Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 3

Wo Som Bo Ma Yehowa Wo Nyankopɔn!

Wo Som Bo Ma Yehowa Wo Nyankopɔn!

“Ɔkaee yɛn wɔ yɛn abɛbrɛsɛ mu.”​—DW. 136:23.

DWOM 33 Dan W’adesoa Ma Yehowa

NEA YƐREBESUA *

1-2. Ɔhaw bɛn na Yehowa nkurɔfo pii hyia, na wei betumi aka wɔn sɛn?

MOMMA yɛnhwɛ nhwɛso mmiɛnsa yi: Onua aberante bi anya yare bi a emu yɛ den a ɛbɛma n’ahoɔden so akɔ so atew. Onua bi a wadi boro mfe 50 yere ne ho yɛ adwuma paa nanso n’adwuma afi ne nsa. Wabɔ mmɔden ahwehwɛ bi ara nanso onnya bi. Onuawa bi a ne mfe akɔ anim resom Yehowa nokware mu nanso ontumi nyɛ pii wɔ Yehowa som mu te sɛ kan no.

2 Sɛ worehyia ɔhaw a ɛte sɛ nea yɛaka ho asɛm no bi a, ebetumi ama woanya adwene sɛ wo so nni mfaso bio. Ɔhaw a ɛte saa betumi asɛe w’anigye, ebetumi ama woate nka sɛ wonsɛ hwee, na ebetumi asɛe wo ne afoforo ntam.

3. Satan ne wɔn a wosuasua no no, sɛn na wobu nnipa nkwa?

3 Sɛnea Satan bu nnipa nkwa no, saa ara na wiase no nso bu nkwa. Efi tete nyinaa Satan bu nnipa sɛ wɔn so nni mfaso biara. Adwemmɔne nti, ɔka kyerɛɛ Hawa sɛ, sɛ obu Onyankopɔn mmara so a obenya ahofadi, nanso na onim sɛ Hawa yɛ saa a obewu. Aguadi, amanyɔsɛm, ne nyamesom nhyehyɛe a ɛwɔ wiase yi mu no, Satan na ɛhyɛ ne nsa. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ aguadifo, amanyɔfo ne nyamesom mpanyimfo pii mmu nnipa nkwa, na sɛnea afoforo te nka nso, ɛmfa wɔn ho.

4. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Yehowa de, ɔpɛ sɛ yɛte nka sɛ yɛn so wɔ mfaso, na sɛ yehyia tebea a ebetumi ama yɛate nka sɛ yɛn so nni mfaso mpo a, ɔboa yɛn. (Dw. 136:23; Rom. 12:3) Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea Yehowa boa yɛn wɔ tebea ahorow yi mu: (1) Bere a yare bi abɔ yɛn, (2) bere a yɛn sikasɛm nkɔ yiye, (3) bere a onyin nti yɛte nka sɛ yenni biribi papa biara a yɛde reboa Yehowa som. Nanso, momma yenni kan nhwɛ nea enti a yebetumi anya awerɛhyem sɛ yɛn mu biara som bo ma Yehowa.

YƐSOM BO MA YEHOWA

5. Dɛn na ɛma wuhu sɛ nnipa som bo ma Yehowa?

5 Ɛmfa ho sɛ wɔde fam dɔte nwenee yɛn no, yɛn so wɔ mfaso sen dɔte nsa mã koraa. (Gen. 2:7) Momma yɛnhwɛ nea enti a yebetumi aka sɛ yɛsom bo ma Yehowa. Ɔbɔɔ nnipa wɔ ɔkwan bi so a ɛma yetumi da ne suban no bi adi. (Gen. 1:27) Saa a ɔyɛe no nti, wama yɛn so asen nneɛma a ɔbɔe wɔ asase so nyinaa. Afei nso, ɔde asase ne mmoa a ɛwɔ so ahyɛ yɛn nsa.—Dw. 8:4-8.

