Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 4

Nea Nhyiam Tiawa Bi Ma Yehu Fa Ɔsoro Hene Bi Ho

Nea Nhyiam Tiawa Bi Ma Yehu Fa Ɔsoro Hene Bi Ho

“Eyi gyina hɔ ma me nipadua. . . . Eyi gyina hɔ ma me ‘mogya a wɔde yɛ apam no.’”—MAT. 26:26-28.

DWOM 16 Kamfo Yehowa, Ne Ba a Wasra no no Nti

NEA YƐREBESUA *

1-2. (a) Adɛn nti na yebetumi ahwɛ kwan sɛ Yesu bɛma yɛafa ɔkwantiaa so ahyɛ ne wu ho fã? (b) Yesu suban ahorow bɛn na yebesusuw ho?

DƐN na wubetumi aka afa nea ɛkɔ so wɔ Kristo wu Nkaedi a yɛyɛ no afe biara no ho? Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛn mu dodow no ara betumi akae nea ɛkɔ so wɔ Awurade Anwummeduan no ase no. Adɛn ntia? Efisɛ nhyiam no yɛ tiawa. Nanso, ɛyɛ nhyiam titiriw. Enti ebia yebebisa sɛ, ‘Adɛn nti na nhyiam no ho nhyehyɛe yɛ tiawa saa?’

2 Bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asase so no, na nkurɔfo nim no sɛ ɔfa ɔkwantiaa so kyerɛkyerɛ nokwasɛm atitiriw mu ma emu da hɔ ma obiara te ase. (Mat. 7:28, 29) Saa ara na ɔkyerɛɛ yɛn ɔkwantiaa a ɛfata sɛ yɛfa so hyɛ ne wu ho fa. * Momma yensusuw Awurade Anwummeduan yi ne nsɛm bi a Yesu kae ne nneɛma bi a ɔyɛe ho yiye. Wei bɛma yɛahu pa ara sɛ Yesu wɔ ahobrɛase, ɔwɔ akokoduru, na ɔwɔ ɔdɔ ankasa. Yebehu sɛnea yebetumi asuasua no yiye nso.

YESU BRƐ NE HO ASE

Paanoo ne bobesa a yɛde yɛ Nkaedi no ma yɛkae sɛ Yesu de ne nkwa too hɔ maa yɛn, na seesei ɔno ne yɛn Hene a ɔredi ade wɔ soro (Hwɛ nkyekyɛm 3-5)

3. Sɛnea Mateo 26:26-28 ka no, adɛn nti na yebetumi aka sɛ aduan a Yesu kaa sɛ yɛmfa nyɛ Nkaedi no, ɛnyɛ den sɛ yebenya, na nneɛma mmienu a ɔde yɛɛ ho nhyehyɛe no gyina hɔ ma dɛn?

3 Bere a Yesu rekyerɛ nea yɛnyɛ mfa Nkae ne wu no, na n’asomafo anokwafo 11 wɔ hɔ. Ɔfaa aduan a wɔde dii Twam afahyɛ no ara bi na ɔde yɛɛ afahyɛ tiawa no ho nhyehyɛe. (Kenkan Mateo 26:26-28.) Ɔde paanoo a mmɔkaw nnim ne bobesa a na ɛwɔ hɔ dedaw no bi na ɛyɛɛ nhyehyɛe no. Yesu kaa sɛ, paanoo ne bobesa no gyina hɔ ma ne nipadua ne ne mogya a dɛm biara nni ho no, na na ɛrenkyɛ koraa na ɔde abɔ afɔre ama wɔn. Ebia anyɛ asomafo no nwonwa sɛ Yesu faa ɔkwantiaa so yɛɛ nhyiam foforo a ɛho hia yi ho nhyehyɛe. Adɛn ntia?

4. Aduan a Yesu de yɛɛ Nkaedi no, na ɛho adwuma nyɛ den. Ɔkwan bɛn so na afotu a na Yesu adi kan de ama Marta no boa yɛn ma yɛte nea Yesu yɛe no ase?

