Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 49

Yebetumi Atena Ase Daa

Yebetumi Atena Ase Daa

‘Eyi ne daa nkwa.’YOH. 17:3.

DWOM 147 Daa Nkwa Bɔhyɛ

NEA YƐREBESUA a

1. Ɛbɔ a Yehowa ahyɛ sɛ ɔbɛma yɛn daa nkwa no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛboa yɛn sɛn?

 YEHOWA ahyɛ bɔ sɛ wɔn a wɔtie no no benya “daa nkwa.” (Rom. 6:23) Sɛ yedwinnwen ɛbɔ a Yehowa ahyɛ yɛn no ho a, ɛbɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma no no ayɛ kɛse. Wo de, susuw wei ho hwɛ: Yɛn soro Agya no dɔ yɛn ara ma biribiara rentumi ntetew yɛne ne ntam da.

2. Ɔkwan bɛn so na daa nkwa bɔhyɛ no boa yɛn?

2 Ɛbɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛma yɛn daa nkwa no, ɛboa yɛn ma yetumi gyina ɔhaw a yehyia no ano. Sɛ yɛn atamfo de owu hunahuna yɛn mpo a, yɛrennyae Yehowa som. Adɛn ntia? Ade baako ne sɛ, yenim sɛ, sɛ yedi Yehowa nokware na yewu mpo a, obenyan yɛn, na wama yɛn anidaso a ɛbɛma yɛatena ase daa. (Yoh. 5:28, 29; 1 Kor. 15:55-58; Heb. 2:15) Adɛn nti na yebetumi agye adi paa sɛ yebetumi atena ase daa? Momma yɛnhwɛ adanse a edidi so yi.

YEHOWA WƆ HƆ DAA

3. Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa betumi ama yɛatena ase daa? (Dwom 102:12, 24, 27)

3 Yenim sɛ Yehowa betumi ama yɛatena ase daa, efisɛ ɔno na nkwa fi no, na ɔwɔ hɔ daa. (Dw. 36:9) Momma yɛnhwɛ kyerɛwnsɛm bi a ɛfoa so sɛ Yehowa wɔ hɔ daa. Dwom 90:2 ka sɛ, Yehowa “fi mmeresanten kosi mmeresanten.” Dwom 102 nso twe adwene si biribi saa so. (Kenkan Dwom 102:12, 24, 27.) Odiyifo Habakuk nso kyerɛw yɛn soro Agya no ho asɛm sɛ: “O Yehowa, wunni hɔ fi tete anaa? O me Nyankopɔn, me Kronkronni, wunwu da.”Hab. 1:12.

4. Sɛ ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛte ase sɛ Yehowa wɔ hɔ daa a, ɛsɛ sɛ ɛhaw yɛn anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

4 Ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛte ase sɛ efi tete nyinaa Yehowa yɛ “daa” Nyankopɔn anaa? (Yes. 40:28) Sɛ wote nka saa a, ɛnyɛ nwanwa. Elihu kaa Nyankopɔn ho asɛm sɛ: “Mfe a wadi nso, yɛrentumi mfa yɛn adwene mmu.” (Hiob 36:26) Sɛ yɛnte biribi ase a, ɛno nkyerɛ sɛ ɛnyɛ nokware. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛnea hann te no, ebia yɛnte ase papa; wei kyerɛ sɛ hann nni hɔ anaa? Ɛnte saa koraa! Nnipa nso, sɛnea Yehowa nwu da anaa ɔwɔ hɔ daa no, ebia yɛrentumi nte ase nwie da. Nanso wei nkyerɛ sɛ wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ daa no nyɛ nokware. Nea ɛyɛ den ma nnipa sɛ wɔbɛte ase no, Ɔbɔadeɛ no de, ɛnyɛ ɔhaw koraa mma no. (Rom. 11:33-36) Afei nso, na ɔwɔ hɔ ansa na amansan yi ne biribiara a ɛwom te sɛ awia ne nsoromma reba. Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ “ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asaase.” Ampa, na ɔwɔ hɔ ansa na ‘ɔretrɛw ɔsoro mu.’ (Yer. 51:15; Aso. 17:24) Adanse bɛn bio na ɛma yenya awerɛhyem sɛ yebetumi atena ase daa?

