Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ɔma Nea Wabrɛ No Tumi”

“Ɔma Nea Wabrɛ No Tumi”

Afe 2018 afe asɛm: “Wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no benya ahoɔden foforo.”​—YES. 40:31.

NNWOM: 3, 47

1. Ɔhaw ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yegyina ano, nanso adɛn nti na Yehowa ani sɔ n’asomfo anokwafo? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

YƐN nyinaa nim sɛ wiase yi mu asetena deɛ, ɔhaw mpa mu. Yenim sɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea a yɛdɔ wɔn no pii wɔ hɔ a, yare a emu yɛ den reteetee wɔn. Afoforo nso, wɔn ani afi, nanso wɔrehwɛ wɔn abusuafo a wɔabɔ nkwakoraa ne mmerewa. Ebinom nso deɛ, ɛnyɛ nneɛma akɛse na wɔrehwehwɛ, na mmom nneɛma kakra a wɔn abusua hia mpo, ɛyɛ den sɛ wobenya. Ɔhaw ahorow a yɛaka ho asɛm yi, yenim sɛ yɛn mu pii wɔ hɔ a, ɛnyɛ emu baako pɛ na ɛreteetee yɛn seesei, na mmom nea ɛboro saa! Wei gye yɛn bere ne yɛn ahoɔden pii, na sikasɛm koraa deɛ, yɛnna nka. Nanso wowɔ Onyankopɔn mu awerɛhyem paa sɛ ne bɔhyɛ biara bɛbam, na wugye di paa nso sɛ daakye nneɛma bɛyɛ yiye. Gyidi a ɛte saa a wowɔ no, wunhu sɛ Yehowa ani bɛsɔ paa?

2. Nkuranhyɛ bɛn na yebetumi anya afi Yesaia 40:29, nanso mfomso kɛse bɛn na yebetumi adi?

2 Ɔhaw a worehyia no, ɛtɔ da a, ɛyɛ wo sɛ ɛremene wo anaa? Sɛ saa a, hu sɛ ɛnyɛ wo nko ara na ɛyɛ wo saa. Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo a wɔtenaa ase tete no, edu baabi a na wɔn abam reyɛ abu. (1 Ahe. 19:4; Hiob 7:7) Nanso wɔampa abaw, na mmom wɔde wɔn ho too Yehowa so ma ɔhyɛɛ wɔn den. Wɔn nsa ansi fam, efisɛ yɛn Nyankopɔn ‘ma nea wabrɛ no tumi.’ (Yes. 40:29) Awerɛhosɛm ne sɛ, Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no, wɔn mu binom anya adwene sɛ ɔkwan pa a wobetumi afa so agyina ɔhaw a wɔrehyia ano ne sɛ ‘wɔde nokware no bɛto nkyɛn kakra.’ Sɛ wonya adwene a ɛte saa a, na nea wɔrepɛ akyerɛ ne sɛ Onyankopɔn som yɛ adesoa na ɛnyɛ nhyira. Wobɛhwɛ no, na wɔagyae Onyankopɔn Asɛm kenkan, wɔnkɔ asafo nhyiam ne asɛnka, na saa pɛpɛɛpɛ na Satan pɛ sɛ wɔyɛ.

3. (a) Dɛn na yɛbɛyɛ na Satan amma yɛn gyidi anyɛ mmerɛw? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Ɔbonsam nim paa sɛ, sɛ yɛyere yɛn ho yɛ Yehowa som adwuma denneennen a, ɛbɛma yɛn gyidi ayɛ den, na ɔmpɛ no saa. Sɛ wuhu sɛ woabrɛ na woayɛ basaa ma wugye wo ho a ennye a, ntwe wo ho mfi Yehowa ho. Kɔ so bɛn Yehowa bere nyinaa, na ‘ɔbɛma w’ase atim, ɔbɛma woayɛ den.’ (1 Pet. 5:10; Yak. 4:8) Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ ɔhaw mmienu a ebetumi ama yɛagow yɛn ho wɔ Onyankopɔn som mu. Afei nso, yɛbɛhwɛ sɛnea sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn ama yɛatumi agyina ɔhaw no ano. Nanso, momma yenni kan nsusuw Yesaia 40:26-31 ho, na yebehu sɛ Yehowa wɔ tumi a ɔde bɛhyɛ yɛn den.

