Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma Yehowa Honhom Nkyerɛ Wo Kwan Na Kɔ W’anim!

Ma Yehowa Honhom Nkyerɛ Wo Kwan Na Kɔ W’anim!

“Monkɔ so nnantew honhom mu.”—GAL. 5:16.

NNWOM: 22, 75

1, 2. Dɛn na onua bi hui sɛ atɔ sin wɔ ɔne Yehowa abusuabɔ mu, na dɛn na ɔyɛe wɔ ho?

BERE a Robert bɔɔ asu no, na onnya nnii mfe aduonu. Nanso, wamma nokware no ho anhia no papa. Ɔkaa sɛ: “Manyɛ bɔne biara, nanso na menam nokware no mu biarabiara. Obi hwɛ me a, ɛbɛyɛ no sɛ na meyɛ den wɔ Yehowa som mu. Ná mekɔ asafo nhyiam bere nyinaa; bere ne bere mu na meyɛ akwampaefo boafo wɔ afe no mu. Nanso, na biribi tɔ sin wɔ m’asetena mu.”

2 Robert ankasa anhu nea na atɔ sin no kosii sɛ ɔwaree. Ɛtɔ da na ɔne ne yere reyɛ biribi de agyigye wɔn ani a, na wobisabisa wɔn ho Bible mu nsɛm. Robert hui sɛ ne yere nim Bible mu yiye, na otumi ma nsɛmmisa no ho mmuae a ɔmmrɛ koraa. Nanso ɔno deɛ, mpɛn pii na onhu mmuae no; ɛyɛ saa a, na n’ani awu. Robert kaa sɛ: “Ɛyɛɛ me sɛ nea minnim hwee. Mekaa wɔ me tirim sɛ, ‘Sɛ metumi de Onyankopɔn asɛm akyerɛkyerɛ me yere sɛ abusua ti a, ɛnde ɛsɛ sɛ meyere me ho sua ade.’” Enti Robert yɛɛ saa. Ɔkaa sɛ: “Meyeree me ho suaa Bible paa, na nneɛma fii ase kɔɔ yiye. Metee nneɛma ase, na ne titiriw no, me ne Yehowa abusuabɔ mu yɛɛ den.”

3. (a) Dɛn na yebetumi asua afi Robert asɛm no mu? (b) Nsɛntitiriw bɛn na yebesusuw ho?

3 Yebetumi asua biribi a ɛho hia afi Robert asɛm yi mu. Ebia yɛwɔ Bible mu nimdeɛ kakra, na ebia yɛkɔ Kristofo nhyiam ne asɛnka bere nyinaa. Nanso, wei nkyerɛ ankasa sɛ Yehowa honhom kyerɛ yɛn kwan. Anaa ebi nso a yɛanya nkɔso wɔ Yehowa som mu dedaw, nanso yɛsan hwehwɛ yɛn mu a, yebehu sɛ yebetumi ama yɛne Yehowa abusuabɔ atu mpɔn. (Filip. 3:16) Nea ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so atu mpɔn no, wɔ adesua yi mu no, yebebua nsɛmmisa mmiɛnsa a ɛho hia yi: (1) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛnea yɛne Yehowa abusuabɔ te ankasa? (2) Yɛbɛyɛ dɛn ama Yehowa honhom akyerɛ yɛn kwan na yɛanya nkɔso wɔ Yehowa som mu? (3) Sɛ yɛne Yehowa abusuabɔ yɛ papa a, ɛbɛka yɛn asetena sɛn?

YƐNHWEHWƐ YƐN MU

4. Afotu a ɛwɔ Efesofo 4:23, 24 no fa henanom ho?

4 Bere a yefii ase sɛ yɛresom Onyankopɔn no, yɛyɛɛ nsakrae. Saa nsakrae no kaa yɛn asetenam biribiara. Yɛn asubɔ akyi no, yɛkɔɔ so yɛɛ nsakrae. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: ‘Yɛmma wɔnkɔ so nyɛ yɛn foforo wɔ tumi a ɛkanyan yɛn adwene no mu.’ (Efe. 4:23, 24) Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, ehia sɛ yɛn nyinaa kɔ so yɛ nsakrae. Wɔn a wɔde mfe pii asom Yehowa mpo no, ehia sɛ wɔma wɔne Yehowa abusuabɔ mu kɔ so yɛ den.—Filip. 3:12, 13.