YEHOWA BƆƆ YƐN SƐ YƐNTENA ASE DAA

5. Awarefo a wɔdi kan no, anidaso bɛn na na wɔwɔ?

5 Nneɛma a nkwa wom a Yehowa bɔe wɔ asaase so nyinaa, nnipa nko ara na ɔmaa wɔn anidaso sɛ wɔbetumi atena ase daa a wɔnwu. Nanso Yehowa bɔɔ Adam kɔkɔ sɛ: “Papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no de, nni bi, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Gen. 2:17) Sɛ Adam ne Hawa tiee Yehowa a, anka wɔanwu. Enti ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ anka ebedu baabi no, Yehowa bɛma wɔn kwan ma wɔadi “nkwa dua” aba no bi. Anka wei bɛma wɔanya awerɛhyem sɛ ‘wɔbɛtena ase daa.’ bGen. 3:22.

6-7. (a) Dɛn bio na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ammɔ owu amma nnipa? (b) Dɛn na wopɛ sɛ woyɛ wɔ wiase foforo no mu? (Hwɛ mfoni ahorow no.)

6 Abɔde mu nyansahufo bi ayɛ nhwehwɛmu bi a ɛyɛ nwanwa paa afa yɛn amemene no ho. Wɔkyerɛ mu sɛ, nsɛm a yɛn amemene no betumi akora so dɔɔso paa. Nanso yebewu no, na nsɛm a akora so yɛ kakraa bi. Afe 2010 no, nhoma bi a wɔato din Scientific American Mind kaa sɛ, nsɛm a amemene no betumi akora so bɛyɛ gig ɔpepepem mmienu ne fã. Sɛ wɔka sɛ wɔreyi saa nsɛm no wɔ TV so ama yɛahwɛ a, yɛde nnɔnhwerew bɛyɛ ɔpepem mmiɛnsa anaa bɛboro mfe 300 na ɛbɛhwɛ. Ebetumi mpo aba sɛ nsɛm a amemene no betumi akora so no, nea nhwehwɛmufo de ato gua no sua koraa. Nanso wei si so dua sɛ Yehowa yɛɛ yɛn amemene no na atumi akora nsɛm pii so; nsɛm a ɛkora so wɔ mfe 70 anaa 80 a yɛde tena ase no de, ennu baabiara.—Dw. 90:10.

7 Afei nso, Yehowa de daa nkwa ho akɔnnɔ a emu yɛ den adua yɛn mu. Bible ka nnipa ho asɛm sɛ Onyankopɔn de “bere a enni awiei . . . ahyɛ wɔn komam.” (Ɔsɛnk. 3:11) Ɛno ne ade baako nti a owu yɛ yɛn tamfo no. (1 Kor. 15:26) Sɛ yɛyare denneennen a, ɛyɛ a yɛfa no saa ara ka sɛ owu mmɛfa yɛn nkɔ anaa? Daabi. Mpɛn pii no, yekohu dɔkta na ebia yɛagye aduru de ako yare no. Nokwasɛm ne sɛ, yɛyɛ nea yebetumi biara sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrenwu. Afei nso, sɛ yɛn dɔfo bi wu a, sɛ ɔyɛ abofra oo, sɛ ɔyɛ panyin oo, etumi yɛ yɛn yaw paa, na yetumi di awerɛhow kyɛ. (Yoh. 11:32, 33) Wohwɛ a, yɛn Bɔfo a ɔdɔ yɛn no, sɛ ɔmpɛ sɛ yɛtena ase daa a, anka ɔde daa nkwa ho akɔnnɔ bedua yɛn mu, na wama yɛn amemene a etumi kora nsɛm pii so saa? Nanso yɛwɔ adanse afoforo a edi mu a ɛkyerɛ sɛ yebetumi atena ase daa. Momma yɛnhwɛ nneɛma bi a Yehowa yɛe ne nea ogu so reyɛ a ɛkyerɛ sɛ atirimpɔw a na ɔwɔ no nsesae.

Esiane sɛ yɛwɔ anidaso sɛ yebetumi atena ase daa nti, nneɛma a yebetumi ayɛ no daakye no, yɛn ani gye ho sɛ yebedwinnwen ho (Hwɛ nkyekyɛm 7) c

ATIRIMPƆW A YEHOWA WƆ NO NSESAE

8. Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama yɛn no, sɛn na Yesaia 55:11 ka ho asɛm?

8 Ɛwom, bɔne a Adam ne Hawa yɛe no kɔfaa owu brɛɛ wɔn asefo, nanso nea na Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, wansesa n’adwene. (Kenkan Yesaia 55:11.) Ɛda so ara yɛ n’atirimpɔw sɛ nnipa anokwafo bɛtena ase daa. Sɛ yɛhwɛ nsɛm a Yehowa aka ne nea wayɛ na ama n’atirimpɔw abam a, yebehu sɛ nea yɛreka yi yɛ nokware.

