Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔdɔ Bɛn Na Ɛma Yɛn Ani Gye Ankasa?

Ɔdɔ Bɛn Na Ɛma Yɛn Ani Gye Ankasa?

“Anigye ne nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa!”​—DW. 144:15.

NNWOM: 111, 109

1. Adɛn nti na bere a yɛwɔ mu yi yɛ soronko?

BERE a yɛwɔ mu yi yɛ soronko koraa wɔ nnipa abakɔsɛm mu. Sɛnea Bible ka too hɔ no, Yehowa reboaboa ‘nnipakuw kɛse bi a wofi amanaman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu’ ano. Nnipa a waboaboa wɔn ano no yɛ “ɔman kɛse.” Wɔyɛ nnipa a wɔwɔ anigye, na wɔn dodow boro ɔpepem nwɔtwe; ‘wɔresom Onyankopɔn awia ne anadwo wɔ n’asɔrefie.’ (Adi. 7:9, 15; Yes. 60:22) Ɛnnɛ, nnipa dodow a wɔdɔ Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa no, yennyaa bi saa da.

2. Ɔdɔ a ɛnyɛ ɔdɔ pa bɛn na nnipa a wɔnyɛ Onyankopɔn nnamfo da no adi? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

2 Bible san kaa too hɔ sɛ yɛn bere yi so no, nnipa a wɔnyɛ Onyankopɔn nnamfo bɛda ɔdɔ a ɛnyɛ ɔdɔ pa adi. Saa ɔdɔ no, ɛyɛ pɛsɛmenkominya dɔ. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nna a edi akyiri mu no, . . .  nnipa bɛyɛ ahopɛ, sikanibere, . . . wɔn a wɔdɔ anigyede sen Onyankopɔn.” (2 Tim. 3:1-4) Saa pɛsɛmenkominya dɔ yi ne Onyankopɔn dɔ bɔ abira; ɛne Onyankopɔn dɔ nhyia. Sɛ nkurɔfo dwen nea wɔn nkutoo benya ho a, anigye a wɔrehwehwɛ no, wonnya. Nokwasɛm ne sɛ, ɔdɔ a ɛte saa ama pɛsɛmenkominya abu so wɔ wiase, na ama emu tena ayɛ den.

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu, na adɛn ntia?

3 Paulo hui sɛ nnipa pii bɛda pɛsɛmenkominya dɔ adi, na ebetumi asum Kristofo afiri. Enti Paulo bɔɔ Kristofo kɔkɔ sɛ ‘wɔnnan wɔn ho,’ anaa wɔntwe wɔn ho mfi nnipa a wɔda pɛsɛmenkominya dɔ adi ho. (2 Tim. 3:5) Nanso nkurɔfo a wɔte saa no, yɛrentumi ntwe yɛn ho mfi wɔn ho korakora. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn atwe yɛn ho afi suban a nnipa a wɔatwa yɛn ho ahyia da no adi ho? Yɛbɛyɛ dɛn ayere yɛn ho ayɛ nea ɛsɔ Yehowa a ɔne ɔdɔ Nyankopɔn no ani? Momma yɛnhwɛ nsonsonoe a ɛda ɔdɔ a Onyankopɔn pɛ sɛ yɛda no adi ne ɔdɔ a wɔaka ho asɛm wɔ 2 Timoteo 3:2-4 no ntam. Yɛyɛ saa a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahwehwɛ yɛn mu na yɛahu ɔdɔ a ɛfata sɛ yɛda no adi; ɔdɔ a ɛbɛma yɛanya akomatɔyam ne anigye ankasa.

YƐDƆ ONYANKOPƆN ANAA YƐDƆ YƐN HO?

4. Adɛn nti na ɛnyɛ mfomso sɛ yebenya ɔdɔ bi ama yɛn ho?

4 Honhom kaa Paulo ma ɔkyerɛwee sɛ, “Nnipa bɛyɛ ahopɛ,” anaa wɔbɛdɔ wɔn ho dodo. Yemmisa sɛ, ɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛdɔ yɛn ho? Dabi, mfomso biara nni ho, na ɛho hia mpo sɛ yɛdɔ yɛn ho sɛnea ɛfata. Saa na Yehowa bɔɔ yɛn. Yesu kae sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Mar. 12:31) Sɛ yɛnnɔ yɛn ho a, yɛrentumi nnɔ yɛn yɔnko. Kyerɛwnsɛm no san ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ okununom dɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. Nea ɔdɔ ne yere no dɔ ne ho, na onipa biara ntan n’ankasa honam da; mmom no ɔyɛn no na n’ani kũ ho.” (Efe. 5:28, 29) Enti ɛda adi pefee sɛ, ɛfata sɛ yenya ɔdɔ bi ma yɛn ho.

