Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 49

DWOM 147 Daa Nkwa Bɔhyɛ

Dɛn Na Wobɛyɛ Na Woanya Daa Nkwa?

Dɛn Na Wobɛyɛ Na Woanya Daa Nkwa?

“Obiara a ogye Ɔba no tom, na ogye no di no benya daa nkwa.”YOH. 6:40.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Sɛnea wɔn a wɔasra wɔn ne nguan foforo no nyinaa nya Yesu Kristo afɔrebɔ no so mfaso.

1. Adɛn nti na nnipa bebree te nka sɛ daa nkwa a nnipa benya no yɛ anansesɛm?

 NNIPA bebree hwɛ wɔn adidi yiye, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛteɛteɛ wɔn apɔw mu daa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbenya akwahosan pa. Nanso wɔnim sɛ wɔrenkyen boɔ. Nnipa bebree te nka sɛ, ntease nnim sɛ yɛbɛtena ase daa efisɛ ɛba saa a, nkwakorabɔ ne mmerewabɔ bɛteetee yɛn saa ara. Nanso sɛ yɛhwɛ Yohane 3:16 ne 5:24 a, Yesu kaa sɛ yebetumi anya “daa nkwa.”

2. Dɛn na Yohane ti 6 ka fa daa nkwa ho? (Yohane 6:​39, 40)

2 Bere bi, Yesu yɛɛ anwanwade maa nnipa mpempem pii nyaa paanoo dii na wɔnyaa nam nso wee. a Ná wei yɛ nwanwa paa, nanso da a edi hɔ no, asɛm a ɔka kyerɛɛ nnipadɔm a edii n’akyi kɔɔ Kapernaum, baabi a ɛbɛn Galilea mpoano no, ɛno koraa na ɛmaa wɔn ho dwiriw wɔn kɛse. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ obetumi anyan awufo ma wɔabenya daa nkwa. (Kenkan Yohane 6:​39, 40.) Asɛm a Yesu kae yi nti, wubetumi anya awerɛhyem sɛ, wo nnamfonom ne w’abusuafo a wɔawuwu no, wɔbetumi asan aba nkwa mu na wo ne wɔn atena ase daa. Nanso nsɛm a edi hɔ a Yesu kae wɔ Yohane ti 6 no, ɛyɛ den ma nnipa bebree sɛ wɔbɛte ase. Momma yɛnto yɛn bo ase nsusuw ho nhwɛ.

3. Asɛm bɛn na Yesu ka faa ne ho wɔ Yohane 6:51?

3 Bere a Yesu yɛɛ anwanwade maa nnipadɔm a ɛwɔ Kapernaum no nyaa aduan di wiei no, ɛma wɔkaee mana a Yehowa de maa Israelfo no bere a wɔnam sare so no. Nokwasɛm ne sɛ, Kyerɛwnsɛm no ka mana no ho asɛm sɛ ɛyɛ “ɔsoro aduan” anaa “paanoo a efi soro.” (Dw. 105:40; Yoh. 6:31) Ɛwom sɛ na mana no fi Onyankopɔn hɔ, nanso wɔn a wɔdii no, akyiri yi wɔwuwui. (Yoh. 6:49) Esiane sɛ na nnipadɔm no nim mana no ho asɛm nti, Yesu faa ɛho asɛm kae de kyerɛɛ wɔn biribi titiriw bi. Yesu kaa sɛ ɔno ne “nokware paanoo a efi soro no,” “Onyankopɔn paanoo,” ne “nkwa paanoo no.” (Yoh. 6:​32, 33, 35) Enti ɔma wɔhuu nsonsonoe kɛse a ɛda mana no ne ɔno Yesu ntam. Ɔkaa sɛ: “Mene paanoo a ɛte ase a esian fii soro bae no. Sɛ obi di saa paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa.” (Kenkan Yohane 6:51.) Bere a Yudafo no tee saa asɛm no, wɔn adwenem yɛɛ wɔn naa. Ná wɔnte ase sɛ Yesu reka sɛ, ɔno ne “paanoo” a efi soro no, na ɛyɛ papa sen mana a Onyankopɔn de maa wɔn agyanom no. Afei Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Paanoo a mede bɛma no, ɛno ne me honam.” Dɛn na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ? Ɛsɛ sɛ yɛte saa asɛm no ase, efisɛ ɛbɛma yɛahu sɛ yɛne yɛn adɔfo nyinaa betumi anya daa nkwa. Ɛnde, momma yɛnhwɛ nea na Yesu repɛ akyerɛ.