5. Nsɛmmisa bɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛahwehwɛ yɛn mu?

5 Ehia sɛ yɛde nokwaredi hwehwɛ yɛn mu na ama yɛne Yehowa abusuabɔ mu akɔ so ayɛ den. Yɛyɛ mmofra oo, yɛyɛ mpanyin oo, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Mahu nsakrae bi wɔ me ho a ɛkyerɛ sɛ Yehowa honhom rekyerɛ me kwan paa? Me suban ne me nneyɛe resɛ Kristo deɛ? Mewɔ Kristofo nhyiam ase a, me suban ne me nneyɛe da no adi sɛ meyɛ obi a Yehowa honhom kyerɛ no kwan paa? Me nkɔmmɔbɔ kyerɛ sɛ dɛn paa na ɛho hia me? Sɛnea misua ade, me ntadehyɛ ne m’ahosiesie, anaa nea meyɛ wɔ afotu ho no, dɛn na ɛka fa me ho? Sɛ biribi anaa nneɛma bi resɔ me ahwɛ a, dɛn na meyɛ? Me ho akokwaw sɛ Kristoni a wanyin anaa?’ (Efe. 4:13) Yedwinnwen nsɛmmisa yi mmuae ho a, ebetumi aboa yɛn ama yɛahu sɛ yɛne Yehowa abusuabɔ mu yɛ den anaa.

6. Dɛn bio na ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛnea yɛne Yehowa abusuabɔ te ankasa?

6 Ɛtɔ da a, ebehia sɛ afoforo boa yɛn ansa na yɛahu sɛnea yɛne Yehowa abusuabɔ te ankasa. Ɔsomafo Paulo kaa sɛ, onipa a odi n’akɔnnɔ akyi ntumi nhu sɛ Onyankopɔn ani nnye ne nneyɛe ho. Nanso, onipa a Yehowa honhom kyerɛ no kwan deɛ, sɛnea Onyankopɔn hu nneɛma no, saa ara na ɔno nso hu no. Otumi hu nso sɛ, Onyankopɔn ani nnye onipa a odi n’akɔnnɔ akyi nneyɛe ho. (1 Kor. 2:14-16; 3:1-3) Sɛ anuanom fi ase yɛ nneɛma bi a ɛkyerɛ sɛ wɔredi wɔn akɔnnɔ akyi a, esiane sɛ asafo mu mpanyimfo wɔ Kristo adwene nti, wɔtaa hu no ntɛm. Sɛ wɔtwe yɛn adwene si so a, yegye wɔn afotu tom na yɛde yɛ adwuma anaa? Sɛ yɛyɛ saa a, yɛda no adi sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ den paa wɔ Yehowa som mu.—Ɔsɛnk. 7:5, 9.

HYƐ WO GYIDI DEN WƆ YEHOWA SOM MU

7. Adɛn nti na sɛ obi wɔ Bible mu nimdeɛ a, ɛno nko ara nkyerɛ sɛ ɔbɛyɛ onipa a Yehowa honhom kyerɛ no kwan?

7 Kae sɛ, sɛ obi wɔ Bible mu nimdeɛ a, ɛno nko ara nkyerɛ sɛ ɔbɛyɛ onipa a Yehowa honhom kyerɛ no kwan. Ɔhene Solomon a ɔtenaa ase tete no, na onim Yehowa akwankyerɛ paa. Nsɛm a ɔkae no, akyiri yi, wɔde kaa Bible ho. Nanso, ewiee ase no, wankɔ so anni Yehowa nokware; wamma Yehowa honhom ankyerɛ no kwan ankosi ase. (1 Ahe. 4:29, 30; 11:4-6) Enti yemmisa sɛ, dɛn na ehia sɛ yenya ka Bible mu nimdeɛ a yɛwɔ ho? Ehia sɛ yɛkɔ so nya nkɔso wɔ Yehowa som mu. (Kol. 2:6, 7) Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

8, 9. (a) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛn gyidi ayɛ den? (b) Adɛn nti na yesua ade na yedwinnwen ho? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

8 Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a wɔtenaa ase wɔ asomafo no bere so sɛ ‘wɔmpere nkɔ ahokokwaw mu.’ (Heb. 6:1) Ɛnnɛ, dɛn na ehia sɛ yɛyɛ na ama yɛatumi de Paulo afotu no ayɛ adwuma? Ade baako a ɛho hia paa ne sɛ, yebesua Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Munhoma no. Sɛ wusua saa nhoma no wie a, ɛbɛboa wo ama woahu sɛnea wode Bible nnyinasosɛm bɛbɔ wo bra. Sɛ woasua saa nhoma no awie a, wubetumi asua nhoma foforo a ebetumi aboa wo ama wo gyidi ayɛ den anaa? (Kol. 1:23) Ɛyɛ a wudwinnwen nea wusua ho, na wobɔ ho mpae sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi de abɔ wo bra anaa?

