Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kenneth E. Cook, Jr., ne ne yere, Jamie

Akwankyerɛ Kuw No Muni Foforo

Akwankyerɛ Kuw No Muni Foforo

WUKUDA anɔpa, January 24, 2018 no, United States ne Canada Betel mmusua no tee nkaebɔ titiriw bi maa wɔn ani gyei. Ɛne sɛ: Wɔde Onua Kenneth Cook, Jr. aka Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no ho.

Wɔwoo Onua Cook wɔ Pennsylvania anafo fam wɔ U.S.A. Ɛhɔ na wɔtetee no. Osuaa nokware no fii ne yɔnko sukuuni bi hɔ bere a na aka kakraa bi ama wɔawie ntoaso sukuu, na ɔbɔɔ asu June 7, 1980. Ofii bere nyinaa som adwuma ase sɛ daa kwampaefo September 1, 1982. Bere a ɔyɛɛ akwampae adwuma mfe mmienu akyi no, wɔfrɛɛ no kɔɔ Betel. Ofii Betel som adwuma ase wɔ Wallkill, New York, October 12, 1984.

Mfe 25 a edi hɔ no, Onua Cook nyaa hokwan yɛɛ nnwuma ahorow wɔ baabi a wotintim nhoma ne dwumadibea a ɛhwɛ Betel fie no so. Ɔwaree ne yere Jamie afe 1996, na ne yere kɔkaa ne ho ne no yɛɛ Betel som adwuma wɔ Wallkill. December 2009 no, wɔde Onua ne Onuawa Cook kɔɔ Ɔwɛn Aban Nteteebea wɔ Patterson, New York. Ɛhɔ no, wɔmaa Onua Cook kɔyɛɛ adwuma wɔ Dwumadibea a Ɛma Nsɛm a Nkurɔfo Bisa Ho Mmuae. April 2016 no, wɔmaa Onua ne Onuawa Cook kɔɔ Wallkill bere tiaa bi, na ɛno akyi no, wɔde wɔn san baa Brooklyn, New York. Abosome nnum akyi no, wɔkɔɔ wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ Warwick, New York no. January 2017 no, wɔpaw Onua Cook sɛ Akwankyerɛ Kuw no Akyerɛw Boayikuw no boafo.