Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 6

‘Ɔbea Ti Ne Ɔbarima’

‘Ɔbea Ti Ne Ɔbarima’

Ɔbea ti ne ɔbarima.’​—1 KOR. 11:3.

DWOM 13 Kristo Yɛ Yɛn Nhwɛsofo

NEA YƐREBESUA *

1. Sɛ Kristoni bea pɛ sɛ ɔware a, nsɛm bɛn saa na ɛsɛ sɛ obisa ne ho?

KRISTOFO nyinaa ti ne Yesu Kristo. Ɔno de, bɔne biara nni ne ho. Nanso sɛ Kristoni bea ware a, na wabɛhyɛ ɔbarima a bɔne wɔ ne ho ase, na ɛtɔ da a, ɛnyɛ mmerɛw mma ɔbea no. Sɛ Kristoni bea pɛ sɛ ɔware a, ɛsɛ sɛ obisa ne ho sɛ: ‘Dɛn na ɛwɔ onua yi ho a ɛkyerɛ sɛ ɔbɛyɛ abusua ti papa? Ɔyɛ obi a Onyankopɔn som hia no sen biribiara? Sɛ ɔnte saa a, ɛnde dɛn na ɛkyerɛ sɛ, sɛ yɛware a, obetumi aboa abusua no ama yɛasom Yehowa yiye?’ Afei nso, ɛsɛ sɛ Kristoni bea bisa ne ho sɛ: ‘Suban pa bɛn na metumi de aboa aware no? Mewɔ abotare? Me yam ye? Me ne Yehowa ntam te sɛn?’ (Ɔsɛnk. 4:9, 12) Sɛ ɔbea sisi gyinae pa ansa na waware a, ebetumi aboa ama n’ani agye wɔ n’aware mu.

2. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

2 Yɛn nuanom Kristofo mmea mpempem pii brɛ wɔn ho ase ma wɔn kununom, na yebetumi asuasua wɔn nhwɛso pa no. Wɔsɛ nkamfo! Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛne mmea anokwafo yi abom resom Yehowa! Adesua yi mu no, yebenya nsɛmmisa mmiɛnsa yi ho mmuae: (1) Ɔhaw a mmea fa mu wɔ aware mu no, ebi ne sɛn? (2) Adɛn nti na ɛnhaw ɔbea sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama ne kunu? (3) Yesu, Abigail, ne Yesu maame Maria a ɔyɛ Yosef yere no brɛɛ wɔn ho ase. Dɛn na Kristofo mmarima ne mmea awarefo betumi asua afi mu?

ƆHAW BƐN SAA NA KRISTOFO MMEA AWAREFO FA MU?

3. Aware biara ɔhaw wom. Adɛn ntia?

3 Aware de, ɛyɛ akyɛde a edi mu a efi Onyankopɔn hɔ, nanso yɛn nnipa na bɔne wɔ yɛn ho. (1 Yoh. 1:8) Ɛno nti na Onyankopɔn Asɛm kaa sɛ awarefo bɛfa ɔhaw mu no. Bible kaa no sɛ wɔn ho “behiahia wɔn ɔhonam mu.” (1 Kor. 7:28) Ma yɛnhwɛ ɔhaw a Kristofo mmea awarefo fa mu no bi.

4. Adɛn nti na mmea betumi ate nka sɛ ɛyɛ animtiaabu sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ama wɔn kununom?

4 Ɔbea bi wɔ hɔ a, sɛnea wɔtetee no nti, ebia ɛbɛyɛ no sɛ ɛyɛ animtiaabu sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama ne kunu. Kristoni bea bi a ne din de Marisol a ɔte United States kaa sɛ: “Baabi a wɔtetee me no, da biara na wɔka kyerɛ mmea sɛ mmea ne mmarima yɛ pɛ, enti ɛnsɛ sɛ wɔtenatena hɔ ma mmarima fa wɔn so. Minim paa sɛ Yehowa de tumi ama mmarima sɛ wɔnyɛ abusua ti, na waka akyerɛ mmea sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase mma wɔn kununom. Minim nso sɛ gyinabea a ɔde ama mmea wɔ aware mu no, nidi wom. Nanso ɛyɛ den ma me sɛ mɛbrɛ me ho ase ama me kunu.”

