Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

Ɔwɛn-Aban ahorow a aba afe yi no, woatɔ wo bo ase akenkan? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

Yakobo 5:11 ma yehu sɛ Yehowa wɔ ayamhyehye” ne “mmɔborɔhunu.” Awerɛhyem bɛn na saa asɛm no ma yenya?

Yenim sɛ Yehowa mmɔborɔhunu nti, ɔpɛ sɛ ɔde yɛn bɔne kyɛ yɛn. Yakobo 5:11 ma yɛn awerɛhyem sɛ, oyi ne yam boa yɛn. Ɛno nti, ɛsɛ sɛ yɛn nso yesuasua no.—w21.01, kr. 21.

Adɛn nti na Yehowa yɛɛ tiyɛ nhyehyɛe no?

Ɔdɔ nti na ɔyɛe. Saa nhyehyɛe no ma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ Yehowa abusua no mu, na ɛde asomdwoe ba. Abusua no muni biara a ogye nhyehyɛe yi tom no nim onii a ɛsɛ sɛ osisi gyinae na ɔhwɛ ma gyinaesi no yɛ adwuma.—w21.02, kr. 3.

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ ahwɛyiye bere a wɔne nkurɔfo redi nkitaho wɔ messaging app so?

Sɛ obi pɛ sɛ ɔde app a ɛtete saa di dwuma a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ahwɛyiye wɔ wɔn a ɔne wɔn bedi nkitaho no ho. Sɛ nnipa a ɛwɔ chat group bi so dɔɔso a, ɛbɛyɛ den sɛ wubehu nnipa a ɛwɔ so no nyinaa suban. (1 Tim. 5:13) Asiane baako nso ne sɛ, anhwɛ a wobɛtrɛw atosɛm mu anaa wonam app no so bɛtɔn nneɛma de apɛ anuanom ho mfaso.—w21.03, kr. 31.

Nea enti a Onyankopɔn maa kwan maa Yesu huu amane na owui no, ebi ne sɛn?

Nea edi kan, wu a Yesu wui wɔ asɛndua so no ma wogyee Yudafo no fii nnome ase. (Gal. 3:10, 13) Nea ɛto so mmienu, na Yehowa de retete Yesu ma watumi ayɛ n’adwuma sɛ Sɔfo Panyin. Nea ɛto so mmiɛnsa, nokware a Yesu di kosii owu mu no ma ɛdaa adi sɛ nnipa betumi adi Yehowa nokware bere a wɔrehyia sɔhwɛ a emu yɛ den paa mpo. (Hiob 1:9-11)—w21.04, kr. 16-17.

Sɛ ɛyɛ den sɛ wubenya nkurɔfo aka asɛm no akyerɛ wɔn a, dɛn na wubetumi ayɛ?

Wubetumi de w’ani ato fam ahwɛ bere a wokɔ a wobɛto wɔn wɔ fie. Wubetumi nso akɔka asɛm no wɔ baabi foforo. Afei nso, wubetumi asesa ɔkwan a wofa so ka asɛmpa no; wubetumi akyerɛw wɔn krataa.—w21.05, kr. 15-16.

Bere a ɔsomafo Paul kaa sɛ: “Esiane sɛ midii mmara no so nti, mawu ama mmara no,” dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ? (Gal. 2:19, ase hɔ asɛm)

Mose Mmara no ma ɛdaa adi sɛ bɔne wɔ nnipa ho, na ɛkyerɛɛ Israelfo no kwan kɔɔ Kristo so. (Gal. 3:19, 24) Ɛno na ɛmaa Paul gyee Kristo dii no. Saa a ɔyɛe no nti ‘owu maa mmara no.’ Wei kyerɛ sɛ afei de na ɔnhyɛ mmara no ase bio.—w21.06, kr. 31.

Nneɛma bɔne bɛn na Yehowa agyina ano, na yɛbɛyɛ dɛn asuasua no?

Yehowa agyina nneɛma bɔne a edidi so yi nyinaa ano. Ne din a wɔagu ho fi, ne tumidi a wɔasɔre atia, ne mma no bi a wɔatew ne so atua, atosɛm a Satan keka, n’asomfo a wɔda ne koma so no amanehunu, ne nnamfo a owu nti ɔne wɔn ntam atetew, atirimɔdenfo a wɔhyɛ wɔn yɔnko nipa so ne sɛe a nnipa resɛe asaase ne nneɛma a ɛwɔ so.—w21.07, kr. 9-12.

Abotare ho asuade bɛn na yebetumi anya afi Yosef hɔ?

Ne nuanom ne no anni no yiye koraa. Ewiee ase no, okopuee Egypt, na obi twaa asɛm too ne so ma ɔkɔdaa afiase mfe pii. Ne nyinaa mu no, omiaa n’ani gyinaa mu.—w21.08, kr. 12.

Sɛnkyerɛnne kwan so ɔwosow bɛn na wɔahyɛ ho nkɔm wɔ Hagai 2:6-9, 20-22?

Amanaman no mpɛ sɛ Ahenni ho asɛmpa no betwa wɔn asom koraa, nanso nnipa bebree aba nokware no mu. Ɛrenkyɛ ɔwosow a etwa to no bɛsɛe amanaman no.—w21.09, kr. 15-19.

Ɔsom adwuma a yɛreyɛ no, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw?

Yehowa hu mmɔden a yɛbɔ no, na n’ani sɔ. Sɛ yɛammrɛ anaasɛ yɛampa abaw a, yebenya daa nkwa.—w21.10, kr. 25-26.

Bible tu yɛn fo sɛ: “Monyɛ kronkron mo nneyɛe nyinaa mu.” (1 Pet. 1:15) Ɔkwan bɛn so na Leviticus ti 19 betumi aboa yɛn ma yɛde saa afotu no ayɛ adwuma?

Asɛm a ɛwɔ 1 Petro 1:15 no, ɛbɛyɛ sɛ wɔfa fii Leviticus 19:2. Sɛ yɛhwɛ Leviticus ti 19 a, yebehu akwan horow pii a yebetumi afa so de asɛm a ɛwɔ 1 Petro 1:15 no ayɛ adwuma wɔ yɛn abrabɔ mu.—w21.12, kr. 3-4.