Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 3

Wobɛyɛ Dɛn Abɔ Wo Koma Ho Ban?

Wobɛyɛ Dɛn Abɔ Wo Koma Ho Ban?

“Bɔ wo koma ho ban sen nea wode sie nyinaa.”—MMEB. 4:23.

DWOM 36 Yɛbɔ Yɛn Koma Ho Ban

NEA YƐREBESUA *

1-3. (a) Adɛn nti na na Yehowa dɔ Solomon, na nhyira bɛn na Solomon nyae? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae wɔ adesua yi mu?

BERE a Solomon bɛyɛɛ Israel hene no, na ɔyɛ aberante. N’ahenni no mfiase na Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ dae mu. Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Bisa me nea menyɛ mma wo.” Solomon kaa sɛ: “Meyɛ abofra koraa. Minnim sɛnea mefi adi na maba mu. . . . Ma w’akoa ahobrɛase koma a ɔde bebu wo man atɛn.” (1 Ahe. 3:5-10) Solomon bisaa “ahobrɛase koma”; n’adesrɛ no kyerɛ sɛ na onim pa ara sɛ ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ! Wei nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ na Yehowa dɔ Solomon! (2 Sam. 12:24) Mmuae a ɔhene aberante no de mae no, yɛn Nyankopɔn ani sɔe araa ma ɔmaa Solomon “nyansa ne ntease koma.”—1 Ahe. 3:12.

2 Bere a na Solomon di nokware no, onyaa nhyira pii. Onyaa hokwan sii asɔrefie ‘maa Yehowa, Israel Nyankopɔn din.’ (1 Ahe. 8:20) Nyansa a Onyankopɔn de maa no nti, ogyee din. Nsɛm a Onyankopɔn honhom ma ɔkae no, wɔakyerɛw wɔ Bible mu nhoma mmiɛnsa mu. Emu baako ne Mmebusɛm nhoma no.

3 Asɛmfua koma pue mpɛn 81 wɔ Mmebusɛm nhoma no mu. Mmebusɛm 4:23 ka sɛ: “Bɔ wo koma ho ban sen nea wode sie nyinaa.” Asɛmfua “koma” no kyerɛ sɛn wɔ saa kyerɛwsɛm yi mu? Yebenya saa asɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua yi mu. Yebenya nsɛmmisa mmienu a edi hɔ yi nso ho mmuae: Ɔkwan bɛn na Satan pɛ sɛ ɔfa so sɛe yɛn koma? Dɛn na yebetumi ayɛ de abɔ yɛn koma ho ban? Ehia sɛ yenya nsɛmmisa titiriw yi ho mmuae na ama yɛakɔ so adi Onyankopɔn nokware.

“WO KOMA”—ƐYƐ DƐN?

4-5. (a) Sɛn na Mmebusɛm 4:23 boa yɛn ma yɛte nea asɛmfua “koma” kyerɛ ase? (b) Ehia sɛ yɛhwɛ yɛn apɔwmuden yiye. Sɛn na wei boa yɛn ma yehu sɛ ehia sɛ yɛhwɛ sɛnea yɛn koma te?

4 Asɛmfua “koma” a ɛwɔ Mmebusɛm 4:23 no, etumi kyerɛ nea yedwinnwen ho, sɛnea yɛte nka wɔ nneɛma ho, ne nea yɛpɛ. Ɛkyerɛ sɛnea yɛte ankasa wɔ yɛn mu, na ɛnyɛ sɛnea yɛte wɔ nnipa ani so.

