ƆWƐN-ABAN—NEA ADESUA NSƐM WOM January 2018

Adesua nsɛm a yebesua February 26 kosi April 1, 2018.

WOTUU WƆN HO MAE KORAA

Wotuu Wɔn Ho Mae Koraa—Wɔ Madagascar

Adawurubɔfo a wɔatu wɔn ho ama reboa ama wɔatrɛw Ahenni no ho asɛm mu wɔ Madagascar supɔw kɛse no so no, tie wɔn mu binom anom asɛm.

“Ɔma Nea Wabrɛ No Tumi”

Bere a aka kakra ama wiase bɔne yi aba awiei no, yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebehyia ɔhaw pii. Afe 2018 afe asɛm no kae yɛn sɛ yɛmfa yɛn ho nto Yehowa so mma ɔnhyɛ yɛn den.

Nkaedi No Ma Onyankopɔn Nkurɔfo Yɛ Baako

Ɔkwan bɛn so na Nkaedi no ma baakoyɛ a ɛwɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu no mu yɛ den? Bere bɛn na yɛbɛhyɛ Nkaedi ho fã a etwa to?

Onii a Ade Nyinaa Yɛ Ne Dea No, Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛma No Biribi?

Ɔkwan baako a yɛma Onyankopɔn hu sɛ yɛdɔ no ne sɛ yeyi ntoboa ma no. Yɛde yɛn ahonyade hyɛ Yehowa anuonyam a, mfaso bɛn na yenya?

Ɔdɔ Bɛn Na Ɛma Yɛn Ani Gye Ankasa?

Nsonsonoe bɛn na ɛda ɔdɔ a Onyankopɔn pɛ sɛ yɛda no adi ne ɔdɔ a wɔaka ho asɛm wɔ 2 Timoteo 3:2-4 no ntam? Mmuae no bɛboa yɛn ama yɛanya akomatɔyam ne anigye ankasa.

Hu Nsonsonoe a Ɛda Wɔn a Wɔsom Yehowa Ne Wɔn a Wɔnsom No Ntam

Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ ɛsono nneyɛe a nnipa da no adi wɔ nna a edi akyiri yi mu, ɛnna ɛsono nea Onyankopɔn nkurɔfo nso da no adi?

So Wunim?

Tete Israel no, ɛyɛ ampa sɛ na wɔde nnyinasosɛm a ɛwɔ Mose Mmara no mu siesie akasakasa a na ɛkɔ so wɔ da biara da asetena mu?