Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 53

Anuanom Mmerantewaa​—Monyere Mo Ho Mmɛyɛ Kristofo a Mo Ho Akokwaw

Anuanom Mmerantewaa​—Monyere Mo Ho Mmɛyɛ Kristofo a Mo Ho Akokwaw

“Ma wo ho nyɛ den na yɛ w’ade sɛ ɔbarima.”—1 AHE. 2:2.

DWOM 135 Yehowa Adesrɛ Ne Sɛ: “Me Ba, Yɛ Onyansafo”

NEA YƐREBESUA a

1. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni barima yɛ na ama ne ho akokwaw?

 ƆHENE Dawid ka kyerɛɛ Solomon sɛ: “Ma wo ho nyɛ den na yɛ w’ade sɛ ɔbarima.” (1 Ahe. 2:​1-3) Ɛsɛ sɛ Kristofo mmarima nyinaa tie saa afotu no. Sɛ wɔbetumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ wɔdi Onyankopɔn mmara so, na wɔde Bible nnyinasosɛm bɔ wɔn bra wɔ biribiara mu. (Luka 2:52) Adɛn nti na ɛho hia paa sɛ mmerantewaa yere wɔn ho bɛyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw?

2-3. Adɛn nti na ehia sɛ onua aberantewaa yere ne ho ma ne ho kokwaw?

2 Kristoni barima wɔ adwuma bebree yɛ wɔ n’abusua ne asafo no mu. Anuanom mmerantewaa, asɛde a ebia mubedi ho dwuma daakye no, yegye di sɛ ɛyɛ a mudwinnwen ho. Ebia wopɛ sɛ wobɛyɛ ɔkwampaefo, asafo mu somfo, na akyiri yi wobɛyɛ asafo mu panyin. Afei nso, ebia wobɛpɛ sɛ woware na wowo mma. (Efe. 6:4; 1 Tim. 3:1) Sɛ wubetumi adu botae ahorow yi nyinaa ho na asi wo yiye a, ehia sɛ wo ho kokwaw. b

3 Dɛn na ɛbɛboa wo ma wo ho akokwaw? Nneɛma bi wɔ hɔ a ehia sɛ wusua na wuhu yɛ. Asɛde ahorow a ebia wubedi ho dwuma daakye no, wohwɛ a, dɛn na wubetumi ayɛ seesei de asiesie wo ho na atumi akɔ yiye?

NEA MOYƐ A ƐBƐMA MOABƐYƐ KRISTOFO A MO HO AKOKWAW

Sɛ wusuasua Yesu su ahorow a ɛyɛ fɛ no a, ɛbɛboa wo ma wo ho akokwaw (Hwɛ nkyekyɛm 4)

4. Ɛhe na wubenya wɔn a wɔyɛ nhwɛso pa asuasua wɔn? (Hwɛ mfoni no nso.)

4 Suasua wɔn a ɛyɛ nhwɛso pa. Mmarima a ɛyɛɛ nhwɛso pa no, wɔn mu bebree ho asɛm wɔ Bible mu a anuanom mmerantewaa betumi asuasua. Saa mmarima a wɔtenaa ase tete no, na wɔdɔ Onyankopɔn, na wɔyɛɛ nneɛma pii de boaa ne nkurɔfo. Kristofo mmarima a wɔn ho akokwaw a wɔwɔ w’abusua ne w’asafo mu no, wɔn nso wubetumi asuasua wɔn nhwɛso pa no. (Heb. 13:7) Afei nso, Yesu Kristo nhwɛso a edi mu no, wubetumi asuasua. (1 Pet. 2:21) To wo bo ase sua saa mmarima yi nyinaa ho ade. Bere a woreyɛ saa no, fa w’adwene si wɔn suban pa so. (Heb. 12:​1, 2) Afei, hwɛ ɔkwan a wobɛfa so asuasua saa mmarima yi.

