Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suasua Gyidi a Noa, Daniel, Ne Hiob Daa No Adi Ne Osetie a Wɔyɛe

Suasua Gyidi a Noa, Daniel, Ne Hiob Daa No Adi Ne Osetie a Wɔyɛe

‘Noa, Daniel, ne Hiob trenee nti, wobegye wɔn kra.’—HES. 14:14.

NNWOM: 89, 119

1, 2. (a) Adɛn nti na nea Noa, Daniel, ne Hiob yɛe no betumi ahyɛ yɛn den? (b) Bere a Hesekiel kyerɛw asɛm a ɛwɔ Hesekiel 14:14 no, na ɔwɔ tebea bɛn mu?

WOREFA sɔhwɛ mu anaa? Ɛyɛ yare, wo sikasɛm na ɛnkɔ yiye, anaa worehyia ɔtaa? Ɛtɔ da a, ɛyɛ den sɛ w’ani begye wɔ Yehowa som mu? Sɛ saa a, ɛnde nea Noa, Daniel, ne Hiob yɛe no betumi ahyɛ wo den. Ná wɔtɔ sin; ɔhaw ahorow a yɛrefa mu no, emu pii wɔ hɔ a, wɔn nso faa mu bi. Ebi wɔ hɔ a ɛde wɔn nkwa too asiane mu. Nanso wokuraa wɔn mũdi mu, na Onyankopɔn buu wɔn sɛ nnipa a yebetumi asuasua wɔn gyidi ne osetie a wɔyɛe.—Kenkan Hesekiel 14:12-14.

2 Kyerɛwsɛm a adesua yi gyina so no, Hesekiel kyerɛwee wɔ Babilon afe 612 A.Y.B. * (Hes. 1:1; 8:1) Ɔkyerɛw saa asɛm no, ankyɛ koraa na nkɔm a na wɔahyɛ sɛ wɔbɛsɛe Yerusalem a awae no baa mu. Ɔsɛe no bae afe 607 A.Y.B. Nnipa mmaako mmaako bi na na wɔn suban te sɛ Noa, Daniel, ne Hiob. Enti, wɔn na wɔhyɛɛ wɔn agyirae maa nkwagye. (Hes. 9:1-5) Wɔn mu bi ne Yeremia, Baruk, Ebed-Melek, ne Rekabfo no.

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Ɛnnɛ nso, sɛ wiase bɔne yi ba awiei a, wɔn a Yehowa bu wɔn sɛ asɛm nni wɔn ho te sɛ Noa, Daniel, ne Hiob nkutoo na Yehowa bɛhyɛ wɔn agyirae ama nkwagye. (Adi. 7:9, 14) Momma yɛnhwɛ nea enti a Yehowa de saa mmarima yi ama yɛn sɛ yensuasua wɔn trenee. Bere a yɛresusuw wɔn mu biara ho no, yɛbɛhwɛ (1) ɔhaw ahorow a wɔn mu biara faa mu, ne (2) sɛnea yebetumi asuasua wɔn mu biara gyidi ne osetie a wɔn mu biara yɛe.

NOA—ODII NOKWARE YƐƐ OSETIE MFE AHANKRON

4, 5. Ɔhaw ahorow bɛn na Noa hyiae, na adɛn nti na ɛyɛ nwonwa sɛ otumi gyinaa ano?

4 Ɔhaw ahorow a Noa hyiae. Noa nanabarima Enok bere so no, na nnipa yɛ nneɛma bɔne paa. Ná wɔkeka “ahodwirisɛm” tia Yehowa mpo. (Yuda 14, 15) Ná basabasayɛ redɔɔso. Nokwarem no, Noa bere so no, na ‘amumɔyɛ ahyɛ asase so mã.’ Abɔfo bɔne dan wɔn ho nnipa bɛwarewaree mmea, na wɔne wɔn woo abran a wɔn tirim yɛ den. (Gen. 6:2-4, 11, 12) Nanso Noa deɛ, na ɔyɛ soronko. Bible ka sɛ: ‘Noa nyaa Yehowa anim dom. Ná ne ho nni asɛm wɔ ne bere sofo mu. Noa ne nokware Nyankopɔn nantewee.’—Gen. 6:8, 9.

