Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 1

“Mma W’ani Nnyɛ Wo Totɔtotɔ, Na Mene Wo Nyankopɔn”

“Mma W’ani Nnyɛ Wo Totɔtotɔ, Na Mene Wo Nyankopɔn”

“Nsuro efisɛ meka wo ho. Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn. Mɛhyɛ wo den. Mɛboa wo.”—YES. 41:10.

DWOM 7 Yehowa, Yɛn Botan Kɛse

NEA YƐREBESUA *

1-2. (a) Asɛm a ɛwɔ Yesaia 41:10 no kaa onuawa bi a ne din de Yoshiko sɛn? (b) Saa asɛm no a Yehowa ma wɔkyerɛw too hɔ no, henanom na na ɛbɛboa wɔn?

KRISTONI bea nokwafo bi a ne din de Yoshiko ante asɛmpa. Yoshiko dɔkota ka kyerɛɛ no sɛ aka abosome kakraa bi na wawu. Dɛn na Yoshiko yɛe? Ɔkaee kyerɛwsɛm bi a ɛda ne koma so pa ara; ɛno ne Yesaia 41:10. (Kenkan.) Yoshiko koma antu, na mmom ɔka kyerɛɛ dɔkota no sɛ, onsuro efisɛ Yehowa kura ne nsa mu. * Awerɛkyekyesɛm a ɛwɔ saa kyerɛwsɛm no mu boaa yɛn nuabea no ma ɔde ne ho too Yehowa so koraa. Yɛn nso, sɛ yehyia sɔhwɛ a emu yɛ den a, saa kyerɛwsɛm no betumi aboa yɛn na yɛn koma antu. Nea ɛbɛma yɛahu sɛnea saa kyerɛwsɛm no betumi aboa yɛn no, momma yenni kan nhwɛ nea enti a Onyankopɔn kaa saa asɛm no kyerɛɛ Yesaia.

2 Yehowa maa Yesaia dii kan kyerɛw saa asɛm no de kyekyee Yudafo a akyiri yi na wɔde wɔn bɛkɔ nkoasom mu wɔ Babilon no werɛ. Nanso, ɛnyɛ Yudafo a na wɔwɔ nkoasom mu no nko ara nti na Yehowa ma wɔkyerɛw saa asɛm no sɛ ɛmmoa wɔn, na mmom ne nkurɔfo a wɔatena ase fi saa bere no besi nnɛ nyinaa nso ka ho. (Yes. 40:8; Rom. 15:4) Ɛnnɛ, yɛte “mmere a emu yɛ den” mu, na saa bere yi pa ara na yehia nkuranhyɛ a ɛwɔ Yesaia nhoma no mu sen bere biara.—2 Tim. 3:1.

3. (a) Bɔhyɛ ahorow bɛn na ɛwɔ Yesaia 41:10 a ɛyɛ afe 2019 afe asɛm no? (b) Awerɛhyem a saa bɔhyɛ ahorow no ma yenya no, adɛn nti na yehia?

3 Adesua yi mu no, Yehowa bɔhyɛ ahorow a ɛhyɛ gyidi den a ɛwɔ Yesaia 41:10 no, yebesusuw emu mmiɛnsa ho. Ɛno ni: (1) Yehowa bɛka yɛn ho, (2) ɔno ne yɛn Nyankopɔn, (3) ɔbɛboa yɛn. Ehia sɛ yenya saa awerɛhyem * yi, efisɛ sɛnea Yoshiko hyiaa sɔhwɛ no, yɛn nso yehyia sɔhwɛ wɔ yɛn asetena mu. Afei nso, esiane sɛ nneɛma bɔne sisi wɔ wiase yi mu nti, yehyia nsɛnnennen. Yɛn mu bi wɔ hɔ mpo a, aban ahorow a wɔyɛ den tu wɔn ani si yɛn so taa yɛn. Momma yensusuw saa bɔhyɛ mmiɛnsa no ho mmaako mmaako.

“MEKA WO HO”

4. (a) Awerɛhyem a edi kan a yebesusuw ho ne nea ɛwɔ he? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.) (b) Dɛn na Yehowa aka a ɛma yehu sɛ odwen yɛn ho? (d) Onyankopɔn anom asɛm ka wo sɛn?