5. Adwene a ennyina Bible so a ebinom wɔ wɔ mmea ho no, ebi ne sɛn?

5 Mmea bi nso wɔ hɔ a, wɔn kununom wɔ adwene sɛ mmarima ho hia sen mmea. Onuawa bi a ɔde Ivon a ɔte South America kaa sɛ: “Baabi a mete no, mmarima didi wie ansa na mmea adidi. Mmaayewa na wɔnoa aduan siesie fie. Obi yɛ abarimaa de a, ne maame ne ne nua mmea som no, na wɔde hyɛ ne tirim sɛ ɔyɛ ‘ɔhene’ wɔ fie hɔ.” Onuawa bi nso a ɔde Yingling a ɔte Asia kaa sɛ: “Yɛn kasa mu no, wɔtaa ka asɛm bi a ɛkyerɛ sɛ ɔbea de, sɛ onnim nhoma anaa onni nimdeɛ a, ɛnyɛ hwee; ne de ara ne fie adwuma. Sɛ ne kunu ka biribi a, onni kwan sɛ ɔkyerɛ n’adwene.” Saa adwene a nkurɔfo wɔ yi nkyerɛ ɔdɔ, na ennyina Bible so. Enti sɛ ɔbarima nya saa adwene no a, ɛkyerɛ sɛ wanni Yesu anammɔn akyi, na ɛma ne yere brɛ. Obi a ɔte saa nso de, Yehowa ani nnye ne ho.—Efe. 5:28, 29; 1 Pet. 3:7.

6. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo mmea awarefo yɛ na ama wɔne Yehowa ntam akɔ so ayɛ papa?

6 Adesua a edi wei anim no, yehui sɛ Yehowa hwɛ kwan sɛ Kristoni barima bɛhwɛ ama ne yere ne ne mma asom Yehowa yiye na wahwɛ ama wɔn ani agye. Afei nso, Yehowa hwɛ kwan sɛ ɔbarima no bɛboa ne yere ne ne mma ama wɔanya nea wobedi ne nea wɔbɛhyɛ. (1 Tim. 5:8) Nanso ɛsɛ sɛ da biara da, Kristofo mmea awarefo gye bere kenkan Onyankopɔn Asɛm na wodwinnwen ho na wɔbɔ Yehowa mpae ka wɔn koma mu asɛm kyerɛ no. Wei betumi ayɛ den ama wɔn. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɛyɛ a na adwuma gu wɔn so, enti wobetumi ate nka sɛ wonni adagyew ne ahoɔden a wɔde bɛyɛ saa nneɛma no. Nanso ɛho hia paa sɛ wonya saa nneɛma no ho adagyew. Adɛn ntia? Efisɛ Yehowa pɛ sɛ yɛn mu biara ne no fa adamfo na bere nyinaa yɛhwɛ sɛ yɛne no ntam yɛ kama.—Aso. 17:27.

7. Dɛn na ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama ɔbea sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama ne kunu?

7 Nea ɛwom ne sɛ, sɛ ɔbea betumi abrɛ ne ho ase ama ne kunu a, ɛsɛ sɛ omia n’ani paa efisɛ ne kunu yɛ nipa; mfomso wɔ ne ho. Nanso sɛ ɔbea no hu nea enti a Bible ka sɛ mmea mmrɛ wɔn ho ase mma wɔn kununom na ogye tom a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama no sɛ obetie Yehowa na wabrɛ ne ho ase.

ADƐN NTI NA ƐNHAW KRISTONI BEA SƐ ƆBƐBRƐ NE HO ASE AMA NE KUNU?

8. Sɛnea Efesofo 5:22-24 kyerɛ no, adɛn nti na ɛnhaw Kristoni bea sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama ne kunu?

8 Ɛnhaw Kristoni bea sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama ne kunu, efisɛ ɛno na Yehowa hwehwɛ sɛ ɔyɛ. (Kenkan Efesofo 5:22-24.) Ogye n’Agya a ɔwɔ soro no di efisɛ onim sɛ n’Agya no dɔ no, na nea Onyankopɔn bɛka sɛ ɔnyɛ biara no, onim sɛ ɛbɛboa no.—Deut. 6:24; 1 Yoh. 5:3.

