Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 50

Gyidi Ne Nnwuma Betumi Ama Yɛayɛ Atreneefo

Gyidi Ne Nnwuma Betumi Ama Yɛayɛ Atreneefo

‘Di yɛn agya Abraham anammɔn akyi pɛpɛɛpɛ.ʼ —ROM. 4:12.

DWOM 119 Ɛsɛ sɛ Yenya Gyidi Ankasa

NEA YƐREBESUA a

1. Sɛ yɛhwɛ gyidi a na Abraham wɔ a, asɛm bɛn na ebia yebebisa yɛn ho?

 ƐWOM sɛ nnipa bebree ate Abraham ho asɛm, nso nnipa dodow no ara nhyɛ da nnim no. Nanso wo de, wunim ne ho nsɛm pii. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, wunim sɛ Bible ka sɛ Abraham yɛ ‘wɔn a wɔwɔ gyidi nyinaa agya.’ (Rom. 4:11) Nanso ebia worebisa wo ho sɛ, ‘Metumi adi Abraham anammɔn akyi, na masuasua ne gyidi anaa?’ Yiw, wubetumi ayɛ saa.

2. Adɛn nti na ehia sɛ yesua nea Abraham yɛe no ho ade? (Yakobo 2:​22, 23)

2 Ɔkwan baako a yebetumi afa so anya gyidi a na Abraham wɔ no bi ne sɛ yebesua ne ho ade. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ ontu nkɔ asaase bi a ɛwɔ akyirikyiri so, na otiei. Ɔtenaa ntamadan mu mfe pii, na bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa ne dɔba Isak mmɔ afɔre no, wampopo ne ti. Nea ɔyɛe no kyerɛ sɛ na ɔwɔ gyidi kɛse. Nnwuma a Abraham de kaa ne gyidi ho no ma ɔsɔɔ Onyankopɔn ani, na ɔbɛyɛɛ n’adamfo. (Kenkan Yakobo 2:​22, 23.) Yehowa pɛ sɛ yɛn mu biara nya nhyira koro no ara bi. Ɛno nti na ɔmaa Paul ne Yakobo kaa Abraham nhwɛso ho asɛm wɔ nkrataa a wɔkyerɛwee no mu no. Sɛnea wɔaka nhwɛso a Abraham yɛe ho asɛm wɔ Romafo ti 4 ne Yakobo ti 2 no, momma yensusuw ho. Eti no mu biara kaa biribi a ɛho hia paa wɔ nea Abraham yɛe no ho.

3. Kyerɛwsɛm bɛn na Paul ne Yakobo nyinaa faa mu asɛm kae?

3 Paul ne Yakobo nyinaa faa Genesis 15:6 mu asɛm kae. Ɛhɔ ka sɛ: ‘Abraham gyee Yehowa dii, na Onyankopɔn buu no sɛ ɔyɛ ɔtreneeni.’ Sɛ obi yɛ ɔtreneeni a, ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn gye no tom, na otumi mpo bu no sɛ asɛm biara nni ne ho. Nnipa a bɔne ne sintɔ wɔ yɛn ho de, sɛ Onyankopɔn bu yɛn sɛ asɛm biara nni yɛn ho a, wunhu sɛ ɛyɛ nwanwa? Wo nso, ɛda adi sɛ wopɛ sɛ Onyankopɔn bu wo ɔtreneeni, na ebetumi ayɛ yiye saa. Nea ɛbɛyɛ na yɛahu nea enti a Yehowa betumi abu yɛn atreneefo no, ehia sɛ yehu nea enti a otumi kaa sɛ Abraham yɛ ɔtreneeni no.

EHIA SƐ YENYA GYIDI NA AMA YƐAYƐ ATRENEEFO

4. Dɛn na esiw nnipa kwan sɛ wɔbɛyɛ atreneefo?

4 Krataa a Paul kyerɛw kɔmaa Romafo no mu no, ɔkaa sɛ nnipa nyinaa yɛ abɔnefo. (Rom. 3:23) Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn abu yɛn sɛ yɛyɛ atreneefo, anaa asɛm biara nni yɛn ho, na wagye yɛn atom? Nea ɛbɛboa nokware Kristofo nyinaa ma wɔanya saa asɛmmisa yi ho mmuae no, Paul twee adwene sii Abraham nhwɛso so.

