Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 6

Wugye Di Sɛ Nea Yehowa Yɛ Biara Ye Anaa?

Wugye Di Sɛ Nea Yehowa Yɛ Biara Ye Anaa?

“Ɔbotan no, ɔyɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ, na n’akwan nyinaa teɛ. Ɔyɛ Onyankopɔn nokwafo a ntɛnkyea biara nni n’akwan mu, ɔtreneeni a obu atɛntrenee.”—DEUT. 32:4.

DWOM 3 Yɛn Ahoɔden, Yɛn Anidaso ne Yɛn Ahotoso

NEA YƐREBESUA *

1-2. (a) Wɔn a wɔwɔ tumi no, adɛn nti na nnansa yi ɛyɛ den ma nnipa bebree sɛ wobenya wɔn mu ahotoso? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

NNANSA yi, wɔn a wɔwɔ tumi no, ɛyɛ den ma nnipa bebree sɛ wobenya wɔn mu ahotoso. Saafo no ahu sɛ, atemmu ne aban nhyehyɛe no taa di boa asikafo ne atumfo, na wotiatia ahiafo fahodi so. Bible no kae a ɛmmoa sɛ: “Onipa di onipa so ma ewie no bɔne.” (Ɔsɛnk. 8:9) Afei nso, nyamesom akannifo no bi abrabɔ nye koraa. Wei nti, ama ebinom nni Onyankopɔn mu gyidi bio. Ɛno nti, sɛ obi pene so sɛ yɛne no nsua Bible a, ɛsɛ sɛ yɛboa no ma onya Yehowa ne anuanom a edi nneɛma anim no mu ahotoso.

2 Nanso ɛnyɛ Bible asuafo nko ara na ehia sɛ wonya Yehowa ne n’ahyehyɛde no mu ahotoso. Yɛn a yɛbaa nokware no mu akyɛ mpo, ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da sɛ bere nyinaa Yehowa akwan na ɛyɛ papa paa. Ɛtɔ da a, asɛm bi a ebesi betumi asɔ ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no ahwɛ. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a ebetumi asɔ yɛn gyidi ahwɛ: (1) bere a yɛrekenkan Bible mu nsɛm bi, (2) bere a Yehowa ahyehyɛde no de akwankyerɛ bi ama yɛn ne (3) bere a yɛahyia ɔhaw bi daakye.

NYA YEHOWA MU AHOTOSO BERE A WOREKENKAN BIBLE

3. Ɔkwan bɛn so na Bible mu nsɛm bi betumi asɔ ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no ahwɛ?

 3 Sɛ yɛrekenkan Bible na yehu sɛnea Yehowa ne nnipa binom dii ne gyinae bi a osisii a, ebia yɛn adwenem bɛyɛ yɛn naa. Ɛho nhwɛso ne asɛm bi a ɛwɔ Numeri nhoma no mu no. Yehowa kaa sɛ wonkum Israelni bi a ɔkɔsesaw anyina Homeda. Sɛ yɛhwɛ Samuel nhoma a ɛto so mmienu no mu nso a, mfe pii akyi no, bere a Ɔhene Dawid sɛee aware na okum ɔbea no kunu pii so no, Yehowa de kyɛɛ no. (Num. 15:32, 35; 2 Sam. 12:9, 13) Ebia yebebisa sɛ, ‘Adɛn nti na Dawid sɛee aware na okum obi kaa ho no, Yehowa de kyɛɛ no, na ɔbarima a asɛ ne bɔne no nhyɛ da nyɛ kɛse no de, ɔma wokum no?’ Nea ɛbɛma yɛanya saa asɛmmisa yi ho mmuae no, momma yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a sɛ yɛrekenkan Bible a ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem.

