Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 51

Anidaso a Wowɔ No Renni Huammɔ

Anidaso a Wowɔ No Renni Huammɔ

“Anidaso . . . nni huammɔ.”—ROM. 5:5.

DWOM 142 Momma Yenkura Yɛn Anidaso Mu Den

NEA YƐREBESUA a

1. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ na Abraham anidaso no wɔ nnyinaso?

 YEHOWA hyɛɛ n’adamfo Abraham bɔ sɛ, ɛnam n’aseni so na asaase so aman nyinaa benya nhyira. (Gen. 15:5; 22:18) Ná Abraham wɔ ahotoso sɛ saa bɔhyɛ no bɛbam, efisɛ na ɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi kɛse. Ɛno mpo no, Abraham dii mfe 100 na ne yere nso dii mfe 90 no, na saa awarefo anokwafo yi ntumi nwoe. (Gen. 21:​1-7) Nanso, Bible ka sɛ: “Onyaa anidaso gye dii sɛ ɔbɛyɛ aman bebree agya, sɛnea na wɔaka ato hɔ” no. (Rom. 4:18) Na sɛnea wunim no, Abraham anidaso no baa mu. Ɔwoo ɔba a na wahwɛ no kwan akyɛ no, na ɔtoo no din Isak. Dɛn na ɛmaa Abraham nyaa gyidi a ɛte saa?

2. Adɛn nti na na Abraham gye di sɛ Yehowa bɔhyɛ no bɛbam?

2 Esiane sɛ na Abraham yɛ Yehowa adamfo nti, na ‘ogye di paa sɛ nea Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no’ bɛbam. (Rom. 4:21) Yehowa gyee Abraham toom na obuu no ɔtreneeni esiane ne gyidi nti. (Yak. 2:23) Sɛnea Romafo 4:18 ma yehu no, na Abraham wɔ gyidi ne anidaso. Afei momma yensusuw Romafo ti 5 ho, na yɛnhwɛ nea Paul ka faa anidaso ho.

3. Dɛn na Paul ka faa anidaso ho?

3 Nea enti a yebetumi agye adi sɛ yɛn “anidaso no nni huammɔ” no, Paul kyerɛkyerɛɛ mu. (Rom. 5:5) Ɔsan boa yɛn ma yehu nea yɛbɛyɛ a anidaso a yɛwɔ no mu bɛyɛ den. Paul kaa akwan a yɛbɛfa so ayɛ saa no ho asɛm wɔ Romafo 5:​1-5. Bere a yɛresusuw ho no, fa w’adwene bu anidaso a na wowɔ no. Woyɛ saa a, wubehu sɛ saa anidaso no, nkakrankakra seesei emu ayɛ den. Bio, nea woyɛ a ɛbɛma anidaso a wowɔ no mu ayɛ den paa no, adesua yi bɛboa wo ama woahu. Nanso momma yenni kan nhwɛ anidaso fɛfɛɛfɛ a Paul kaa sɛ ɛrenni huammɔ no.

YƐN ANIDASO FƐFƐƐFƐ NO

4. Asɛm bɛn na ɛwɔ Romafo 5:​1, 2?

4 Kenkan Romafo 5:​1, 2. Paul kyerɛw saa nsɛm no kɔmaa asafo a ɛwɔ Roma no. Anuanom a na ɛwɔ hɔ no suaa Yehowa ne Yesu ho ade nyaa wɔn mu gyidi, na wɔbɛyɛɛ Kristofo. ‘Gyidi nti Onyankopɔn buu wɔn sɛ wɔyɛ atreneefo,’ na ɔde honhom kronkron sraa wɔn. Nokwasɛm ne sɛ, wɔnyaa anidaso a edi mu.

