama kɛse a ɛyɛ fɛ a wɔabɔ ho ban a biribiara a ebetumi apira obi nni hɔ. Ɛyɛ baabi a kwae mu nnua atenten akɛse sisi a emu pii sow aba, na sare pii wɔ nsuten a ani tew a ɛdeda hɔ no ano. Atwe ne nguan pii di nsuten no ho akɔneaba.”—Fa toto Genesis 2:15, 16 ho.

5, 6. Ɛyɛɛ dɛn na Paradise yerae, na asɛm bɛn na ebinom bisa?

5 Paradise a ɛte saa na Onyankopɔn de Adam ne Hawa kɔtenaa mu, nanso wɔankɔ so antena hɔ. Adɛn ntia? Wɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden, ɛno nti, na wɔmfata sɛ wɔkɔ so tena hɔ. Wei maa Paradise bɔɔ wɔne wɔn asefo. (Gen. 3:23, 24) Ɛwom sɛ onipa biara ankɔ so antena Eden turo no mu de, nanso ɛbɛyɛ sɛ bere a Nsuyiri no baa Noa bere so no, na ɛwɔ hɔ.

6 Ebia ebinom bebisa sɛ: ‘Ɛda bi bɛba a, ɔbarima, ɔbea, anaa abofra bi benya Paradise atena wɔ asase so bio?’ Dɛn na adanse ahorow a ɛwɔ hɔ no ma yehu? Sɛ wohwɛ kwan sɛ wo ne w’adɔfo bɛtena Paradise a, wowɔ nea enti pa ara a wugye di sɛ nea wohwɛ kwan no bɛba? Nea enti a wugye di pa ara sɛ Paradise bɛba no, wubetumi akyerɛkyerɛ mu?

NEA ƐKYERƐ SƐ PARADISE BƐBA

7, 8. (a) Ɛbɔ bɛn na Onyankopɔn hyɛɛ Abraham? (b) Adwene bɛn na ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ no maa Abraham nyae?

7 Yehowa na ɔyɛɛ asase so Paradise a edi kan no, na ɔno ara nso na ɔma wɔkyerɛw Bible. Enti sɛ yɛrepɛ baabi a yebenya Paradise ho nsɛmmisa ho mmuae pa ara a, ɛyɛ Bible mu. Yɛnhwɛ asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ n’adamfo Abraham. Onyankopɔn kaa sɛ, ɔbɛma Abraham asefo adɔɔso ‘sɛ mpoano anwea.’ Afei, Onyankopɔn hyɛɛ Abraham saa bɔ kɛse yi: “W’aseni so na asase so aman nyinaa nam benya nhyira, efisɛ woayɛ aso ama me.” (Gen. 22:17, 18) Onyankopɔn tĩĩ saa bɔhyɛ no mu kyerɛɛ Abraham ba ne ne banana.—Kenkan Genesis 26:4; 28:14.

8 Biribiara nni Bible mu a ɛkyerɛ sɛ, Abraham nyaa adwene sɛ awiei koraa no, nnipa benya Paradise sɛ akatua wɔ soro. Enti bere a Onyankopɔn kaa sɛ obehyira “asase so aman nyinaa” no, ɛbɛyɛ sɛ Abraham nyaa adwene sɛ saa nhyira no bɛba asase so. Onyankopɔn na ɔhyɛɛ saa bɔ no nti, na asɛm no fa asetena pa a “asase so aman nyinaa” benya ho. Biribi foforo kɔɔ so wɔ Onyankopɔn nkurɔfo asetenam a ɛkyerɛ sɛ paradise bɛba asase so anaa?

9, 10. Ɛbɔ ahorow a wɔhyɛe akyiri yi bɛn na ɛma yegye di sɛ paradise bɛba daakye?

