Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 5

Yɛne Mo Bɛkɔ

Yɛne Mo Bɛkɔ

“Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.”​—SAK. 8:23.

DWOM 26 Moyɛ Maa Me

NEA YƐREBESUA *

Nguan foforo (“nnipa du”) no anya hokwan kɛse sɛ wɔne wɔn a wɔasra wɔn (“Yudani biako”) no bɛbom asom Yehowa (Hwɛ nkyekyɛm 1-2)

1. Dɛn na Yehowa kae sɛ ebesi wɔ yɛn bere yi so?

YEHOWA kaa nea ebesi wɔ yɛn bere yi so ho asɛm sɛ: “Nnipa du a wɔka amanaman no kasa horow nyinaa bɛba abesuso Yudani biako atade mu aka sɛ: ‘Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.’” (Sak. 8:23) “Yudani biako” a wɔaka ne ho asɛm no gyina hɔ ma wɔn a Onyankopɔn de honhom kronkron asra wɔn no. Wɔsan frɛ wɔn “Onyankopɔn Israel.” (Gal. 6:16) “Nnipa du” no gyina hɔ ma wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so daa no. Wonim sɛ Yehowa ahyira kuw a wɔasra wɔn yi, na wogye tom sɛ ɛyɛ hokwan kɛse sɛ wɔne wɔn bɛbom asom Yehowa.

2. Sɛn na “nnipa du” no ne Kristofo a wɔasra wɔn no ‘kɔ’?

2 Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so nnɛ no, ɛwom sɛ ɛnyɛ wɔn nyinaa na yebetumi ahu wɔn din de, * nanso wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asase so no betumi ne Kristofo a wɔasra wɔn no ‘akɔ.’ Ɔkwan bɛn so? Bible ka sɛ “nnipa du” no ‘besuso Yudani biako atade mu aka sɛ: “Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ka mo ho.”’ Bible mu asɛm yi ka Yudani baako ho asɛm. Nanso asɛmfua “mo” no gyina hɔ ma nnipa bebree. Wei kyerɛ sɛ Yudani no nyɛ onipa baako pɛ na mmom egyina hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa. Wɔn a wɔnsraa wɔn no ne Kristofo a wɔasra wɔn no bom som Yehowa. Nanso, wommu Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ wɔyɛ wɔn akannifo, efisɛ wonim sɛ Yesu ne wɔn Kannifo.—Mat. 23:10.

3. Nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae wɔ adesua yi mu?

3 Esiane sɛ Kristofo a wɔasra wɔn da so wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu nnɛ nti, ebia ebinom bebisa sɛ: (1) Sɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔasra wɔn no bu wɔn ho? (2) Wɔn a wodi paanoo no na wɔnom bobesa no wɔ Nkaedi ase no, sɛn na ɛsɛ sɛ yebu wɔn? (3) Sɛ nnipa a wodi paanoo no na wɔnom bobesa no dodow rekɔ anim a, ɛsɛ sɛ yɛma ɛhaw yɛn anaa? Adesua yi bɛma yɛanya saa nsɛmmisa yi ho mmuae.

SƐN NA ƐSƐ SƐ KRISTOFO A WƆASRA WƆN NO BU WƆN HO?

4. Kɔkɔbɔ bɛn na ɛwɔ 1 Korintofo 11:27-29 a ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no susuw ho yiye paa, na adɛn ntia?

4 Ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no susuw kɔkɔbɔ a ɛwɔ 1 Korintofo 11:27-29 no ho yiye paa. (Kenkan.) Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ Kristoni a wɔasra no di paanoo no anaa ɔnom bobesa no wɔ “ɔkwan a ɛnsɛ so” wɔ Nkaedi ase? Sɛ Kristoni a wɔasra no amfa Yehowa akwankyerɛ ammɔ ne bra na sɛ odi paanoo no na ɔnom bobesa no bi a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ saa wɔ ɔkwan a ɛnsɛ so. (Heb. 6:4-6; 10:26-29) Kristofo a wɔasra wɔn no nim sɛ, sɛ wɔpɛ sɛ wɔn nsa ka “ɔsoro frɛ a efi Onyankopɔn hɔ denam Kristo Yesu so no” a, ɛsɛ sɛ wodi nokware kosi ase.—Filip. 3:13-16.

5. Sɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no bu wɔn ho?

5 Yehowa honhom kronkron boa n’asomfo ma wɔbrɛ wɔn ho ase, na wɔnyɛ ahomaso. (Efe. 4:1-3; Kol. 3:10, 12) Enti Kristofo a wɔasra wɔn no nte nka sɛ wɔkyɛn afoforo. Wonim sɛ honhom kronkron a Yehowa de ma Kristofo a wɔasra wɔn no nsen nea ɔde ma n’asomfo a wɔaka no. Afei nso, wɔnte nka sɛ wɔte Bible mu nokware ase yiye sen obi foforo biara. Saa ara nso na wɔrenka nkyerɛ obi sɛ wɔasra no enti onni paanoo no na ɔnnom bobesa no bi wɔ Nkaedi ase. Mmom, wɔbrɛ wɔn ho ase, na wonim sɛ Yehowa nkutoo na obetumi afrɛ nkurɔfo akɔ soro.

