Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 1

‘Enti Monkɔ Nkɔyɛ Asuafo’

‘Enti Monkɔ Nkɔyɛ Asuafo’

AFE 2020 AFE ASƐM: ‘Enti monkɔ nkɔyɛ asuafo, mommɔ wɔn asu.’​—MAT. 28:19.

DWOM 79 Boa Ma Wɔnnyina Hɔ Pintinn

NEA YƐREBESUA *

1-2. Dɛn na ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ mmea a wɔkɔɔ ɔda a wɔde Yesu too mu no, na asɛm bɛn na Yesu ankasa ka kyerɛɛ wɔn?

NÁ ƐYƐ Nisan 16 anɔpa, afe 33 Y.B. Ná mmea bi a wosuro Onyankopɔn redi awerɛhow paa. Wɔkɔɔ ɔda a wɔde Yesu too mu no ho. Wosiee Awurade Yesu Kristo no, na adi bɛyɛ nnanu. Bere a woduu baabi a wosiee Yesu no, na wɔpɛ sɛ wɔde aduhuam ne ngo huamhuam siesie amu no. Nanso, na amu no nni ɔda no mu; wei maa wɔn ho dwiriw wɔn paa! Ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ asuafo no sɛ wɔanyan Yesu afi awufo mu, na ɔde kaa ho sɛ: “Ɔredi mo anim akɔ Galilea; ɛhɔ na mubehu no.”—Mat. 28:1-7; Luka 23:56; 24:10.

2 Bere a mmea no fii ɔda no so no, Yesu ankasa hyiaa wɔn na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔbɔ me nuanom amanneɛ sɛ wɔnkɔ Galilea, na wobehu me wɔ hɔ.” (Mat. 28:10) Yesu wusɔre akyi no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔpɛ sɛ ɔde akwankyerɛ bi a ɛho hia ma n’asuafo no. Enti ade a edi kan a ɔyɛe ne sɛ, ɔyɛɛ nhyehyɛe ne n’asuafo no hyiaam!

YESU DE AHYƐDE NO MAA HENANOM?

Bere a Yesu ne n’asomafo ne afoforo hyiae wɔ Galilea wɔ ne wusɔre akyi no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘monkɔ nkɔyɛ asuafo’ (Hwɛ nkyekyɛm 3-4)

3-4. Ahyɛde a ɛwɔ Mateo 28:19, 20 no, adɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛnyɛ asomafo no nko ara na Yesu de maa wɔn? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

3 Kenkan Mateo 28:16-20. Bere a Yesu ne n’asuafo no hyiae no, ɔkaa adwuma a ɛho hia sɛ wɔyɛ no saa bere no kyerɛɛ wɔn. Saa adwuma no ara na yɛreyɛ no nnɛ. Yesu kaa sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, . . . monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.”

4 Yesu pɛ sɛ n’akyidifo nyinaa ka asɛmpa no. Ɛnyɛ asomafo anokwafo 11 no nko ara na ɔde ahyɛde yi maa wɔn. Yɛyɛ dɛn hu saa? Yemmisa sɛ, bere a Yesu de ahyɛde mae wɔ bepɔw bi a ɛwɔ Galilea so sɛ wɔnyɛ asuafo no, na asomafo 11 no nko ara na wɔwɔ hɔ anaa? Kae sɛ ɔbɔfo no ka kyerɛɛ mmea no sɛ: “[Galilea] na mubehu no.” Enti ɛbɛyɛ sɛ na mmea anokwafo nso wɔ saa nhyiam no ase. Nanso ɛnyɛ ɛno nko. Ɔsomafo Paul nso kaa sɛ Yesu ‘yii ne ho adi kyerɛɛ anuanom bɛboro ahanum bere koro mu.’ (1 Kor. 15:6) Oyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn wɔ he?