9 Dawid yɛ Abraham aseni. Ɔkaa sɛ, bere bi bɛba a yɛrenhu “nnebɔneyɛfo” ne “amumɔyɛfo” bio. Adɛn ntia? Efisɛ Bible ka sɛ “ɔdebɔneyɛfo nni hɔ bio.” (Dw. 37:1, 2, 10) Mmom, “ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” Onyankopɔn maa Dawid san hyɛɛ nkɔm sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.” (Dw. 37:11, 29; 2 Sam. 23:2) Nkurɔfo a na wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde no, wohwɛ a, saa bɔhyɛ ahorow yi kaa wɔn sɛn? Wonyaa nea wobegyina so ahwɛ kwan sɛ, bere bi bɛba a treneefo nko ara na wɔbɛtena asase so, na asase bɛdan paradise bio te sɛ Eden turo.

10 Bere bi akyi no, Israelfo dodow no ara a na wɔkyerɛ sɛ wɔsom Yehowa no twee wɔn ho fii ne ho, na wogyaee nokware som. Enti Onyankopɔn maa Babilonfo dii ne nkurɔfo so nkonim, wɔsɛee wɔn asase no, na wɔde wɔn mu pii kɔɔ nkoasom mu. (2 Be. 36:15-21; Yer. 4:22-27) Nanso, Onyankopɔn adiyifo hyɛɛ nkɔm sɛ ne nkurɔfo no bɛsan aba wɔn asase so mfe 70 akyi. Saa nkɔmhyɛ ahorow no baa mu. Yɛn nso, saa nkɔmhyɛ ahorow no fa yɛn ho. Yɛrebesusuw emu bi ho. Bere a yɛreyɛ saa no, hyɛ nea ɛma yenya biribi gyina so sɛ paradise bɛba asase so daakye no nsow.

11. Sɛn na Yesaia 11:6-9 nyaa mmamu a edi kan, nanso asɛm bɛn na yebetumi abisa?

11 Kenkan Yesaia 11:6-9. Onyankopɔn nam Yesaia so hyɛɛ nkɔm sɛ, sɛ Onyankopɔn nkurɔfo san ba wɔn asase so a, wobenya asomdwoe. Nnipa a wɔn suban te sɛ mmoa anaa mmoa ankasa biara rentow nhyɛ wɔn so. Mmofra ne mpanyin nyinaa bɛtena ase dwoodwoo. Wei mma wonkae asomdwoe a Onyankopɔn ma ɛbaa Eden turom no? (Yes. 51:3) Saa nkɔm a Onyankopɔn nam Yesaia so hyɛe no san kaa sɛ, “Yehowa ho nimdeɛ bɛhyɛ asase so mã sɛnea nsu akata po so no.” Nkɔmhyɛ no anka sɛ Israel man no nkutoo na ebenya saa nhyira no, na mmom asase nyinaa. Bere bɛn na saa asɛm no bɛbam? Yehu pefee sɛ wei bɛbam daakye.

12. (a) Nhyira bɛn na wɔn a na wofi Babilon nkoasom mu resan akɔ wɔn asase so no nyae? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Yesaia 35:5-10 benya mmamu foforo?

12 Kenkan Yesaia 35:5-10. Yesaia san hyɛɛ nkɔm sɛ nnipa anaa mmoa rentow nhyɛ Israelfo a na wɔresan akɔ wɔn asase so no so. Ɔkaa sɛ wɔn asase no bɛma nnɔbae pii, efisɛ wobenya nsu pii te sɛ nea na nsu fɔw Eden turo no. (Gen. 2:10-14; Yer. 31:12) Saa bere no nko ara na na nkɔmhyɛ yi benya mmamu anaa? Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Israelfo a wɔsan kɔɔ wɔn asase so no nyaa ayaresa anwonwakwan so. Sɛ nhwɛso no, anifuraefo a na wɔwɔ wɔn mu no ansan anhu ade bio. Enti nea na Onyankopɔn rekyerɛ ne sɛ, daakye na ɔbɛsa ayarefo nyinaa yare.