5. Nnipa a wɔdɔ wɔn ho dodo no, dɛn na wobɛka afa wɔn ho?

5 Yɛhwɛ 2 Timoteo 3:2 a, ɛka sɛ nnipa bɛyɛ ahopɛ, anaa wɔbɛdɔ wɔn ho dodo. Saa ɔdɔ no nyɛ ɔdɔ pa. Ɛyɛ pɛsɛmenkominya dɔ. Nnipa a wɔdɔ wɔn ho dodo bu wɔn ho tra so. (Kenkan Romafo 12:3.) Wonnwen afoforo ho, na mmom nea eye ma wɔn nkutoo na ehia wɔn. Sɛ nneɛma ankɔ yiye a, sɛ́ anka wobegye wɔn mfomso atom no, wɔde hyɛ afoforo. Nnipa a wɔyɛ pɛsɛmenkominya saa no, wonni anigye ankasa.

6. Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn a, adepa bɛn na efi mu ba?

6 Bere a ɔsomafo Paulo kyerɛɛ subammɔne ahorow a ɛbɛda adi wɔ nna a edi akyiri mu no, ahopɛ na ɔde dii kan. Bible ho abenfo susuw sɛ, nea enti a ɔyɛɛ saa ne sɛ, saa subammɔne no na ɛkɔfa nea aka no nyinaa ba. Nanso, ɔdɔ a Onyankopɔn pɛ sɛ yenya no deɛ, ɛma yenya suban pa. Bible ka sɛ, sɛ obi wɔ ɔdɔ a, ɔwɔ anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ne ahosodi. (Gal. 5:22, 23) Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Anigye ne nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa!” (Dw. 144:15) Yehowa yɛ anigye Nyankopɔn, na ne nkurɔfo da saa suban no adi. Afei nso, nnipa a wɔdɔ wɔn ho dodo dwen nea wɔn nkutoo benya ho. Nanso, Yehowa asomfo deɛ wɔnte saa, na mmom wotu wɔn ho ma boa afoforo, na ɛno ma wɔn ani gye.​—Aso. 20:35.

Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛammɛyɛ nnipa a yɛdɔ yɛn ho dodo, anaa anigyede? (Hwɛ nkyekyɛm 7)

7. Nsɛmmisa bɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛahwehwɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no mu?

7 Ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn ho no, yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ ɛreyɛ akyɛn nea yɛwɔ ma Onyankopɔn? Momma yensusuw afotu a ɛwɔ Filipifo 2:3, 4 no ho nhwɛ. Ɛka sɛ: “Mommfa mansotwe anaa anuonyamhunupɛ nnyɛ biribiara, na mmom mumfi ahobrɛase mu mmu afoforo sɛ wɔkyɛn mo, na monnhwɛ nneɛma a ɛfa mo nko ara ho, na mmom monhwɛ nea ɛfa afoforo ho nso bi.” Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Mede saa afotu yi yɛ adwuma wɔ m’asetena mu? Merebɔ mmɔden paa sɛ mɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ sɛ meyɛ? Mehwehwɛ akwan bi a mɛfa so aboa afoforo wɔ asafo no mu ne asɛnka mu?’ Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ yebetu yɛn ho ama. Egye mmɔdenbɔ ne ahofama. Nanso biribi foforo wɔ hɔ a ebetumi ama yɛn ani agye paa asen sɛ yebenya amansan Hene no anim dom anaa?

