Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 52

Anuanom Mmabaa—Monyere Mo Ho Mmɛyɛ Kristofo a Mo Ho Akokwaw

Anuanom Mmabaa—Monyere Mo Ho Mmɛyɛ Kristofo a Mo Ho Akokwaw

‘Mmea nso, ɛnsɛ sɛ wɔyɛ nneɛma tra so; ɛsɛ sɛ wodi nokware wɔ biribiara mu.’—1 TIM. 3:11.

DWOM 133 Som Yehowa Wo Mmerante Bere Mu

NEA YƐREBESUA a

1. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ Kristofo a yɛn ho akokwaw a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

 SƐNEA abofra nyin ntɛmntɛm bɛyɛ ɔpanyin no, ɛtaa yɛ yɛn nwanwa paa. Wohwɛ a, asɛ ɔnyɛ hwee; wubehu ara na wanyin. Nanso Kristofo de, sɛ yɛpɛ sɛ yɛn ho kokwaw a, ɛnyɛ sɛ yɛtenaa mu ara na atu. b (1 Kor. 13:11; Heb. 6:1) Sɛ yɛn ho betumi akokwaw a, ɛsɛ sɛ yɛne Yehowa fa adamfo denneennen. Afei nso, sɛ yebetumi anya suban pa, asua nneɛma bi a ɛbɛboa yɛn, na yɛasiesie yɛn ho ama sɛnea yɛbɛbɔ yɛn bra daakye a, yehia honhom kronkron.—Mmeb. 1:5.

2. Dɛn na Genesis 1:27 ma yehu, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Yehowa bɔɔ mmea ne mmarima. (Kenkan Genesis 1:27.) Ɛda adi sɛ, ɛsono mmea na ɛsono mmarima wɔ nipaduam, nanso ɛnyɛ ɛno nko; wɔsan yɛ soronko wɔ akwan foforo so. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, Yehowa ama mmea ne mmarima adwuma pɔtee a wɔn mu biara nyɛ. Enti ɛho hia sɛ wɔnya suban ahorow bi na wɔsua sɛnea wɔbɛyɛ nneɛma bi. Wɔyɛ saa a, ɛbɛboa wɔn ma wɔatumi ayɛ wɔn adwuma no yiye. (Gen. 2:18) Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea onuawa ababaa betumi ayɛ na ama wabɛyɛ Kristoni a ne ho akokwaw. Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ nea anuanom mmerante nso betumi ayɛ.

NYA SUBAN PA

Mmea anokwafo te sɛ Rebeka, Ester ne Abigail sei, sɛ wusuasua wɔn a, ɛbɛboa wo ama woabɛyɛ Kristoni a wo ho akokwaw (Hwɛ nkyekyɛm 3-4)

3-4. Ɛhe na anuanom mmabaa benya anuanom mmea a wɔn ho akokwaw asuasua wɔn? (Hwɛ mfoni no nso.)

3 Mmea a na wɔdɔ Yehowa na wɔsom no no, Bible ka pii ho asɛm. (Asɛm a yɛato din “Mmea a Wɔn Ho Asɛm Wɔ Bible Mu No, Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Wɔn Hɔ?” a ɛwɔ jw.org so no, hwɛ ɛno nso.) Sɛnea kyerɛwsɛm a adesua yi gyina so no ka no, na ‘wɔnyɛ nneɛma ntra so,’ na na ‘wodi nokware wɔ biribiara mu.’ Afei nso, sɛ anuanom mmea hwɛ wɔn asafo mu a, wɔbehu sɛ Kristofo mmea a wɔn ho akokwaw wɔ hɔ a wɔbetumi asuasua wɔn.

4 Anuanom mmabaa, ebia munim anuanom mmea bi a wɔn ho akokwaw a mubetumi asuasua wɔn. Momfa mo ani nto fam nhwɛ suban pa a wɔwɔ no, na monhwɛ sɛnea mubetumi asuasua saa suban no. Nkyekyɛm a edidi so no, yɛbɛhwɛ suban mmienu a sɛ Kristofo mmea nya a, ɛbɛkyerɛ sɛ wɔn ho akokwaw.

