Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 51

Monkɔ So ‘Ntie No’

Monkɔ So ‘Ntie No’

“Oyi ne me Ba, nea medɔ no a magye no atom. Muntie no.”—MAT. 17:5.

DWOM 54 “Ɔkwan no Ni”

NEA YƐREBESUA *

1-2. (a) Dɛn na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yesu asomafo mmiɛnsa bi sɛ wɔnyɛ, na dɛn na wɔyɛe wɔ ho? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

 AFE 32 Y.B. Twam afahyɛ no akyi no, Yesu asomafo Petro, Yakobo ne Yohane de wɔn ani huu biribi a na ɛyɛ nwonwa paa. Yesu sakrae wɔ wɔn anim wɔ bepɔw tenteenten bi so; ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ Hermon Bepɔw no so baabi. “N’anim hyerɛnee te sɛ owia, na n’ataade yɛɛ hyɛnn te sɛ hann.” (Mat. 17:1-4) Anisoadehu no reba awiei no, asomafo no tee sɛ Onyankopɔn reka sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no a magye no atom. Muntie no.” (Mat. 17:5) Sɛnea asomafo mmiɛnsa no bɔɔ wɔn bra no ma yehu sɛ wotiee Yesu ampa. Yɛpɛ sɛ yesuasua wɔn nhwɛso no.

2 Adesua a edi wei anim mu no, yehui sɛ, Yesu nne a yebetie no, nea ɛkyerɛ ne sɛ yebegyae nneɛma bi yɛ. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma mmienu bi a Yesu se yɛnyɛ.

“MOMFA ƆPON TEATEAA NO MU”

3. Sɛnea Mateo 7:13, 14 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

3 Kenkan Mateo 7:13, 14. Hyɛ no nsow sɛ Yesu kaa apon mmienu ho asɛm; ɔpon teateaa ne ɔpon a ɛso. Ɔpon teateaa no kɔfa ɔkwan “ketewa” no so, ɛnna ɔpon a ɛso no kɔfa ɔkwan a “ɛtrɛw” no so. Ɔkwan a ɛto so mmiɛnsa biara nni hɔ. Yɛn ara na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ɔkwan no mu nea yɛbɛfa so. Ɛho hia paa sɛ yesi saa gyinae yi, efisɛ daa nkwa a yebenya gyina so.

4. Wobɛka “ɔkwan a ɛtrɛw no” ho asɛm sɛn?

4 Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ nsonsonoe wɔ akwan mmienu no ntam. Nnipa bebree nam ɔkwan a “ɛtrɛw” no so efisɛ ɛso fa nyɛ den. Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa bebree da so ara nam saa kwan no so, efisɛ wodi nnipadɔm a wɔnam so no akyi. Wonhu sɛ Satan Ɔbonsam na opiapia nkurɔfo ma wɔfa saa kwan a ɛkɔ owu mu no so.—1 Kor. 6:9, 10; 1 Yoh. 5:19.

5. Mmɔden bɛn na ebinom abɔ sɛ wobehu ɔkwan “ketewa” no na wɔafa so?

5 Ɔkwan baako no nte sɛ ɔkwan a “ɛtrɛw” no, efisɛ ɛno de, ɛyɛ “ketewa.” Yesu kaa sɛ nnipa kakraa bi na wohu. Adɛn ntia? Wo de hwɛ nkyekyɛm a edi hɔ no; Yesu bɔɔ n’akyidifo kɔkɔ wɔ atoro adiyifo ho. (Mat. 7:15) Ebinom kyerɛ sɛ, nsɔrensɔre mpempem bebree na ɛwɔ hɔ, na dodow no ara ka sɛ wɔkyerɛkyerɛ nokware no. Esiane nsɔrensɔre a abu so yi nti, nnipa ɔpepem pii abam abu anaa wɔn adwene atu afra. Wei nti, wɔnhaw wɔn ho mpo sɛ wɔbɛhwehwɛ ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no. Nanso sɛ obi pɛ a, obetumi ahu saa kwan no. Yesu kaa sɛ: “Sɛ motena m’asɛm mu a, na moyɛ m’asuafo ampa, na mubehu nokware no, na nokware no beyi mo afi nkoasom mu.” (Yoh. 8:31, 32) Eye paa sɛ woanni nnipadɔm no akyi, na mmom wohwehwɛɛ nokware no. Wufii ase dɔɔ Onyankopɔn Asɛm no mu asukɔ sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu nea ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ, na woyɛɛ aso maa Yesu nkyerɛkyerɛ. Nea wusuae no bi ne sɛ, Yehowa pɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi atorosom nkyerɛkyerɛ ho. Afei nso, afahyɛ biara a efi abosonsom mu no, ɔpɛ sɛ yegyae di. Bio nso, wubehui sɛ ebetumi ayɛ den sɛ obi begyae abrabɔ a ɛnsɔ Yehowa ani na wayɛ nea Yehowa pɛ. (Mat. 10:34-36) Ebia wobrɛɛ mu ansa na woretumi asesa w’abrabɔ. Nanso wumiaa w’ani efisɛ wodɔ wo soro Agya no, na wopɛ sɛ n’ani gye. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ womaa ne koma tɔɔ ne yam!—Mmeb. 27:11.

