Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 5

Suban a Ɛma Yɛkɔ Yɛn Nhyiam Ahorow

Suban a Ɛma Yɛkɔ Yɛn Nhyiam Ahorow

‘Mompae mu nka Awurade wu no nkosi sɛ ɔbɛba.’—1 KOR. 11:26.

DWOM 18 Agyede no Som Bo Ma Yɛn

NEA YƐREBESUA *

1-2. (a) Sɛ nnipa ɔpepem pii hyia wɔ Awurade Anwummeduan no ase a, dɛn na Yehowa hu? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.) (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

SƐ NNIPA ɔpepem pii hyia wɔ Awurade Anwummeduan no ase wɔ wiase nyinaa a, wo de, hwɛ nea Yehowa hu. Onhu nnipa a wɔba no sɛ wɔyɛ nnipa bebree kɛkɛ, na mmom ohu obi biara a ɔba. Wɔn a wɔba afe biara no, ohu wɔn. Ebinom yɛ nkurɔfo a ebia wɔrehyia ɔtaa a emu yɛ den. Ebinom nso ntaa mma asafo nhyiam, nanso wobu Nkaedi no sɛ nhyiam a ehia sɛ wɔkɔ. Wɔn a wɔba Nkaedi no bi bere a edi kan no, wɔn nso Yehowa hu wɔn, ebia wɔpɛ sɛ wɔbɛhwɛ sɛnea yɛyɛ no.

2 Yehowa hu sɛ nnipa pii ba Nkaedi no saa a, n’ani gye pa ara. (Luka 22:19) Nanso, ɛnyɛ nnipa dodow a wɔba no na ehia Yehowa pa ara. Nea ehia Yehowa pa ara ne nea enti a wɔba; botae a wɔde ba no hia no. Adesua yi mu no, yebesusuw asɛmmisa titiriw bi ho: Nkaedi a yɛyɛ no afe biara no, adɛn nti na ɛnyɛ ɛno nko ara ne nhyiam a yɛkɔ, na mmom yɛsan kɔ nhyiam afoforo a yɛyɛ no nnawɔtwe no mu a Yehowa ahyehyɛ ama wɔn a wɔdɔ no no nso?

(Hwɛ nkyekyɛm 1-2) *

AHOBRƐASE NA ƐMA YƐKƆ

3-4. (a) Dɛn nti na yɛkɔ asafo nhyiam? (b) Suban bɛn na ɛma yɛkɔ asafo nhyiam? (d) Asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 11:23-26 nti, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma Nkaedi no pa yɛn ti so?

3 Nea enti pa ara a yɛkɔ asafo nhyiam ne sɛ, ɛka yɛn som ho. Ade foforo nso nti a yɛkɔ asafo nhyiam ne sɛ Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn wɔ hɔ. Ahantanfo mpɛ sɛ obi bɛkyerɛ wɔn biribi. (3 Yoh. 9) Nanso yɛn de, yɛpɛ sɛ Yehowa ne n’ahyehyɛde a ɔde reyɛ adwuma no kyerɛkyerɛ yɛn.—Yes. 30:20; Yoh. 6:45.

4 Yɛkɔ asafo nhyiam a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ahobrɛase, na yɛayɛ krado anaa yɛpɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ yɛn. Anwummere a yɛkɔ Yesu wu Nkaedi no, ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛkɔ saa nhyiam titiriw yi ara nti na yɛkɔ, na mmom yɛbrɛ yɛn ho ase tie Yesu ahyɛde no. Ɛne sɛ: “Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.” (Kenkan 1 Korintofo 11:23-26.) Saa nhyiam yi hyɛ daakye ho anidaso a yɛwɔ no mu den, na ɛsan kae yɛn sɛ Yehowa dɔ yɛn pa ara. Nanso, Yehowa nim sɛ ɛnyɛ pɛnkoro pɛ na ehia sɛ wɔhyɛ yɛn nkuran na wɔhyɛ yɛn den wɔ afe no mu. Enti Yehowa ayɛ asafo nhyiam ho nhyehyɛe ama yɛn nnawɔtwe biara, na ɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ. Ahobrɛase a yɛwɔ nti, yetie no. Nnawɔtwe biara yɛde nnɔnhwerew bebree sua nneɛma a yebesusuw ho wɔ saa nhyiam ahorow no ase, na yɛkɔ bi.