5. Anidaso bɛn na wɔn a wɔasra wɔn no wɔ?

5 Kristofo a wɔasra wɔn a na wɔwɔ Efeso no, akyiri yi Paul kyerɛw anidaso a Onyankopɔn de ama wɔn no ho asɛm kɔmaa wɔn. Saa anidaso no bi ne ‘nneɛma a ɔde ahyɛ akronkronfo bɔ no.’ (Efe. 1:18) Afei nso Paul kyerɛɛ Kolosefo no baabi a wɔn anidaso no wɔ. Ɔkaa sɛ ɛyɛ ‘anidaso a Onyankopɔn de asie ama wɔn wɔ ɔsoro.’ (Kol. 1:​4, 5) Enti Kristofo a wɔasra wɔn no anidaso ne sɛ, wɔbenyan wɔn akɔ soro na wɔne Kristo akodi ade.—1 Tes. 4:​13-17; Adi. 20:6.

Onua F. W. Franz kaa sɛ wɔn a wɔasra wɔn no gye di paa sɛ wɔn anidaso no bɛbam (Hwɛ nkyekyɛm 6)

6. Dɛn na wɔn a wɔasra wɔn no mu baako ka faa anidaso a ɔwɔ no ho?

6 Saa anidaso no som bo ma Kristofo a wɔasra wɔn no paa. Wɔn mu baako ne Onua Frederick Franz. Afe 1991 mu no, ofii ne koma mu kaa sɛ: “Yɛn anidaso no yɛ nokware, na ɛbɛbam koraa wɔ kuw ketewa 144,000 no muni biara a otwa to no so akodu baabi a ɛtra nea yesusuw no mpo. . . . [Yɛda] so ara nim bo a yɛte nka sɛ saa anidaso no som no. . . . Yɛrekyerɛ ho anisɔ kɛse bere tenten a ɛsɛ sɛ yɛtwɛn no. Ɛyɛ ade a ɛfata sɛ yɛtwɛn, sɛ ebegye mfirihyia ɔpepem biako mpo a. Mibu yɛn anidaso no sɛ ɛsom bo kɛse sen bere biara a atwam.”

7-8. Anidaso bɛn na nnipa dodow no ara wɔ? (Romafo 8:​20, 21)

7 Anidaso a na Abraham wɔ no, ɛno ara bi na ɛnnɛ Yehowa asomfo dodow no ara wɔ—ɛne sɛ wɔbɛtena asaase so daa na Onyankopɔn Ahenni no adi wɔn so. (Heb. 11:​8-10, 13) Wɔn a ɛwɔ saa anidaso no, Paul kyerɛwee sɛ nea ɛda hɔ retwɛn wɔn nyɛ agorɔ. (Kenkan Romafo 8:​20, 21.) Nea Bible ahyɛ ho bɔ sɛ ebesisi daakye no, bere a edi kan a wusuaa ho ade no, emu nea ɛwɔ he na w’ani gyee ho paa? Bere a wuhui sɛ da bi bɛba a bɔne ne sintɔ befi hɔ koraa no, ɛno paa na w’ani gyee ho anaa? Anaa ɛyɛ bere a wubehui sɛ w’adɔfo a wɔawuwu no bɛtena ase bio wɔ paradise asaase so no? Saa anidaso yi nti, wubetumi ahwɛ kwan sɛ wo nsa bɛka nneɛma pa pii daakye.

8 Sɛ yɛn anidaso ne sɛ yebenya daa nkwa wɔ soro oo, sɛ yɛbɛtena asaase so daa oo, emu biara betumi ama yɛadi ahurusi. Yebetumi ahyɛ saa anidaso no mu den paa. Asɛm a edi hɔ a Paul kyerɛwee no boa yɛn ma yehu sɛnea yebetumi ayɛ no. Momma yɛnhwɛ sɛnea ɔkaa no. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛanya ahotoso paa sɛ yɛn anidaso no bɛbam, na ɛrenni huammɔ da.

DƐN NA ƐMA ANIDASO MU YƐ DEN?

Kristofo a ɛwɔ hɔ nnɛ betumi ahwɛ kwan sɛ wɔbehu amane (Hwɛ nkyekyɛm 9-10)

9-10. Nea ɛtoo Paul no nti, dɛn na Kristofo betumi ahwɛ kwan? (Romafo 5:3) (Hwɛ mfoni no nso.)