NEA YƐBƐYƐ A YƐREMFI ƆKWAN KETEWA NO SO

Onyankopɔn afotu ne ne mmara boa yɛn na yɛamfi ɔkwan “ketewa” no so (Hwɛ nkyekyɛm 6-8) *

6. Sɛnea Dwom 119:9, 10, 45, 133 kyerɛ no, dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛamfi ɔkwan ketewa no so?

6 Sɛ yɛnam ɔkwan ketewa no so a, dɛn na ɛbɛboa yɛn na yɛamfi so? Momma yɛnhwɛ mfatoho yi. Sɛ ɔkwan da bepɔw tenten bi nkyɛnmu a, wɔtaa de dade gye ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ obi de kar nam hɔ a, ɛbɛbɔ ne ho ban. Ɛba saa a, kar no remmɛn ano hɔ na ammunum ankɔhwe amena mu. Sɛ biribi a ɛte saa wɔ kwan ho a, adrɔbafo dodow sɛn na ebenwiinwii sɛ ɛma wɔn ho kyere wɔn dodo? Yehowa mmara a ɛwɔ Bible mu no te sɛ dade a wɔde agye ban no. Ne mmara no bɔ yɛn ho ban na yɛamfi ɔkwan ketewa no so.—Kenkan Dwom 119:9, 10, 45, 133.

7. Sɛn na ɛsɛ sɛ mmabun bu ɔkwan ketewa no?

7 Mmabun, ɛtɔ da a mote nka sɛ Yehowa mmara ma mo ho kyere mo dodo anaa? Saa adwene no na Satan pɛ sɛ munya. Nnipa a ɛnam ɔkwan a ɛtrɛw no so no, wohwɛ a, ɛbɛyɛ wo sɛ wɔregye wɔn ani paa. Ɛno na Satan pɛ sɛ mode mo adwene kɔ so. Ebia ɔde nea wo mfɛfo sukuufo reyɛ ne nea wuhu wɔ Intanɛt so bɛdaadaa wo ama woate nka sɛ wɔregye wɔn ani gya wo. Satan pɛ sɛ wunya adwene sɛ, sɛ wudi Yehowa mmara so a, sɛnea anka wopɛ sɛ wosɛpɛw wo ho no, worentumi nyɛ saa. * Nanso kae sɛ: Satan mpɛ sɛ wɔn a ɛnam ɔkwan a ɛtrɛw no so no hu sɛnea ebewie wɔn. Nanso Yehowa de, wama wɔn a wɔnam nkwa kwan no so no ahu nea wɔn nsa bɛka daakye.—Dw. 37:29; Yes. 35:5, 6; 65:21-23.

8. Dɛn na mmabun betumi asua afi Olaf nhwɛso no mu?

8 Nea yɛn nua aberantewaa bi a ne din de Olaf * yɛe no, dɛn na wubetumi asua afi mu? Ne mfɛfo sukuufo de nna ho asɛm guan ne ho. Bere a ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ Yehowa Adansefo de Bible mmara na ɛbɔ wɔn bra no, mmaayewa bi a wɔne no gyina we taa so sɛ wɔbɛyɛ ara a ma ɔne wɔn ada. Nanso Olaf annyaagyaa ne ho. Ɛnyɛ wei nko ara ne ɔhaw a ohyiae. Olaf ka sɛ: “M’akyerɛkyerɛfo tuu me fo sɛ menkɔ suapɔn efisɛ ɛno na ɛbɛma nkurɔfo abu me. Wɔka kyerɛɛ me sɛ, sɛ mankɔ a m’abrabɔ bɛyɛ basaa.” Dɛn na ɛboaa Olaf ma otumi gyinaa nhyɛso a ɛte saa ano? Ɔkyerɛ mu sɛ: “Me ne m’asafo mufo faa adamfo denneennen. Wɔbɛyɛe sɛ m’abusuafo. Bio nso, meyeree me ho suaa Bible no paa. Mereyere me ho sua Bible no nyinaa, na merehu paa sɛ nokware no ara ni. Wei ma misii m’adwene pi sɛ mɛsom Yehowa.”