4 Awerɛhyem a edi kan a Yehowa de ma yɛn ne sɛ: “Nsuro efisɛ meka wo ho.” * Yehowa de n’adwene si yɛn so, na ɔda ɔdɔ adi kyerɛ yɛn ma yehu sɛ ɔka yɛn ho. Yɛnhwɛ sɛnea ɔka ne komam asɛm kyerɛ yɛn. Yehowa ka sɛ: ‘Wosom bo m’ani so, midi wo ni, na medɔ wo.’ (Yes. 43:4) Biribiara nni amansan yi mu a ɛbɛtetew ɔdɔ a Yehowa wɔ ma wɔn a wɔsom no no mu; ɔfam yɛn ho denneennen. (Yes. 54:10) Ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn ne ayɔnkofa a ɛda yɛne no ntam no ma yenya akokoduru. Sɛnea Yehowa bɔɔ n’adamfo Abram (Abraham) ho ban no, saa ara na ɔbɛbɔ yɛn ho ban nnɛ. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro, Abram. Meyɛ wo kyɛm.”—Gen. 15:1.

Sɔhwɛ biara a ɛte sɛ asubɔnten ne ogyaframa a yebehyia no, Yehowa bɛboa yɛn ama yɛafa mu (Hwɛ nkyekyɛm 5-6) *

5-6. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa ani gye ho sɛ ɔbɛboa yɛn bere a yɛrehyia sɔhwɛ? (b) Dɛn na yebetumi asua afi Yoshiko asɛm no mu?

5 Yenim sɛ Yehowa ani gye ho sɛ ɔbɛboa yɛn bere a yɛrehyia sɔhwɛ, efisɛ wahyɛ ne nkurɔfo bɔ sɛ: “Sɛ wutwa nsu a, medi w’akyi; wofa asubɔnten mu a, ɛremfa wo. Sɛ wonam ogya mu a, ɛrenhyew wo, na ogyaframa renhyew wo ho nhwi mpo.” (Yes. 43:2) Saa asɛm yi kyerɛ sɛn?

6 Ɔhaw ahorow a ɛma asetena yɛ den no, Yehowa nhyɛɛ yɛn bɔ sɛ, sɛ ebi ba yɛn so a obeyi afi hɔ, na mmom ɔremma ɔhaw a ɛte sɛ “asubɔnten” mmu mfa yɛn so anaa ɔremma sɔhwɛ ahorow a ɛte sɛ “ogyaframa” mma yenhu amane afebɔɔ. Wahyɛ yɛn bɔ sɛ obedi yɛn akyi, na waboa yɛn ama ‘yɛafa’ saa ɔhaw no mu. Dɛn na Yehowa bɛyɛ? Sɛ ɛba mpo sɛ yebewu a, Yehowa bɛboa yɛn aka yɛn koma ato yɛn yam sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ so adi nokware ama no. (Yes. 41:13) Yoshiko a yɛadi kan aka ne ho asɛm no hui sɛ saa asɛm no yɛ nokware. Yoshiko babea ka sɛ: “Akokoduru a Maame daa no adi no maa yɛn ho dwiriw yɛn pa ara. Yehui pa ara sɛ Yehowa kaa ne koma too ne yam. Maame kaa Yehowa ne ne bɔhyɛ ahorow ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔyare ne wɔn a wɔhwɛ ayarefo no kosii sɛ owui.” Dɛn na yesua fi Yoshiko asɛm no mu? Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛka sɛ “medi w’akyi” no, sɛ yegye di a, yɛn nso yebenya akokoduru na yɛayɛ den bere a yɛrehyia sɔhwɛ.

“MENE WO NYANKOPƆN”

7-8. (a) Awerɛhyem a ɛto so mmienu a yebesusuw ho ne nea ɛwɔ he, na ɛkyerɛ sɛn? (b) Adɛn nti na Yehowa ka kyerɛɛ Yudafo a na wɔwɔ nkoasom mu no sɛ: ‘Mma wɔn ani nnyɛ wɔn totɔtotɔ’? (d) Asɛm bɛn na ɛwɔ Yesaia 46:3, 4 a ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa Onyankopɔn nkurɔfo koma tɔɔ wɔn yam?