6. Ade foforo bɛn na ɛma yehu sɛ nnipa a wɔtɔ sin som bo ma Yehowa?

6 Adam yɛɛ bɔne akyi mpo, na nnipa da so som bo ma Yehowa. Yɛsom bo ma no ara ma ɔde ne Dɔba Yesu mae sɛ agyede esiane yɛn bɔne nti. (1 Yoh. 4:9, 10) Yehowa bɛma yɛanya agyede no so mfaso. Ɛno nti, obenyan wɔn a Adam bɔne nti wɔawuwu no; “wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ.” (Aso. 24:15) Ɛmfa ho sɛnea yɛn apɔwmuden te, sɛnea yɛn sikasɛm te, anaa mfe yɛadi no, n’Asɛm ma yehu sɛ yɛsom bo ma no.—Aso. 10:34, 35.

7. Dɛn bio na ɛma Onyankopɔn asomfo gye di sɛ wɔsom bo ma Yehowa?

7 Biribi foforo wɔ hɔ a enti yebetumi agye adi sɛ yɛsom bo ma Yehowa. Watwe yɛn abɛn no, na ohuu sɛnea yɛyɛɛ yɛn ade wɔ asɛmpa a yɛtee no ho. (Yoh. 6:44) Bere a yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛne Yehowa bɛfa adamfo no, ɔno nso twe bɛn yɛn. (Yak. 4:8) Afei nso, Yehowa nya yɛn ho adagyew kyerɛkyerɛ yɛn, na wei kyerɛ sɛ yɛsom bo ma no. Onim sɛnea yɛte seesei, ne nkɔso a yebetumi anya daakye nso. Bio nso, ɔdɔ yɛn nti ɔteɛ yɛn so. (Mmeb. 3:11, 12) Wei yɛ adanse a edi mu a ɛkyerɛ sɛ yɛsom bo ma Yehowa!

8. Sɛn na asɛm a ɛwɔ Dwom 18:27-29 betumi ama yɛanya yɛn haw ho adwempa?

8 Ná ebinom bu Ɔhene Dawid sɛ ɔyɛ onipahunu, nanso na onim sɛ Yehowa dɔ no na ɔtaa n’akyi. Wei maa Dawid nyaa ne haw no ho adwempa. (2 Sam. 16:5-7) Sɛ yɛn abam bu anaa yehyia ɔhaw a, Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛanya yɛn haw no ho adwempa, na obetumi aboa yɛn ama yɛadi ɔhaw biara so. (Kenkan Dwom 18:27-29.) Sɛ Yehowa taa yɛn akyi a, biribiara ntumi nsiw anigye a yɛde resom no no kwan. (Rom. 8:31) Afei, momma yɛnhwɛ ɔhaw ahorow mmiɛnsa bi a ɛto yɛn a ɛsɛ sɛ yɛkae paa sɛ Yehowa dɔ yɛn na yɛsom bo ma no.

BERE A YARE RETEETEE YƐN

Sɛ yɛkenkan nsɛm a Yehowa nam ne honhom so ma wɔkyerɛwee no a, ɛbɛboa yɛn na yare bɔ yɛn a yɛn abam ammu (Hwɛ nkyekyɛm 9-12)

9. Sɛ yare bɔ yɛn a, sɛn na ebetumi aka sɛnea yehu yɛn ho?

9 Sɛ yɛyare a, ebetumi ama yɛn abam abu, na ebetumi ama yɛate nka sɛ yɛn so nni mfaso bio. Sɛ nkurɔfo hu sɛ biribi haw yɛn anaa ɛsɛ sɛ yɛma afoforo boa yɛn a, ebetumi ama yɛafɛre. Sɛ nkurɔfo nnim sɛ yɛyare mpo a, esiane sɛ yentumi nyɛ nneɛma bi a na kan yɛyɛ nti, ebetumi ahaw yɛn paa. Sɛ yɛkɔ ahohia mu saa a, Yehowa hyɛ yɛn nkuran. Ɔyɛ no sɛn?