9. Wɔn a wɔmpɛ sɛ wofi ɔkwan ketewa no so no, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ?

9 Satan pɛ sɛ wufi ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no so. Nnipa dodow no ara nam ɔkwan a ɛtrɛw a ‘ɛkɔ ɔsɛe mu’ no so, na Satan pɛ sɛ wode wo ho kɔbɔ wɔn. (Mat. 7:13) Nanso, sɛ yɛkɔ so tie Yesu, na yehu sɛ ɔkwan ketewa no bɔ yɛn ho ban a, yɛremfi so da. Afei, momma yɛnhwɛ biribi foforo a Yesu se yɛnyɛ.

WO NE WO NUA NSIESIE MO NTAM

10. Sɛnea Mateo 5:23, 24 kyerɛ no, dɛn na Yesu kaa sɛ yɛnyɛ?

10 Kenkan Mateo 5:23, 24. Yudafo a na wɔretie Yesu no, ɔkaa biribi a na ɛho hia wɔn paa ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Fa no sɛ obi akɔ asɔrefie rekɔbɔ afɔre, na adu ne so sɛ ɔde n’aboa ma ɔsɔfo no. Saa bere no ara, sɛ ɔkae sɛ ne nua wɔ biribi tia no a, ɛsɛ sɛ ogyaw aboa no wɔ hɔ na ‘ɔkɔ.’ Adɛn ntia? Wohwɛ a, biribi wɔ hɔ a ɛho hia sen afɔre a ɔrebɛbɔ ama Yehowa no anaa? Yesu sii no pi sɛ: “Di kan ne wo nua no nkosiesie mo ntam.”

Wubesuasua Yakob a ɔbrɛɛ ne ho ase siesiee ɔne ne nua ntam no anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 11-12) *

11. Mmɔden bɛn na Yakob bɔe sɛ obesiesie ɔne Esau ntam?

11 Sɛ yɛhwɛ asɛm bi a esii wɔ agya panyin Yakob asetena mu a, yebenya asuade pii a ebetumi aboa yɛn ama yɛasiesie yɛne yɛn nuanom ntam. Bere a Yakob fii fie bɛyɛ mfe 20 akyi no, Onyankopɔn nam ɔbɔfo bi so ka kyerɛɛ no sɛ ɔnsan nkɔ ne nkyi. (Gen. 31:11, 13, 38) Nanso na asɛm wɔ hɔ. Ná ne nua panyin Esau abɔ no ato hɔ sɛ obekum no. (Gen. 27:41) Ná Yakob susuw sɛ ne nua no da so ara wɔ ne ho menasepɔw, enti ‘ɔbɔɔ hu paa, na ne ho yeraw no.’ (Gen. 32:7) Mmɔden bɛn na Yakob bɔe de siesiee ɔne ne nua no ntam? Nea edi kan, ɔbɔɔ asɛm no ho mpae denneennen. Afei, ɔde nneɛma bebree somae ma wɔde kɔkyɛɛ Esau. (Gen. 32:9-15) Ɛno akyi, bere a Yakob ne Esau hyiae anim ne anim no, Yakob dii kan yɛɛ biribi de kyerɛe sɛ obu Esau. Ɔbɔɔ ne mu ase maa no. Wanyɛ no baako anaa mmienu bi pɛ; ɔyɛɛ no pɔrepɔre nson! Ahobrɛase ne obu a Yakob daa no adi nti, otumi siesiee ɔne ne nua no ntam.—Gen. 33:3, 4.