13, 14. Bere a Israelfo fii Babilon nkoasom mu san kɔɔ wɔn asase so no, Yesaia 65:21-23 baa mu sɛn, nanso nkɔmhyɛ no fã bɛn na ɛbɛbam daakye? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

13 Kenkan Yesaia 65:21-23. Yudafo a wɔsan kɔɔ wɔn asase so no ankɔtena afie a ahomeka wom mu; saa ara nso na wɔankɔto mfuw ne bobe nturo. Nanso esiane sɛ Onyankopɔn hyiraa wɔn nti, akyiri yi, nneɛma sesae. Hwɛ sɛnea wɔn ani gyei sɛ wosisii afie tenaa mu! Afei de na wobetumi adua wɔn nnɔbae na wɔadi so aba pa.

14 Hyɛ nkɔmhyɛ no fã bi a ɛho hia no nsow. Yemmisa sɛ, bere bi bɛba a, yɛn nkwa nna “bɛyɛ sɛ dua nna” anaa? Nnua bi di mfe mpempem pii. Sɛ nnipa betumi atena ase mfe pii saa a, ebehia sɛ wonya apɔwmuden. Sɛ nnipa nya baabi a ɛhɔ yɛ fɛ na asomdwoe wɔ hɔ sɛnea Yesaia hyɛɛ ho nkɔm no tena a, ɛbɛyɛ anigye pa ara, na ɛbɛkyerɛ sɛ wɔanya paradise! Saa nkɔmhyɛ no bɛbam ɔkwan biara so!

Paradise ho bɔ a Yesu hyɛe no, ɛbɛba mu sɛn? (Hwɛ nkyekyɛm 15, 16)

15. Nhyira a wɔaka ho asɛm wɔ Yesaia nhoma no mu no, ebi ne sɛn?

15 Wo de, hwɛ sɛnea bɔhyɛ ahorow a yɛasusuw ho yi ma yehu sɛ paradise bɛba daakye: Onyankopɔn behyira nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa. Nnipa a wɔn suban te sɛ mmoa anaa mmoa ankasa rentow nhyɛ obiara so bio. Wɔbɛsa anifuraefo, asotifo, ne mpakye yare. Nkurɔfo besisi wɔn ankasa afie, na wɔde anigye adua wɔn ankasa nnɔbae. Wobenyin akyɛ asen nnua. Yehu nsɛm bi wɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ paradise a ɛte saa reba. Nanso, ebia ebinom bɛka sɛ saa nkɔmhyɛ ahorow yi nkyerɛ ankasa sɛ paradise bɛba wɔ asase so. Sɛ obi ka saa a, dɛn na wobɛka akyerɛ no? Dɛn na ɛma wugye di pa ara sɛ paradise a worehwɛ kwan no bɛba asase so ankasa? Onipa a ɔsen biara a watena ase pɛn no maa yɛn adanse a edi mũ a ɛma yegye di.

WOBƐKƆ PARADISE!

16, 17. Bere bɛn na Yesu kaa Paradise ho asɛm?

16 Ɛwom sɛ na Yesu nyɛɛ bɔne biara de, nanso na wɔadi n’asɛm abu no fɔ de no asɛn dua so sɛ onwu; ná wɔasɛn Yudafo nnebɔneyɛfo bi wɔ ne nifa so ne ne benkum so. Ansa na nnebɔneyɛfo no rewu no, baako hui sɛ Yesu yɛ ɔhene, na ɔkaa sɛ: “Yesu, sɛ woba w’ahenni mu a, kae me.” (Luka 23:​39-42) Mmuae a Yesu de maa ɔbarima no a ɛwɔ Luka 23:​43 no fa wo daakye ho. Sɛnea ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ saa asɛm no ase no, ɛsono nea obiara ka wɔ ho. Nhomanimfo bi ka sɛ, kasa a wɔde kyerɛw Bible no, nea saa asɛm no kyerɛ ne sɛ: “Mehyɛ wo bɔ sɛ nnɛ wobɛka me ho wɔ Paradise.” Nanso, ɛnyɛ obiara na ogye tom sɛ wei ne ntease no ankasa. Enti, bere a Yesu kaa sɛ “nnɛ” no, na ɔrekyerɛ sɛn?