5. Dɛn na Yehowa gyinaa so buu Abraham ɔtreneeni? (Romafo 4:​2-4)

5 Bere a Abraham te Kaanan asaase so no, saa bere no na Yehowa kaa sɛ ɔyɛ ɔtreneeni. Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa tumi buu Abraham sɛ ɔyɛ ɔtreneeni? Mose Mmara a Abraham dii so no ntia anaa? Daabida. (Rom. 4:13) Nea enti a ɛte saa ne sɛ, bere a Onyankopɔn buu Abraham sɛ ɔtreneeni no, ɛno akyi bɛboro mfe 400 na ɔde Mose Mmara no maa Israel man no. Ɛnde, dɛn paa na Onyankopɔn gyinaa so buu Abraham sɛ ɔtreneeni? Abraham gyidi nti na Yehowa dom no buu no ɔtreneeni.—Kenkan Romafo 4:​2-4.

6. Dɛn na ɛbɛma Yehowa abu obi a bɔne wɔ ne ho sɛ ɔtreneeni?

6 Paul toaa so sɛ, sɛ obi kyerɛ sɛ ogye Onyankopɔn di a, ɛnna “wobu no ɔtreneeni.” (Rom. 4:5) Paul san ma yehu asɛm a edi so yi: “Dawid nso kae sɛ, sɛ Onyankopɔn bu onipa bi sɛ ɔyɛ ɔtreneeni na ennyina ne nnwuma so a, saa onipa no ani gye. Nea ɔkae ni: ‘Anigye ne wɔn a wɔde wɔn mmarato akyɛ wɔn na wɔakata wɔn bɔne so; anigye ne onipa a Yehowa remmu ne bɔne ho akontaa da.’” (Rom. 4:​6-8; Dw. 32:​1, 2) Wɔn a wɔgye Onyankopɔn di no, ɔde wɔn bɔne kyɛ wɔn anaa ɔkata so. Sɛ ɔde wɔn bɔne kyɛ wɔn a, ɔde kyɛ wɔn korakora na ommu ho akontaa. Obu nnipa a wɔte saa no sɛ wɔn gyidi nti asɛm biara nni wɔn ho, na wɔyɛ atreneefo.

7. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔtenaa ase tete no, obuu wɔn sɛ atreneefo?

7 Ɛwom sɛ Onyankopɔn buu Abraham, Dawid, ne n’asomfo anokwafo afoforo sɛ atreneefo, nanso na bɔne ne sintɔ da so ara wɔ wɔn ho. Ne nyinaa mu no, sɛ Onyankopɔn de wɔn toto wɔn a na wɔnsom no no ho a, na obu wɔn sɛ asɛm biara nni wɔn ho. (Efe. 2:12) Paul maa emu daa hɔ wɔ ne krataa no mu sɛ, sɛ obi nni gyidi a, ɔrentumi ne Onyankopɔn mfa adamfo. Yehu sɛ Abraham ne Dawid gyidi nti, Onyankopɔn faa wɔn adamfo; yɛn nso yenya gyidi a, ɔbɛfa yɛn adamfo.

GYIDI NE NNWUMA, ADƐN NTI NA BAAKO NKƆ NNYAW BAAKO?

8-9. Nea Paul ne Yakobo kyerɛwee no, adwene a ɛntene bɛn na ebinom anya wɔ ho, na adɛn ntia?