10. Sɛnea Mmebusɛm 12:25 kyerɛ no, sɛ yare bɔ yɛn a, dɛn na ebetumi aboa yɛn?

10 Sɛ yɛyare na yɛte “asɛmpa” a, ebetumi ahyɛ yɛn nkuran. (Kenkan Mmebusɛm 12:25.) Yehowa de nsɛmpa pii ahyɛ Bible no mu na ɛkae yɛn sɛ, sɛ yɛyare mpo a yɛsom bo ma no. (Dw. 31:19; 41:3) Sɛ yɛkenkan nsɛm a Onyankopɔn nam ne honhom so ma wɔkyerɛwee yi bere nyinaa a, Yehowa bɛboa yɛn na yare a abɔ yɛn no amma yɛn abam ammu.

11. Dɛn na ɛmaa onua bi hui sɛ Yehowa aboa no?

11 Momma yɛnhwɛ nea ɛtoo aberante bi a wɔfrɛ no Jorge. Onyaa yare bi a ano yɛ den a na ɛma n’ahoɔden so tew ntɛmntɛm. Wei maa Jorge tee nka sɛ ne so nni mfaso. Jorge ka sɛ: “Sɛnea na yare no ma mete nka ne sɛnea na nkurɔfo hwɛ me no, na ɛma m’ani wu; mansusuw da sɛ biribi a ɛte saa bɛto me. Bere a yare no mu reyɛ den no, midwinnwen sɛnea na ɛbɛsesa m’asetena ho. Ɛmaa m’abam bui paa, na mesrɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me.” Sɛn na Yehowa boaa no? Jorge toa so sɛ: “Esiane sɛ na ɛyɛ den sɛ mede m’adwene besi biribi so nti, wɔhyɛɛ me nkuran sɛ menkenkan nsɛm ntiantiaa a ɛwɔ Nnwom nhoma no mu a ɛka sɛnea Yehowa dwen ne nkoa ho no. Da biara na mekenkan saa kyerɛwnsɛm no mpɛn pii, na ɛkyekyee me werɛ. Akyiri yi, nkurɔfo hui sɛ metaa sereserew. Wɔkae mpo sɛ anigye a mewɔ no hyɛ wɔn nkuran. Mihui sɛ Yehowa atie me mpaebɔ! Ɔboaa me ma mihuu me ho wɔ ɔkwan foforo so. Ɛmfa ho sɛ meyare no, sɛnea Onyankopɔn Asɛm ka sɛnea Yehowa hu me no, ɛno na afei mede m’adwene sii so.”

12. Sɛ yare abɔ wo a, dɛn na wubetumi ayɛ na ama Yehowa aboa wo?

12 Sɛ yare bi abɔ wo a, nya awerɛhyem sɛ Yehowa nim nea worefa mu. Srɛ no ma ɔmmoa wo, na ama woanya nea ato wo no ho adwempa. Afei kenkan Bible no, na hwehwɛ nsɛmpa a Yehowa de ahyɛ mu no. Kyerɛwnsɛm a ɛma yehu sɛnea Yehowa nkoa som bo ma no no, fa w’adwene si so. Woyɛ saa a, wubehu sɛ Yehowa yi ne yam boa wɔn a wɔsom no nokware mu no.—Dw. 84:11.

BERE A WO SIKASƐM NKƆ YIYE

Sɛ ɛyɛ den sɛ yebenya adwuma ayɛ, na yɛkae sɛ Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛn nea yehia a, ɛbɛboa yɛn (Hwɛ nkyekyɛm 13-15)

13. Sɛ abusua ti adwuma fi ne nsa a, ebetumi ama wate nka sɛn?

13 Abusua ti biara pɛ sɛ ɔma n’abusua nea wohia wɔ asetenam. Nanso fa no sɛ onua bi adwuma afi ne nsa bere a onnii mfomso biara. Wabɔ mmɔden biara sɛ ɔbɛhwehwɛ adwuma foforo nanso onnya bi. Wei betumi ama wate nka sɛ ne so nni mfaso. Sɛ ɔde n’adwene si Yehowa bɔhyɛ ahorow so a, ɛbɛboa no sɛn?

