Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

Woato wo bo ase akenkan nsɛm a ɛbaa afe yi Ɔwɛn-Aban ahorow no mu no anaa? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

Sɛ yenya bere ne Yehowa kasa, yetie no, na yedwinnwen ne ho a, mfaso bɛn na yebenya?

Ɛbɛboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa, ɛbɛma yɛatumi akyerɛkyerɛ yiye, ɛbɛhyɛ yɛn gyidi den, na ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no bɛyɛ kɛse.—w22.01, kr. 30-31.

Sɛ yenya Yehowa ne anuanom a wɔapaw wɔn a wɔdi nneɛma anim no mu ahotoso a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

Saa bere yi na ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn mu ahotoso sɛ n’akwankyerɛ na eye paa; ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn adwene mu yɛ yɛn naa wɔ akwankyerɛ a mpanyimfo no de bɛma yɛn no ho. Ahohiahia kɛse no mu no, akwankyerɛ biara a wɔde bɛma yɛn no, sɛ ɛyɛ yɛn sɛ yɛde yɛ adwuma a ɛrenyɛ yiye, anaa ntease nnim mpo a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ krado sɛ yebedi so.—w22.02, kr. 4-6.

Bere a ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Sakaria sɛ wɔbehu “prumo wɔ [Amrado] Serubabel nsam” no, na ɔrepɛ akyerɛ sɛn? (Sak. 4:8-10)

Ɛmfa ho sɛ ebia na ebinom bebu asɔrefie no sɛ n’anuonyam nnu kan de no, anisoadehu no maa Onyankopɔn nkurɔfo no awerɛhyem sɛ wɔbesi asɔrefie no awie, na ɛbɛyɛ sɛnea Yehowa pɛ.—w22.03, kr. 16-17.

Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ ‘nhwɛso wɔ ɔkasa mu’? (1 Tim. 4:12)

Yɛne nkurɔfo kasa nidi mu wɔ asɛnka mu, yefi yɛn komam to dwom wɔ adesua ase na yɛtaa ma mmuae; yɛka nokware na yɛde yɛn kasa hyɛ afoforo den, na yɛmma abususɛm anaa kasafĩ mmpue mmfi yɛn anom.—w22.04, kr. 6-9.

Mmoa (ahenni) nnan a Daniel 7 ka wɔn ho asɛm no, adɛn nti na Adiyisɛm 13:1, 2 ka wɔn ho asɛm sɛ aboa baako?

Akekaboa a Adiyisɛm 13 ka ne ho asɛm no nnyina hɔ mma ahenni pɔtee bi, te sɛ Roma. Mmom, egyina hɔ ma aban ahorow nyinaa a adi nnipa so fi tete.—w22.05, kr. 9.

Ade titiriw bɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛwɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn bebu atɛntrenee?

Sɛ obi didi yɛn atɛm, ɔyɛ biribi ma ɛhaw yɛn, anaa ɔyɛ yɛn bɔne a, yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛremfa ne ho abufuw nhyɛ yɛn mu, anaa yɛrennya ne ho menasepɔw, na mmom yebegyaw asɛm no ama Yehowa. Ɔhaw biara a bɔne akɔfa aba no, obeyi afi hɔ.—w22.06, kr. 10-11.

Sɛ onua bi rebɔ mpae wɔ adesua ase a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔma ɛtena n’adwenem?

Ɛnsɛ sɛ ɔde mpaebɔ no tu asafo no fo anaa ɔma ɛdan nkaebɔ. Titiriw sɛ yɛrebefi adesua ase a, ɛnsɛ sɛ ne kasa yɛ tenten. (Mat. 6:7)—w22.07, kr. 24-25.

Ɔkwan bɛn so na wɔn a “wɔyɛɛ akyiwade no” benya “atemmu wusɔre”? (Yoh. 5:29)

Nneɛma a wɔyɛe ansa na wɔrewu no, ɛnyɛ ɛno na wɔbegyina so abu wɔn atɛn sɛ wɔdi fɔ. Wɔnyan wɔn ba a, wɔbɛma wɔn kwan ma wɔde akyerɛ sɛ wɔbetie Onyankopɔn anaa wɔrentie no.—w22.09, kr. 18.

Nhyiam a wɔyɛɛ no September 1922 no, adwuma bɛn na J. F. Rutherford de anigye hyɛɛ anuanom no nkuran sɛ wɔnkɔyɛ?

Nhyiam bi a wɔyɛɛ no Cedar Point, Ohio, U.S.A. no, ɔde too gua sɛ: “Ɔhene no redi tumi! Mo na moyɛ n’adawurubɔfo. Enti mommɔ, mommɔ, mommɔ Ɔhene no ne n’Ahenni dawuru!”—w22.10, kr. 3-5.

Yɛhwɛ Yesaia 30 a, akwan mmiɛnsa bɛn na Onyankopɔn fa so boa yɛn ma yegyina sɔhwɛ ano?

Saa ti yi ma yehu sɛ (1) otie yɛn mpaebɔ, na obua, (2) ɔma yɛn akwankyerɛ, na (3) ohyira yɛn nnɛ, na daakye nso obehyira yɛn.—w22.11, kr. 9.

Adɛn nti na yebetumi aka sɛ asɛm a ɛwɔ Dwom 37:10, 11, 29 no baa mu tete no, na daakye nso ɛbɛba mu?

Dawid nsɛm no ma yehu asetena pa a na ɛwɔ Israel bere a na Solomon yɛ ɔhene no. Yesu kaa sɛ paradise bi bɛba daakye, na ɔfaa asɛm a ɛwɔ nkyekyɛm 11 no kae. (Mat. 5:5; Luka 23:43)—w22.12, kr. 8-10, 14.