5 Momma yɛmfa yɛn apɔwmuden nkyerɛkyerɛ sɛnea yɛte ankasa wɔ yɛn koma mu. Nea edi kan, sɛ yɛpɛ sɛ yɛte apɔw wɔ nipaduam a, ɛsɛ sɛ yedidi yiye, na yɛtaa teɛteɛ yɛn apɔw mu. Saa ara na sɛ yɛpɛ sɛ yɛne Yehowa ntam yɛ kama a, ɛsɛ sɛ yedi honhom fam aduan a ahoɔden wom, na yɛyɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu gyidi daa. Nea yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu gyidi ne sɛ yɛde nea yesua no bɛbɔ yɛn bra, na yɛaka nea yegye di no ho asɛm akyerɛ afoforo. (Rom. 10:8-10; Yak. 2:26) Nea ɛto so mmienu, sɛ yɛhwɛ yɛn nipadua a, anhwɛ a yebenya adwene sɛ yɛwɔ apɔwmuden, nanso ebia na yɛyare pa ara. Saa ara na sɛ yɛhwɛ nea yɛyɛ wɔ Yehowa som mu a, ebia yɛn adwene bɛyɛ yɛn sɛ yɛn gyidi yɛ den, nanso ebia na akɔnnɔ bɔne regye ntini wɔ yɛn mu. (1 Kor. 10:12; Yak. 1:14, 15) Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Satan pɛ sɛ yenya n’adwene no bi. Ɔkwan pɔtee bɛn na ebia ɔbɛfa so ayɛ saa? Yɛbɛyɛ dɛn abɔ yɛn ho ban?

ƆKWAN A SATAN PƐ SƐ ƆFA SO SƐE YƐN KOMA

6. Satan botae ne sɛn, na ɔkwan bɛn na ɔfa so sɛ obenya nea ɔrehwehwɛ no?

6 Satan pɛ sɛ yɛyɛ sɛ ɔno; ɔyɛ otuatewfo a ɔmfa Yehowa gyinapɛn nyɛ hwee, na pɛsɛmenkominya ahyɛ no mã. Satan rentumi nhyɛ yɛn sɛ yensusuw nneɛma ho te sɛ ɔno na yɛnyɛ yɛn ade sɛ ɔno. Enti ɔyɛ n’adwene sɛ ɔbɛfa akwan foforo so anya nea ɔrehwehwɛ. Ɔkwan baako a ɔfa so ne sɛ, wama nnipa a wasɛe wɔn adwene dedaw atwa yɛn ho ahyia. (1 Yoh. 5:19) Ɛwom sɛ yenim sɛ fekubɔne ‘bɛsɛe’ sɛnea yedwen nneɛma ho ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade de, nanso Satan hwɛ kwan sɛ yɛne nkurɔfo a wɔte saa bɛbɔ. (1 Kor. 15:33) Saa afiri no yii Ɔhene Solomon. Ɔwaree abosonsomfo mmea bebree, na ewiee ase no, mmea no hyɛɛ no so kɛse, na ‘nkakrankakra wɔdan ne koma’ fii Yehowa ho.—1 Ahe. 11:3.

Satan pɛ sɛ wunya n’adwene no bi. Wobɛyɛ dɛn abɔ wo koma ho ban? (Hwɛ nkyekyɛm 7) *

7. Ɔkwan foforo bɛn na Satan pɛ sɛ ɔfa so ma nnipa dodow no ara nya n’adwene no bi, na adɛn nti na ehia sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ ho?

7 Satan fa sini ne television so dwumadi so pɛ sɛ nnipa dodow no ara nya n’adwene no bi. Onim sɛ nsɛm a etumi sisi a wɔde yɛ sini no nyɛ ade a yɛde gyigye yɛn ani kɛkɛ; etumi sesa adwene a yɛwɔ wɔ biribi ho, sɛnea yɛte nka, ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade. Yesu de nsɛm a etumi sisi kyerɛkyerɛe. Ebi ne Samariani yamyefo mfatoho no ne ɔba hohwini a ofii fie kɔsɛee n’agyapade nyinaa ho mfatoho a Yesu mae no. (Mat. 13:34; Luka 10:29-37; 15:11-32) Nanso, wɔn a wɔanya Satan adwene no bi no betumi afa nsɛm a etumi sisi so asɛe yɛn adwene. Enti, ehia sɛ yɛda ntease adi. Yebetumi ahwɛ sini ne TV so dwumadi ahorow de agyigye yɛn ani na yɛasua biribi afi mu a ɛrensɛe yɛn adwene. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye. Sɛ yɛrepɛ biribi a yɛde begyigye yɛn ani a, ɛfata sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Saa sini anaa TV so dwumadi yi rekyerɛ me sɛ, sɛ midi honam akɔnnɔ akyi a, asɛm biara nni ho anaa?’ (Gal. 5:19-21; Efe. 2:1-3) Sɛ wuhu sɛ dwumadi bi rehyɛ Satan adwene ho nkuran a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Twe wo ho fi ho ntɛm sɛnea wobɛtwe wo ho afi nsanyare bi ho no!