9 Kenkan Romafo 5:3. Hyɛ no nsow sɛ amanehunu betumi ama yɛn anidaso mu ayɛ den. Ebia wei bɛyɛ yɛn nwanwa. Nea ɛwom ne sɛ, Kristo akyidifo nyinaa betumi ahwɛ kwan sɛ wɔbehu amane. Momma yɛnhwɛ nea ɛtoo Paul. Ɔka kyerɛɛ wɔn a ɛwɔ Tesalonika no sɛ: “Bere a yɛwɔ mo nkyɛn no, na yɛtaa ka kyerɛ mo sɛ amanehunu bɛto yɛn, na . . . ɛno ara na aba mu no.” (1 Tes. 3:4) Korintofo no nso, ɔkyerɛw kɔmaa wɔn sɛ: “Anuanom, amanehunu a ɛtoo yɛn . . . no, yɛmpɛ sɛ yɛde sie mo. . . . Na yenim sɛ yɛn nkwa mpo befi yɛn nsa.”—2 Kor. 1:8; 11:​23-27.

10 Kristofo a ɛwɔ hɔ nnɛ nso betumi ahwɛ kwan sɛ wɔbehu amane. (2 Tim. 3:12) Bere a wugyee Yesu dii, na wobɛyɛɛ ne suani yi, woahyia amanehunu bi anaa? Ebia wo nnamfo ne w’abusuafo dii wo ho fɛw. Ebi mpo a wɔne wo dii no nwenweenwene. Esiane sɛ woasi wo bo sɛ wubedi nokware wɔ biribiara mu nti, ama worehu amane wɔ w’adwumam anaa? (Heb. 13:18) W’anidaso a woka ho asɛm kyerɛ nkurɔfo nti, aban no resɔre tia wo anaa? Ɛmfa ho amanehunu biara a ebia yebehyia no, Paul kaa sɛ yenni ahurusi. Adɛn ntia?

11. Sɔhwɛ biara a yebehyia no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛwe hinam so sɛ yebegyina mu?

11 Yɛrehu amane a, yebetumi adi ahurusi efisɛ adepa betumi afi mu aba. Romafo 5:3 ka sɛ, “amanehunu de animia ba.” Kristofo nyinaa behu amane, enti ɛsɛ sɛ wɔmia wɔn ani. Ɛsɛ sɛ yɛwe hinam so sɛ, sɔhwɛ biara a yebehyia no, yebemia yɛn ani agyina mu. Yɛyɛ saa a, ebetumi ama yɛn nsa aka yɛn akatua no. Wɔn a Yesu kaa sɛ wɔte sɛ aba a eguu abotan so no, yɛmpɛ sɛ yesuasua wɔn. Bere a wɔtee asɛm no pɛ na wɔde anigye gyei, nanso bere a ‘wɔhuu amane anaa wɔtan wɔn ani’ no, ɛtoo wɔn hintidua. (Mat. 13:​5, 6, 20, 21) Nokwasɛm ne sɛ, yɛn mu biara nni hɔ a n’ani gye ɔsɔretia anaa sɔhwɛ ho, nanso sɛ yemia yɛn ani gyina mu a, ɛde mfaso pii ba. Ɔkwan bɛn so?

12. Sɛ yemia yɛn ani gyina sɔhwɛ mu a, mfaso bɛn na yenya?

12 Sɛ yemia yɛn ani gyina sɔhwɛ mu a, mfaso a ɛde ba no, osuani Yakobo kaa ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Momma animia no nwie n’adwuma na moawie pɛyɛ adi mu wɔ biribiara mu a hwee nhia mo.” (Yak. 1:​2-4) Ɛha yi, Yakobo kaa sɛ animia wɔ dwuma titiriw bi a ɛsɛ sɛ edi. Ɛne sɛ ebetumi aboa yɛn ama abotare ne gyidi a yɛwɔ no ayɛ kɛse. Bio nso, ebetumi aboa yɛn ma yɛanya Onyankopɔn mu ahotoso kɛse. Ɛno akyi no, sɛ yemia yɛn ani gyina sɔhwɛ mu a, ɛboa yɛn wɔ ɔkwan titiriw bi so.

