Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Onyankopɔn Ka Fa Nsã Ho No, Ma Ɛntena W’adwenem

Nea Onyankopɔn Ka Fa Nsã Ho No, Ma Ɛntena W’adwenem

NNEƐMA ahorow ahorow a Yehowa de ama yɛn, ne sɛnea wama yɛn kwan sɛ yebetumi anya saa nneɛma no so mfaso no, yegye di sɛ ɛsom bo ma wo paa. Nokwasɛm ne sɛ, Bible ma yehu sɛ nsã yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ, na ɛka mpo sɛ: “Aduan ma nnipa serew, na nsã ma asetena yɛ dɛ.” (Ɔsɛnk. 10:19; Dw. 104:15) Ebia woahu sɛ ebinom wɔ hɔ a nsã akɔfa ɔhaw pii abrɛ wɔn. Bio nso, nnipa a ɛwɔ wiase no, ɛsono obiara adwene ne nea ɔka fa nsã ho. Ɛnde, dɛn na ɛbɛboa Kristofo ama wɔahu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ nsã ho?

Ɛmfa ho baabi a yɛte anaa sɛnea wɔtetee yɛn no, sɛ yɛma nea Onyankopɔn ka fa nsã ho no tena yɛn adwene mu a, ɛbɛboa yɛn paa, na yebenya so mfaso afebɔɔ.

Ebia woahyɛ no nsow sɛ nnipa a ɛwɔ wiase yi mu no, wɔn mu bebree taa we nsã. Ebinom nom nsã de dwudwo wɔn ho. Afoforo nso nom sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn werɛ befi wɔn haw. Aman pii so no, sɛ obi tumi we nsã a, ɛno na ɛkyerɛ sɛ n’ani abue anaasɛ ɔyɛ barima.

Kristofo de, yɛn Bɔfo a ɔdɔ yɛn no ma yɛn afotu pa. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, wama yɛahu nsunsuanso bɔne a nsawe de ba. Sɛnea Mmebusɛm 23:​29-35 ka asabofo ho asɛm ne ɔhaw a wɔkɔ mu no, ebia woakenkan ho asɛm. a Daniel yɛ asafo mu panyin wɔ Europe. Abrabɔ a na ɔwɔ mu ansa na ɔrebɛyɛ nokware Kristoni no, ɔkaa ho asɛm sɛ, “Nsawe nti, misisii gyinae bɔne pii, na mefaa ɔhaw ne yaw pii mu. Besi nnɛ nyinaa, ɔhaw a mefaa mu no da so ara teetee me.”

Yɛn pɛ a Yehowa de ama yɛn no, ɔkwan bɛn so na yebetumi de adi dwuma yiye na yɛakwati ɔhaw a nsawe de ba no? Ɛne sɛ, yɛbɛma nea Onyankopɔn aka afa nsã ho no atena yɛn adwenem; ɛno bɛboa yɛn ama yɛayɛ nea ɛtene.

Momma yɛnhwɛ nea Bible ka fa nsã ho, ne nea enti a ebinom nom nsã.

NEA BIBLE KA

Sɛ obi nom nsã kakra a, Onyankopɔn Asɛm nkasa ntia. Nokwasɛm ne sɛ, Bible ma yehu sɛ, sɛ obi nom nsã kakra a, ebetumi ama n’ani agye. Ɛka sɛ: “Fa anigye kodi w’aduan, na fa anigye koma nom wo nsã.” (Ɔsɛnk. 9:7) Yesu, ne Yehowa asomfo anokwafo binom a wɔtenaa ase tete no, ɛtɔ mmere bi a na wɔnom nsã kakra.—Mat. 26:​27-29; Luka 7:34; 1 Tim. 5:23.

Ɛwom sɛ Onyankopɔn Asɛm mmara nsã kakra a obi bɛnom, nanso ɛkasa tia nsawe. Bible ka no pen sɛ: “Mommmow nsã.” (Efe. 5:18) Na ɛma yehu mpo sɛ “akɔwensafo . . . rennya Onyankopɔn Ahenni no.” (1 Kor. 6:10) Nea ɛwom ne sɛ, asanom bebrebe anaa nsawe de, Yehowa kyi koraa. Sɛ́ anka yɛbɛma nea nkurɔfo ka fa nsã ho apiapia yɛn ama yɛanom nsã aboro so no, ɛsɛ sɛ yɛde nea Onyankopɔn aka no mmom yɛ adwuma.

Ebinom wɔ adwene sɛ wɔbetumi anom nsã bebree a wɔremmow. Nanso sɛ obi nya saa adwene no a, ɛyɛ hu paa. Bible no ma emu da hɔ pefee sɛ, sɛ obi ‘ma nsã de no yɛ akoa’ a, ebetumi ama onii no de ne ho ahyɛ ɔbrafĩ mu, na ɔne Onyankopɔn ntam bɛsɛe. (Tito 2:3; Mmeb. 20:1) Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ, “asanom bebrebe” nti, ebetumi ayɛ den sɛ obi benya kwan akɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu. (Luka 21:​34-36) Ɛnde, dɛn na ebetumi aboa Kristoni bi ma wakwati nsunsuanso bɔne a nsawe de ba no?

