Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 2

Yi Yehowa Ayɛ Wɔ Asafo Mu

Yi Yehowa Ayɛ Wɔ Asafo Mu

“Meyi wo ayɛ asafo mfinimfini.”—DW. 22:22.

DWOM 59 Yɛbɛkamfo Yehowa

NEA YƐREBESUA *

1. Ná Dawid te nka sɛn wɔ Yehowa ho, na dɛn na wei kaa no ma ɔyɛe?

ƆHENE DAWID kaa sɛ: “Yehowa yɛ kɛse na ɔfata ayeyi pii.” (Dw. 145:3) Ná Dawid dɔ Yehowa, na saa ɔdɔ no kaa no ma oyii Onyankopɔn ayɛ wɔ “asafo mfinimfini.” (Dw. 22:22; 40:5) Akyinnye biara nni ho sɛ, wo ne Dawid yɛ adwene wɔ asɛm a ɔkae yi ho sɛ: “O Yehowa, yɛn agya Israel Nyankopɔn, nhyira nka wo daa daa.”—1 Be. 29:10-13.

2. (a) Dɛn na yebetumi ayɛ de ayi Yehowa ayɛ? (b) Nsɛnnennen bɛn na ebinom wɔ, na dɛn na yebesusuw ho?

2 Ɛnnɛ, ade baako a yebetumi ayɛ de ayi Yehowa ayɛ ne sɛ yɛbɛma mmuae wɔ Kristofo nhyiam ase. Nanso, yɛn nuanom binom wɔ asɛnnennen bi pa ara. Wɔpɛ sɛ wɔma mmuae wɔ asafo nhyiam ase, nanso wosuro sɛ wɔbɛyɛ saa. Wɔbɛyɛ dɛn adi ehu a ɛte saa so? Nyansahyɛ ahorow bɛn na ebetumi aboa yɛn nyinaa ama yɛama mmuae a ɛhyɛ nkuran? Ansa na yɛbɛma saa nsɛmmisa no ho mmuae no, momma yɛnhwɛ nneɛma nnan bi nti a ehia pa ara sɛ yɛma mmuae wɔ asafo nhyiam ase.

NEA ENTI A YƐMA MMUAE WƆ ASAFO NHYIAM ASE

3-5. (a) Sɛnea Hebrifo 13:15 ka no, adɛn nti na yɛma mmuae wɔ asafo nhyiam ase? (b) Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa mmuae yɛ pɛ anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

3 Yehowa ama yɛn nyinaa anya hokwan a yɛde beyi no ayɛ. (Dw. 119:108) Mmuae a yɛma wɔ asafo nhyiam ase no ka “ayeyi afɔre” a yɛbɔ no ho, na obiara rentumi mmɔ saa afɔre no mma yɛn. (Kenkan Hebrifo 13:15.) Yemmisa sɛ, afɔre a yɛbɔ anaa mmuae a yɛma no, Yehowa hwehwɛ sɛ yɛn nyinaa de yɛ pɛ anaa? Dabi, ɛnte saa!

4 Yehowa nim sɛ ɛsono nea yɛn mu biara tumi yɛ ne yɛn nsɛm tebea, na n’ani sɔ afɔre a yɛn mu biara tumi bɔ ma no no pa ara. Yɛnhwɛ afɔre ahorow a Israelfo bɔe a ogye toom. Ná Israelfo binom tumi de oguan anaa apɔnkye bɔ afɔre. Nanso, na Israelni a ahia no betumi de “mmuruburuw abien anaa mmorɔnoma mma abien” abɔ afɔre. Sɛ Israelni bi ntumi nnya nnomaa mmienu mmɔ afɔre a, na Yehowa pene so ma ɔde “esiam muhumuhu efa susude nkyem du mu biako” yɛ saa. (Lev. 5:7, 11) Ná esiam bo nyɛ den de, nanso sɛ esiam a Israelni de bɛbɔ afɔre no yɛ “esiam muhumuhu” nko ara de a, na Yehowa ani sɔ.

