Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onii a Ade Nyinaa Yɛ Ne Dea No, Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛma No Biribi?

Onii a Ade Nyinaa Yɛ Ne Dea No, Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛma No Biribi?

“Yɛn Nyankopɔn, yɛda wo ase, na yeyi w’anuonyam din no ayɛ.”—1 BE. 29:13.

NNWOM: 80, 50

1, 2. Ɔkwan bɛn so na Yehowa yi ne yam de n’ahonyade yɛ adwuma?

YEHOWA yɛ Onyankopɔn a ne yam ye. Biribiara a yɛwɔ no, Yehowa na ɔde ama yɛn. Sika kɔkɔɔ ne dwetɛ, ne asase so nneɛma pa nyinaa yɛ Yehowa dea. Ɔde boa abɔde a nkwa wom ma wotumi tena ase. (Dw. 104:13-15; Hag. 2:8) Sɛnea Yehowa de n’ahonyade yɛɛ adwuma anwonwakwan so de boaa ne nkurɔfo no, yehu ho nsɛm pii wɔ Bible mu.

2 Bere a Israel man no wɔ sare no so no, Yehowa maa wɔn mana ne nsu mfe 40. (Ex. 16:35) Enti “hwee anhia wɔn.” (Neh. 9:20, 21) Yehowa maa odiyifo Elisa yɛɛ anwonwade maa okunafo nokwafo bi; ɔmaa okunafo no ngo ketewaa bi yɛɛ bebree. Onyankopɔn akyɛde no maa okunafo no tumi tuatuaa ne ho aka, na ɛno akyi no, onyaa sika a obetumi de ahwɛ ne ho ne ne mmabarima no. (2 Ahe. 4:1-7) Yehowa boaa Yesu ma ɔfaa anwonwakwan so maa nkurɔfo aduan, na bere a na wohia sika mpo, ɔma wonyaa bi.​—Mat. 15:35-38; 17:27.

3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

3 Yehowa wɔ biribiara a obetumi de aboa n’abɔde a ɛwɔ asase so. Nanso, ɔka kyerɛ n’asomfo sɛ wɔmfa wɔn ahonyade mmoa adwuma a n’ahyehyɛde no reyɛ. (Ex. 36:3-7; kenkan Mmebusɛm 3:9.) Ahonyade a Yehowa de ama yɛn no, adɛn nti na ɔpɛ sɛ yɛde yɛ biribi ma no? Anokwafo a wɔtenaa ase tete no, sɛn na wɔde wɔn sika boaa adwuma a na Yehowa ananmusifo reyɛ? Sɛn na ahyehyɛde no de ntoboa a ne nsa ka no yɛ adwuma? Yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua yi mu.

ADƐN NTI NA YƐMA YEHOWA BIRIBI?

4. Sɛ yɛyɛ biribi de boa Yehowa adwuma a, na dɛn na yɛreka akyerɛ no?

4 Ɔdɔ ne anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa nti na yɛyɛ biribi ma no. Sɛ yedwinnwen biribiara a Yehowa ayɛ ama yɛn ho a, ɛboro yɛn adwene ne yɛn ntease so. Bere a Ɔhene Dawid reka nneɛma a na wobehia de asi asɔrefie no ho asɛm no, ɔkae sɛ biribiara a yɛwɔ no, efi Yehowa hɔ. Enti nneɛma a Yehowa de ama yɛn dedaw no, ɛno bi na yɛsan de ma no.​—Kenkan 1 Beresosɛm 29:11-14.

5. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ ntoboa a yefi yɛn pɛ mu yi ka nokware som ho paa?

5 Yɛn nso yeyi ntoboa ma Yehowa, efisɛ ɛyɛ ɔkwan a yɛfa so som no. Ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu bi, na ɔtee sɛ Yehowa asomfo a wɔwɔ soro no reka sɛ: “Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛwowɔ hɔ na wobɔe.” (Adi. 4:11) Wunnye ntom sɛ Yehowa fata anuonyam ne nidi nyinaa, na ɔno na ɛfata sɛ nneɛma a yɛwɔ no yɛde emu nea eye paa ma no? Yehowa nam Mose so ka kyerɛɛ Israel man no sɛ, afe afe afahyɛ mmiɛnsa no du so a, wommegyina n’anim. Sɛ Israelfo no kɔsom Yehowa wɔ saa afahyɛ no ase a, na ɛsɛ sɛ woyi ntoboa ma Yehowa. Enti Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ “obiara mmfa nsapan mmma Yehowa anim.” (Deut. 16:16) Ɛnnɛ nso, ntoboa a yefi yɛn pɛ mu yi ka yɛn som ho paa. Sɛ yefi yɛn pɛ mu yi ntoboa a, yɛda no adi sɛ yɛn ani sɔ adwuma a Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so reyɛ no, na yɛtaa wɔn akyi.

