Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 52

Boa Afoforo Ma Wɔntumi Nnyina Mmere Bɔne Mu

Boa Afoforo Ma Wɔntumi Nnyina Mmere Bɔne Mu

“Wɔn a ɛsɛ sɛ woyɛ wɔn papa no, mfa nkame wɔn, bere a wowɔ tumi a wode bɛboa no.”—MMEB. 3:27.

DWOM 103 Ahwɛfo—Wɔyɛ Akyɛde

NEA YƐREBESUA a

1. Mpɛn pii no, ɔkwan bɛn na Yehowa fa so bua n’asomfo mpaebɔ?

 SƐ YEHOWA somfo bi fi ne koma nyinaa mu bɔ mpae a, wunim sɛ Yehowa betumi afa wo so abua ne mpaebɔ no? Sɛ woyɛ asafo mu panyin oo, ɔsomfo oo, ɔkwampaefo oo, ɔdawurubɔfo oo, woanyin oo, wusua oo, woyɛ onua oo, woyɛ onuawa oo, obetumi afa wo so. Sɛ obi a ɔdɔ Yehowa su frɛ no a, ɔtaa fa asafo mu mpanyimfo ne n’asomfo anokwafo afoforo so ‘kyekye onii no werɛ paa.’ (Kol. 4:11) Ɛyɛ akwannya paa sɛ Yehowa bɛfa yɛn so abua yɛn nuanom mpaebɔ na wakyekye wɔn werɛ! Sɛ yare bi tu atese, atoyerɛnkyɛm bi si, anaa nkurɔfo retan yɛn ani a, yebetumi aboa yɛn nuanom akyekye wɔn werɛ.

BOA AFOFORO BERE A YARE BI ATU ATESE

2. Adɛn nti na ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛboa afoforo bere a yare bi atu atese?

2 Sɛ yare bi tu atese a, ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛboa yɛn ho yɛn ho. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, yenyae a anka yɛakɔsra yɛn nnamfo, nanso ebia na emu nnwoe sɛ yɛbɛyɛ saa. Ebia yɛpɛ sɛ yɛto nsa frɛ wɔn a wɔn sikasɛm ayɛ basaa na yɛne wɔn didi, nanso ebia ɛno nso ntumi nyɛ yiye. Ebi nso a yɛpɛ sɛ yɛboa afoforo, nanso sɛ yɛn ara yɛn abusuafo nso rehu amane a, ebetumi ayɛ den. Ne nyinaa akyi no, yɛpɛ sɛ yɛboa yɛn nuanom, na Yehowa nso ani gye ho sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara de aboa wɔn. (Mmeb. 3:27; 19:17) Dɛn na yebetumi ayɛ?

3. Dɛn na yesua fi Desi asafo mu mpanyimfo hɔ? (Yeremia 23:4)

3 Nea mpanyimfo betumi ayɛ. Sɛ woyɛ asafo mu panyin a, hu nguan no yiye. (Kenkan Yeremia 23:4.) Onuawa Desi a yɛkaa ne ho asɛm wɔ adesua a edi wei anim mu no ka sɛ, “Mpanyimfo a wɔwɔ m’asɛnka kuw mu no, na wɔne me, ɛne afoforo bom kɔ asɛnka, na na yebom gye yɛn ani nso.” b Nea mpanyimfo no yɛe no ma ɛyɛɛ mmerɛw maa wɔn sɛ wɔbɛboa Desi bere a COVID-19 yare no tuu atese na ekunkum n’abusuafo bi no.

4. Adɛn nti na mpanyimfo no tumi boaa Desi, na dɛn na yesua fi mu?

4 Desi kyerɛ mu sɛ, “Esiane sɛ na mpanyimfo no yɛ me nnamfo dedaw nti, ɛyɛɛ mmerɛw maa me sɛ mɛka sɛnea mete nka ne nea ɛhaw me akyerɛ wɔn.” Dɛn na mpanyimfo betumi asua afi mu? Hu anuanom yiye ansa na ɔhaw bi ayi ne ti. Fa wɔn adamfo. Sɛ yare bi tu atese, na ɛno nti worentumi nkɔ wɔn fie nkɔsra wɔn a, hwehwɛ akwan foforo fa so ne wɔn nni nkitaho. Desi ka sɛ, “Da bi wɔ hɔ a mpanyimfo pii tumi frɛ me anaa wɔsɛnde me mɛsegye. Ɛwom sɛ kyerɛwnsɛm a wɔne me kenkanee no, na minim no yiye paa, nanso ɛkaa me koma.”