PAANOO A ƐTE ASE NE NE HONAM NO, DƐN NA ƐKYERƐ?

4. Asɛm a Yesu kae no, adɛn nti na ɛmaa ebinom ho dwiriw wɔn?

4 Bere a Yesu kaa sɛ ‘wiase nkwagye nti ɔde ne honam bɛma’ no, wɔn a na wɔretie Yesu no mu bi ho dwiriw wɔn. Ɛbɛyɛ sɛ wɔnyaa adwene sɛ na Yesu pɛ sɛ wɔdi ne honam ankasa. (Yoh. 6:52) Nanso Yesu kaa asɛm foforo a ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa wɔn ho dwiriw wɔn kɛse. Ɔkaa sɛ: “Sɛ moanni onipa Ba no honam, na moannom ne mogya a, munni nkwa wɔ mo mu.”—Yoh. 6:53.

5. Adɛn nti na yebetumi agye adi sɛ ɛnyɛ sɛ na Yesu rekyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ nkurɔfo nom ne mogya ankasa?

5 Noa bere so tɔnn na Onyankopɔn baraa nnipa sɛ mma wɔnni mogya. (Gen. 9:​3, 4) Bere a Yehowa de Mmara no maa Israelfo no, ɔka kyerɛɛ wɔn nso sɛ mma wɔnni mogya. Obiara a na obedi mogya no, na ɛsɛ sɛ ‘wokum saa onipa no.’ (Lev. 7:27) Yesu ka kyerɛɛ Yudafo no nso sɛ wɔnni Mmara no so. (Mat. 5:​17-19) Enti ɛnyɛ ade a na Yesu bɛka akyerɛ saa Yudafo no da sɛ wɔnni ne honam anaa wɔnnom ne mogya ankasa. Nanso na Yesu nam asɛm a ɔkae no so rekyerɛ nkurɔfo no ma wɔahu nea wɔyɛ a ɛbɛma wɔanya “daa nkwa.”—Yoh. 6:54.

6. Asɛm a Yesu kae sɛ wɔnni ne honam na wɔnnom ne mogya no, yɛbɛte ase sɛn?

6 Dɛn paa na na Yesu pɛ sɛ ɔkyerɛ? Ɛda adi pefee sɛ, asɛm a Yesu kae no, na ɛyɛ kasakoa. Saa kwan no ara na ɔfaa so ne Samariani bea no kasae. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Obiara a ɔbɛnom nsu a mede bɛma no no, osukɔm renne no da. Mmom, nsu a mede bɛma no no bɛyɛ asuti wɔ ne mu, na ebepuw ama wanya daa nkwa.” (Yoh. 4:​7, 14) b Ɛha yi, ɛnyɛ sɛ na Yesu reka akyerɛ Samariani bea no sɛ nsu pɔtee bi wɔ hɔ a, sɛ ɔnom a ɛbɛma wanya daa nkwa. Nnipadɔm a ɔne wɔn kasae wɔ Kapernaum no nso, ɛnyɛ sɛ na ɔreka akyerɛ wɔn sɛ, sɛ wɔdi ne honam na wɔnom ne mogya ankasa a, wɔbɛtena ase daa.

BERE FOFORO NSO A YESU KAA ASƐM BI A ƐTE SAA

7. Asɛm a Yesu kae a ɛwɔ Yohane 6:53 no, dɛn na ebinom ka wɔ ho?

7 Nyamesomfo bi kyerɛ sɛ, asɛm a Yesu kae a ɛwɔ Yohane 6:53 no, na Yesu de rekyerɛ nea ɛsɛ sɛ n’akyidifo yɛ wɔ Awurade Anwummeduan no ase. Nea enti a wɔka saa ne sɛ, bere a Yesu ne asomafo no dii Awurade Anwummeduan no, ɔkaa asɛm bi a ɛte sɛ wei ara. (Mat. 26:​26-28) Wɔkyerɛ sɛ, obiara a ɔbɛkɔ Awurade Anwummeduan no ase no, paanoo ne bobesa a wɔde bɛfa nkurɔfo anim no, ɛsɛ sɛ odi bi. Wohwɛ a saa asɛm yi yɛ nokware? Ɛho hia paa sɛ yɛhwehwɛ mu hu nokware a ɛwɔ saa asɛm no mu, efisɛ afe biara nnipa ɔpepem pii bɛka yɛn ho ma yɛyɛ Awurade Anwummeduan no wɔ wiase baabiara. Asɛm a Yesu kae wɔ Yohane 6:53 ne asɛm a ɔkae wɔ Awurade Anwummeduan no ase no, yɛnhwɛ nsonsonoe a ɛwom.