6. Sɛnea 1 Korintofo 4:7, 8 kyerɛ no, sɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no yɛ wɔn ade?

6 Kristofo a wɔasra wɔn no nim sɛ ɛyɛ hokwan kɛse sɛ wɔbɛfrɛ wɔn akɔ soro, nanso wɔnhwɛ kwan sɛ afoforo bɛda obu soronko adi akyerɛ wɔn. (Filip. 2:2, 3) Wonim nso sɛ bere a Yehowa sraa wɔn no, wamma obi foforo biara ante ho asɛm. Enti sɛ wɔsra obi na mfiase no ebinom annye anni sɛ wɔasra no a, ɛnyɛ no nwonwa. Onim sɛ Bible ka sɛ, ɛnsɛ sɛ yegye obi a ɔka sɛ Onyankopɔn ama no hokwan soronko bi no di ntɛm ara. (Adi. 2:2) Esiane sɛ Kristoni a wɔasra no nhwɛ kwan sɛ afoforo bɛhoahoa no nti, sɛ ohyia nkurɔfo a ɔrenkeka nkyerɛ wɔn sɛ wɔasra no. Afei nso ɔremfa nhoahoa ne ho.—Kenkan 1 Korintofo 4:7, 8.

7. Dɛn na ɛnsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no yɛ, na adɛn ntia?

7 Kristofo a wɔasra wɔn no nte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔne afoforo a wɔasra wɔn nkutoo na ɛbɔ, na ankɔyɛ sɛ nea wɔdɔm kuw bi. Wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwehwɛ afoforo a wɔasra wɔn na wɔne wɔn abɔ ho nkɔmmɔ anaa wɔahyiam sɛ akuwakuw asua Bible no. (Gal. 1:15-17) Sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no yɛ saa a, ɛde mpaapaemu bɛba asafo no mu. Sɛ wɔyɛ saa a, na wɔreko atia honhom kronkron a ɛboa Onyankopɔn nkurɔfo ma asomdwoe ne baakoyɛ tena wɔn mu no.—Rom. 16:17, 18.

SƐN NA ƐSƐ SƐ YEBU WƆN A WƆASRA WƆN NO?

Ɛnsɛ sɛ yɛhoahoa wɔn a wɔasra wɔn anaa wɔn a wodi asafo no anim no te sɛ nea nkurɔfo yɛ nnipa a wɔagye din wɔ sini anaa agodie mu no (Hwɛ nkyekyɛm 8) *

8. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wohwɛ yiye na woamfa nidi soronko amma wɔn a wodi paanoo no na wɔnom bobesa no wɔ Nkaedi ase no? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

8 Sɛn na ɛsɛ sɛ yebu Kristofo mmarima ne mmea a wɔasra wɔn no? Sɛ obi yɛ Kristoni a wɔasra no mpo a, ɛyɛ mfomso sɛ yɛbɛhoahoa no. (Mat. 23:8-12) Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yensuasua asafo mu mpanyimfo gyidi,’ nanso ɛnka sɛ yɛmfa onipa bi nyɛ yɛn kannifo. (Heb. 13:7) Ɛyɛ ampa, Bible ka sɛ ebinom fata “nidi mmɔho.” Nanso, nea enti a ɛte saa ne sɛ “wodi nneɛma anim yiye” na “wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ ɔkasa ne nkyerɛkyerɛ mu,” na ɛnyɛ sɛ wɔasra wɔn ntia. (1 Tim. 5:17) Sɛ yɛkamfo Kristofo a wɔasra wɔn no dodo na yɛhoahoa wɔn a, ebetumi ama wɔayɛ basaa. * Anaa nea ɛsɛe asɛm no koraa ne sɛ, ebetumi ama wɔayɛ ahomaso. (Rom. 12:3) Yɛn mu biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ ɔyɛ biribi a ebetumi ama Kristo nuanom a wɔasra wɔn no bi adi mfomso kɛse a ɛte saa!—Luka 17:2.

9. Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yebu Kristofo a wɔasra wɔn no?