5. Wobɛyɛ dɛn anya nhumu, na adɛn nti na ɛho hia? (Dwom 119:9)

5 ‘Da nhumu adi.’ (Mmeb. 16:20) Obi wɔ nhumu a, ɔto ne bo ase susuw nsɛm ho kɔ akyiri ansa na wasi gyinae. Enti, yere wo ho paa nya nhumu. Adɛn ntia? Mmerantewaa a ɛwɔ wiase no, wɔn mu dodow no ara, nea ɛbɛba wɔn mu biara na wɔreyɛ. (Mmeb. 7:7; 29:11) Afei nso, nea ɛkɔ so wɔ TV, radio, sini, Intanɛt ne sohyia midia so no, ebetumi anya wo so nkɛntɛnso paa. Enti, wobɛyɛ dɛn anya nhumu? Nea edi kan, sua Bible nnyinasosɛm na dwinnwen ho hu nea enti a mfaso wɔ so. Afei, fa nea woasua no sisi gyinae a ɛbɛsɔ Yehowa ani. (Kenkan Dwom 119:9.) Nhumu ho hia paa, enti sɛ wunya nhumu a, ɛbɛkyerɛ sɛ woatu anammɔn titiriw bi a ebetumi ama wo ho akokwaw. (Mmeb. 2:​11, 12; Heb. 5:14) Ma yɛnhwɛ sɛnea nhumu bɛboa wo wɔ tebea mmienu a edidi so yi mu: (1) sɛnea wo ne anuanom mmea bɛbɔ ne (2) sɛnea wubesiesie wo ho.

6. Sɛn na nhumu bɛboa onua aberante ma wakyerɛ sɛ obu anuanom mmea?

6 Sɛ wowɔ nhumu a, ɛbɛboa wo ma woabu mmea. Mfomso biara nni ho sɛ onua aberante bɛfa onuawa bi adamfo. Nanso aberante a ɔwɔ nhumu no, ɔrenka asɛm bi, ɔrenkyerɛw biribi, anaa ɔrenyɛ biribiara a ɛkyerɛ sɛ n’ani gye onuawa bi ho gye sɛ wayɛ n’adwene sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no yɛ aware nhyehyɛe. (1 Tim. 5:​1, 2) Sɛ ɔne onuawa bi reyɛ aware nhyehyɛe a, ɔbɛhwɛ sɛ ɔne ɔno nko ara nkɔhyɛ baabi a obiara nka wɔn ho. Ɔyɛ saa a, ɛremma obiara mmɔ onuawa no dimmɔne.—1 Kor. 6:18.

7. Sɛn na nhumu bɛboa onua aberante ma wahu sɛnea obesiesie ne ho?

7 Ade foforo a onua aberante yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ nhumu ne sɛ ɔbɛhwɛ n’ahosiesie yiye. Wɔn a wɔmmu Yehowa anaa wɔn abrabɔ nye no, mpɛn pii no, wɔn na wɔyɛ ntaade a aba so na wɔbɔ ho dawuru. Sɛ obi hyɛ wɔn ntaade no a, etumi kyekyeree no papee, na ɛma mmarima yɛ sɛ mmea. Onua aberante a ɔpɛ sɛ ne ho kokwaw no, sɛ ɔrepɛ nea ɔbɛhyɛ a, ɔbɛma Bible nnyinasosɛm akyerɛ no kwan, na wasuasua wɔn a wɔyɛ nhwɛso pa wɔ asafo no mu no. Obetumi abisa ne ho sɛ: ‘Me ntaadehyɛ ne m’ahosiesie kyerɛ sɛ m’adwenem da hɔ na midwen afoforo ho? Sɛnea misiesie me ho no, ɛma afoforo hu me sɛ mesom Onyankopɔn?’ (1 Kor. 10:​31-33; Tito 2:6) Aberante a ɔwɔ nhumu no, ɛnyɛ anuanom nko ara na ebebu no, na mmom ɔbɛsɔ Yehowa nso ani.

8. Dɛn na onua aberante betumi ayɛ na ama afoforo atumi de wɔn ho ato no so?

8 Ma afoforo ntumi mfa wɔn ho nto wo so. Aberante a afoforo betumi de wɔn ho ato no so no, asɛde a ɛhyehyɛ ne nsa nyinaa, ɔyere ne ho yɛ no yiye. (Luka 16:10) Momma yɛnhwɛ Yesu. Nnwuma a Yehowa de hyehyɛɛ ne nsa nyinaa, wantoto no ase da anaa wanyɛ no biarabiara. Mmom, sɛ ɛyɛ den mpo a, na ɔyere ne ho yɛ. Ná ɔdɔ nnipa, ɛnkanka n’asuafo no, na ofii ne pɛ mu de ne nkwa bɔɔ afɔre maa wɔn. (Yoh. 13:1) Enti suasua Yesu; dwumadi biara a wɔde bɛma wo no, yere wo ho yɛ. Sɛ wunhu adwuma no ani so a, brɛ wo ho ase, na bisa anuanom a wɔn ho akokwaw na wɔmmoa wo. Nyɛ anihaw adwuma. (Rom. 12:11) Mmom, yɛ adwuma no sɛnea woreyɛ “ama Yehowa na ɛnyɛ nnipa.” (Kol. 3:23) Nanso kae sɛ woyɛ nipa, enti hu nea wubetumi ayɛ, na sɛ wudi mfomso nso a, gye tom.—Mmeb. 11:2.

