Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wokae?

So Wokae?

Nsɛm a ɛbaa afe yi Ɔwɛn-Aban ahorow no mu no, woato wo bo ase akenkan anaa? Ɛnde, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa:

Dɛn na ehia sɛ yɛyɛ na yɛatumi ‘asesa yɛn adwene’? (Rom. 12:2)

Ɛnyɛ nea ehia ara ne sɛ yɛbɛyɛ nneɛma pa bi wɔ yɛn abrabɔ mu kɛkɛ. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn mu hu sɛnea yɛte ankasa, na yɛyɛ nsakrae biara a ehia sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi de Onyankopɔn mmara abɔ yɛn bra sɛnea ɛsɛ.—w23.01, kr. 8-9.

Yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn ani ada hɔ bere a yɛrehwɛ nea ɛrekɔ so wɔ wiase no?

Nsɛm a ɛresisi wɔ wiase a ɛma Bible nkɔmhyɛ ba mu no, ehia yɛn paa. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ yɛn tirim ka nea ebesi daakye efisɛ ebetumi de mpaapaemu aba. Mmom, ɛsɛ sɛ yɛde nea yɛka ho asɛm biara gyina nhoma a Yehowa ahyehyɛde no ayɛ so. (1 Kor. 1:10)—w23.02, kr. 16.

Yesu asubɔ ne n’akyidifo asubɔ no, nsonsonoe bɛn na ɛwom?

Esiane sɛ wɔwoo Yesu too ɔman a na wɔahyira so ama Onyankopɔn mu nti, na enhia sɛ ohyira ne ho so ma Yehowa sɛnea yɛyɛ no. Ná bɔne ne sintɔ biara nni Yesu ho, enti na enhia sɛ onu ne ho wɔ bɔne ho.—w23.03, kr. 5.

Yɛbɛyɛ dɛn aboa afoforo ma wɔama mmuae wɔ adesua ase?

Yebetumi ama yɛn mmuae ayɛ tiawa, sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo nso benya bi ama. Afei nso, ɛnsɛ sɛ yɛkeka nsɛntitiriw pii bobɔ so. Ɛbaa saa a, ebi bɛka ama afoforo nso aka bi.—w23.04, kr. 23.

“Ɔkwan Kronkron” a wɔaka ho asɛm wɔ Yesaia 35:8 no kyerɛ sɛn?

Ɛno ne sɛnkyerɛnne kwan so kwantempɔn a Yudafo no faa so fii Babilon kɔɔ wɔn kurom no. Yɛn bere yi so nso ɛ, dɛn na ɛkyerɛ? Mfe ɔhaha pii ansa na afe 1919 reba no, wɔde nhyehyɛe a ɛho hia guu akwan mu; wɔfii ase kyerɛɛ Bible ase, wɔtintimii, na wɔyɛɛ nneɛma afoforo nso. Onyankopɔn nkurɔfo nam “Ɔkwan Kronkron” no so. Ɛbɛboa wɔn ma wɔakɔ so asom Yehowa nnɛ ne daakye bere a n’Ahenni no de nhyira pii aba asaase so no.—w23.05, kr. 15-19.

Mmea baanu bɛn na Mmebusɛm ti 9 ka wɔn ho asɛm?

Mmebusɛm ka “ɔbea kwasea” bi a ɔreto nsa afrɛ nkurɔfo akɔ “Ɔdamoa mu” ho asɛm. Afei nso, ɛka ɔbea bi a wɔde no gyina hɔ ma “nyansa” ho asɛm. Ɔno de, ɔreto nsa afrɛ nkurɔfo sɛ wɔmmɛfa “ntease kwan no so” na wɔnnya nkwa. (Mmeb. 9:​1, 6, 13, 18)—w23.06, kr. 22-24.

Ɔkwan a Onyankopɔn faa so ne Lot dii no, sɛn na ɛma yehu sɛ ɔwɔ ahobrɛase na ɔyɛɛ fakaa?

Yehowa somaa abɔfo ma wɔkɔka kyerɛɛ ɔtreneeni Lot sɛ omfi Sodom nguan nkɔ bepɔw bi so. Bere a Lot srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma ɔnkɔbɔ ne ho aguaa wɔ Soar mmom no, ɔyɛɛ n’abisade no maa no.—w23.07, kr. 21.

Sɛ ɔbea bi kunu hwɛ ponografi a, dɛn na obetumi ayɛ?

Ɛsɛ sɛ ɔkae sɛ ɛnyɛ ɔno na wama aba saa. Ɛsɛ sɛ ɔde n’adwene si ɔne Onyankopɔn ayɔnkofa so. Afei nso, mmea bi a wɔbotowee a Yehowa kyekyee wɔn werɛ no, obetumi akenkan wɔn ho asɛm wɔ Bible mu na wadwinnwen ho. Obetumi aboa ne kunu ama wakwati biribiara a ɛbɛma wakɔtɔ saa asiane no mu.—w23.08, kr. 14-17.

Sɛ nkurɔfo kasa tia yɛn gyidi a, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yɛwɔ nhumu na yedwo?

Ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ wɔpɛ sɛ wɔkasa tia yɛn, mmom ɛsɛ sɛ yɛfa no sɛ ɛno bɛboa yɛn ma yɛahu nea ɛwɔ wɔn adwenem. Wei bɛboa yɛn paa ma yɛne wɔn akasa wɔ odwo so.—w23.09 kr. 17.

Sɛ yɛpɛ sɛ yenya nkuranhyɛ a, dɛn na yebetumi asua afi Maria hɔ?

Bere a Maria tee sɛ ɔno na ɔbɛwo Mesia no, ɔmaa afoforo hyɛɛ no den. Yehowa nam Gabriel ne Elisabet so hyɛɛ Maria den. Yɛn nso, yebetumi ama yɛn nuanom Kristofo ahyɛ yɛn den.—w23.10, kr. 15.

Sɛn na ebia Yehowa bebua yɛn mpaebɔ?

Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ obetie yɛn mpaebɔ, na wahwɛ sɛ ɛne n’atirimpɔw hyia anaa. (Yer. 29:12) Sɛ nnipa mmienu de abisade koro to Yehowa anim a, ebia ɛsono sɛnea obebua wɔn mu biara, nanso ɔbɛboa yɛn bere nyinaa.—w23.11, kr. 21-22.

Ɔsomafo Paul kaa “anidaso” ho asɛm wɔ Romafo 5:​2, nanso adɛn nti na ɔsan kaa ho asɛm wɔ nkyekyɛm 4?

Sɛ obi te asɛmpa no a, ebia obenya anidaso sɛ ɔbɛtena paradise wɔ asaase so. Nanso sɛ ohyia amanehunu, omia n’ani gyina mu, na ohu sɛ Onyankopɔn agye no atom a, ɛda adi sɛ ɛma anidaso a ɔwɔ no mu yɛ den paa.—w23.12, kr. 12-13.