5. Dɛn na yesua fi asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 15:6 no mu?

5 Yɛwɔ nea yebetumi agyina so aka sɛ nhyiam a wɔyɛe wɔ Galilea a wɔaka ho asɛm wɔ Mateo ti 28 no na na Paul reka ho asɛm wɔ 1 Korintofo 15:6. Adɛn nti na yɛreka saa? Nea edi kan, na Yesu asuafo dodow no ara fi Galilea. Enti ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ na Yesu betumi ne nnipa pii saa ahyia wɔ bepɔw bi a ɛwɔ Galilea so, na mmom ɛnyɛ obi fie wɔ Yerusalem. Nea ɛto so mmienu, Yesu wusɔre akyi no, odii kan ne n’asomafo 11 no hyiae wɔ obi fie wɔ Yerusalem. Sɛ asomafo no nko ara na na Yesu pɛ sɛ ɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔnka asɛmpa no na wɔnyɛ asuafo a, anka obetumi ayɛ saa wɔ Yerusalem. Anka ɛho renhia sɛ ɔka kyerɛ asomafo no, mmea no, ne afoforo sɛ wonhyia no wɔ Galilea.—Luka 24:33, 36.

6. Sɛn na Mateo 28:20 ma yehu sɛ ahyɛde a ɛka sɛ yɛnyɛ asuafo no, ɛsɛ sɛ yɛn nso yedi so? Sɛn na nkurɔfo redi saa ahyɛde yi so nnɛ?

6 Momma yɛnhwɛ nea ɛto so mmiɛnsa. Ahyɛde a Yesu de mae sɛ yɛnyɛ asuafo no, na ɛnyɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ saa bere no nko ara na na ɛsɛ sɛ wodi so. Yɛyɛ dɛn hu saa? Bere a Yesu de ahyɛde no maa n’akyidifo no, asɛm a ɔka de wiei ni: “Me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.” (Mat. 28:20) Sɛnea Yesu kae no, ɛnnɛ, nkurɔfo pii reboa afoforo ama wɔabɛyɛ asuafo. Wo de, susuw ho hwɛ! Afe biara nnipa bɛyɛ 300,000 na wɔbɔ asu bɛyɛ Yehowa Adansefo ne Yesu Kristo asuafo!

7. Dɛn na yɛrebesusuw ho, na adɛn ntia?

7 Nnipa a yɛne wɔn sua Bible no, wɔn mu pii nya nkɔso bɔ asu. Nanso, wɔn mu binom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛyɛ Yesu asuafo. Wɔn ani gye adesua no ho, nanso wonnya nkɔso mmɔ asu. Sɛ wo ne obi sua Bible a, yegye di sɛ wopɛ sɛ woboa no ma ɔde nea ɔresua no bɔ ne bra na ɔbɛyɛ Kristo suani. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea yɛne obi resua ade a, yebetumi ama aka ne koma ne sɛnea yebetumi aboa no ama wanya nkɔso. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw asɛm yi ho? Efisɛ yɛne obi sua ade du baabi a, ebia ɛho behia sɛ yɛhwɛ sɛ yɛbɛtoa adesua no so anaa yebegyae.

MA ADESUA NO NKA WO SUANI NO KOMA

8. Adɛn nti na ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛma adesua no aka osuani no koma?

8 Yehowa pɛ sɛ ɔdɔ a nnipa wɔ ma no no ka wɔn ma wɔsom no. Enti, yɛn botae ne sɛ yɛbɛboa yɛn asuafo ama wɔahu sɛ Yehowa dwen wɔn mu biara ho paa na ɔdɔ wɔn paa. Yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn ma wohu sɛ Yehowa yɛ “nnyanka agya ne akunafo temmufo.” (Dw. 68:5) Sɛ wo Bible suani hu sɛ Onyankopɔn dɔ no paa a, ebetumi aka ne koma ama ɔno nso adɔ no bi. Osuani bi wɔ hɔ a, esiane sɛ n’agya a ɔwoo no anna ɔdɔ adi ankyerɛ no nti, ebetumi ayɛ den ama no sɛ obehu Yehowa sɛ n’Agya a ɔdɔ no. (2 Tim. 3:1, 3) Enti, sɛ woreyɛ adesua no a, si Yehowa su a ɛyɛ fɛ no so dua. Boa wo suani no ma ɔnte ase sɛ yɛn Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn no onya daa nkwa, na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa no ama wanya daa nkwa. Dɛn bio na yebetumi ayɛ?

