Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Mmebusɛm 24:16 ka sɛ: “Sɛ ɔtreneeni hwe ase mpɛn ason mpo a, ɔbɛsɔre.” Asɛm yi fa obi a ɔyɛ bɔne mpɛn pii ma Onyankopɔn de ne bɔne kyɛ no ho anaa?

Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ ɛno na saa kyerɛwsɛm yi reka ho asɛm. Mmom nea ɛreka ho asɛm ne obi a ohyia ɔhaw pii nanso otumi gyina mu, kyerɛ sɛ, otumi san gyina ne nan so.

Momma yɛnhwɛ nkyekyɛm 15-17 no na ama yɛate asɛm no ase yiye. Ɛhɔ kan sɛ: “Nyɛ wo ho sɛ ɔbɔnefo ntɛw ɔtreneeni tenabea; nkɔtow nhyɛ ne homebea so. Sɛ ɔtreneeni hwe ase mpɛn ason mpo a, ɔbɛsɔre; na abɔnefo de, mmusu bɛma wɔahwe ase. Sɛ wo tamfo hwe ase a, nni ahurusi; na sɛ biribi to no hintidua a, mma wo koma ani nnnye.”—Mmeb. 24:15-17.

Ebinom aka sɛ nkyekyɛm 16 no fa obi a ɔyɛ bɔne nanso onu ne ho na ɔne Onyankopɔn ntam san yɛ papa ho. Asɔfo mmienu bi a wofi Britain kyerɛwee sɛ: “Asɔfo a na wɔwɔ hɔ tete ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa de saa kyerɛwsɛm yi adi dwuma saa kwan yi so.” Asɔfo no de kaa ho sɛ, nea adwene a ɛte saa kyerɛ ne sɛ, “Onipa pa betumi ayɛ . . . bɔne a anibere wom mpɛn pii, nanso ɔdɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn no rensa, na bere biara a ɔbɛyɛ bɔne no, onu ne ho yɛ nsakrae, na ɔsan ne Nyankopɔn ntam yɛ kama.” Obi a ɔmpɛ sɛ ogyae bɔneyɛ no ani begye adwene a ɛte saa ho na ebia obenya adwene mpo sɛ, sɛ ɔyɛ bɔne mpɛn pii mpo a, Onyankopɔn de bɛkyɛ no daa.

Nanso ɛnyɛ saa na nkyekyɛm 16 no kyerɛ.

Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “hwe ase” wɔ nkyekyɛm 16 ne 17 no, wobetumi de ayɛ adwuma wɔ akwan pii so. Ebetumi akyerɛ ahwease ankasa. Sɛ nhwɛso no, nantwi bi ahwe ase, obi fi dan atifi ahwe ase, anaa ɔbo bi atɔ fam. (Deut. 22:4, 8; Amos 9:9) Wobetumi de saa asɛm no ayɛ adwuma wɔ kwan foforo so nso. Ɛho nhwɛso ni: “Yehowa na ɔma ɔbarima anammɔn tim, na ne kwan sɔ N’ani. Sɛ ɔhwe ase a, ɔremmea hɔ, efisɛ Yehowa kura ne nsa.”—Dw. 37:23, 24; Mmeb. 11:5; 13:17; 17:20.

Nanso hyɛ asɛm bi a Ɔbenfo Edward H. Plumptre kae yi nsow: “Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase [“hwe ase”] no, wɔmfa nka bɔne a obi yɛ ho asɛm.” Ɛno nti nhomanimfo bi nso ka nkyekyɛm 16 ho asɛm sɛ: “Sɛ obi tan Onyankopɔn nkurɔfo ani a, ɔrehaw ne ho, na ɔbɛbrɛ agu, efisɛ Onyankopɔn nkurɔfo bedi nkonim—na abɔnefo de, wɔrennya no saa!”

Enti, asɛm, “hwe ase” a ɛwɔ Mmebusɛm 24:16 no, ɛnyɛ obi a ɔyɛ bɔne ho asɛm na ɛka, na mmom obi a ohyia ɔhaw anaa ohu amane mpɛn pii. Wiase bɔne a yɛwom nnɛ yi, ɔtreneeni betumi ayare anaa obetumi ahyia ɔhaw afoforo. Ebetumi mpo aba sɛ ne gyidi nti, aban no bɛtaa no denneennen. Nanso obetumi anya awerɛhyem sɛ ɔhaw biara a ɔrehyia no, Onyankopɔn betumi aboa no ama no agyina ano na wadi nkonim. Sɛnea woahu sɛ nneɛma taa kɔ yiye ma Onyankopɔn nkurɔfo no, wo de susuw ho hwɛ. Yɛwɔ awerɛhyem sɛ, “Yehowa wowaw wɔn a wɔhwe ase nyinaa, na ɔma wɔn a wɔakotow nyinaa so gyina hɔ.”—Dwom 41:1-3; 145:14-19.

Sɛ “ɔtreneeni” hu sɛ nkurɔfo rehu amane a, onni ho ahurusi. Mmom ɔwɔ awerɛhyem sɛ “ebesi wɔn a wosuro nokware Nyankopɔn no yiye, osuro a wɔwɔ no nti.”—Ɔsɛnk. 8:11-13; Hiob 31:3-6; Dw. 27:5, 6.