Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ASETENAM NSƐM

Minnyaee Adesua Da

Minnyaee Adesua Da

MEDA Yehowa ase sɛ ɔyɛ me “Kyerɛkyerɛfo Kunini.” (Yes. 30:20) Ɔnam n’Asɛm Bible no, abɔde a ɛyɛ nwanwa ne n’ahyehyɛde no so kyerɛkyerɛ n’asomfo. Afei nso, ɔde yɛn nuanom Kristofo di dwuma ma wɔkyerɛkyerɛ yɛn. Ɛwom sɛ mereyɛ adi mfe 100, nanso Yehowa da so ara nam akwan yi nyinaa so kyerɛkyerɛ me. Momma menkyerɛ mo nea enti a mereka saa.

Me ne m’abusua, afe 1948

Wɔwoo me afe 1927 mu wɔ kurow ketewaa bi a ɛbɛn Chicago; ɛwɔ Illinois mantam mu wɔ U.S.A. M’awofo woo mmofra nnum—Jetha, Don, me, Karl ne Joy. Yɛn nyinaa sii yɛn bo sɛ yɛde yɛn ahoɔden nyinaa bɛsom Yehowa. Jetha kɔɔ Gilead afe 1943; ná ɔka adesuakuw a ɛtɔ so mmienu no ho. Don kɔɔ Brooklyn Betel wɔ New York afe 1944, Karl nso kɔɔ hɔ afe 1947, ɛnna Joy nso kɔɔ hɔ afe 1951. M’awofo ne me nuanom nhwɛso pa no yɛɛ me fɛ paa.

SƐNEA YƐN ABUSUA NO HUU NOKWARE NO

Ná m’awofo ani gye Bible akenkan ho, na na wɔdɔ Onyankopɔn nso. Wɔde Onyankopɔn ho dɔ no bi duaa yɛn mu. Me papa kodii sogya wɔ Europe wɔ Wiase Ko a Edi Kan no mu. Nea ohui no maa asɔre ho anigye a ɛwɔ ne mu no tu yerae. Bere a me maame hui sɛ wabedu fie dwoodwoo no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛnsan mfi asɔrekɔ ase.” Me papa buae sɛ: “Mɛkɔ akogya wo, nanso me ara de merenwura mu.” Me maame bisaa no sɛ: “Adɛn ntia?” Obuae sɛ: “Ɔko no mu no, asɔfo a wɔwɔ ɔsom baako mu no, wɔn mu biara bɔɔ mpae maa asogyafo a wɔfi ne man mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi ako adi ɔman foforo no mu asogyafo so nkonim. Wohwɛ a, hena afa na na Onyankopɔn gyina?”

Akyiri yi, da bi a me maame kɔɔ asɔre no, Yehowa Adansefo mmienu bi baa yɛn fie. Wɔmaa me papa nhoma mmienu bi a wɔato din Light. Ná ɛkyerɛkyerɛ Adiyisɛm nhoma no mu. Ná me papa ani gye ho, enti ogyei. Bere a me maame huu nhoma no pɛ na ofii ase kanee. Da koro bi, ohui wɔ atesɛm krataa bi mu sɛ wɔreto nsa afrɛ nkurɔfo sɛ wɔmmesua Bible. Ná wɔde Light nhoma no na ebesua. Ɔyɛe sɛ ɔbɛkɔ bi. Okoduu hɔ no, ɔbaapanyin bi na obuee pon no. Ná Light nhoma no baako kura me maame, enti obisaa ɔbaapanyin no sɛ, “Ɛha na musua saa nhoma yi anaa?” Obuae sɛ: “Yiw, me ba, bra mu.” Nnawɔtwe a edi hɔ no, me maame de yɛn mmofra no nso kɔɔ bi. Ɛno akyi no, nnawɔtwe biara na yɛkɔ.

Da bi a yɛkɔɔ adesua no, nea ɔrehwɛ so no ka kyerɛɛ me sɛ menkenkan Dwom 144:15. Ɛhɔ ma yehu sɛ wɔn a wɔsom Yehowa no wɔ anigye. Saa kyerɛwsɛm no kaa me koma paa. M’ani gyee kyerɛwnsɛm mmienu bi nso ho paa. Baako ne 1 Timoteo 1:11 a ɛhɔ ka sɛ Yehowa yɛ “anigye Nyankopɔn” no. Nea ɛka ho no nso ne Efesofo 5:1. Asɛm a ɛwɔ hɔ no hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yensuasua Onyankopɔn.’ Mihui sɛ ɛsɛ sɛ mema m’ani gye sɛ meresom Ɔbɔadeɛ no, na meda no ase wɔ hokwan a manya no ho. M’asetena nyinaa mu no, saa nneɛma mmienu no na mabɔ mmɔden paa sɛ mɛyɛ.