5 Yɛnhwɛ nea saa asɛm no ma yehu fa ɔtreneeni Noa ho. Nea edi kan, ɛnnɛ, nnipa pii nkwa nna yɛ mfe 70 anaa mfe 80 pɛ. Nanso, Noa deɛ ɛnyɛ saa mfe no pɛ na ɔne Onyankopɔn nantewee ansa na Nsuyiri reba. Na mmom, ɔtenaa saa wiase bɔne no mu bɛyɛ mfe 600! (Gen. 7:11) Nea ɛto so mmienu, na asafo biara nni hɔ a Noa ne emufo bɛbɔ ama wɔaboa no na wɔahyɛ no nkuran sɛnea yɛwɔ bi nnɛ no. Ɛbɛyɛ sɛ ne nuanom mpo ammoa no. *

6. Dɛn na Noa yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru paa?

6 Ɛnyɛ nea Noa yɛe ara ne sɛ ɔbɛbɔ ɔbra pa. Ɔde akokoduru kaa Yehowa mu gyidi a ɔwɔ nso ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo wɔ baguam. Bible ka sɛ na ɔyɛ “trenee sɛnkafo.” (2 Pet. 2:5) Paulo kaa sɛ Noa ‘nam saa gyidi yi so buu wiase no fɔ.’ (Heb. 11:7) Enti, yebetumi aka sɛ nkurɔfo dii Noa ho fɛw na wɔsɔre tiaa no. Ebi mpo a na wɔpɛ sɛ wɔyɛ no basabasa. Nanso na Noa ‘nsuro nnipa.’ (Mmeb. 29:25) Mmom, na ɔwɔ akokoduru a Yehowa de ma n’asomfo anokwafo no bi.

7. Bere a Noa reyɛ adaka no, ɔhaw ahorow bɛn na ohyiae?

7 Bere a Noa ne Onyankopɔn nantew bɛboro mfe ahanum akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ adaka a ɔde begye nnipa ne mmoa nkwa. (Gen. 5:32; 6:14) Ɛbɛyɛ sɛ na saa adwuma no bɛyɛ den ama Noa paa! Ɛnyɛ adaka no a na ɔbɛyɛ no nko ara na na ɛyɛ den. Ná Noa nim paa sɛ ɛbɛma nkurɔfo adi ne ho fɛw kɛse na wɔasɔre atia no denneennen. Nanso Noa nyaa gyidi na otiee Yehowa. Bible ka sɛ: “Saa pɛpɛɛpɛ na ɔyɛe.”—Gen. 6:22.

8. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na Noa wɔ Yehowa mu ahotoso sɛ ɔbɛma ne nsa aka nea ohia?

8 Ɔhaw foforo a Noa hyiae ne sɛnea na ɔbɛma ne yere ne ne mma nsa aka nea wohia. Ansa na Nsuyiri no reba no, na nkurɔfo yɛ adwumaden ansa na wɔadua wɔn nnɔbae. Akyinnye biara nni ho sɛ, na Noa nso yɛ adwumaden. (Gen. 5:28, 29) Nanso, wamma honam fam nneɛma annye n’adwene, na mmom ɔde n’adwene sii Onyankopɔn som adwuma so. Ɛwom sɛ Noa de bɛyɛ mfe 40 anaa mfe 50 na ɛyɛɛ adaka no, nanso saa bere no nyinaa ɔde n’adwene sii Yehowa som so. Nsuyiri no akyi no, ɔkɔɔ so yɛɛ saa mfe 350 kaa ho. (Gen. 9:28) Hwɛ sɛnea Noa yɛɛ gyidi ne osetie ho nhwɛso pa!

9, 10. (a) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Noa gyidi ne osetie a ɔyɛe? (b) Sɛn na Onyankopɔn bu obiara a odi ne mmara so?