9 Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ yebu wɔn a Yehowa asra wɔn no? Yɛremmisa wɔn nea ɛma wohui sɛ wɔasra wɔn. Eyi yɛ ankorankoro asɛm, na yenni hokwan sɛ yehu. (1 Tes. 4:11; 2 Tes. 3:11) Ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ, sɛ wɔasra obi a, ɛkyerɛ sɛ wɔasra ne kunu anaa ne yere, n’awofo, anaa n’abusuafo a aka nso. Anidaso a obi wɔ sɛ ɔbɛkɔ soro no, onnya mfi n’abusua mu. Mmom, onya fi Onyankopɔn hɔ. (1 Tes. 2:12) Afei nso ɛnsɛ sɛ yebisa nsɛm a ebetumi ahaw afoforo. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yebisa onua bi a wɔasra no yere sɛ, sɛ ne kunu gyaw no hɔ kɔ soro ma ɛka ɔno nkutoo wɔ asase so a, ɔbɛte nka sɛn? Yegye di paa sɛ, Yehowa ‘bɛma ateasefo nyinaa anya nea wɔpɛ’ wɔ wiase foforo no mu.—Dw. 145:16.

10. Sɛ ‘yɛanhoahoa nnipa’ a, ɔkwan bɛn so na ɛbɔ yɛn ho ban?

10 Sɛ yɛammu wɔn a wɔasra wɔn no sɛ wɔn ho hia sen afoforo a, ɛbɔ yɛn ankasa nso ho ban. Ɔkwan bɛn so? Bible ka sɛ ebia na Kristofo a wɔasra wɔn no bi anni nokware ankosi ase. (Mat. 25:10-12; 2 Pet. 2:20, 21) Enti sɛ ‘yɛanhoahoa nnipa’ a, yɛrenni nnipa akyi da. Kristofo a wɔasra wɔn, anuanom a wɔagye din, anaa wɔn a wɔde mfe pii asom Yehowa mpo, yɛrenni wɔn akyi. (Yuda 16) Enti sɛ ɛba sɛ wɔanni nokware anaa wofi asafo no mu a, yɛbɛkɔ so anya Yehowa mu gyidi, na yɛrennyae Yehowa som.

NNIPA A WODI PAANOO NO NA WƆNOM BOBESA NO, ƐSƐ SƐ YƐMA WƆN DODOW HAW YƐN ANAA?

11. Wɔn a wodi paanoo no na wɔnom bobesa no wɔ Nkaedi ase no, dɛn na yehu wɔ wɔn dodow ho nnansa yi?

11 Mfe pii a atwam no, nnipa dodow a wodi paanoo no na wɔnom bobesa no wɔ Nkaedi ase no, afe biara na ɛso tew. Nanso nnansa yi, afe biara wɔn dodow kɔ anim. Ɛsɛ sɛ wei haw yɛn anaa? Dabi. Momma yɛnhwɛ nea enti a ɛnsɛ sɛ yɛma ɛhaw yɛn.

12. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma nnipa a wodi paanoo no na wɔnom bobesa no wɔ Nkaedi ase no dodow haw yɛn?

12 “Yehowa nim wɔn a wɔyɛ ne de.” (2 Tim. 2:19) Anuanom a wɔkan nnipa dodow a wodi paanoo no na wɔnom bobesa no wɔ Nkaedi ase no nnim wɔn a wɔasra wɔn no, nanso Yehowa de onim. Enti wɔn a wosusuw sɛ wɔasra wɔn nanso wɔnsraa wɔn no nyinaa ka saa nnipa dodow a wodi bi no ho. Ebinom a na anka wodi paanoo no na wɔnom bobesa no, akyiri yi wogyaee di. Ebetumi aba nso sɛ afoforo wɔ adwenemhaw anaa ɔhaw foforo bi, enti wosusuw sɛ wɔne Kristo bedi hene wɔ soro. Wei ma yehu pefee sɛ yennim Kristofo a wɔasra wɔn a wɔaka wɔ asase so no dodow pɔtee.

13. Bible ma yehu Kristofo a wɔasra wɔn no dodow a wɔbɛka wɔ asase so bere a ahohiahia kɛse no afi ase anaa?

13 Bere a Yesu bɛba abɛfa Kristofo a wɔasra wɔn afi asase so akɔ soro no, ɔremmɛto wɔn nyinaa wɔ faako. (Mat. 24:31) Bible ma yehu sɛ nna a edi akyiri no, Kristofo a wɔasra wɔn no kakraa bi na wɔbɛka wɔ asase so. (Adi. 12:17) Nanso, ɛnkyerɛ wɔn mu dodow a wɔbɛka bere a ahohiahia kɛse no afi ase.