9. Sɛ Kristoni bea brɛ ne ho ase ma ne kunu a, mfaso bɛn na ɛde ba?

9 Yehowa akwankyerɛ a ɛne sɛ mmea mmrɛ wɔn ho ase mma wɔn kununom no, wiase no nhyɛ ho nkuran. Wɔma mmea te nka sɛ, sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase ma wɔn kununom a ɛyɛ animtiaabu. Nea ɛte ne sɛ, wɔn a wokura saa adwene no, wonnim yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no koraa. Kristofo mmea awarefo, kyerɛ sɛ, Yehowa mma mmea a wɔda ne koma so no, ɔrenka da sɛ wɔnyɛ biribi a ɛbɛma nidi abɔ wɔn. Sɛ Kristoni bea bɔ mmɔden tie Yehowa na ɔbrɛ ne ho ase ma ne kunu a, ɔboa ma asomdwoe tena ne fie. (Dw. 119:165) Ɛba saa a, ɛboa ne kunu, ɛboa ɔno ankasa, na ɛboa ne mma nso.

10. Dɛn na yebetumi asua afi nea Carol kae no mu?

10 Sɛ ɔbea brɛ ne ho ase ma ne kunu a, ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ Yehowa a ɔde tiyɛ nhyehyɛe no bae no, na obu no. Onuawa bi a ɔte South America a ɔde Carol kaa sɛ: “Minim sɛ mfomso wɔ me kunu ho, na minim nso sɛ, sɛ odi mfomso a, sɛnea mɛyɛ m’ade no na ɛbɛkyerɛ sɛ me ne Yehowa adamfofa ho hia me paa. Enti mebɔ me ho mmɔden sɛ daa mɛbrɛ me ho ase, efisɛ mepɛ sɛ m’Agya a ɔwɔ soro no ani gye.”

11. Dɛn na ɛboa onuawa bi a wɔfrɛ no Aneese ma ɔde bɔne kyɛ, na dɛn na yebetumi asua afi nea ɔkae no mu?

11 Sɛ ɔbea te nka sɛ ne kunu nnwen ne ho a, anhwɛ a ɛbɛyɛ den sɛ obebu ne kunu na wabrɛ ne ho ase ama no. Yɛnhwɛ nea Kristoni bea warefo bi a wɔfrɛ no Aneese yɛ bere a ɔte nka sɛ ne kunu nnwen ne ho no. Ɔkaa sɛ: “Mebɔ mmɔden sɛ meremfa ne ho abufuw. Ɛyɛ a mekae sɛ yɛn nyinaa, bɔne wɔ yɛn ho. Sɛnea Yehowa yi ne yam de bɔne kyɛ no, me nso mepɛ sɛ meyɛ saa. Sɛ migyae ma ɛka a, ɛma m’asom dwo me.” (Dw. 86:5) Sɛ ɔbea de ne kunu bɔne kyɛ no a, ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama ne kunu.

NNIPA A BIBLE KA WƆN HO ASƐM NO, DƐN NA YEBETUMI ASUA AFI WƆN HƆ?

12. Yɛhwɛ Bible mu a, nnipa bɛn saa na yebehu wɔn ho asɛm?

12 Sɛ obi brɛ ne ho ase a, ɛyɛ a ebinom te nka sɛ n’ani nyɛ den na onni akokoduru. Nanso ɛnte saa koraa. Yɛhwɛ Bible mu a, yebehu nnipa pii a na wɔbrɛ wɔn ho ase na wɔwɔ akokoduru nso. Yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi Yesu, Abigail, ne Maria hɔ.

13. (a) Adɛn nti na Yesu brɛ ne ho ase ma Yehowa? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu nhwɛso no ma yehu sɛ, sɛ obi brɛ ne ho ase a, ɛnkyerɛ sɛ n’adwenem mmuei?