5 Yɛn Nyankopɔn a ne yam ye no wɔ anisɔ a ɛte saa nnɛ. Sɛ yɛma mmuae a, Yehowa nhwɛ kwan sɛ yɛn mu biara de anotew na ɛbɛyɛ saa te sɛ Apolo, anaa yɛn mmuae bɛyɛ nea ɛtɔ asom pa ara te sɛ Paulo. (Aso. 18:24; 26:28) Nea Yehowa hwɛ kwan ara ne sɛ yɛbɛma mmuae sɛnea yebetumi. Momma yɛnhwɛ okunafo a ɔde nkaprɛ mma mmienu yii ntoboa no. Esiane sɛ nea ɔwɔ nyinaa na ɔde mae nti, Yehowa ani sɔɔ no.—Luka 21:1-4.

Yɛma mmuae a, ɛboa yɛn ankasa ne wɔn a wotie no (Hwɛ nkyekyɛm 6-7) *

6. (a) Sɛnea Hebrifo 10:24, 25 kyerɛ no, mmuae a yɛte no, ebetumi aka yɛn sɛn? (b) Sɛ afoforo ma mmuae na ɛhyɛ wo nkuran a, dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ?

6 Yɛma mmuae de hyehyɛ yɛn ho nkuran. (Kenkan Hebrifo 10:24, 25.) Sɛ yɛte mmuae ahorow wɔ asafo nhyiam ase a, yɛn nyinaa ani gye. Sɛ abofra kumaa bi yi ne yam de ɔno ankasa nsɛm ma mmuae a emu da hɔ a, yɛn ani gye. Sɛ obi de anigye reka nokwasɛm bi a wahu no foforo ho asɛm a, ɛka yɛn koma. Ebinom fɛre ade anaasɛ afei na wɔresua yɛn kasa. Sɛ nkurɔfo a wɔte saa ‘nya akokoduru’ ma mmuae a, ɛma yɛn ani gye wɔn ho pa ara. (1 Tes. 2:2) Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ mmɔden a wɔabɔ no? Sɛ yɛpɔn adesua no a, yebetumi ada wɔn ase sɛ wɔmaa mmuae a ɛhyɛ nkuran. Ade foforo a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea wɔayɛ no ne sɛ, yɛn ankasa nso yɛbɛma mmuae. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ, ɛnyɛ yɛn nko ara na yenya nkuranhyɛ wɔ asafo nhyiam ase, na mmom yɛn nso yɛhyɛ afoforo nkuran.—Rom. 1:11, 12.

7. Yɛma mmuae a, ɛboa yɛn sɛn?

7 Yɛma mmuae a, ɛboa yɛn ankasa. (Yes. 48:17) Ɛboa yɛn sɛn? Nea edi kan, sɛ yɛyɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛma mmuae a, ɛma yesua nea yebesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase no yiye ansa na yɛakɔ. Sɛ yesua ade yiye saa a, yɛte Onyankopɔn Asɛm no ase pa ara. Na sɛ yɛte ase pa ara saa a, ɛnna yebetumi de nea yesua no ayɛ adwuma. Nea ɛto so mmienu, esiane sɛ yɛde yɛn ho hyɛ adesua no mu nti, ebetumi ama yɛn ani agye adesua no ho pa ara. Nea ɛto so mmiɛnsa, esiane sɛ yɛyere yɛn ho ansa na yɛatumi ama mmuae nti, yɛpɔn nhyiam no na ɛkyɛ mpo a, yɛn werɛ ntaa mfi mmuae a yɛmae no.

8-9. (a) Sɛnea Malaki 3:16 ma yehu no, wohwɛ a, Yehowa te nka sɛn wɔ mmuae a yɛma ho? (b) Dɛn bio na ebetumi ama ebinom abɔ hu?

