Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 4

‘Honhom No Ankasa Di Adanse’

‘Honhom No Ankasa Di Adanse’

“Honhom no ankasa ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma.”​—ROM. 8:16.

DWOM 25 Agyapade Soronko

NEA YƐREBESUA *

Pentekoste da no, Yehowa hwiee ne honhom kronkron guu Kristofo bɛyɛ 120 a na wɔahyiam no so wɔ ɔkwan soronko so (Hwɛ nkyekyɛm 1-2)

1-2. Anwonwasɛm bɛn na esii wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu?

KWASIDA anɔpa bi, afe 33 Y.B. mu no, asuafo bɛyɛ 120 hyiaa wɔ abansoro dan bi mu wɔ Yerusalem. Ná saa da no yɛ Pentekoste da. (Aso. 1:13-15; 2:1) Nna kakra bi a atwam no, na Yesu aka akyerɛ n’asuafo no sɛ wɔntena Yerusalem nkosi sɛ wobenya akyɛde soronko bi. (Aso. 1:4, 5) Afei dɛn na esii?

2 “Mpofirim ara wɔtee dede bi fii soro te sɛ mframa a ɛrebɔ denneennen.” Egyigyei wɔ ofie a na wɔte mu no mu nyinaa. Afei, “tɛkrɛma bebree a ɛte sɛ ogya” besii wɔn mu biara apampam, na “honhom kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa mãmã.” (Aso. 2:2-4) Ɔkwan soronko yi so na Yehowa hwiee ne honhom kronkron guu saa asuafo a na wɔahyiam no so. (Aso. 1:8) Wɔn na wodii kan de honhom kronkron * sraa wɔn ma wonyaa anidaso sɛ wɔne Yesu bedi ade wɔ soro.

SƐ WƆDE HONHOM KRONKRON SRA OBI A, DƐN NA ESI?

3. Pentekoste da no, adɛn nti na na wɔn a wɔwɔ hɔ no adwene si wɔn pi sɛ wɔde honhom kronkron asra wɔn?

3 Asuafo a na wɔahyiam wɔ abansoro dan no mu saa da no, sɛ na woka wɔn ho a, anka wo werɛ remfi nea esii no da. Biribi a ɛte sɛ ogya besii w’apampam, na wufii ase kaa kasa foforo! (Aso. 2:5-12) Ná w’adwene si wo pi sɛ wɔde honhom kronkron asra wo. Nanso Kristofo a wɔde honhom kronkron asra wɔn nyinaa na wohu anwonwade a ɛte saa, na esi wɔ bere koro mu wɔ wɔn asetenam anaa? Dabi. Adɛn nti na yɛreka saa?

4. Asomafo no bere so no, wɔn a na wɔde honhom kronkron asra wɔn no, wɔsraa wɔn nyinaa wɔ bere koro mu wɔ wɔn asetenam anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

4 Momma yɛnhwɛ bere a ebia wɔde honhom kronkron bɛsra obi wɔ n’asetenam. Ɛnyɛ Kristofo bɛyɛ 120 no nko ara na wɔde honhom kronkron sraa wɔn wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu. Saa da no ara, wɔde honhom kronkron sraa nnipa bɛyɛ 3,000. Da a wɔbɔɔ saa nnipa yi asu no na wɔde honhom kronkron sraa wɔn. (Aso. 2:37, 38, 41) Nanso efi saa bere no rekɔ no, ɛnyɛ Kristofo a wɔasra wɔn nyinaa na wɔde honhom kronkron sraa wɔn da a wɔbɔɔ wɔn asu no. Samariafo sei, wonyaa honhom kronkron wɔ wɔn asubɔ akyi. (Aso. 8:14-17) Afei nso, biribi a na ɛntaa nsi sii wɔ Kornelio ne ne fiefo so. Wɔn de, wɔde honhom kronkron sraa wɔn ansa na wɔrebɔ wɔn asu.—Aso. 10:44-48.