17 Kasa ahorow pii a wɔka no nnɛ mu no, wɔde kasa mu agyiraehyɛde ne sɛnea wɔhyehyɛ nsɛmfua na ɛma ntease a ɛwɔ asɛm bi mu da hɔ, anaa wɔde kyerɛ asɛm bi mu. Nanso, tete Hela nkyerɛwee a ebi wɔ hɔ nnɛ no, na wɔntaa mfa kasa mu agyiraehyɛde nni dwuma wom. Enti, asɛmmisa bi sɔre sɛ: Nea na Yesu reka ne sɛ, “Mise wo sɛ, nnɛ wobɛka me ho wɔ Paradise”? Anaa na ɔreka sɛ, “Mise wo nnɛ sɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise”? Nsɛm asekyerɛfo rekyerɛ ase a, nea wɔn adwene yɛ wɔn sɛ na Yesu reka ɛnna wogyina so hyehyɛ nsɛmfua no; wubetumi ahu mmienu yi mu biara wɔ Bible ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ mu.

18, 19. Dɛn na ɛboa yɛn ma yɛte nea na Yesu reka no ase?

18 Nanso kae sɛ, na Yesu adi kan aka akyerɛ n’akyidifo sɛ: “Onipa Ba no bedi asase yam nnansa, awia ne anadwo.” Ɔsan kaa sɛ: “Etwa sɛ woyi onipa Ba no hyɛ nnipa nsa, na wobekum no, na da a ɛto so abiɛsa no wobenyan no.” (Mat. 12:40; 16:21; 17:22, 23; Mar. 10:34) Ɔsomafo Petro kaa sɛ saa asɛm yi sii ankasa. (Aso. 10:39, 40) Enti ɛda a Yesu ne ɔdebɔneyɛfo no wui no, Yesu ankɔ Paradise biara. Yesu dii bɛyɛ nnansa wɔ Hades, anaa “Adamoa” mu kosii sɛ Onyankopɔn nyanee no.—Aso. 2:31, 32. *

19 Enti yehu sɛ, ɛbɔ a Yesu hyɛɛ ɔdebɔneyɛfo no, ɔde asɛm a edi hɔ yi na efii ase sɛ: “Nokwarem mise wo nnɛ sɛ.” Mose bere so mpo saa na na nkurɔfo taa kasa. Bere bi Mose kaa sɛ: “Ma asɛm a mereka akyerɛ wo nnɛ yi nna wo koma so.”—Deut. 6:6; 7:11; 8:1, 19; 30:15.

20. Ntease a yɛwɔ wɔ asɛm a Yesu kae no ho no, egyina dɛn so?

20 Bible asekyerɛfo bi a ofi Mediterranea Apuei fam kaa mmuae a Yesu de maa ɔdebɔneyɛfo no ho asɛm sɛ: “Asɛmfua a ɛne ‘nnɛ’ no na asɛm no gyina so, na ɛsɛ sɛ ɛkenkan sei, ‘Nokwarem meka kyerɛ wo nnɛ sɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise.’ Saa da no na ɔhyɛɛ bɔ no, na na ɛbɛba mu akyiri yi. Saa na Apuei famfo kasa, na ɛkyerɛ sɛ ɔhyɛɛ bɔ no ɛda bi, na sɛnea ɛte biara no, obedi so.” Ɛno nti, Syriac nkyerɛase bi a wɔyɛe bɛyɛ mfe 1,600 a atwam no kyerɛɛ Yesu mmuae no ase sɛ: “Amen, meka kyerɛ wo nnɛ sɛ wobɛka me ho wɔ Eden Turom.” Ɛsɛ sɛ saa bɔhyɛ no hyɛ yɛn nyinaa nkuran.

