Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

Woato wo bo ase akenkan nsɛm a ɛbaa afe yi Ɔwɛn-Aban no mu anaa? Ɛnde hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

Sɛn na ɛsɛ sɛ yebu wɔn a wɔasra wɔn no?

Yɛn ani sɔ wɔn gyidi, nanso yemmu wɔn ntra so. ‘Yɛnhoahoa nnipa.’ (Yuda 16) Yɛremmisa wɔn nea ɛma wohui sɛ wɔasra wɔn. Eyi yɛ ankorankoro asɛm.—w20.01, kr. 29

Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛma wugye di paa sɛ Yehowa nim wo?

Bible ma yehu sɛ, ansa na wɔrebɛwo wo mpo, na Yehowa nim wo. Na otie wo mpaebɔ. Onim nea ɛwɔ wo koma ne w’adwenem, na nea woyɛ biara ka no. (1 Be. 28:9; Mmeb. 27:11) Yehowa ankasa atwe wo abɛn no.—w20.02, kr. 12.

Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkasa na bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ komm?

Yɛde anigye ka Yehowa ho asɛm. Yɛkasa bere a yɛahu sɛ obi reyɛ biribi a ebetumi ama wadi mfomso kɛse. Sɛ obi hia afotu a, mpanyimfo de ma no. Sɛ wɔabara yɛn som wɔ ɔman bi so a, yɛremmisa obi a ofi hɔ ɔkwan a wɔfa so yɛ ɔsom adwuma no wɔ hɔ, na sɛ yenim nso a, yɛrenka ho asɛm nkyerɛ obiara. Nsɛm a ɛnsɛ sɛ afoforo te no, yɛrenka nkyerɛ wɔn.—w20.03, kr. 20-21.

Nsonsonoe bɛn na ɛda mmoadabi a wɔwɔ Yoel ti 2 ne Adiyisɛm ti 9 no ntam?

Yoel 2:20-29 ka sɛ Onyankopɔn se ɔbɛma mmoadabi no akɔ, na ɔhyɛ bɔ sɛ nea wɔasɛe no no, ɔbɛhyɛ ananmu. Ɛno akyi no, Onyankopɔn hwiee ne honhom. Saa nkɔmhyɛ no fã yi nyaa mmamu bere a Babilonfo asraafo to hyɛɛ Israelfo so ne ɛno akyi. Adiyisɛm 9:1-11 ka wɔn a wɔasra wɔn wɔ yɛn bere yi so no ho asɛm sɛ wɔte sɛ mmoadabi. Wɔka Onyankopɔn atemmusɛm tia wiase bɔne yi, na ɛma wɔn a wɔtaa wiase no akyi no ho teetee wɔn.—w20.04, kr. 3-6.

Hena ne atifi fam hene no nnɛ?

Russia ne aman a wɔtaa n’akyi no. Wɔatu wɔn ani asi Onyankopɔn nkurɔfo so, wɔde wɔn nsa ato yɛn asɛnka adwuma no so, na wɔyɛ nneɛma bi de kyerɛ sɛ wɔtan Adansefo no. Atifi fam hene no reyɛ nea obetumi biara sɛ obenya tumi asen anafo fam hene no.—w20.05, kr. 13.

“Honhom no aba” no fã ahorow no, ne nyinaa na wɔabobɔ din wɔ Galatifo 5:22, 23 no anaa?

Daabi. Honhom kronkron no boa yɛn ma yɛyɛ nea ɛteɛ. (Efe. 5:8, 9)—w20.06, kr. 17.

Asiane bɛn na ɛwom sɛ yɛde yɛn ho nsɛm begu sohyial media so?

Nneɛma a yɛde gu sohyial media no betumi ama nkurɔfo anya adwene sɛ yɛrehoahoa yɛn ho, na yɛmmrɛ yɛn ho ase.—w20.07, kr. 6-7.

Dɛn na Kristofo betumi asua afi mpataayifo a wonim adwuma hɔ?

Wɔkɔ baabi a wonim sɛ wobenya nam ne bere a wobenya bi. Wonim nneɛma a ɛfata sɛ wɔde yɛ adwuma no. Nsu mu oo, owia mu oo wɔde akokoduru yɛ wɔn adwuma. Yebetumi asuasua wɔn wɔ asɛnka adwuma a yɛyɛ no mu.—w20.09, kr. 5.

Nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ de aboa yɛn Bible asuafo ama wɔadɔ Yehowa kɛse?

Yebetumi ahyɛ wɔn nkuran ama wɔakenkan Bible no daa na wɔadwinnwen nea wɔkenkan no ho. Afei nso, yebetumi akyerɛ wɔn sɛnea wɔbɛbɔ mpae.—w20.11, kr. 4

Asɛm a ɛne sɛ “wɔbɛma obiara anya nkwa wɔ Kristo mu no,” ɛfa henanom no?—1 Kor. 15:22.

Ɔsomafo Paul anka sɛ wobenyan nnipa nyinaa aba nkwa mu bio. Ná ɔreka Kristofo a wɔasra wɔn ho asɛm, wɔn a ‘wɔatew wɔn ho wɔ Kristo Yesu mu.’ (1 Kor. 1:2; 15:18)—w20.12, kr. 5-6.

Sɛ wɔn a wɔasra wɔn no ‘sesa ntɛm so, anibu mu, torobɛnto a edi akyiri no mu’ a, dɛn na wɔbɛyɛ?—1 Kor. 15:51-53.

Wɔbɛka Kristo ho ama wɔde dade poma ayɛn nnipa. (Adi. 2:26, 27)—w20.12, kr. 12-13.