9 Sɛnea yebesuasua Noa gyidi ne osetie a ɔyɛe. Sɛ yɛyɛ nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so, yɛtwe yɛn ho fi Satan wiase no ho, na yɛde Ahenni nneɛma di kan wɔ yɛn asetenam a, na yɛresuasua Noa. (Mat. 6:33; Yoh. 15:19) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛbɔ yɛn bra saa a, wiase no ani rennye yɛn ho. Seesei mpo, esiane sɛ yɛasi yɛn bo sɛ yebedi Onyankopɔn mmara a ɛfa aware ne aguamammɔ ho so nti, wɔ aman bi so no, nsɛm ho amanneɛbɔfo keka yɛn ho nsɛmmɔne. (Kenkan Malaki 3:17, 18.) Yɛn nso, yɛte sɛ Noa, yesuro Yehowa na yensuro nnipa. Yenim sɛ Yehowa nkutoo na ɔma daa nkwa.—Luka 12:4, 5.

10 W’ankasa nso ɛ? Sɛ afoforo di wo ho fɛw anaa wɔkasa tia wo a, wobɛkɔ so ‘ne Onyankopɔn anantew’? Anaasɛ wo ho kyere wo wɔ sikasɛm mu a, wobɛkɔ so anya ahotoso sɛ Onyankopɔn betumi ama wo nsa aka nea wuhia? Sɛ wusuasua Noa gyidi ne osetie a ɔyɛe a, wubetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛhwɛ wo.—Filip. 4:6, 7.

DANIEL—ODII NOKWARE YƐƐ OSETIE WƆ KUROW BƆNE BI MU

11. Ɔhaw akɛse bɛn na Daniel ne ne nnamfo mmiɛnsa no hyiae wɔ Babilon? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

11 Ɔhaw ahorow a Daniel hyiae. Ná Daniel yɛ akoa wɔ Babilon. Babilon yɛ kurow a na ahonisom ne ahonhonsɛmdi ahyɛ mu mã. Afei nso, na Babilonfo mmu Yudafo, na na wodi wɔne wɔn Nyankopɔn Yehowa ho fɛw. (Dw. 137:1, 3) Ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm yi yɛɛ Yudafo anokwafo te sɛ Daniel yaw paa! Bio nso, na obiara ani wɔ Daniel ne ne nnamfo mmiɛnsa, Hanania, Misael, ne Asaria so paa. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na wɔrebɛtete wɔn ma wɔayɛ adwuma ama Babilon hene. Wɔhyɛɛ da kyerɛɛ aduan a ɛsɛ sɛ wodi mpo. Nokwasɛm ne sɛ, ankyɛ koraa na aduan a Daniel bedi ne nsã a ɔbɛnom mpo ho baa asɛm, efisɛ na ɔmpɛ sɛ ɔde ‘ɔhene nnuan ne ne nsã a ɔnom no gu ne ho fĩ.’—Dan. 1:5-8, 14-17.

12. (a) Suban pa bɛn na Daniel daa no adi? (b) Yehowa buu Daniel sɛn?

12 Ade foforo wɔ hɔ a na ebetumi ayɛ ɔhaw ama Daniel, nanso na ɛte sɛ nea ɛnyɛ ɔhaw biara. Ná ɔwɔ nimdeɛ soronko, na ɛno ma onyaa hokwan titiriw bi. (Dan. 1:19, 20) Nanso sɛ́ anka ɔbɛyɛ ahantan na wanya adwene sɛ nea ɔbɛka na ɛsɛ sɛ afoforo tie no, ɔbrɛɛ ne ho ase, na nea ɔyɛe biara ɔde ho anuonyam maa Yehowa. (Dan. 2:30) Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa bɔɔ Daniel din kaa Noa ne Hiob ho sɛ wɔyɛ treneefo a ɛfata sɛ yesuasua wɔn. Saa bere no, na Daniel da so ara yɛ aberante. Ná Onyankopɔn wɔ Daniel mu ahotoso. Ɔmaa Onyankopɔn nsa sii fam anaa? Dabida! Daniel kɔɔ so dii nokware, na ɔyɛɛ osetie kosii ne wuda. Anokwa, bere a Daniel reyɛ adi mfe 100 no, Onyankopɔn bɔfo kaa asɛm bi a ɛhyɛ nkuran kyerɛɛ no. Ɔbɔfo no kaa sɛ: “Daniel, ɔbarima a wɔpɛ w’asɛm paa.”—Dan. 10:11.

13. Adɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ Yehowa maa Daniel nyaa dibea kɛse?

13 Onyankopɔn boaa Daniel ma onyaa dibea kɛse wɔ Babilonfo, Mediafo ne Persiafo nniso ase. (Dan. 1:21; 6:1, 2) Ɛbɛyɛ sɛ Yehowa na ɔmaa Daniel nyaa dibea kɛse sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi aboa ne nkurɔfo. Saa ara na Yehowa maa Yosef boaa ne nkurɔfo wɔ Egypt, na Ester ne Mordekai nso, ɔma wɔboaa wɔn nkurɔfo wɔ Persia. * (Dan. 2:48) Bere a Yudafo a wɔwɔ nkoasom mu ne Hesekiel hui sɛ Yehowa nam Daniel so reboa wɔn no, wo deɛ hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ wɔn koma tɔɔ wɔn yam!

Yehowa bu wɔn a wokura wɔn mũdi mu no sɛ wɔsom bo ma no (Hwɛ nkyekyɛm 14, 15)

14, 15. (a) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ yɛn tebea te sɛ Daniel deɛ? (b) Dɛn na awofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asua afi Daniel awofo hɔ?

14 Sɛnea yebesuasua Daniel gyidi ne osetie a ɔyɛe. Ɛnnɛ, yɛayɛ sɛ ahɔho wɔ wiase a yɛte mu yi mu. Babilon Kɛse no, wiase atoro som ahemman no, ‘abɛyɛ adaemone tenabea,’ na wama aguamammɔ ne atoro som ahyɛ wiase yi mu mã. (Adi. 18:2) Esiane sɛ yɛn nso yɛyɛ soronko nti, ama nkurɔfo di yɛn ho fɛw. (Mar. 13:13) Sɛnea Daniel yɛe no, momma yɛn nso yɛmmɛn Yehowa, yɛn Nyankopɔn. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase tie no, na yɛde yɛn ho to no so a, yɛn nso, obebu yɛn sɛ yɛsom bo.—Hag. 2:7.

15 Awofo betumi asuasua nhwɛso pa a Daniel awofo yɛe no. Wɔbɛyɛ dɛn ayɛ saa? Abɔnefosɛm a na ɛrekɔ so wɔ Yuda wɔ Daniel mmofraase nyinaa akyi no, Daniel nyinii no, na ɔdɔ Onyankopɔn. Nokwasɛm ne sɛ, wei amma kwa. Yetumi hu sɛ n’awofo tetee no yiye. (Mmeb. 22:6) Daniel din kyerɛ “Onyankopɔn Ne Me Temmufo”; wei mpo kyerɛ sɛ na n’awofo suro Onyankopɔn. Enti awofo, ɛnsɛ sɛ mopa abaw wɔ mo mma ho, na mmom montɔ mo bo ase nkyerɛkyerɛ wɔn. (Efe. 6:4) Afei nso, mo ne wɔn mmɔ mpae, na mommɔ bi mma wɔn. Sɛ mobɔ mmɔden de nokware a ɛwɔ Bible mu dua wɔn komam a, Yehowa behyira mo pii.—Dw. 37:5.

HIOB—SIKA MU OO, OHIA MU OO, ODII NOKWARE YƐƐ OSETIE

16, 17. Ɔhaw ahorow bɛn na Hiob faa mu wɔ n’asetena mu?