13 Yesu brɛ ne ho ase ma Yehowa, nanso ɛnkyerɛ sɛ n’adwenem mmuei anaa onnim hwee. Sɛnea na Yesu nkyerɛkyerɛ da fam na emu da hɔ no ma yehu sɛ n’adwenem abue paa. (Yoh. 7:45, 46) Yehowa nim sɛ Yesu wɔ nimdeɛ paa. Ɛno nti na bere a ɔrebɔ ɔsoro ne asase no, ɔmaa Yesu ne no boom yɛɛ adwuma no. (Mmeb. 8:30; Heb. 1:2-4) Afei nso efi bere a wonyan Yesu kɔɔ soro no, Yehowa de ‘tumi nyinaa ama no wɔ ɔsoro ne asase so.’ (Mat. 28:18) Ɛwom, Yesu wɔ nimdeɛ, na n’adwenem abue, nanso ɔda so di Yehowa akwankyerɛ so. Adɛn nti na ɔyɛ saa? Efisɛ ɔdɔ n’Agya.—Yoh. 14:31.

14. (a) Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa bu mmea a, dɛn na Kristofo mmarima awarefo betumi asua afi mu? (b) Nsɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 31 no, dɛn na Kristofo mmarima awarefo betumi asua afi mu?

14 Nea Kristofo mmarima awarefo betumi asua. Yehowa nhyehyɛe a ɛne sɛ ɔbarima yɛ ne yere ti no, ɛnkyerɛ sɛ obu mmarima sɛ wɔn ho hia sen mmea. Yehowa ankasa ayɛ biribi a ɛma yehu saa. Ɛne sɛ, wɔn a Yehowa apaw wɔn sɛ wɔne Yesu nkodi hene wɔ soro no, mmea ne mmarima nyinaa ka ho. (Gal. 3:26-29) Yehowa gye ne Ba no di nti na ɔmaa no tumi no. Ɔbarima a ɔyɛ okunu pa nso, ɔbɛma ne yere kwan ama watumi ayɛ nneɛma bi. Onyankopɔn Asɛm ma yehu nneɛma bi a ɔyere pa tumi yɛ. Otumi hwɛ fie, otumi totɔ nsase tɔn, na otumi nso di gua. (Kenkan Mmebusɛm 31:15, 16, 18.) Ɔnyɛ afenaa a ontumi nkyerɛ n’adwene wɔ biribi ho. Mmom ne kunu gye no di, na ɔkyerɛ n’adwene a otie. (Kenkan Mmebusɛm 31:11, 26, 27.) Sɛ ɔbarima yɛ saa nneɛma yi de kyerɛ sɛ obu ne yere a, ɛbɛma ne yere de anigye abrɛ ne ho ase ama no.

Sɛnea Yesu brɛ ne ho ase ma Yehowa no, dɛn na ɔyere pa betumi asua afi mu? (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15. Dɛn na Kristofo mmea awarefo betumi asua afi Yesu hɔ?

15 Nea Kristofo mmea awarefo betumi asua. Nneɛma akɛse a Yesu ayɛ nyinaa akyi no, ommu no sɛ ɛyɛ animtiaabu sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama Yehowa. (1 Kor. 15:28; Filip. 2:5, 6) Enti ɔyere pa a osuasua Yesu no, ommu no sɛ ɛyɛ animtiaabu sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama ne kunu. Ɛnyɛ dɔ a ɔdɔ ne kunu nko ara nti na ɔboa no, na mmom ɔdɔ ne obu a ɔwɔ ma Yehowa ntia.

Bere a Abigail de aduan somae sɛ wɔmfa nkɔma Dawid ne ne mmarima no, Abigail kɔɔ Dawid nkyɛn. Ɔkotow Dawid srɛɛ no sɛ onntua n’atamfo ka, anyɛ saa a obedi mogya ho fɔ (Hwɛ nkyekyɛm 16)

16. Sɛnea 1 Samuel 25:3, 23-28 kyerɛ no, nsɛnnennen bɛn na Abigail hyiae? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

