Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkaedi No Ma Onyankopɔn Nkurɔfo Yɛ Baako

Nkaedi No Ma Onyankopɔn Nkurɔfo Yɛ Baako

‘Oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ yɛbɛbom atena biakoyɛ mu!’​—DW. 133:1.

NNWOM: 18, 14

1, 2. Afe 2018 no, dɛn na ɛde nkabom bɛba yɛn mu paa, na adɛn ntia? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)

MARCH 31, 2018 no, sɛ owia rekɔtɔ a, Onyankopɔn nkurɔfo ne nnipa pii a wɔn ani gye asɛmpa no ho behyiam wɔ Awurade Anwummeduan afahyɛ no ase. Saa afahyɛ no si pɛnkoro pɛ wɔ afe no mu. Sɛ owia kɔtɔ a, nnipa ɔpepem pii behyiam ahyɛ Kristo wu Nkaedi no ho fã. Afe biara, Nkaedi no ne afahyɛ a ɛka nnipa bom sen biribi foforo biara wɔ asase yi so!

2 Ansa na Nkaedi da no bɛkɔ awiei no, dɔnhwerew biara, Yehowa ne Yesu behu asase sofo ɔpepem pii a wɔrekɔ afahyɛ titiriw yi ase. Ahurusi a Yehowa ne Yesu di deɛ, yɛrenya ahwɛ. Bible ka too hɔ sɛ “nnipakuw kɛse bi a obiara ntumi nkan wɔn, a wofi amanaman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu” bɛteɛm sɛ: “Yɛn nkwagye fi yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne Oguammaa no hɔ.” (Adi. 7:9, 10) Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ afe afe Nkaedi afahyɛ no ma yɛhyɛ Yehowa ne Yesu anuonyam!

3. Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae wɔ adesua yi mu?

3 Yebenya nsɛmmisa a edidi so yi ho mmuae wɔ adesua yi mu. (1) Dɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ de asiesie ne ho ama Nkaedi no, na yɛkɔ ase a yɛanya so mfaso paa? (2) Ɔkwan bɛn so na Nkaedi no ma baakoyɛ tena Onyankopɔn nkurɔfo mu? (3) Dɛn na yɛn ankasa betumi ayɛ ama saa baakoyɛ no atena yɛn mu? (4) Ɛda bi bɛba a, yɛbɛhyɛ Nkaedi ho fã a etwa to anaa? Sɛ saa a, ɛyɛ bere bɛn?

SƐNEA YEBESIESIE YƐN HO AMA NKAEDI NO NA YƐKƆ ASE A YƐANYA SO MFASO

4. Adɛn nti na ehia sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara kɔ Nkaedi no ase?

4 Nea enti a ehia sɛ yɛkɔ Nkaedi no ase no, dwinnwen ho. Kae sɛ, asafo nhyiam ahorow ka yɛn som ho. Nokwasɛm ne sɛ, wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ nhyiam a ehia sen biara yi ase wɔ afe no mu no, Yehowa ne Yesu hu wɔn. Nokwarem no, yɛpɛ sɛ wohu sɛ, sɛ ɛnyɛ yare anaa tebea bi a yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye a, yɛbɛkɔ Nkaedi no ase. Sɛ yɛde yɛn nneyɛe kyerɛ sɛ, asafo nhyiam a yɛbɛkɔ ho hia yɛn a, yɛma Yehowa nya biribi foforo a obegyina so akora yɛn din so wɔ ne “nkae nhoma” no mu. “Nkae nhoma” no, ɛno ara na wɔsan frɛ no “nkwa nhoma” no. Nkurɔfo a Yehowa pɛ sɛ ɔma wɔn daa nkwa no, ɔkyerɛw wɔn nyinaa din wɔ saa nhoma no mu.​—Mal. 3:16; Adi. 20:15.