12. Dɛn na yesua fi nea Yakob yɛe no mu?

12 Nea Yakob yɛe ansa na ɔrekohyia ne nua Esau, ne ɔkwan a ɔfaa so kɔɔ n’anim no, yebetumi asua biribi afi mu. Yakob de ahobrɛase kɔɔ Yehowa anim kɔhwehwɛɛ mmoa. Afei ɔyɛɛ ne mpaebɔ no ho adwuma; ɔde nhyehyɛe guu akwan mu a ɛbɛma watumi ne ne nua no asiesie wɔn ntam fɛfɛɛfɛ. Bere a wohyiae anim ne anim no, Yakob anyɛ sɛ ɔne Esau bɛtwe ama wɔahu nea n’asɛm yɛ dɛ ne nea n’asɛm nyɛ dɛ. Ná Yakob botae ne sɛ, obesiesie ɔne ne nua no ntam. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yakob?

SƐNEA YEBESIESIE YƐNE AFOFORO NTAM

13-14. Sɛ yɛfom yɛn nua Kristoni bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

13 Yɛn a yɛnam nkwa kwan no so no, ɛsɛ sɛ yɛne yɛn nuanom tena asomdwoe mu. (Rom. 12:18) Sɛ yehu sɛ yɛafom yɛn nua Kristoni bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Sɛnea Yakob yɛe no, yɛn nso, ɛsɛ sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu bɔ Yehowa mpae. Yebetumi asrɛ no sɛ ɔmmoa yɛn na yɛne yɛn nua no nsiesie yɛn ntam.

14 Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛpɛ bere de hwehwɛ yɛn ho mu. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Mibu me ho dodo ma enti ɛyɛ den ma me sɛ mɛbrɛ me ho ase agye me mfomso atom, na mapa kyɛw sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe bɛtena me ne me nua ntam anaa? Sɛ midi kan tu anammɔn de siesie me ne me nua ntam a, Yehowa ne Yesu bɛte nka sɛn?’ Sɛnea yebeyi saa nsɛmmisa no ano no bɛkanyan yɛn ama yɛatie Yesu na yɛabrɛ yɛn ho ase akɔ yɛn nua no nkyɛn akosiesie yɛn ntam. Yɛyɛ saa a, na yɛresuasua Yakob.

15. Sɛ yɛde nnyinasosɛm a ɛwɔ Efesofo 4:2, 3 no yɛ adwuma a, sɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛasiesie yɛne yɛn nua bi ntam?

15 Sɛ Yakob ammrɛ ne ho ase bere a ɔrekohyia Esau a, anka wohwɛ a dɛn na ebesi? Anka ebia ɛrenyɛ asɛm papa koraa. Sɛ yɛrekɔ yɛn nua bi nkyɛn akosiesie yɛne ne ntam a, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. (Kenkan Efesofo 4:2, 3.) Mmebusɛm 18:19 ka sɛ: “Onua a wɔafom no no, n’asɛm yɛ den sen kurow a wɔato ho fasu; na mansotwe bi wɔ hɔ a, ɛte sɛ nnade a wɔde abram abankɛse akyi.” Nanso sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase pa kyɛw a, yebetumi awura saa “abankɛse” no mu.

16. Dɛn na ɛsɛ sɛ yedwinnwen ho, na adɛn ntia?

16 Bio nso, nea yɛbɛka akyerɛ yɛn nua no, ne ɔkwan a yɛbɛfa so aka no no, ɛsɛ sɛ yedwen ho yiye paa. Sɛ yɛrekɔ yɛn nua a yɛafom no no nkyɛn a, adwene a ɛsɛ sɛ yɛde kɔ ne sɛ yɛrekodwudwo ne bo, na yɛde yiye ato yiye. Ebia mfiase no, ɔbɛkeka nsɛm a ɛyɛ yaw akyerɛ yɛn. Anhwɛ a yɛn bo befuw anaa yɛbɛma wahu sɛ yɛn asɛm yɛ dɛ. Nanso sɛ yɛyɛ saa a, ebesiesie asɛm no anaa? Daabida. Kae sɛ asomdwoe a ɛbɛtena yɛne yɛn nuanom ntam no, ɛho hia koraa sen sɛ yɛbɛkyerɛ nea n’asɛm yɛ dɛ ne nea n’asɛm nyɛ dɛ.—1 Kor. 6:7.