13-14. Dɛn na animia de ba, na twaka bɛn na ɛne anidaso wɔ? (Romafo 5:4)

13 Kenkan Romafo 5:4. Paul kaa sɛ animia de “Onyankopɔn mpeneso” ba. Wei kyerɛ sɛ mia a wumia w’ani gyina sɔhwɛ mu no, Yehowa ani gye ho. Wei nkyerɛ sɛ, sɛ worehyia sɔhwɛ a ɛyɛ Yehowa dɛ. Mmom no, sɛnea wumia w’ani gyina mu no, ɛno na ɛyɛ no fɛ. Sɛ yehu sɛ animia a yɛde gyina sɔhwɛ mu no ma Yehowa ani gye a, ɛhyɛ yɛn nkuran paa!—Dw. 5:12.

14 Kae sɛ bere a Abraham miaa n’ani gyinaa sɔhwɛ mu no, Onyankopɔn gyee no toom. Ɔbɛyɛɛ Yehowa adamfo, na obuu no sɛ ɔtreneeni. (Gen. 15:6; Rom. 4:​13, 22) Yɛn nso, yebetumi abɛyɛ Yehowa nnamfo na wabu yɛn sɛ atreneefo. Ɛnyɛ adwuma dodow a yetumi yɛ wɔ Onyankopɔn som mu, anaa hokwan bi a yɛwɔ na ogyina so gye yɛn tom. Mmom, animia a yɛde gyina sɔhwɛ mu no, ɛno na ogyina so gye yɛn tom. Ɛmfa ho mfe a yɛadi, tebea a yɛwom anaa nea yetumi yɛ no, yɛn nyinaa betumi amia yɛn ani agyina sɔhwɛ mu. Yɛrekasa yi, worehyia sɔhwɛ bi, na wode nokwaredi regyina mu anaa? Sɛ saa a, nya awerɛhyem sɛ Yehowa gye wo tom. Sɛ yehu sɛ Onyankopɔn gye yɛn tom a, ebetumi ahyɛ yɛn nkuran paa; ebetumi ama yɛanya ahotoso paa sɛ, sɛ ɛdan sɛ boɔ a, yɛn anidaso no bɛbam.

ANIDASO A EMU YƐ DEN

15. Asɛm bɛn bio na Paul kae, na adɛn nti na ebetumi ayɛ ebinom adwene mu naa?

15 Sɛnea Paul kae no, sɛ yemia yɛn ani gyina sɔhwɛ mu a, ɛnna Yehowa gye yɛn tom. Yɛnhwɛ sɛnea Paul toaa n’asɛm no so: “Onyankopɔn mpeneso nso de anidaso ba, na anidaso no nni huammɔ.” (Rom. 5:​4, 5) Wei betumi ayɛ ebinom adwene mu naa. Adɛn ntia? Efisɛ na Paul adi kan aka wɔ Romafo 5:2 sɛ, Kristofo a ɛwɔ Roma no, na wɔwɔ anidaso. Ɛno ne ‘anidaso a na wɔwɔ sɛ wɔbenya Onyankopɔn anuonyam’ no. Wei nti, ebia obi bebisa sɛ, ‘Sɛ na saa Kristofo no wɔ anidaso dedaw a, adɛn nti na akyiri yi Paul san kaa anidaso ho asɛm?’

Anidaso fɛfɛɛfɛ a wudii kan nyae no, nkakrankakra seesei emu ayɛ den paa (Hwɛ nkyekyɛm 16-17

16. Ɔkwan bɛn so na anidaso a obi wɔ no mu betumi ayɛ den? (Hwɛ mfoni no nso.)