8. Asɛm a Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no ne nea ɔkae wɔ Awurade Anwummeduan no ase no, nsonsonoe a ɛwom no bi ne sɛn? (Hwɛ mfoni no nso.)

8 Asɛm a Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no ne nea ɔkae wɔ Awurade Anwummeduan no ase no, nsonsonoe a ɛwom no, yɛnhwɛ mmienu. Nea edi kan, bere bɛn na Yesu kaa asɛm a ɛwɔ Yohane 6:​53-56 no, na ɔkaa no wɔ he? Ɔka kyerɛɛ Yudafo bi wɔ Galilea afe 32. Bere a ɔkaa saa asɛm no, bɛyɛ afe baako akyi na ɔne n’asomafo no dii Awurade Anwummeduan no wɔ Yerusalem. Nea ɛtɔ so mmienu, henanom na ɔkaa saa asɛm no kyerɛɛ wɔn? Ɔkaa saa asɛm no kyerɛɛ nkurɔfo bi a na wɔwɔ Galilea. Saafo no, nea na ehia wɔn mu dodow no ara ne aduan a wɔbenya adi, na ɛnyɛ Onyankopɔn asɛm a wɔbesua. (Yoh. 6:26) Nokwasɛm ne sɛ, bere a Yesu kaa asɛm bi a na ɛyɛ den sɛ wɔbɛte ase no, wɔannye no anni bio. N’asuafo no bi mpo gyaee n’akyi di. (Yoh. 6:​14, 36, 42, 60, 64, 66) Saa nkurɔfo yi, na wɔnte sɛ asomafo anokwafo 11 a Yesu ne wɔn dii Awurade Anwummeduan no bɛyɛ afe baako akyi wɔ afe 33 no. Saa bere no, ɛwom sɛ na n’asomafo no nte nea na ɔrekyerɛkyerɛ wɔn no nyinaa ase, nanso wɔkɔɔ so bataa ne ho. Wɔn de, na wɔnte sɛ Galileafo dodow no ara, efisɛ na wɔgye di paa sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba a ofi soro bae no. (Mat. 16:16) Yesu kamfoo n’asomafo anokwafo no sɛ: “Mo na moda so bata me ho wɔ me sɔhwɛ mu.” (Luka 22:28) Nneɛma mmienu pɛ a yɛasusuw ho yi koraa ma yehu sɛ, Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane 6:53 no, ɛnkyerɛ sɛ na ɔrekyerɛ nea ɛbɛkɔ so wɔ Awurade Anwummeduan no ase. Momma yɛnhwɛ adanse afoforo nso.

Yohane ti 6 no ma yehu asɛm bi a Yesu ka kyerɛɛ Yudafo dɔm bi a na wɔwɔ Galilea (benkum). Afe baako akyi no, ɔne n’asomafo anokwafo kakraa bi no kasae wɔ Yerusalem (nifa) (Hwɛ nkyekyɛm 8)


ƐFA WO HO

9. Asɛm a Yesu kae wɔ Awurade Anwummeduan no ase no, nnipakuw bɛn na ɛfa wɔn ho?

9 Bere a Yesu ne n’asomafo no dii Awurade Anwummeduan no, ɔmaa wɔn paanoo a mmɔkaw nnim, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ egyina hɔ ma ne nipadua. Afei ɔde bobesa no maa wɔn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ egyina hɔ ma “mogya a wɔde yɛ apam no.” (Mar. 14:​22-25; Luka 22:20; 1 Kor. 11:24) Apam a Yesu kaa wɔ ha yi, ɛho hia paa. Ɔkaa sɛ ɛyɛ “apam foforo.” Yehowa ne “Israel fi,” kyerɛ sɛ, wɔn a wɔne Yesu bedi ade “wɔ Onyankopɔn Ahenni mu” no nkutoo na ɛyɛɛ saa apam no. (Heb. 8:​6, 10; 9:15) Saa bere no, asomafo no ante ase, nanso na ɛrenkyɛ na Yehowa de honhom kronkron asra wɔn ma wabɛyɛ apam foforo no mufo, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔne Yesu bɛtena soro.—Yoh. 14:​2, 3.