5. Adɛn nti na ɛho hia sɛ Kristoni bea a ne ho akokwaw brɛ ne ho ase?

5 Suban ahorow a ehia sɛ Kristoni nya na ada adi sɛ ne ho akokwaw no, emu baako ne ahobrɛase. Sɛ ɔbea brɛ ne ho ase a, ɔne Yehowa ne afoforo ntam bɛyɛ kama. (Yak. 4:6) Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, ɔbea a ɔbrɛ ne ho ase no, otie asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 11:3 no. Ɛhɔ no, Yehowa ma yehu wɔn a ɔde hokwan ama wɔn sɛ wɔnni asafo no ne abusua no anim. c

6. Sɛn na anuanom mmabaa betumi asuasua Rebeka ahobrɛase no?

6 Momma yɛnhwɛ Rebeka. Ná onim nyansa paa, na na ɔwɔ akokoduru nso; sɛ asɛm bi si a, na otumi tu ho anammɔn. (Gen. 24:58; 27:​5-17) Ne nyinaa akyi no, na obu ade na na ɔbrɛ ne ho ase. (Gen. 24:​17, 18, 65) Wo nso, sɛ wobrɛ wo ho ase te sɛ Rebeka, na wutie wɔn a Yehowa ama wɔn hokwan sɛ wɔnni nneɛma anim no a, wo nhwɛso no bɛboa w’abusua ne w’asafo mufo.

7. Sɛn na anuanom mmabaa betumi asuasua Ester ahobrɛase no?

7 Ehia sɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw nyinaa brɛ wɔn ho ase. Bible ka sɛ “nyansa ne ahobrɛasefo na ɛte.” (Mmeb. 11:2) Ná Ester yɛ ɔbea a osuro Onyankopɔn na ɔbrɛ ne ho ase. Esiane sɛ na ɔbrɛ ne ho ase nti, bere a ɔbɛyɛɛ ɔhemmaa no, wamma ne ho so. Otiee afotu a ne busuani Mordekai de maa no no, na ɔde yɛɛ adwuma. (Ester 2:​10, 20, 22) Wo nso, sɛ wugye afotu fi afoforo hɔ na wode yɛ adwuma a, ɛkyerɛ sɛ wobrɛ wo ho ase.—Tito 2:​3-5.

8. Sɛnea 1 Timoteo 2:​9, 10 kyerɛ no, sɛ onuawa bi brɛ ne ho ase a, sɛn na obesiesie ne ho?

8 Ester yɛɛ biribi foforo nso a na ɛkyerɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase. Ná ‘ɔbɔ si, na na ne ho yɛ fɛ paa,’ nanso wanyɛ ade a ɛbɛma nkurɔfo adwene aba no so. (Ester 2:​7, 15) Ɔkwan bɛn so na Kristoni bea betumi asuasua Ester nhwɛso no? Emu baako na wɔaka ho asɛm wɔ 1 Timoteo 2:​9, 10 no. (Kenkan.) Ɛhɔ no, ɔsomafo Paul tuu Kristofo mmea fo sɛ wɔmfa ahobrɛase ne adwene a emu da hɔ nsiesie wɔn ho. Greek nsɛmfua a ɔde dii dwuma no, ɛma yehu sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni bea ahosiesie kyerɛ sɛ osuro Onyankopɔn, na ɛnsɛ sɛ n’ahosiesie to afoforo hintidua. Yɛn nuanom mmea a mo ho akokwaw a mode saa afotu yi yɛ adwuma no, yɛte mo so a, yɛasɔre!

9. Dɛn na yebetumi asua afi Abigail hɔ?

9 Suban foforo a ehia sɛ Kristofo mmea nyinaa nya na ada adi sɛ wɔn ho akokwaw ne nhumu. Yɛka sɛ obi wɔ nhumu a, ɛkyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ otumi hu nsonsonoe a ɛwɔ papa ne bɔne mu, na ɔyɛ nea ɛyɛ papa no. Momma yɛnhwɛ Abigail. Ne kunu sii gyinae bɔne bi a anka ɛreyɛ de ne fiefo nyinaa nkwa ato asiane mu. Abigail antenatena ho koraa. Nhumu a ɔde yɛɛ adwuma no gyee ne fiefo nkwa. (1 Sam. 25:​14-23, 32-35) Yɛn nso, sɛ yɛwɔ nhumu a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahu bere a ɛsɛ sɛ yɛkasa ne bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ komm. Afei nso, sɛ yɛpɛ sɛ yehu obi yiye a, nhumu bɛboa yɛn na yɛamfeefee ne nsɛm mu.—1 Tes. 4:11.

SUA NNEƐMA BI A ƐBƐBOA WO

Sɛn na akenkan ne akyerɛw a woasua no aboa wo? (Hwɛ nkyekyɛm 11)

10-11. Sɛ wusua akenkan ne akyerɛw yiye a, sɛn na ɛbɛboa wo ne afoforo? (Hwɛ mfoni no nso.)