16 Anidaso a yɛwɔ no, sɛ yehu sɛ emu betumi ayɛ den a, ɛbɛma yɛate asɛm a Paul kae no ase. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, anidaso nwanwaso a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, wokae bere a edi kan a wotee ho asɛm no? Ebia saa bere no, wunyaa adwene sɛ daa nkwa a yebenya wɔ paradise asaase so no yɛ adaeso bi kɛkɛ. Nanso bere a wusuaa Yehowa ho ade kɔɔ akyiri na wotee Bible mu bɔhyɛ ahorow ase no, wubegye dii paa sɛ saa anidaso no bɛbam ɔkwan biara so.

17. W’ahosohyira ne w’asubɔ akyi no, sɛn na anidaso a wowɔ no mu betumi ayɛ den?

17 W’ahosohyira ne w’asubɔ akyi no, wusuaa Yehowa ho ade pii na wubehuu no yiye. Wei maa anidaso a wowɔ no mu yɛɛ den. (Heb. 5:13–6:1) Ɛda adi sɛ woahu sɛ asɛm a ɛwɔ Romafo 5:​2-4 no yɛ nokware. Woahyia amanehunu bebree nanso woamia w’ani agyina mu, na woahu sɛ Onyankopɔn agye wo atom. Esiane sɛ wowɔ awerɛhyem sɛ Onyankopɔn agye wo atom nti, seesei wowɔ nea enti a wubetumi aka paa sɛ nneɛma a Onyankopɔn ahyɛ ho bɔ no, wo nsa bɛka. Seesei anidaso a wowɔ no mu ayɛ den sen kan de no. Wo ara wuhu sɛ ade rekye a ade resa nyinaa emu yɛ ara na ɛreyɛ den. Wei nti, nea woyɛ wɔ w’asetenam nyinaa, sɛnea wo ne w’abusua di, sɛnea wusisi gyinae, ne sɛnea wode wo bere di dwuma mpo, saa anidaso yi na abɛyɛ akyerɛkyerɛkwan.

18. Awerɛhyem bɛn na Yehowa ama yɛanya?

18 Ɔsomafo Paul ama yɛabehu sɛ, sɛ Onyankopɔn gye yɛn tom a, ɔma yɛn anidaso. Nanso ɔsan kaa biribi a ɛho hia paa faa saa anidaso no ho. Ɔma wo awerɛhyem sɛ w’anidaso no renni huammɔ. Adɛn nti na wubetumi agye wei adi? Yehowa nam Paul so ka kyerɛɛ Kristofo nyinaa sɛ: “Anidaso no nni huammɔ; efisɛ wɔnam honhom kronkron a wɔde ama yɛn no so ahwie Onyankopɔn dɔ agu yɛn koma mu.” (Rom. 5:5) Wowɔ nneɛma bebree a wubetumi agyina so agye adi sɛ w’anidaso no bɛbam.

19. Anidaso a wowɔ no, awerɛhyem bɛn na wubetumi anya wɔ ho?

19 Ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ Abraham ne sɛnea ogyee no toom na ɔfaa no adamfo no, susuw ho hwɛ. Abraham anidaso no anyɛ kwa. Bible ka sɛ: “Bere a Abraham nyaa abotare no, ne nsa kaa bɔhyɛ yi.” (Heb. 6:15; 11:​9, 18; Rom. 4:​20-22) Nokwasɛm ne sɛ Abraham nsa ansi fam. Wo nso wubetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ wokɔ so di nokware a, w’anidaso no bɛbam. W’anidaso no nyɛ adaeso; ebetumi ama w’ani agye efisɛ ɛrenni huammɔ! (Rom. 12:12) Paul kyerɛwee sɛ: ‘Onyankopɔn a ɔma anidaso no mfa anigye ne asomdwoe bebree nhyɛ mo ma, sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛfa honhom kronkron ahoɔden so anya anidaso aboro so.’—Rom. 15:13.

DWOM 139 Fa W’ani Bu Wiase Foforo No

a Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ anidaso a yɛwɔ, ne nea enti a yebetumi agye adi sɛ ɛbɛbam. Anidaso a yenyae bere a yehuu nokware no foforo no, Romafo ti 5 no bɛboa yɛn ama yɛahu sɛ ɛsono ɛno, ɛnna ɛsono nea seesei yɛwɔ no.