4. Ahotoso a yɛwɔ wɔ sɛnea Yehowa bu atɛn mu no, sɛn na Genesis 18:20, 21 ne Deuteronomium 10:17 hyɛ mu den?

4Ɛnyɛ bere nyinaa na Bible ka biribiara a ɛfa asɛm bi a esii ho. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, yenim sɛ Dawid fii ne koma nyinaa mu nuu ne ho. (Dw. 51:2-4) Nanso ɔbarima a obuu Homeda mmara no so no nso ɛ, na ne suban te sɛn? Onuu ne ho wɔ nea ɔyɛe no ho anaa? Ná wabu Yehowa mmara so pɛn? Ebetumi aba sɛ na wɔabɔ no kɔkɔ pɛn na obuu n’ani guu so anaa? Bible no nka. Nanso nea yenim ne sɛ: Yehowa de, “ntɛnkyea biara nni n’akwan mu.” (Deut. 32:4) Yehowa de, ɔnte sɛ nnipa a sɛ wɔrebu atɛn a, yɛse-yɛse, nkurɔfo ho adwemmɔne anaa biribi a ɛte saa na ɛtaa piapia wɔn ma wobu ntɛnkyea no. Ɔno de, ɔhwɛ asɛm no nyinaa ani so. (Kenkan Genesis 18:20, 21; Deuteronomium 10:17.) Sɛ yesua Yehowa ne n’akwan ho ade kɔ akyiri a, ɛbɛma yɛanya sɛnea obu atɛn no mu ahotoso kɛse. Sɛ yɛkenkan Bible mu asɛm bi na yɛnte ase seesei mpo a, yebetumi anya yɛn Nyankopɔn no mu ahotoso, efisɛ yenim sɛ ɔyɛ “ɔtreneeni wɔ n’akwan nyinaa mu.”—Dw. 145:17.

5. Yɛn sintɔ nti, ɛnyɛ bere nyinaa na yetumi bu atɛntrenee. Adɛn ntia? (Adaka a yɛato din “ Yɛn Sintɔ Nti, Ɛnyɛ Bere Nyinaa Na Yetumi Bu Atɛntrenee” no, hwɛ ɛno nso.)

5Yɛn sintɔ nti, ɛnyɛ bere nyinaa na yetumi bu atɛntrenee. Onyankopɔn bɔɔ yɛn wɔ ne suban so, enti sɛ yehu sɛ wɔresisi obi anaa wɔrebu no atɛnkyea a, yɛmpɛ koraa. (Gen. 1:26) Nanso esiane sɛ yɛtɔ sin nti, sɛ ɛyɛ yɛn sɛ yenim asɛm bi ani so yiye mpo a, yebetumi abu atɛnkyea. Ma yɛnhwɛ nhwɛso bi. Wo de, hwɛ sɛnea Yona bo fuw Yehowa bere a ohuu Niniwefo no mmɔbɔ no. (Yona 3:10–4:1) Nanso yɛnhwɛ nea efii mu bae. Niniwefo bɛboro 120,000 a wonuu wɔn ho no nyaa nkwa! Ewiee ase no, Yona mmom na odii mfomso, na ɛnyɛ Yehowa.

6. Sɛ Yehowa yɛ biribi a, adɛn nti na biribiara nkyekyere no sɛ ɔnkyerɛkyerɛ mu nkyerɛ yɛn?

6Yehowa yɛ biribi a, ɔne nnipa nni nkyerɛmu biara. Ɛwom, tete no, ɛtɔ da na sɛ Yehowa yɛ biribi anaa ɔrebɛyɛ biribi a, na otumi ma n’asomfo kyerɛ wɔn adwene wɔ ho. (Gen. 18:25; Yona 4:2, 3) Ɛtɔ mmere bi nso a, nea enti a ɔyɛ biribi no, na ɔkyerɛ mu. (Yona 4:10, 11) Nanso ɛno nkyerɛ sɛ biribiara a ɔbɛyɛ no, kyenkyen ara a, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ mu kyerɛ yɛn. Yehowa na ɔbɔɔ yɛn, enti sɛ ɔrebɛyɛ biribi a, enhia sɛ ɔbɛsrɛ kwan fi yɛn hɔ. Afei nso, sɛ ɔyɛ biribi wie a, ɔne yɛn nni nkyerɛmu biara.—Yes. 40:13, 14; 55:9.