9-10. Sɛ yɛne nkurɔfo reyɛ Bible adesua a, nhoma bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ, na adɛn ntia?

9 Fa “Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?” ne “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu” nhoma no yɛ Bible Adesua. Wɔayɛ saa nhoma yi sɛnea ɛbɛboa yɛn ama yɛne osuani no asua ade ma aka ne koma. Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? nhoma no ti 1 no bua nsɛmmisa yi: Yɛn ho hia Onyankopɔn anaasɛ yɛn asɛm mfa ne ho?, Nkurɔfo hu amane a, Onyankopɔn te nka sɛn?, ne Wubetumi ne Yehowa afa adamfo? Na “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu” nhoma no nso ɛ? Saa nhoma no bɛboa osuani no ama wahu sɛ, sɛ ɔde Bible nnyinasosɛm bɔ ne bra a, ɛbɛma n’asetena atu mpɔn na ama wabɛn Yehowa. Sɛ wo ne afoforo asua nhoma ahorow yi dedaw mpo a, ɛsɛ sɛ wusiesie wo ho yiye ansa na wo ne osuani biara asua ade na ama woatumi aboa no yiye.

10 Yɛmfa no sɛ osuani no pɛ sɛ ɔne wo susuw asɛm bi ho, nanso nhoma a ɛka ho asɛm no nka yɛn Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no ho. Wubetumi ahyɛ no nkuran sɛ ɔno ankasa nkenkan saa nhoma no sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ne no atoa so asua Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? anaa “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu” nhoma no.

Fa mpaebɔ fi adesua no ase (Hwɛ nkyekyɛm 11)

11. Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae de fi adesua no ase na yɛde wie, na wopɛ sɛ wo ne osuani no susuw mpaebɔ ho a, wobɛyɛ no sɛn?

11 Fa mpaebɔ fi adesua no ase. Sɛ yɛne obi hyehyɛ Bible adesua a, ɛyɛ papa sɛ yɛbɔ mpae de fi ase na yɛde wie. Ɛnsɛ sɛ yɛma ɛkyɛ ansa na yɛayɛ saa; nnawɔtwe kakra bi akyi no yebetumi afi ase ne no abɔ mpae. Ɛsɛ sɛ yɛboa osuani no ma ohu sɛ Onyankopɔn honhom nko ara na ebetumi aboa yɛn ama yɛate Onyankopɔn Asɛm no ase. Ebinom wɔ hɔ a, sɛ wɔpɛ sɛ wɔne wɔn Bible asuafo susuw mpaebɔ ho a, wɔne wɔn kenkan Yakobo 1:5. Ɛka sɛ: “Sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma ɔnkɔ so ara mmisa Onyankopɔn.” Afei wobisa osuani no sɛ, “Yɛbɛyɛ dɛn asrɛ Onyankopɔn hɔ nyansa?” Ebia osuani no begye atom sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae.

12. Sɛn na wode Dwom 139:2-4 bɛboa wo Bible suani ama wafi ne komam abɔ Yehowa mpae?

12 Kyerɛ wo suani no sɛnea yɛbɔ mpae. Ma onnya awerɛhyem sɛ Yehowa pɛ sɛ ofi ne komam bɔ mpae, na wayɛ krado sɛ obetie no. Ma onhu sɛ, sɛ yɛn ankasa rebɔ Yehowa mpae a, yebetumi aka yɛn komam asɛm akyerɛ no; nsɛm a ebia yɛfɛre sɛ yɛbɛka akyerɛ nnipa no, yebetumi aka akyerɛ Yehowa. Nea ɛte ne sɛ, Yehowa nim nea ɛwɔ yɛn komam tɔnn dedaw. (Kenkan Dwom 139:2-4.) Yebetumi nso ahyɛ yɛn suani no nkuran sɛ ɔnsrɛ Onyankopɔn na ɔmmoa no mma onyi adwene a ɛnteɛ mfi ne tirim na onni subammɔne so. Fa no sɛ wo ne obi asua ade akɔ anim kakra, nanso n’ani gye afahyɛ bi a efi abosonsom mu ho. Onim sɛ enye, nanso nneɛma bi a wɔyɛ wɔ afahyɛ no mu de, n’ani gye ho. Hyɛ no nkuran ma ɔnka sɛnea ɔte nka pɔtee nkyerɛ Yehowa, na ɔnsrɛ no sɛ ɔmmoa no mma n’ani nnye nea Onyankopɔn ani gye ho nkutoo ho.—Dw. 97:10.