9 Kae sɛ, nea enti a yesua ade dwinnwen ho ne sɛ ɛbɛma yɛanya koma pa ayɛ nea ɛsɔ Yehowa ani na yɛadi ne mmara so. (Dw. 40:8; 119:97) Bere koro no ara, biribiara a ɛremma yɛn gyidi nyɛ den wɔ Yehowa som mu no, yɛpo anaa yeyi fi yɛn akwan mu.—Tito 2:11, 12.

10. Dɛn na mmabun betumi ayɛ na ama wɔn gyidi ayɛ den wɔ Yehowa som mu?

10 Sɛ woyɛ ɔbabun a, wode botae bi asisi w’anim wɔ Yehowa som mu? Onua bi a ɔsom wɔ Betel kɔ amansin nhyiam a, ɔtaa ne wɔn a wɔrebɛbɔ asu no kasa ansa na nhyiam no afi ase. Wɔn a wɔrebɛbɔ asu no, ɛyɛ a wɔn mu pii yɛ mmabun. Onua no bisa wɔn botae a wɔde asisi wɔn anim. Mmuae a pii de ma no kyerɛ sɛ wonim nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ de som Yehowa. Ebinom pɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ bere nyinaa som adwuma no fã bi mu anaasɛ wɔkɔsom wɔ baabi a wohia Ahenni asɛmpakafo pii. Nanso, mmabun no bi wɔ hɔ a, wontumi mma asɛm a obisa wɔn no ho mmuae. Wei kyerɛ sɛ, wɔnte nka sɛ ehia sɛ wɔde botae pɔtee bi sisi wɔn anim wɔ Yehowa som mu anaa? Woyɛ ɔbabun a, bisa wo ho sɛ: ‘Esiane sɛ m’awofo pɛ sɛ mekɔ asafo nhyiam ne asɛnka ara nti na mekɔ? Mereyɛ nneɛma a ɛbɛma me ne Yehowa afa adamfo na ama mabɛn no kɛse?’ Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ mmabun nko ara na ehia sɛ wɔde botae sisi wɔn anim wɔ Yehowa som mu. Yehowa asomfo nyinaa de botae a ɛte saa sisi wɔn anim a, ɛbɛboa yɛn ama yɛn gyidi ayɛ den.—Ɔsɛnk. 12:1, 13.

11. (a) Sɛ yebenya nkɔso paa wɔ Yehowa som mu a, dɛn na ehia sɛ yɛyɛ? (b) Bible mu nhwɛso bɛn na yebetumi asuasua?

11 Sɛ yenya hu baabi a yɛtɔ sin a, ehia sɛ yetu anammɔn pa a ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ yɛn anim. Ehia paa sɛ yɛma Yehowa honhom kyerɛ yɛn kwan. Nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ owu ne nkwa asɛm. (Rom. 8:6-8) Nanso, sɛ Yehowa honhom kyerɛ yɛn kwan a, ɛno nkyerɛ sɛ yɛbɛyɛ pɛ. Yehowa honhom betumi aboa yɛn ama yɛanya nkɔso. Nanso, ehia sɛ yɛn ankasa nso yere yɛn ho. Ná John Barr yɛ Akwankyerɛ Kuw no muni. Mfe bi a atwam no, ɔkaa Luka 13:24 ho asɛm sɛ, “Nnipa pii ntumi nhyɛn ɔpon teateaa no mu efisɛ wɔmmɔ wɔn ho mmɔden.” Ehia sɛ yesuasua Yakob. Ɔne ɔbɔfo bi tentamee araa kosii sɛ onyaa nhyira. (Gen. 32:26-28) Ɛwom sɛ Bible sua betumi ayɛ anigye deɛ, nanso ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Bible akenkan te sɛ nea yɛrekenkan ayɛsɛm nhoma bi de agyigye yɛn ani kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Bible mu akorade a ɛbɛboa yɛn.

12, 13. (a) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛde Romafo 15:5 ayɛ adwuma? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Petro nhwɛso ne n’afotu no betumi aboa yɛn? (d) Dɛn na wubetumi ayɛ na ama woayɛ den wɔ Yehowa som mu? (Hwɛ adaka a wɔato din “ Nea Wubetumi Ayɛ Na Woanya Nkɔso Wɔ Yehowa Som Mu.”)