5. Aka nna kakra ama Nkaedi no adu no, dɛn na yebetumi ayɛ de ‘asɔ yɛn ho ahwɛ sɛ yɛwɔ gyidi no mu anaa’?

5 Nna a edi Nkaedi no anim no, yebetumi ayi bere bi asi hɔ de abɔ mpae, na yɛatɔ yɛn bo ase adwinnwen yɛne Yehowa abusuabɔ ho yiye. (Kenkan 2 Korintofo 13:5.) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Ɛne sɛ ‘yɛbɛsɔ yɛn ho ahwɛ sɛ yɛwɔ gyidi no mu anaa.’ Sɛ yebetumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘Ahyehyɛde baako pɛ a Yehowa agye atom a ɔde reyɛ n’apɛde no, migye di paa sɛ ɛno na mewom yi anaa? Mereyɛ nea metumi biara aka Ahenni no ho asɛmpa no na makyerɛkyerɛ afoforo? Me nneyɛe kyerɛ sɛ migye di paa sɛ nna a edi akyiri no ni, na Satan nniso no awiei abɛn? Ahotoso a na mewɔ wɔ Yehowa ne Yesu mu bere a mihyiraa me ho so maa Yehowa Nyankopɔn no, saa ahotoso no ara na mewɔ nnɛ?’ (Mat. 24:14; 2 Tim. 3:1; Heb. 3:14) Yedwinnwen saa nsɛmmisa yi mmuae ho a, ɛbɛboa yɛn ama yɛakɔ so apɛɛpɛɛ yɛn mu ahwɛ.

6. (a) Ɔkwan baako pɛ bɛn na yɛfa so a yebenya nkwa? (b) Dɛn na afe biara asafo mu panyin bi yɛ de siesie ne ho ma Nkaedi no, na wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ biribi a ɛte saa?

6 Kenkan asafo nhoma mu nsɛm bi a ɛkyerɛkyerɛ nea enti a Nkaedi no ho hia na dwinnwen ho. (Kenkan Yohane 3:16; 17:3.) Ɔkwan baako pɛ a yebetumi afa so anya daa nkwa ne sɛ ‘yebehu’ Yehowa na ‘yɛakyerɛ’ Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no mu “gyidi.” Sɛ yɛresiesie yɛn ho ama nkaedi no a, yebetumi apaw nneɛma bi a yesua a ɛbɛboa yɛn ama yɛabɛn Yehowa ne Yesu kɛse. Onua bi asom sɛ asafo mu panyin mfe pii. Yɛnhwɛ nea ɔyɛ de siesie ne ho ma Nkaedi no. Mfe pii a atwam no, waboaboa Ɔwɛn-Aban mu nsɛm bi ano. Ne titiriw, nea ɛfa Nkaedi no ne ɔdɔ a Yehowa ne Yesu ada no adi akyerɛ yɛn ho. Sɛ aka nnawɔtwe kakra ama Nkaedi no adu a, ɔsan kenkan saa nsɛm no, na odwinnwen sɛnea afahyɛ no ho hia ho. Ɛtɔ da a, nsɛm a waboaboa ano dedaw no, ɔde baako anaa mmienu ka ho. Asafo mu panyin yi ahu sɛ, sɛ ɔsan kenkan nsɛm a waboaboa ano no na ɔkenkan Nkaedi Bible akenkan no dwinnwen ho a, afe biara osua biribi foforo. Nea ɛkyɛn saa no, wahu sɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa ne Yesu no mu yɛ den afe biara. Adesua a ɛte saa betumi aboa wo ama ɔdɔ ne anisɔ a wowɔ ma Yehowa ne Yesu no ayɛ kɛse. Afei nso, ebetumi aboa wo ama woanya Nkaedi no so mfaso pii.

NKAEDI NO BOA MA YƐYƐ BAAKO

7. (a) Anadwo a wɔhyɛɛ Awurade Anwummeduan a edi kan no ho fã no, dɛn na Yesu bɔɔ ho mpae? (b) Dɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa abua mpae a Yesu bɔe no?

7 Anadwo a wɔhyɛɛ Awurade Anwummeduan a edi kan no ho fã no, Yesu bɔɔ mpae titiriw bi. Ɔbɔɔ baakoyɛ a ɛwɔ ɔne n’Agya ntam no ho mpae. Yesu san bɔɔ mpae sɛ n’akyidifo nyinaa nyɛ baako sɛnea ɔne n’Agya yɛ baako no. (Kenkan Yohane 17:20, 21.) Yehowa abua saa mpae a ne Dɔba no bɔe no. Seesei nnipa ɔpepem pii gye di sɛ Yehowa na ɔsomaa ne Ba no. Nhyiam ahorow a Onyankopɔn nkurɔfo yɛ nyinaa no, nea ɛma nnipa hu sɛ baakoyɛ wɔ Yehowa Adansefo mu paa ne Nkaedi no. Saa da no du a, wokɔ wiase baabiara a, nnipa a wofi aman pii so a ɛsono wɔn honam ani hwɛbea anaa wɔn kɔla hyiam wɔ mmeae bi. Mmeae bi no, ɛntaa mma sɛ nnipa a ɛsono wɔn kɔla behyiam asom wɔ faako. Sɛ nkurɔfo hu biribi a ɛte saa a, wɔte nka sɛ ɛmfata. Nanso Yehowa ne Yesu deɛ, baakoyɛ a ɛte saa no yɛ wɔn fɛ!

