Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 8

Sɛnea Yɛde Anigye Begyina Sɔhwɛ Mu

Sɛnea Yɛde Anigye Begyina Sɔhwɛ Mu

“Me nuanom, sɛ muhyia sɔhwɛ ahorow pii a, mummu no anigye koraa.”—YAK. 1:2.

DWOM 111 Nea Ɛma Yɛn Ani Gye

NEA YƐREBESUA *

1-2. Sɛnea Mateo 5:11 kyerɛ no, sɛ sɔhwɛ to yɛn a, ɛsɛ sɛ yebu no sɛn?

YESU hyɛɛ n’akyidifo bɔ sɛ, wɔn ani begye paa. Ɔsan bɔɔ wɔn a wɔdɔ no no kɔkɔ sɛ, sɔhwɛ bɛto wɔn. (Mat. 10:22, 23; Luka 6:20-23) Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛyɛ Kristo asuafo. Nanso, sɛ yɛn abusuafo ka sɛ wɔremma yɛnsom Yehowa a, yɛbɛte nka sɛn? Na sɛ aban tan yɛn ani, anaa yɛn adwumamfo ne wɔn a yɛne wɔn kɔ sukuu piapia yɛn sɛ yɛnyɛ biribi a enye a, yɛbɛte nka sɛn? Saa nneɛma yi betumi agyaw yɛn adwinnwen, na ntease wom nso.

2 Sɛ nkurɔfo tan yɛn ani a, yɛntaa mfa no sɛ ɛyɛ biribi a ɛma yɛn ani gye. Nanso, Onyankopɔn Asɛm ka sɛ, sɛ nkurɔfo tan yɛn ani a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye. Wo de hwɛ asɛm a osuani Yakobo kyerɛwee. Ɔkaa sɛ, sɛ sɔhwɛ to yɛn a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn abam bu. Mmom, ɛsɛ sɛ yebu no anigyesɛm. (Yak. 1:2, 12) Yesu kaa sɛ, sɛ nkurɔfo taa yɛn anaa wɔtan yɛn ani mpo a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye. (Kenkan Mateo 5:11.) Ɛnde, sɛ sɔhwɛ to yɛn a, ɛdɛn na yebetumi ayɛ na ansɛe yɛn anigye? Krataa a Yakobo kyerɛw kɔmaa tete Kristofo no, yesusuw emu nsɛm kakra ho a, ɛbɛboa yɛn paa ama yɛahu nea yebetumi ayɛ. Momma yenni kan nhwɛ sɔhwɛ a ɛtotoo saa Kristofo no.

SƆHWƐ BƐN NA ƐTOTOO TETE KRISTOFO NO?

3. Bere a Yakobo bɛyɛɛ Yesu suani no, ankyɛ koraa na biribi sii. Ɛyɛ dɛn?

3 Bere a Yesu nua Yakobo bɛyɛɛ Yesu suani no, ankyɛ na nkurɔfo fii ase tan Kristofo a ɛwɔ Yerusalem no ani. (Aso. 1:14; 5:17, 18) Afei wokum osuani Stefano, na ɛno maa Kristofo pii guan fii Yerusalem, na wɔbɔ “hwetee Yudea ne Samaria nsase nyinaa so.” Wɔkɔe ara koduu Kipro ne Antiokia nohoa. (Aso. 7:58–8:1; 11:19) Amane a asuafo no hui de, ɛnyɛ asɛm ketewa. Nanso baabiara a wɔkɔe no, wɔde anigye kaa asɛmpa no, na wɔtetew asafo ahorow wɔ Roma Ahemman no mu baabiara. (1 Pet. 1:1) Nanso afei koraa na na sɔhwɛ a ani sõsõ paa rebɛto tete Kristofo no.