WƆN A WƆDE WƆN HO TO YEHOWA SO NO BENYA AHOƆDEN FOFORO

4. Yɛhwɛ Yesaia 40:26 a, dɛn na yebetumi asua?

4 Kenkan Yesaia 40:26. Obiara nni hɔ a watumi akan nsoromma a ɛwɔ wim nyinaa da. Nyansahufo kyerɛ sɛ, yɛn nsorommakuw a wɔfrɛ no Milky Way no, nsoromma a ɛwɔ ɛno nko ara mu bɛyɛ ɔpepepem 400. Nanso Yehowa ato nsoromma biara din. Dɛn na wei ma yehu fa Yehowa ho? Sɛ abɔde a nkwa nnim mpo Yehowa ani kũ ho a, ɛnde wo a wosom no no, hwɛ sɛnea n’ani bekũ wo ho afa! Ɔdɔ a wodɔ Yehowa nti na wosom no, na ɛnyɛ sɛ ɔhyɛ wo sɛ som no. (Dw. 19:1, 3, 14) Yɛn Agya a ɔdɔ yɛn no nim wo yiye paa. Bible ka sɛ: “Mo ti so nhwi koraa wakan.” (Mat. 10:30) Odwontofo no nso ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Yehowa nim wɔn a wodi mũ no nkwa nna,” anaa onim nea wɔrefa mu. (Dw. 37:18) Nokwasɛm ne sɛ, onim sɔhwɛ biara a worefa mu, na obetumi ahyɛ wo den ama woagyina emu biara ano.

5. Yɛbɛyɛ dɛn anya awerɛhyem sɛ Yehowa betumi ahyɛ yɛn den?

5 Kenkan Yesaia 40:28. Yehowa ne ahoɔden nyinaa Wura. Wo deɛ, yɛnhwɛ ahoɔden anaa tumi dodow a Yehowa de ma owia no nko ara. David Bodanis yɛ obi a ɔkyerɛw nyansahu ho nsɛm. Ɔkae sɛ: “Anibu biara, . . . tumi a efi Owia mu ba no, ne dodow te sɛ nea ɛwɔ [atɔmik bɔmb ɔpepepem pii] mu.” Obi foforo a ɔyɛ nhwehwɛmu kyerɛe sɛ “tumi a efi owia mu ba anibu baako no, adesamma betumi de adi dwuma mfe 200,000”! Onii a ɔma owia tumi no betumi ahyɛ yɛn den ama yɛagyina ɔhaw biara ano. Obi betumi agye wei ho kyim anaa?

6. Ɔkwan bɛn so na Yesu kɔndua yɛ mmerɛw, na ɛsɛ sɛ wei ka yɛn sɛn?

6 Kenkan Yesaia 40:29. Yɛsom Yehowa a, yɛn ani gye paa. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Momfa me kɔndua nto mo ho so.” Ɔde kaa ho sɛ: “Mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw na m’adesoa yɛ hare.” (Mat. 11:28-30) Saa asɛm no yɛ nokware turodoo! Ɛtɔ da a, sɛ yɛrefi fie akɔ asafo nhyiam anaa asɛnka a, ɛyɛ a yɛte nka sɛ yɛabrɛ ankasa. Nanso yɛbɛkɔ aba no, na ɛte sɛn? Yehu sɛ na yɛn ho adwo yɛn fɔmm, na yɛanya ahoɔden a yɛde begyina ɔhaw a egu yɛn so ano. Anokwa, Yesu kɔndua yɛ hare ampa!