5. Sɛnea 2 Korintofo 1:21, 22 ma yehu no, sɛ wɔde honhom kronkron sra obi a, dɛn na esi?

5 Momma yɛnhwɛ nea esi bere a wɔde honhom kronkron asra obi. Sɛ wɔde honhom kronkron sra obi a, ebia mfiase no, ɛbɛyɛ den sɛ obegye atom sɛ Yehowa apaw no. Ebia ɔbɛka sɛ, ‘Adɛn nti koraa na Onyankopɔn apaw me?’ Afoforo de, ebia wɔrente nka saa. Ɛmfa ho sɛnea obi bɛte nka biara no, ɔsomafo Paul kyerɛkyerɛ nea esi bere a wɔde honhom kronkron asra obi no mu sɛ: “Bere a mugye dii no, wɔsɔɔ mo ano * denam honhom kronkron a wɔhyɛɛ ho bɔ no so, nea ɛyɛ agyapade a yɛn nsa bɛka no ho sɛnkyerɛnne no.” (Efe. 1:13, 14) Enti Yehowa nam ne honhom kronkron so da no adi kyerɛ saa Kristofo yi pefee sɛ wapaw wɔn. Saa kwan yi so no, honhom kronkron yɛ “sɛnkyerɛnne [anaa bɔhyɛ]” bi a ɛma wɔn a wɔasra wɔn no nya awerɛhyem sɛ daakye wɔbɛtena ase daa wɔ soro na ɛnyɛ asase so.— Kenkan 2 Korintofo 1:21, 22.

6. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni a wɔde honhom kronkron asra no yɛ ansa na wanya hokwan akɔ soro?

6 Sɛ wɔde honhom kronkron asra Kristoni bi a, ɛno kyerɛ sɛ ɔkwan biara so ɔbɛkɔ soro anaa? Dabi. Ɛwom sɛ n’adwene si no pi paa sɛ wɔapaw no sɛ ɔbɛkɔ soro de, nanso ɛsɛ sɛ ɔkae saa afotu yi: “Anuanom, monyɛ nea mubetumi biara mma frɛ a wɔafrɛ mo ne paw a wɔapaw mo no nni mu; na sɛ mokɔ so yɛ saa a, morenhwe ase da.” (2 Pet. 1:10) Ɛmfa ho sɛ wɔapaw anaa wɔafrɛ Kristoni bi a wɔde honhom kronkron asra no sɛ ɔnkɔ soro no, sɛ obenya saa akatua no a, gye sɛ odi nokware kosi ase.—Filip. 3:12-14; Heb. 3:1; Adi. 2:10.

DƐN NA ƐMA OBI HU SƐ WƆDE HONHOM KRONKRON ASRA NO?

7. Dɛn na ɛma obi a wɔde honhom kronkron asra no hu sɛ ɔbɛkɔ soro?

7 Dɛn na ɛma obi hu sɛ wɔafrɛ no sɛ ɔnkɔ soro? Asɛm a Paul ka kyerɛɛ wɔn a “wɔafrɛ wɔn abɛyɛ akronkronfo” a na wɔwɔ Roma no ma yehu mmuae no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Moannya nkoayɛ honhom a ɛde osuro ba bio, na mmom moanya honhom a egye yɛn yɛ mma, na saa honhom no mu na yɛteɛm sɛ: ‘Abba, Agya!’ Honhom no ankasa ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma.” (Rom. 1:7; 8:15, 16) Enti Onyankopɔn nam ne honhom kronkron so ma Kristofo a wɔasra wɔn no hu pefee sɛ wapaw wɔn sɛ wɔnkɔ soro.—1 Tes. 2:12.

8. Sɛn na 1 Yohane 2:20, 27 ma yehu sɛ Kristofo a wɔde honhom kronkron asra wɔn no, ɛnyɛ obi na ɛsɛ sɛ ɔka kyerɛ wɔn sɛ wɔasra wɔn?

8 Wɔn a Yehowa afrɛ wɔn sɛ wɔnkɔ soro no, Yehowa ma wɔn adwene si wɔn pi sɛ wɔbɛkɔ soro ampa. (Kenkan 1 Yohane 2:20, 27.) Ɛwom, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn ma kwan ma Yehowa fa asafo no so kyerɛkyerɛ wɔn sɛnea ɔkyerɛkyerɛ obiara no. Nanso, ɛnyɛ obi na ɛsɛ sɛ ɔka kyerɛ wɔn sɛ Onyankopɔn asra wɔn. Yehowa nam honhom kronkron a ɛyɛ tumi a ɛsen biara wɔ amansan yi mu no so ama wɔahu sɛ wɔasra wɔn ampa!