5. Mpanyimfo bɛyɛ dɛn ahu nea anuanom hia, na wɔaboa wɔn?

5 Ɔkwan baako a wubetumi afa so ahu nea anuanom hia ne sɛ wode anifere bebisa wɔn nsɛm. (Mmeb. 20:5) Wubetumi abisa wo ho sɛ, ‘Wɔwɔ aduan, nnuru, ne nneɛma foforo a wɔbehia? Wɔn adwuma reyɛ afi wɔn nsa, anaa wɔnni sika a wɔde betua wɔn dan ka? Sɛ aban wɔ mmoa bi a, wɔbehia yɛn mmoa na wɔn nsa aka anaa?’ Desi nyaa mmoa fii ne nuanom Kristofo hɔ. Nanso ɔdɔ a mpanyimfo no daa no adi ne nkuranhyɛ a wɔde maa no no, ɛno paa na ɛboaa no ma otumi gyina sɔhwɛ no ano. Ɔka sɛ: “Mpanyimfo no ne me bɔɔ mpae. Ɛwom sɛ menkae nsɛm pɔtee a wɔkae no de, nanso mekae sɛnea ɛma metee nka no. Ɛyɛ kwan a na Yehowa refa so aka akyerɛ me sɛ, ‘Ɛnkaa wo nko.’”—Yes. 41:10, 13.

Onua a ɔrehwɛ adesua so no ani agye sɛ nnipa bebree aba adesua na wɔrema mmuae a ɛhyɛ nkuran; onua bi a ɔyare nso wɔ video so, na wama ne nsa so pɛ sɛ ɔma mmuae (Hwɛ nkyekyɛm 6)

6. Anuanom a ɛwɔ asafo no mu no, dɛn na wɔn mu pii betumi ayɛ de aboa afoforo? (Hwɛ mfoni no.)

6 Nea afoforo betumi ayɛ. Yɛhwɛ kwan sɛ mpanyimfo no bedi anim aboa afoforo. Nanso Yehowa pɛ sɛ yɛn nyinaa hyɛ afoforo nkuran na yɛboa wɔn. (Gal. 6:10) Ade ketewaa bi a yɛbɛyɛ ama obi a ɔyare de akyerɛ sɛ yɛdɔ no no, ebetumi ahyɛ no nkuran paa. Abofra bi betumi ne ne maame anaa ne papa akɔsra onua bi akɔhyɛ no nkuran. Aberante anaa ababaa betumi akodi gua ama onuawa bi anaa wayɛ nneɛma bi ama no. Afoforo nso betumi ayɛ aduan akɔma obi a ɔyare wɔ ne fie. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yare bi tu atese a, obiara a ɔwɔ asafo no mu hia nkuranhyɛ. Afei nso, sɛ yɛpɔn adesua a, ebia yebetumi atwɛn kakra ne anuanom abɔ nkɔmmɔ wɔ asa no so, anaa yɛne wɔn abɔ nkɔmmɔ wɔ video so. Mpanyimfo no nso hia nkuranhyɛ, efisɛ sɛ yare bi tu atese a, mpɛn pii no wɔnni adaagye koraa. Ɛno nti, ɛyɛ a anuanom binom kyerɛw krataa kɔda wɔn ase. Sɛ yɛyɛ yɛn fam de, na ‘yɛkɔ so hyehyɛ yɛn ho nkuran na yɛhyehyɛ yɛn ho den’ a, hwɛ ne fɛ!—1 Tes. 5:11.