5. Adɛn nti na nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase no gye Yehowa frɛ no so?

5 Afe biara, Yehowa frɛ nkurɔfo sɛ wɔmmra mma ɔnkyerɛkyerɛ wɔn, na nnipa pii a wɔbrɛ wɔn ho ase gye ɔfrɛ no so. (Yes. 50:4) Wɔkɔ Nkaedi no ase a wɔn ani gye, na afei wofi ase kɔ asafo nhyiam a aka no nso. (Sak. 8:20-23) Yɛne wɔn a wɔba asafo nhyiam no ani gye ho sɛ yɛbɛma Yehowa ‘yɛn boafo ne yɛn Gyefo’ no akyerɛkyerɛ yɛn. (Dw. 40:17) Wo de, hwɛ sɛ Yehowa ne Yesu, Yehowa Ba a ɔda ne koma so saa ato nsa afrɛ wo, dɛn na ɛyɛ anigye pa ara anaa ɛho hia pa ara sen saa?—Mat. 17:5; 18:20; 28:20.

6. Ɛyɛɛ dɛn na ahobrɛase boaa ɔbarima bi ma ɔkɔɔ Nkaedi no?

6 Afe biara, yɛbɔ mmɔden to nsa frɛ nnipa pii ba Yesu wu Nkaedi no ase. Nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase pii gye ɔfrɛ yi so, na wonya so mfaso. Nhwɛso bi ni. Mfe bi a atwam no, onua bi maa ɔbarima bi krataa a yɛde to nsa frɛ nkurɔfo ba Nkaedi ase no bi, nanso ɔbarima no kaa sɛ biribi nti ɔrentumi mma. Ne nyinaa akyi no, anwummere a yɛreyɛ Nkaedi no, onua yi nkɔhwɛ a, ɔbarima no ara na waba Ahenni Asa so yi. Sɛnea anuanom gyee ɔbarima no fɛw so no, ɛkaa ne koma pa ara, na ofii ase kɔɔ asafo nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe biara no. Nokwasɛm ne sɛ, afe a edi hɔ no, asafo nhyiam mmiɛnsa pɛ na wantumi ankɔ. Dɛn na ɛboaa no ma ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ asafo nhyiam no nyinaa? Ahobrɛase na ɛma ɔsesaa n’adwene. Akyiri yi, onua a ɔtoo nsa frɛɛ no no kaa sɛ, “Ɔbarima no wɔ ahobrɛase pa ara.” Yebetumi aka pa ara sɛ Yehowa na ɔtwee saa ɔbarima yi sɛ ɔmmɛsom no, na seesei ɔyɛ onua a wabɔ asu.—2 Sam. 22:28; Yoh. 6:44.

7. Nea yesua wɔ asafo nhyiam ase ne nea yɛkenkan wɔ Bible mu no, ɛbɛyɛ dɛn aboa yɛn ama yɛabrɛ yɛn ho ase?

7 Nea yesua wɔ asafo nhyiam ase ne nea yɛkenkan wɔ Bible mu no betumi aboa yɛn ama yɛabrɛ yɛn ho ase. Sɛ aka nnawɔtwe kakra ama Nkaedi no adu a, yɛtaa ka nea Yesu yɛe ne ahobrɛase a ɔdaa no adi de ne nkwa too hɔ sɛ agyede no ho asɛm wɔ yɛn asafo nhyiam ahorow ase. Saa ara na sɛ aka nna kakra ama Nkaedi no adu a, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkenkan nsɛm a esisii a ɛfa Yesu wu ne ne wusɔre ho a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no. Nea yesua wɔ nhyiam a ɛte saa ase ne saa Bible mu nsɛm a yɛkenkan no ma yenya anisɔ kɛse ma afɔre a Yesu bɔ maa yɛn no. Sɛ ɛyɛ den ma yɛn mpo a, wei ka yɛn ma yesuasua sɛnea na Yesu brɛ ne ho ase no, na yɛyɛ Yehowa apɛde.—Luka 22:41, 42.

