Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 9

Ma Yehowa Nkyekye Wo Werɛ

Ma Yehowa Nkyekye Wo Werɛ

“Sɛ me mu dadwen yɛ bebree a, w’awerɛkyekye na ɛma me kra ani gye.”—DW. 94:19.

DWOM 44 Mmɔborɔni Mpaebɔ

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na ebetumi ama adwinnwen ahyɛ yɛn so, na adwene bɛn na ebetumi ama yɛanya?

ADWINNWEN ahyɛ wo so pɛn? * Ebia obi kaa asɛm bi anaa ɔyɛɛ biribi ma ɛyɛɛ wo yaw, enti ɛmaa adwinnwen hyɛɛ wo so. Anaa ebia woaka asɛm bi anaa woayɛ biribi ama agya wo adwinnwen. Ebia woadi mfomso bi na wusuro sɛ Yehowa remfa nkyɛ wo da. Nea ɛsɛe asɛm no koraa ne sɛ, ebia wususuw sɛ adwinnwen ahyɛ wo so nti, wunni gyidi na woyɛ nipa bɔne. Nanso, saa na asɛm no te anaa?

2. Nnipa bɛn na wɔn ho asɛm wɔ Bible mu a ɛma yehu sɛ, sɛ adwinnwen hyɛ yɛn so a, ɛnkyerɛ sɛ yenni gyidi?

2 Momma yɛnhwɛ nnipa bi a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu. Odiyifo Samuel maame Hanah yɛ obi a na ɔwɔ gyidi paa. Nanso, bere a na ne kora reteetee no no, ɛmaa adwinnwen hyɛɛ ne so. (1 Sam. 1:7) Ná ɔsomafo Paul wɔ gyidi kɛse, nanso “asafo no nyinaa ho adwennwen” hyɛɛ ne so. (2 Kor. 11:28) Ɔhene Dawid nso, na ne gyidi yɛ den paa, enti na ɔda Yehowa koma so. (Aso. 13:22) Nanso Dawid dii mfomso pii ma egyaw no adwinnwen paa. (Dw. 38:4) Yehowa kyekyee wɔn mu biara werɛ na ɔma wonyaa ahotɔ. Momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi saa nnipa yi hɔ.

NEA YEBETUMI ASUA AFI ƆNOKWAFO HANAH HƆ

3. Sɛ obi ka asɛm a ɛyɛ yaw kyerɛ yɛn a, adɛn nti na ebetumi agyaw yɛn adwinnwen?

3 Sɛ obi ka asɛm a ɛyɛ yaw kyerɛ yɛn anaa ɔne yɛn anni no yiye a, ebetumi agyaw yɛn adwinnwen. Ɛnkanka, bere a onipa a ɔyɛɛ ade ma ɛyɛɛ yɛn yaw no yɛ yɛn adamfo paa anaa yɛn busuani no. Ebia yɛn adwene bɛyɛ yɛn sɛ yɛne onii no ntam asɛe. Ɛtɔ da a, ebia onii no bɛkasa a onnwen ho, na ebetumi ama yɛate nka sɛ wɔde nkrante awɔ yɛn! (Mmeb. 12:18) Anaasɛ ebia obi bɛhyɛ da aka asɛm bi ama ayɛ yɛn yaw. Biribi a ɛte saa too onuawa kumaa bi. Ɔka sɛ: “Mfe kakra a atwam no, obi a na misusuw sɛ ɔyɛ m’adamfo paa kekaa me ho nsɛmmɔne wɔ sohyial media so. Ɛyɛɛ me yaw na midwen ho saa. Ná minhu nea enti a oyii me mae saa.” Sɛ w’adamfo paa anaa wo busuani bi ayɛ ade ama ayɛ wo yaw a, wubetumi asua biribi afi Hanah hɔ.

4. Nsɛnnennen bɛn na Hanah hyiae?

4 Hanah hyiaa nsɛnnennen bi. Ɔwaree no, mfe pii na ontumi nwo. (1 Sam. 1:2) Israelfo amammerɛ mu no, ɔbea a ontumi nwo no, na wogye di sɛ wɔadome no. Wei maa Hanah tee nka sɛ n’anim agu ase. (Gen. 30:1, 2) Nea ɛmaa asɛm no yɛɛ den maa Hanah koraa ne sɛ, na ne kunu wɔ yere foforo a ne din de Penina; ɔno de na ɔne ne kunu awo mma. Ná Penina ani bere Hanah, na ‘oyii no ahii sɛ ɔde behuru ne bo.’ (1 Sam. 1:6) Mfiase no, na Hanah di asɛm no ho awerɛhow paa. Asɛm no haw no ara ma ‘na osũ, na na onnidi.’ Ɛmaa ne ‘werɛ howee’ paa. (1 Sam. 1:7, 10) Ɛyɛɛ dɛn na Hanah nyaa awerɛkyekye?