8. Onyankopɔn ho dɔ a ebinom wɔ nti, dɛn na wɔayɛ?

8 Onyankopɔn ho dɔ a ebinom wɔ nti, wɔagyae adwuma a anka ɛbɛma wɔanya wɔn ho sɛnea wobenya bere pii asom Yehowa. Ericka te United States; ɔyɛ oduruyɛfo. Nanso, sɛ́ anka ɔbɛkɔ n’anim na wagye din wɔ aduruyɛ mu no, ɔbɛyɛɛ daa kwampaefo. Ɔne ne kunu akɔsom wɔ aman ahorow bi so. Ɔhwɛ n’akyi a, ɔka sɛ: “Asɛmpaka adwuma no a yɛayɛ wɔ nkurɔfo a wɔka ɔman foforo so kasa mu no ama yɛanya osuahu pii. Na ama yɛanya nnamfo nso; wei ama yɛn asetena atu mpɔn. Meda so ara yɛ oduruyɛfo adwuma no. Nanso, mede me bere dodow no ara ne m’ahoɔden kyerɛkyerɛ nkurɔfo Yehowa ho ade, na meboa asafo no mufo nso. Wei ama m’ani agye me komam, na me bo atɔ me yam paa.”

WOREHYEHYƐ W’AHONYADE WƆ SORO ANAA ASASE SO?

9. Adɛn nti na nnipa a wɔn ani bere sika nni anigye?

9 Paulo kyerɛwee sɛ nnipa bɛyɛ “sikanibere.” Mfe bi a atwam no, ɔkwampaefo bi a ɔwɔ Ireland kaa Onyankopɔn ho asɛm kyerɛɛ ɔbarima bi. Ɔbarima no yii sika fii ne kotoku mu, na ɔmaa so hoahoaa ne ho kae sɛ, “Wei ne me nyame!” Ɛwom sɛ nnipa pii renyɛ saa deɛ, nanso nnipa a wɔn ani bere sika ne ahode abu so wɔ wiase. Nanso Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea ɔpɛ dwetɛ no, dwetɛ mmee no, na nea ɔpɛ adedodow nso, ahonyade mmee no.” (Ɔsɛnk. 5:10) Nnipa a wɔte saa no, nea wɔda dwen ho ara ne sɛ wobenya sika. Enti wobiri wɔn mogya ani pɛ sika, na ɛma wodi “yaw bebree.”​—1 Tim. 6:9, 10.

10. Dɛn na Bible ka fa ahonyade ne ohia ho?

10 Nokwasɛm ne sɛ, yɛn nyinaa hia sika. Sika bɔ yɛn ho ban wɔ ɔkwan bi so. (Ɔsɛnk. 7:12) Nanso, yemmisa sɛ, sɛ sika a obi wɔ yɛ nea ɔde twitwa ne ho nkutoo a, n’ani betumi agye paa anaa? Yiw, n’ani betumi agye paa! (Kenkan Ɔsɛnkafo 5:12.) Yake ba Agur kyerɛwee sɛ: “Mma me ohia anaa ahonyade. Ma me aduan a ɛbɛso me na minni.” Nea enti a na ɔbarima no mpɛ sɛ obedi hia buruburoo no, ɛnyɛ den koraa sɛ yɛbɛte ase. Ɔkɔɔ so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, na ɔmpɛ sɛ ohia bepiapia no ama wabɔ korɔn. Efisɛ ɔbɔ korɔn a, obegu Onyankopɔn din ho fĩ. Nanso, adɛn nti na ɔbɔɔ mpae sɛ ɔmpɛ sɛ onya ahonyade pii? Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛnea ɛbɛyɛ a meremmee na mempa wo nka sɛ: ‘Hena ne Yehowa?’” (Mmeb. 30:8, 9) Ebia wunim nnipa bi a wɔmfa wɔn ho nto Onyankopɔn so, na mmom wɔde wɔn ho to wɔn ahonyade so.

11. Sika ho afotu bɛn na Yesu de mae?

11 Nnipa a wɔn ani bere sika ntumi nsɔ Onyankopɔn ani. Yesu kae sɛ: “Obiara ntumi nsom awuranom baanu; efisɛ sɛ wantan obiako na wannɔ ɔfoforo no a, ɔbɛbata obiako ho na wabu ɔfoforo no animtiaa. Muntumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyade.” Yesu fii n’asɛm no ase sɛ: “Munnyae ademude a mohyehyɛ wɔ asase so no, baabi a nwewee ne nkannare sɛe no, na akorɔmfo bubu kowia. Mmom no, monhyehyɛ mo ademude ɔsoro, baabi a nwewee anaa nkannare nsɛe no, na akorɔmfo mmubu nkowia.”​—Mat. 6:19, 20, 24.