4 Yɛnhwɛ asɛm bi a esii abosome kakra a na atwam. Asɛm no sii wɔ Yesu som adwuma no afe a ɛto so mmiɛnsa mu. Saa bere no, Yesu kɔɔ ne nnamfo pa ara fie; wɔne Lasaro, Marta, ne Maria. Bere a na Yesu regye n’ahome no, ofii ase kyerɛkyerɛe. Ná Marta wɔ hɔ, nanso na ɔreyɛ aduan pii ama onuonyamfo a wabɛsra wɔn no, na ɔmaa ɛno gyee n’adwene. Bere a Yesu hui no, ɔteɛɛ Marta adwene, na ɔboaa no ma ohui sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na ehia sɛ ɔyɛ aduan pii. (Luka 10:40-42) Akyiri yi, bere a na aka nnɔnhwerew kakraa bi ama Yesu de ne nkwa abɔ afɔre no, ɔde n’ankasa afotu no yɛɛ adwuma. Aduan a ɛho adwuma nyɛ den na ɔde yɛɛ Nkaedi no. Dɛn na wei ma yehu fa Yesu ho?

5. Dɛn na saa nhyehyɛe tiawa yi ma yehu fa Yesu ho, na adɛn nti na yebetumi aka sɛ wei ne Filipifo 2:5-8 hyia?

5 Asɛm biara a Yesu kae ne biribiara a ɔyɛe ma yehu sɛ na ɔbrɛ ne ho ase. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ anadwo a etwa to wɔ Yesu asase so asetenam no, ɔdaa ahobrɛase kɛse adi. (Mat. 11:29) Ná Yesu nim sɛ ɔrebɛbɔ afɔre a ɛsen biara wɔ nnipa asetenam, na Yehowa benyan no ama wakodi hene wɔ soro. Ɛwom sɛ na onim wei nyinaa de, nanso wantwe adwene amma ne ho so anka sɛ wɔnyɛ biribi kyenkyenenn mfa nkae ne wu. Mmom, Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo sɛ afe biara wɔnyɛ saa nhyiam tiawa yi pɛnkoro mfa nkae no. (Yoh. 13:15; 1 Kor. 11:23-25) Saa nhyiam a ɛyɛ tiawa nanso ɛfata no ma yehu sɛ na Yesu nyɛ ahomaso. Yɛn soro Hene no wɔ suban pa pii, na ɛyɛ yɛn anigye sɛ ahobrɛase ka ho.—Kenkan Filipifo 2:5-8.

6. Yɛrefa sɔhwɛ mu a, dɛn na yɛbɛyɛ de asuasua Yesu ahobrɛase?

6 Dɛn na yɛbɛyɛ de asuasua Yesu ahobrɛase? Ɛne sɛ, yebedwen afoforo ahiade ho asen yɛn ankasa de. (Filip. 2:3, 4) Yɛnhwɛ nea Yesu yɛe anadwo a etwa to wɔ n’asase so asetena mu no. Ná Yesu nim sɛ ɛrenkyɛ na wɔakum no yayaayaw; nanso na odwen n’asomafo anokwafo no ho pa ara efisɛ na ɛrenkyɛ na wɔadi ne ho awerɛhow. Enti, anadwo a etwa to no, Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔn, ɔhyɛɛ wɔn nkuran, na ɔkaa wɔn koma too wɔn yam. (Yoh. 14:25-31) Yesu ahobrɛase nti, ɔmaa nkurɔfo hui sɛ odwen wɔn ahiade ho pa ara sen ɔno ankasa de. Hwɛ nhwɛso pa a ɔyɛ maa yɛn!

YESU WƆ AKOKODURU

7. Bere a Yesu de Awurade Anwummeduan no sii hɔ akyi pɛɛ no, dɛn na ɔyɛe de kyerɛe sɛ ɔwɔ akokoduru?

7 Bere a Yesu de Awurade Anwummeduan no sii hɔ akyi pɛɛ no, ɔdaa akokoduru kɛse adi. Dɛn na ɔyɛe? Yesu gye toom sɛ ɔbɛyɛ n’Agya apɛde. Ná onim pa ara sɛ ɔyɛ saa a, wɔbɛbɔ no sobo sɛ waka abususɛm de agu n’anim ase na wɔakum no. (Mat. 26:65, 66; Luka 22:41, 42) Yesu kuraa ne mũdi mu kosii ase de hyɛɛ Yehowa anuonyam, na ogyinaa Onyankopɔn tumidi akyi. Wei nti nnipa a wɔanu wɔn ho betumi anya daa nkwa. Bere koro no ara, Yesu siesiee n’akyidifo no maa nea na wɔrebehyia.

8. (a) Asɛm bɛn na Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo no? (b) Yesu wu akyi no, dɛn na n’asuafo no yɛe de kyerɛe sɛ wɔresuasua akokoduru a ɔdaa no adi no bi?