12 Sɛ yɛyere yɛn ho hyɛ yɛne Yehowa abusuabɔ mu den a, honhom kronkron bɛboa yɛn ama yɛasesa yɛn adwene wɔ sɛnea yesusuw nneɛma ho. Ɛbɛboa yɛn ama yɛafi ase nkakrankakra asusuw nneɛma ho sɛ Kristo. (Rom. 15:5) Afei nso, honhom kronkron bɛboa yɛn ama yɛayi honam akɔnnɔ afi yɛn mu na yɛanya suban a ɛsɔ Onyankopɔn ani. (Gal. 5:16, 22, 23) Sɛ yehu sɛ yɛredwinnwen honam fam nneɛma anaa honam akɔnnɔ ho dodo a, ɛnsɛ sɛ yɛn abam bu. Ɛsɛ sɛ wokɔ so bisa honhom kronkron, na Yehowa bɛboa wo ama woatumi ayi w’adwene afi nneɛma hunu so na woadwinnwen nneɛma pa ho. (Luka 11:13) Kae ɔsomafo Petro. Ɛnyɛ bere nyinaa na ɔyɛɛ n’ade sɛ obi a Yehowa honhom kyerɛ no kwan. (Mat. 16:22, 23; Luka 22:34, 54-62; Gal. 2:11-14) Nanso n’abam ammu. Nkakrankakra, Yehowa boaa Petro ma onyaa Kristo adwene. Yɛn nso yebetumi anya Kristo adwene.

13 Nokwasɛm ne sɛ, akyiri yi, Petro kyerɛɛ suban ahorow bi a ɛbɛboa yɛn. (Kenkan 2 Petro 1:5-8.) Sɛ ‘yɛyɛ nea yebetumi biara’ sɛ yebenya suban pa te sɛ ahosodi, boasetɔ, ne onuadɔ a, ɛbɛboa yɛn ama Yehowa honhom akyerɛ yɛn kwan na yɛakɔ yɛn anim. Adɛn nti na da biara wummisa wo ho sɛ, ‘Suban bɛn na metumi ayɛ ho adwuma nnɛ na ama manya nkɔso wɔ Yehowa som mu?’

SƐNEA YƐDE BIBLE NNYINASOSƐM BƐYƐ ADWUMA DA BIARA

14. Yɛma Yehowa honhom kyerɛ yɛn kwan a, sɛn na ɛbɛda adi wɔ yɛn asetena mu?

14 Yenya Kristo adwene a, ɛbɛda adi wɔ yɛn kasa mu, sɛnea yɛbɔ yɛn bra wɔ adwuma mu ne sukuu mu, ne gyinae a yesisi da biara mu. Gyinae a yesisi no bɛma yɛahu sɛ yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ Kristo akyidifo. Esiane sɛ Yehowa honhom kyerɛ yɛn kwan nti, yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ biribi ma asɛe yɛne yɛn soro Agya no ntam. Sɛ nneɛma bi resɔ yɛn gyidi ahwɛ a, esiane sɛ yesuasua Kristo nti, ɛbɛka yɛn ama yɛatwe yɛn ho afi ho. Sɛ yɛresisi gyinae a, yebedwen saa nsɛmmisa yi ho yiye: ‘Bible nnyinasosɛm bɛn na ɛbɛboa me ama masisi gyinae? Sɛ ɛyɛ Kristo a, dɛn na anka ɔbɛyɛ? Gyinae bɛn na misi a ɛbɛsɔ Yehowa ani?’ Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi asusuw nneɛma ho wɔ saa kwan yi so no, momma yɛnhwɛ tebea ahorow bi. Emu biara mu no, yɛbɛhwɛ Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm bi a ɛbɛboa yɛn ama yɛasi gyinae pa.

15, 16. Yɛwɔ Kristofo adwene a, ɛbɛboa yɛn sɛn bere a (a) yɛrehwehwɛ okunu anaa ɔyere? (b) yɛrehwehwɛ nnamfo?

15 Bere a yɛrehwehwɛ obi aware no. Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛfa wei ho wɔ 2 Korintofo 6:14, 15. (Kenkan.) Paulo kaa no pefee sɛ, onipa a Yehowa honhom kyerɛ no kwan ntumi ne obi a odi n’akɔnnɔ akyi ntena mma wonnya asomdwoe nkosi ase. Ɔkwan bɛn so na saa nnyinasosɛm yi betumi aboa wo bere a worehwehwɛ okunu anaa ɔyere?