8 Yɛka nea yegye di wɔ asafo nhyiam ase a, Yehowa ani sɔ. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa tie yɛn, na n’ani sɔ pa ara sɛ yɛbɔ mmɔden ma mmuae wɔ asafo nhyiam ase. (Kenkan Malaki 3:16.) Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ nea ɛsɔ Yehowa ani a, ohyira yɛn de kyerɛ sɛ n’ani sɔ.—Mal. 3:10.

9 Yɛahu sɛ, yɛwɔ nea enti pa ara a ɛsɛ sɛ yɛma mmuae wɔ asafo nhyiam ase. Nanso, ebia ehu nti, ebinom remma wɔn nsa so. Sɛ saa na wote a, mma w’abam mmu. Momma yɛnhwɛ Bible nnyinasosɛm bi, nhwɛso ahorow bi, ne nyansahyɛ ahorow bi a ebetumi aboa yɛn nyinaa ama yɛabɔ mmɔden ama mmuae mpɛn pii wɔ asafo nhyiam ase.

SƐNEA YEBEDI EHU SO

10. (a) Dɛn na yɛn mu pii suro? (b) Sɛ wusuro sɛ wobɛma mmuae a, adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛyɛ suban pa bi ntia?

10 Bere biara a wobɛyɛ w’adwene sɛ wobɛma wo nsa so ama mmuae no, ɛyɛ a wo yam hyehye wo anaa? Sɛ saa a, ɛnyɛ wo nko ara na ɛyɛ wo saa. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛn mu dodow no ara rema mmuae a, ɛyɛ a ehu ka yɛn kakra. Ansa na wubetumi adi saa ehu no so no, ehia sɛ wudi kan hu nea ɛma ehu ka wo no. Wusuro sɛ wo werɛ befi nea wopɛ sɛ woka no, anaa wusuro sɛ woka a wubetĩ? Ɛyɛ a wusuro sɛ worentumi mma mmuae a ɛyɛ papa te sɛ nea afoforo ma anaa? Nokwarem no, saa suro no yɛ adepa. Ɛkyerɛ sɛ, wowɔ ahobrɛase, na wubu afoforo sɛ wɔkyɛn wo. Yehowa ani gye saa suban no ho. (Dw. 138:6; Filip. 2:3) Nanso, Yehowa pɛ sɛ wuyi no ayɛ, na wohyɛ wo nuanom nkuran wɔ asafo nhyiam ase. (1 Tes. 5:11) Yehowa dɔ wo, na ɔbɛma wo akokoduru a wode bɛma mmuae.

11. Nsɛm bɛn na ɛwɔ Bible mu a ebetumi aboa yɛn?

11 Yɛnhwɛ Bible mu nsɛm bi a ebetumi aboa yɛn. Bible ka sɛ yɛn nyinaa di mfomso wɔ nsɛm a yɛka ne sɛnea yɛkasa mu. (Yak. 3:2) Yehowa nhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ pɛ, na saa ara na yɛn nuanom nso nhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ pɛ. (Dw. 103:12-14) Wɔyɛ yɛn nuanom Kristofo, na wɔdɔ yɛn. (Mar. 10:29, 30; Yoh. 13:35) Wonim sɛ ɛtɔ da na yɛma mmuae a, yentumi nka no sɛnea anka yɛpɛ sɛ yɛka no no.

12-13. Dɛn na yesua fi Nehemia ne Yona asɛm no mu?