4. Sɔhwɛ afoforo bɛn na ɛtotoo tete Kristofo no?

4 Sɔhwɛ ahorow ahorow pii totoo tete Kristofo no. Baako ne sɛ, bɛyɛ afe 50 Y.B. no, Roma Hempɔn Klaudio kae sɛ Yudafo nyinaa mfi Roma nkɔ. Enti Yudafo a na wɔabɛyɛ Kristofo no gyaw wɔn afie hɔ na wotu kɔɔ mmeae foforo. (Aso. 18:1-3) Bɛyɛ afe 61 Y.B. no, ɔsomafo Paul kyerɛwee sɛ na wɔbɔ ne nuanom Kristofo binom ahohora, anaa wogu wɔn anim ase wɔ baguam; na wɔde bi gu afiase, na ebinom nso, na wɔfom wɔn ahode. (Heb. 10:32-34) Afei nso, ehiaa Kristofo binom, na ebinom nso yareyaree sɛnea ɛto nnipa nyinaa no.—Rom. 15:26; Filip. 2:25-27.

5. Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae?

5 Yakobo kyerɛw ne krataa no ansa na afe 62 Y.B. reba. Bere a ɔkyerɛwee no, na onim sɔhwɛ a ato ne nuanom Kristofo. Yehowa maa Yakobo kyerɛw saa Kristofo no, na ɔmaa wɔn afotu pa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn amanehunu mu mpo wɔbɛkɔ so ara anya anigye. Momma yensusuw krataa a Yakobo kyerɛwee no ho, na yemmua nsɛmmisa yi: Anigye bɛn na Yakobo kaa ho asɛm no? Ɛdɛn na ebetumi asɛe Kristoni anigye? Sɛ sɔhwɛ a ɛto yɛn no te sɛn oo, ɛte sɛn oo, ɔkwan bɛn so na nyansa, gyidi, ne akokoduru betumi aboa yɛn ama yɛakɔ so anya anigye?

ƐDƐN NA ƐMA KRISTONI ANI GYE?

Sɛnea kanea mu gya a ɛhyɛ hyeed mu kɔ so dɛw no, saa ara na anigye kɛse a Yehowa ma Kristofo nya no kɔ so tena wɔn komam (Hwɛ nkyekyɛm 6)

6. Sɛnea Luka 6:22, 23 kyerɛ no, sɛ sɔhwɛ to Kristoni mpo a, adɛn nti na n’ani betumi agye?

6 Ebinom adwene ne sɛ, sɛ wɔwɔ apɔwmuden, na wɔwɔ sika bebree, anaasɛ wɔwɔ asomdwoe wɔ wɔn abusua mu a, ɛno na ɛbɛma wɔn ani agye. Nanso anigye a Yakobo kaa ho asɛm no, ɛnyɛ nea ɛrekɔ so wɔ obi abrabɔ mu na ɛma onya saa anigye no. Mmom, Onyankopɔn honhom na ɛma obi nya saa anigye no. (Gal. 5:22) Sɛ Kristoni nim sɛ ɔreyɛ nea Yehowa pɛ na ɔresuasua Yesu a, ɛma n’ani gye na ne koma tɔ ne yam paa. (Kenkan Luka 6:22, 23; Kol. 1:10, 11) Anigye a yɛreka ho asɛm no, ɛwɔ yɛn koma mu. Ɛte sɛ kanea a yɛde krasin gu mu. Sɛ ɛrehyerɛn na sɛ mframa bɔ oo, nsu tɔ oo, ogya no nnum efisɛ kanea no hyeed bɔ ogya a ɛredɛw no ho ban. Yɛn nso, nea ebesi wɔ yɛn abrabɔ mu biara mma anigye a yɛwɔ no nsɛe. Yare anaa ohia ntumi nsɛe yɛn anigye. Sɛ abusuafo anaa nkurɔfo serew yɛn anaa wɔtan yɛn ani mpo a, ɛrensɛe yɛn anigye. Sɛ sɔhwɛ a ɛte saa to yɛn a, yɛn anigye no yɛ kɛse mmom; ɛntew nkɔ. Sɔhwɛ a yɛn gyidi nti ɛba yɛn so no, ɛma yehu sɛ yɛyɛ Kristo asuafo ampa. (Mat. 10:22; 24:9; Yoh. 15:20) Wei nti na Yakobo kyerɛw asɛm a edi so yi: “Me nuanom, sɛ muhyia sɔhwɛ ahorow pii a, mummu no anigye koraa.”—Yak. 1:2.