8 Afei nso, sɛ na Yesu wɔ dadwen bi mpo a, wamfa n’adwene ansi so, na mmom ɔde n’adwene sii n’asomafo anokwafo no ahiade so. Wei kyerɛ sɛ na Yesu wɔ akokoduru. Bere a Yesu maa Yuda fii adi no, ɔyɛɛ Awurade Anwummeduan no ho nhyehyɛe tiawa. Ná wei bɛkae wɔn a wɔbɛyɛ n’akyidifo a wɔasra wɔn no ama wɔahu mfaso a ɛwɔ Yesu mogya a ohwie gui no ne apam foforo no mufo a wɔbɛyɛ so. (1 Kor. 10:16, 17) Nea ɛbɛboa Yesu akyidifo no ama wɔakɔ so adi nokware na wɔakɔka Yesu ho wɔ soro no, Yesu kaa nea ɔne n’Agya hwehwɛ sɛ wɔyɛ kyerɛɛ wɔn. (Yoh. 15:12-15) Yesu san ka kyerɛɛ asomafo no sɛ wobehyia sɔhwɛ. Afei, Yesu hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonsuasua no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ‘wɔmma wɔn bo ntɔ wɔn yam!’ (Yoh. 16:1-4a, 33) Mfe pii akyi no, na Yesu asuafo no da so ara resuasua n’ahofama ne n’akokoduru no. Wɔboaa wɔn ho wɔn ho wɔ sɔhwɛ ahorow mu, ɛmfa ho mpo sɛ wohuu amane no.—Heb. 10:33, 34.

9. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua akokoduru a Yesu daa no adi no?

9 Saa ara na ɛnnɛ nso, yesuasua akokoduru a Yesu daa no adi no. Sɛ nhwɛso no, egye akokoduru na ama yɛatumi aboa anuanom a wɔn gyidi nti wɔretaa wɔn no. Ɛtɔ da a, wobu yɛn nuanom ntɛnkyea de wɔn gu afiase. Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara boa wɔn; ebi ne sɛ yɛbɛtaa wɔn akyi. (Filip. 1:14; Heb. 13:19) Ɔkwan foforo a yɛfa so da akokoduru adi ne sɛ yɛbɛkɔ so aka asɛmpa no “akokoduru so.” (Aso. 14:3) Ɛwom sɛ ebia nkurɔfo bɛsɔre atia yɛn na wɔataa yɛn de, nanso sɛnea Yesu yɛe no, yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so aka Ahenni ho asɛmpa no. Nanso ɛtɔ da a, yehu sɛ yenni akokoduru. Ɛba saa a, dɛn na yɛbɛyɛ?

10. Sɛ aka nnawɔtwe kakra ama Nkaedi no adu so a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ, na adɛn ntia?

10 Sɛ yedwinnwen anidaso a Kristo agyede afɔre no ama yɛanya ho a, ebetumi ama yɛanya akokoduru kɛse. (Yoh. 3:16; Efe. 1:7) Sɛ aka nnawɔtwe kakra ama Nkaedi no adu so a, yenya hokwan titiriw bi a yɛde bɛkyerɛ agyede no ho anisɔ. Sɛ edu saa bere no a, kenkan Nkaedi Bible akenkan no, na dwinnwen nsɛm a ɛfa Yesu wu ho no ho, na bɔ mpae. Afei sɛ yehyiam wɔ Awurade Anwummeduan no ase a, yebehu nea paanoo ne bobesa a yɛde yɛ Nkaedi no gyina hɔ ma ankasa, na yɛate afɔre soronko a egyina hɔ ma no ase yiye. Sɛ yɛte nea Yesu ne Yehowa ayɛ ama yɛn no ase na yehu sɛnea aboa yɛne yɛn adɔfo a, daakye ho anidaso a yɛwɔ no mu bɛyɛ den kɛse, na ahyɛ yɛn nkuran ama yɛde akokoduru agyina mu akosi awiei.—Heb. 12:3.

11-12. Ɛde besi ha no, dɛn na yɛasua?