AKOKODURU NA ƐBOA YƐN MA YƐKƆ

8. Dɛn na Yesu yɛe de kyerɛe sɛ ɔwɔ akokoduru?

8 Yɛn nso yɛbɔ mmɔden sɛ yebesuasua Yesu na yɛada akokoduru adi. Aka nna kakra ama Yesu awu no, wo de, hwɛ akokoduru a ɔdaa no adi. Ná onim pa ara sɛ ɛrenkyɛ na n’atamfo agu n’anim ase ahwe no, na wɔakum no. (Mat. 20:17-19) Ne nyinaa akyi no, ɔmaa kwan ma wokum no. Bere a wɔrebɛkyere no akokum no no, ɔka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo a na wɔne no wɔ Getsemane no sɛ: “Monsɔre, momma yɛnkɔ. Hwɛ! Nea obeyi me ama no abɛn.” (Mat. 26:36, 46) Bere a basabasayɛfo a wokurakura akode bae sɛ wɔrebɛkyere Yesu no, ɔkɔɔ wɔn anim yii ne ho adi, na ɔka kyerɛɛ asraafo no sɛ wɔmma n’asomafo no nkɔ. (Yoh. 18:3-8) Hwɛ akokoduru soronko ara a Yesu daa no adi! Ɛnnɛ, Kristofo a wɔasra wɔn ne wɔn a wɔyɛ nguan foforo no yere wɔn ho sɛ wobesuasua Yesu na wɔada akokoduru adi. Wɔyɛ no sɛn?

Akokoduru a wode kɔ Kristofo nhyiam no hyɛ afoforo den (Hwɛ nkyekyɛm 9) *

9. (a) Adɛn nti na ebehia sɛ yenya akokoduru na ama yɛatumi akɔ asafo nhyiam daa? (b) Sɛn na yɛn nhwɛso betumi aboa yɛn nuanom a wɔn gyidi nti wɔde wɔn agu afiase no?

9 Sɛ yɛrefa tebea a emu yɛ den mu a, ebehia sɛ yɛda akokoduru adi na ama yɛatumi akɔ asafo nhyiam daa. Yɛn nuanom binom redi awerɛhow, wɔn abam abu, anaa wɔyare, nanso ne nyinaa akyi no, wɔkɔ asafo nhyiam. Ebinom nso, wɔn abusuafo anaa aban asɔre atia wɔn denneennen, nanso wɔde akokoduru kɔ asafo nhyiam. Wo de, dwen ho kakra hwɛ sɛnea yɛn nhwɛso boa yɛn nuanom a wɔn gyidi nti wɔde wɔn agu afiase no. (Heb. 13:3) Sɛ wɔte sɛ sɔhwɛ a yɛrefa mu nyinaa akyi no, yegu so resom Yehowa a, ɛhyɛ wɔn den ma wokura wɔn gyidi mu, wonya akokoduru, na wokura wɔn mũdi mu. Ɔsomafo Paulo nso faa tebea a ɛte saa mu. Bere a Paulo da afiase wɔ Roma no, bere biara a na ɔbɛte sɛ ne nuanom de nokwaredi resom Onyankopɔn no, na odi ahurusi. (Filip. 1:3-5, 12-14) Bere a woyii Paulo fii afiase bere tiaa bi akyi anaa woyii no ara pɛ ɛnna ɔkyerɛw krataa kɔmaa Hebrifo no. Ɔhyɛɛ saa nokware Kristofo no nkuran wɔ krataa a ɔkyerɛwee no mu sɛ wɔmma wɔn “nuadɔ nkɔ so,” na ɛnsɛ sɛ wɔkwati sɛ wɔne wɔn ho behyiam da.—Heb. 10:24, 25; 13:1.