8. Baakoyɛ ho asɛm bɛn na Yehowa ka kyerɛɛ Hesekiel?

8 Yehowa nkurɔfo deɛ, baakoyɛ a ɛwɔ yɛn mu no, ɛnyɛ yɛn nwonwa. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa hyɛɛ ho nkɔm too hɔ. Yɛnhwɛ asɛm bi a Yehowa ka kyerɛɛ odiyifo Hesekiel. Ná ɛfa nnua mmienu bi a wɔbɛka abom ho; “Yuda” dua ne “Yosef” dua. (Kenkan Hesekiel 37:15-17.) “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛbaa July 2016, Ɔwɛn-Aban mu no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yehowa nam Hesekiel so hyɛɛ Israelfo no bɔ sɛ, sɛ wɔkɔ Bɔhyɛ Asase no so bio a, wɔbɛka abom asan ayɛ ɔman baako. Saa nkɔmhyɛ no nso kyerɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo bɛyɛ baako wɔ nna a edi akyiri yi mu.”

9. Afe biara, yɛkɔ Nkaedi no ase a, dɛn na yɛde hu sɛ Hesekiel nkɔmhyɛ no aba mu?

9 Efi afe 1919 reba no, Yehowa fii ase totoo nneɛma nkakrankakra maa Kristofo a wɔasra wɔn no san bɛyɛɛ baako bio. Wɔn na wɔte sɛ dua a egyina hɔ ma “Yuda” no. Afei bere a Kristofo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so bebree bɛkaa wɔn a wɔasra wɔn no ho no, akuw mmienu no ka boom bɛyɛɛ “kuw biako.” Kristofo a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no, wɔn na wɔte sɛ dua a egyina hɔ ma “Yosef” no. (Yoh. 10:16; Sak. 8:23) Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛka saa nnua mmienu no abom ama ayɛ baako wɔ ne nsam. (Hes. 37:19) Ɛnnɛ, akuw mmienu no ayɛ baako, na wɔabom resom Yehowa. Wɔn hene yɛ baako, na ɔno ne Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no. Nkɔmhyɛ no mu no, Yesu na wɔfrɛ no Onyankopɔn ‘akoa Dawid’ no. (Hes. 37:24, 25) Afe biara, Kristofo a wɔasra wɔn no ne “nguan foforo” no hyiam hyɛ Kristo wu Nkaedi no ho fã. Sɛ yehyiam saa a, baakoyɛ a Hesekiel kaa ho asɛm no, yehu pefee! Nanso, dɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ ama baakoyɛ akɔ so atena yɛn mu?

NEA YƐN MU BIARA BETUMI AYƐ AMA BAAKOYƐ ATENA YƐN MU

10. Yɛbɛyɛ dɛn ama baakoyɛ atena Onyankopɔn nkurɔfo mu?

10 Ade baako a yebetumi ayɛ ama baakoyɛ atena Onyankopɔn nkurɔfo mu ne sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase. Bere a Yesu wɔ asase so no, otuu n’asuafo no fo sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase. (Mat. 23:12) Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase komam a, yɛremma yɛn ho so, efisɛ ahomaso yɛ wiase su. Mmom, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, ɛbɛboa yɛn ama yɛatie wɔn a wodi anim wɔ asafo no mu no. Osetie a ɛte saa boa paa ma baakoyɛ tena asafo no mu. Nea ɛsen saa no, yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani, efisɛ Onyankopɔn ne “ahantanfo di asi, nanso ɔdom ahobrɛasefo.”​—1 Pet. 5:5.

11. Yedwinnwen paanoo ne bobesa a yɛde yɛ Nkaedi no ho a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛboa yɛn ama baakoyɛ atena yɛn mu?