Adɛn nti na yebetumi aka sɛ sɔhwɛ a ɛto yɛn no te sɛ ogya a ɔtomfo de dade hyɛ mu de yɛ sekan? (Hwɛ nkyekyɛm 7) *

7-8. Adɛn nti na sɛ sɔhwɛ to yɛn a, ɛma yɛn gyidi yɛ den?

7 Yakobo kaa ade foforo bi nso a ɛno nti Kristofo ayɛ krado sɛ wobegyina sɔhwɛ a emu yɛ den paa mpo mu. Ɔkaa sɛ: “Mo gyidi a wɔasɔ ahwɛ yi bewie boasetɔ mu.” (Yak. 1:3) Sɔhwɛ anaa amanehunu a yehyia no, yebetumi de atoto ogya a ɔtomfo de dade hyɛ mu yɛ sekan ho. Sɛ ɔde dade no to ogya mu ma ɛdɔ paa na ɔde hyɛ nsu mu ma edwo a, ɛma dade no yɛ den paa. Yɛn nso, sɛ sɔhwɛ to yɛn na yegyina mu a, ɛma yɛn gyidi yɛ den. Ɛno nti na Yakobo kyerɛwee sɛ: “Momma boasetɔ nwie n’adwuma na moayɛ pɛ adi mũ biribiara mu a hwee nhia mo.” (Yak. 1:4) Sɛ yehu sɛ sɔhwɛ ma yɛn gyidi yɛ den a, ɛbɛma yɛde anigye agyina sɔhwɛ mu.

8 Yakobo krataa no mu no, ɔkyerɛɛ nneɛma bi nso a ebetumi asɛe yɛn anigye. Ɛyɛ nneɛma bɛn, na dɛn na yebetumi ayɛ na saa nneɛma no ansɛe yɛn anigye?

NEA ƐSƐ SƐ YƐYƐ NA BIRIBIARA ANSƐE YƐN ANIGYE

9. Adɛn nti na yehia nyansa?

9 Ade a ebetumi asɛe yɛn anigye: Bere a yenhu nea yɛnyɛ. Sɛ sɔhwɛ to yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa boa yɛn ma yɛyɛ nea ɛbɛsɔ n’ani. Ɛsɛ sɛ yɛsrɛ no nso sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛnyɛ nea ɛbɛboa yɛn nuanom Kristofo, ɛne nea ɛbɛma yɛakɔ so adi nokware ama no. (Yer. 10:23) Yehia nyansa na ama yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na afei nso sɛ nkurɔfo tan yɛn ani a, yɛahu nea yɛbɛka. Sɛ yenhu nea yɛnyɛ a, yɛn aba mu betumi abu, na ɛrenkyɛ koraa na yɛn anigye asɛe.

10. Sɛ yehia nyansa a, ɛdɛn na Yakobo 1:5 ka sɛ yɛnyɛ?

10 Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ: Srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo nyansa. Sɛ yɛkɔ sɔhwɛ mu, na sɛ yebetumi de anigye agyina mu a, ade a edi kan a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ yɛbɛbɔ Yehowa mpae asrɛ no sɛ ɔmma yɛn nyansa a yɛde besi gyinae pa. (Kenkan Yakobo 1:5.) Sɛ yɛbɔ mpae na yɛn adwene yɛ yɛn sɛ Yehowa rekyɛ a, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Yakobo kaa sɛ ‘yɛnkɔ so ara mmisa’ Onyankopɔn. Sɛ yɛkɔ so ara bisa Yehowa sɛ ɔmma yɛn nyansa a, ɔrenka sɛ yɛreguan ne ho. Ne bo remfuw yɛn. Sɛ sɔhwɛ to yɛn na yɛbɔ mpae sɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no mma yɛn nyansa a yɛde begyina mu a, “oyi ne yam” de ma yɛn. (Dw. 25:12, 13) Sɔhwɛ biara a ɛbɛto yɛn no, ohu, ɛyɛ no yaw, na ɔpɛ sɛ ɔboa yɛn. Wei ma yɛn ani gye paa! Ɛnde, ɔkwan bɛn na Yehowa fa so ma yɛn nyansa?