12 Hwɛ Bible mu nsɛm bi a ebetumi aboa wo ama woadi ehu a ɛwɔ wo mu no so. Kae Nehemia. Ná ɔsom wɔ ɔhene bi a ɔwɔ tumi kɛse ahemfie. Ná Nehemia ate sɛ Yerusalem afasu ne n’apon abubu, enti na ne werɛ ahow. (Neh. 1:1-4) Bere a ɔhene no bisaa Nehemia nea enti a n’anim ayɛ bosaa no, wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Nehemia yam hyee no! Ntɛm ara na Nehemia bɔɔ mpae, na ɛno akyi no, ɔmaa ɔhene no mmuae. Mmuae a Nehemia mae no maa ɔhene no yɛɛ nneɛma pii boaa Onyankopɔn nkurɔfo. (Neh. 2:1-8) Yɛnhwɛ Yona nso. Bere a Yehowa ka kyerɛɛ Yona sɛ ɔnkɔkasa nkyerɛ Niniwefo no, ehu kaa Yona pa ara ma oguanee, na ɔde n’ani kyerɛɛ baabi foforo. (Yona 1:1-3) Nanso, Yehowa boaa Yona ma ɔkɔyɛɛ n’adwuma no. Asɛm a Yona kɔkae no boaa Niniwefo no pa ara. (Yona 3:5-10) Nehemia asɛm no ma yehu sɛ, ehia sɛ yɛbɔ mpae ansa na yɛama mmuae. Yona asɛm no nso ma yehu sɛ, sɛ yesuro ade pa ara sɛ dɛn mpo a, Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛasom no. Sɛ yɛbɛka pa ara a, sɛnea Niniwefo ho hu kaa Yona no, asafo bi wɔ hɔ a emufo ho hu betumi aka yɛn saa anaa?

13 Nyansahyɛ ahorow bɛn na ebetumi aboa wo ama woama mmuae a ɛhyɛ nkuran wɔ asafo nhyiam ase? Ma yensusuw emu kakra ho.

14. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesua ade yiye ansa na yɛakɔ asafo nhyiam, na bere bɛn na yebetumi ayɛ saa?

14 Sua ade a mubesusuw ho wɔ asafo nhyiam biara ase ansa na woakɔ. Sɛ wudi kan yɛ w’adwene sɛ wobɛma mmuae na wusua ade a mubesusuw ho no yiye a, wubetumi anya ahotoso pa ara ama mmuae. (Mmeb. 21:5) Nanso, ɛsono bere a yɛn mu biara de sua ade a yebesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase no. Eloise yɛ okunafo a wadi mfe 80 ne akyiri. Ɔwɛn-Aban Adesua a wɔbɛyɛ no nnawɔtwe no mu no, nnawɔtwe no fii ase ara na wafi ase resua. Eloise ka sɛ, “Sɛ midi kan sua nea yebesusuw ho no a, ɛma m’ani gye adesua no ho pa ara.” Joy de ne bere pii yɛ honam fam adwuma. Nanso, oyi bere bi si hɔ Memeneda de sua Ɔwɛn-Aban. Joy ka sɛ, “Sɛ aka bere tiaa bi ama yɛakɔ asafo nhyiam na misua ade a, ɛma mitumi kae nea yɛresua no.” Ike yɛ asafo mu panyin a onni adagyew, na ɔsan yɛ ɔkwampaefo. Ɔka sɛ, “Mahu sɛ, sɛ misua ade nkakrankakra wɔ nnawɔtwe no mu nyinaa a, ɛboa me pa ara; sɛ misua nneɛma pii prɛko pɛ a, ɛmmoa me.”

15. Wobɛyɛ dɛn atumi asua ade yiye ansa na woakɔ asafo nhyiam?

15 Dɛn na wobɛyɛ na ama woatumi asua ade yiye ansa na woakɔ asafo nhyiam? Bere biara a wubesua ade no, srɛ Yehowa sɛ ɔmma wo honhom kronkron. (Luka 11:13; 1 Yoh. 5:14) Afei fa simma kakra hwɛ ade a worebesua no ani so. Hwɛ asɛmti no, nsɛmti nketewa no, emu mfoni, ne ntĩmu nnaka no. Sɛ woresua nkyekyɛm biara a, kenkan kyerɛwnsɛm a wɔatwe adwene asi so no mu dodow biara a wubetumi. Dwinnwen asɛm a worekenkan no ho, na fa w’adwene si nea wopɛ sɛ woma ho mmuae no so titiriw. Sɛ wusua ade yiye a, ɛbɛboa wo kɛse, na ebetumi ayɛ mmerɛw sɛ wobɛma mmuae.—2 Kor. 9:6.

