Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma W’ani Nnye Bere a Wode Ntoboase Retwɛn Yehowa

Ma W’ani Nnye Bere a Wode Ntoboase Retwɛn Yehowa

BERE a Yehowa beyi abɔnefo nyinaa afi hɔ na wayɛ nneɛma nyinaa foforo no, worehwɛ kwan anaa? (Adi. 21:​1-5) Yegye di sɛ worehwɛ kwan paa! Nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ yebenya ntoboase atwɛn Yehowa, ɛnkanka bere a yɛrefa ɔhaw mu no. Sɛ yɛrehwɛ biribi kwan na ɛmma ntɛm a, ebetumi ama yɛn koma ayare.—Mmeb. 13:​12, ase hɔ asɛm.

Ne nyinaa mu no, bere a Yehowa ahyɛ a ɔde beyi ɔhaw nyinaa afi hɔ no, ɔpɛ sɛ yenya ntoboase twɛn. Adɛn nti na ɔpɛ sɛ yɛyɛ saa? Dɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛde anigye atwɛn?

ADƐN NTI NA YEHOWA PƐ SƐ YENYA NTOBOASE TWƐN?

Bible ka sɛ: “Yehowa de abotare retwɛn sɛ ɔbɛdom mo, na ɔbɛma ne ho so ahu mo mmɔbɔ. Efisɛ Yehowa yɛ atɛntrenee Nyankopɔn. Anigye ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa.” (Yes. 30:18) Yudafo atuatewfo no, wɔn na Yesaia kaa saa asɛm yi kyerɛɛ wɔn. (Yes. 30:1) Nanso na Yudafo no bi yɛ anokwafo, na saa nsɛm yi ma wɔnyaa anidaso. Yehowa asomfo anokwafo a ɛwɔ hɔ nnɛ nso, saa nsɛm koro yi ara ma wɔnya anidaso.

Enti ɛsɛ sɛ yenya ntoboase twɛn efisɛ Yehowa nso de abotare retwɛn. Wahyɛ bere a ɔde beyi saa wiase bɔne yi afi hɔ, na ɔretwɛn sɛ da no ne dɔn no bedu. (Mat. 24:36) Saa bere no du a, obiara behu pefee sɛ sobo a Ɔbonsam abɔ Yehowa ne n’asomfo no nyɛ nokware. Obeyi Satan ne wɔn a ɛtaa n’akyi no nyinaa afi hɔ, nanso yɛn de, ‘obehu yɛn mmɔbɔ.’

Enkosi saa bere no, sɔhwɛ a yɛrehyia no, ebia Yehowa renyi mfi hɔ, nanso ɔma yɛn awerɛhyem sɛ yebetumi de anigye atwɛn. Sɛnea Yesaia kae no, yebetumi de anigye atwɛn bere a yɛrehwɛ adepa bi kwan no. (Yes. 30:18) Yɛbɛyɛ dɛn anya saa anigye no? Nneɛma nnan bi betumi aboa yɛn.

NEA ƐBƐBOA YƐN MA YƐDE ANIGYE ATWƐN

Fa w’adwene si nhyira a wunya no so. Ɔhene Dawid asetenam nyinaa, ohuu abɔnefo bebree. (Dw. 37:35) Nanso ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛ komm hwɛ Yehowa; tɔ wo bo ase twɛn no. Sɛ obi bɔ pɔw bɔne na otumi yɛ ho adwuma a, mma ɛnnhaw wo.” (Dw. 37:7) Dawid ankasa de saa afotu no yɛɛ adwuma; anidaso a na ɔwɔ sɛ Yehowa begye no no, ɛno na ɔde n’ani sii so. Afei nso nhyira biara a onya fii Yehowa hɔ no, ɔkyerɛɛ ho anisɔ. (Dw. 40:5) Yɛn nso, sɛ yɛde yɛn adwene si nhyira a yenya no so, na yɛamma nneɛma bɔne a ɛrekɔ so no anhaw yɛn a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛtwɛn Yehowa.

Yere wo ho yi Yehowa ayɛ. Dawid a ɛbɛyɛ sɛ ɔkyerɛw Dwom 71 no ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Mɛtwɛn daa; ayeyi a mede ma wo no, mede bi bɛka ho.” (Dw. 71:14) Dɛn na na ɔbɛyɛ de ayi Yehowa ayɛ? Ná ɔbɛka Yehowa ho asɛm akyerɛ afoforo na wato nnwom de ayi no ayɛ. (Dw. 71:​16, 23) Sɛnea Dawid yɛe no, yɛn nso yebetumi de anigye atwɛn Yehowa. Sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no, yɛka Yehowa ho asɛm kyerɛ afoforo wɔ yɛn daa daa nkɔmmɔdi mu, na yɛto asafo nnwom a, ɛkyerɛ sɛ yɛreyi no ayɛ. Bere biara a wobɛto asafo dwom bi no, dwinnwen emu nsɛm a ɛhyɛ nkuran no ho.

Ma wo nuanom Kristofo nhyɛ wo nkuran. Bere a Dawid hyiaa ɔhaw no, ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Mede m’ani bɛto wo din so wɔ w’anokwafo anim.” (Dw. 52:9) Yɛn nso, sɛ yɛne yɛn nuanom hyiam wɔ adesua ase oo, yɛne wɔn kɔ asɛnka oo, yɛne wɔn bom gye yɛn ani oo, yebetumi anya nkuranhyɛ afi wɔn hɔ.—Rom. 1:​11, 12.

Hyɛ w’anidaso mu den. Dwom 62:5 ka sɛ: “Onyankopɔn na mayɛ komm retwɛn no, efisɛ ɔno ne m’anidaso.” Sɛ yɛhyɛ yɛn anidaso mu den na awiei no amma bere a yɛhwɛ kwan mpo a, ebetumi aboa yɛn ama yɛagyina mu. Ɛmfa ho bere tenten biara a yɛde bɛtwɛn no, ɛsɛ sɛ yenya awerɛhyem paa sɛ Yehowa bɔhyɛ nyinaa bɛbam. Yebetumi asua Onyankopɔn Asɛm de ahyɛ yɛn anidaso mu den—ebi ne nkɔmhyɛ a ɛwom, sɛnea emu nsɛm hyia pɛpɛɛpɛ, ne Yehowa su ahorow. (Dw. 1:​2, 3) Afei nso, bere a yɛretwɛn sɛ daa nkwa ho bɔhyɛ no bɛbam no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ‘bɔ mpae wɔ honhom kronkron mu’ na ama yɛne Yehowa ntam akɔ so ayɛ kama.—Yuda 20, 21.

Sɛnea Ɔhene Dawid yɛe no, wo nso nya awerɛhyem sɛ wɔn a enya ntoboase twɛn Yehowa no, ɔhwɛ wɔn so, na ɔda ne dɔ a enni huammɔ adi kyerɛ wɔn. (Dw. 33:​18, 22) Kɔ so nya ntoboase twɛn Yehowa; fa w’adwene si nhyira a wunya wɔ w’asetenam no so, yi Yehowa ayɛ, ma wo nuanom Kristofo nhyɛ wo nkuran, na hyɛ w’anidaso mu den.