11. Ɛdɛn bio na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya nyansa?

11 Yehowa nam n’Asɛm no so ma yɛn nyansa. (Mmeb. 2:6) Sɛ yebetumi anya saa nyansa no a, ɛsɛ sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm ne asafo nhoma ahorow no. Nanso ɛnsɛ sɛ yesua de pɛ nimdeɛ kɛkɛ. Mmom ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn afotu na yɛde yɛ adwuma. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛde Onyankopɔn nyansa reyɛ adwuma wɔ yɛn abrabɔ mu. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Monyɛ asɛm no yɛfo, na monnyɛ atiefo nko.” (Yak. 1:22) Sɛ yɛde Onyankopɔn afotu yɛ adwuma a, yɛbɛyɛ nnipa a yɛpɛ asomdwoe, nnipa a yɛwɔ ntease, ne nnipa a yɛwɔ mmɔborɔhunu. (Yak. 3:17) Sɛ yɛwɔ saa suban yi a, sɔhwɛ biara nni hɔ a ɛbɛto yɛn a ɛbɛsɛe yɛn anigye.

12. Adɛn nti na ehia sɛ yehu Bible mu yiye?

12 Onyankopɔn Asɛm te sɛ ahwehwɛ. Ɛboa yɛn ma yehu nneɛma bi a ɛnkɔ yiye wɔ yɛn ho, na ɛboa ma yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ ho. (Yak. 1:23-25) Ɛho nhwɛso ni. Yesua Onyankopɔn Asɛm a, ebia yebehu sɛ ɛho hia sɛ yɛhyɛ yɛn ho so bere a yɛn bo afuw. Ɛba saa a, Yehowa bɛboa yɛn ama yɛahu sɛnea yɛbɛda odwo adi bere a nkurɔfo ahyɛ yɛn abufuw anaa ɔhaw bi ato yɛn ama yɛn bo afuw no. Ɛno bɛma yɛabɛyɛ nnipa a yedwo, enti sɛ sɔhwɛ biara to yɛn a, yebetumi agyina mu yiye. Yebetumi adwen yiye na yɛasisi gyinae pa. (Yak. 3:13) Wei ma yehu sɛ ehia paa sɛ yehu Bible mu yiye!

13. Nnipa a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesua biribi fi nea wɔyɛe no mu?

13 Ɛyɛ a yɛtaa ka sɛ, “afotu nsakra nnipa gye sɛ nsɔhwɛ.” Enti ebinom di mfomso wie ansa na wɔasua biribi afi mu. Nanso, enhia sɛ yɛma ebi ka yɛn ani ansa. Ɔkwan a ɛyɛ papa a yɛbɛfa so ahu nyansa ne sɛ, nea ebinom yɛe a esii wɔn yiye ne nea ebinom nso yɛe a ansi wɔn yiye no, ɛsɛ sɛ yesua biribi fi ne nyinaa mu. Ɛno nti na Yakobo hyɛ yɛn nkuran sɛ nnipa a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu te sɛ Abraham, Rahab, Hiob, ne Elia no, yensua biribi mfi wɔn hɔ no. (Yak. 2:21-26; 5:10, 11, 17, 18) Sɔhwɛ a ɛtoo Yehowa asomfo anokwafo yi no, anka ebetumi asɛe wɔn anigye, nanso wotumi gyinaa mu. Sɛnea wotumi gyinaa sɔhwɛ mu no ma yehu sɛ, yɛn nso, sɛ sɔhwɛ to yɛn a, Yehowa bɛboa yɛn ama yɛatumi agyina mu.

14-15. Sɛ yɛn adwene nsi yɛn pi a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so?