To nsa frɛ wo Bible suani ma ɔmmra asafo nhyiam (Hwɛ nkyekyɛm 13)

13. (a) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn so sɛ yɛbɛto nsa afrɛ yɛn asuafo ama wɔaba asafo nhyiam? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa yɛn suani ama n’ani aka wɔ Ahenni Asa so?

13 Ntwentwɛn so sɛ wobɛto nsa afrɛ wo Bible suani ama waba asafo nhyiam. Nea wo suani no bɛte ne nea obehu wɔ Kristofo nhyiam ase no betumi aka ne koma na aboa no ama wanya nkɔso. Yi video a wɔato din Ɛdeɛn na Yɛyɛ wɔ Ahennie Asa So? no kyerɛ no, na fa anigye to nsa frɛ no sɛ ɔne wo nkɔ asafo nhyiam. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ka kyerɛ no sɛ wobɛba abɛfa no ama moakɔ. Sɛ wo ne no rekosua ade a, ɛyɛ papa sɛ wo ne adawurubɔfo afoforo bɛkɔ. Woyɛ saa a, wo suani no behu anuanom a wɔwɔ asafo no mu, na ɛbɛyɛ mmerɛw ama no sɛ ɔba asafo nhyiam a n’ani bɛka.

BOA OSUANI NO MA ONNYA NKƆSO

14. Dɛn na ebetumi akanyan osuani bi ama wanya nkɔso?

14 Yɛn botae ne sɛ yɛbɛboa yɛn Bible suani ama wanya nkɔso. (Efe. 4:13) Sɛ obi pene so ma yɛne no sua Bible a, ebia nea ehia no ara ne sɛnea adesua no bɛboa ɔno ankasa. Nanso sɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no yɛ kɛse a, ebia ɛbɛka no ama wafi ase adwen sɛnea obetumi aboa afoforo, ne wɔn a wɔwɔ asafo no mu mpo ho. (Mat. 22:37-39) Bere a ɛsɛ mu no, ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛka akyerɛ osuani no sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yeyi ntoboa de boa Ahenni adwuma no.

Boa wo Bible suani no na ohyia ɔhaw a, wahu nea ɔbɛyɛ (Hwɛ nkyekyɛm 15)

15. Sɛ Bible suani bi hyia ɔhaw a, dɛn na yebetumi ayɛ de aboa no ama wahu nea ɔbɛyɛ?

15 Boa wo Bible suani no na ohyia ɔhaw a, wahu nea ɔbɛyɛ. Fa no sɛ wo Bible suani yɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu, na waka akyerɛ wo sɛ obi a ɔwɔ asafo no mu afom no. Kyerɛ no nea Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ, na nnyina obiara afã. Obetumi de onua no bɔne akyɛ no, sɛ nso ɔrentumi nnyae mu mma ɛnka a, ɛnde ɛsɛ sɛ onya onua no ho abotare na oyi ne yam ne no kasa. Ne botae ne sɛ ‘obenya ne nua.’ (Fa toto Mateo 18:15 ho.) Boa wo suani no ma onhu nea ɔne onua no bɛka. Boa no ma onhu sɛnea ɔde JW Library®, Nhoma a Yehowa Adansefo De Yɛ Nhwehwɛmu, ne jw.org® bɛyɛ adwuma, na wahu ɔkwampa a ɔbɛfa so adi asɛm no ho dwuma. Sɛ onya ntetee a ɛte saa ansa na wabɔ asu a, obehu sɛnea ɔne asafo no mufo bɛtena asomdwoe mu bere a wabɔ asu no.