6. Adɛn nti na eye sɛ yɛkyɛ ade? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

6 Yɛkyɛ ade a, yenya so mfaso. Eye sɛ yebeyi yɛn yam akyɛ ade, na ɛnsɛ sɛ yɛhwɛ kwan bere nyinaa sɛ afoforo mmom bɛkyɛ yɛn ade. (Kenkan Mmebusɛm 29:21.) Yɛmfa no sɛ awofo bi ama wɔn ba sika bi; sika no nnɔɔso deɛ, nanso abofra no de bi atɔ biribi akyɛ awofo no. Wo deɛ, hwɛ sɛnea n’awofo no ani bɛsɔ akyɛde no! Yɛnhwɛ aberante anaa ababaa bi a ɔyɛ ɔkwampaefo a ɔne n’awofo te. Ɔma n’awofo sika bi sɛ wɔmfa ntew ɛka a wɔbɔ wɔ fie so. Ɛwom sɛ ebia n’awofo no nhwɛ kwan sɛ ɔbɛyɛ biribi a ɛte saa deɛ, nanso ebia awofo no begye saa akyɛde no. Efisɛ ɛyɛ ɔkwan a wɔn ba no refa so akyerɛ sɛ n’ani sɔ nea wɔyɛ ma no nyinaa. Yehowa nso nim sɛ, sɛ yɛde yɛn ahonyade kyɛ afoforo a, yenya so mfaso.

SƐNEA YEHOWA NKOA YII NTOBOA TETE NO

7, 8. Nhwɛso bɛn na Yehowa nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no yɛe bere a woyii ntoboa de boaa (a) nnwuma pɔtee bi? (b) nnwuma a aka nyinaa?

7 Kyerɛwnsɛm no ma yehu sɛ Yehowa nkurɔfo de wɔn ahonyade boaa ne som adwuma. Ɛtɔ da a, na woyi ntoboa de boa nnwuma pɔtee bi. Nhwɛso bi ni. Mose ka kyerɛɛ Israelfo sɛ wonyi ntoboa mma wɔmfa nyɛ ntamadan no ho adwuma. Ɔhene Dawid nso yɛɛ saa ma wɔde sii asɔrefie no. (Ex. 35:5; 1 Be. 29:5-9) Ɔhene Yehoas bere so no, asɔfo no de ntoboa a nkurɔfo yii siesiee Yehowa asɔrefie no. (2 Ahe. 12:4, 5) Tete Kristofo asafo no mu nso, wɔbɔɔ anuanom amanneɛ sɛ ɔkɔm bi asi ma wɔn nuanom hia mmoa. Bere a anuanom tee no, wɔbɔɔ “wɔn tirim sɛnea wɔn mu biara betumi, sɛ wɔde asetenade bɛkɔ akɔsom anuanom a wɔwɔ Yudea no.”​—Aso. 11:27-30.

8 Ɛtɔ da nso a, na Yehowa nkurɔfo de wɔn sika boa wɔn a wodi ɔsom adwuma no anim no. Mose Mmara ase no, wɔamma Lewifo no agyapade anaa nsase sɛnea wɔmaa mmusua a aka no. Mmom, Israelfo no yii ntotoso du du maa Lewifo no. Wei maa Lewifo no tumi de wɔn adwene sii adwuma a na wɔyɛ wɔ ntamadan no mu so. (Num. 18:21) Saa ara na akyiri yi, mmea bi a wɔn yam ye ‘de wɔn ahode som’ Yesu ne n’asomafo no.​—Luka 8:1-3.

9. Tete no, ntoboa a Yehowa nkurɔfo yii no, wonya fii he?

9 Nokwasɛm ne sɛ, wonyaa saa ntoboa no fii mmeae ahorow. Ntoboa a Israelfo yii a wɔde sii ntamadan no wɔ sare so no, ɛbɛyɛ sɛ na ahonyade a wɔde fi Egypt bae no bi ka ho. (Ex. 3:21, 22; 35:22-24) Asomafo no bere so nso, Kristofo binom tontɔn wɔn agyapade te sɛ wɔn mfuw anaa wɔn afie, na wɔde sika no brɛɛ asomafo no. Asomafo no kyekyɛɛ sika no maa wɔn a na ahia wɔn no. (Aso. 4:34, 35) Afoforo nso, na woyi sika sie sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de ntoboa akɔboa ɔsom adwuma no bere nyinaa. (1 Kor. 16:2) Enti, ɛmaa nnipa ahorow nyinaa, wɔn a na wɔwɔ sika paa ne wɔn a na ahia wɔn paa tumi yii ntoboa.​—Luka 21:1-4.