11 Ade a ɛto so mmienu a yebetumi ayɛ ama baakoyɛ atena yɛn mu ne sɛ, paanoo ne bobesa a yɛde hyɛ Nkaedi no ho fã no, yebedwinnwen nea ɛkyerɛ ho. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ wei bere a aka kakra ama saa da no adu. Anadwo a yɛhyɛ fã no titiriw paa na ɛsɛ sɛ yedwinnwen paanoo a mmɔkaw nnim ne nea bobesa kɔkɔɔ no gyina hɔ ma ho. (1 Kor. 11:23-25) Paanoo no gyina hɔ ma Yesu nipadua a bɔne biara nni ho a ɔde bɔɔ afɔre no; bobesa no nso gyina hɔ ma ne mogya a wohwie gui no. Nanso, ɛnyɛ nea paanoo ne bobesa no gyina hɔ ma nkutoo na ɛsɛ sɛ yehu. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, Kristo agyede afɔre no ma yehu sɛ Yehowa ne Yesu dɔ yɛn paa. Yehowa daa ne dɔ adi sɛ ɔmaa ne Ba no bewu gyee yɛn; Yesu nso fii ne pɛ mu bewu gyee yɛn. Nea wɔyɛe no kyerɛ sɛ ɔdɔ a wɔdɔ yɛn no da mu fua. Sɛ yedwinnwen ɔdɔ a wɔdaa no adi kyerɛɛ yɛn yi ho a, ɛsɛ sɛ ɛka yɛn koma ma yɛn nso yɛdɔ wɔn bi. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn nuanom Kristofo no te sɛ hama a ɛka yɛn bom, na ɛma baakoyɛ a ɛwɔ yɛn mu no yɛ den.

Sɛ yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn a, yɛboa ma baakoyɛ tena yɛn mu (Hwɛ nkyekyɛm 12, 13)

12. Mfatoho a ɛfa ɔhene bi a ɔne ne nkoa buu akontaa ho no, dɛn na Yesu kae a ɛma yehu sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn?

12 Ade a ɛto so mmiɛnsa a yebetumi ayɛ ama baakoyɛ atena yɛn mu ne sɛ yebefi yɛn pɛ mu de afoforo bɔne akyɛ wɔn. Sɛ yɛde wɔn a wɔafom yɛn bɔne kyɛ wɔn a, yɛda no adi sɛ yɛn ani sɔ Kristo agyede afɔre a ɛno so na Yehowa gyina de yɛn ankasa bɔne kyɛ yɛn no. Yɛnhwɛ Yesu mfatoho baako a ɛwɔ Mateo 18:23-34 no. Bisa wo ho sɛ: ‘Nea Yesu kyerɛkyerɛe no, ɛka me koma sɛ memfa nyɛ adwuma anaa? Minya me nuanom Kristofo ho abotare, na mete wɔn ase anaa? Mayɛ m’adwene sɛ wɔn a wɔyɛ me bɔne no, mede bɛkyɛ wɔn?’ Nokwarem no, bɔne gu ahorow, na bɔne bi wɔ hɔ a ɛyɛ den paa sɛ nnipa a yɛnyɛ pɛ de bɛkyɛ. Nanso, saa mfatoho yi ma yehu nea Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ. (Kenkan Mateo 18:35.) Yesu ama yɛahu sɛ, sɛ ntease wom paa sɛ yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn na yɛamfa ankyɛ a, Yehowa nso remfa yɛn bɔne nkyɛ yɛn. Ɛsɛ sɛ yesusuw saa asɛm yi ho yiye! Sɛ yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn sɛnea Yesu akyerɛ sɛ yɛnyɛ no a, ɛka yɛn bom, na ɛma baakoyɛ kɔ so tena yɛn mu.

13. Sɛ yɛne afoforo tena asomdwoe mu a, ɛma baakoyɛ tena yɛn mu. Adɛn ntia?

13 Sɛ yɛde afoforo bɔne kyɛ wɔn a, ɛkyerɛ sɛ yɛpɛ asomdwoe. Momma yɛnkae ɔsomafo Paulo afotu no; ɔkae sɛ ‘yɛnyere yɛn ho denneennen mfa asomdwoe koroyɛ hama ntena ase honhom biakoyɛ mu.’ (Efe. 4:3) Enti dwinnwen sɛnea wo ne afoforo ntam te ho wɔ Nkaedi bere yi mu, ne titiriw, anadwo a yɛbɛhyɛ Nkaedi ho fã no. Bisa wo ho sɛ: ‘Mema nkurɔfo hu pefee sɛ memfa afoforo ho nsɛm nhyɛ me mu? Nkurɔfo nim sɛ meyɛ obi a mebɔ mmɔden sɛ mɛma asomdwoe ne baakoyɛ atena me ne afoforo ntam?’ Edu saa bere yi wɔ afe no mu a, weinom yɛ nsɛmmisa a ehia sɛ yesusuw ho yiye.

14. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ, yɛne ‘yɛn ho retena wɔ ɔdɔ mu’?