16. Adɛn nti na wo ne wo suani rekosua ade a, ɛyɛ papa sɛ wo ne adawurubɔfo afoforo bɛkɔ?

16 Sɛ wo ne wo suani rekosua ade a, wo ne afoforo a wɔwɔ asafo no mu nkɔ, anaa ɔmansin sohwɛfo bɛsra mo asafo a, wubetumi ne no akɔ ne nkyɛn. Adɛn ntia? Nea yɛaka yi nyinaa da nkyɛn a, adawurubɔfo afoforo betumi de mmoa bi a worentumi mfa mma wo suani no ama no. Fa no sɛ osuani no abɔ mmɔden sɛ obegyae sigaretnom, nanso wayɛ ara ɛnyɛ yiye. Wo ne Ɔdansefo bi a na ɛyɛ den ma no sɛ obegyae sigaretnom nanso akyiri yi otumi gyaee nkɔ wo suani no nkyɛn. Ebia wo nua Ɔdansefo no betumi de afotu bi a ebetumi aboa wo suani no ama no. Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wo ne wo suani no besua ade bere a onua bi a ne ho akokwaw wɔ hɔ a, wubetumi aka akyerɛ onua no sɛ ɔnyɛ adesua no mma wo. Sɛ wo ne afoforo kɔ wo suani no hɔ a, obenya wɔn suahu so mfaso. Kae sɛ, yɛn botae ne sɛ yɛbɛboa osuani no ama wanya nkɔso.

ƐSƐ SƐ ME NE OSUANI NO GYAE ADESUA NO YƐ ANAA?

17-18. Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛ ɛsɛ sɛ wugyae adesua bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ wususuw ho?

17 Sɛ wo Bible suani no nyɛ nsakrae biara wɔ n’asetenam a, edu bere bi a, ɛho behia sɛ wubisa wo ho sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ migyae adesua no anaa?’ Sɛ woresusuw asɛm no ho a, ɛyɛ a hwɛ osuani no mmɔdenbɔ. Ebinom wɔ hɔ a, ɛkyɛ ansa na wɔanya nkɔso; ebinom nso de, ɛnkyɛ. Bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ mehwɛ me suani no asetenam a, ɔreyɛ nsakrae sɛnea ɛsɛ anaa?’ ‘Wafi ase “redi” nea ɔresua no so, anaa wafi ase de reyɛ adwuma?’ (Mat. 28:20) Ebia ebegye bere ansa na osuani bi anya nkɔso, nanso ɛsɛ sɛ otumi yɛ nsakrae nkakrankakra.

18 Sɛ yɛne obi asua ade akɔ anim kakra, nanso ɔnyɛ biribiara mfa nkyerɛ sɛ adesua no ho hia no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Momma yɛnhwɛ asɛm yi: Wo ne wo suani asua Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? nhoma no awie, na ebi mpo a wo ne no afi ase resua “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu” nhoma no, nanso ontuu ne nan nsii asafo nhyiam ase da; Nkaedi mpo ɔmmaa bi da! Afei nso, ɔtaa de nsɛm a ɛho nhia biara yiyi ne ho ano ma adesua no nkɔ so. Ɛba saa a, ɛsɛ sɛ wo ne wo suani no susuw nsɛm ho pefee. *