BOA AFOFORO BERE A ATOYERƐNKYƐM BI ASI

7. Adɛn nti na ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛboa afoforo bere a atoyerɛnkyɛm bi asi?

7 Atoyerɛnkyɛm betumi ama obi asetena asesa prɛko pɛ. Ebetumi ama nkurɔfo ahwere wɔn agyapade, wɔn afie, anaa wɔn adɔfo mpo. Ɔhaw a ani yɛ nyan saa no, yɛn nuanom nso hyia bi. Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn?

8. Dɛn na asafo mu mpanyimfo ne mmusua ti betumi ayɛ ansa na atoyerɛnkyɛm bi asi?

8 Nea mpanyimfo betumi ayɛ. Mpanyimfo, mommoa mo nuanom ma wɔnsiesie wɔn ho ansa na atoyerɛnkyɛm bi asi. Monhwɛ nhu sɛ asafo no mufo nyinaa nim nneɛma pɔtee a ɛsɛ sɛ wɔyɛ de bɔ wɔn ho ban, ne sɛnea wɔne mpanyimfo no bedi nkitaho. Margaret a yɛkaa ne ho asɛm wɔ adesua a edi wei anim mu no ka sɛ: “Mpanyimfo no yɛɛ asafo mu ahiade bi, na wɔbɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ ogyahyehyewbere no nnya ntwaa mu. Wɔkaa sɛ, sɛ aban mpanyimfo ka sɛ yemfi mpɔtam hɔ anaa sɛ yɛn ara yehu sɛ tebea no ayɛ hu a, ɛsɛ sɛ yefi hɔ ntɛm ara.” Mpanyimfo no yɛɛ asafo mu ahiade no wɔ bere a ɛsɛ mu, efisɛ nnawɔtwe nnum akyi pɛpɛɛpɛ na ogyahyehyew kɛse bi fii ase. Edu abusua som so a, mmusua ti betumi aboa abusua no muni biara ama wahu nea ɔbɛyɛ bere a atoyerɛnkyɛm bi asi. Sɛ mo ne mo mma di kan siesie mo ho na atoyerɛnkyɛm bi si a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama mo sɛ mobɛka mo koma ato mo yam.

9. Dɛn na ɛsɛ sɛ mpanyimfo bɔ mmɔden yɛ ansa na atoyerɛnkyɛm asi ne bere a asi no?

9 Sɛ woyɛ kuw sohwɛfo a, ntwɛn mma atoyerɛnkyɛm nnsi ansa na woahwɛ ahu sɛ wowɔ wo kuw mufo nyinaa nɔma a wɔde di dwuma mprempren. Kyerɛw obiara nɔma, na ɛwom ara a hwɛ sɛ ɛno ara na wɔda so de di dwuma anaa. Sɛ woyɛ saa na sɛ atoyerɛnkyɛm bi si a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo sɛ wo ne ɔdawurubɔfo biara bedi nkitaho ahu nea ohia. Atoyerɛnkyɛm bi sii ara pɛ, fa nɔma no nyinaa ma mpanyimfo ntam nkitahodifo no, na ɔno nso de bɛma ɔmansin sohwɛfo no. Sɛ anuanom yi nyinaa bom yɛ adwuma a, ɛboa paa. Ogyahyehyew no akyi no, Margaret mansin sohwɛfo sii pɛ nnɔnhwerew 36 ne mpanyimfo no dii nsawɔso. Afei anuanom 450 a na ogya no atu wɔn afi wɔn afie no, wɔne wɔn dii nkitaho hwɛɛ nea obiara hia. (2 Kor. 11:27) Enti, wɔn a na ehia sɛ wɔnya baabi tena nyinaa, wɔboaa wɔn.