Asafo a ɛbɛn yɛn paa no, na ɛwɔ Chicago. Ná efi baabi a yɛte rekɔ hɔ yɛ kilomita 32 anaa akwansin 20. Nanso na yɛkɔ, na ɛno ma minyaa Bible mu nimdeɛ pii. Mekae sɛ da koro bi, Jetha maa ne nsa so sɛ ɔbɛma mmuae, na nea ɔhwɛ adesua no so no frɛɛ no. Bere a mitiee ne mmuae no, mekaa no me tirim sɛ: ‘Me koraa, ɛno ara na na ɛwɔ me tirim. Anka ɛsɛ sɛ mema me nsa so ma saa mmuae no.’ Ɛno akyi no, mifii ase siesiee mmuae a mɛma wɔ adesua ase. Ná me nuanom no rebɔ wɔn ho mmɔden wɔ Yehowa som mu paa. Enti me nso meyeree me ho sɛ mesua Yehowa ho ade pii. Mebɔɔ asu afe 1941.

MISUAA YEHOWA HO ADE WƆ AMANTAM NHYIAM ASE

Nhyiam a mekae paa ne nea yɛyɛe wɔ Cleveland, Ohio wɔ afe 1942 no. Anuanom a ɛwɔ mmeae bɛboro 50 wɔ United States tiee bi wɔ tɛlefon so. Yɛn abusua no ne anuanom afoforo tenatenaa ntamadan mu wɔ baabi a ɛbɛn nhyiambea hɔ. Saa bere no, na Wiase Ko a Ɛtɔ So Mmienu no gyina mu, na na atamfo retan Yehowa Adansefo ani paa. Anwummere bi, mihui sɛ anuanom akuwakuw bi de wɔn kar abesisi hɔ de wɔn anim akyerɛ abɔnten. Ná wɔn nyinaa ayɛ adwene sɛ, wɔbɛma onipa baako atena kar no biara mu na wɔawɛn anadwo mũ no nyinaa. Sɛ anuanom no hu sɛ aturutrafo bi reba a, na ɛsɛ sɛ obiara sɔ ne kanea to wɔn ani na ɔbɔ n’abɛn no. Ɛba saa a, anuanom afoforo betu mmirika abɛboa. Mekaa sɛ, ‘Yehowa nkurɔfo de woboa oo, biribiara a ebesi no, yɛayɛ krado!’ Ɛno nti mitumi daa yiye, na obiara nso ammɛhaw yɛn.

Mfe bi akyi, bere a na meredwinnwen saa nhyiam no ho no, mihui sɛ ehu ketekete mpo anka me maame. Ɔde ne ho nyinaa too Yehowa ne n’ahyehyɛde no so. Me werɛ remfi ne nhwɛso pa no da.

Aka kakra ama yɛakɔ saa nhyiam no, me maame bɛyɛɛ daa kwampaefo. Bere a yɛwɔ nhyiam no ase no, ɔkasa ahorow a ɛfa bere nyinaa som adwuma no ho no, otiee no yiye paa. Yewiee nhyiam no a yɛrekɔ fie no, ɔkaa sɛ, “Minyae a anka mɛtoa akwampae adwuma no so, nanso merentumi nka ɛno ne efie nnwuma mmɔ so.” Enti obisaa yɛn sɛ yɛbɛboa no anaa. Yɛkaa sɛ yiw, enti ɔmaa yɛn mu biara ɔdan baako anaa mmienu a yebesiesie mu ansa na yɛadidi anɔpa. Sɛ yɛkɔ sukuu a, na ɔsan hwɛ sɛ yɛasiesie fie hɔ kama a. Ɛno akyi no na ɔno nso kɔ asɛnka. Ná onni adaagye koraa, nanso wanto ne mma asaworam da. Sɛ yefi sukuu ba fie awia sɛ yɛrebedidi oo, sɛ yɛpɔn sukuu ba fie oo, bere biara na ɔwɔ hɔ ma yɛn. Da bi wɔ hɔ na yɛpɔn sukuu ba fie a, na yɛne no kɔ asɛnka. Wei boaa yɛn ma yɛtee akwampae adwuma no ase.

