Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hwɛ Nea Serew Tumi Yɛ!

Hwɛ Nea Serew Tumi Yɛ!

DA BI, na mmaayewa mmienu nam Philippines kurow Baguio City abɔnten so. Baabi a na wɔnam no, ɛhɔ yɛ baabi a nnwuma nnwuma wɔ. Wohui sɛ baguam adansedi trɔk bi si hɔ, nanso wɔankɔ ho. Onuawa a na ogyina trɔk no ho no, na ne din de Helen. Bere a mmaayewa mmienu no ani tɔɔ Helen anim no, ɔserew kyerɛɛ wɔn. Mmaayewa no toaa so kɔɔ wɔn kwan, nanso sɛnea Helen serew kyerɛɛ wɔn no yɛɛ wɔn fɛ paa.

Akyiri yi, na mmaayewa no te bɔs mu rekɔ fie. Ɛnna wohuu Ahenni Asa bi a wɔakyerɛw jw.org agu ho kakraa. Wɔkaee sɛ, bere a wɔretwam wɔ trɔk no ho no, na wɔakyerɛw jw.org agu ho. Enti wɔn mmienu si fii bɔs no mu kɔɔ Ahenni Asa no ho. Ná wɔakyerɛw bere a asafo biara de kɔ adesua agu Ahenni Asa no pon ho, enti wɔhwɛe.

Asafo nhyiam a edi hɔ no, mmaayewa mmienu no kɔɔ bi. Bere a wowuraa Ahenni Asa no so no, wɔnkɔhwɛ a, Helen na ogyina hɔ yi! Ɛhɔ ara na wɔkaee sɛ ɔno na ɔserew kyerɛɛ wɔn no. Helen kaa sɛ: “Bere a wɔreba me nkyɛn no, me yam hyee me kakra. Ná ɛyɛ me sɛ mayɛ bɔne bi.” Nanso mmaayewa no kyerɛɛ mu kyerɛɛ Helen sɛ, bere a na wɔretwam wɔ trɔk no ho no, wohuu no wɔ hɔ.

Mmaayewa no ani gyee asafo nhyiam no ho, na anuanom maa wɔn ani kae. Bere a wɔpɔn asafo nhyiam no, mmaayewa no hui sɛ anuanom resiesie asa no so, na wɔn nso yɛɛ bi. Seesei mmaayewa no baako nte Philippines man no mu bio, nanso baako a aka no fii ase kɔɔ asafo nhyiam, na ofii ase suaa Bible. Hwɛ nea serew tumi yɛ!