Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 2

Nea Yebetumi Asua Afi “Osuani a Na Yesu Dɔ No No” Hɔ

Nea Yebetumi Asua Afi “Osuani a Na Yesu Dɔ No No” Hɔ

“Momma yɛnnodɔ yɛn ho, efisɛ ɔdɔ fi Onyankopɔn.”​—1 YOH. 4:7.

DWOM 105 “Onyankopɔn Ne Dɔ”

NEA YƐREBESUA *

1. Ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma yɛn no, ɛma wote nka sɛn?

ƆSOMAFO Yohane kyerɛwee sɛ, “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yoh. 4:8) Saa asɛm tiawa yi ma yɛkae nokwasɛm bi a ehia paa. Ɛne sɛ, Onyankopɔn a ɔyɛ nkwa Wura no, ɔno ara nso ne ɔdɔ Wura. Yehowa dɔ yɛn paa. Ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn no, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam, yɛn ani gye, na ɛma yɛte nka sɛ biribiara nhia yɛn. 

2. Sɛnea Mateo 22:37-40 ka no, ɛdɛn ne ahyɛde mmienu a ɛyɛ kɛse sen ahyɛde biara? Adɛn nti na ɛtɔ da a, ɛyɛ den sɛ yebedi nea ɛto so mmienu no so?

2 Kristofo de, sɛ yɛpɛ oo, sɛ yɛmpɛ oo, ɛsɛ sɛ yɛdɔ yɛn yɔnko nnipa. Ɛyɛ ahyɛde. (Kenkan Mateo 22:37-40.) Sɛ yehu Yehowa yiye a, ebetumi ayɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yebedi ahyɛde a edi kan no so. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, Yehowa de, ne biribiara wie pɛyɛ, odwen yɛn ho, na ɔyɛ yɛn brɛbrɛ. Ahyɛde a ɛto so mmienu no de, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yebedi so. Adɛn ntia? Efisɛ yɛn nuanom Kristofo a wɔn nso yɛ yɛn ayɔnkofo paa no, bɔne ne sintɔ wɔ wɔn ho. Ɛtɔ da a, wɔbɛka nsɛm bi anaa wɔbɛyɛ nneɛma bi a ɛbɛma yɛanya adwene sɛ wonnwen yɛn ho, na wɔnnɔ yɛn. Yehowa nim sɛ ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛdɔ yɛn yɔnko nnipa. Enti ɔnam ne honhom no so maa Bible akyerɛwfo no bi kyerɛw nsɛm pɔtee bi a ɛbɛma yɛahu nea enti a ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho, ne sɛnea yɛbɛyɛ no. Nnipa a wɔkyerɛw saa nsɛm no, emu baako ne Yohane.​—1 Yoh. 3:11, 12.

3. Ná Yohane adwene si no pi paa wɔ biribi ho. Ɛyɛ dɛn ade?

3 Nhoma a Yohane kyerɛwee no, ɔkaa wom mpɛn pii sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo dɔ afoforo. Nea ɛte ne sɛ, bere a Yohane rekyerɛw Yesu asetena mu nsɛm no, ɔde nsɛmfua “dɔ” ne “ɔdɔ” yɛɛ adwuma mpɛn pii sen nnipa mmiɛnsa a wɔkyerɛw Nsɛmpa a aka no nyinaa; woka wɔn de no bom mpo a, ennu Yohane de no. Bere a Yohane kyerɛw Yohane Asɛmpa no ne Yohane Nhoma a Edi Kan, Yohane Nhoma a Ɛto So Mmienu, ne Yohane Nhoma a Ɛto So Mmiɛnsa no, na wadi bɛyɛ mfe ɔha. Nhoma ahorow a Yehowa nam ne honhom so maa Yohane kyerɛwee yi ma yehu sɛ, biribiara a Kristoni yɛ no, ɔdɔ na ɛsɛ sɛ ɔde yɛ. (1 Yoh. 4:10, 11) Nanso, egyee bere ansa na Yohane resua sɛ ɔde ɔdɔ bɛyɛ biribiara.