8. Dɛn na awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma ama wɔabɔ wɔn koma ho ban?

8 Awofo, mowɔ asɛyɛde pa ara sɛ mobɔ mo mma ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a Satan rensɛe wɔn koma. Akyinnye biara nni ho sɛ, moyɛ nea mubetumi biara sɛ mobɛbɔ mo mma ho ban afi yare ho. Musiesie mo fie kama, na biribiara a ebetumi abɔ mo anaa mo mma yare no, motow gu. Saa ara na ɛsɛ sɛ mobɔ mo mma ho ban fi TV so dwumadi, kɔmputa so agodie, ne wɛbsaet a ebetumi ama wɔanya Satan adwene no ho. Yehowa de ahyɛ mo nsa sɛ mommoa mo mma ma wɔne Yehowa mfa adamfo. (Mmeb. 1:8; Efe. 6:1, 4) Enti, ɛnsɛ sɛ musuro sɛ mobɛhyehyɛ mmara a egyina Bible so ama mo abusua. Momma mo mma nkumaa nhu nneɛma a wobetumi ahwɛ ne nea wɔrentumi nhwɛ, na mommoa wɔn mma wonhu nea enti a moasisi saa gyinae no. (Mat. 5:37) Bere a mo mma no renyin no, montete wɔn mma wonhu nea Yehowa kyerɛ sɛ ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. (Heb. 5:14) Monkae sɛ, mo mma bɛhwɛ nea moka asua nneɛma pii afi mu, nanso wobesua nneɛma pii afi mo nneyɛe mu asen nea moka.—Deut. 6:6, 7; Rom. 2:21.

9. Dɛn ne adwene baako a Satan hyɛ ho nkuran, na adɛn nti na ɛyɛ hu?

9 Ade foforo a Satan pɛ sɛ ɔde sɛe yɛn koma ne sɛ, ɔmpɛ sɛ yenya Yehowa adwene, na mmom ɔpɛ sɛ yɛde yɛn ho to wiase nyansa so. (Kol. 2:8) Yɛnhwɛ adwene a Satan hyɛ ho nkuran no baako pɛ; ɔka sɛ ade titiriw a ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn botae ne sɛ yebenya sika. Ebia wɔn a wokura saa adwene no benya sika pa ara anaa wɔrennya bi. Sɛnea ɛte biara no, wɔwɔ asiane mu. Adɛn ntia? Efisɛ ebia nea ehia wɔn ara ne sɛ wɔde wɔn adwene besi sika a wobenya so, enti wɔde wɔn apɔwmuden, wɔn abusua, ne wɔne Onyankopɔn adamfofa mpo to nkyɛn na ama wɔatumi anya nea wɔrehwehwɛ no. (1 Tim. 6:10) Yɛn ani sɔ sɛ yɛn soro Agya no boa yɛn ma yenya sika ho adwene a ɛfata.—Ɔsɛnk. 7:12; Luka 12:15.

YƐBƐYƐ DƐN ABƆ YƐN KOMA HO BAN?