8 Mfe pii ni na Kristoman atwe gyidi ne nnwuma ho manso. Asɔfo no bi kyerɛkyerɛ sɛ, sɛ obi pɛ sɛ onya nkwa a, nea ehia ara ne sɛ obegye Awurade Yesu Kristo adi. Ebia wobɛte sɛ wɔreka sɛ, “Ɛno ara ne sɛ wubegye Yesu adi, na wubenya nkwa.” Ebia asɔfo no bɛfa Paul asɛm a edi so yi aka sɛ: ‘Ɛnyɛ nnwuma na Onyankopɔn gyina so bu obi sɛ ɔyɛ ɔtreneeni.’ (Rom. 4:6) Nanso ebinom kyerɛ sɛ, sɛ wutu kwan kɔhwɛ baabi a asɔre bi bu no sɛ ɛyɛ kronkron, na woyɛ nnwuma a asɔre no kyerɛ sɛ ehia sɛ woyɛ a, “wubenya nkwagye.” Ebia wɔbɛtwe adwene asi asɛm a ɛwɔ Yakobo 2:24 no so de afoa nea wɔka no so. Ɛhɔ ka sɛ: “Wɔnam nnwuma so na ebu onipa bem, na ɛnyɛ gyidi nkutoo so.”

9 Ebinom agye agyina mu sɛ gyidi na ehia na ama obi anya nkwa; afoforo nso ka sɛ, nnwuma na ehia na ama obi anya nkwa. Wei nti, Bible ho abenfo bi ka sɛ, nea obi yɛ a obenya nkwa no, na Paul ne Yakobo adwene nhyia wɔ ho. Asɔfo no bi ka sɛ na Paul gye di sɛ, gyidi nko ara na ehia na obi asɔ Onyankopɔn ani, nanso Yakobo kyerɛkyerɛe sɛ nnwuma ho hia paa na ama Onyankopɔn agye obi atom. Sei na nyamesom ho ɔbenfo bi kaa no: “Nea enti a na Paul agye agyina mu sɛ gyidi nko ara na ehia na obi asɔ Onyankopɔn ani no, na Yakobo nte ase; saa ara nso na nea enti a na Yakobo reka sɛ nnwuma ho hia na obi atumi asɔ Onyankopɔn ani no, Paul ne no anyɛ adwene.” Nanso nea Paul ne Yakobo kyerɛwee no, ne nyinaa fi Yehowa hɔ. (2 Tim. 3:16) Ɛno nti, ɔkwan tiawa bi wɔ hɔ a yebetumi afa so ate nea wɔkae no ase. Sɛ yɛhwɛ nea na wɔn mu biara reka ho asɛm a, ɛbɛma yɛate ase.

Yudafo a na wɔabɛyɛ Kristofo a na wɔwɔ Roma no, Paul sii so dua kyerɛɛ wɔn sɛ, gyidi na ehia na ɛnyɛ Mose Mmara no so di (Hwɛ nkyekyɛm 10) b

10. “Nnwuma” bɛn paa na na Paul reka ho asɛm? (Romafo 3:​21, 28) (Hwɛ mfoni no nso.)

10 “Nnwuma” bɛn na na Paul reka ho asɛm wɔ Romafo ti 3 ne ti 4 no? Nea na ɔreka ho asɛm paa ne “nnwuma a mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ.” Ɛno ne Mmara a Yehowa de maa Mose wɔ Sinai Bepɔw so no. (Kenkan Romafo 3:​21, 28.) Paul bere so no, Yudafo a na wɔabɛyɛ Kristofo no, ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ den ma wɔn mu binom sɛ wɔbegye atom sɛ Mose Mmara no atwam. Enti, Paul twee adwene sii nea Abraham yɛe no so de kyerɛe sɛ, ɛnyɛ “nnwuma a mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ” na ɛma Onyankopɔn bu obi sɛ ɔtreneeni, na mmom gyidi a onii no wɔ. Wei hyɛ yɛn nkuran efisɛ ɛma yenya ahotoso sɛ, sɛ yenya Onyankopɔn ne Kristo mu gyidi a, yebetumi asɔ Onyankopɔn ani na wabu yɛn sɛ atreneefo.

Yakobo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ wɔmfa “nnwuma” nkyerɛ sɛ wɔwɔ gyidi; ebi ne sɛ wɔbɛyɛ adɔe na wɔnnyiyi nnipa mu (Hwɛ nkyekyɛm 11-12) c

11. “Nnwuma” bɛn na na Yakobo reka ho asɛm?