14. Adɛn nti na Yehowa di ne bɔhyɛ so?

14 Yehowa di ne bɔhyɛ so bere nyinaa. (Yos. 21:45; 23:14) Nneɛma pii nti na ɔyɛ saa. Nea edi kan, ɛka ne din. Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛhwɛ n’asomfo a wɔsom no nokwarem no, na onim sɛ ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ odi ne bɔhyɛ so. (Dw. 31:1-3) Nea ɛka ho ne sɛ, Yehowa nim sɛ, sɛ wanhwɛ yɛn a yɛka n’abusua ho no a, yɛn asɛm bɛyɛ mmɔbɔ. Wahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛn nea yehia a ɛbɛma yɛakɔ so atena nkwa mu ne nea ɛbɛma yɛakɔ so asom no nokware mu, na biribiara nni hɔ a ebetumi asiw Yehowa kwan sɛ obedi saa bɔhyɛ yi so!—Mat. 6:30-33; 24:45.

15. (a) Ɔhaw bɛn na tete Kristofo no hyiae? (b) Awerɛhyem bɛn na Dwom 37:18, 19 ma yenya?

15 Sɛ yɛkae nea enti a Yehowa di ne bɔhyɛ so a, ɛbɛma yɛanya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛn sikasɛm nkɔ yiye a Yehowa bɛboa yɛn. Momma yɛnhwɛ nea ɛtoo tete Kristofo no. Bere a ɔtaa kɛse bi baa asafo a ɛwɔ Yerusalem no so no, “wɔn nyinaa bɔ hwetee . . . ma ɛkaa asomafo no nkutoo.” (Aso. 8:1) Wo de, hwɛ nea wei kɔfa bae. Ɛmaa wɔn sikasɛm yɛɛ basaa! Ɛbɛyɛ sɛ Kristofo no afie ne wɔn nnwuma fii wɔn nsa. Nanso, Yehowa annyaw wɔn, na wɔn anigye nso ansɛe. (Aso. 8:4; Heb. 13:5, 6; Yak. 1:2, 3) Yehowa boaa saa Kristofo a wɔde nokwaredi som no no, na ɔbɛboa yɛn nso.—Kenkan Dwom 37:18, 19.

BERE A ONYIN NTI YENTUMI NYƐ PII

Sɛ yɛn mfe akɔ anim mpo, na yɛde yɛn adwene si nea yebetumi ayɛ so a, ɛbɛma yɛanya awerɛhyem sɛ yɛsom bo ma Yehowa na n’ani sɔ nokwaredi a yɛde som no no (Hwɛ nkyekyɛm 16-18)

16. Tebea bɛn na ebetumi ama yɛanya adwene sɛ ebia yɛn som nsɔ Yehowa ani?

16 Bere a yɛn mfe rekɔ anim no, ebia yɛn adwene bɛyɛ yɛn sɛ nea yɛyɛ ma Yehowa no nsɔ ani. Bere a Ɔhene Dawid bɔɔ akwakoraa no, ɛbɛyɛ sɛ ɔno nso nyaa adwene a ɛte saa. (Dw. 71:9) Dɛn na Yehowa betumi ayɛ de aboa yɛn?