5. Sɛn na mpaebɔ boaa Hanah?

5 Hanah bɔɔ mpae kaa ne komam asɛm kyerɛɛ Yehowa. Bere a ɔbɔɔ mpae wiei no, ɔkaa nea ɛhaw no no ho asɛm kyerɛɛ Ɔsɔfo Panyin Eli. Eli ka kyerɛɛ Hanah sɛ: “Fa asomdwoe kɔ, na Israel Nyankopɔn mma wo w’abisade.” Ekosii sɛn? Hanah ‘siim kɔe kodidii, na n’anim ammotow bio.’ (1 Sam. 1:17, 18) Mpae a Hanah bɔe no boaa no ma ɔsan nyaa asomdwoe.

Sɛ biribi gyaw yɛn adwinnwen a, yɛbɛyɛ dɛn asan anya asomdwoe te sɛ Hanah a ɔtenaa ase tete no? (Hwɛ nkyekyɛm 6-10)

6. Mpaebɔ ho ade bɛn na yebetumi asua afi Hanah asɛm no ne Filipifo 4:6, 7 mu?

6 Sɛ yɛannyae mpaebɔ da a, yebetumi asan anya asomdwoe. Hanah ne n’Agya a ɔwɔ soro no kasae bere tenteenten. (1 Sam. 1:12) Yɛn nso yebetumi ne Yehowa akasa bere tenten na yɛaka nea agyaw yɛn adwinnwen, nea ɛma yɛbɔ hu, ne yɛn mmerɛwyɛ ho asɛm akyerɛ no. Sɛ yɛrebɔ mpae a, enhia sɛ yɛhyɛ da nwene yɛn nsɛm anaa yɛka no frenkyemm. Ɛtɔ da a, ebia bere a yɛreka yɛn haw akyerɛ Yehowa no, wobɛhwɛ na yɛresu mpo. Nanso, Yehowa de, otie yɛn a, ɔmmrɛ. Yɛn haw ho mpae a yɛbɛbɔ akyi no, ɛsɛ sɛ yɛkae afotu a ɛwɔ Filipifo 4:6, 7 no nso. (Kenkan.) Paul hyɛɛ da kaa sɛ yɛrebɔ mpae a, ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase. Yehowa ayɛ nneɛma pii ama yɛn a enti ɛsɛ sɛ yɛda no ase. Ebi ne sɛ wama yɛn nkwa, wabɔ nneɛma, wada adɔe adi akyerɛ yɛn, na wama yɛanya anidaso papa bi. Yebetumi ada no ase wɔ weinom nyinaa ho. Dɛn bio na yebetumi asua afi Hanah hɔ?

7. Dɛn na na Hanah ne ne kunu taa yɛ?

7 Ɔhaw a na Hanah rehyia nyinaa akyi no, na ɔtaa ne ne kunu kɔ Silo kɔsom Yehowa. (1 Sam. 1:1-5) Ɛyɛ bere a na Hanah resom wɔ ntamadan no mu na Ɔsɔfo Panyin Eli hyɛɛ no nkuran. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔwɔ anidaso sɛ Yehowa betie ne mpaebɔ na wayɛ n’abisade ama no.—1 Sam. 1:9, 17.

8. Sɛn na Kristofo nhyiam boa yɛn? Kyerɛkyerɛ mu.

8 Sɛ yɛannyae Kristofo nhyiam kɔ a, yebetumi asan anya asomdwoe. Sɛ yɛrebefi yɛn nhyiam no ase a, ɛyɛ a onua baako bɔ mpae srɛ sɛ Onyankopɔn honhom nka yɛn ho. Asomdwoe yɛ honhom no aba no fã. (Gal. 5:22) Sɛ adwinnwen hyɛ yɛn so mpo na yɛkɔ asafo nhyiam a, yɛma Yehowa ne yɛn nuanom nya hokwan hyɛ yɛn nkuran na wɔboa yɛn ma yɛsan nya asomdwoe ne akomatɔyam. Mpaebɔ ne asafo nhyiam yɛ akwan titiriw a Yehowa fa so kyekye yɛn werɛ. (Heb. 10:24, 25) Momma yɛnhwɛ ade foforo a yebetumi asua afi Hanah asɛm no mu.