SUA NNEƐMA BI A ƐBƐBOA WO

9. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ onua aberante sua nneɛma bi a ɛbɛboa no?

9 Sɛ wopɛ sɛ wo ho kokwaw a, ehia sɛ wusua nneɛma bi a ɛbɛboa wo. Wei bɛboa wo ama woatumi ayɛ dwumadi a wɔde bɛhyɛ wo nsa wɔ asafo no mu no. Afei nso, ɛbɛboa wo ama woanya adwuma ayɛ de ahwɛ wo ho ne w’abusua, na wo ne afoforo nso ntam bɛyɛ kama. Nneɛma a ehia sɛ wusua no, ebi na edidi so yi.

Sɛ wusua akenkan ne akyerɛw yiye a, ɛbɛboa wo ne asafo no (Hwɛ nkyekyɛm 10-11)

10-11. Sɛ onua aberante sua akenkan ne akyerɛw yiye a, sɛn na ɛbɛboa ɔne asafo no? (Dwom 1:​1-3) (Hwɛ mfoni no nso.)

10 Sua akenkan ne akyerɛw yiye. Bible ka sɛ obi a ɔkenkan Onyankopɔn Asɛm da biara na odwinnwen ho no, n’ani begye na ebewie no yiye. (Kenkan Dwom 1:​1-3.) Sɛ ɔkenkan Bible da biara a, obehu Yehowa adwene, na ɛbɛboa no ma wasusuw nneɛma ho yiye. (Mmeb. 1:​3, 4) Yehia mmarima a ɛte saa wɔ asafo no mu. Adɛn ntia?

11 Yɛn nuanom hia mmarima a wɔbetumi ama wɔn Bible mu akwankyerɛ ne afotu. (Tito 1:9) Sɛ wunim akenkan ne akyerɛw yiye a, ebetumi aboa wo ma woasiesie ɔkasa ne mmuae a ɛbɛhyɛ wo nuanom den. Afei nso, sɛ woresua ade anaa woretie ɔkasa wɔ adesua, ɔmansin anaa ɔmantam nhyiam ase a, wubetumi akyerɛw nsɛm bi a ɛbɛboa wo. Nea wobɛkyerɛw no betumi ahyɛ wo gyidi den na wode ahyɛ afoforo nso nkuran.

12. Dɛn na ɛbɛboa wo ama woatumi ne afoforo adi nkɔmmɔ yiye?

12 Sua sɛnea wo ne afoforo bedi nkɔmmɔ yiye. Ɛsɛ sɛ Kristofo sua sɛnea wɔne afoforo bedi nkɔmmɔ yiye. Ɔbarima a onim nkɔmmɔ di no, sɛ afoforo rekasa a, ɔyɛ aso tie wɔn na otumi te wɔn ase. (Mmeb. 20:5) Ɔne obi redi nkɔmmɔ a, sɛnea onii no yɛ n’anim, sɛnea ɔyɛ ne nipadua ne ɛnne a ɔde kasa no, otumi hu nea ɛkyerɛ. Wei nyinaa, sɛ wo ne nkurɔfo ammɔ a, worentumi nhu. Sɛ daa ɛlɛtrɔnik mfiri na wonam so ne afoforo di nkitaho a, sɛ wuhyia obi anim ne anim a, anhwɛ a ɛbɛyɛ den sɛ wo ne no bedi nkɔmmɔ yiye. Enti pɛ akwan a wobɛfa so ne nkurɔfo akasa anim ne anim.—2 Yoh. 12.