19. Sɛ osuani bi mfa Bible adesua no asɛnhia a, dɛn na wubetumi aka akyerɛ no, na dɛn na ɛsɛ sɛ wususuw ho?

19 Wubetumi abisa no sɛ, ‘Wohwɛ a, dɛn na ɛbɛma ayɛ den ama wo paa sɛ wobɛyɛ Yehowa Dansefo?’ Ebia osuani no bɛka sɛ, ‘M’ani gye adesua no ho, nanso sɛ́ mɛyɛ Yehowa Dansefo paa de, ɛrenyɛ yiye!’ Sɛ wasua ade akɔ anim kakra na sɛ okura saa adwene no a, mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ wobɛkɔ so ne no asua ade? Ebi nso a, na biribi na ɛretwe wo suani no san, nanso ɔnkaa ho asɛm nkyerɛɛ wo da; ebia saa da no na ɔbɛka akyerɛ wo. Ebia ɛyɛ no sɛ ɔrentumi nyɛ afie afie asɛnka adwuma no bi da. Afei a woahu ne haw no, wubehu ɔkwampa a wubetumi afa so aboa no yiye.

Sɛ wo ne obi sua ade na onnya nkɔso a, ɛnsɛ sɛ wosɛe bere wɔ ne ho (Hwɛ nkyekyɛm 20)

20. Sɛ yɛte Asomafo Nnwuma 13:48 ase a, sɛn na ɛbɛboa yɛn ama yɛahu sɛ ɛsɛ sɛ yɛtoa adesua bi so anaasɛ ɛsɛ sɛ yegyae?

20 Awerɛhosɛm ne sɛ, yɛn Bible asuafo no bi te sɛ Israelfo a na wɔwɔ Hesekiel bere so no. Yehowa kaa wɔn ho asɛm kyerɛɛ Hesekiel sɛ: “Hwɛ, wote sɛ obi a ɔto ɔdɔ nnwom wɔ wɔn ani so, obi a ne nne yɛ dɛ a onim sankubɔ yiye. Wɔbɛte wo nsɛm, nanso obiara renni so.” (Hes. 33:32) Ebia ɛbɛyɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛka akyerɛ obi sɛ yɛne no rensua ade bio. Nanso, “bere a aka no sua.” (1 Kor. 7:29) Sɛ́ anka yɛbɛsɛe bere ne obi a onnya nkɔso asua ade no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ obi a ɔda no adi sɛ ‘ɔpɛ daa nkwa.’—Kenkan Asomafo Nnwuma 13:48.

Ebia ebinom wɔ w’asasesin mu a wɔrebɔ mpae ahwehwɛ mmoa (Hwɛ nkyekyɛm 20)

21. Dɛn ne afe 2020 afe asɛm no, na adɛn nti na ɛfata?

21 Afe 2020 mu no, afe asɛm no bɛboa yɛn ama yɛde yɛn adwene asi ɔkwampa a yɛbɛfa so aboa afoforo ama wɔabɛyɛ asuafo so. Nhyiam titiriw a Yesu ne n’asuafo no yɛe wɔ bepɔw bi a ɛwɔ Galilea so no, nsɛm a ɔkae no bi wɔ afe asɛm no mu. Ɛka sɛ: ‘Enti monkɔ nkɔyɛ asuafo, mommɔ wɔn asu.’Mat. 28:19.

Momma yɛmfa nyɛ yɛn botae sɛ yɛde yɛn adwene besi ɔkwampa a yɛbɛfa so aboa afoforo ama wɔabɛyɛ asuafo no so na yɛaboa yɛn asuafo ama wɔabɔ asu (Hwɛ nkyekyɛm 21)

DWOM 70 Hwehwɛ Wɔn a Wɔfata

^ nky. 5 Afe 2020 afe asɛm no hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnyɛ asuafo.’ Ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo nyinaa di saa ahyɛde yi so. Yɛbɛyɛ dɛn ne yɛn Bible asuafo asua ade ama aka wɔn koma na ama wɔabɛyɛ Kristo asuafo? Adesua yi bɛma yɛahu sɛnea yɛbɛboa yɛn Bible asuafo ama wɔabɛn Yehowa paa. Afei nso, yɛbɛhwɛ nea ɛbɛma yɛahu sɛ ɛsɛ sɛ yɛtoa adesua no so anaasɛ ɛsɛ sɛ yegyae.

^ nky. 18 Hwɛ video a wɔato din Sɛnea Yebegyae Bible Adesua a Ɛnsow Aba wɔ JW Broadcasting®.