16 Abigail kunu din de Nabal. Ná Nabal yɛ pɛsɛmenkominya, na ɔyɛ ahantan, na na ɔyɛ bonniayɛ. Nanso Abigail anyɛ n’adwene sɛ ɔbɛfa kwatikwan bi so atetew ne ho afi n’aware no ho. Bere a Dawid ne ne mmarima no yɛe sɛ wɔrekokum Nabal no, anka Abigail betumi ayɛ dinn ama nea ebesi asi. Nanso ɔyɛɛ nea obetumi de bɔɔ Nabal ne wɔn fiefo nyinaa ho ban. Wo de, hwɛ sɛ Abigail abɛn mmarima 400 a wokurakura akode na ɔne Dawid rekasa wɔ nidi mu; na egye akokoduru paa. Ɔkae mpo sɛ, nea ne kunu ayɛ no, wɔmfa ɛho sobo mmɔ ɔno mmom. (Kenkan 1 Samuel 25:3, 23-28.) Dawid gye toom ntɛm ara sɛ Yehowa na ɔnam ɔbea kokodurufo yi so abetu no fo, anyɛ saa a anka obedi mfomso kɛse paa.

17. Dɛn na Kristofo mmarima awarefo betumi asua afi Dawid ne Abigail asɛm no mu?

17 Nea Kristofo mmarima awarefo betumi asua. Ná Abigail nim nyansa. Dawid nso hui sɛ afotu a Abigail de maa no no, nyansa wom, enti otiei. Ɛno nti wankɔyɛ biribi a anka ɛbɛma wadi mogya ho fɔ. Saa ara na sɛ okunu pa nso resi gyinae kɛse bi a, ɔtɔ ne bo ase susuw ne yere adwenkyerɛ ho. Ebia nea ne yere bɛka no bɛboa no na wansi gyinae bɔne.

18. Dɛn na Kristofo mmea awarefo betumi asua afi Abigail hɔ?

18 Nea Kristofo mmea awarefo betumi asua. Ɔbea warefo a ɔdɔ Yehowa na obu no no, sɛ ne kunu nsom Yehowa anaa ne kunu mfa Yehowa akwankyerɛ mmɔ ne bra mpo a, ɔbea no tumi boa abusua no paa. Ɔremmu n’ani ngu nea Bible ka so na onnyaa aware no. Mmom sɛ obu ne kunu na ɔbrɛ ne ho ase ma no a, ebetumi aka ne kunu no koma ama wasua Yehowa ho ade. (1 Pet. 3:1, 2) Nanso sɛ amma saa mpo a, n’ahobrɛase no kyerɛ sɛ ɔredi Yehowa nokware, na ɛno ma Yehowa ani gye.

19. Bere bɛn na ɛnsɛ sɛ Kristoni bea tie ne kunu?

19 Nanso Kristoni bea warefo a ɔbrɛ ne ho ase no, nneɛma bi wɔ hɔ a ɔrenyɛ. Ɛne sɛ, sɛ ne kunu ka sɛ ɔnyɛ biribi a etia Bible mmara ne emu nnyinasosɛm a, ɔrenyɛ. Wo de, fa no sɛ onuawa bi wɔ hɔ, ɛnna ne kunu a ɔnyɛ Ɔdansefo aka akyerɛ no sɛ onni atoro, onwia ade, anaa ɔnyɛ biribi a Yehowa ani nnye ho. Kristofo nyinaa a mmea awarefo nso ka ho no, Yehowa Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ yedi kan tie no. Enti Kristoni bea a waware no, sɛ ne kunu ka kyerɛ no sɛ ommu Bible akwankyerɛ bi so a, ɛnsɛ sɛ ɔpene. Ɛsɛ sɛ osi pi na nea enti a ɔrentumi nyɛ saa no, ɔde obu kyerɛkyerɛ mu.—Aso. 5:29.

Hwɛ nkyekyɛm 20 *

20. Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Maria ne Yehowa ntam yɛ kama paa?

20 Maria ne Yehowa ntam yɛ kama paa. Yebetumi aka sɛ na onim Kyerɛwnsɛm no mu yiye. Bere bi a na Maria ne Yohane Suboni maame Elisabet rebɔ nkɔmmɔ no, ɔfaa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm bɛboro 20 kae. (Luka 1:46-55) Wo de hwɛ asɛm bi: Ɛwom sɛ na Maria ne Yosef ayɛ aware nhyehyɛe de, nanso ɛnyɛ Yosef na Yehowa bɔfo no kɔɔ ne nkyɛn kan. Odii kan ne Maria ankasa kasae, na ɔde too n’anim sɛ ɔbɛwo Onyankopɔn Ba. (Luka 1:26-33) Ná Yehowa nim Maria yiye, enti na ogye di paa sɛ Maria bɛdɔ ne Ba no na wahwɛ no so yiye. Biribiara kyerɛ sɛ bere a Yesu wui a wonyan no kɔɔ soro ne ɛno akyi nyinaa, Maria ne Yehowa ntam kɔɔ so yɛɛ kama.—Aso. 1:14.