7. Ma osuahu a ɛma yehu sɛ Mateo 11:28-30 yɛ nokware.

7 Yɛnhwɛ asɛm a ato onuawa bi a yɛbɛfrɛ no Kayla. Yare bi abɛtena ne so, na ɛma ɔyɛ hodwoo, wanya adwenemhaw, na tipae bi a wɔfrɛ no asoroben nso wɔ ne so. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛtɔ da a ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛkɔ asafo nhyiam. Nanso, bere a ɔbɔɔ mmɔden kɔɔ asafo nhyiam bi no, ɔkae sɛ: “Ná ɔkasa no fa abasamtu ho. Onua no maa ɔkasa no wɔ ɔkwan bi so a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ tema na odwen afoforo ho; ɛkaa me ma misui. Ɛkaee me sɛ, baabi a ehia sɛ mekɔ ne asafo nhyiam ase.” Hwɛ sɛnea n’ani gyei sɛ ɔbɔɔ mmɔden kɔɔ adesua saa da no!

8, 9. Bere a ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Meyɛ mmerɛw mmom a na minya ahoɔden” no, na ɔkyerɛ sɛn?

8 Kenkan Yesaia 40:30. Sɛ ebia yɛn ho akokwaw wɔ nneɛma pii mu sɛ dɛn araa mpo a, ɛnyɛ biribiara na yɛn ankasa betumi de yɛn ahoɔden ayɛ. Wei yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa gye tom. Ɛwom sɛ na ɔsomafo Paulo ho akokwaw wɔ nneɛma pii mu deɛ, nanso ɛnyɛ biribiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ na na otumi yɛ. Bere a Paulo de ne haw too Onyankopɔn anim no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu.” Paulo tee ase. Ɔkae sɛ: “Meyɛ mmerɛw mmom a na minya ahoɔden.” (2 Kor. 12:7-10) Ná ɔkyerɛ sɛn?

9 Paulo hui sɛ, sɛ wannya mmoa amfi obi a ɔwɔ tumi sen nnipa hɔ a, ɔrentumi nyɛ nneɛma pii. Sɛ Paulo yɛ mmerɛw a, na Onyankopɔn honhom kronkron tumi ma no ahoɔden. Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom Onyankopɔn honhom tumi hyɛɛ Paulo den ma ɔyɛɛ nneɛma pii a anka ɔno ankasa rentumi mfa n’ahoɔden nyɛ da. Onyankopɔn honhom betumi ahyɛ yɛn nso den. Sɛ Yehowa na ɔhyɛ yɛn den a, ɛnde na yɛwɔ ahoɔden paa!

10. Dɛn na Yehowa yɛ de boaa Dawid ma ogyinaa nsɛnnennen a ohyiae ano?

10 Onyankopɔn honhom kronkron hyɛɛ Dawid den mpɛn pii. Ɔtoo dwom sɛ: “Wo nti, mitumi tow hyɛ afowfo dɔm so; na me Nyankopɔn nti mitumi foro ɔfasu.” (Dw. 18:29) Afasu anaa ɔhaw bi wɔ hɔ a, yɛn ankasa rentumi mfa yɛn ahoɔden ‘mforo’ anaa nni so; mmom yebehia Yehowa mmoa.

11. Kyerɛ sɛnea honhom kronkron boa yɛn ma yetumi gyina yɛn haw ano.

11 Kenkan Yesaia 40:31. Yɛnhwɛ ɔkɔre. Ɛnyɛ n’ahoɔden nko ara na ɔde tu fa wim twa kwantenten. Mmom mframa a emu yɛ hyew boa no ma otumi tu kɔ wim; ɛmma ɔnsɛe n’ahoɔden pii. Enti sɛ ɔhaw kɛse bi bɛtɔ wo so a, kae ɔkɔre. Srɛ Yehowa na ɔmma “ɔboafo no, honhom kronkron no” nhyɛ wo den. (Yoh. 14:26) Anigyesɛm ne sɛ, yebetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn honhom kronkron bere biara a yehia; da mũ nyinaa, kyerɛ sɛ, nnɔnhwerew 24. Afei nso, sɛ mente-me-ho-ase bi sɔre wɔ yɛne asafo no muni bi ntam a, ebia saa bere no paa na yebehu sɛ yehia Onyankopɔn mmoa. Dɛn na ɛkɔfa akasakasa a ɛte saa ba?