NYA YEHOWA MU AHOTOSO BERE A N’AHYEHYƐDE NO DE AKWANKYERƐ BI AMA YƐN

7. Dɛn na ebetumi ayɛ den ama yɛn, na adɛn ntia?

7 Yefi yɛn koma nyinaa mu gye di sɛ, Yehowa yɛ nea ɛteɛ bere nyinaa. Nanso nea ebetumi ayɛ den ama yɛn ne sɛ yebenya anuanom a wodi nneɛma anim no mu ahotoso. Ebia yebebisa yɛn ho sɛ, ‘Ɛyɛ ampa sɛ wɔn a wodi nneɛma anim no, Yehowa na ɛkyerɛ wɔn kwan, na ɛnyɛ wɔn ankasa adwene na wodi akyi?’ Yɛhwɛ Bible mu a, yebehu sɛ, ɛbɛyɛ sɛ na ebinom kura saa adwene no. Momma yɛnsan nhwɛ nhwɛso mmienu a yɛkaa ho asɛm wɔ  nkyekyɛm 3 no. Ebia ɔbarima a obuu Homeda mmara no so no busuani bebisa ne ho sɛ, dɛn koraa na ɛkyerɛ sɛ Yehowa na ɔka kyerɛɛ Mose sɛ ɔmma wonkum ne busuani no? Hitini Uria a ne yere ne Dawid sɛee aware no nso, ebia n’adamfo bi bɛka sɛ esiane sɛ Dawid yɛ ɔhene nti, ɔde ne tumi danee atemmu no ani ma ɛno nti wɔamfa asotwe a ɛfata no no amma no. Nokwasɛm a ɛwom paa ne sɛ, wɔn a wodi nneɛma anim a Yehowa wɔ wɔn mu ahotoso no, sɛ yennye wɔn nni a, yɛrentumi nka sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso.

8. Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 16:4, 5 ne sɛnea wɔahyehyɛ Kristofo asafo no nnɛ no a, nsɛdi bɛn na ɛwom?

8 Ɛnnɛ, Yehowa nam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so na ɛkyerɛ n’ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asaase so no kwan. (Mat. 24:45) Akwankyerɛ kuw a na ɛwɔ asomafo no bere so no, wɔn na wɔhwɛɛ Onyankopɔn asomfo a na wɔwɔ hɔ saa bere no so, na wɔde akwankyerɛ maa asafo mu mpanyimfo. Ɛnnɛ nso, saa ara na akoa nokwafo no hwɛ Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ wiase nyinaa so, na wɔma asafo mu mpanyimfo no akwankyerɛ. (Kenkan Asomafo Nnwuma 16:4, 5.) Sɛ mpanyimfo no nsa ka akwankyerɛ no a, wɔhwɛ de yɛ adwuma wɔ asafo ahorow no mu. Akwankyerɛ a yenya fi ahyehyɛde no ne asafo mu mpanyimfo hɔ no, sɛ yedi so a, ɛkyerɛ sɛ yegye di sɛ ɔkwan a Yehowa fa so yɛ n’ade no, ɛno na ɛyɛ papa paa.

9. Sɛ asafo mu mpanyimfo si gyinae bi a, bere bɛn na ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yebegye atom, na adɛn ntia?

9 Ɛtɔ da a, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ gyinae a mpanyimfo no asi no, yebegye atom. Ɛho nhwɛso ne sɛ, nnansa yi, wɔakeka asafo ahorow ne amansin bi abobom asan akyekyɛ no foforo. Wei nti, ɛtɔ mmere bi a, mpanyimfo no bɛka akyerɛ adawurubɔfo bi sɛ wɔnkɔka asafo bi a emufo nnɔɔso ho, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde Ahenni Asa no bedi dwuma yiye. Sɛ wɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asafo foforo bi ho a, ebia ɛbɛyɛ yɛn yaw sɛ yebegyaw yɛn nnamfo ne yɛn abusuafo hɔ. Yemmisa sɛ, ɛyɛ a Onyankopɔn na ɔkyerɛ mpanyimfo no asafo a ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo biara kɔ mu anaa? Daabi. Wei nti, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yebedi saa akwankyerɛ yi so. Nanso, sɛ mpanyimfo no sisi gyinae a ɛtete saa a, Yehowa pene so. Enti yɛn nso, ɛsɛ sɛ yenya wɔn mu ahotoso. *

10. Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ Hebrifo 13:17 no a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie mpanyimfo no?

10 Sɛ mpanyimfo no si gyinae bi na yɛne wɔn nyɛ adwene mpo a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie wɔn? Efisɛ, sɛ yɛyɛ saa a, yɛboa ma baakoyɛ tena Onyankopɔn asomfo mu. (Efe. 4:2, 3) Sɛ mpanyimfo kuw no si gyinae bi na yɛn nyinaa brɛ yɛn ho ase gye tom a, ɛma obiara ani gye wɔ asafo no mu. (Kenkan Hebrifo 13:17.) Nanso nea enti paa a yɛyɛ saa ne sɛ, yɛma Yehowa hu sɛ yɛwɔ ne mu ahotoso, efisɛ ɔno na ɔde mpanyimfo no ama yɛn sɛ wɔnhwɛ yɛn so.—Aso. 20:28.