10 Ɛsɛ sɛ Kristoni bea sua nneɛma bi a ɛbɛboa no. Sɛ obi yɛ abaayewa a, nneɛma bi a obesua wɔ ne mmofraase no, ebetumi aboa no ne nkwa nna nyinaa. Nneɛma a obetumi asua no, ebi na edidi so yi.

11 Sua akenkan ne akyerɛw yiye. Mmeae bi wɔ hɔ a, wɔbu no sɛ mfaso nni so sɛ mmea besua akenkan ne akyerɛw. Nanso ehia paa sɛ Kristoni biara hu akenkan ne akyerɛw. d (1 Tim. 4:13) Enti mma biribiara nnsiw wo kwan sɛ wubesua akenkan ne akyerɛw yiye. Woyɛ saa a, ɛbɛboa wo sɛn? Ebetumi aboa wo ma woanya adwuma ayɛ. Ɛbɛboa wo ma woatumi asua Onyankopɔn Asɛm no yiye na wode akyerɛkyerɛ afoforo nso. Nea ɛsen ne nyinaa no, sɛ wokenkan Onyankopɔn Asɛm no na wudwinnwen ho a, ɛbɛboa wo ma woabɛn Yehowa.—Yos. 1:8; 1 Tim. 4:15.

12. Asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 31:26 no, sɛn na ɛbɛboa wo ama woahu sɛnea wobɛkasa yiye?

12 Sua sɛnea wo ne afoforo bɛkasa yiye. Ɛsɛ sɛ Kristofo sua sɛnea wɔne afoforo bɛkasa yiye. Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ saa no, osuani Yakobo tu yɛn fo sɛ: “Obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm; mma ɔmmpere ne ho nnkasa.” (Yak. 1:19) Sɛ afoforo rekasa na woyɛ aso tie a, ɛkyerɛ sɛ wowɔ ayamhyehye anaa “tema” ma wɔn. (1 Pet. 3:8) Sɛ obi rekasa na wonte nea ɔrepɛ akyerɛ no ase a, wubetumi abisa no ma wakyerɛ wo mu. Afei dwen nea wobɛka no ho yiye. (Mmeb. 15:​28, ase hɔ asɛm) Bisa wo ho sɛ: ‘Nea merebɛka yi, ɛyɛ nokware, na ɛbɛhyɛ onii no nkuran? Ɛbɛma wahu sɛ mibu no na midwen ne ho anaa?’ Anuanom mmea a wɔn ho akokwaw a wɔtumi ne afoforo kasa yiye no, suasua wɔn. (Kenkan Mmebusɛm 31:26.) Fa w’ani to fam na hwɛ sɛnea wɔkasa. Sɛ wusua sɛnea wo ne afoforo bɛkasa yiye a, ɛbɛma wo ne nkurɔfo ntam ayɛ kama.

Ɔbea mmɔdenbɔfo yɛ nhyira ma n’abusua ne asafo no (Hwɛ nkyekyɛm 13)

13. Wobɛyɛ dɛn asua fie adeyɛ? (Hwɛ mfoni no nso.)

13 Sua fie adeyɛ. Mmeae pii wɔ hɔ a, efie nnwuma dodow no ara, mmea na ɛyɛ. Wo maame anaa onuawa foforo betumi aboa wo ma woasua fie adeyɛ. Onuawa bi a ne din de Cindy ka sɛ: “Ade titiriw baako a misua fii me maame hɔ ne sɛ, sɛ woyere wo ho yɛ adwumaden a, ɛma w’ani gye. Nnwuma bi te sɛ aduannoa, afisiesie, adepam ne sɛnea yɛkɔ gua mu kodi gua a misuae no, aboa me ama me ara mitumi yɛ me nneɛma, na ɛma mitumi yɛ pii nso wɔ Yehowa som mu. Bio nso, me maame kyerɛɛ me sɛnea yɛsom ahɔho. Wei ma mihyiaa anuanom a wɔwɔ suban pa a metumi asuasua wɔn.” (Mmeb. 31:​15, 21, 22) Ɔbea mmɔdenbɔfo a ɔpɛ ahɔhoyɛ na onim fie adeyɛ no, ɔyɛ nhyira ma n’abusua ne asafo no.—Mmeb. 31:​13, 17, 27; Aso. 16:15.