Eye sɛ wubesua adwuma bi a ɛbɛboa wo ma woanya adwuma ayɛ (Hwɛ nkyekyɛm 13)

13. Dɛn bio na ɛsɛ sɛ aberante sua? (1 Timoteo 5:8) (Hwɛ mfoni no nso.)

13 Sua adwuma a wubetumi de ahwɛ wo ho. Ɛsɛ sɛ ɔbarima a ne ho akokwaw tumi hwɛ ne ho ne n’abusua. (Kenkan 1 Timoteo 5:8.) Aman bi so no, mmerante tumi sua nsaanodwuma fi wɔn papa anaa wɔn busuani bi hɔ. Mmeae afoforo nso, aberante betumi asua nsaanodwuma anaa nnwuma afoforo bi bere a ɔwɔ ntoaso sukuu. Emu biara no, ɛho hia sɛ wusua biribi a ebetumi ama woanya adwuma ayɛ. (Aso. 18:​2, 3; 20:34; Efe. 4:28) Bɔ mmɔden ma obiara nhu sɛ wopɛ adwuma, na sɛ wɔde adwuma bi hyɛ wo nsa a, wobɛyɛ atew wo nsa afi ho. Sɛ wote saa a, ɛda adi sɛ ɛrenyɛ den sɛ wubenya adwuma ayɛ. Suban pa ne nneɛma bi a wusua a ɛbɛboa wo a yɛaka ho asɛm no, daakye nso ɛbɛboa wo ama woahu sɛnea wobɛbɔ wo bra. Yɛnhwɛ nea wubetumi ayɛ daakye no bi.

SIESIE WO HO MA SƐNEA WOBƐBƆ WO BRA DAAKYE

14. Dɛn na onua aberantewaa yɛ a obetumi abɛyɛ ɔkwampaefo?

14 Ɔkwampaefo. Kristofo mmarima a wɔn ho akokwaw no, wɔn mu bebree fii akwampae adwuma no ase ntɛm. Akwampae adwuma boa aberantewaa ma ohu sɛnea ɔne nnipa ahorow ahorow bɛbom ayɛ adwuma yiye. Afei nso, ɛboa no ma ohu sɛnea ɔbɛtoto ne sikasɛm yiye. (Filip. 4:​11-13) Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ ɔkwampaefo na ɔde akwampae boafo adwuma no fi ase a, ɛboa no. Mmerante pii yɛ akwampae boafo adwuma no kosi bere bi, na ɛno boa wɔn ma wɔtumi de akwampae adwuma no toa so. Sɛ obi yɛ ɔkwampaefo a, ebetumi abue hokwan afoforo ama no. Ebi ne sɛ obetumi akɔboa ma wɔasisi asafo adan anaa wakɔsom wɔ Betel.

15-16. Dɛn na onua aberantewaa yɛ a ɛbɛma wafata sɛ asafo mu somfo anaa ɔpanyin?

15 Asafo mu somfo anaa ɔpanyin. Ɛsɛ sɛ mmarima a ɛwɔ asafo no mu nyinaa de si wɔn ani so sɛ wɔbɛyere wɔn ho abɛyɛ asafo mu mpanyimfo. Wei bɛma wɔatumi asom wɔn nuanom. Bible ka sɛ mmarima a wɔrebɔ wɔn ho mmɔden abɛyɛ mpanyimfo no, ‘wɔrepɛ adwuma pa.’ (1 Tim. 3:1) Ansa na obi betumi abɛyɛ ɔpanyin no, gye sɛ ɔbɛyɛ asafo mu somfo ansa. Asafo mu asomfo boa mpanyimfo no wɔ akwan pii so. Asafo mu mpanyimfo ne asomfo nyinaa brɛ wɔn ho ase som wɔn nuanom, na wɔde nsi ne ahokeka yɛ asɛnka adwuma no. Sɛ aberantewaa bi adi fi mfe 17 kosi 19 mpo a, obetumi abɛyɛ asafo mu somfo. Afei nso, sɛ asafo mu somfo bi bɔ ne ho mmɔden paa na wadi mfe 20 mpo a, wɔbetumi apaw no sɛ ɔpanyin.

16 Dɛn na wubetumi ayɛ na woafata sɛ asafo mu somfo anaa ɔpanyin? Bible ma yehu sɛ ɛsɛ sɛ wunya su ahorow bi. Ɛno bɛma woadɔ Yehowa, w’abusua ne asafo no. (1 Tim. 3:​1-13; Tito 1:​6-9; 1 Pet. 5:​2, 3) Saa su ahorow no, bɔ mmɔden sɛ wobɛte emu biara ase. Afei, srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na woatumi ada su yi nyinaa adi. c

Yehowa pɛ sɛ okunu dɔ ne yere ne ne mma, ɔhwɛ wɔn, ɔma wɔn ani gye, na ɔboa wɔn ma wɔsom Yehowa yiye. (Hwɛ nkyekyɛm 17)