12, 13. (a) Adɛn nti na ɛtɔ da a akasakasa tumi sɔre wɔ Kristofo ntam? (b) Dɛn na Yosef asɛm no ma yehu fa Yehowa ho?

12 Nea enti a ɛtɔ da a akasakasa sɔre wɔ yɛne afoforo ntam ne sɛ, yɛn nyinaa tɔ sin. Enti ɛtɔ da a yɛn nuanom Kristofo bɛka asɛm bi anaa wɔbɛyɛ biribi ama ahaw yɛn; saa ara na yɛn nso yebetumi ayɛ biribi ama ahaw wɔn. Wei betumi asɔ yɛn ahwɛ paa. Ɛwom sɛ yɛn nuanom a wɔahyira wɔn ho so no tɔ sin, nanso Yehowa dɔ wɔn. Enti sɛnea yehyia sɔhwɛ foforo biara a Yehowa ma yɛfa mu no, wei nso ɔbɛhwɛ kwan sɛ yɛne yɛn nuanom bɛbom ayɛ adwuma de akyerɛ sɛ yedi no nokware.

Yehowa annyaw Yosef; wo nso, ɔrennyaw wo (Hwɛ nkyekyɛm 13)

13 Sɛ sɔhwɛ reba Yehowa asomfo so a, onsiw sɔhwɛ no kwan. Yehu wei wɔ nea ɛtoo Yosef no mu. Bere a Yosef yɛ aberante no, na n’agya mma ani bere no, enti wɔtɔn no ma ɔkɔyɛɛ akoa wɔ Egypt. (Gen. 37:28) Nea na ɛrekɔ so nyinaa no, Yehowa hui, na akyinnye biara nni ho sɛ, bere a ohuu nea wɔde yɛɛ n’adamfo Yosef a ɔyɛ treneeni no, ne werɛ howee. Nanso, Yehowa anyi no amfi mu. Akyiri yi, bere a Potifar yere bɔɔ Yosef sobo sɛ Yosef pɛ sɛ ɔto no mmonnaa na wɔde no too afiase no, ɛno nso Yehowa amfa ne ho annye mu. Nanso yemmisa sɛ, Onyankopɔn gyaw Yosef koraa? Dabi, mmom: “Nea [Yosef yɛe] biara, Yehowa hwɛ ma ɛyɛɛ yiye.”​—Gen. 39:21-23.

14. Sɛ ‘yɛma abufuw twa’ a, honhom fam ne honam fam mfaso bɛn na yenya?

14 Yɛnhwɛ nhwɛso foforo. Dawid yɛ obi a nkurɔfo ne no anni no yiye koraa; nnipa pii nhyiaa bi saa da. Ne nyinaa mu no, Onyankopɔn adamfo yi amfa nkurɔfo ho abufuw anhyɛ ne mu. Mmom, ɔkyerɛwee sɛ: “Ma abufuw ntwa, na gyae bobɔne; mma wo bo mmfuw na woanyɛ bɔne.” (Dw. 37:8) Ade titiriw nti a ɛsɛ sɛ ‘yɛma abufuw twa’ ne sɛ yɛpɛ sɛ yesuasua Yehowa, efisɛ “ɔnhwɛ yɛn bɔne so ne yɛn nni.” (Dw. 103:10) Afei nso, ‘yɛma abufuw twa’ a, yenya so mfaso foforo. Sɛ obi bo fuw a, ebetumi ama wanya mogya mmoroso, na ɔhome a, ɛrensi so yiye. Ebetumi nso ama ɔhaw aba ne berɛbo ne n’akitegya (pancreas) ho, na odidi nso a, ne nipadua rentumi nyɛ ho adwuma yiye. Afei nso, sɛ yɛn bo fuw a, ɛnyɛ bere nyinaa na yetumi dwen yiye. Sɛ yɛn bo fuw saa a, ɛtɔ da a, etumi gyaw yɛn adwinnwen bere tenteenten. Nanso Bible ka sɛ: “Koma a edwo yɛ ɔhonam nkwa.” (Mmeb. 14:30) Ɛnde, sɛ yɛn nua bi yɛ biribi ma ɛhaw yɛn a, yɛbɛyɛ dɛn ne no asiesie na yɛanya yɛn nua? Sɛ yɛde afotu pa a ɛwɔ Bible mu yɛ adwuma a, ebetumi aboa yɛn.