NEA ENTI A WONOM NSÃ NE DODOW A WONOM NO, HWƐ NO YIYE

Sɛ obi ma nsɛm a nkurɔfo keka fa nsanom ho no piapia no ma ɔnom nsã bow a, ɛyɛ hu paa. Kristofo bɔ mmɔden sɛ nea Yehowa aka afa aduan ne nsã ho no, wɔde bɛyɛ adwuma. Bible kae yɛn sɛ: “Sɛ moredidi oo, morenom oo, moreyɛ biribi foforo biara oo, monyɛ nneɛma nyinaa mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.” (1 Kor. 10:31) Susuw nsɛmmisa ne Bible nnyinasosɛm a edidi so yi ho:

Esiane sɛ mepɛ sɛ nkurɔfo pɛ m’asɛm nti na menom nsã anaa? Exodus 23:2 ka sɛ: “Nni nnipa dodow akyi.” Ɛha yi, na Yehowa rebɔ Israelfo no kɔkɔ sɛ, wɔnhwɛ yiye na wɔansuasua wɔn a wɔmfa n’akwankyerɛ nyɛ adwuma no. Ɛnnɛ nso, ehia sɛ Kristofo de saa afotu no yɛ adwuma. Sɛ yɛma yɛn atipɛnfo piapia yɛn ma yɛwe nsã a, ebewie ase no yɛne Yehowa ntam bɛsɛe.—Rom. 12:2.

Menom nsã na ama nkurɔfo ahu sɛ meyɛ barima anaa? Mmeae bi wɔ hɔ a, sɛ obi taa nom nsã anaa ɔnom boro so mpo a, wɔbu no sɛ ne kwan so a. (1 Pet. 4:3) Nanso, hwɛ asɛm a 1 Korintofo 16:13 hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ: “Monkɔ so nwɛn, munnyina pintinn wɔ gyidi no mu, monkɔ so sɛ mmarima, monyɛ den.” Wohwɛ paa a, nsã betumi aboa obi ma wayɛ den? Daabida. Ɛnyɛ den koraa sɛ nsã betumi ama obi adwene ada. Ɛba saa a, onii no rentumi nnwen yiye nsisi gyinae pa. Sɛ́ anka asanom bebrebe bɛma nkurɔfo ahu sɛ obi yɛ barima no, ɛno mmom na ɛma yehu sɛ, sɛɛ ɔnyɛ barima koraa. Yesaia 28:7 ka obi a nsã ama wafom kwan ho asɛm sɛ ɔde ne ti pempem na ohinhim.

Ahoɔden ankasa de, Yehowa nkyɛn na efi; ahoɔden a ɛte saa boa yɛn ma yɛkɔ so wɛn na yegyina pintinn wɔ gyidi no mu. (Dw. 18:32) Sɛ yebetumi ayɛ saa a, gye sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛhwɛ sɛ yɛbɛkwati biribiara a ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam. Yesu wɔ asaase so no, ɔkyerɛe sɛ ɔne Yehowa ntam ye paa. Wei maa nnipa pii ani gyee ne ho, efisɛ na ɔwɔ akokoduru, na na wasi ne bo sɛ ɔbɛyɛ nea ɛtene.

Menom nsã sɛnea ɛbɛyɛ a me werɛ befi me haw anaa? Odwontofo bi kyerɛwee sɛ: “Bere a dadwen hyɛɛ me so no, [wo Yehowa] wokyekyee me werɛ na wokaa me koma too me yam.” (Dw. 94:19) Sɛ dadwen hyɛ wo so a, hwehwɛ Yehowa hɔ mmoa, na mfa nyɛ nsawe. Ɔkwampa a wubetumi afa so ayɛ saa ne sɛ wobɛbɔ Yehowa mpae. Bio nso, nnipa bebree ahu sɛ, sɛ wɔkɔ wɔn adamfo bi a ne ho akokwaw wɔ asafo no mu hɔ kogye afotu a, ɛboa paa. Nea ɛwom paa ne sɛ, sɛ obi rehyia ɔhaw na ɔde yɛ nsawe a, ebetumi ayɛ den ama no sɛ ɔbɛyɛ nea ɛtene. (Hos. 4:11) Daniel a yɛkaa ne ho asɛm no ka sɛ: “Dadwen hyɛɛ me so, na na m’ahonim bu me fɔ. Sɛnea ɛbɛyɛ a me werɛ befi me haw nti, na menom nsã, nanso ɛno mmom na ɛma ɛyɛɛ kɛse. Wei nti, me ne me nnamfo ntam tetewee, na obu a mewɔ no nso tu yerae.” Eduu baabi no, dɛn na ɛboaa Daniel? Ɔka sɛ, “Mibehui sɛ Yehowa na obetumi aboa me na ɛnyɛ nsã. Ewiee ase no, Yehowa mmoa nti, mitumi dii me haw no nyinaa so.” Nokwasɛm ne sɛ, sɛ ɛte sɛ nea anidaso nyinaa asa mpo a, Yehowa wɔ hɔ daa sɛ ɔbɛboa yɛn.—Filip. 4:​6, 7; 1 Pet. 5:7.