10-11. (a) Henanom na ɛsɛ sɛ yɛto nsa frɛ wɔn ma wɔba Nkaedi no? (b) Dɛn na ɛwɔ Efesofo 1:7 nti a yɛyɛ saa?

10 Sɛ yɛto nsa frɛ yɛn abusuafo, yɛn adwumamfo, ne nkurɔfo a yɛne wɔn te mpɔtam sɛ wɔmmra Nkaedi no a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ akokoduru. Adɛn nti na yɛto nsa frɛ saa nkurɔfo no? Yɛn ani sɔ nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn no pa ara ma enti yɛrentumi ntew ntena nka sɛ yɛrento nsa mfrɛ wɔn mma Nkaedi no. Yɛpɛ sɛ wohu sɛnea wɔn nso betumi afa agyede no so anya Yehowa ‘adom’ so mfaso.—Kenkan Efesofo 1:7; Adi. 22:17.

11 Sɛ yɛda akokoduru adi na yɛkɔ asafo nhyiam a, ɛma yɛda suban pa foforo bi nso adi. Onyankopɔn ne ne Ba no da saa suban no adi wɔ akwan soronko so.

ƆDƆ NA ƐKANYAN YƐN MA YƐKƆ

12. (a) Sɛn na yɛn asafo nhyiam ahorow no hyɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne Yesu mu den? (b) Dɛn na 2 Korintofo 5:14, 15 hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ mfa nsuasua Yesu?

12 Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne Yesu kanyan yɛn ma yɛkɔ asafo nhyiam. Yɛkɔ a, nea yesua wɔ nhyiam no ase no hyɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne ne Ba no mu den. Wɔkae yɛn nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn wɔ asafo nhyiam ase daa. (Rom. 5:8) Nkaedi no pa ara na ɛkae yɛn sɛ ɔdɔ a Yehowa ne Yesu wɔ ma yɛn no mu yɛ den, na wɔn a wonnim mfaso a ɛwɔ agyede no so mpo, wɔdɔ wɔn. Agyede no ho anisɔ a yɛwɔ nti, yɛbɔ mmɔden sɛ yebesuasua Yesu na yɛabɔ yɛn bra sɛ ɔno. (Kenkan 2 Korintofo 5:14, 15.) Bio nso, yɛn koma ka yɛn sɛ yenyi Yehowa ayɛ sɛ wama yɛn agyede no. Ade baako a yebetumi ayɛ de ayi no ayɛ ne sɛ, yɛbɛma mmuae a efi yɛn komam wɔ asafo nhyiam ase.

13. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa ne ne Ba no pa ara? Kyerɛkyerɛ mu.

13 Yebetumi ayi yɛn yam de nneɛma abɔ afɔre ama Yehowa ne ne Ba no de akyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn pa ara. Mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma bi bɔ afɔre na ama yɛatumi akɔ asafo nhyiam. Asafo pii yɛ nhyiam baako wɔ nnawɔtwe no mu bere a adwumayɛfo apɔn; yɛbɛka a, ebedu saa bere no na yɛabrɛ. Yɛyɛ nhyiam foforo nso Memeneda anaa Kwasida bere a afoforo regye wɔn ahome no. Yɛabrɛ mpo na sɛ yɛkɔ asafo nhyiam a, Yehowa hu anaa? Ohu pa ara! Nokwasɛm ne sɛ, sɛ ɛyɛ den ma yɛn na yemia yɛn ani kɔ asafo nhyiam a, Yehowa ani sɔ ɔdɔ a yɛda no adi kyerɛ no no pa ara.—Mar. 12:41-44.