14. Dɛn na wusua fi Crystal asɛm no mu, na dɛn na ɛsɛ sɛ wode si w’ani so?

14 Sua sɛnea wobɛyɛ biribi de ahwɛ wo ho. Ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa sua sɛnea wɔbɛyɛ biribi de ahwɛ wɔn ho, na wɔma wɔn ani sɔ nea wɔwɔ. (Filip. 4:11) Onuawa bi a ne din de Crystal kaa sɛ: “M’awofo boaa me ma mihuu nea ɛsɛ sɛ misua wɔ ntoaso sukuu sɛnea ɛbɛyɛ a menya adwuma bi ayɛ de ahwɛ me ho. Me papa hyɛɛ me nkuran sɛ minsua sɛnea wɔtoto sikasɛm (accounting), na ɛboaa me paa.” Nea wubesua de ahwɛ wo ho no da nkyɛn a, bɔ mmɔden sua sɛnea wobɛtoto wo ara wo sikasɛm nso. (Mmeb. 31:​16, 18) Sɛ woansoa ka angu wo ho so, na woma w’ani sɔ nea wowɔ a, ɛbɛma woatumi ayɛ nea wode asi w’ani so wɔ Yehowa som mu no.—1 Tim. 6:8.

SIESIE WO HO MA SƐNEA WOBƐBƆ WO BRA DAAKYE

15-16. Sɛn na anuanom mmea asigyafo boa afoforo? (Marko 10:​29, 30)

15 Sɛ wobɔ mmɔden nya suban pa, na wusua nneɛma a ɛbɛboa wo a, ebesiesie wo yiye ama daakye. Yɛnhwɛ nea wubetumi ayɛ no bi.

16 Wubetumi adi sigya akosi bere bi. Mmeae bi wɔ hɔ a, nkurɔfo ani nnye sigyadi ho. Nanso nea Yesu kae no nti, anuanom mmea bi asi gyinae sɛ wɔrenware. (Mat. 19:​10-12) Afoforo nso, wɔn ara na asi gyinae sɛ wɔrenware. Nya awerɛhyem sɛ Yehowa ne Yesu mmu asigyafo animtiaa. Wokɔ wiase baabiara a, anuanom mmea asigyafo boa nsafo a wɔwom no paa. Esiane sɛ wɔdɔ afoforo na wɔdwen wɔn ho nti, anuanom bebree afa wɔn sɛ wɔn nua mmea anaa wɔn maamenom.—Kenkan Marko 10:​29, 30; 1 Tim. 5:2.

17. Sɛn na onuawa ababaa bi betumi asiesie ne ho saa bere yi ayɛ bere nyinaa som adwuma no bi?

17 Wubetumi abɛyɛ bere nyinaa somfo. Asɛnka adwuma a yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa no, Kristofo mmea na ɛyɛ emu fa kɛse no ara. (Dw. 68:11) Wubetumi de asi w’ani so saa bere yi abɛyɛ bere nyinaa som adwuma no bi anaa? Wubetumi ayɛ ɔkwampaefo, wubetumi atu wo ho ama akɔboa adansi adwuma, anaa woakɔsom wɔ Betel. Nea wode besi w’ani so no, bɔ ho mpae. Anuanom a wɔatumi adu saa botae no ho no, wo ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ na hu nea ehia sɛ woyɛ na woatumi ayɛ bi. Afei yɛ nhyehyɛe a wubetumi adi so. Sɛ wutumi du wo botae ho a, ebetumi abue hokwan pii ama wo wɔ Yehowa som mu.

Sɛ wopɛ sɛ woware a, ɛsɛ sɛ wohwehwɛ mu yiye paa (Hwɛ nkyekyɛm 18)

18. Sɛ onuawa bi repɛ kunu a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ mu yiye paa? (Hwɛ mfoni no nso.)

18 Wubetumi aware. Suban pa ne nneɛma bi a wusua a ɛbɛboa wo a yɛaka ho asɛm no, ɛbɛboa wo ama woayɛ ɔyere pa. Nea ɛwom ne sɛ, sɛ wopɛ sɛ woware a, ɛsɛ sɛ wohwehwɛ mu yiye paa. Gyinae a ɛho hia paa a wubesisi wɔ w’asetena mu no, wei yɛ emu baako. Kae sɛ, ɔbarima a wobɛware no no, wobɛkɔ akɔhyɛ n’ase. (Rom. 7:2; Efe. 5:​23, 33) Enti bisa wo ho sɛ: ‘Ɔyɛ Kristoni a ne ho akokwaw? Ɔde Yehowa som di kan wɔ n’asetenam? Osisi gyinae pa? Otumi gye ne mfomso tom? Obu mmea? Obetumi aboa me ma me ne Yehowa ntam akɔ so ayɛ kama, obetumi ahwɛ me, na obetumi ama m’ani agye? Otumi di n’asɛde ho dwuma yiye? Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, nnwuma bɛn na ɛhyehyɛ ne nsa wɔ asafo no mu, na sɛn na odi ho dwuma?’ (Luka 16:10; 1 Tim. 5:8) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wopɛ okunu pa a, ɛsɛ sɛ wohwɛ sɛ wobɛyɛ ɔyere pa.