7 Yɛnhwɛ awerɛhyem a ɛto so mmienu a Yesaia kaa ho asɛm no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn.” Yɛn ani a ɛnsɛ sɛ yɛma ɛyɛ yɛn totɔtotɔ no, ɛkyerɛ sɛn? Hebri kasa mu no, sɛ wɔka sɛ obi ani yɛ no “totɔtotɔ” a, ɛkyerɛ sɛ, “ɔnam a n’adwene yɛ no sɛ gyama asɛm kɛse bi rebɛto no” anaasɛ “ne yam hyehye no ma enti ɔretwitwa n’ani kurukuru.”

8 Adɛn nti na Yehowa ka kyerɛɛ Yudafo a na wɔbɛkɔ nkoasom mu wɔ Babilon no sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma ‘wɔn ani yɛ wɔn totɔtotɔ’? Efisɛ na Yehowa nim sɛ ehu bɛka nnipa a wɔte Babilon asase no so no. Dɛn na na ɛbɛma ehu aka wɔn? Ná Yudafo no bɛkɔ nkoasom mu mfe 70, na sɛ aka kakra ama aba awiei a, na Medo-Persia asraafo a wɔyɛ den bɛtow ahyɛ Babilon so. Medo-Persia asraafo na na Yehowa bɛma wɔagye ne nkurɔfo afi Babilon nkoasom mu. (Yes. 41:2-4) Saa bere no, sɛ Babilonfo ne aman foforo so nnipa hu sɛ wɔn atamfo reba wɔn so a, na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔremma ehu nka wɔn. Enti na wɔkeka kyerɛ wɔn ho sɛ: “Hyɛ wo ho den.” Afei nso, na wɔyeyɛ ahoni pii de yɛ wɔn anyame, na na wɔhwɛ kwan sɛ saa anyame no bɛbɔ wɔn ho ban. (Yes. 41:5-7) Nanso, Yehowa asɛm a Yesaia kyerɛwee no kaa Yudafo a na wɔwɔ nkoasom mu no koma too wɔn yam sɛ: “Israel, [wonte sɛ aman a atwa wo ho ahyia] woyɛ m’akoa; . . . Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn.” (Yes. 41:8-10) Yɛnhyɛ no nsow sɛ Yehowa kaa sɛ: “Mene wo Nyankopɔn.” Yehowa kaa saa asɛm no maa n’asomfo anokwafo no nyaa awerɛhyem sɛ ne werɛ mfii wɔn; ɔda so ara yɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔn nso da so ara yɛ ne man. Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Me ara na meturu mo na magye mo.’ Akyinnye biara nni ho sɛ, saa asɛm a ɛma awerɛkyekye yi hyɛɛ Yudafo a na wɔwɔ nkoasom mu no den.—Kenkan Yesaia 46:3, 4.

9-10. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛbɔ hu? Fa mfatoho kyerɛkyerɛ mu.

9 Ɛnnɛ, sɛnea nneɛma mu reyɛ den wɔ wiase no ama nkurɔfo a wɔatwa yɛn ho ahyia ani ayɛ wɔn totɔtotɔ sen bere biara. Nokwasɛm ne sɛ, ɔhaw a ɛwɔ wiase no, yɛn nso, ebi ka yɛn. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ hu. Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ: “Mene wo Nyankopɔn.” Adɛn nti na saa asɛm yi betumi aka yɛn koma ato yɛn yam?

