Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Osuahu

Osuahu

Nya Ayamhyehye Ma Nnipa Nyinaa

Da bi, onuawa bi a ɔwɔ New Zealand hwɛɛ video bi a yɛato din Have . . . Concern for One Another (Momma Obiara Ho Nhia Ne Yɔnko). Saa video no kaa sɛ ayamhyehye a Yehowa wɔ no, yensuasua. (Yes. 63:​7-9) Enti onuawa no yɛɛ n’adwene sɛ ɔde nea wasua no bɛyɛ adwuma. Saa da no ara, bere a ɔretotɔ nneɛma wɔ sotɔɔ bi mu no, ohyiaa ɔbea bi a ɔyɛ adedamfikyiri, na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔpɛ sɛ ɔtɔ aduan ma no. Ɔbea no nso penee so. Bere a onuawa no kɔtɔɔ aduan no bae no, ɔde kratawa a yɛato din Enti Amanehunu To Betwa Da Bi? no dii no adanse tiawa.

Ɔbea no fii ase sui. Ɔkyerɛɛ mu sɛ, wɔtetee no sɛ Ɔdansefo, nanso wamfa nokware no ammɔ ne bra. Nanso nnansa yi, ɛyɛ a ɔbɔ mpae sɛ Yehowa mmoa no na ɔnsan mmra ne nkyɛn. Onuawa no maa no Bible, na ɔne no yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbesua. a

Yebetumi asuasua Yehowa na yɛanya ayamhyehye ama yɛn abusuafo, anuanom, ne afoforo nyinaa. Afei nso, yebetumi ahwehwɛ akwan a yɛbɛfa so adi nkurɔfo adanse de akyerɛ sɛ yɛwɔ ayamhyehye.

a Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea wobɛboa wɔn a wɔagyae asɛnka kɔ a, hwɛ adesua a yɛato din “Monsan Mmra Me Nkyɛn” no. Ɛwɔ June 2020 Ɔwɛn-Aban no mu.