BERE A YƐN NUANOM AYƐ BIRIBI MA AHAW YƐN

15, 16. Sɛ obi yɛ biribi ma ɛyɛ yɛn yaw a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

15 Kenkan Efesofo 4:26. Sɛ wɔn a wɔnyɛ Yehowa asomfo ne yɛn anni no yiye a, ɛnyɛ yɛn nwonwa. Nanso sɛ yɛn nua Kristoni anaa yɛn busuani bi ka asɛm anaa ɔyɛ biribi ma ɛyɛ yɛn yaw a, ebetumi ateetee yɛn paa. Yɛmfa no sɛ nea asi no, ɛyɛ den sɛ yebeyi afi yɛn tirim. Yɛbɛma abufuw ahyɛ yɛn mu mfe pii? Anaa yɛde Bible afotu bɛyɛ adwuma asiesie asɛm no ntɛm ara? Sɛ yetutu hyɛ da a, ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛne yɛn nua no besiesie yɛn ntam.

16 Fa no sɛ onua bi ayɛ ade ama wo bo afuw, na ɛyɛ den sɛ wubeyi w’adwene afi so. Ɔkwan pa bɛn na wubetumi afa so asiesie wo ne onua no ntam? Nea edi kan, fi wo komam bɔ Yehowa mpae. Srɛ no sɛ ɔmmoa wo na wo ne wo nua no mmɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran. Kae sɛ, ɔno nso yɛ Yehowa adamfo. (Dw. 25:14) Onyankopɔn dɔ no. Yehowa ne ne nnamfo di no yiye, enti ɔhwɛ kwan sɛ yɛn nso yɛbɛyɛ saa ara. (Mmeb. 15:23; Mat. 7:12; Kol. 4:6) Afei dwinnwen nea wokɔ ne nkyɛn a, wobɛka ho. Ɛnsɛ sɛ wunya adwene sɛ wo nua no hyɛɛ da na ɔyɛɛ ade ma ɛyɛɛ wo yaw; fa no sɛ onni wo ho adwemmɔne biara. Gye tom sɛ ebia wo nso woka ho bi na akasakasa no bae. Wokɔ a wubetumi afi nkɔmmɔbɔ no ase sei: “Ɛyɛ me sɛ memaa nneɛma haw me dodo, nanso nnɛra bere a wo ne me kasae no, mihui sɛ . . . ” Sɛ nkɔmmɔ no ankɔ sɛnea wopɛ a, hwehwɛ bere foforo na wo ne no nkosiesie mo ntam. Enkosi sɛ wobɛsan akɔ wo nua no nkyɛn bio no, kɔ so bɔ mpae ma no; srɛ Yehowa sɛ onhyira no. Srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa wo na hwɛ suban pa a ɛwɔ wo nua no ho. Wo nua no nso yɛ Onyankopɔn adamfo, enti nea ebesi biara no, nya awerɛhyem sɛ, mmɔden biara a wobɛbɔ sɛ wo ne no besiesie mo ntam no, Yehowa ani bɛsɔ.