16. Nnwinnade bɛn na wowɔ, na sɛn na wode di dwuma?

16 Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fa nnwinnade a ɛwɔ ɛlɛtrɔnik mfiri so a ɛwɔ kasa a wote ase mu sua ade. Yehowa nam n’ahyehyɛde no so ama yɛn nnwinnade a ɛwɔ ɛlɛtrɔnik mfiri so sɛnea ɛbɛboa yɛn ama yɛasua nneɛma a yebesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase no. JW Library® app no ma yetumi twe nhoma a yɛde sua ade no gu fon ne tablɛt so. Afei, nea yɛatwe no, yebetumi asua wɔ baabiara ne bere biara. Anaasɛ anyɛ yiye koraa no, yebetumi akenkan nea yɛatwe no anaa yɛabɔ atie. Ebinom de JW Library app no sua ade awia ahomegye bere wɔ sukuu mu, adwuma mu, anaa bere a wɔretu kwan. Watchtower Library ne Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEAno ma ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ yɛbɛyɛ nsɛm bi a ɛwɔ ade a yɛresua no mu ho nhwehwɛmu akɔ akyiri.

Bere bɛn na woyɛ nhyehyɛe sua ade ansa na woakɔ asafo nhyiam? (Hwɛ nkyekyɛm 14-16) *

17. (a) Adɛn nti na ɛyɛ papa sɛ wusiesie wo ho sɛ wobɛma mmuae pii? (b) Dɛn na wusua fii video a asɛmti ne Bra Bɛyɛ Yehowa Adamfo—Siesie Mmuae a Wobɛma no mu?

17 Ɛbɛyɛ yiye a, adesua biara, siesie wo ho sɛ wobɛma mmuae pii. Adɛn ntia? Efisɛ ɛnyɛ bere biara a wobɛma wo nsa so na ebia wɔbɛfrɛ wo. Afoforo nso betumi ama wɔn nsa so saa bere no, na ebia nea ɔhwɛ adesua no so no bɛfrɛ wɔn mu baako. Nea ɛbɛyɛ na nea ɔhwɛ adesua no so no atumi awie bere ano nti, ebia ɔremfrɛ nnipa pii wɔ adesua no afã bi. Enti sɛ wamfrɛ wo wɔ adesua no mfiase a, mma ɛnyɛ wo yaw anaa mma w’abam mmu. Sɛ wusiesie wo ho sɛ wobɛma mmuae pii a, wubenya hokwan pii ama mmuae wɔ adesua no mu. Mmuae baako a wubetumi asua na woama ne sɛ wobɛkenkan kyerɛwsɛm bi. Nanso, sɛ wubetumi a, sua sɛ wode w’ankasa nsɛm bɛma mmuae nso. *

18. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woma mmuae ntiantiaa?

18 Ma mmuae ntiantiaa. Mpɛn pii no, mmuae a ɛyɛ tia na emu da hɔ no, ɛno na ɛhyɛ nkuran pa ara. Enti fa yɛ wo botae sɛ, wobɛma wo mmuae ayɛ ntiantiaa. Bɔ mmɔden sɛ wobɛma ayɛ bɛyɛ anibu 30. (Mmeb. 10:19; 15:23) Sɛ woama mmuae wɔ asafo nhyiam ase mfe pii a, wowɔ dwuma titiriw bi a ɛsɛ sɛ wudi. Ɛne sɛ wobɛma wo mmuae ayɛ ntiantiaa de ayɛ nhwɛso pa. Sɛ woma mmuae na woka nneɛma bebree ho asɛm simma pii a, ebetumi ama afoforo abɔ hu. Wobetumi anya adwene sɛ wɔrentumi mma mmuae te sɛ wo. Afei nso, mmuae ntiantiaa ma nnipa pii nya kwan ma mmuae wɔ asafo nhyiam ase. Ne titiriw no, sɛ wo na wobedi kan afrɛ wo a, ma asɛmmisa no ho mmuae tẽẽ, na ma ɛnyɛ tiawa. Nyɛ w’adwene sɛ wobɛka nsɛntitiriw a ɛwɔ nkyekyɛm no mu nyinaa. Sɛ mususuw asɛntitiriw a ɛwɔ nkyekyɛm no mu ho wie a, wubetumi aka biribi afa nsɛm foforo a ɛwom ho.—Hwɛ adaka a asɛmti ne “ Mmuae Bɛn Na Metumi Ama?