NTOBOA A YEYI NO NNƐ

10, 11. (a) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa asomfo a wɔn yam ye a wɔtenaa ase tete no? (b) Hokwan a woanya sɛ wobɛboa Ahenni adwuma no, ɛma wote nka sɛn?

10 Ɛnnɛ, ebia wɔbɛka akyerɛ yɛn sɛ yenyi ntoboa mma wɔmfa nyɛ biribi pɔtee bi. Ebi ne sɛ, ebia wɔrebesi Ahenni Asa foforo ama mo asafo. Anaa wɔrebesiesie Ahenni Asa a muhyia so no. Ebia wɔbɛbɔ yɛn amanneɛ sɛ wɔrebesiesie baa dwumadibea a ɛwɔ yɛn man mu, na wobehia sika. Yebetumi ayi ntoboa nso akɔboa ɔmantam nhyiam a yɛrebɛyɛ. Ebia atoyerɛnkyɛm bi asi wɔ baabi ma yɛn nuanom hia yɛn mmoa. Anuanom a wɔyɛ adwuma wɔ yɛn adwumayɛbea ti ne wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ baa dwumadibea ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa nso, yeyi ntoboa de boa wɔn. Wɔde ntoboa a yeyi no bi boa asɛmpatrɛwfo, akwampaefo atitiriw, ne amansin so ahwɛfo. Akyinnye biara nni ho sɛ, asafo a wowom no nso, mowɔ ntoboa bi a moasi ho gyinae a muyi de boa Nhyiam Asa ne Ahenni Asa a wɔresisi wɔ wiase nyinaa. Wei boa yɛn nuanom a wɔwɔ wiase baabiara.

11 Yɛn nyinaa betumi aboa adwuma a Yehowa reyɛ wɔ nna a edi akyiri yi mu. Ntoboa a yɛn nsa ka no, nkurɔfo a woyi no, yennim wɔn mu dodow no ara. Sɛ yɛde ntoboa gu ntoboa nnaka mu wɔ Ahenni Asa so anaa yɛde yɛn ntoboa fa jw.org so a, yɛmma afoforo nhu sika dodow a yeyi. Ebia yɛn adwene bɛyɛ yɛn sɛ ntoboa nketenkete a yeyi no, ɛmmoa ahe biara. Nanso, ntoboa a yenya nnɛ no, emu fã kɛse no ara yɛ ntoboa nketenkete pii a anuanom yi, na ɛnyɛ ntoboa akɛse akɛse a nnipa kakraa bi yi no. Yɛn nuanom a ahia wɔn paa mpo no, wɔyɛ wɔn ade te sɛ Makedoniafo no. Ná Makedoniafo no di “hia buruburoo,” nanso wɔsrɛe sɛ wɔmma wɔn kwan mma wonyi ntoboa. Woyii wɔn yam yii ntoboa ma ɛboroo so.​—2 Kor. 8:1-4.