Sɛ obi di paanoo no na ɔnom bobesa no bi wɔ Nkaedi ase a, sɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade (Hwɛ nkyekyɛm 14)

14. Sɛnea Romafo 9:11, 16 kyerɛ no, dɛn na ɛsɛ sɛ yehu fa sɛnea wɔpaw wɔn a wɔasra wɔn no ho?

14 Yehowa na ɔkyerɛ bere a ɔbɛpaw Kristofo a wɔasra wɔn no. (Rom. 8:28-30) Yesu wusɔre akyi na Yehowa fii ase paw Kristofo a wɔasra wɔn no. Nokware Kristofo a na wɔwɔ asomafo no bere so no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔasra wɔn nyinaa. Efi saa bere no reba no, wɔn a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no, wɔn mu dodow no ara anni Kristo akyi ankasa. Nanso saa bere no, Yehowa sraa nnipa kakra a na wɔyɛ nokware Kristofo no. Ná wɔte sɛ awi a Yesu kaa sɛ ebefifi wɔ nwura bɔne mu no. (Mat. 13:24-30) Nna a edi akyiri yi mu no, Yehowa akɔ so apaw wɔn a wɔbɛyɛ 144,000 no mufo no. * Enti sɛ Yehowa yɛ n’adwene sɛ aka bere tiaa bi ma awiei no aba na ɔbɛpaw Kristofo a wɔasra wɔn no bi a, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ Yehowa nim nea ɔreyɛ. (Kenkan Romafo 9:11, 16.) * Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanyɛ yɛn ade te sɛ adwumayɛfo a Yesu kaa wɔn ho asɛm wɔ ne mfatoho baako mu no. Wonwiinwii tiaa nea wɔn wura yɛ maa adwumayɛfo a wɔbɛyɛɛ adwuma dɔnhwerew a etwa to no.—Mat. 20:8-15.

15. Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa ka “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Mateo 24:45-47 no ho anaa? Kyerɛkyerɛ mu.

15 Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro no nyinaa na wɔka “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ho. (Kenkan Mateo 24:45-47.) Ɛnnɛ, Yehowa ne Yesu nam anuanom kakraa bi so rema nkurɔfo pii aduan anaa wɔrekyerɛkyerɛ wɔn te sɛ nea wɔyɛe wɔ asomafo no bere so no. Kristofo a wɔasra wɔn no, kakraa bi na Yehowa ma wɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no. Ɛnnɛ nso, Kristofo a wɔasra wɔn no kakraa bi na ɛhyɛ wɔn nsa sɛ wɔmma Onyankopɔn nkurɔfo “aduan bere a ɛsɛ mu.”

16. Dɛn na woasua afi adesua yi mu?

16 Dɛn na yɛasua afi adesua yi mu? Yehowa asi gyinae sɛ ɔbɛma n’asomfo dodow no ara daa nkwa wɔ asase so, na nnipa kakra a wɔne Yesu bedi hene no nso, ɔbɛma wɔn nkwa wɔ soro. Yehowa ma n’asomfo nyinaa akatua, “Yudani” no ne “nnipa du” no, na ɔhwɛ kwan sɛ wɔn nyinaa bedi mmara koro so na wɔakɔ so adi nokware. Ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa kɔ so brɛ wɔn ho ase. Ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa de baakoyɛ bom som no. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden ma asomdwoe kɔ so tena asafo no mu. Bere a yɛrebɛn awiei no, momma yɛn nyinaa nkɔ so nsom Yehowa na yenni Kristo akyi sɛ “kuw biako.”—Yoh. 10:16.

^ nky. 5 Afe yi, Kristo wu Nkaedi no besi Benada, April 7. Wɔn a wodi paanoo no na wɔnom bobesa no wɔ Nkaedi no ase saa anwummere no, sɛn na ɛsɛ sɛ yebu wɔn? Sɛ nnipa a wodi paanoo no na wɔnom bobesa no dodow rekɔ anim a, ɛsɛ sɛ yɛma ɛhaw yɛn anaa? Yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ adesua yi mu. Adesua yi mu nsɛm fi Ɔwɛn-Aban a ɛbaa January, 2016 mu.

^ nky. 2 Sɛnea Dwom 87:5, 6 kyerɛ no, ebia daakye Onyankopɔn bɛma yɛahu wɔn a wɔne Yesu redi ade wɔ soro no nyinaa din.—Rom. 8:19.

^ nky. 8 Hwɛ adaka a wɔato din “Ɔdɔ ‘Nyɛ Ade a Ɛnsɛ’” a ɛbaa Ɔwɛn-Aban, January 2016 mu.

^ nky. 14 Ɛwom sɛ Asomafo Nnwuma 2:33 ma yehu sɛ Yehowa nam Yesu so na ɔde honhom kronkron sra obi de, nanso Yehowa na ɔfrɛ onii no.

^ nky. 14 Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛbaa May 1, 2007, Ɔwɛn-Aban mu no.

DWOM 34 Mɛnantew Mũdi Mu

^ nky. 56 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Wo de, fa no sɛ asafo ti no nanmusini bi ne ne yere akɔ ɔmantam nhyiam na anuanom atwa wɔn ho ahyia pɛ sɛ wotwa wɔn mfoni. Ɛnkyerɛ obu koraa!