12. Sɛ yɛn ani ammere ahonyade a, ɔkwan bɛn so na ebetumi aboa yɛn ama yɛasom Onyankopɔn? Ma ɛho nhwɛso.

12 Nnipa pii ahu sɛ, sɛ wɔn ani ammere ahonyade a, ɛma wɔn ani gye paa. Ɛsan nso ma wonya bere pii som Yehowa. Jack te United States. Ná ɔwɔ ofie kɛse ne adwuma bi, nanso ɔtɔn ne nyinaa. Efisɛ ohui sɛ ɔyɛ saa a ɛbɛma wanya kwan ne ne yere ayɛ akwampae adwuma. Ɔkae sɛ: “Ná ɛyɛ den paa sɛ yɛbɛtɔn yɛn fie fɛfɛ ne yɛn agyapade a ɛwɔ ɔman no mu no. Nanso mfe bi a atwam no, esiane adwumam nsɛnnennen nti, mɛba fie no na mayɛ basaa. Me yere a ɔyɛ daa kwampaefo no deɛ, bere nyinaa na n’ani agye. Ná me yere taa ka sɛ, ‘Adwumawura biara nni hɔ a ɔbɛto m’adwumawura!’ Seesei a me nso mereyɛ akwampae adwuma no, yɛn mmienu nyinaa reyɛ adwuma ama Owura koro no ara, ɔno ne Yehowa.”

Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛammɛyɛ nnipa a yɛdɔ sika? (Hwɛ nkyekyɛm 13)

13. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛahu adwene a yɛwɔ wɔ sika ho?

13 Sɛ yɛpɛ sɛ yehu adwene a yɛwɔ wɔ sika ho a, ɛsɛ sɛ yefi yɛn komam ma nsɛmmisa a edidi so yi ho mmuae. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Nea Bible ka fa sika ho no, migye di paa, na mede bɔ me bra? Sikapɛ ne ade a mede di kan wɔ m’asetena mu anaa? Ahonyade som bo ma me sen abusuabɔ a me ne Yehowa ne nnipa foforo benya anaa? Migye di paa sɛ Yehowa bɛma me nsa aka nea mihia?’ Yebetumi anya awerɛhyem sɛ wɔn a wɔde wɔn ani to Yehowa so no, ɔremma wɔn nsa nsi fam da.​—Mat. 6:33.

YEDI YEHOWA AKYI ANAA YEDI ANIGYEDE AKYI?

14. Adwene a ɛfata bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ anigyede ho?

14 Sɛnea Bible ka too hɔ no, ɛnnɛ nnipa pii ‘dɔ anigyede.’ Yɛahu sɛ, mfomso biara nni ho sɛ obi bɛdɔ ne ho sɛnea ɛsɛ na wanya sika ho adwene a ɛfata. Saa ara nso na mfomso biara nni ho sɛ obi begye n’ani sɛnea ɛsɛ. Yehowa mpɛ sɛ yɛbɛyɛ katee de nneɛma bi akame yɛn ho. Saa ara nso na ɔmpɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi nneɛma bi a asɛm biara nni ho a yɛde begyigye yɛn ani ho. Bible hyɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo nkuran sɛ: “Kɔ; fa anigye kodi w’aduan, na fa koma pa nom wo nsã.”​—Ɔsɛnk. 9:7.

15. Anigyede bɛn na 2 Timoteo 3:4 ka ho asɛm?

15 Anigyede a ɛma obi yi n’adwene fi Onyankopɔn so ɛnna 2 Timoteo 3:4 ka ho asɛm. Ɔbenfo bi kyerɛwee sɛ: “Saa kyerɛwsɛm no nka sɛ nkurɔfo a wɔte saa no wɔ ɔdɔ bi ma Onyankopɔn. Nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ, saa nkurɔfo no nni Onyankopɔn ho dɔ biara.” Wei yɛ kɔkɔbɔ a emu yɛ den ma nkurɔfo a wɔdɔ anigyede no! Nnipa a “wɔdɔ anigyede” a Bible ka wɔn ho asɛm no, wɔn ara ne nkurɔfo a wɔma ‘asetena yi mu anigye twetwe wɔn’ no.​—Luka 8:14.