11 Nanso “nnwuma” a Yakobo kaa ho asɛm wɔ ne nhoma no ti 2 no mu no, ɛnyɛ ɛno ara ne “nnwuma a mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ” a Paul kaa ho asɛm no. Ná Yakobo reka nnwuma a Kristofo yɛ no da biara wɔ wɔn asetenam no. Nnwuma a ɛte saa na ɛma yehu sɛ Kristoni wɔ Onyankopɔn mu gyidi anaa onni bi. Momma yɛnhwɛ nhwɛso mmienu bi a Yakobo kaa ho asɛm.

12. Ɔkwan bɛn so na Yakobo kyerɛe sɛ gyidi ne nnwuma, baako nkɔ nnyaw baako? (Hwɛ mfoni no nso.)

12 Nhwɛso a edi kan no mu no, Yakobo kaa sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo yiyi nnipa mu. Ɔde mfatoho bi kyerɛkyerɛɛ saa asɛm no mu. Ɔkaa sɛ ɔbarima bi tew n’anim maa osikani bi, na obuu ohiani bi animtiaa. Yakobo kyerɛɛ mu sɛ ebia saa ɔbarima no bɛka sɛ ɔwɔ gyidi, nanso nnwuma a ɛka ho no wɔ he? (Yak. 2:​1-5, 9) Nhwɛso a ɛtɔ so mmienu no mu no, Yakobo kaa sɛ obi huu ‘onuabarima anaa onuabea bi a onni ataade a ɔbɛhyɛ ne aduan,’ nanso wammoa no. Sɛ saa nipa no ka sɛ ɔwɔ gyidi mpo a, yehu sɛ nnwuma nka ho, enti ɛnyɛ gyidi papa. Yakobo kaa sɛ, ‘gyidi nso, sɛ nnwuma nka ho a, na awu.’—Yak. 2:​14-17.

13. Asɛm bɛn na Yakobo de kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ehia sɛ yɛde nnwuma ka yɛn gyidi ho? (Yakobo 2:​25, 26)

13 Yakobo kaa sɛ, Rahab de nnwuma kaa ne gyidi ho. (Kenkan Yakobo 2:​25, 26.) Ná wate Yehowa ho asɛm, na ogye dii sɛ ɔtaa Israelfo no akyi. (Yos. 2:​9-11) Ɔde nnwuma kyerɛe sɛ ɔwɔ gyidi—bere a na Israelfo akwansrafo mmienu bi nkwa da asiane mu no, ɔbɔɔ wɔn ho ban. Wei nti, Yehowa buu Rahab a na bɔne wɔ ne ho no sɛ ɔtreneeni, sɛnea obuu Abraham ɔtreneeni no. Rahab nhwɛso no si so dua sɛ, sɛ yɛwɔ gyidi a, ɛsɛ sɛ yɛde nnwuma ka ho.

14. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Paul ne Yakobo nyinaa, obiara ammɔ ne yɔnko asɛm angu?

14 Enti gyidi ne nnwuma ho asɛm a na Paul ne Yakobo reka no, na ɛsono nea esi obiara ani so. Nea na Paul reka akyerɛ Yudafo a na wɔabɛyɛ Kristofo no ne sɛ, sɛ wɔyɛ wɔn adwene sɛ wɔbedi Mose Mmara no so a, wɔrentumi nsɔ Onyankopɔn ani da. Nanso Yakobo de, na ɔresi so dua sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa yɛ afoforo papa de kyerɛ sɛ wɔwɔ gyidi.

So wo gyidi kanyan wo ma woyɛ nnwuma a ɛsɔ Yehowa ani? (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15. Akwan a yebetumi afa so de nnwuma akyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi no, ebi ne sɛn? (Hwɛ mfoni no nso.)