Sɛ wonom nsã a, wubetumi abisa wo ho nsɛm a edidi so yi: ‘Sɛnea menom nsã no, me busuani anaa me yɔnko berɛbo bi aka ho asɛm pɛn anaa?’ Sɛ saa a, ebia na nsã reyɛ akɔfa ɔhaw abrɛ wo a wunnim. ‘So metaa nom nsa mprempren sen bere bi a atwam no?’ Sɛ obi yɛ saa a ebetumi akyerɛ sɛ ɔreyɛ ayɛ ɔwee. ‘Sɛ da biara mannya nsã annom a, metena a ɛntena anaa?’ Sɛ saa a, ebetumi akyerɛ sɛ woabɛyɛ sadweam. Ɛba saa a, ebia ebehia sɛ wukohu dɔkta na waboa wo ama woatumi adi saa ɔhaw no so.

Ɔhaw a nsawe tumi kɔfa ba nti, Kristofo binom asi gyinae sɛ wɔrennom nsã koraa. Afoforo nso, nea enti a wɔnnom ne sɛ nsã nyɛ wɔn dɛ. Sɛ w’adamfo bi si gyinae sɛ ɔrennom nsã a, ɛsɛ sɛ wote no ase a wonkasa ntia no.

Ebia wo ara woahu sɛ, sɛ wotew wo nsanom so a, ɛbɛboa wo. Wubetumi asi gyinae sɛ wobɛnom no nnawɔtwe nnawɔtwe, anaa sɛ woredidi a wobɛnom kakra. Ebinom asi gyinae sɛ, wɔbɛnom wine anaa bia kakra, nanso nsã a ano yɛ den de, wɔrennom, sɛ wɔde fra nsã foforo koraa a, wɔrennom. Sɛ obi tumi si gyinae sɛ ɔbɛtew nsã a ɔnom so a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama no sɛ obedi gyinae a wasi no so. Sɛ Kristoni a ne ho akokwaw tumi si gyinae a ɛte saa na odi so a, ɛnsɛ sɛ ɔma nea nkurɔfo bɛka no haw no.

Sɛ yɛnom nsã a, sɛnea afoforo bɛte nka no, ɛsɛ sɛ yesusuw ɛno nso ho. Romafo 14:21 ka sɛ: “Ɛyɛ papa sɛ worenwe nam anaa worennom nsã anaa worenyɛ biribiara a ɛbɛto wo nua hintidua.” Yɛbɛyɛ dɛn de saa afotu yi ayɛ adwuma? Kyerɛ sɛ wodɔ wo nuanom. Sɛ wonom nsã a ano yɛ den na ɛbɛhaw obi a, yegye di sɛ dɔ a wodɔ onii no nti worennom. Woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ wo nko ara wo ho na wudwen, na mmom wudwen afoforo nso ho.—1 Kor. 10:24.

Bio nso, ebia na aban no wɔ mmara a ɛsɛ sɛ Kristofo nso di so. Ebia saa mmara no bi ne sɛ, sɛ obi nnii mfe pɔtee bi a, ɛnsɛ sɛ ɔnom nsã. Afei nso, sɛ obi reka kar anaa ɔde afiri bi redi dwuma a, ɛnsɛ sɛ ɔnom nsã.—Rom. 13:​1-5.

Yehowa adi yɛn ni, efisɛ wama yɛn kwan sɛ nneɛma a wabɔ nyinaa, yebetumi de adi dwuma ma aboa yɛn. Wei nti, yebetumi adi nea yɛpɛ anom nea yɛpɛ. Momma gyinae a yebesisi no nkyerɛ sɛ, yɛn pɛ a yɛn soro Agya no de ama yɛn no, yɛn ani sɔ.

a U.S. Asoɛe Ahorow a Ɛhwɛ Siw Nyarewa Ano no bɔ amanneɛ sɛ, sɛ obi we nsã a, etumi kɔfa ɔhaw pii brɛ no. Ebi ne sɛ otumi di awu, ɔno ara tumi kum ne ho, otumi to afoforo mmonnaa, otumi hwe ne yere anaa ne kunu, na otumi de ne ho hyɛ nna mu nneyɛe a ɛmfata mu. Afei nso, sɛ ɔyɛ ɔbea a, ne nyinsɛn betumi asɛe.