9. Ɛbɔ bɛn na Onyankopɔn ahyɛ? (Daniel 12:2, 13)

9 Yehowa ahyɛ bɔ sɛ obenyan awufo, na wɔanya hokwan a wɔde bɛtena ase daa. (Aso. 24:15; Tito 1:1, 2) Ná ɔnokwafo Hiob gye di sɛ, Yehowa pɛ paa sɛ onyan awufo. (Hiob 14:14, 15) Odiyifo Daniel nso, na onim sɛ awufo bɛsɔre na wɔanya hokwan a wɔde bɛtena ase daa. (Dw. 37:29; kenkan Daniel 12:2, 13.) Ná Yudafo a ɛwɔ Yesu bere so no nso nim sɛ Yehowa betumi ama n’asomfo anokwafo anya “daa nkwa.” (Luka 10:25; 18:18) Yesu kaa saa bɔhyɛ yi ho asɛm mpɛn pii; ɔno ankasa nso, n’Agya nyan no.—Mat. 19:29; 22:31, 32; Luka 18:30; Yoh. 11:25.

Nyan a Elia nyan abarimaa bi no, awerɛhyem bɛn na ɛma yenya? (Hwɛ nkyekyɛm 10)

10. Owusɔre a ɛkɔɔ so tete no, dɛn na esi so dua? (Hwɛ mfoni no.)

10 Yehowa ne Nkwamafo, na ɔwɔ tumi a ɔde benyan awufo. Ɔmaa odiyifo Elia tumi ma ɔde nyan okunafo a ofi Sarefat no babarima. (1 Ahe. 17:21-23) Akyiri yi, odiyifo Elisa nso, Onyankopɔn boaa no ma onyan Sunemni bea bi babarima. (2 Ahe. 4:18-20, 34-37) Saa owusɔre no ne owusɔre afoforo si so dua sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde benyan awufo. Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔma ɛdaa adi sɛ n’Agya ama no tumi. (Yoh. 11:23-25, 43, 44) Seesei Yesu wɔ soro, na Onyankopɔn de “ɔsoro ne asaase so tumi nyinaa” ama no. Enti “wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa,” obenyan wɔn, na wɔanya hokwan a wɔde bɛtena ase daa.—Mat. 28:18; Yoh. 5:25-29.

11. Ɔkwan bɛn so na agyede no nti, yebetumi atena ase daa?

11 Adɛn nti na Yehowa maa ne Dɔba no wui yayaayaw saa? Yesu kyerɛɛ nea enti a Yehowa yɛɛ saa bere a ɔkaa sɛ: “Onyankopɔn dɔ wiase paa. Ɛno nti, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no ansɛe, na mmom wanya daa nkwa.” (Yoh. 3:16) Esiane sɛ Onyankopɔn de ne Ba no maa yɛn sɛ agyede de kataa yɛn bɔne so nti, yɛanya hokwan sɛ yebetumi atena ase daa. (Mat. 20:28) Onyankopɔn atirimpɔw a ɛho hia yi, ɔsomafo Paul bɔɔ no mua sɛ: “Sɛnea ɛnam onipa so na owu bae no, saa ara na ɛnam onipa so na owusɔre nso bɛba. Na sɛnea obiara rewu wɔ Adam mu no, saa ara na wɔbɛma obiara anya nkwa wɔ Kristo mu.”—1 Kor. 15:21, 22.

12. Nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ ama yɛn no, sɛn na Ahenni no bɛma aba mu?

12 Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae mma Onyankopɔn Ahenni mmra, na ɛmmɛyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asaase so. (Mat. 6:9, 10) Onyankopɔn atirimpɔw no bi ne sɛ nnipa bɛtena asaase so daa. Nea ɛbɛyɛ na wei atumi aba mu no, Yehowa apaw ne Ba no sɛ Mesia Ahenni no so Hene. Nnipa 144,000 a wɔne Yesu bedi ade ama Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ no, Onyankopɔn gu so reboaboa wɔn ano wɔ asaase so.—Adi. 5:9, 10.