BERE A BƆNE BI A YƐAYƐ ATWAM RETETEE YƐN

17. Sɛ yɛyɛ bɔne a, ɔkwan bɛn na Yehowa fa so boa yɛn ma yesiesie yɛne ne ntam? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye saa mmoa no tom?

17 Ebinom wɔ hɔ a, wɔayɛ bɔne a emu yɛ duru, enti wɔte nka sɛ wɔmfata sɛ wɔsom Yehowa. Sɛ obi ahonim bu no fɔ a, ɛte sɛ nea ɔhyɛ adwumawura a ne tirim yɛ den ase. Bere bi Ɔhene Dawid ahonim teetee no paa, na ɔkae sɛ: “Mimuaa m’ano no, me mu apinisi wewee me nnompe mu daa. Wo nsa yɛɛ duru wɔ me so adekyee ne adesae.” Anigyesɛm ne sɛ, esiane sɛ na Dawid yɛ ɔbarima a osuro Onyankopɔn nti, odii ɔhaw no ho dwuma akokoduru so. Ɔkae sɛ: “Mekaa me bɔne kyerɛɛ wo, . . . na wo nso wode me bɔne ne me mfomso firii me.” (Dw. 32:3-5) Sɛ woayɛ bɔne a emu yɛ duru a, Yehowa ayɛ krado sɛ ɔbɛboa wo ama woasan agyina wo nan so. Nanso mmoa a ɔnam asafo no so de ma no, ɛsɛ sɛ wugye tom. (Mmeb. 24:16; Yak. 5:13-15) Enti ntenatena ho koraa, efisɛ daa nkwa a wubenya daakye no, ɛno so na egyina! Yɛmfa no sɛ Yehowa de wo bɔne akyɛ wo, nanso bere tenten bi akyi no, w’ahonim da so ara bu wo fɔ nso ɛ?

18. Wɔn a wɔte nka sɛ wɔmfata sɛ wɔsom Yehowa no, sɛn na Paulo nhwɛso no bɛboa wɔn?

18 Ɔsomafo Paulo nso, ɛtɔ da a na bɔne a wayɛ atwam teetee no. Ɔkae sɛ: “Mene nea osua koraa wɔ asomafo no mu a mensɛ sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo, efisɛ metaa Onyankopɔn asafo.” Paulo de kaa ho sɛ: “Nanso Onyankopɔn adom nti na mete sɛnea mete yi.” (1 Kor. 15:9, 10) Sɛnea na Paulo te biara no, Yehowa gyee no toom, na na ɔpɛ sɛ Paulo nso hu saa. Sɛ wufi wo komam anu wo ho wɔ bɔne a wayɛ atwam ho, na woaka akyerɛ Yehowa ne asafo mu mpanyimfo a, ɛnde ka wo koma to wo yam sɛ Yehowa behu wo mmɔbɔ. Enti gye Yehowa di sɛ ɔde wo bɔne akyɛ wo, na gye ne fafiri tom!​—Yes. 55:6, 7.

19. Afe 2018 afe asɛm no ne sɛn, na adɛn nti na ɛfata?

19 Bere a aka kakra ama wiase bɔne yi aba awiei no, yebetumi ahwɛ kwan sɛ yebehyia ɔhaw pii. Nanso, nya awerɛhyem sɛ Onii a “ɔma nea wabrɛ no tumi, na nea onni ahoɔden pii no ɔma onya no mmoroso” no, obetumi ama wo nea wuhia biara ama woakɔ so asom no. (Yes. 40:29; Dw. 55:22; 68:19) Afe 2018 yi mu no, bere biara a yɛbɛkɔ asafo nhyiam wɔ ahenni Asa so no, yebehu afe asɛm a wɔde abɔ hɔ no, na yɛbɛkae saa nokwasɛm titiriw yi: “Wɔn a wɔde wɔn ho to Yehowa so no benya ahoɔden foforo.”​Yes. 40:31.