12. Ahyehyɛde no bɔ mmɔden sɛ ntoboa a wɔn nsa ka no, wɔde bedi dwuma yiye. Wɔyɛ no sɛn?

12 Akwankyerɛ Kuw no yɛ ɔnokwafo ne ɔbadwemma. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ wɔn ade sɛ anokwafo ne mmadwemma wɔ ntoboa a wɔn nsa ka no ho. Wɔbɔ mpae susuw ho hwɛ sɛnea wɔde ntoboa no bɛyɛ adwuma. (Mat. 24:45) Ntoboa a wɔn nsa ka no, wobu ho akontaa, na wɔde di dwuma yiye. (Luka 14:28) Tete no, anokwafo a na wɔhwɛ ntoboa so no, sika a wɔn nsa ka no, na wɔde yɛ adwuma a ɛsɛ sɛ wɔde yɛ nkutoo. Nhwɛso bi ni. Esra de nneɛma a Persia hene de maa no no twaa kwan kɔɔ Yerusalem. Ná ebi yɛ sika kɔkɔɔ, dwetɛ, ne nneɛma foforo. Sɛ wobu ho akontaa nnɛ a, ɛbɛboro (U.S.) dɔla ɔpepem 100. Saa ntoboa no, Esra faa no sɛ ntoboa a wɔde ama Yehowa. Ná wɔde ntoboa no rekɔfa asase a ɛso yɛ hu so, enti Esra de akwankyerɛ pɔtee a ɛbɛboa ama wɔabɔ nneɛma no ho ban mae. (Esra 8:24-34) Ɔsomafo Paulo nso gyigyee sika sɛ ɔde rekɔboa anuanom a wɔakɔ ahokyere mu wɔ Yudea. Ɔyɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔn a wɔde sika no rekɔ no bɛhwɛ adi “ho dwuma nokwaredi mu, ɛnyɛ Yehowa anim nko na mmom nnipa anim nso.” (Kenkan 2 Korintofo 8:18-21.) Ɛnnɛ, yɛn ahyehyɛde no resuasua Esra ne Paulo. Wɔayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔahwɛ ntoboa a wɔn nsa ka no so yiye, na wɔde di dwuma yiye nso.

13. Nsakrae a ahyehyɛde no ayɛ atwitwa nneɛma so nnansa yi no, ɛsɛ sɛ yebu no sɛn?

13 Sɛ abusua bi mpɛ sɛ wodi boro sika a wonya so a, ebia wɔbɛyɛ nsakrae. Anaasɛ ebia wɔbɛhwɛ akwan bi a wɔbɛfa so atwitwa nneɛma so wɔ wɔn asetenam sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ pii ama Yehowa. Yehowa ahyehyɛde no nso yɛ nsakrae. Nnansa yi, ahyehyɛde no ayɛ nneɛma foforo pii. Ɛtɔ da a, sika a wɔde yɛ saa nneɛma no tumi boro sika a wɔn nsa ka no so. Enti, ahyehyɛde no hwehwɛ akwan a wɔbɛfa so atew ɛka a wɔbɔ so, na wotwitwa nneɛma so ma adwuma no yɛ mmerɛw. Ɛma wotumi de ntoboa a anuanom yi wɔn yam yi no yɛ nneɛma pii.

NTOBOA A WUYI NO SO MFASO

Ntoboa a wuyi no, ɛboa adwuma a yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa (Hwɛ nkyekyɛm 14-16)

14-16. (a) Ntoboa a wuyi no, nneɛma a wɔde reyɛ no, ebi ne dɛn? (b) Mfaso bɛn na woanya afi saa nneɛma no so?

14 Anuanom a wɔde mfe pii asom Yehowa no pii reka sɛ honhom fam aduan pii a yɛrenya no seesei no, wonhuu bi saa da. Wo deɛ hwɛ! Seesei, yɛanya jw.org ne JW Broadcasting. Yetintim Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no wɔ kasa pii mu. Afe 2014 ne afe 2015 no, yɛyɛɛ Amanaman Ntam Nhyiam wɔ agoprama akɛse paa a ɛwɔ nkurow akɛse 14 mu bi so wɔ wiase nyinaa. Ná nnansa nhyiam no asɛmti ne “Kɔ So Hwehwɛ Onyankopɔn Ahenni Kan!” Wɔn a wɔkɔɔ nhyiam no ani gyei paa.

15 Nnipa pii akyerɛ nneɛma a Yehowa ahyehyɛde no ma yɛn nsa ka no ho anisɔ. Nhwɛso bi ni. Awarefo bi a wɔwɔ ɔman bi a ɛwɔ Asia akyerɛ JW Broadcasting no ho anisɔ. Wɔkae sɛ: “Yɛreyɛ yɛn som adwuma wɔ kurow ketewa bi mu. Ɛno nti, ɛtɔ da a, yɛte nka sɛ yɛayɛ ankonam. Ɛba saa a, ɛnkyɛ na yɛn werɛ afi sɛ Yehowa adwuma no mu retrɛw. Nanso, sɛ yɛhwɛ JW Broadcasting dwumadi no pɛ a, na yɛakae sɛ yɛwɔ anuanom wɔ wiase baabiara. Anuanom adɔfo a yɛne wɔn wɔ ha no ani agye JW Broadcasting no ho paa. Ɛyɛ a yɛte sɛ wɔreka sɛ, sɛ wɔhwɛ dwumadi no bosome biara a, wɔte nka sɛ wɔabɛn Akwankyerɛ Kuw no. Seesei wɔde hoahoa wɔn ho paa sɛ wɔwɔ Onyankopɔn ahyehyɛde no mu.”