14 Ade a ɛto so nnan a yebetumi ayɛ ama baakoyɛ atena yɛn mu ne sɛ, yɛbɛda ɔdɔ adi de asuasua Yehowa a ɔno ne ɔdɔ Nyankopɔn no. (1 Yoh. 4:8) Ɛnsɛ sɛ yɛka fa yɛn nuanom Kristofo ho da sɛ, “Wɔyɛ me nuanom ara nti na medɔ wɔn, nanso nokwasɛm ne sɛ, mempɛ wɔn asɛm!” Sɛ yenya adwene a ɛte saa a, ɛnde na yɛmfa Paulo afotu no nyɛ adwuma. Otuu yɛn fo sɛ yɛne ‘yɛn ho ntena wɔ ɔdɔ mu.’ (Efe. 4:2) Momma yɛnhyɛ no nsow sɛ, Paulo anka kɛkɛ sɛ yɛne ‘yɛn ho ntena.’ Mmom, ɔde kaa ho sɛ, ɛsɛ sɛ yɛne yɛn ho tena “ɔdɔ mu.” Nsonsonoe wɔ nsɛm mmienu yi mu. Nnipa ahorow nyinaa bi wɔ yɛn asafo ahorow mu; wɔn nyinaa yɛ nkurɔfo a Yehowa atwe wɔn aba ne nkyɛn. (Yoh. 6:44) Esiane sɛ Yehowa dɔ wɔn nti na watwe wɔn aba ne nkyɛn. Sɛ Yehowa dɔ wɔn a, ɛnde adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn mu bi ka sɛ yɛn nua Kristoni bi mfata sɛ yɛdɔ no? Yehowa ahyɛ sɛ yɛnnɔ yɛn nuanom, enti ɛnsɛ sɛ yɛtwetwe yɛn ho!​—1 Yoh. 4:20, 21.

BERE BƐN NA YƐBƐKƆ NKAEDI A ETWA TO?

15. Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛda bi bɛba a yɛbɛkɔ Nkaedi a etwa to?

15 Ɛda bi bɛba a yɛbɛkɔ Nkaedi a etwa to. Yɛyɛ dɛn hu saa? Krataa a edi kan a Paulo kyerɛw kɔmaa Korintofo no, ɔka kyerɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ, sɛ wɔkae Yesu wu no afe biara a, na ‘wɔrepae mu aka Awurade wu no akosi sɛ ɔbɛba.’ (1 Kor. 11:26) Yesu nso, bere a ɔrehyɛ awiei bere ho nkɔm no, ɔkaa ba a ‘ɔbɛba’ ho asɛm. Ɔkaa ahohiahia kɛse a ɛbɛba nnansa yi ara no ho asɛm sɛ: “Onipa Ba no ho sɛnkyerɛnne bɛda adi ɔsoro, na asase so mmusuakuw nyinaa abɔ abubuw, na wobehu sɛ onipa Ba no nam ɔsoro mununkum mu de tumi ne anuonyam kɛse reba. Na [Yesu bɛsoma] n’abɔfo ma wɔde torobɛnto nnyigyei a ano yɛ den aba, na wɔbɛboaboa wɔn a wapaw wɔn no ano afi mframa anan no mu, fi ɔsoro ano akosi ano nohoa.” (Mat. 24:29-31) ‘Wɔn a wapaw wɔn a wɔbɛboaboa wɔn ano’ no kyerɛ bere a Kristofo a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asase so nyinaa benya ɔsoro akatua. Wobenya wɔn akatua no bere a ahohiahia kɛse no afi ase, nanso saa bere no, na Harmagedon ko no nnya mfii ase. Afei Yesu ne 144,000 no nyinaa ne asase so ahemfo bɛko, na wobedi ahemfo no so nkonim. (Adi. 17:12-14) Nkaedi ho fã a yɛbɛhyɛ ansa na wɔaboaboa Kristofo a wɔasra wɔn no ano akɔ soro no, ɛno na ɛbɛyɛ Nkaedi a etwa to, efisɛ saa bere no, na Yesu ‘aba.’

16. Adɛn nti na woasi wo bo sɛ wobɛkɔ afe yi Nkaedi no ase?

16 Momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ Nkaedi no ase March 31, 2018, na yɛanya so mfaso. Afei, momma yɛnsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn mma yɛnyɛ nea yebetumi biara mma baakoyɛ nkɔ so ntena ne nkurɔfo mu! (Kenkan Dwom 133:1.) Kae sɛ da bi bɛba a, yɛbɛhyɛ Nkaedi ho fã a etwa to. Enkosi saa bere no, momma yɛn nyinaa nyɛ nea yebetumi biara nkɔ Nkaedi no ase, na yɛnkyerɛ sɛ baakoyɛ a ɛyɛ fɛ a yehu wɔ Nkaedi no ase no som bo ma yɛn paa.