11. Akwankyerɛ a mpanyimfo no de ma yɛn no, dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛde ayɛ adwuma?

11 Sɛ mpanyimfo no rebesi gyinae bi a ɛfa asafo no ho a, wɔbɔ mpae srɛ honhom kronkron. Sɛ yɛkae saa nokwasɛm yi a, ɛbɛboa yɛn ama yɛde akwankyerɛ biara a wɔde ma yɛn no ayɛ adwuma. Afei nso, Bible nnyinasosɛm ne akwankyerɛ a Yehowa ahyehyɛde no de ama no, wɔtɔ wɔn bo ase susuw ho. Nea ɛda wɔn koma so paa ne sɛ, wɔbɛsɔ Yehowa ani na wɔahwɛ n’asomfo so yiye. Saa mmarima anokwafo yi nim sɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ wɔn nsa no, wobebu ho akontaa akyerɛ no. (1 Pet. 5:2, 3) Wo de hwɛ asɛm yi: Ɛnnɛ, baabi a obi fi, nyamesom ne amanyɔsɛm apaapae nnipa mu. Nanso Yehowa asomfo de, yɛde baakoyɛ resom nokware Nyankopɔn koro no. Sɛ ɛnyɛ Yehowa na wahyira n’ahyehyɛde no a, anka ɛbɛyɛ dɛn na wei atumi ayɛ yiye?

12. Sɛ mpanyimfo no pɛ sɛ wohu sɛ obi anu ne ho ampa a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ?

12 Yehowa de adwumasono bi ahyɛ asafo mu mpanyimfo nsa sɛ wɔnhwɛ mma asafo no ho ntew. Sɛ Kristoni bi yɛ bɔne a emu yɛ duru a, Yehowa pɛ sɛ mpanyimfo no hwɛ sɛ ɛfata sɛ onii no kɔ so tena asafo no mu anaa. Ade baako a ɛsɛ sɛ wotumi hu ne sɛ, onipa no anu ne ho ampa anaa. Ebia ɔbɛka sɛ wanu ne ho, nanso ɛyɛ ampa sɛ ɛyɛ ne yaw paa sɛ ɔyɛɛ saa bɔne no? Wasi ne bo sɛ ɔrenyɛ saa bɔne no bio anaa? Sɛ fekubɔne na ɛma ɔyɛɛ bɔne no a, wayɛ n’adwene sɛ obetwa ayɔnkofa a ɛte saa mu anaa? Afei, mpanyimfo no bɛbɔ mpae, na wɔahwɛ nea Kyerɛwnsɛm no ka fa asɛm no ho. Wowie a, wɔbɛhwɛ sɛnea ɔbɔnefo no te nka wɔ bɔne a ɔyɛe no ho. Ɛno akyi no, wɔbɛhwɛ sɛ wɔbɛma ɔbɔnefo no akɔ so atena asafo no mu anaasɛ wobetu no. Ɛtɔ da a, ɛsɛ sɛ wotu ɔbɔnefo no.—1 Kor. 5:11-13.

13. Sɛ wotu yɛn adamfo anaa yɛn busuani bi fi asafo no mu a, adwene bɛn na yebetumi anya?

13 Ahotoso a yɛwɔ wɔ mpanyimfo no mu no, ɛho sɔhwɛ bɛn na yebetumi ahyia? Sɛ onii a wotuu no no nyɛ yɛn adamfo anaa yɛn busuani a, ebia ɛrenyɛ den sɛ yebegye mpanyimfo no gyinaesi no atom. Nanso, sɛ nea wotuu no no yɛ yɛn adamfo nso ɛ? Ɛno de, ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ mpanyimfo no anhwehwɛ asɛm no mu yiye, anaa ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ wɔanni asɛm no yiye sɛnea anka Yehowa bɛyɛ no. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛanya adwempa wɔ mpanyimfo no gyinaesi no ho?