‘WƆSAN WO WƆN BIO’

9. Sɛnea Efesofo 1:18 ma yehu no, sɛ wɔde honhom kronkron sra obi a, sɛn na n’anidaso sesa?

9 Ɛnnɛ, ebetumi ayɛ den sɛ Onyankopɔn asomfo pii bɛte nea esi bere a Onyankopɔn asra obi no ase. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Onyankopɔn mfaa ne honhom nsraa wɔn. Onyankopɔn bɔɔ nnipa sɛ wɔntena asase so daa na ɛnyɛ ɔsoro. (Gen. 1:28; Dw. 37:29) Nanso Yehowa apaw nnipa bi sɛ wɔnkɔ soro. Enti sɛ ɔde honhom kronkron sra wɔn a, ɔsesa wɔn anidaso ne sɛnea wosusuw nneɛma ho no koraa. Wei ma wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ akɔtena soro.—Kenkan Efesofo 1:18.

10. Sɛ yɛka sɛ ‘wɔasan awo’ obi bio a, ɛkyerɛ sɛn? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

10 Sɛ wɔde honhom kronkron sra Kristoni bi a, ɛkyerɛ sɛ ‘wɔasan awo no bio’ anaa wofi soro awo no. * Yesu ma ɛdaa adi sɛ, sɛ ‘wɔsan wo obi bio’ anaa ‘wofi honhom mu wo obi’ a, sɛnea ɛte no, sɛ wɔmfaa honhom kronkron nsraa obi a, wokyerɛkyerɛ mu sɛ dɛn ara a, ɔrente ase.—Yoh. 3:3-8.

11. Sɛ wɔde honhom kronkron sra obi a, sɛnea osusuw nneɛma ho no sesa. Kyerɛkyerɛ mu.

11 Sɛ wɔsra Kristoni bi a, sɛnea osusuw nneɛma ho no sesa. Adɛn ntia? Bere a Yehowa mfaa ne honhom nsraa Kristoni bi no, na onii no ani gye anidaso a ɛne sɛ nnipa bɛtena asase so daa no ho paa. Ná onii no hwɛ kwan paa sɛ bere bi bɛba a, Yehowa beyi abɔnefosɛm nyinaa afi hɔ na wama asase adan paradise. Ebetumi aba sɛ na onii no de n’adwene bu bere a ɔde anigye bɛma ne busuani anaa n’adamfo bi a wɔanyan no akwaaba. Nanso bere a wɔde honhom kronkron sraa no no, sɛnea osusuw nneɛma ho no sesae. Adɛn ntia? Ɛnyɛ sɛ onyaa adwene sɛ anidaso a ɛne sɛ ɔbɛtena asase so daa no nni mũ bio. Afei nso, ɛnyɛ awerɛhow anaa amane a ɔrehu wɔ asase so nti na ɔsesaa n’adwene. Ɛnyɛ sɛ ebesii ne tirim sɛ, sɛ ɔtena asase so daa a, asetena bɛfono no. Mmom no, Yehowa na ɔde ne honhom kronkron sesaa sɛnea onii no susuw nneɛma ho ne anidaso a na ɛda ne koma so no.

12. Sɛnea 1 Petro 1:3, 4 kyerɛ no, sɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no te nka wɔ anidaso a wɔwɔ no ho?

12 Kristoni bi a wɔasra no betumi ate nka sɛ ɔmfata sɛ wɔde saa hokwan a ɛsom bo yi ma no. Nanso, n’adwene mu nyɛ no nãã koraa sɛ Yehowa na wapaw no. Sɛ osusuw anidaso a ɔwɔ sɛ ɔbɛtena soro daakye no ho a, ɛma anigye hyɛ ne koma mã.—Kenkan 1 Petro 1:3, 4.