17. Dɛn na wubetumi asua afi Gilbert asɛm no mu?

17 Onua bi a ne din de Gilbert yeree ne ho paa sɛ ɔbɛma asomdwoe atena ɔne afoforo ntam. Ɔka sɛ: “Ná me babea ne m’ani nhyia koraa. Bɛboro mfe mmienu, meyɛe ara sɛ me ne no bɛtena ase, na yɛde ntoboase aka asɛm no sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe bɛba.” Dɛn bio na Gilbert yɛe? “Bere biara, ansa na me ne no behyia no, mebɔ mpae siesie m’adwene na sɛ ɛkɔba sɛ ɔka asɛm bi a ɛyɛ yaw kyerɛ me a, me bo amfuw. Ná ɛsɛ sɛ meyɛ krado sɛ, sɛ wankasa yiye mpo a, mede bɛkyɛ no. Mihui sɛ, ɛnsɛ sɛ mekyerɛ sɛ me na m’asɛm yɛ dɛ. Mmom na ɛsɛ sɛ mekae sɛ, nea enti a yɛahyia ne sɛ asomdwoe bɛba.” Ekowiee sɛn? Gilbert ka sɛ: “Ɛnnɛ m’asom dwo me, efisɛ me ne m’abusuafo nyinaa te fɛfɛɛfɛ.”

18-19. Sɛ yɛafom obi a, dɛn na etwa sɛ yɛyɛ, na adɛn ntia?

18 Sɛ wuhu sɛ woafom wo nua Kristoni bi a, dɛn na etwa sɛ woyɛ? Fa afotu a Yesu de mae no yɛ adwuma na munsiesie. Bɔ Yehowa mpae na ka nea asi no ho asɛm kyerɛ no. Afei ma ne honhom kronkron no mmoa wo sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛhwehwɛ asomdwoe. Woyɛ saa a, w’ani begye, na ɛbɛkyerɛ sɛ woretie Yesu.—Mat. 5:9.

19 Yɛda Yehowa ase sɛ ne dɔ nti, ɔnam Yesu Kristo a ɔyɛ “asafo no ti” so ma yɛn akwankyerɛ. (Efe. 5:23) Sɛnea Yesu asomafo Petro, Yakobo ne Yohane tiee Yesu no, yɛn nso, momma yensi yɛn bo sɛ ‘yebetie no.’ (Mat. 17:5) Yɛahu sɛ, sɛ yɛfom yɛn nua Kristoni bi na yɛbɔ mmɔden siesie yɛn ntam a, na yɛretie Yesu. Sɛ yɛyɛ saa, na yɛamfi ɔkwan ketewa a ɛkɔ nkwa mu no so a, yebenya nhyira bebree nnɛ, na daakye nso, anigye a yebenya de, ɛsɛ w’ani.

DWOM 130 Fa Bɔne Kyɛ

^ nky. 5 Yesu hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa ɔpon teateaa a ɛkɔ nkwa mu no mu. Ɔsan ka kyerɛ yɛn sɛ yensiesie nsɛmnsɛm a ɛwɔ yɛne yɛn nuanom Kristofo ntam. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛde saa afotu yi yɛ adwuma a, ɔhaw bɛn na yebetumi ahyia, na yɛbɛyɛ dɛn adi so?

^ nky. 7 Hwɛ nhomawa a yɛato din Nsɛm 10 a Mmabun Bisa ne Ɛho Mmuae, Asɛmmisa 6: “Me Mfɛfo Repiapia Me Akɔ Bɔne Mu a Dɛn na Mɛyɛ?” ne nneɛma a wɔadrɔdrɔ ayɛ no video a yɛato din Nni Wo Nnamfo Akyi Nkɔyɛ Bɔne! wɔ www.pr418.com/tw. (Hwɛ BIBLE NKYERƐKYERƐ > MMABUN.)

^ nky. 8 Wɔasesa edin ahorow no bi.

^ nky. 56 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɔkwan “ketewa” a yɛnam so no, Onyankopɔn mmara bɔ yɛn ho ban te sɛ dade a wɔde agye ɔkwan bi ho ban. Sɛ yɛamfi ɔkwan no so a, yɛkwati asiane te sɛ ponografi, aguamammɔ ne nhyɛso a ɛbɛma yɛakɔ sukuu akɔ akyiri.

^ nky. 58 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Sɛnea ɛbɛyɛ a Yakob besiesie ɔne ne nua Esau ntam nti, ɔbɔɔ ne mu ase mpɛn pii wɔ n’anim.