14. Sɛ wotu yɛn busuani bi a, dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛagye mpanyimfo no gyinaesi no atom?

14 Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, tu a wotu obi no yɛ Yehowa nhyehyɛe. Ɛboa asafo no, na ebetumi aboa ɔbɔnefo no nso. Sɛ mpanyimfo no ma kwan ma ɔbɔnefo a onnuu ne ho no tena asafo no mu a, afoforo betumi asuasua ne subammɔne no. (Gal. 5:9) Afei nso, ɛremma onhu sɛ ne bɔne no yɛ aniberesɛm. Bio nso, ebia biribiara rempusuw no sɛ ɔnsesa n’adwene ne ne suban, na ama Yehowa asan agye no atom. (Ɔsɛnk. 8:11) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ mpanyimfo no resi gyinae sɛ wobetu obi a, wɔnyɛ no gya-so-gya-so; wɔtɔ wɔn bo ase hwehwɛ asɛm no mu kɔ akyiri paa. Wonim sɛ, sɛnea atemmufo a wɔwɔ tete Israel yɛe no, wɔn nso, ‘ɛnyɛ onipa na wobu atɛn ma no, na mmom Yehowa.’—2 Be. 19:6, 7.

YENYA YEHOWA MU AHOTOSO NNƐ A, ƐBƐBOA YƐN DAAKYE

Akwankyerɛ a wɔde bɛma yɛn wɔ ahohiahia kɛse no mu no, dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya mu ahotoso na yɛde ayɛ adwuma? (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15. Adɛn nti na ɛnnɛ paa na ehia sɛ yenya Yehowa mu ahotoso sɛ n’akwankyerɛ na ɛyɛ papa paa?

15 Bere a wiase yi awiei adu apon ano yi, saa bere yi paa na ehia sɛ yenya Yehowa mu ahotoso sɛ n’akwankyerɛ na ɛyɛ papa paa. Adɛn ntia? Ahohiahia kɛse no mu no, akwankyerɛ a wɔde bɛma yɛn no, ebia ɛbɛyɛ yɛn ade foforo koraa, anaa ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ yɛde yɛ adwuma a ɛrenyɛ yiye, anaa ntease nnim. Nanso nea ɛsɛ sɛ yehu ne sɛ, Yehowa rensi mfi soro mmɛkasa nkyerɛ yɛn tẽẽ. Sɛ ɔde akwankyerɛ bi bɛma yɛn a, ebia ɔde bɛfa anuanom a wapaw wɔn a wodi nneɛma anim no so. Wohwɛ a, saa bere no na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn adwene mu yɛ yɛn naa wɔ akwankyerɛ a wɔde bɛma yɛn no ho, na yebisabisa sɛ, ‘Ɛyɛ ampa paa sɛ akwankyerɛ yi fi Yehowa hɔ, anaa anuanom a wodi nneɛma anim no ara na wɔrekeka nea ɛyɛ wɔn dɛ?’ Saa bere no a ato nea ɛyɛ den no, dɛn na wobɛyɛ? Sɛnea woyɛ w’ade wɔ akwankyerɛ a Onyankopɔn ananmusifo de ma yɛn nnɛ ho no, ɛno na ɛbɛkyerɛ nea wobɛyɛ daakye. Akwankyerɛ a wɔde ma yɛn nnɛ no, sɛ wugye tom ntɛm de yɛ adwuma a, ɛda adi sɛ ahohiahia kɛse no mu nso, saa ara na wobɛyɛ.—Luka 16:10.

16. Atɛn a Yehowa bebu nnansa yi ara no, sɛn na ebetumi asɔ yɛn ahwɛ?

16 Ade foforo nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho. Ɛno ne atɛn a Yehowa bebu wɔ wiase bɔne yi awiei. Seesei, yɛhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔnsom Yehowa a yɛn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo ka ho no, wɔn mu bebree betumi abɛsom Yehowa. Nanso edu Armagedon a, Yehowa nam Yesu so bɛkyerɛ nea obenya nkwa ne nea ɔrennya nkwa. (Mat. 25:31-33; 2 Tes. 1:7-9) Ɛnyɛ yɛn na yɛbɛkyerɛ nea ɛsɛ sɛ Yehowa hu no mmɔbɔ ne nea ɛnsɛ sɛ ohu no mmɔbɔ. (Mat. 25:34, 41, 46) Saa bere no, yebegye Yehowa atemmu atom anaa yɛbɛma ato yɛn hintidua? Ɛda adi pefee sɛ, ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no, sɛ yɛhyɛ mu den nnɛ a, ɛbɛboa yɛn ma yɛde yɛn ho ato no so koraa daakye.