9. Tebea a Hanah kɔɔ mu no sesae anaa? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Dɛn na ɛboaa no?

9 Nea na agyaw Hanah adwinnwen no amfi hɔ prɛko pɛ. Bere a Hanah kɔsomee wɔ ntamadan no mu a ɔsan kɔɔ fie no, ɔsan ne Penina kɔtenaa ofie koro no ara mu. Bible nka sɛ Penina sesaa ne suban. Enti yebetumi aka sɛ nsɛm a ɛyɛ yaw a na Penina ka kyerɛ Hanah no, na ɛsɛ sɛ ɔtena ho saa. Nanso Hanah san nyaa asomdwoe; wamma asɛm no anhaw no bio. Kae sɛ bere a Hanah gyaw asɛm no maa Yehowa no, wamma adwinnwen anhyɛ ne so bio. Ɔmaa Yehowa kyekyee ne werɛ maa ne koma tɔɔ ne yam. Bere bi akyi no, Yehowa hyiraa Hanah ma ɔwoo mma!—1 Sam. 1:19, 20; 2:21.

10. Dɛn na yesua fi Hanah asɛm no mu?

10 Nea ɛma adwinnwen hyɛ yɛn so no nkɔe mpo a, yebetumi asan anya asomdwoe. Ɛwom, yefi yɛn komam bɔ mpae na yɛkɔ asafo nhyiam daa, nanso ebia yɛn haw nyinaa remfi yɛn so. Nanso, Hanah asɛm no ma yehu sɛ Yehowa betumi akyekye yɛn werɛ; biribiara rentumi nsiw no kwan. Yehowa werɛ remfi yɛn da, na sɛ yedi no nokware a, ɛyɛ dɛn ara obehyira yɛn.—Heb. 11:6.

NEA YEBETUMI ASUA AFI ƆSOMAFO PAUL HƆ

11. Dɛn na ɛmaa adwinnwen hyɛɛ Paul so?

11 Nneɛma pii na ɛmaa adwinnwen hyɛɛ Paul so. Emu baako ne sɛ, na ɔdɔ ne nuanom, enti ɔhaw a na wɔrehyia no gyaw no adwinnwen. (2 Kor. 2:4; 11:28) Bere a ɔsomafo Paul reyɛ n’asɛnka adwuma no, atamfo boroo no na wɔde no too afiase. Ɔfaa ahokyere pii mu nso; ɛtɔ da a na ‘odi hia,’ na ɛmaa adwinnwen hyɛɛ ne so. (Filip. 4:12) Afei nso, anyɛ yiye koraa no na watena po so hyɛn mu ama agu asu anaa amem mprɛnsa, enti sɛ ɔde po so hyɛn retu kwan a, na ebetumi agyaw no adwinnwen. (2 Kor. 11:23-27) Bere a adwinnwen hyɛɛ Paul so no, dɛn na ɛboaa no?

12. Dɛn na ɛmaa Paul adwinnwen so tewee?

12 Sɛ Paul nuanom Kristofo hyia ɔhaw a, na ɛteetee no, nanso wanyɛ n’adwene sɛ ɔno nko ara bedi wɔn haw nyinaa ho dwuma. Ná Paul nim sɛ ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ. Enti ɔyɛɛ nhyehyɛe ma afoforo boaa no ma ɔhwɛɛ asafo no so. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɔde asɛyɛde hyehyɛɛ mmarima a ɔwɔ wɔn mu ahotoso te sɛ Timoteo ne Tito nsa. Adwuma a saa anuanom no yɛe no boaa Paul maa n’adwinnwen so tewee.—Filip. 2:19, 20; Tito 1:1, 4, 5.

Sɛnea yehui wɔ ɔsomafo Paul asɛm no mu no, dɛn na yebetumi ayɛ na adwinnwen anhyɛ yɛn so? (Hwɛ nkyekyɛm 13-15)

13. Dɛn na asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de asuasua Paul?

13 Ka kyerɛ afoforo ma wɔmmoa wo. Ɛnnɛ, asafo mu mpanyimfo pii wɔ tema te sɛ Paul, enti sɛ asafo no mufo rehyia ɔhaw a, ɛyɛ a ɛhaw wɔn paa. Nanso ɛnyɛ biribiara na asafo mu panyin betumi ayɛ. Sɛ ogye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ a, ɔbɛma mmarima afoforo a wɔfata aboa no. Afei nso, ɔbɛtete mmerante ama wɔaboa no ama wɔahwɛ Onyankopɔn nguankuw no.—2 Tim. 2:2.