14 Ade a ebetumi asɛe yɛn anigye: Bere a yɛn adwene nsi yɛn pi. Ɛtɔ da a, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛte Bible mu asɛm bi ase. Anaa ebia yɛabɔ Yehowa mpae, nanso wammua no sɛnea yɛpɛ. Wei betumi ama yɛn adwenem ayɛ yɛn nãã. Sɛ yebu yɛn ani gu so na yɛanyɛ ho hwee a, ebetumi ama yɛn gyidi ayɛ mmerɛw, na asɛe yɛne Yehowa adamfofa no. (Yak. 1:7, 8) Ebetumi mpo ama anidaso a yɛwɔ sɛ yebenya nhyira daakye no asa.

15 Ɔsomafo Paul de anidaso a yɛwɔ no toto sɛkyɛ ho. (Heb. 6:19) Sɛkyɛ taa yɛ dade bi a emu yɛ duru a ɛwɔ po so hyɛn mu a nkɔnsɔnkɔnsɔn anaa ahama sa so. Sɛ mframa rebɔ po so hyɛn a, sɛkyɛ tumi ma ɛhyɛn no gyina faako sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrenkɔpem abotan. Nanso sɛ sɛkyɛ betumi ayɛ adwuma yiye a, gye sɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsa so no mu yɛ den. Sɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsa so no we nkannare anaa ɛwe nnaakyen a, ebetumi asɛe no. Saa ara na yɛn nso, sɛ yɛn adwenem yɛ yɛn nãã anaa sɛ yɛn adwene nsi yɛn pi na sɛ yebu yɛn ani gu so a, ebetumi ama yɛn gyidi ayɛ mmerɛw. Sɛ obi adwene nsi no pi na sɛ nkurɔfo tan n’ani anaa sɛ sɔhwɛ to no a, ebetumi asɛe ne gyidi, na ɔrennye nni bio sɛ Yehowa bedi ne bɔhyɛ so. Sɛ yɛn gyidi sɛe a, yɛn anidaso nso bɛsa. Yakobo kaa sɛ, obi a n’adwenem yɛ no nãã anaa n’adwene nsi no pi no “te sɛ po asorɔkye a mframa bɔ de no di akɔneaba.” (Yak. 1:6) Sɛ obi te saa a, anigye a ɛde anigye de, ebia ɔrennya bi da!

16. Sɛ yɛn adwene nsi yɛn pi a, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

16 Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ: Si w’adwene pi na hyɛ wo gyidi den. Mma w’adwene nnhinhim. Odiyifo Elia bere so no, na Yehowa nkurɔfo adwene nsi wɔn pi. Elia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Da bɛn na mubehinhim nsɛm abien ntam akosi? Sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn a, munni n’akyi, na sɛ Baal nso a, munni n’akyi.” (1 Ahe. 18:21) Saa na ɛte ɛnnɛ. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhwehwɛmu na ama yɛn ankasa yɛagye adi sɛ Yehowa na ɔyɛ Onyankopɔn, Bible yɛ n’Asɛm, na Yehowa Adansefo yɛ ne nkurɔfo. (1 Tes. 5:21) Sɛ yɛyɛ saa nhwehwɛmu yi nyinaa a, ɛbɛma yɛn adwene asi yɛn pi, na yɛn gyidi bɛyɛ den. Sɛ ne nyinaa akyi, yɛn adwene nsi yɛn pi a, yebetumi aka ho asɛm akyerɛ asafo mu mpanyimfo. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ wei ntɛm na ama yɛakɔ so de anigye asom Yehowa!

17. Sɛ yɛbɔ hu a, ɛdɛn na ebesi?

17 Ade a ebetumi asɛe yɛn anigye: Bere a yɛn aba mu abu. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “W’aba mu abu ahohia da mu anaa? W’ahoɔden so bɛtew.” (Mmeb. 24:10) Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase obi “aba mu abu” no, ebetumi nso akyerɛ obi “abɔ hu.” Sɛ wobɔ hu a, ɛrenkyɛ koraa na w’anigye atu ayera.