19. Dɛn na nea ɔhwɛ adesua no so no betumi ayɛ de aboa wo, na dɛn na ɛsɛ sɛ wo nso woyɛ?

19 Ma nea ɔhwɛ adesua no so nhu sɛ, wopɛ sɛ woma mmuae wɔ nkyekyɛm pɔtee bi. Sɛ wopɛ sɛ woyɛ saa a, ɛsɛ sɛ wukohu nea ɔhwɛ adesua no so ntɛm ansa na wɔafi asafo nhyiam no ase. Sɛ edu saa nkyekyɛm no so a, ma wo nsa so ntɛm, na ma so yiye sɛnea ɛbɛyɛ a nea ɔhwɛ adesua no so behu.

20. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ asafo nhyiam te sɛ aduan a nnamfo bom di?

20 Bu asafo nhyiam ahorow sɛ ɛte sɛ aduan a nnamfo pa bom di. Fa no sɛ wo nnamfo bi a wɔwɔ w’asafo mu ato nsa afrɛ wo sɛ wo ne wɔn mmedidi, na wɔaka akyerɛ wo sɛ fa aduan kakra bra. Dɛn na wobɛyɛ? Ebia wo yam bɛhyehye wo kakra, nanso wobɛyɛ nea wubetumi biara de biribi a obiara ani begye ho akɔ. Yehowa ne Onii a watow pon ama yɛn a nnuan pa ahyɛ ase mã wɔ asafo nhyiam ahorow ase no. (Dw. 23:5; Mat. 24:45) Sɛ yɛde akyɛde ketewaa bi kɔ, na sɛ ɛno ne nea yɛn nsa betumi asõ so a, n’ani gye. Enti, sua nea mubesusuw ho no yiye, na ma mmuae dodow biara a wubetumi. Woyɛ saa a, ɛnyɛ sɛ worekodidi wɔ Yehowa pon so kɛkɛ, na mmom wo nso wode akyɛde bi a wo ne asafo no bɛkyɛ bɛkɔ.

DWOM 2 Wo Din Ne Yehowa

^ nky. 5 Sɛnea na odwontofo Dawid dɔ Yehowa no, yɛn nyinaa nso dɔ Yehowa na yɛpɛ sɛ yeyi no ayɛ. Sɛ yehyiam wɔ asafo nhyiam ase a, yenya hokwan soronko bi a yɛde bɛda no adi sɛ yɛdɔ Onyankopɔn. Nanso, ɛyɛ den ma yɛn mu binom sɛ yɛbɛma mmuae wɔ asafo nhyiam ase. Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛyɛ saa a, adesua yi bɛboa wo ama woahu nea ɛma wobɔ hu no, na afei woabɔ mmɔden adi so.

^ nky. 17 Kɔ jw.org wɛbsaet no so wɔ Twi mu, na hwɛ video a asɛmti ne Bra Bɛyɛ Yehowa Adamfo—Siesie Mmuae a Wobɛma. Hwɛ BIBLE NKYERƐKYERƐ > MMOFRA.

^ nky. 63 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Asafo bi mufo resua Ɔwɛn-Aban; wɔn ani agye.

^ nky. 65 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Asafo a yedii kan hui sɛ emufo rema mmuae wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua ase no, wɔn mu binom ni. Ɛwom sɛ, ɛsono sɛnea wɔn mu biara asetenam nsɛm te de, nanso wɔn mu biara yi bere bi si hɔ de sua asɛm a wobesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase no.