11 Ɛde besi ha no, yɛahu sɛ Awurade Anwummeduan no ma yɛkae sɛ agyede no som bo, na ɛsan ma yɛkae Yesu suban pa a ɛne ahobrɛase ne akokoduru no. Yɛn ani sɔ pa ara sɛ Yesu a ɔyɛ yɛn Sɔfo Panyin a ɔwɔ soro a ɔsrɛ ma yɛn no kɔ so da saa suban pa yi adi! (Heb. 7:24, 25) Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de nokwaredi kae ne wu no sɛnea ɔkaa sɛ yɛnyɛ no. Yɛyɛ saa a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn no pa ara. (Luka 22:19, 20) Yɛkae Yesu wu no Nisan 14; saa da no ne da titiriw pa ara wɔ afe no mu.

12 Awurade Anwummeduan no ho nhyehyɛe tiawa no ma yehu suban foforo a ɛkaa Yesu ma obewu maa yɛn. Bere a ɔbaa asase so sɛ onipa no, na nkurɔfo nim sɛ ɔwɔ saa suban no. Ɛyɛ suban bɛn?

YESU WƆ ƆDƆ

13. Sɛn na Yohane 15:9 ne 1 Yohane 4:8-10 ka ɔdɔ a Yehowa ne Yesu ada no adi no ho asɛm? Henanom na wonya wɔn dɔ no so mfaso?

13 Biribiara a Yesu yɛe no ma yehu sɛ osuasuaa ɔdɔ kɛse a Yehowa wɔ ma yɛn no pɛpɛɛpɛ. (Kenkan Yohane 15:9; 1 Yohane 4:8-10.) Nea ɛsen biara no, Yesu yii ne yam de ne nkwa too hɔ maa yɛn. Sɛ yɛyɛ Kristofo a wɔasra yɛn oo, yɛyɛ “nguan foforo” oo, yenya ɔdɔ a Yehowa ne ne Ba no nam agyede afɔre no so ada no adi akyerɛ yɛn no so mfaso. (Yoh. 10:16; 1 Yoh. 2:2) Yɛnhwɛ nneɛma a yɛde yɛ Nkaedi no nso; ɛma yehu sɛ Yesu dɔ n’asuafo na odwen wɔn ho. Adɛn nti na yɛreka saa?

Yesu fi ɔdɔ mu yɛɛ Nkaedi no ho nhyehyɛe tiawa na ama yɛatumi adi no mfe ɔhaha pii wɔ tebea ahorow mu (Hwɛ nkyekyɛm 14-16) *

14. Dɛn na Yesu yɛe de kyerɛe sɛ ɔdɔ n’asuafo?

14 Yesu anyɛ afahyɛ bi a ɛho nhyehyɛe yɛ kyenkyenenn amma n’asuafo, na mmom nea ɛho nhyehyɛe yɛ tiawa. Ɔyɛɛ wei de daa ɔdɔ adi kyerɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no. Akyiri yi, ɛho behiae sɛ saa asuafo a wɔasra wɔn no yɛ Nkaedi no afe biara. Wɔyɛɛ saa wɔ tebea ahorow mu, bere mpo a na wɔda afiase. (Adi. 2:10) Yemmisa sɛ, wotumi dii Yesu ahyɛde no so anaa? Yɛbɛka sɛ, wodii so pa ara!

15-16. Tebea a emu yɛ den bɛn mu na ebinom atumi ahyɛ Awurade Anwummeduan no ho fã no?

15 Nokware Kristofo akae Yesu wu no fi asomafo no bere so besi nnɛ. Wɔayɛ nea wobetumi biara sɛ wobedi Awurade Anwummeduan ho nhyehyɛe no akyi pɛpɛɛpɛ. Ɛtɔ da a, wɔyɛ saa wɔ tebea ahorow a emu yɛ den mu. Yɛnhwɛ ɛho nhwɛso bi. Wɔde Onua Harold King nko ara too afiase dan bi mu wɔ China. Bere a ɔda hɔ no, ɛho behiae sɛ ɔfa ɔkwan bi so kae Yesu wu no. Ɔyɛɛ anifere de nea na ɔwɔ siesiee aduan a yɛde yɛ Nkaedi no. Afei nso, ɔtɔɔ ne bo ase pa ara buu akontaa huu da a Nkaedi no besi. Eduu bere a ɛsɛ sɛ odi afahyɛ no, ɔno nko ara too dwom, bɔɔ mpae, na ɔmaa ɔkasa a egyina Kyerɛwnsɛm so wɔ afiasedan a na ɔno nko ara da mu no mu.