Sɛnea tete no awɛmfo ne apon ano ahwɛfo yɛe no, ma w’ani nna hɔ na keka wo ho, na woamma biribiara ansɛe wo koma (Hwɛ nkyekyɛm 10-11) *

10-11. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de bɔ yɛn ho ban? (b) Tete no, adwuma bɛn na na awɛmfo yɛ, na yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn ahonim ayɛ adwuma te sɛ ɔwɛmfo?

10 Sɛ yebetumi abɔ yɛn koma ho ban a, ɛsɛ sɛ yetumi hu nneɛma a ebetumi ayɛ asiane ama yɛn na yɛyɛ ho biribi ntɛm de bɔ yɛn ho ban. Asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘bɔ ho ban’ wɔ Mmebusɛm 4:23 no ma yɛkae adwuma a ɔwɛmfo yɛ. Ɔhene Solomon bere so no, na awɛmfo gyina kurow afasu so, na sɛ wohu sɛ asiane bi reba a, na wɔabɔ ɔmanfo kɔkɔ. Sɛ yetwa wei ho mfoni wɔ yɛn adwenem a, ɛboa yɛn ma yehu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛamma Satan ansɛe yɛn adwene.

11 Tete no, na awɛmfo ne kurow apon ano ahwɛfo bom yɛ adwuma. (2 Sam. 18:24-26) Bere biara a ɔtamfo bi bɛbɛn kurow no, na wɔn mmienu nyinaa hwɛ sɛ wɔatoto apon no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛbɔ kurow no ho ban. (Neh. 7:1-3) Yɛn ahonim a yɛde Bible atete no * no betumi ayɛ adwuma te sɛ ɔwɛmfo; sɛ Satan pɛ sɛ ɔsɛe yɛn koma a, ɛbɛbɔ yɛn kɔkɔ. Nea wei kyerɛ ne sɛ, sɛ Satan yɛ n’adwene sɛ ɔbɛma yɛanya nsusuwii bɔne, nkate a ɛmfata, anaa wapiapia yɛn ama yɛayɛ nea enye a, ɛbɛbɔ yɛn kɔkɔ. Bere biara a yɛn ahonim bɛbɔ yɛn kɔkɔ wɔ biribi ho no, ɛsɛ sɛ yetie na yɛyɛ ntɛm twe yɛn ho fi ho.

12-13. Dɛn na ebia ɛbɛsɔ yɛn ahwɛ, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

12 Yɛnhwɛ nhwɛso bi a ɛbɛma yɛahu sɛnea yɛbɛbɔ yɛn ho ban na yɛannya Satan adwene no bi. Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn sɛ ‘aguamammɔ ne afideyɛ biara de, ɛnsɛ sɛ wɔbɔ so mpo wɔ yɛn mu.’ (Efe. 5:3) Nanso, sɛ yɛwɔ adwuma mu anaa sukuu mu na yɛn mfɛfo fi ase ka aguamansɛm a, dɛn na yɛbɛyɛ? Yenim sɛ ɛsɛ sɛ ‘yekyi bɔne ne wiase akɔnnɔ.’ (Tito 2:12) Ebia ɔwɛmfo no, anaa yɛn ahonim bɛbɔ yɛn kɔkɔ. (Rom. 2:15) Nanso, yebetie yɛn ahonim anaa? Ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ yentie nkɔmmɔ a yɛn mfɛfo rebɔ no anaa yɛnhwɛ mfoni a ebia wɔrehwɛ no bi. Nanso, saa bere yi na ɛsɛ sɛ yɛsesa nkɔmmɔ no anaa yefi hɔ na yɛantɔ asiane mu.

13 Sɛ yɛn mfɛfo pɛ sɛ wɔtwetwe yɛn ma yedwinnwen nneɛma bɔne ho anaa yɛyɛ nneɛma bɔne a, egye akokoduru na ama yɛatumi atwe yɛn ho afi ho. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa hu mmɔden a yɛbɔ, na ɔbɛma yɛanya akokoduru ne nyansa a yehia na yɛannya Satan adwene no bi. (2 Be. 16:9; Yes. 40:29; Yak. 1:5) Nanso, dɛn bio na yebetumi ayɛ de abɔ yɛn koma ho ban?