14. Dɛn na Paul amma anhaw no, na dɛn na yebetumi asua afi nea ɔyɛe no mu?

14 Gye tom sɛ wuhia awerɛkyekye. Ná Paul brɛ ne ho ase, enti na onim sɛ ohia nkuranhyɛ na ɔmaa ne nnamfo hyɛɛ no nkuran. Esiane sɛ Paul maa ne nnamfo kyekyee ne werɛ nti, na afoforo betumi anya adwene sɛ ɔyɛ mmerɛw, nanso wamma anhaw no. Bere a Paul rekyerɛw Filemon no, ɔkaa sɛ: “Wo dɔ nti, minyaa anigye ne awerɛkyekye bebree.” (Filem. 7) Paul bobɔɔ ne nuanom Kristofo a ɔne wɔn yɛɛ ɔsom adwuma no bi din; bere a ɔkɔɔ ahohia mu no, wɔhyɛɛ no nkuran paa. (Kol. 4:7-11) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye tom sɛ yehia nkuranhyɛ a, yɛn nuanom beyi wɔn yam de mmoa biara a yehia ama yɛn.

15. Bere a Paul refa ateetee mu no, ɛyɛɛ dɛn na onyaa ahotɔ?

15 Sua Onyankopɔn Asɛm. Ná Paul nim sɛ obenya awerɛkyekye afi Kyerɛwnsɛm no mu. (Rom. 15:4) Afei nso, na ɛbɛma wanya nyansa a ɔde begyina sɔhwɛ biara ano. (2 Tim. 3:15, 16) Bere a wɔde Paul too afiase ne mprenu so no, ɔtee nka sɛ na ne wu abɛn. Dɛn na Paul yɛe wɔ ateetee a ɔfaa mu no ho? Ɔka kyerɛɛ Timoteo sɛ ɔmmra ne nkyɛn ntɛm na ɔmfa “nhoma mmobɔwee no” mmrɛ no. (2 Tim. 4:6, 7, 9, 13) Adɛn nti na ɔkaa saa? Efisɛ ɛbɛyɛ sɛ na saa nhoma mmobɔwee no yɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no afã bi, enti na Paul betumi asua. Sɛ yesuasua Paul na yesua Onyankopɔn Asɛm no daa a, Yehowa nam Bible no so bɛkyekye yɛn werɛ ɛmfa ho ɔhaw biara a yebehyia.

NEA YEBETUMI ASUA AFI ƆHENE DAWID HƆ

Sɛnea Ɔhene Dawid yɛe no, sɛ yɛyɛ bɔne a emu yɛ duru a, dɛn na ebetumi aboa yɛn? (Hwɛ nkyekyɛm 16-19)

16. Adwinnwen bɛn na Dawid kɔfa bɛtoo ne ho so?

16 Dawid dii mfomso bi maa n’ahonim haw no. Ɔne Bat-Seba sɛee aware, ɔyɛɛ nhyehyɛe ma wokum ne kunu, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkata bɔne a wayɛ no so. (2 Sam. 12:9) Mfiase no, Dawid buu n’ani guu n’ahonim so. Ɛno nti, ɛsɛee ɔne Yehowa ntam, ɛma ɔteetee, na ɔyaree mpo. (Dw. 32:3, 4) Bɔne a Dawid yɛe no gyaw no adwinnwen. Dɛn na ɛboaa no, na sɛ yɛn nso yɛyɛ bɔne a emu yɛ duru a, dɛn na ebetumi aboa yɛn?

17. Sɛ yɛhwɛ Dwom 51:1-4 a, dɛn na ɛma yehu sɛ Dawid nuu ne ho ankasa wɔ bɔne a ɔyɛe no ho?

17 Bɔ mpae srɛ bɔne fafiri. Ewiee ase no, Dawid bɔɔ Yehowa mpae. Onuu ne ho ankasa, na ɔkaa ne bɔne kyerɛɛ Yehowa. (Kenkan Dwom 51:1-4.) Wei ma ne ho tɔɔ no na ɔsan nyaa anigye! (Dw. 32:1, 2, 4, 5) Sɛ woyɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛnsɛ sɛ wode sie. Mmom, bɔ Yehowa mpae na ka bɔne a wayɛ no kyerɛ no; mfa biribiara nsie no. Woyɛ saa a, wo ho bɛtɔ wo na w’ahonim remmu wo fɔ bio. Nanso, sɛ wopɛ sɛ wo ne Yehowa ntam san yɛ kama a, ɛnyɛ mpae nko na ɛsɛ sɛ wobɔ.