18. Yɛka boasetɔ anaa animia a, ɛkyerɛ sɛn?

18 Nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ: Fa wo ho to Yehowa so, na ɔbɛma wo akokoduru de agyina sɔhwɛ mu. Sɛ yebetumi agyina sɔhwɛ mu a, ɛsɛ sɛ yenya akokoduru. (Yak. 5:11) Asɛmfua a Yakobo de yɛɛ adwuma a wɔkyerɛɛ ase “boasetɔ” anaa animia no, nea ɛkyerɛ ne sɛ obi begyina baabi a ogyina no pintinn. Ɛte sɛ ɔsraani a ɔde akokoduru gyina nea ogyina. Sɛ atamfo bɛba abetwa ne ti koraa a, baabi a ogyina ara na ogyina.

19. Ɛdɛn na yebetumi asua afi ɔsomafo Paul hɔ?

19 Akokoduru ne boasetɔ de, na ɔsomafo Paul wɔ bi paa. Ɛtɔ da a na wayɛ mmerɛw. Nanso ne nyinaa mu no, omiaa n’ani gyinaa mu, efisɛ ɔde ne ho too Yehowa so, na Yehowa nso maa no ahoɔden a ohia. (2 Kor. 12:8-10; Filip. 4:13) Yɛn nso, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase gye tom sɛ yehia Yehowa mmoa a, ɔbɛma yɛanya ahoɔden ne akokoduru a ɔsomafo Paul nyae no bi.—Yak. 4:10.

TWE BƐN ONYANKOPƆN NA W’ANIGYE ANSƐE

20-21. Awerɛhyem bɛn na ɛsɛ sɛ yenya?

20 Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɔhwɛ a ɛto yɛn no, ɛnyɛ Yehowa na ɔretwe yɛn aso. Yakobo ka kyerɛ yɛn sɛ: “Sɛ sɔhwɛ to obi a, ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ: ‘Onyankopɔn na ɔresɔ me ahwɛ.’ Efisɛ wontumi mfa nnebɔne nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” (Yak. 1:13) Sɛ yegye saa asɛm no di a, ɛma yɛbɛn yɛn Agya a ɔwɔ soro a ɔdɔ yɛn no paa.—Yak. 4:8.

21 Yehowa ‘nsakra,’ anaa ɔnsesa. (Yak. 1:17) Bere a tete Kristofo no kɔɔ sɔhwɛ mu no ɔboaa wɔn, na ɛnnɛ nso ɔbɛboa yɛn mu biara. Bɔ Yehowa mpae denneennen na srɛ no sɛ ɔmmoa wo mma wunnya nyansa, gyidi, ne akokoduru. Obetie wo mpaebɔ no. Ɛbɛma woanya awerɛhyem paa sɛ, Yehowa bɛboa wo ama wode anigye agyina sɔhwɛ mu!

DWOM 128 Gyina Mu Kosi Awiei

^ nky. 5 Afotusɛm bebree wɔ Yakobo nhoma no mu a ebetumi aboa yɛn ama yɛagyina sɔhwɛ mu. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ afotu a Yakobo de mae no bi. Saa afotu no betumi aboa yɛn ama yɛagyina ɔhaw mu, na yɛakɔ so de anigye asom Yehowa.

^ nky. 59 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Polisifo akɔkyere onua bi wɔ ne fie. Ne yere ne ne ba abaayewa gyina hɔ na polisifo de no rekɔ. Bere a onua no da afiase no, anuanom mmea ne mmarima akɔka ne yere ne ne ba no ho ama wɔreyɛ abusua som. Maame no ne ne ba abaayewa no bɔ mpae daa srɛ Yehowa sɛ ɔnhyɛ wɔn den mma wontumi nnyina sɔhwɛ no mu. Yehowa ama wɔanya asomdwoe wɔ wɔn komam, na wama wɔanya akokoduru. Ɛno nti, wɔn gyidi ayɛ den, na wɔde anigye refa sɔhwɛ no mu.