10 Yɛnhwɛ mfatoho yi: Jim ne Ben te wimhyɛn bi a mframa a ano yɛ den rewosow no mu. Bere a mframa no de wimhyɛn no rekɔ soro ba fam no, wɔtee nne bi wɔ akasam so sɛ: “Obiara mmɔ bɛlt a ɛwɔ akongua a ɔte so ho no. Mframa no bɛkɔ so awosow yɛn kakra.” Wei maa Jim koma tui pa ara. Nanso, nea ɔreka wimhyɛn no de kaa ho sɛ: “Mommma mo yam nnhyehye mo. Me a me ne mo rekasa yi, me na mereka wimhyɛn no.” Ɔkaa saa no, Jim wosow ne ti kaa sɛ, “Awerɛhyem bɛn ni?” Nanso, Jim hui sɛ Ben de, ne yam nhyehye no koraa. Jim bisaa no sɛ: “Adɛn nti na wo de, hwee nhaw wo saa?” Ben serewee, na ɔkaa sɛ: “Efisɛ minim nea ɔreka wimhyɛn no yiye. Ɔyɛ me papa!” Afei Ben kaa sɛ: “Ma menka me papa ho asɛm nkyerɛ wo. Migye di sɛ, sɛ meka ne ho asɛm kyerɛ wo na wuhu sɛnea onim wimhyɛn ka pa ara a, wo nso wo koma bɛtɔ wo yam.”

11. Nnipa mmienu a wɔte wimhyɛn mu ho mfatoho no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

11 Dɛn na yebetumi asua afi saa mfatoho no mu? Yɛn nso, hwee nhaw yɛn te sɛ Ben efisɛ yenim yɛn soro Agya Yehowa yiye. Yenim sɛ ɔhaw biara a ɛte sɛ ahum a yebehyia wɔ nna a edi akyiri yi mu no, ɔbɛboa yɛn ama yɛafa mu dwoodwoo. (Yes. 35:4) Yɛwɔ Yehowa mu ahotoso, enti bere a ehu akyekyere wiase no, yɛn de, yebetumi aka yɛn koma ato yɛn yam. (Yes. 30:15) Afei nso, sɛ yɛka nea enti a yɛwɔ Onyankopɔn mu ahotoso kyerɛ afoforo a, na yɛresuasua Ben. Yɛyɛ saa a, wɔn nso betumi anya awerɛhyem sɛ nsɛnnennen biara a wobehyia no, Yehowa bɛboa wɔn.

‘MƐHYƐ WO DEN NA MABOA WO’

12. (a) Awerɛhyem a ɛto so mmiɛnsa a yebesusuw ho no, ɛno ne nea ɛwɔ he? (b) Yehowa “basa” a Bible ka ho asɛm no kae yɛn asɛm bɛn?

12 Yɛnhwɛ awerɛhyem a ɛto so mmiɛnsa a Yesaia kaa ho asɛm no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mɛhyɛ wo den. Mɛboa wo.” Ná Yesaia adi kan aka sɛnea Yehowa bɛhyɛ ne nkurɔfo den ho asɛm. Ɔkaa sɛ: “Yehowa bɛba sɛ ɔhoɔdenfo, na ne basa bedi tumi ama no.” (Yes. 40:10) Bible taa de asɛmfua “basa” gyina hɔ ma tumi. Enti, Bible ka sɛ Yehowa “basa bedi tumi” a, ɛkae yɛn sɛ Yehowa tumi sõ. Ɔde n’ahoɔden a enni ano boaa n’asomfo a wɔtenaa ase tete no twitwa gyee wɔn. Ɛnnɛ nso, ɔkɔ so hyɛ wɔn a wɔde wɔn ho to no so den, na ɔbɔ wɔn ho ban.—Deut. 1:30, 31; Yes. 43:10.

Akode biara nni hɔ a nkurɔfo betumi de ako atia Yehowa basa a ɛyɛ den a ɔde bɔ yɛn ho ban no (Hwɛ nkyekyɛm 12-16) *

13. (a) Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛhyɛ yɛn den. Bere bɛn pa ara na odi saa bɔhyɛ no so? (b) Bɔhyɛ bɛn na ɛhyɛ yɛn den na ɛma yenya ahotoso?