17. Atɛn a Yehowa bebu wɔ wiase bɔne yi awiei no, ɛbɛboa yɛn sɛn?

17 Sɛ Yehowa bu wiase bɔne yi atɛn, na yehu nea afi mu aba no a, wo de hwɛ sɛnea yɛbɛte nka wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu! Atorosom, aguadifo adifudepɛfo, ne amanyɔfo a wɔahyɛ nkurɔfo so ma wɔahu amane fi teteete no, wɔn nyinaa akyi bɛyera koraa. Yare, mpanyinyɛ ne adɔfo wu befi yɛn asetena mu koraa. Wɔde Satan ne ahonhommɔne no begu afiase mfe apem. Nsunsuanso bɔne a wɔn atuatew no kɔfa bae no nyinaa befi hɔ. (Adi. 20:2, 3) Saa bere no, ɛbɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yenyaa Yehowa mu ahotoso sɛ n’akwankyerɛ na ɛyɛ papa paa!

18. Nea Israelfo yɛe a ɛho asɛm wɔ Numeri 11:4-6 ne 21:5 no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

18 Yɛkɔ wiase foforo no mu a, ebia yebehyia ɔhaw ahorow bi. Ahotoso a yɛwɔ wɔ sɛnea Yehowa yɛ n’ade mu no, ɔhaw a ɛtete saa no betumi ama yɛahyia ho sɔhwɛ. Momma yɛmfa nea esii wɔ Israelfo bere so no nyɛ ho nhwɛso. Bere a woyii wɔn fii Egypt nkoasom mu no, ankyɛ koraa na wofii ase nwiinwii sɛ wɔn kɔn adɔ nnuan a na wodi wɔ Egypt no. Mana a Yehowa de maa wɔn no de, wɔkaa sɛ ɛyɛ aduanfõ. (Kenkan Numeri 11:4-6; 21:5.) Sɛ ahohiahia kɛse no ba awiei a, yɛn nso yɛbɛkeka saa nsɛm no bi anaa? Sɛ wiase bɔne yi ba n’awiei a, adwuma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ de siesie asaase yi ma nkakrankakra ɛdan paradise no, yɛrentumi nkyerɛ ne kɛse. Ebia ɛrenyɛ adwuma ketewa, na mfiase no, ebia yɛremfa no ahogono. Nea Yehowa de bɛma yɛn saa bere no, yɛbɛkasa atia anaa? Nea ɛwom ne sɛ: Sɛ yɛma yɛn ani sɔ nea Yehowa de ma yɛn nnɛ no a, saa bere no nso, yɛn ani bɛsɔ nea ɔde bɛma yɛn no.

19. Sɛn na wobɛbɔ nsɛntitiriw a ɛwɔ adesua asɛm yi mu no mua?

19 Ɛsɛ sɛ yɛn adwene si yɛn pi sɛ, ɔkwan a Yehowa fa so yɛ n’ade no, bere nyinaa, ɛno na ɛyɛ papa paa. Afei nso, wɔn a Yehowa apaw wɔn sɛ wonni nneɛma anim no, ɛsɛ sɛ yenya wɔn mu ahotoso. Mma wo werɛ mmfi asɛm a Yehowa nam odiyifo Yesaia so kae yi da. Ɔkaa sɛ: “Sɛ mode mo ho to me so na mo koma antu a, mubenya ahoɔden.”—Yes. 30:15.

DWOM 98 Kyerɛwnsɛm no Fi Yehowa Hɔ

^ nky. 5 Ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa ne anuanom a edi nneɛma anim mu no, adesua yi bɛboa yɛn ama yɛahu hia a ehia sɛ yɛhyɛ mu den. Afei nso, yɛbɛhwɛ sɛnea yɛyɛ saa a ɛbɛboa yɛn nnɛ, ne sɛnea ebesiesie yɛn ama ɔhaw a yebehyia daakye.

^ nky. 9 Ɛtɔ da bi a, tebea a ankorankoro ne mmusua bi wom nti, wɔrentumi nkɔ asafo foforo mu. Hwɛ Yɛn Ahenni Som a ɛbaa November 2002, “Asɛmmisa Afã” hɔ.