16 Nhwɛso foforo ni. Bere a Wiase Ko II no rekɔ so no, wɔde anuanom mmea bi guu afiase wɔ nneduaban bi mu. Saa mmea no de wɔn nkwa too asiane mu hyɛɛ Awurade Anwummeduan no ho fã. Esiane sɛ na ɛnyɛ den sɛ wobenya paanoo ne bobesa nti, wotumi yɛɛ anifere hyɛɛ Nkaedi no ho fã. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ: “Yɛde paanoo ne bobesa no sisii akongua bi a yɛde ntama fitaa akata so so, ɛnna yetwaa ho hyiae. Yɛsɔɔ kyɛnerɛ wɔ dan no mu, efisɛ sɛ yɛsɔɔ anyinam kanea a, anka nkurɔfo behu yɛn. . . . Ná yɛahyɛ yɛn soro Agya no bɔ sɛ yɛde yɛn ahoɔden nyinaa bɛtew Ne din kronkron no ho, na yetĩĩ saa bɔhyɛ no mu.” Wei ma yehu sɛ na wɔn gyidi yɛ den pa ara! Hwɛ ɔdɔ kɛse a Yesu daa no adi sɛ wama ayɛ yiye sɛ, yebetumi ayɛ Nkaedi no wɔ tebea a emu yɛ den pa ara mpo mu!

17. Nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho?

17 Bere a Nkaedi no rebɛn no, ɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho nsɛm a edidi so yi: ‘Mɛyɛ dɛn atumi asuasua Yesu yiye na mada ɔdɔ adi? Midwen me nuanom Kristofo ahiade ho sen m’ankasa me de? Mehwɛ kwan sɛ me nuanom bɛyɛ pii asen nea wobetumi, anaa minim nea wobetumi ayɛ ne nea wontumi nyɛ?’ Momma yensuasua Yesu bere nyinaa, na yennya “tema.”—1 Pet. 3:8.

MMA WO WERƐ MMFI SAA ASUADE YI

18-19. (a) Awerɛhyem bɛn na yebetumi anya? (b) Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

18 Ɛrenkyɛ na yɛagyae Kristo wu Nkaedi no. Sɛ Yesu ‘ba’ wɔ ahohiahia kɛse no mu a, ɔbɛboaboa wɔn a “wapaw wɔn” a wɔaka no ano akɔ soro, na yɛrenhyɛ Nkaedi no ho fã bio.—1 Kor. 11:26; Mat. 24:31.

19 Sɛ yegyae Nkaedi no mpo a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa nkurɔfo werɛ remfi saa nhyiam tiawa no da. Wɔbɛkae sɛ egyina hɔ ma ahobrɛase, akokoduru, ne ɔdɔ a ɛsen biara a onipa bi ada no adi pɛn. Saa bere no, akyinnye biara nni ho sɛ, wɔn a wɔkɔɔ saa afahyɛ soronko yi bi no bɛka ho asɛm akyerɛ wɔn a wɔte ase nyinaa ama wɔn nso ate ho asɛm. Nanso, sɛ yebenya saa afahyɛ no so mfaso seesei a, ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yebesuasua Yesu ahobrɛase, n’akokoduru, ne ne dɔ. Yɛyɛ saa a, yebetumi anya ahotoso sɛ, Yehowa betua yɛn ka.—2 Pet. 1:10, 11.

DWOM 13 Kristo Yɛ Yɛn Nhwɛsofo

^ nky. 5 Ɛrenkyɛ, yɛbɛkɔ Awurade Anwummeduan no ase akɔkae Yesu Kristo wu no. Saa nhyiam tiawa no ma yehu nneɛma pii fa Yesu ahobrɛase, n’akokoduru, ne ne dɔ ho. Adesua yi mu no, yebehu sɛnea yebetumi asuasua suban pa a Yesu daa no adi no.

^ nky. 2 ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Sɛ́ yɛbɛhyɛ biribi ho fã no kyerɛ sɛ, yɛbɛyɛ biribi soronko de akae asɛntitiriw bi anaa yɛde ahyɛ obi anuonyam.

^ nky. 56 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɔyɛkyerɛ ahorow yi ma yehu sɛnea Yehowa asomfo anokwafo hyɛɛ Nkaedi no ho fã wɔ asafo a na ɛwɔ hɔ wɔ asomafo no bere so no; bɛyɛ afe 1880; Nasi nneduaban mu; ne yɛn bere yi so; anuanom bi wɔ Ahenni Asa korokorowa bi a ɛwɔ South America man bi a ɛhɔ yɛ hyew so; afasu nni ho.