13. Kristofo a wɔasra wɔn no te nka sɛn wɔ asetena a wɔwom wɔ asase so no ho?

13 Enti, wei kyerɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no pɛ sɛ wowu anaa? Ɔsomafo Paul ma yenya saa asɛmmisa yi ho mmuae. Ɔde wɔn nipadua no totoo ntamadan ho, na ɔkaa sɛ: “Nokwasɛm ne sɛ yɛn a yɛte ntamadan yi mu no si apini bere a nneɛma hyɛ yɛn so no; efisɛ yɛmpɛ sɛ yeyi gu hɔ, nanso yɛpɛ sɛ yɛhyɛ biako no, na nkwa amene nea ewu no.” (2 Kor. 5:4) Ɛnyɛ sɛ asetena afono wɔn nti wɔpɛ sɛ wowu ntɛm. Mmom, wɔn ani gye wɔ wɔn asetenam na wɔpɛ sɛ wɔne wɔn mmusua ne wɔn nnamfo som Yehowa daa. Nanso, ɛmfa ho nea wɔreyɛ biara no, daa wɔkae anidaso a anuonyam wom a wɔhwɛ kwan sɛ wobenya daakye no.—1 Kor. 15:53; 2 Pet. 1:4; 1 Yoh. 3:2, 3; Adi. 20:6.

YEHOWA DE HONHOM KRONKRON ASRA WO ANAA?

14. Dɛn na ɛnkyerɛ sɛ wɔde honhom kronkron asra obi?

14 Ebia woredwen ho sɛ Onyankopɔn de ne honhom kronkron asra wo anaa. Sɛ saa na w’adwene yɛ wo a, susuw nsɛmmisa a ɛho ehia yi ho: Wopɛ paa sɛ woyɛ nea Yehowa pɛ anaa? Wususuw sɛ wode nsi ne ahokeka na ɛreyɛ asɛnka adwuma no? Woyere wo ho sua Onyankopɔn Asɛm no na w’ani gye ho sɛ wubesua “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ” no ho ade anaa? (1 Kor. 2:10) Wususuw sɛ Yehowa ama w’asɛnka adwuma no rekɔ yiye? Wuhu wɔ wo komam paa sɛ ɛyɛ w’asɛde sɛ woboa afoforo ma wosua Yehowa ho ade? Woahu biribi a ɛkyerɛ sɛ Yehowa aboa wo wɔ akwan pɔtee bi so wɔ w’asetenam anaa? Sɛ wutumi yi saa nsɛmmisa yi nyinaa ano sɛ yiw a, ɛno kyerɛ sɛ Onyankopɔn afrɛ wo sɛ kɔ soro anaa? Dabi, ɛnkyerɛ saa. Adɛn ntia? Efisɛ Onyankopɔn somfo biara betumi ate nka saa ɛmfa ho sɛ wɔasra no anaa wɔnsraa no. Sɛ Yehowa somfo bi wɔ anidaso sɛ ɔbɛkɔ soro oo, ɔbɛtena asase so oo, Yehowa betumi de ne honhom kronkron aboa no ama wayɛ weinom nyinaa. Asɛm no ne sɛ, sɛ w’adwene nsi wo pi sɛ wɔde honhom kronkron asra wo a, ɛno nko ara mpo kyerɛ sɛ wɔmfrɛɛ wo. Wɔn a Yehowa afrɛ wɔn no adwene nhinhim sɛ wɔasra wɔn anaa wɔnsraa wɔn! Wonim pefee sɛ Yehowa afrɛ wɔn!

Yehowa nam ne honhom kronkron so maa Abraham, Sara, Dawid, ne Yohane Suboni nyaa tumi de yɛɛ nneɛma akɛse, nanso wamfa saa honhom no ansra wɔn sɛ wɔnkɔtena soro (Hwɛ nkyekyɛm 15-16) *

15. Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔanya Onyankopɔn honhom nyinaa na wɔafrɛ wɔn sɛ wɔnkɔ soro?