16 Ahenni Asa bɛyɛ 2,500 na seesei yɛresisi anaa yɛresiesie wɔ wiase nyinaa. Bere a asafo bi a ɛwɔ Honduras fii ase kɔɔ wɔn Ahenni Asa foforo so no, emufo no kyerɛwee sɛ: “Yɛn ani agye paa sɛ yɛka Yehowa amansan abusua no ho, na yɛwɔ anuanom a wɔdɔ yɛn wɔ wiase baabiara. Ná yɛhwɛ kwan sɛ yebenya Ahenni Asa wɔ yɛn mpɔtam ha, na wɔaboa yɛn ama yɛanya bi.” Sɛ anuanom pii nsa ka Bible ne asafo nhoma foforo wɔ wɔn kasa mu a, wɔkyerɛ ho anisɔ saa ara. Saa ara nso na sɛ atoyerɛnkyɛm bere mu aboafo kɔboa anuanom, anaa anuanom hu nneɛma pa a afi nkurow akɛse ne baguam adansedi mu aba a, wɔkyerɛ ho anisɔ.

17. Sɛnea ahyehyɛde no yɛ adwuma nnɛ no, yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa taa akyi?

17 Nnipa pii a wɔnyɛ Yehowa Adansefo nnye nni sɛ nnwuma pii a yɛyɛ no, ntoboa a nkurɔfo fi wɔn pɛ mu yi nkutoo na yɛde yɛ. Ɔpanyin bi a ɔda adwuma kɛse bi ano kɔɔ mmeae a yetintim nhoma no baako kɔhwehwɛɛ hɔ. Ɛyɛɛ no nwonwa sɛ ohui sɛ nnwuma pii a yɛyɛ no, anuanom a wɔatu wɔn ho ama ne ntoboa a nkurɔfo fi wɔn pɛ mu yi nkutoo na yɛde yɛ; yɛntɔn hwee, ɛnna yɛnyɛ nhyehyɛe biara mfa nnyigye sika nso. Ɔkae sɛ, ɛnsɛ sɛ yetumi yɛ adwuma a yɛreyɛ no. Asɛm a ɔkae no, yɛne no yɛ adwene! Yenim sɛ, esiane sɛ Yehowa taa adwuma a yɛreyɛ no akyi nti na yetumi yɛ.​—Hiob 42:2.

NEA YEHOWA DE AMA YƐN NO, YƐSAN DE BI MA NO A, YENYA NHYIRA

18. (a) Sɛ yeyi ntoboa de boa Ahenni no a, nhyira bɛn na yenya? (b) Dɛn na yɛbɛyɛ de atete yɛn mma ne wɔn a wɔyɛ foforo ama wɔayi ntoboa?

18 Yehowa adi yɛn ni sɛ wama yɛanya hokwan reboa adwuma kɛse a yɛreyɛ no nnɛ no. Wahyɛ yɛn bɔ sɛ, sɛ yeyi ntoboa de boa Ahenni no a, obehyira yɛn. (Mal. 3:10) Yehowa ahyɛ bɔ sɛ obi a oyi ne yam yi ntoboa no, ebesi no yiye. (Kenkan Mmebusɛm 11:24, 25.) Afei nso, yɛkyɛ afoforo ade a yɛn ani gye, efisɛ “ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.” (Aso. 20:35) Yɛanya hokwan sɛ yɛde yɛn kasa ne yɛn nneyɛe bɛkyerɛkyerɛ yɛn mma ne wɔn a wɔyɛ foforo ama wɔahu sɛ, sɛ wɔn nso yi ntoboa de boa ɔsom adwuma no a, wobenya nhyira pii.

19. Sɛn na adesua yi ahyɛ wo nkuran?

19 Biribiara a yɛwɔ no, Yehowa na ɔde ama yɛn. Enti biribiara a Yehowa de ama yɛn no yɛsan de bi ma no a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ no, na nea wayɛ ama yɛn nyinaa no, yɛn ani sɔ. (1 Be. 29:17) Bere a Israelfo yii ntoboa ma wɔde sii asɔrefie no, “ɔman no dii ahurusi sɛ wofi wɔn pɛ mu de biribi aba, efisɛ koma nyinaa mu na wofi yii ntoboa maa Yehowa.” (1 Be. 29:9) Enti yɛn nso, nea Yehowa de ama yɛn dedaw no, momma yɛnsan mfa bi mma no. Yɛyɛ saa a, yɛbɛkɔ so adi ahurusi na yɛn koma atɔ yɛn yam.