16 Ɔhaw ahorow a Hiob faa mu. Nsakrae akɛse baa Hiob asetena mu. Ansa na sɔhwɛ reba ne so no, ná ‘ɔsen Apuei Famfo nyinaa.’ (Hiob 1:3) Ná ɔyɛ ɔdefo, na na wagye din; afei nso, na nkurɔfo bu no paa. (Hiob 29:7-16) Nanso wei nyinaa akyi no, Hiob annya adwene sɛ ɔkyɛn afoforo, anaasɛ onhia Onyankopɔn. Nokwarem no, Yehowa frɛɛ no “m’akoa.” Yehowa de kaa ho sɛ Hiob yɛ “onipa a ne ho nni asɛm na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn na ɔtwe ne ho fi bɔne ho.”—Hiob 1:8.

17 Prɛko pɛ Hiob asetena sesae koraa. Obedii hia buruburoo, na n’abam bui. Yenim sɛ Satan, otwirifo no na odii atoro kaa sɛ pɛsɛmenkominya nti na Hiob som Onyankopɔn. (Kenkan Hiob 1:9, 10.) Sobo bɔne a Satan bɔɔ Hiob no, Yehowa ammu n’ani angu so. Mmom, ɔmaa Hiob kwan sɛ ɔnna ne ho adi sɛ ɔyɛ ɔnokwafo, na ɔnkyerɛ sɛ ɔde koma a emu tew na ɛsom Yehowa.

18. (a) Hiob mũdi mu a okurae no, dɛn na w’ani gye ho wɔ ho? (b) Sɛnea Yehowa ne Hiob dii no, dɛn na ɛma yehu fa Yehowa ho?

18 Satan de ɔhaw a emu yɛ yaw baa Hiob so mpɛn pii; ɔmaa Hiob adwene yɛɛ no sɛ gyama Onyankopɔn na wama ɔrehu amane. (Hiob 1:13-21) Afei, gyamserefo mmiɛnsa baa Hiob nkyɛn bɛkekaa nsɛm a ɛyɛ yaw kyerɛɛ no. Nea na wɔrepɛ akyerɛ ara ne sɛ, bɔne a Hiob ayɛ ho asotwe na Onyankopɔn de aba ne so no! (Hiob 2:11; 22:1, 5-10) Nanso, Hiob kuraa ne mũdi mu. Ɛwom sɛ ɛtɔ da a na Hiob kasa hatuhatu deɛ, nanso Yehowa tee Hiob ase sɛ ɔrefa ɛyaw mu. (Hiob 6:1-3) Onyankopɔn hui sɛ awerɛhow ne ɛyaw na ɛmaa Hiob kasaa basabasa. Nanso ɛmfa ho sɛ na ayɛ sɛ Satan de Hiob ahwe fam atwa no adapaa no, Onyankopɔn hui sɛ Hiob nnan n’akyi nkyerɛɛ no. Bere a sɔhwɛ no baa awiei no, nneɛma a na Hiob wɔ ansa na sɔhwɛ reba no so no, Yehowa ma onyaa no mmɔho mmienu; onyaa mfe 140 nso kaa ne nkwa nna ho. (Yak. 5:11) Saa bere no, Hiob kɔɔ so fii ne koma nyinaa mu som Yehowa. Yɛyɛ dɛn hu saa? Bere a Hesekiel kyerɛw kyerɛwsɛm a adesua yi gyina so no, na Hiob awu ma mfe pii atwam.

19, 20. (a) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Hiob gyidi ne osetie a ɔyɛe? (b) Yɛne afoforo redi a, yɛbɛyɛ dɛn anya Onyankopɔn ayamhyehye no bi ama wɔn?