13 Bere a atamfo retaa yɛn pa ara na Yehowa di ne bɔhyɛ yi so. Yehowa ka sɛ: “Mɛhyɛ wo den.” Ɛnnɛ, wokɔ wiase no afã bi a, yɛn atamfo rebɔ mmɔden pa ara sɛ wɔbɛma yɛagyae asɛnka adwuma no anaa wɔabara yɛn ahyehyɛde no. Ɛba saa mpo a, yennwinnwen ɔhaw a ɛte saa ho mmoro so. Yehowa ahyɛ yɛn bɔ bi; ɛhyɛ yɛn den, na ɛma yenya ahotoso. Bɔhyɛ no ni: “Akode biara a wɔbɛyɛ de aba wo so no renyɛ yiye.” (Yes. 54:17) Saa asɛm no ma yɛkae nokwasɛm mmiɛnsa bi.

14. Sɛ Onyankopɔn atamfo tow hyɛ yɛn so a, adɛn nti na ɛnyɛ yɛn nwonwa?

14 Nea edi kan, esiane sɛ yɛyɛ Kristo akyidifo nti, yɛhwɛ kwan sɛ nkurɔfo bɛtan yɛn. (Mat. 10:22) Yesu ka too hɔ sɛ nkurɔfo bɛtaa n’asuafo denneennen wɔ nna a edi akyiri no mu. (Mat. 24:9; Yoh. 15:20) Nea ɛto so mmienu, Yesaia nkɔmhyɛ no bɔ yɛn kɔkɔ sɛ, ɛnyɛ ɔtan kɛkɛ na yɛn atamfo bɛtan yɛn; wɔde akode ahorow nso bɛba yɛn so. Akode no bi ne sɛ yɛn atamfo bɛfa anifere kwan so sɛ wɔbɛdaadaa yɛn, wɔbɛkata wɔn ani atwa atoro ato yɛn so, na wɔatu wɔn ani asi yɛn so ataa yɛn denneennen. (Mat. 5:11) Sɛ yɛn atamfo de akode a ɛte saa ba yɛn so a, Yehowa rensiw wɔn kwan. (Efe. 6:12; Adi. 12:17) Nanso, ɛnsɛ sɛ yesuro. Adɛn ntia?

15-16. (a) Nokwasɛm a ɛto so mmiɛnsa a ɛsɛ sɛ yɛkae no, ɛno ne nea ɛwɔ he, na Yesaia 25:4, 5 foa wei so sɛn? (b) Wɔn a wɔko tia yɛn no, dɛn na Yesaia 41:11, 12 kyerɛ sɛ ɛbɛto wɔn?

15 Yɛnhwɛ nokwasɛm a ɛto so mmiɛnsa a ɛsɛ sɛ yɛkae. Yehowa kaa sɛ “akode biara” a wɔde bɛba yɛn so “renyɛ yiye.” Sɛnea ɔfasu bɔ yɛn ho ban fi ahum a etumi sɛe ade ho no, saa ara na Yehowa bɔ yɛn ho ban fi “atirimɔdenfo hwenem mframa” ho. (Kenkan Yesaia 25:4, 5.) Yɛn atamfo rentumi nyɛ biribi a ɛbɛma yɛahu amane afebɔɔ.—Yes. 65:17.

16 Bio nso, ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no, ɔhyɛ mu den, efisɛ wakyerɛ nea ɛbɛto wɔn a wɔn “bo afuw” yɛn no. (Kenkan Yesaia 41:11, 12.) Sɛ yɛn atamfo ko tia yɛn denneennen anaa ɔko no mu yɛ den sɛ dɛn ara mpo a, ade baako pɛ na ebefi mu aba: Onyankopɔn atamfo nyinaa “betwam akɔ na wɔn ase atɔre.”

SƐNEA YƐHYƐ YEHOWA MU AHOTOSO A YƐWƆ NO MU DEN

Sɛ yɛkenkan Yehowa ho asɛm wɔ Bible mu daa a, yebetumi ahyɛ ne mu ahotoso a yɛwɔ no mu den (Hwɛ nkyekyɛm 17-18) *

17-18. (a) Sɛ yɛkenkan Bible a, sɛn na ɛbɛhyɛ Onyankopɔn mu ahotoso a yɛwɔ no mu den? Ma ɛho nhwɛso. (b) Sɛ yedwinnwen afe 2019 afe asɛm no ho a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