MIFII BERE NYINAA SOM ADWUMA NO ASE

Midii mfe 16 na mifii akwampae adwuma no ase. Ɛwom sɛ na me papa nnya mmɛyɛɛ Ɔdansefo, nanso sɛnea na mereyɛ asɛnka adwuma no, na n’ani gye ho. Da koro anwummere bi, meka kyerɛɛ no sɛ, mabɔ mmɔden ara, nso minnyaa obiara a me ne no besua Bible. Meyɛɛ dinn kakra, ɛnna mibisaa no sɛ, “Wopɛ sɛ me ne wo sua Bible anaa?” Me papa dwen ho dinn, na obuae sɛ, “Biribiara nsiw me kwan sɛ mesua.” Enti me papa na ɔbɛyɛɛ me Bible suani a odi kan. Ná ɛyɛ hokwan kɛse paa!

Yesuaa nhoma a wɔato din “The Truth Shall Make You Free.” Bere a adesua no rekɔ so no, mihui sɛ me papa reboa me ama mayɛ osuani ne ɔkyerɛkyerɛfo pa. Mɛyɛ nhwɛso a, da koro anwummere bi a yɛkenkan nkyekyɛm bi wiei no, ɔkaa sɛ: “Mahu nea nhoma no ka no. Nanso woyɛ dɛn hu sɛ nea nhoma no ka no yɛ nokware?” Na minhu sɛnea meyi ano, enti mekaa sɛ: “Seesei de, merentumi nkyerɛ wo, nanso ebedu sɛ yebesua ade bio no na manya ho mmuae ama wo.” Minyaa ɛho mmuae no nso maa no. Minyaa Bible mu nsɛm bi a na esi nea na yɛreka ho asɛm no so dua. Ɛno akyi no, na misua ade yiye yɛ nhwehwɛmu ansa na me ne no asua ade. Wei boaa me ne me papa nyinaa ma yenyaa Bible mu nimdeɛ pii. Ɔde nea na ɔresua no yɛɛ adwuma, enti afe 1952 no, ɔbɔɔ asu.

MEKƆƆ SO SUAA ADE WƆ BETEL

Mifii m’awofo nkyɛn no, na madi mfe 17. Jetha a bɛyɛɛ ɔsɛmpatrɛwni, na Don nso kɔɔ Betel. Ná wɔn mu biara ani gye n’adwuma no ho, na wei hyɛɛ me nkuran paa. Enti mehyehyɛɛ Betel ne Gilead Sukuu akwammisa krataa no nyinaa bi, na migyaw maa Yehowa. Ekosii sɛn? Wɔtoo nsa frɛɛ me kɔɔ Betel afe 1946.

Mfe pii a mede atena Betel no, mayɛ nnwuma ahorow pii, enti masua nneɛma foforo pii nso. Nokwasɛm ne sɛ, mfe 75 a mede atena Betel no, masua sɛnea wɔtintim nhoma, ne sɛnea wɔtoto sikasɛm. Afei nso, masua sɛnea wɔtotɔ nneɛma ma Betel ne sɛnea yɛyɛ nhyehyɛe de nneɛma mena mmeae afoforo. Nanso nea m’ani gye ho paa ne nkyerɛkyerɛ a yenya wɔ Betel no; ebi ne daa asɛm a yɛyɛ ne ɔkasa ahorow a yetie no.

Bere bi a na merekyerɛ asafo mu mpanyimfo ade

Me nuabarima kumaa Karl a ɔbaa Betel afe 1947 no, misuaa biribi fii ɔno nso hɔ. Ná onim Bible mu paa, na na onim nkyerɛkyerɛ nso. Bere bi, mema ɔboaa me wɔ ɔkasa bi a na merekɔma mu. Mekyerɛɛ mu kyerɛɛ Karl sɛ mayɛ nhwehwɛmu aboaboa nsɛm pii ano, nanso minhu sɛnea mede bɛma ɔkasa no. Obisaa me asɛm baako pɛ, na ɛboaa me ma mihuu nea ɛsɛ sɛ meyɛ. Obisaa me sɛ, “Joel, wo kasa no asɛmti ne sɛn?” Ɛhɔ ara na mihuu nea ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ. Nsɛm a na ɛfa m’asɛmti no ho no, ɛno na na ɛsɛ sɛ mede m’adwene si so, na migyaw nea aka no. Me werɛ amfi saa asuade no da.