15 Yehowa nkaa sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ obu yɛn atreneefo a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea Abraham yɛe no bi pɛpɛɛpɛ. Nokwasɛm ne sɛ, akwan pii wɔ hɔ a yebetumi afa so de yɛn nnwuma akyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi. Wɔn a wɔaba yɛn asafo mu foforo no, yebetumi agye wɔn fɛw so, yebetumi aboa anuanom a ade ahia wɔn, na yɛayɛ yɛn abusuafo papa. Wei nyinaa yɛ biribi a ɛsɔ Onyankopɔn ani. (Rom. 15:7; 1 Tim. 5:4, 8; 1 Yoh. 3:18) Nnwuma a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi no, baako a ɛda mu fua ne sɛ yɛbɛyere yɛn ho aka asɛmpa no akyerɛ afoforo. (1 Tim. 4:16) Yɛn nyinaa betumi de yɛn nneyɛe akyerɛ sɛ yegye di sɛ Yehowa bɔhyɛ nyinaa bɛbam, na n’akwan nyinaa tene. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn bebu yɛn atreneefo, na wafrɛ yɛn ne nnamfo.

SƐ YƐDE YƐN ANI SI YƐN ANIDASO NO SO A, ƐBƐHYƐ YƐN GYIDI DEN

16. Anidaso a na Abraham wɔ no, ɔkwan bɛn so na ɛhyɛɛ ne gyidi den?

16 Romafo ti 4 no ma yehu ade foforo a ɛho hia paa a yebetumi asua afi Abraham hɔ: Ɛne sɛ yɛde yɛn ani besi yɛn anidaso no so. Yehowa hyɛɛ Abraham bɔ sɛ ɔnam no so behyira “aman pii.” Wo de, hwɛ anidaso papa bi a Abraham nyae! (Gen. 12:3; 15:5; 17:4; Rom. 4:17) Nanso bere a Abraham dii mfe 100 na Sara nso dii mfe 90 nyinaa akyi mpo no, na ɛbɔ a Yehowa hyɛɛ wɔn sɛ wɔbɛwo ba no nnya mmaa mu. Nnipa ani so de, na ɛnyɛ ade a Abraham ne Sara betumi awo. Wei sɔɔ Abraham gyidi hwɛe paa. “Nanso onyaa anidaso gye dii sɛ ɔbɛyɛ aman bebree agya.” (Rom. 4:​18, 19) Ampa-ne-ampa ara, Abraham anidaso no baa mu, efisɛ ɔwoo Isak, ɔba a na wahwɛ no kwan akyɛ no.—Rom. 4:​20-22.

17. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Onyankopɔn betumi abu yɛn atreneefo na wafrɛ yɛn ne nnamfo?

17 Yebetumi asɔ Onyankopɔn ani na wabu yɛn sɛ atreneefo afrɛ yɛn ne nnamfo, sɛnea ɔyɛ maa Abraham no. Nokwasɛm ne sɛ, Paul kaa wei ho asɛm na ɔkyerɛwee sɛ: ‘Asɛm a ɛne wobuu no sɛ ɔyɛ ɔtreneeni no, ɛnyɛ ɔno nko ara nti na wɔkyerɛwee. Mmom wɔkyerɛw maa yɛn nso. Yɛn nso wobebu yɛn sɛ atreneefo, efisɛ yegye Nea onyan Yesu no di.’ (Rom. 4:​23, 24) Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde nnwuma ka yɛn gyidi ho, na yenya anidaso te sɛ Abraham. Paul toaa so kaa yɛn anidaso no ho asɛm wɔ Romafo ti 5. Yebesusuw wei ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

DWOM 28 Nea Yehowa Bɛfa No Adamfo

a Yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani na obu yɛn sɛ atreneefo. Adesua yi mu no, yebesusuw Paul ne Yakobo nkrataa a wɔkyerɛwee no ho, na yɛahwɛ sɛnea ɛbɛboa yɛn ama Onyankopɔn abu yɛn atreneefo. Afei nso, yɛbɛhwɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛde nnwuma ka yɛn gyidi ho sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛsɔ Yehowa ani.

b MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Paul hyɛɛ Yudafo a na wɔabɛyɛ Kristofo no nkuran sɛ, wɔmfa wɔn adwene nsi gyidi so, na ɛnyɛ “nnwuma a mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ so.” Ná saa nnwuma no bi ne ahama bruu a wɔde bɛto wɔn ntaade ano, Twam no a na wɔbedi, ne wɔn ho a na wɔbedwira.

c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yakobo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ wɔnyɛ afoforo papa na wɔmmoa ahiafo mfa nkyerɛ sɛ wɔwɔ gyidi.