10. Adɛn nti na mpanyimfo no hu anuanom a wɔbɛsrasra wɔn no sɛ ehia paa? (Yohane 21:15)

10 Ɛyɛ mpanyimfo asɛde sɛ wɔde Bible bɛhyɛ anuanom nkuran na wɔakyekye wɔn werɛ. (1 Pet. 5:2) Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si a, ɛsɛ sɛ wɔdi kan hwɛ sɛ onua anaa onuawa biara ho ye, ɔwɔ aduan, ntaade, ne baabi a ɔbɛda. Ɛno akyi no, ebia anuanom no behia nkuranhyɛ ne awerɛkyekye abosome pii. (Kenkan Yohane 21:15.) Harold ka Baa Boayikuw bi ho, na ɔne anuanom bebree a atoyerɛnkyɛm ama wɔn ho aka atwetwe nkɔmmɔ. Ɔka sɛ: “Egye bere ansa na anuanom no asan asi wɔn dedaw mu. Ebia nkakrankakra wɔbegye nea asi no atom na wɔatoa wɔn abrabɔ so. Nanso wɔn adɔfo bi a wɔahwere wɔn, wɔn agyapade bi a ɛsom bo a afi wɔn nsa, ne sɛnea wɔne owu bɔɔ mpunimpu no de, ɛwom ara a ebetumi abesi wɔn tirim. Sɛ nneɛma a ɛte saa besi wɔn tirim a, na akɔfa awerɛhodi no asan aba. Obi yɛ saa a, ɛnkyerɛ sɛ onni gyidi; nea ɛkyerɛ ara ne sɛ ɔyɛ nipa.”

11. Dɛn na ebia mmusua no bɛkɔ so ara ahia?

11 Mpanyimfo de afotu a ɛwɔ Bible mu a ɛka sɛ “mo ne wɔn a wosu nsu” no yɛ adwuma. (Rom. 12:15) Anuanom a wɔnyaa wɔn ti didii mu no, ebia ɛsɛ sɛ wɔkae wɔn sɛ Yehowa ne wɔn nuanom Kristofo da so dɔ wɔn. Ebehia sɛ mpanyimfo boa mmusua no ma wɔkɔ so som Yehowa, kyerɛ sɛ, wɔbɛboa wɔn ma wɔabɔ mpae, wɔasua ade, na wɔakɔ asafo nhyiam ne asɛnka. Mpanyimfo nso betumi ahyɛ awofo nkuran sɛ wɔmmoa wɔn mma ma wɔmfa wɔn adwene nsi nneɛma a atoyerɛnkyɛm biara rentumi nsɛe no so. Awofo, monkae mo mma sɛ Yehowa bɛkɔ so ayɛ wɔn adamfo, na ɛmfa ho nea ebesi biara no, ɔrennyaw wɔn. Afei nso, monkyerɛ mu nkyerɛ wɔn sɛ wɔwɔ anuanom wɔ wiase baabiara, na wɔayɛ krado sɛ wɔbɛboa wɔn.—1 Pet. 2:17.

Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si wo mpɔtam a, wubetumi atu wo ho ama akɔboa anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 12) e

12. Dɛn na afoforo betumi ayɛ de aboa wɔ atoyerɛnkyɛm bere mu? (Hwɛ mfoni no.)

12 Nea afoforo betumi ayɛ. Sɛ atoyerɛnkyɛm bi si wɔ baabi a ɛbɛn wo a, bisa mpanyimfo no ma wɔnkyerɛ wo nea wubetumi ayɛ de aboa. Ebia wɔn a atoyerɛnkyɛm no atu wɔn afi wɔn afie anaa atoyerɛnkyɛm bere mu aboafo no, wubetumi ama wɔn baabi atena bere tiaa bi. Ebia wubetumi de aduan ne nneɛma foforo akɔma adawurubɔfo a wɔn ho aka no. Sɛ baabi a atoyerɛnkyɛm no sii no mmɛn wo mpo a, wubetumi aboa. Wobɛyɛ no sɛn? Ɛne sɛ wobɛbɔ mpae ama wɔn a wɔn ho aka no. (2 Kor. 1:8-11) Wubetumi nso ayi ntoboa de aboa wiase nyinaa adwuma no, efisɛ ɛno ara bi na wɔde boa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn no. (2 Kor. 8:2-5) Sɛ wubetumi akɔ baabi a atoyerɛnkyɛm asi no akɔboa a, bisa mpanyimfo no ma wɔnkyerɛ wo sɛnea wubetumi atu wo ho ama. Sɛ wɔto nsa frɛ wo a, ebia wɔbɛma wo ntetee kakra sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi akɔboa wɔ baabi a wɔhia wo mmoa.