Sɛ yɛn ani begye wɔ Betel a, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ asɛnka adwuma no. Ɛno betumi ama yɛanya suahu a ɛhyɛ nkuran. Osuahu baako a mekae paa no, esii da koro anwummere bi wɔ Bronx a ɛwɔ New York City. Me ne onua bi kɔɔ ɔbea bi a na wagye Ɔwɛn-Aban ne Nyan! pɛn hɔ. Yɛdaa yɛn ho adi sɛ, “Anwummere yi de, yɛreboa nkurɔfo ma wɔasua biribi a ɛhyɛ nkuran afi Bible mu.” Obuae sɛ, “Sɛ ɛyɛ Bible mu asɛm de a, ɛnde mommra mu.” Yɛkenkan kyerɛwnsɛm kakra a ɛfa Onyankopɔn Ahenni no ne wiase foforo a ɛreba no ho, na yesusuw ho. Ɛda adi sɛ n’ani gyee ho paa, efisɛ nnawɔtwe a edi hɔ no, ɔfrɛɛ ne nnamfo binom ma wɔbetiee bi. Akyiri yi, ɔne ne kunu begyee nokware no.

MISUAA NNEƐMA PII FII ME YERE HƆ

Meyɛɛ m’adwene sɛ mɛware, nanso mfe 10 akyi ansa na merehyia me dɔfo. Ɛdɛn na ɛboaa me ma minyaa ɔyere pa? Mebɔɔ Yehowa mpae, na mibisaa me ho sɛ, ‘Sɛ meware wie a, dɛn na me ne me yere bɛyɛ?’

Me ne Mary wɔ ɔmansin adwuma no mu

Nhyiam a yɛyɛɛ no afe 1953 wɔ Yankee Stadium akyi no, mihyiaa onuawa bi a ne din de Mary Aniol. Ná ɔne me nuabea Jetha ka Gilead adesuakuw a ɛtɔ so mmienu no ho, na wɔde wɔn baanu no kɔɔ faako ma wɔkɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma no. Mary de anigye kaa asɛmpatrɛw adwuma a na ɔreyɛ wɔ Caribbean ne Bible adesua ahorow a na ɔreyɛ no ho asɛm kyerɛɛ me. Bere a yɛrehu yɛn ho yiye no, yebehui sɛ botae baako na esi yɛn nyinaa ani so. Ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no yɛɛ kɛse, enti April afe 1955 no, yɛwaree. Akwan pii so no, mihui sɛ Yehowa na oyii Mary maa me, na na metumi ahwɛ no asuasua no. Dwumadi biara a wɔde maa no no, ɔde anigye yɛe. Ɔyeree ne ho yɛɛ adwuma, ofii ne koma nyinaa mu boaa afoforo, na ɔde Ahenni no dii kan wɔ n’asetena mu. (Mat. 6:33) Yɛyɛɛ ɔmansin adwuma mfe mmiɛnsa, na afe 1958 no, Betel too nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛsom wɔ hɔ.

Misuaa nneɛma pii fii Mary hɔ. Mɛyɛ nhwɛso a, yɛn aware no ahyɛase pɛɛ na yɛyɛe sɛ yɛbɛkenkan Bible no abom, na yɛrekan biara a, yɛbɛkan bɛyɛ nkyekyɛm 15. Sɛ yɛn mu baako kenkan ɔfã bi wie a, yesusuw ho hwɛ ɔkwan a yɛbɛfa so de abɔ yɛn bra. Ná Mary taa ka nneɛma a osuae wɔ Gilead anaa nea osuae wɔ n’asɛmpatrɛw adwuma no mu. Bible no a na yesusuw ho saa no boaa me ma mituu mpɔn wɔ ɔkasa a na mema mu. Ɛboaa me nso ma mihuu sɛnea mɛhyɛ anuanom mmea nkuran.—Mmeb. 25:11.

Me dɔfo Mary wui afe 2013 mu. Merehwɛ kwan denneennen sɛ mehyia no wɔ wiase foforo no mu! Enkosi saa bere no, masi me bo sɛ mɛkɔ so asua Yehowa ho ade na mafi me koma nyinaa mu de me ho ato no so. (Mmeb. 3:​5, 6) Nea Onyankopɔn nkurɔfo bɛyɛ wɔ wiase foforo no mu no, sɛ midwen ho a, ɛkyekye me werɛ na ɛma m’ani gye. Saa nneɛma no bi ne sɛ, yebesua yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini no ho ade pii, na ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nneɛma foforo nso. Nokwasɛm ne sɛ, nea Yehowa akyerɛkyerɛ me fi tete besi nnɛ, ne n’adom bebrebe a ɔde adom me no, merentumi nna no ase nwie da.

a Hwɛ Jetha Sunal asetenam nsɛm. Ɛwɔ March 1, 2003, Ɔwɛn-Aban mu, kr. 23-29.