17. Dɛn na ɛbɛboa onua aberante bi ma wabɛyɛ okunu pa anaa abusua ti a ɔwɔ ɔdɔ? (Hwɛ mfoni no nso.)

17 Okunu ne abusua ti. Nea Yesu kae no nti, Kristofo mmarima a wɔn ho akokwaw binom asi gyinae sɛ wɔrenware. (Mat. 19:12) Nanso sɛ woyɛ w’adwene sɛ wobɛware a, wobɛba abɛyɛ okunu ne abusua ti. (1 Kor. 11:3) Yehowa hwɛ kwan sɛ okunu bɛdɔ ne yere, ɔbɛhwɛ no, ɔbɛma n’ani agye, na waboa no ama wasom Yehowa yiye. (Efe. 5:​28, 29) Su ahorow ne nneɛma bi a wusua a ɛbɛboa wo no, yɛasusuw bi ho wɔ adesua yi mu. Ebi ne nhumu a wubenya, obu a wubenya ama mmea, ne nea woyɛ a ɛbɛma afoforo atumi de wɔn ho ato wo so. Wei nyinaa bɛboa wo na sɛ woware a woayɛ okunu pa anaa abusua ti a ɔwɔ ɔdɔ.

18. Dɛn na onua aberante yɛ a, ɛbɛma wabɛyɛ agya pa?

18 Agya. Sɛ woware a, ebia wobɛba abɛyɛ agya. Wobɛyɛ dɛn asuasua Yehowa na woayɛ agya pa? Nea wubetumi asua no dɔɔso. (Efe. 6:4) Yehowa ka maa nkurɔfo tee sɛ ɔdɔ ne Ba Yesu, na wagye no atom. (Mat. 3:17) Sɛ wobɛyɛ agya a, hwɛ hu sɛ daa wobɛma wo mma ahu sɛ wodɔ wɔn. Sɛ wɔyɛ adepa a, yi wo yam kamfo wɔn. Agyanom a wɔsuasua Yehowa no, wɔboa wɔn mma ma wɔbɛyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw. Dɛn na wubetumi ayɛ no mprempren na ama woatumi abɛyɛ agya pa? Bɔ mmɔden ma w’abusuafo ne w’asafo mufo nhu sɛ wodɔ wɔn na wudwen wɔn ho. Afei nso, ɛyɛ a ka kyerɛ wɔn sɛ wodɔ wɔn, na yi wo yam kamfo wɔn. (Yoh. 15:9) Woyɛ saa a, ɛbɛboa wo ama woabɛyɛ okunu pa ne agya pa daakye. Nanso seesei a wunnya mmɛyɛɛ agya no, Yehowa, w’abusua ne asafo no benya wo so mfaso paa.

DƐN NA WOBƐYƐ SEESEI?

Anuanom mmerantewaa a wɔde Bible no tetee wɔn na wɔde bɔɔ wɔn bra no, wɔn mu bebree abɛyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw (Hwɛ nkyekyɛm 19-​20)

19-20. Dɛn na ɛbɛboa anuanom mmerantewaa ama wɔn ho akokwaw? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

19 Anuanom mmerantewaa, ɛnyɛ sɛ mufitii ara na moabɛyɛ Kristofo a mo ho akokwaw. Ɛsɛ sɛ musuasua wɔn a ɛyɛ nhwɛso pa, munya nhumu, nkurɔfo tumi de wɔn ho to mo so, musua nneɛma bi a ɛbɛboa mo, na musiesie mo ho ma sɛnea mobɛbɔ mo bra daakye.

20 Sɛ mohwɛ mmɔden a ɛsɛ sɛ mobɔ a, anhwɛ a mobɛte nka sɛ ɛboro mo so. Nanso mubetumi ayɛ. Monkae sɛ Yehowa ayɛ krado sɛ ɔbɛboa mo. (Yes. 41:​10, 13) Afei nso, anuanom a ɛwɔ asafo no mu bɛboa mo. Sɛ moyere mo ho ma mo ho kokwaw a, mo ani begye na mo koma atɔ mo yam. Anuanom mmerantewaa, yɛdɔ mo paa! Yehowa nhyira mo na ɔmmoa mo na mo ho nkokwaw.—Mmeb. 22:4.

DWOM 65 Kɔ W’anim!

a Yehia mmarima a wɔn ho akokwaw wɔ asafo no mu. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea mmerantewaa betumi ayere wɔn ho abɛyɛ Kristofo a wɔn ho akokwaw.

b Hwɛ “Asɛm Bi Mu Nkyerɛkyerɛmu” a ɛwɔ adesua a edi wei anim mu no.

c Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde nhoma no, hwɛ ti 5 ne 6.