15 Bible ma yehu sɛ nnipa anokwafo pii wɔ hɔ a wonyaa honhom kronkron, nanso na wonni anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro. Honhom kronkron kyerɛɛ Dawid kwan. (1 Sam. 16:13) Honhom kronkron boaa no ma ɔtee Yehowa nneɛma a emu dɔ no ase, na ɛsan boaa no ma ɔkyerɛw Bible no afã bi. (Mar. 12:36) Nanso, ɔsomafo Petro kae sɛ Dawid “ankɔ soro.” (Aso. 2:34) Yohane Suboni nso, ‘honhom kronkron yɛɛ no mã.’ (Luka 1:13-16) Yesu kaa sɛ onipa biara nni asase so a ɔyɛ kɛse sen Yohane, nanso ɔkaa sɛ Yohane nka wɔn a wɔbɛkɔ soro akodi hene no ho. (Mat. 11:10, 11) Yehowa nam ne honhom kronkron so maa saa mmarima yi nyaa tumi de yɛɛ nneɛma akɛse, nanso wamfa saa honhom no ansra wɔn sɛ wɔnkɔtena soro. Wei kyerɛ sɛ na wɔnyɛ anokwafo te sɛ wɔn a Yehowa apaw wɔn sɛ wonkodi hene wɔ soro no anaa? Dabi. Nea ɛkyerɛ ara ne sɛ Yehowa bɛsan de wɔn aba nkwa mu ma wɔabɛtena Paradise wɔ asase so.—Yoh. 5:28, 29; Aso. 24:15.

16. Anidaso bɛn na Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ dodow no ara wɔ?

16 Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ dodow no ara nni anidaso sɛ wɔbɛkɔ akɔtena soro. Wɔne Abraham, Sara, Dawid, Yohane Suboni, ne mmarima ne mmea foforo a Bible ka wɔn ho asɛm no nyinaa wɔ anidaso koro. Wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtena asase so ama Onyankopɔn Ahenni no adi wɔn so.—Heb. 11:10.

17. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

17 Esiane sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no bi da so wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu nnɛ nti, ebia yebebisa nsɛm bi. (Adi. 12:17) Ebi ne sɛ, sɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no bu wɔn ho? Asafo a wowom no, sɛ obi fi ase di paanoo no na ɔnom bobesa no bi wɔ Nkaedi ase a, sɛn na ɛsɛ sɛ wubu saa nipa no? Na sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔasra wɔn no dodow rekɔ anim nso ɛ? Ɛsɛ sɛ woma wei haw wo anaa? Yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu.

^ nky. 5 Efi Pentekoste afe 33 Y.B. reba no, Yehowa ama Kristofo binom anya anidaso bi a ɛyɛ nwonwa. Ɛne sɛ wɔne ne Ba no bedi ade wɔ soro. Dɛn na ɛbɛma saa Kristofo yi ahu sɛ wɔama wɔn saa hokwan soronko yi? Sɛ Yehowa de ne honhom sra obi sɛ ɔbɛkɔ soro a, dɛn na esi? Adesua yi mu nsɛm fi Ɔwɛn-Aban a ɛbaa January, 2016 mu. Ɛbɛma yɛanya saa nsɛmmisa yi ho mmuae.

^ nky. 2 ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Wɔde honhom kronkron asra obi: Ɛkyerɛ sɛ Yehowa de ne honhom kronkron apaw obi sɛ ɔne Yesu bedi ade wɔ soro. Onyankopɔn nam ne honhom kronkron so ahyɛ onii no bɔ, anaa wama no “sɛnkyerɛnne” bi. (Efe. 1:13, 14) Saa Kristofo yi betumi aka sɛ honhom kronkron ‘di wɔn adanse’ anaa ɛma wohu pefee sɛ wɔn akatua wɔ soro.—Rom. 8:16.

^ nky. 5 ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Nsɔano. Wɔn a wɔasra wɔn no benya wɔn nsɔano a etwa to bere a aka kakra ama ahohiahia kɛse no afi ase anaa bere a wɔadi nokware akosi owu mu.—Efe. 4:30; Adi. 7:2-4; hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛbaa January 2007 Ɔwɛn-Aban mu no.

^ nky. 10 Sɛ wopɛ sɛ wunya wo a ‘wɔsan wo obi bio’ no mu nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbaa July 1, 2009, kr. 3-12 no.

DWOM 27 Onyankopɔn Bɛda Ne Mma Adi

^ nky. 57 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Sɛ yɛn gyidi nti wɔde yɛn agu afiase oo, sɛ nso yɛwɔ ahofadi sɛ yɛka asɛmpa no na yɛkyerɛkyerɛ nokware no oo, yebetumi ahwɛ kwan sɛ yɛbɛtena asase so ama Onyankopɔn Ahenni no adi yɛn so.