21. Hokwan bɛn na saa ɔdebɔneyɛfo no annya, na adɛn ntia?

21 Ná saa ɔdebɔneyɛfo a ɔrewu no nnim sɛ Yesu ne n’asomafo anokwafo no ayɛ apam sɛ wɔbɛka ne ho wɔ ɔsoro Ahenni mu. (Luka 22:29) Afei nso, na wɔmmɔɔ saa ɔdebɔneyɛfo no asu mpo. (Yoh. 3:3-6, 12) Enti yebetumi ate ase sɛ, bere a Yesu hyɛɛ saa bɔ no, na asase so paradise ho asɛm na ɔreka. Mfe bi akyi no, ɔsomafo Paulo kaa anisoadehu bi a onyae ho asɛm. Ohuu ɔbarima bi a “wohwim no kɔɔ paradise.” (2 Kor. 12:1-4) Paulo ne asomafo anokwafo a wɔaka no, na wɔapaw wɔn sɛ wɔbɛkɔ soro ne Yesu akodi ade wɔ Ahenni no mu, nanso ɔdebɔneyɛfo a na ɔrewu no de na ɔnka ho. Ne nyinaa mu no, biribi a ɛbɛba daakye ho asɛm na na Paulo reka; ɛno ne “paradise” a ɛbɛba daakye no. * Saa paradise no, ɛbɛba asase so anaa? Wobɛkɔ hɔ bi anaa?

NEA WUBETUMI AHWƐ KWAN

22, 23. Dɛn na wubetumi ahwɛ kwan?

22 Kae sɛ, Dawid hyɛɛ bere bi a “treneefo benya asase no adi” ho nkɔm. (Dw. 37:29; 2 Pet. 3:13) Ná Dawid reka sɛ bere bi bɛba a, nnipa a wɔwɔ asase so de Onyankopɔn nnyinasosɛm a ɛteɛ bɛbɔ wɔn bra. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 65:22 ka sɛ: “Me man nna bɛyɛ sɛ dua nna.” Wei kyerɛ sɛ nnipa bɛtena ase mfe mpempem pii. Wohwɛ a, ebetumi aba saa? Aane, efisɛ Adiyisɛm 21:1-4 ka sɛ, Onyankopɔn bɛdan n’adwene aba adesamma so. Nnipa a wɔbɛsom Onyankopɔn wɔ ne wiase foforo a trenee te mu no mu no, nhyira a ɔde ahyɛ wɔn bɔ no baako ne sɛ “owu nni hɔ bio.”

23 Asɛm no mu da hɔ fann. Paradise fii Adam ne Hawa nsa wɔ Eden, nanso Paradise anyera korakora. Sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ bɔ no, obehyira nnipa a wɔwɔ asase so. Onyankopɔn honhom kaa Dawid ma ɔkaa sɛ ahobrɛasefo ne treneefo benya asase no adi na wɔatena so daapem. Ɛsɛ sɛ nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Yesaia nhoma no mu no boa yɛn ma yɛhwɛ bere a yebegye yɛn ani wɔ asase so paradise fɛfɛɛfɛ mu no kwan. Bere bɛn na ɛbɛba? Ɛyɛ bere a ɛbɔ a Yesu hyɛɛ Yudani ɔdebɔneyɛfo no bɛba mu no. Wubetumi akɔ saa Paradise no mu bi. Saa bere no, asɛm a anuanom no teɛɛm kae wɔ nhyiam ase wɔ Korea no bɛbam. Wɔkaa sɛ: “Yebehyia wɔ Paradise!”

^ nky. 18 Ɔbenfo C. Marvin Pate kyerɛwee sɛ, nhomanimfo pii adwene yɛ wɔn sɛ asɛmfua “nnɛ” a Yesu de dii dwuma no, na ɔkyerɛ sɛ obewu na wakɔ Paradise saa da no ara, anaa nnɔnhwerew 24 ntam. Ɔbenfo Pate de kaa ho sɛ, nea ama ntease nni saa nkyerɛkyerɛmu yi mu ne sɛ, ɛne nsɛm foforo a ɛwɔ Bible mu nhyia. Nhwɛso bi ni. Bible ka sɛ Yesu wui no, ɔkɔɔ Adamoa mu, na akyiri yi na ɔkɔɔ soro.—Mat. 12:40; Aso. 2:31; Rom. 10:7.

^ nky. 21 Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi mu no.