19 Sɛnea yebesuasua Hiob gyidi ne osetie a ɔyɛe. Tebea biara a yɛwom no, momma yɛnhwɛ sɛ bere nyinaa yɛbɛma Yehowa ho ahia yɛn asen biribi foforo biara. Momma yennya Yehowa mu ahotoso koraa na yemfi yɛn koma nyinaa mu ntie no. Nokwasɛm ne sɛ, yɛwɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa sen Hiob! Wo deɛ, yɛnhwɛ: Yenim Satan ne n’akwan ho nsɛm pii. (2 Kor. 2:11) Hiob nhoma no aboa ama yɛahu nea enti a Onyankopɔn ma kwan ma amanehunu ba yɛn so. Daniel nkɔmhyɛ no ama yɛate ase sɛ Onyankopɔn Ahenni yɛ aban a ebedi wiase nyinaa so, na Yesu Kristo na ɔyɛ so hene. (Dan. 7:13, 14) Yenim nso sɛ Ahenni no de amanehunu nyinaa bɛba awiei koraa nnansa yi ara.

20 Hiob asɛm no ama yɛahu nso sɛ, sɛ yɛn nuanom Kristofo bi rehu amane a, ɛsɛ sɛ yenya ayamhyehye ma wɔn. Ɛtɔ da a, ebia wɔn mu bi mpo bɛkasa hatuhatu sɛnea Hiob yɛe no. (Ɔsɛnk. 7:7) Nanso sɛ́ anka yebenya wɔn ho adwemmɔne sɛ wɔayɛ biribi a enye no, momma yɛnte wɔn ase na yɛn yam nhyehye yɛn mma wɔn. Sɛ yɛyɛ saa a, na yɛresuasua yɛn Agya Yehowa a ɔwɔ ɔdɔ ne mmɔborɔhunu no.—Dw. 103:8.

YEHOWA ‘BƐMA WOAYƐ DEN’

21. Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ 1 Petro 5:10 no ma yɛkae nea Noa, Daniel, ne Hiob faa mu?

21 Ɛwom sɛ Noa, Daniel, ne Hiob antena ase bere koro mu, na na ɛsono wɔn mu biara asetena mu nsɛm koraa deɛ, nanso bere a wohyiaa ɔhaw ahorow no, wokuraa wɔn mũdi mu. Wɔn asetena mu nsɛm no ma yɛkae asɛm a ɔsomafo Petro kyerɛwee no. Ɔkaa sɛ: ‘Sɛ muhu amane kakra a, adom nyinaa Nyankopɔn no bɛma mo ase atim, ɔbɛma moayɛ den.’—1 Pet. 5:10.

22. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

22 Yehowa nam Petro asɛm a Yehowa honhom ma ɔkyerɛwee no so ama yɛn awerɛhyem sɛ ɔbɛma n’asomfo ase atim na wɔayɛ den. Saa asɛm yi fa Onyankopɔn asomfo a yɛwɔ hɔ nnɛ nso ho. Yɛn nyinaa pɛ sɛ Yehowa hyɛ yɛn den na yɛn ase tim wɔ ne som mu. Enti yɛpɛ sɛ yesuasua Noa, Daniel, ne Hiob gyidi ne osetie a wɔyɛe no! Sɛnea yebehu wɔ adesua a edi hɔ mu no, nea ɛmaa saa mmarima no tumi kuraa wɔn mũdi mu paa ne sɛ, na wonim Yehowa yiye. Nokwarem no, “biribiara” a na Yehowa pɛ sɛ wɔyɛ no, ‘wɔtee ase.’ (Mmeb. 28:5) Yɛn nso yebetumi ayɛ saa ara.

^ nky. 2 Wɔde Hesekiel kɔɔ nkoasom mu afe 617 A.Y.B. Bere a wɔde no kɔɔ nkoasom mu akyi “afe a ɛto so asia” ɛnna ɔkyerɛw Hesekiel 8:1–19:14. Ná ɛyɛ afe 612 A.Y.B.

^ nky. 5 Bere a aka mfe nnum ama Nsuyiri no aba no, ɛnna Noa papa Lamek a osuro Onyankopɔn no wui. Sɛ na Noa maame ne ne nuanom te ase bere a Nsuyiri no fii ase a, ɛnde ɛde wɔn nyinaa kɔe.

^ nky. 13 Ɛbɛyɛ sɛ Yehowa na ɔmaa Daniel nnamfo mmiɛnsa no nso nyaa dibea ahorow sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛboa wɔn nkurɔfo.—Dan. 2:49.