13. Mprempren, dɛn na Yehowa reyɛ, na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ?

13 Mprempren, Yehowa reboaboa “nnipakuw kɛse bi” ano, na ɔretete wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ n’Ahenni no manfo. (Adi. 7:9, 10; Yak. 2:8) Ɛmfa ho sɛ wiase a yɛte mu yi, ehu ne ɔko apaapae nnipa mu no, nnipakuw kɛse no mufo bɔ mmɔden paa sɛ wɔremma ɔman anaa abusua a obi fi mu ne ɔtan hunu biara mpaapae wɔn mu. Seesei mpo yɛbɛka a, wɔde wɔn asekan ayɛ nsɔw. (Mika 4:3) Wɔmfa wɔn ho nhyɛ akodi mu nkokunkum nnipa, mmom wɔrekyerɛkyerɛ nkurɔfo nokware a ɛfa Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho na ama wɔn nsa aka “nkwa ankasa” no. (1 Tim. 6:19) Esiane sɛ wɔtaa Onyankopɔn Ahenni no akyi nti, abusuafo tumi sɔre tia wɔn anaa etumi hia wɔn, nanso Yehowa hwɛ ma wɔn nsa ka nea wɔhia. (Mat. 6:25, 30-33; Luka 18:29, 30) Nokwasɛm a ɛtete saa ma yenya awerɛhyem sɛ, Onyankopɔn Ahenni no wɔ hɔ ampa, na ɛbɛkɔ so ama n’atirimpɔw aba mu.

DAAKYE PAPA BI DA YƐN ANIM

14-15. Ɛbɔ a Yehowa ahyɛ sɛ obeyi owu afi hɔ afebɔɔ no, sɛn na awiei koraa no ɛbɛba mu?

14 Yɛrekasa yi, Yesu yɛ ɔhene wɔ soro, na ɔbɛma Yehowa bɔhyɛ nyinaa aba mu. (2 Kor. 1:20) Efi afe 1914 reba no, Yesu gu so redi n’atamfo so nkonim. (Dw. 110:1, 2) Ɛrenkyɛ, Yesu ne wɔn a ɔne wɔn bedi ade no bewie wɔn nkonimdi no, na wɔasɛe abɔnefo.—Adi. 6:2.

15 Yesu Mfirihyia Apem Nniso no mu no, obenyan awufo, na waboa adasamma asoɔmmerɛwfo ma wɔakɔ pɛyɛ mu. Sɔhwɛ a etwa to no akyi no, wɔn a Yehowa bebu wɔn sɛ atreneefo no, wɔn “na asaase no bɛyɛ wɔn dea, na wɔbɛtena so daa.” (Dw. 37:10, 11, 29) Anigyesɛm ne sɛ, ‘ɔtamfo a otwa to a ɔne owu no, obetu n’ase.’—1 Kor. 15:26.

16. Ade titiriw bɛn paa nti na yɛsom Yehowa?

16 Sɛnea yɛahu no, anidaso a ɛne sɛ yɛbɛtena ase daa no gyina Onyankopɔn Asɛm no so pintinn. Awiei mmere yi a nneɛma mu ayɛ den no, saa anidaso no betumi aboa yɛn ma yɛakɔ so adi Yehowa nokware. Nanso sɛ yebetumi asɔ Yehowa ani a, ɛnyɛ ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛtena ase daa no nko ara na ɛsɛ sɛ ɛkanyan yɛn; ɛsɛ sɛ biribi foforo nso kanyan yɛn. Ade titiriw nti a yɛkɔ so di Yehowa ne Yesu nokware ne sɛ yɛdɔ wɔn paa. (2 Kor. 5:14, 15) Ɛno kanyan yɛn ma yesuasua wɔn, na yɛka anidaso a yɛwɔ no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo. (Rom. 10:13-15) Sɛ yɛanyɛ pɛsɛmenkominya, na yɛda ayamye adi a, ɛbɛma yɛabɛyɛ Yehowa nnamfo afebɔɔ.—Heb. 13:16.

17. Asɛde bɛn na yɛn mu biara wɔ? (Mateo 7:13, 14)

17 Yebenya daa nkwa no bi anaa? Yehowa ayɛ biribi a ebetumi ama yɛn mu biara anya saa hokwan no. Seesei, yɛn asɛde ne sɛ yɛbɛhwɛ sɛ yɛremfi nkwa kwan no so. (Kenkan Mateo 7:13, 14.) Sɛ yenya daa nkwa a, sɛn na asetena bɛyɛ? Yebenya asɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu.

DWOM 141 Nkwa Yɛ Anwonwade

a Wohwɛ kwan sɛ wobɛtena ase daa anaa? Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ, bere bi bɛba a yebetumi atena ase daa a owu renteetee yɛn bio. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ adanse ahorow bi a ɛkyerɛ sɛ yebetumi anya Yehowa mu ahotoso paa sɛ obedi ne bɔhyɛ so.

b Hwɛ adaka a yɛato din “ Sɛnea Wɔde Asɛmfua ‘Daa’ Di Dwuma Wɔ Bible Mu” no.

c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Nea onua bi a ne mfe akɔ anim pɛ sɛ ɔyɛ wɔ wiase foforo no mu no, ɔredwinnwen emu bi ho.