17 Sɛ yehu Yehowa yiye a, yɛhyɛ ne mu ahotoso a yɛwɔ no mu den. Ɔkwan baako pɛ a yebetumi afa so ahu Onyankopɔn yiye ne sɛ yɛbɛtɔ yɛn bo ase akenkan Bible na yɛadwinnwen nea yɛkenkan no ho. Sɛnea Yehowa bɔɔ ne nkurɔfo ho ban tete no, ɛho kyerɛwtohɔ a edi mũ wɔ Bible mu. Saa kyerɛwtohɔ no ma yenya ahotoso sɛ Yehowa bɛhwɛ yɛn nnɛ.

18 Yɛnhwɛ mfatoho bi a ɛka koma a Yesaia de kyerɛɛ sɛnea Yehowa bɔ yɛn ho ban. Ɔkaa sɛ Yehowa yɛ oguanhwɛfo, ɛnna Onyankopɔn asomfo yɛ nguammaa. Yesaia kaa Yehowa ho asɛm sɛ: “Ɔbɛma ne nguammaa so wɔ ne basa so na waturu wɔn ne kokom.” (Yes. 40:11) Sɛ yehu sɛ Yehowa de ne basa a ɛyɛ den no ato yɛn kɔn mu a, yɛte nka sɛ yɛwɔ ahobammɔ, enti yensuro. Sɛ yehyia sɔhwɛ mpo a, nea ɛbɛboa yɛn na yɛn koma antu no, akoa nokwafo ne ɔbadwemma no apaw Yesaia 41:10 sɛ afe 2019 afe asɛm. Ɛka sɛ: “Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ, na mene wo Nyankopɔn.” Dwinnwen saa asɛm a ɛma yenya awerɛhyem no ho. Ɛbɛhyɛ wo den ama woatumi agyina nsɛnnennen a ɛreba no ano.

DWOM 38 Ɔbɛma Woayɛ Den

^ nky. 5 Afe 2019 afe asɛm a wɔapaw ama yɛn no bɛma yɛahu nneɛma mmiɛnsa nti a sɛ nneɛma bɔne sisi wɔ wiase anaa yɛn asetenam mpo a, ɛnsɛ sɛ yɛbɔ hu. Adesua yi bɛma yɛahu saa nneɛma no, na aboa yɛn na yɛn ani anyɛ yɛn totɔtotɔ. Afei nso, ɛbɛma yɛde yɛn ho ato Yehowa so kɛse. Dwinnwen afe asɛm no ho. Sɛ wubetumi a, kyere gu wo tirim. Ɛbɛhyɛ wo den ama woatumi agyina nsɛnnennen a wubehyia ano.

^ nky. 3 ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Awerɛhyem yɛ nokwasɛm anaa ɛbɔ a obi hyɛ sɛ asɛm bi bɛbam ɔkwan biara so. Awerɛhyem a Yehowa de ma yɛn no betumi aboa yɛn na sɛ ɛba sɛ yehyia ɔhaw wɔ yɛn asetenam a, dadwen ammu amfa yɛn so.

^ nky. 4 Asɛm a ɛne “Nsuro” pue mprɛnsa wɔ Yesaia 41:10, 13, ne 14. Saa kyerɛwnsɛm no taa de asɛmfua ‘me’ (a egyina hɔ ma Yehowa) di dwuma. Adɛn nti na Yehowa maa Yesaia de asɛmfua ‘me’ dii dwuma mpɛn pii? Ná ɔpɛ sɛ osi nokwasɛm titiriw bi so dua; ɛne sɛ Yehowa nkutoo na yɛde yɛn ho to no so a, ehu biara a aka yɛn no, ano betumi abrɛ ase.

^ nky. 52 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Abusua bi mufo rehyia sɔhwɛ: adwumam, yare, asɛnka mu, ne sukuu mu.

^ nky. 54 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Polisifo akɔtow ahyɛ Adansefo bi a wɔahyia wɔ fie bi mu so, nanso anuanom no mmɔɔ hu.

^ nky. 56 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Abusua Som a yɛyɛ no daa hyɛ yɛn den ma yegyina nsɛnnennen ano.