18. Bere a wɔteɛɛ Dawid so no, dɛn na ɔyɛe?

18 Gye nteɛso tom. Bere a Yehowa somaa odiyifo Natan sɛ ɔmma Dawid nhu bɔne a wayɛ no, Dawid amfa nsɛm anyiyi ne ho ano na wanka nso sɛ nea wayɛ no nyɛ bɔne kɛse biara. Ntɛm ara na ogye toom sɛ wayɛ bɔne atia Bat-Seba kunu, na nea ɛsen saa no, wayɛ bɔne atia Yehowa. Dawid gyee nteɛso a Yehowa de maa no no toom, na Yehowa de ne bɔne kyɛɛ no. (2 Sam. 12:10-14) Sɛ yɛayɛ bɔne a emu yɛ duru a, ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ wɔn a Yehowa apaw wɔn sɛ wɔnhwɛ yɛn so no. (Yak. 5:14, 15) Ɛnsɛ sɛ yɛde nsɛm yiyi yɛn ho ano. Nteɛso a wɔde ma yɛn no, sɛ yegye tom ntɛm na yɛde yɛ adwuma a, yɛbɛsan anya asomdwoe ne anigye.

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

19 Si wo bo sɛ worenyɛ bɔne koro no ara bio. Ná Ɔhene Dawid nim sɛ ohia Yehowa mmoa na wansan ankɔyɛ bɔne koro no ara bio. (Dw. 51:7, 10, 12) Bere a Yehowa de Dawid bɔne kyɛɛ no no, Dawid sii ne bo sɛ ɔrennwinnwen nneɛma bɔne ho bio. Wei ma ɔsan nyaa asomdwoe.

20. Sɛ yɛyɛ bɔne na Yehowa de kyɛ yɛn a, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ ho anisɔ?

20 Sɛ yɛbɔ mpae srɛ bɔne fafiri, yegye nteɛso tom, na yɛyere yɛn ho sɛ yɛrensan nyɛ bɔne koro no ara bio a, yɛma Yehowa hu sɛ yɛn ani sɔ sɛ ɔde yɛn bɔne afiri yɛn. Sɛ yɛyɛ saa nneɛma yi a, yɛbɛsan anya asomdwoe. James yɛɛ bɔne bi a emu yɛ duru, na ohui sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Ɔka sɛ: “Bere a mekaa me bɔne kyerɛɛ mpanyimfo no, metee nka sɛ wɔayi adesoa kɛse bi afi me so. Mesan nyaa asomdwoe bio.” Yenim sɛ “Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu” na “ogye wɔn a wɔn honhom abotow.” Saa asɛm yi hyɛ yɛn nkuran paa!—Dw. 34:18.

21. Dɛn na yebetumi ayɛ ama Yehowa akyekye yɛn werɛ?

21 Bere a nna a edi akyiri yi rebɛn n’awiei no, nneɛma a egyaw yɛn adwinnwen bɛdɔɔso. Sɛ adwinnwen hyɛ wo so a, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛhwehwɛ Yehowa mmoa. Yere wo ho sua Bible. Sua biribi fi Hanah, Paul, ne Dawid hɔ. Srɛ w’Agya a ɔwɔ soro no sɛ ɔmmoa wo mma wunhu nea agyaw wo adwinnwen no. (Dw. 139:23) Fa w’adesoa to no so, ɛnkanka, nea worentumi nyɛ ho hwee no. Woyɛ saa a, wubetumi asuasua odwontofo no. Ɔtoo dwom maa Yehowa sɛ: “Sɛ me mu dadwen yɛ bebree a, w’awerɛkyekye na ɛma me kra ani gye.”—Dw. 94:19.

DWOM 4 “Yehowa Ne Me Hwɛfo”

^ nky. 5 Sɛ yehyia ɔhaw a, ɛtɔ da a adwinnwen tumi hyɛ yɛn so. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ Yehowa asomfo mmiɛnsa bi a Bible ka wɔn ho asɛm; ɛtɔ da a na adwinnwen hyɛ wɔn so. Afei nso, yebehu sɛnea Yehowa kyekyee wɔn mu biara werɛ na ɔma wonyaa ahotɔ.

^ nky. 1 ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Sɛ yɛka sɛ adwinnwen ahyɛ obi so a, nea ɛkyerɛ ne sɛ onii no abɔ hu anaa asɛm bi haw no. Sikasɛm, yare, abusua mu nsɛmnsɛm, anaa ɔhaw foforo bi betumi akɔfa adwinnwen abɛto obi so. Ebi nso a, bɔne a yɛyɛe bere bi a atwam anaa nsɛnnennen bi a ɛyɛ yɛn sɛ ɛbɛto yɛn daakye betumi akɔfa adwinnwen aba.