Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

Tete Israel no, ɛyɛ ampa sɛ na wɔde nnyinasosɛm a ɛwɔ Mose Mmara no mu siesie akasakasa a na ɛkɔ so wɔ da biara da asetena mu?

AANE, ɛtɔ da a na wɔyɛ saa. Yɛnhwɛ nhwɛso bi. Deuteronomium 24:14, 15 ka sɛ: “Nsisi ɔpaani hiani a ne ho akyere no; wo nua oo, ɔhɔho a ɔte w’asase so wɔ wo kurom oo . . . Woanyɛ saa na osu frɛ Yehowa a, ɛbɛdan bɔne ama wo.”

Kyɛmfɛre a wɔakyerɛw ɔpaani no adesrɛ wɔ so no

Kyerɛwtohɔ bi a wɔyɛe wɔ afeha a ɛto so nson A.Y.B. mu na ɛkyerɛ saa. Wohui wɔ baabi a ɛbɛn Ashdod. Ɛbɛyɛ sɛ wɔkyerɛw saa asɛm no maa ɔpaani bi a wosusuw sɛ wantumi antwa aba dodow a na wɔhwɛ kwan sɛ obetwa. Kyerɛwtohɔ yi a wɔyɛe wɔ kyɛmfɛre so no ka sɛ: “Nna kakra a atwam no, bere a w’akoa (ɔdesrɛfo no) boaboaa nnɔbae no ano wiei no, Shobay babarima Hoshayahu bae begyee w’akoa ntama. . . . M’ayɔnkofo a na wɔne me gyina owia mu retwa nnɔbae no nyinaa bedi adanse . . . sɛ, asɛm a maka yi yɛ nokware. Menyɛɛ bɔne biara. . . . Sɛ amrado bu no sɛ ɛnyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔbɛhwɛ ama wɔde n’akoa ntama asan abrɛ no a, onhu n’akoa mmɔbɔ na ɔmma wɔnsan mfa mmrɛ no! W’akoa nni ntama, enti ɛnsɛ sɛ woyɛ komm a wonyɛ ho hwee.”

Abakɔsɛm kyerɛwfo Simon Schama ka adesrɛ yi ho asɛm sɛ, “ɛkyerɛ pii sen ɔpaani bi a ne ho yeraw no a ɔpɛ sɛ wɔsan de [ne ntama] brɛ no. Ɛsan nso kyerɛ sɛ, ɛbɛyɛ sɛ na nea ɔresrɛ ade no nim mmara apam a ɛwɔ Bible mu no ho biribi. Ne titiriw no, ahyɛde ahorow a ɛwɔ Leviticus ne Deuteronomium a ɛkasa tia ateetee a wɔde ba ahiafo so no.”