MA W’ANI NNA HƆ

14-15. (a) Dɛn na ehia sɛ yɛde hyɛ yɛn komam, na yɛbɛyɛ dɛn ayɛ saa? (b) Ɔkwan bɛn so na Mmebusɛm 4:20-22 boa yɛn ma yenya Bible akenkan so mfaso pii? (Hwɛ adaka a wɔato din “ Sɛnea Yedwinnwen Nneɛma Ho” no nso.)

14 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛbɔ yɛn koma ho ban a, ɛnyɛ nneɛma bɔne nko na ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma ɛsɛe yɛn koma, na mmom ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma pa nso hyɛ yɛn koma mu. Momma yɛnsan nhwɛ kurow a wɔato ho ɔfasu ho mfatoho no. Sɛ atamfo pɛ sɛ wɔbɛtow hyɛ kurow no so a, ɔpon ano hwɛfo toto apon no mu, nanso ɛtɔ da a obuebue apon no ma nkurɔfo de nnuan ne nneɛma foforo ba kurow no mu. Sɛ ɔyɛ n’adwene sɛ ɔremmue apon no da a, ɔkɔm bekum kurom hɔfo. Yɛn nso, ehia sɛ yebue yɛn komam ma Onyankopɔn adwene kyerɛ yɛn kwan daa.

15 Yehowa adwene na ɛwɔ Bible mu, enti bere biara a yɛbɛkenkan Bible no, yɛma Yehowa adwene kyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yedwinnwen nneɛma ho, sɛnea ɛsɛ sɛ yɛte nka wɔ nneɛma ho, ne sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade. Yɛbɛyɛ dɛn anya Bible akenkan so mfaso pii? Mpaebɔ ho hia pa ara. Kristoni bea bi kaa sɛ: “Sɛ merebɛkenkan Bible a, mebɔ Yehowa mpae srɛ no sɛ ɔmmoa me mma ‘minhu anwonwade’ a ɛwɔ n’Asɛm no mu.” (Dw. 119:18) Afei nso, ehia sɛ yedwinnwen nea yɛkenkan no ho. Sɛ yɛbɔ mpae, na yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm dwinnwen ho a, esian kɔ ‘yɛn koma mu tɔnn,’ na ɛma yɛn ani gye Yehowa adwene ho.—Kenkan Mmebusɛm 4:20-22; Dw. 119:97.

16. Sɛn na nnipa pii anya JW Broadcasting a wɔhwɛ no so mfaso?

16 Ɔkwan foforo a yɛma Onyankopɔn adwene kyerɛ yɛn kwan ne sɛ yɛbɛhwɛ JW Broadcasting® so dwumadi ahorow. Awarefo bi ka sɛ: “Dwumadi a ɛba so bosome biara no abua yɛn mpaebɔ pa ara! Sɛ yɛn werɛ how anaa yɛyɛ ankonam a, ɛhyɛ yɛn den na ɛhyɛ yɛn nkuran nso. JW Broadcasting so nnwom a ɛba bosome biara no nso, yɛtaa bɔ tie wɔ yɛn fie. Yɛreyɛ aduan, yɛresiesie fie, anaa yɛrenom tii mpo a, yɛbɔ tie.” Saa dwumadi ahorow yi boa ma yɛbɔ yɛn koma ho ban. Ɛma yehu sɛnea yebedwen nneɛma ho te sɛ Yehowa, na yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛpo Satan adwene.

17-18. (a) Sɛnea wɔada no adi wɔ 1 Ahene 8:61 no, sɛ yɛde nea Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn no bɔ yɛn bra a, ɛboa yɛn sɛn? (b) Dɛn na yebetumi asua afi Ɔhene Hesekia asɛm no mu? (d) Yɛhwɛ mpae a Dawid bɔe a ɛwɔ Dwom 139:23, 24 no a, dɛn na yebetumi abɔ ho mpae?