17. Dɛn na yebetumi asua afi onuawa bi a wɔfrɛ no Jheri asɛm no mu?

17 Momma yɛnhwɛ onuawa bi a wɔfrɛ no Jheri asɛm. Ná wɔrebɛyɛ nhyiam bi wɔ Ahenni Asa so de atete wɔn a wosiesie adan a yɛde yɛ Yehowa som adwuma. Wɔtoo nsa frɛɛ onuawa yi sɛ ɔmmra bi, nanso na ɔmpɛ sɛ ɔkɔ. Ɔkaa sɛ: “Manyin, me kunu nso awu, na minni nimdeɛ biara a mede bɛboa saa adwuma yi. Me so nni mfaso.” Anadwo a ade rebɛkye ama wakɔ saa nhyiam no, ɔbɔɔ mpae kaa ne komam asɛm kyerɛɛ Yehowa. Bere a oduu Ahenni Asa so da a edi hɔ no, na n’adwene da so ara yɛ no sɛ onni biribiara yɛ wɔ hɔ. Bere a wɔreyɛ nhyiam no, akasafo no mu baako sii so dua sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn a, ɛno ne ade a ɛho hia paa. Jheri ka sɛ: “Mekaa sɛ, ‘Wei de sɛ metumi ayɛ!’ Bere a mihui sɛ Yehowa atie me mpaebɔ no, mifii ase sui. Yehowa ma minyaa awerɛhyem sɛ mewɔ biribi a ɛsom bo a metumi de aboa, na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛkyerɛ me!” Jheri kae nea esii no a ɔka sɛ: “Merekɔ saa nhyiam no, na me yam hyehye me, na m’abam abu, na na mabotow. Nanso bere a merefi hɔ no, na manya ahotoso sɛ metumi ayɛ adwuma no, na mihui sɛ sɛɛ me so wɔ mfaso; wei hyɛɛ me nkuran!”

18. Sɛn na Bible ma yehu sɛ, sɛ yɛn mfe rekɔ anim mpo a, yɛn som da so sɔ Yehowa ani?

18 Bere a yɛn mfe rekɔ anim no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛkɔ so de yɛn ayɛ adwuma. (Dw. 92:12-15) Yesu akyerɛkyerɛ yɛn sɛ, sɛ yɛte nka sɛ yentumi nyɛ pii anaa nea yɛreyɛ no sua mpo a, nea yetumi yɛ wɔ Yehowa som mu biara no n’ani sɔ. (Luka 21:2-4) Enti fa w’adwene si nea wubetumi ayɛ so. Ebi ne sɛ, wubetumi aka Yehowa ho asɛm akyerɛ afoforo, wubetumi abɔ mpae ama wo nuanom, na wubetumi nso ahyɛ afoforo nkuran ama wɔakɔ so adi nokware. Yehowa bu wo sɛ ne yɔnko dwumayɛni. Ɛnyɛ nea wutumi yɛ nti na Yehowa bu wo saa, na mmom esiane sɛ wuyi wo yam tie no ntia.—1 Kor. 3:5-9.

19. Awerɛhyem bɛn na Romafo 8:38, 39 ma yenya?

19 Yɛn ani sɔ paa sɛ yɛresom Yehowa, Onyankopɔn a n’asomfo som bo ma no no! Ɔbɔɔ yɛn sɛ yɛnyɛ n’apɛde, na yɛsom no nokware mu a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam. (Adi. 4:11) Ɛwom sɛ wiase no bu yɛn sɛ yɛn so nni mfaso de, nanso Yehowa nhu yɛn saa. (Heb. 11:16, 38) Sɛ yare bɔ yɛn, yɛn sikasɛm nkɔ yiye, anaa yɛn mfe rekɔ anim a, momma yɛnkae sɛ biribiara nni hɔ a ebetumi atew yɛn afi yɛn soro Agya no dɔ ho.—Kenkan Romafo 8:38, 39.

^ nky. 5 Woahyia tebea bi a ɛma wotee nka sɛ wo so nni mfaso anaa? Adesua yi bɛkae wo sɛ wo som bo ma Yehowa paa. Ɛbɛkyerɛ nea wobɛyɛ na ama woate nka sɛ wo so wɔ mfaso ɛmfa ho nea ɛbɛto wo biara.

DWOM 30 M’agya, Me Nyankopɔn, ne M’adamfo