BOA ANUANOM BERE A NKURƆFO RETAN WƆN ANI

13. Aman a wɔabara yɛn adwuma no wɔ hɔ no, ɔhaw bɛn na anuanom hyia?

13 Aman a wɔabara yɛn adwuma no wɔ hɔ no, tan a wɔtan anuanom ani nti, ɛma asetena yɛ den. Wei da nkyɛn a, anuanom a ɛwɔ saa aman no so no, wɔtumi yare, wɔn adɔfo tumi wu, na wɔn sikasɛm nso tumi yɛ basaa. Nanso yɛn adwuma no a wɔabara nti, ebia mpanyimfo no ntumi nsrasra anuanom no, anaa wɔntumi ne wɔn a wɔhia nkuranhyɛ no nni nkitaho sɛnea wɔpɛ. Andrei a yɛkaa ne ho asɛm wɔ adesua a edi wei anim mu no, biribi saa na ɛtoo no. Ná onuawa bi a ɔwɔ ne kuw mu sikasɛm nkɔ yiye. Afei nso, onuawa no nyaa kar akwanhyia. Enti na ɛsɛ sɛ wɔyɛ no oprehyen pii, na na ontumi nso nyɛ adwuma. Ɛwom, na wɔabara yɛn adwuma no, na na nsanyare kodiawu no nso gyina mu. Nanso ne nyinaa akyi no, anuanom yɛɛ nea wɔbetumi biara boaa onuawa no, efisɛ Yehowa huu nea ohia.

14. Dɛn na mpanyimfo betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔde wɔn ho ato Yehowa so?

14 Nea mpanyimfo betumi ayɛ. Andrei bɔɔ mpae na ɔyɛɛ nea obetumi. Sɛn na Yehowa buaa ne mpaebɔ no? Ɔkanyan ne nuanom Kristofo a wɔbetumi anya kwan ma wɔkɔboaa onuawa no. Ebinom de wɔn kar faa onuawa no kɔɔ ayaresabea. Ebinom nso de sika boaa no. Yehowa kaa wɔn koma ma wɔyɛɛ nea wɔbetumi, na sɛnea wɔkaa wɔn ho boom de akokoduru boaa onuawa no, ɛkɔɔ yiye. (Heb. 13:16) Mpanyimfo, sɛ wɔbara yɛn adwuma no a, momfa nnwuma nhyehyɛ afoforo nsa. (Yer. 36:5, 6) Nea ɛsen ne nyinaa no, momfa mo ho nto Yehowa so. Obetumi aboa mo ma mode nea anuanom hia ama wɔn.

15. Sɛ nkurɔfo retan yɛn ani a, dɛn na yebetumi ayɛ na baakoyɛ a ɛwɔ yɛn ntam no ansɛe?

15 Nea afoforo betumi ayɛ. Sɛ wɔbara yɛn adwuma no a, ebia ebehia sɛ yehyiam wɔ akuw nketewa mu. Enti, saa bere yi paa na ehia sɛ yɛhwɛ sɛ asomdwoe wɔ yɛne yɛn nuanom ntam. Satan na ɛsɛ sɛ yɛko tia no, na ɛnyɛ yɛn nuanom. Bu w’ani gu wo nuanom mfomso so, na sɛ mente-me-ho-ase bi wɔ wo ne onua bi ntam a, munsiesie no ntɛm. (Mmeb. 19:11; Efe. 4:26) Momma yemfi yɛn pɛ mu mmoa yɛn ho yɛn ho. (Tito 3:14) Mmoa a afoforo de maa onuawa a na wadi amia no nyaa n’asɛnka kuw mufo no so nkɛntɛnso pa. Ɛma wɔbɛyɛe sɛ abusua.—Dw. 133:1.

16. Sɛnea Kolosefo 4:3, 18 kyerɛ no, sɛn na yebetumi aboa yɛn nuanom a nkurɔfo retan wɔn ani no?

16 Anuanom mpempem pii wɔ aman a aban no abara yɛn adwuma so, nanso wɔda so ara resom Yehowa. Ebinom wɔ hɔ a, wɔn gyidi nti, wɔde wɔn agu afiase. Yebetumi abɔ mpae ama wɔne wɔn mmusua. Afei nso, yebetumi abɔ mpae ama wɔn a wɔde wɔn fahodi abɔ afɔre reboa ama anuanom yi atumi asom Yehowa, wɔanya nea wɔhia, na wɔatwitwa agye wɔn wɔ asɛnnibea no. c (Kenkan Kolosefo 4:3, 18.) Mmu tumi a wo mpaebɔ wɔ no adewa da!—2 Tes. 3:1, 2; 1 Tim. 2:1, 2.