21. Nea Bible ka fa Maria ho no, dɛn na Kristofo mmarima awarefo betumi asua afi mu?

21 Nea Kristofo mmarima awarefo betumi asua. Okunu pa de, sɛ ne yere nim Kyerɛwnsɛm no mu yiye a, ɛma n’ani gye paa. Ɔmma ɛnhaw no sɛ ne yere nim Kyerɛwnsɛm no mu saa, na ɔnte nka sɛ ne yere pɛ sɛ ogye n’anuonyam. Onim sɛ, sɛ ne yere nim Bible mu yiye na ɔte Bible nnyinasosɛm ase a, ɛboa n’abusua paa. Nanso, sɛ ne yere nhomasua kɔ anim kyɛn no mpo a, ɔbarima no na ɛyɛ n’asɛde sɛ odi abusua no anim ma wɔyɛ abusua som ne nneɛma foforo a yɛyɛ wɔ yɛn som mu no.—Efe. 6:4.

Sɛnea na Yesu maame Maria sua ade dwinnwen ho no, dɛn na Kristofo mmea awarefo betumi asua afi mu? (Hwɛ nkyekyɛm 22) *

22. Dɛn na Kristofo mmea awarefo betumi asua afi Maria hɔ?

22 Nea Kristofo mmea awarefo betumi asua. Ɛwom, ɛsɛ sɛ Kristoni bea brɛ ne ho ase ma ne kunu, nanso ɛyɛ ɔbea no ara asɛde sɛ ɔne Onyankopɔn ntam yɛ papa. (Gal. 6:5) Wei nti, ɛsɛ sɛ ɔpɛ bere a ɔno ankasa de besua ade na wadwinnwen ho. Ɛno bɛboa no ama wakɔ so adɔ Yehowa na wabu no, na ɛbɛma ɔde anigye abrɛ ne ho ase ama ne kunu.

23. Sɛ Kristofo mmea awarefo brɛ wɔn ho ase a, sɛn na ɛboa wɔn ankasa, wɔn kununom ne wɔn mma, ne asafo no nyinaa?

23 Kristofo mmea awarefo a Yehowa ho dɔ nti wɔkɔ so brɛ wɔn ho ase ma wɔn kununom no, wɔn ani gye sen mmea awarefo a wɔmfa Yehowa tiyɛ nhyehyɛe no nyɛ hwee no. Afei nso, mmerante ne mmabaa betumi ahwɛ wɔn asua wɔn. Ɛnyɛ ɛno nko, saa mmea no boa ma asomdwoe ne anigye tena wɔn mmusua mu ne asafo no mu. (Tito 2:3-5) Ɛnnɛ, Yehowa asomfo anokwafo nyinaa, mmea na wɔdɔɔso paa. (Dw. 68:11) Sɛ yɛyɛ mmea oo, mmarima oo, yɛn nyinaa betumi aboa ama anigye aba asafo no mu. Adesua a edi hɔ no bɛma yɛn mu biara ahu nea yebetumi ayɛ ama saa anigye no aba.

DWOM 131 “Nea Onyankopɔn Aka Abom”

^ nky. 5 Yehowa nhyehyɛe mu no, ɔbea warefo hyɛ ne kunu ase. Ɛno kyerɛ sɛn? Bible ka Yesu ne mmea bi ahobrɛase ho asɛm, na Kristofo mmarima ne wɔn yerenom betumi asua nneɛma pii afi wɔn hɔ.

^ nky. 68 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Bere a Maria ne Yohane Suboni maame Elisabet rebɔ nkɔmmɔ no, Maria tumi kaa Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm a na onim no bi.

^ nky. 70 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Kristoni bea warefo nso, nea ɛbɛyɛ a ɔne Onyankopɔn ntam bɛyɛ papa no, ɔpɛ bere de sua Bible.