19. Sɛ Bible ka sɛ ɔyere yɛ “ɔboafo” a, adɛn nti na ɛyɛ anuonyamhyɛ?

19 Bible ka sɛ ɔyere pa yɛ ne kunu ‘boafo’ ne ne ‘hokafo.’ (Gen. 2:18) Wei yɛ animtiaabu anaa? Daabi! Mmom sɛ Bible ka sɛ ɔyere yɛ ɔboafo a, ɛyɛ anuonyamhyɛ. Nea ɛwom ne sɛ, Bible taa ka Yehowa ho asɛm sɛ ɔyɛ ‘ɔboafo.’ (Dw. 54:4; Heb. 13:6) Sɛ ɔbea taa ne kunu akyi a, ɛnna yebetumi aka sɛ ɔyɛ ɔboafo ampa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, sɛ ne kunu sisi gyinae a, ɔboa ma gyinaesi no kɔ yiye. Esiane sɛ ɔdɔ Yehowa nti, ɔma nkurɔfo hu sɛ ne kunu wɔ suban pa. (Mmeb. 31:​11, 12; 1 Tim. 3:11) Ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no, sɛ wufi ase hyɛ mu den, na woboa afoforo wɔ fie ne asafo no mu a, ebetumi aboa wo ma woabɛyɛ ɔyere pa daakye.

20. Dɛn na ɔbaatan betumi ayɛ ama n’abusua?

20 Wubetumi abɛyɛ ɔbaatan. Sɛ woware a, ebia wo ne wo kunu bɛwo. (Dw. 127:3) Enti ɛho hia sɛ wuhu nea wobɛyɛ. Suban pa ne nneɛma bi a wusua a ɛbɛboa wo a yɛaka ho asɛm no, ebetumi aboa wo ama woabɛyɛ ɔyere pa anaa ɔbaatan pa. Ɔdɔ, ayamye, ne abotare a wobɛda no adi no bɛma fie ayɛ dɛ, na wo mma ani begye, na wɔn koma atɔ wɔn yam.—Mmeb. 24:3.

Anuanom mmabaa a wɔde Bible no tetee wɔn na wɔde bɔɔ wɔn bra no, wɔn mu bebree abɛyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw (Hwɛ nkyekyɛm 21)

21. Yɛn nuanom mmea no, sɛn na yehu wɔn, na adɛn ntia? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

21 Anuanom mmea, nea moyɛ ma Yehowa ne ne nkurɔfo nti, yɛdɔ mo. (Heb. 6:10) Moyere mo ho sɛ mubenya suban pa, musua nneɛma bi a ɛbɛboa mo ne wɔn a ɛbɛn mo. Afei nso, moyere mo ho siesie mo ho ma daakye. Mosom bo paa ma Yehowa ahyehyɛde no!

DWOM 137 Tete Mmea Anokwafo ne Kristofo Mmea

a Anuanom mmabaa a mowɔ asafo no mu no, mosom bo paa. Sɛ mopɛ sɛ mo ho kokwaw a, ɛsɛ sɛ munya suban pa, musua nneɛma bi a ɛbɛboa mo, na musiesie mo ho ma sɛnea mobɛbɔ mo bra daakye. Moyɛ saa a, mubenya nhyira pii wɔ Yehowa som mu.

b ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Sɛ yɛka sɛ Kristoni bi ho akokwaw a, ɛkyerɛ sɛ ɔma Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan, na ɛnyɛ wiase nyansa. Osuasua Yesu, ɔyere ne ho sɛ ɔne Yehowa ntam bɛyɛ kama, na ɔda ɔdɔ kann adi kyerɛ afoforo.

d Sɛ wopɛ sɛ wuhu nea enti a akenkan ho hia a, hwɛ asɛm a yɛato din “Nea Enti a Ehia Sɛ Mmofra Kenkan Ade—Ɔfã 1: Wobɛkan Ade Anaa Wobɛhwɛ Biribi?” Ɛwɔ jw.org.