Wobɛyɛ dɛn aboa w’abusua nnɛ ma wɔasiesie wɔn ho ama ɔsɔretia? (Hwɛ nkyekyɛm 17)

17. Wobɛyɛ dɛn asiesie wo ho nnɛ ama ɔsɔretia?

17 Wo ne w’abusua betumi asiesie mo ho nnɛ ama ɔsɔretia. (Aso. 14:22) Mfa w’adwene mmu nneɛma bɔne a ebetumi asisi no nyinaa. Mmom, hyɛ wo ne Yehowa ayɔnkofa mu den, na boa wo mma nso ma wɔnyɛ saa ara. Sɛ ɛtɔ da na wote nka sɛ dadwen ahyɛ wo so a, ka wo komam asɛm kyerɛ Onyankopɔn. (Dw. 62:7, 8) Nea enti a mubetumi de mo ho ato Yehowa so no, abusua no nyinaa mmom nsusuw ho. d Sɛnea ɛsɛ sɛ musiesie mo ho ansa na atoyerɛnkyɛm bi asi no, saa ara na sɛ mudi kan siesie mo ho ma ɔsɔretia, na mode mo ho to Yehowa so a, ɛbɛma mo mma anya akokoduru ne asomdwoe.

18. Dɛn na yebenya daakye?

18 Onyankopɔn asomdwoe ma yɛn ho dwo yɛn. (Filip. 4:6, 7) Ɛmfa ho yare, atoyerɛnkyɛm, ne tan a nkurɔfo betumi atan yɛn ani nnɛ no, Yehowa nam n’asomdwoe so ka yɛn koma to yɛn yam. Ɔnam mpanyimfo a wɔbɔ wɔn ho mmɔden so hyɛ yɛn nkuran. Afei nso, wama yɛn nyinaa anya hokwan a yɛde boa yɛn ho yɛn ho. Asomdwoe a yɛwɔ no nnɛ no, sɔhwɛ akɛse a yebehyia no daakye te sɛ “ahohiahia kɛse” no mpo, ɛbɛboa yɛn ama yɛagyina ano. (Mat. 24:21) Saa bere no, ebehia sɛ yɛkɔ so kura asomdwoe a yɛwɔ no mu, na yɛboa afoforo nso ma wɔyɛ saa. Ahohiahia kɛse no akyi no, yɛrenhyia ɔhaw a ebetu yɛn koma bio. Efi teteete nyinaa, nea Yehowa pɛ sɛ yɛn nsa ka no, awiei koraa no, yɛn nsa bɛka. Ɛno ne asomdwoe a edi mu a yebenya no afebɔɔ.—Yes. 26:3, 4.

DWOM 109 Momfa Mo Koma Nyinaa Nnɔ Anuanom

a Wɔn a wɔadi amia no, Yehowa taa fa n’asomfo anokwafo so boa wɔn. Obetumi afa wo so ahyɛ wo nuanom nkuran. Momma yɛnhwɛ nea yebetumi ayɛ de aboa afoforo a wɔhia mmoa.

b Wɔasesa edin no bi.

c Sɛ obi kyerɛw anuanom a wɔda afiase no lɛtɛ na ɔpɛ sɛ Betel anaa wiase nyinaa adwumayɛbea ti no de kɔma wɔn a, wɔrentumi mfa nkɔ.

d Hwɛ asɛm a n’asɛmti ne, “Siesie Wo Ho Nnɛ Ma Ɔtaa,” a ɛwɔ July 2019 Ɔwɛn-Aban mu no.

e MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Atoyerɛnkyɛm bi asi ama abusua bi akɔtena ntamadan mu, na awarefo bi rekɔma wɔn aduan.