10. Asɛm a Yesu ka kyerɛɛ nnipadɔm no wɔ Galilea ne nea ɔkaa wɔ Awurade Anwummeduan no ase no, nsonsonoe foforo bɛn na ɛwom? (Hwɛ mfoni no nso.)

10 Hyɛ no nsow sɛ, asɛm a Yesu kaa wɔ Awurade Anwummeduan no ase no, na ɛfa “nguankuw ketewa” no ho. Yesu asomafo anokwafo a na wɔne no wɔ dan no mu hɔ no, wɔn na wɔyɛ “nguankuw ketewa” no mufo a edi kan. (Luka 12:32) Wɔn na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnni paanoo no na wɔnnom bobesa no. Akyiri yi, wɔn a na wɔbɛba abɛka saa kuw no ho no, na ɛsɛ sɛ wɔn nso di paanoo no na wɔnom bobesa no wɔ Awurade Anwummeduan no ase. Wɔn na wɔne Yesu bɛkɔ akɔtena soro. Enti ɛsono asɛm a ɔka kyerɛɛ n’asomafo no wɔ Awurade Anwummeduan no ase, ɛnna ɛsono nea ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no wɔ Galilea no. Nea ɔkaa wɔ Awurade Anwummeduan no ase no, na ɛfa nnipa kakraa bi ho. Nanso nea ɔkaa wɔ Galilea no de, na ɛfa nnipa bebree ho.

Wɔn a wɔdi paanoo no na wɔnom bobesa no yɛ kakraa bi, nanso obiara betumi anya Yesu mu gyidi na wanya daa nkwa (Hwɛ nkyekyɛm 10)


11. Asɛm bɛn na Yesu kaa wɔ Galilea a ɛkyerɛ sɛ na ɛnyɛ nnipa kakraa bi ho asɛm na na ɔreka?

11 Bere a na Yesu wɔ Galilea afe 32 no, Yudafo a na wɔpɛ sɛ ɔma wɔn aduan no, wɔn titiriw na na ɔrekasa akyerɛ wɔn. Sɛ́ anka ɔbɛma wɔn aduan no, ɔtwee wɔn adwene mmom sii biribi a na ɛho hia koraa sen aduan so. Ná ɛyɛ biribi a ebetumi ama wɔanya daa nkwa. Afei nso, Yesu kaa sɛ ɛda a edi akyiri no, obenyan awufo ma wɔabɛtena ase daa. Asɛm a ɔkae no, na ɛmfa nnipa kakraa bi ho te sɛ nea ɔkae wɔ Awurade Anwummeduan no ase no. Galilea hɔ de, daa nkwa a nnipa nyinaa benya ho asɛm na ɔkae. Ɛno nti, ɔkaa sɛ: “Paanoo a mede bɛma no, ɛno ne me honam a wiase nkwagye nti mede bɛma.”—Yoh. 6:51.

12. Daa nkwa a Yesu kaa ho asɛm no, ɛbɛyɛ dɛn na obi anya bi?

12 Yudafo a na wɔwɔ Galilea no, wohwɛ a, nea na Yesu reka akyerɛ wɔn ne sɛ obiara a watena ase pɛn benya daa nkwa anaa? Daabi, mmom wɔn a ‘wɔdi saa paanoo yi bi,’ kyerɛ sɛ, wɔn a wɔgye Yesu di no, wɔn nkutoo na wɔbenya daa nkwa. Wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no, wɔn mu bebree ka sɛ, sɛ wugye Yesu di na wofa no sɛ wo kra ne w’agyenkwa a, wubenya nkwa. (Yoh. 6:29) Nanso ɛnyɛ nea ehia ara ne sɛ obi bɛka sɛ ogye Yesu di kɛkɛ. Yɛhwɛ nnipadɔm a na ɛwɔ Galilea no sei a, mfiase no wɔn mu bebree gyee Yesu dii, nanso akyiri yi wɔgyaee n’akyi di. Adɛn ntia?

13. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi yɛ Yesu suani amapa?

13 Nnipadɔm a Yesu maa wɔn aduan wɔ Galilea no, wɔn mu pii wɔ hɔ a nea wɔbenya afi Yesu hɔ nti na na wɔdi n’akyi. Nea na ehia wɔn ara ne sɛ Yesu bɛsa wɔn yare, ɔbɛma wɔn aduan adi anaa ɔbɛka nsɛm a ɛbɛyɛ wɔn asom dɛ. Nanso Yesu maa emu daa hɔ sɛ, ɛnyɛ nea wɔpɛ ara kɛkɛ nti na ɔbaa asaase so. Mmom ɔbae sɛ ɔrebɛkyerɛ wɔn nea ehia sɛ wɔyɛ na wɔatumi ayɛ n’asuafo amapa. Enti ɔkyerɛɛ wɔn sɛ, ehia sɛ ‘wɔba ne nkyɛn,’ kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔgye ne nkyerɛkyerɛ tom na wɔde bɔ wɔn bra.—Yoh. 5:40; 6:44.

14. Yesu honam ne ne mogya a ɔde bɔɔ afɔre no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya so mfaso?

14 Yesu kyerɛkyerɛɛ nnipadɔm no sɛ, ne honam ne ne mogya a na ɔde bɛbɔ afɔre no, ɛno na ebebue kwan ama wɔatumi atena ase daa. Ná ɛsɛ sɛ saa Yudafo no gye saa asɛm no di, na ɛsɛ sɛ yɛn nso yegye di. (Yoh. 6:40) Enti asɛm a Yesu kaa wɔ Yohane 6:53 a ɛfa ne honam ne ne mogya ho no, nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛsɛ sɛ yenya agyede no mu gyidi na yɛatumi anya daa nkwa. Nnipa bebree betumi anya saa nhyira yi bi.—Efe. 1:7.

15-16. Nsɛntitiriw bɛn na yɛasua afi Yohane ti 6 no mu?

15 Yɛasua nneɛma pii a ɛho hia na ɛhyɛ nkuran afi Yohane ti 6 no mu. Ɛma yehu pefee sɛ Yesu dwen nnipa ho paa. Bere a na ɔwɔ Galilea no, ɔsaa ayarefo yare, ɔkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm, na ɔmaa nkurɔfo nyaa aduan dii. (Luka 9:11; Yoh. 6:​2, 11, 12) Nea ɛho hia paa no, ɔkyerɛɛ wɔn sɛ ɔno ne “nkwa paanoo no.”—Yoh. 6:​35, 48.

16 Wɔn a Yesu frɛɛ wɔn “nguan foforo” no, afe biara, paanoo a yɛde yɛ Awurade Anwummeduan no, wɔnni bi, na bobesa no nso, wɔnnom bi, na saa ara nso na ɛsɛ sɛ wɔyɛ. (Yoh. 10:16) Ne nyinaa mu no, Yesu agyede afɔre ne nhyira a ɛde bɛba no, sɛ wɔnya mu gyidi a, ɛkyerɛ sɛ wɔredi “nkwa paanoo” no bi. (Yoh. 6:53) Nanso wɔn a wɔdi paanoo no na wɔnom bobesa no bi no, wɔyɛ saa de kyerɛ sɛ Onyankopɔn de wɔn aba apam foforo no mu; wei ma wɔnya anidaso sɛ wɔbedi ade wɔ ɔsoro Ahenni no mu. Enti sɛ yɛka wɔn a wɔasra wɔn no ho oo, sɛ yɛka nguan foforo no ho oo, asɛm a ɛwɔ Yohane ti 6 no, ɛho hia paa sɛ yɛn nyinaa sua ho ade. Nsɛm a ɛwɔ hɔ no si so dua sɛ, sɛ yebenya daa nkwa a, ɛho hia sɛ yenya agyede no mu gyidi.

DWOM 150 Hwehwɛ Nyankopɔn na Nya Nkwa

a Adesua a edi wei anim no mu no, yesusuw Yohane 6:​5-35 ho.

b Nsu a Yesu kaa ho asɛm no, egyina hɔ ma biribiara a Yehowa yɛ de boa yɛn ma yenya daa nkwa.