14. Sɛn na Yesu yii ne yam daa ɔdɔ adi de yɛɛ nhwɛso maa yɛn?

14 Yesu yii ne yam daa ɔdɔ adi de yɛɛ nhwɛso maa yɛn. Ná ɔpɛ sɛ ɔde ne nkwa to hɔ ma n’asuafo no, na ɔsan nso bɔ ne bra da biara da de kyerɛ sɛ odwen n’asuafo ahiade ho sen ɔno ankasa de. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere mpo a na wabrɛ anaa ne ho yeraw no no, ɔne n’akyidifo no hyiae. (Luka 22:39-46) Ɔde n’adwene sii nea obetumi ayɛ ama nkurɔfo so, na ɛnyɛ nea obenya afi wɔn hɔ. (Mat. 20:28) Sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn nuanom mu yɛ den a, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara akɔ Awurade Anwummeduan no ase ne asafo nhyiam a aka nyinaa.

15. Henanom titiriw na yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn?

15 Nokware Kristofo ahyehyɛde baako pɛ a ɛwɔ hɔ no, ɛno mu na yɛwɔ yi. Yɛn ani gye ho sɛ yɛde bere pii bɛto nsa afrɛ afoforo ama wɔabɛka yɛn ho. Nanso, nea ehia yɛn titiriw ne sɛ yɛbɛboa wɔn a “yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidi mu” a wɔagyae asɛnka anaa adesua kɔ no. (Gal. 6:10) Sɛ yɛhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmmra asafo nhyiam, titiriw, Nkaedi no a, yɛma wohu sɛ yɛdɔ wɔn. Sɛ obi a wagyae asɛnka anaa adesua kɔ san ba Yehowa a ɔne yɛn Agya a ɔdɔ yɛn ne yɛn Guanhwɛfo no nkyɛn a, Yehowa ne Yesu ani gye pa ara; yɛn nso yɛn ani gye saa ara.—Mat. 18:14.

16. (a) Yɛbɛyɛ dɛn ahyehyɛ yɛn ho nkuran, na dɛn na yɛn nhyiam ahorow no bɛboa yɛn ama yɛayɛ? (b) Adɛn nti na saa bere yi yɛ bere pa a ɛsɛ sɛ yɛkae Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane 3:16 no?

16 Nnawɔtwe a ɛwɔ yɛn anim no, to nsa frɛ nnipa dodow biara a wubetumi ma wɔmmra Nkaedi no Fida anwummere April 19, 2019. (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “ Wobɛto Nsa Afrɛ Wɔn Anaa?”) Afe no nyinaa mu no, momma yɛnkɔ asafo nhyiam a Yehowa ayɛ ho nhyehyɛe ama yɛn no nyinaa daa mfa nhyehyɛ yɛn ho nkuran. Bere a wiase yi awiei rebɛn no, yɛn asafo nhyiam ahorow no bɛboa yɛn ama yɛakɔ so abrɛ yɛn ho ase, yɛanya akokoduru, na yɛada ɔdɔ adi. (1 Tes. 5:8-11) Yehowa ne ne Ba no ada ɔdɔ kɛse adi akyerɛ yɛn. Enti, momma yemfi yɛn koma nyinaa mu nkyerɛ ho anisɔ!—Kenkan Yohane 3:16.

DWOM 126 Kɔ So Wɛn, Gyina Hɔ Pintinn

^ nky. 5 Kristo wu Nkaedi no besi Fida anwummere, April 19, 2019. Afe mũ no nyinaa, ɛno ne nhyiam titiriw. Dɛn na ɛka yɛn ma yɛkɔ saa nhyiam no? Nea enti a yɛkɔ ne sɛ, yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ suban a ɛma yɛkɔ Nkaedi no ne nhyiam ahorow a yɛyɛ no nnawɔtwe no mu no.

^ nky. 50 ANIM MFONI: Wiase nyinaa, yebegye nnipa ɔpepem pii fɛw so aba Awurade Anwummeduan no ase

^ nky. 52 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi gyidi nti wɔde no ato afiase; ne nsa aka krataa afi fie ma ahyɛ no nkuran. Onim sɛ n’abusua werɛ mfii no, na n’ani agye sɛ wate sɛ wogu so de nokwaredi resom Yehowa ɛmfa ho sɛ ɔmanfo no gu so reyɛ basabasa wɔ wɔn mpɔtam hɔ.