16, 17. Nhwɛso bɛn na Yesu yɛe wɔ anigyede ho?

16 Yesu ma yehuu sɛnea yebenya anigyede ho adwene a ɛfata paa. Ɔkɔɔ ‘ayeforohyia bi’ ne ‘apontow kɛse bi’ ase. (Yoh. 2:1-10; Luka 5:29) Ayeforohyia no ase no, Yesu yɛɛ anwonwade bi maa nsu danee nsã. Nea ɛbae ne sɛ, nsã a na wɔde resom ahɔho no sae. Bere foforo nso, ɔbɔɔ nnipa a na wobu wɔn ho treneefo asɛm gui. Saa nkurɔfo no kasa tiaa Yesu sɛ ɔyɛ odidifo ne ɔsanomfo.​—Luka 7:33-36.

17 Nanso Yesu amfa ne ho anhyɛ anigyede mu fee. Ɔde Yehowa dii kan wɔ n’asetenam, na ɔyɛɛ nea obetumi biara boaa afoforo. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye nnipa pii nkwa no, ɔmaa kwan ma wokum no yayaayaw wɔ dua so. Yesu ka kyerɛɛ wɔn a na wɔpɛ sɛ wodi n’anammɔn akyi no sɛ: “Anigye ne mo sɛ me nti nkurɔfo bɔ mo ahohora na wɔtaa mo na wodi atoro ka asɛmmɔne biara to mo so. Momma mo ani nnye na munni ahurusi, efisɛ mo akatua sõ wɔ soro; saa ara na wɔtaa adiyifo a wodii mo anim no.”​—Mat. 5:11, 12.

Dɛn na yɛbɛyɛ na yɛammɛyɛ nnipa a yɛdɔ anigyede? (Hwɛ nkyekyɛm 18)

18. Nsɛmmisa bɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛ yɛdɔ anigyede anaa?

18 Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ yɛdɔ anigyede anaa? Ɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Mede anigyede sesa asafo nhyiam ne asɛnka? Megyae nneɛma bi akyi di na ama matumi asom Onyankopɔn anaa? Sɛ merepɛ biribi a mɛyɛ de agyigye m’ani a, misusuw adwene a Yehowa benya wɔ nea mepɛ sɛ meyɛ no ho?’ Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn paa a, yɛbɛtwe yɛn ho afi anigyede biara a yenim sɛ ɛnsɔ n’ani ho. Saa ara nso na anigyede biara a yesusuw sɛ n’ani rennye ho no, yɛbɛtwe yɛn ho afi ho.​—Kenkan Mateo 22:37, 38.

NEA ƐMA YENYA ANIGYE

19. Henanom na wɔn ani rentumi nnye ankasa da?

19 Nnipa ahu amane bɛyɛ mfe 6,000 wɔ Satan wiase yi mu. Afei, Satan wiase no reba awiei. Nnipa a wɔyɛ ahopɛ anaa wɔdɔ wɔn ho dodo, wɔn a wɔdɔ sika, ne wɔn a wɔdɔ anigyede ahyɛ asase so mã. Wɔyɛ nkurɔfo a nea wɔpɛ nkutoo na wodwen ho, na ɛno ne nea ehia wɔn paa wɔ wɔn asetena mu. Nnipa a wɔte saa ani rentumi nnye ankasa da. Nanso, odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Anigye ne onipa a Yakob Nyankopɔn yɛ ne boafo; nea n’ani da Yehowa, ne Nyankopɔn so.”​—Dw. 146:5.

20. Anigye bɛn na Onyankopɔn ho dɔ ama woanya?

20 Yehowa nkurɔfo dɔ Onyankopɔn paa. Afe biara nnipa pii bɛka wɔn ho. Wei kyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni redi tumi, na ɛrenkyɛ biara ɛde nhyira a ɛso bi nni bɛba asase so. Sɛ yɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ a, yɛma n’ani gye; yɛn nso, wei ma yɛn ani gye paa. Wɔn a wɔdɔ Yehowa no, wɔn ani begye afebɔɔ! Suban ahorow bi a pɛsɛmenkominya dɔ kɔfa ba no, yɛbɛhwɛ bi wɔ adesua a edi hɔ no mu. Na yebehu nsonsonoe a ɛwɔ saa suban no ne suban pa a Yehowa asomfo da no adi mu.