16 Nnamfofa. Hwɛ Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 15:33. (Kenkan.) Onipa a Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan ne nkurɔfo a wobetumi ama ɔne Yehowa ntam asɛe mmɔ. Nsɛmmisa bɛn na ebetumi aboa wo ama woasisi gyinae pa? Sɛ yɛhwɛ a, wei fa nkurɔfo a wo ne wɔn bɛfa nnamfo wɔ Intanɛt so ho sɛn? Anaasɛ nnipa a wunnim wɔn ka sɛ ma yenni agorɔ wɔ Intanɛt so a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

Gyinae a misisi no, ɛbɛboa me ama manya nkɔso wɔ Yehowa som mu? (Hwɛ nkyekyɛm 17)

17-19. Sɛ Yehowa honhom kyerɛ wo kwan a, sɛn na ɛbɛboa wo na (a) woanni nneɛma hunu akyi? (b) wode botae asisi w’anim wɔ w’asetena mu? (d) ama woasiesie akasakasa?

17 Nneɛma a ɛmma yennya nkɔso wɔ Yehowa som mu. Kɔkɔbɔ bi wɔ asɛm a Paulo kyerɛw kɔmaa ne mfɛfo Kristofo no mu. (Kenkan Hebrifo 6:1.) Dɛn ne “nnwuma funu” a ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi ho no? Ɛyɛ biribiara a ɛmmoa yɛn mma yɛnyɛ den wɔ Yehowa som mu. Saa nnyinasosɛm yi betumi aboa yɛn ama yɛanya nsɛmmisa biara a ebetumi asɔre wɔ yɛn asetenam ho mmuae. Nsɛmmisa no bi ne: Saa ade yi, ɛyɛ ɔhonam nnwuma no bi anaa? Adwuma a nkurɔfo kyerɛ sɛ ɛma wonya sika bum yi, ɛsɛ sɛ mede me ho hyɛ mu anaa? Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ mede me ho hyɛ akuw a wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔde nsakrae bɛba wiase no mu?

Gyinae a misisi no, ɛbɛma mede botae asisi m’anim wɔ Yehowa som mu? (Hwɛ nkyekyɛm 18)

18 Botae a yɛde sisi yɛn anim wɔ Yehowa som mu. Asɛm a Yesu kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka mu no, ɛma yenya akwankyerɛ pa a ɛbɛboa yɛn ama yɛde botae asisi yɛn anim wɔ Yehowa som mu. (Mat. 6:33) Onipa a Yehowa honhom kyerɛ no kwan de botae a ɛbɛma ɔne Yehowa abusuabɔ ayɛ papa sisi n’anim. Yɛma saa nnyinasosɛm yi tena yɛn adwenem a, ɛbɛboa yɛn ama yɛanya nsɛmmisa a edi hɔ yi ho mmuae: Miwie ntoaso sukuu a, ɛsɛ sɛ mekɔ sukuupɔn anaa? Adwuma biara na ɛsɛ sɛ meyɛ anaa?

Gyinae a misisi no, ɛbɛma mayɛ onipa a ‘ɔpɛ asomdwoe’? (Hwɛ nkyekyɛm 19)

19 Akasakasa. Afotu a Paulo de maa Roma asafo no, sɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛasiesie akasakasa a ɛsɔre wɔ yɛne afoforo ntam? (Rom. 12:18) Yɛyɛ Kristo akyidifo nti, yɛbɔ mmɔden sɛ ‘yɛne nnipa nyinaa bɛtena asomdwoe mu.’ Sɛ akasakasa sɔre yɛne afoforo ntam a, dɛn na yɛyɛ? Ɛyɛ den sɛ yebegyae nsɛm mu, anaa wonim yɛn sɛ yɛyɛ nkurɔfo a ‘yɛpɛ asomdwoe’?—Yak. 3:18.

20. Adɛn nti na wopɛ sɛ wokɔ w’anim wɔ Yehowa som mu?

20 Nhwɛso kakra yi ama yɛahu sɛ, sɛ yesusuw Bible mu nnyinasosɛm ho a, ebetumi aboa yɛn ama yɛasisi gyinae a ɛkyerɛ sɛ Yehowa honhom kyerɛ yɛn kwan. Yɛma Yehowa honhom kyerɛ yɛn kwan a, ebetumi aboa yɛn ama yɛanya anigye ne akomatɔyam pii wɔ yɛn asetena mu. Robert a yɛkaa ne ho asɛm wɔ adesua yi mfiase no kaa sɛ: “Me ne Yehowa nyaa abusuabɔ ankasa. Mebɛyɛɛ okunu pa ne agya pa. Me koma tɔɔ me yam, na m’ani gyei.” Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛma Yehowa honhom akyerɛ yɛn kwan a, yebenya nhyira a ɛte saa pii. Yɛma Yehowa honhom kyerɛ yɛn kwan a, yebetumi anya akomatɔyam nnɛ, na yɛanya “nkwa ankasa” a ɛreba no.—1 Tim. 6:19.