17 Sɛ yɛyɛ nea ɛteɛ na yehu so mfaso a, ɛma yɛn gyidi yɛ den pa ara. (Yak. 1:2, 3) Ɛma yɛn ani gye efisɛ yɛama Yehowa koma atɔ ne yam sɛ ɔbɛfrɛ yɛn ne mma; wei pusuw yɛn ma yɛyere yɛn ho pa ara sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ n’ani. (Mmeb. 27:11) Sɔhwɛ biara a yebehyia no, yenya hokwan a yɛde bɛkyerɛ sɛ, yɛde koma mũ na ɛsom yɛn Agya a odwen yɛn ho no. (Dw. 119:113) Yɛda no adi sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu dɔ Yehowa, kyerɛ sɛ, yɛasi yɛn bo pa ara sɛ yebedi n’ahyɛde so na yɛayɛ n’apɛde.— Kenkan 1 Ahene 8:61.

18 Yebetumi adi mfomso anaa? Yiw; efisɛ yɛtɔ sin. Sɛ yedi mfomso a, momma yɛnkae Ɔhene Hesekia asɛm no. Odii mfomso. Nanso, onuu ne ho, na ɔkɔɔ so de “koma mũ” som Yehowa. (Yes. 38:3-6; 2 Be. 29:1, 2; 32:25, 26) Enti, mommma yɛmmma Satan kwan efisɛ ɔpɛ sɛ yenya n’adwene no bi. Momma yɛmmɔ mpae nhwehwɛ “ahobrɛase koma.” (1 Ahe. 3:9; kenkan Dwom 139:23, 24.) Sɛ yɛbɔ yɛn koma ho ban sen biribi foforo biara a, yebetumi akɔ so adi Yehowa nokware.

DWOM 54 “Ɔkwan no Ni”

^ nky. 5 Yɛbɛkɔ so adi Yehowa nokware, anaa yɛbɛma Satan adaadaa yɛn atwe yɛn afi yɛn Nyankopɔn ho? Ɛnyɛ sɔhwɛ a emu yɛ den a ɛbɛba yɛn so ne asɛm no, na mmom sɛnea yɛbɛbɔ yɛn koma ho ban yiye na ehia. Asɛmfua “koma” kyerɛ sɛn? Ɔkwan bɛn na Satan pɛ sɛ ɔfa so sɛe yɛn koma? Yɛbɛyɛ dɛn abɔ yɛn koma ho ban? Yebenya nsɛmmisa a ɛho hia yi ho mmuae wɔ adesua yi mu.

^ nky. 11 ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Yehowa de biribi duaa yɛn mu a ɛma yetumi pɛɛpɛɛ yɛn nsusuwii, sɛnea yɛte nka wɔ nneɛma ho, ne yɛn nneyɛe mu, na afei yebu yɛn ho atɛn. Saa ade a Yehowa de duaa yɛn mu no, ɛno na Bible frɛ no ahonim. (Rom. 2:15; 9:1) Ahonim a yɛde Bible atete no no, ɛyɛ ahonim a ɛde Yehowa gyinapɛn a ɛwɔ Bible mu yɛ adwuma de pɛɛpɛɛ yɛn mu hwɛ sɛ yɛn nsusuwii, nea yɛyɛ, anaa nea yɛka yɛ papa anaa bɔne.

^ nky. 56 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi a wabɔ asu rehwɛ television, ɛnna ɔbrasɛe ho mfoni aba so. Ɛsɛ sɛ ohu nea ɔbɛyɛ ntɛm ara.

^ nky. 58 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Tete mmere mu; ɔwɛmfo bi gyina kurow bi fasu so na wahu sɛ asiane bi reba. Wateɛm refrɛ apon ano ahwɛfo a wogyina fam no, na ntɛm ara wɔtoto kurow apon no mu.