4. Yohane asetena mu no, bere nyinaa na ɔdaa ɔdɔ adi kyerɛɛ nkurɔfo anaa?

4 Bere a Yohane yɛ aberante no, ɛnyɛ bere nyinaa na na ɔda ɔdɔ adi. Bere bi sei, na Yesu ne n’asuafo no rekɔ Yerusalem na wɔkɔfaa Samaria. Bere a wokoduu Samaria akuraa bi ase no, nnipa a ɛwɔ hɔ no annye Yesu ne wɔn a ɛka ne ho no. Ɛdɛn na Yohane yɛe? Ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔmma kwan na ɔne ne nua Yakobo mfrɛ ogya mfi soro mmɛhyew akuraa no asefo nyinaa! (Luka 9:52-56) Bere foforo nso, Yohane yɛɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ ɔnnɔ asomafo a aka no. Ɛbɛyɛ sɛ ɔne ne nua Yakobo tutu guu wɔn maame asom ma ɔkɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔmma wɔn mu baako ntena ne nifa na ɔbaako nso ntena ne benkum wɔ Ahenni no mu. Bere a asomafo a aka no tee nea Yakobo ne Yohane ayɛ no, wɔn bo fuwii paa! (Mat. 20:20, 21, 24) Nanso mfomso a Yohane yɛe nyinaa akyi, Yesu kɔɔ so dɔɔ no.​—Yoh. 21:7.

5. Ɛdɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

5 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea Yohane yɛe ne ɔdɔ ho nsɛm a ɔkyerɛwee. Bere a yɛreyɛ saa no, yebehu sɛnea yɛbɛdɔ yɛn nuanom Kristofo. Yɛbɛsan nso ahu ade bi a ehia a abusua ti betumi ayɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ n’abusua.

YƐDE YƐN NNEYƐE NA ƐKYERƐ YƐN DƆ

Yehowa somaa ne Ba baa asase so bewu maa yɛn de kyerɛe sɛ ɔdɔ yɛn (Hwɛ nkyekyɛm 6-7)

6. Ɛdɛn na Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn?

6 Ebia yɛn adwene bɛyɛ yɛn sɛ, sɛ yɛpɛ obi asɛm, na yɛka nsɛm a ɛyɛ dɛ kyerɛ no a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ no. Nanso, ɔdɔ kann de, nneyɛe na yɛde kyerɛ. (Fa toto Yakobo 2:17, 26 ho.) Yɛnhwɛ Yehowa sei. Ɔdɔ yɛn. (1 Yoh. 4:19) Waka nsɛm a ɛyɛ dɛ akyerɛ yɛn wɔ Bible mu de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn. (Dw. 25:10; Rom. 8:38, 39) Nanso, ɛnyɛ nea Onyankopɔn aka nko ara nti na yegye di sɛ ɔdɔ yɛn. Mmom, nea Yehowa ayɛ nso ma yehu sɛ ɔdɔ yɛn. Yohane kyerɛwee sɛ: “Eyi mu na woyii Onyankopɔn dɔ adi wɔ yɛn ho, efisɛ Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa ne so nnya nkwa.” (1 Yoh. 4:9) Yehowa maa ne Ba a ɔdɔ no no behuu amane, na owu maa yɛn. (Yoh. 3:16) Wei ma yehu ampa sɛ Yehowa dɔ yɛn paa!

7. Ɛdɛn na Yesu yɛe a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn?

7 Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ ɔdɔ wɔn. (Yoh. 13:1; 15:15) Ɛnyɛ Yesu ano kɛkɛ na ɔde kaa sɛ ɔdɔ wɔn, na mmom ɔyɛɛ biribi de kyerɛɛ ne dɔ. Ɔkaa sɛ: “Obiara nni ɔdɔ a ɛsen eyi, sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.” (Yoh. 15:13) Sɛ yɛhwɛ nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn a, ɛdɛn na ɛsɛ sɛ ɛka yɛn ma yɛyɛ?

8. Ɛdɛn na 1 Yohane 3:18 ka sɛ yɛnyɛ?

8 Sɛ yetie Yehowa ne Yesu a, ɛno na ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. (Yoh. 14:15; 1 Yoh. 5:3) Bio nso, Yesu hyɛɛ da ka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnnodɔ yɛn ho. (Yoh. 13:34, 35) Ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ yɛn nuanom Kristofo sɛ yɛdɔ wɔn. Nanso, ɛnsɛ sɛ ɛso hɔ ara. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn nneyɛe nso kyerɛ wɔn sɛ yɛdɔ wɔn. (Kenkan 1 Yohane 3:18.) Nneɛma bɛn saa na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom?

DƆ WO NUANOM KRISTOFO

9. Ɛdɛn na ɔdɔ maa Yohane yɛe?

9 Sɛ Yohane pɛ a, anka obetumi ne ne papa akɔ so ayɛ mpataayi adwuma a na wɔn abusua no yɛ no na wɔanya sika pii. Nanso wanyɛ saa. Mmom, bere tenten a ɔde tenaa nkwa mu nyinaa, ɔboaa nkurɔfo ma wohuu Yehowa ne Yesu yiye. Nea Yohane yɛe wɔ n’asetena mu no, wamfa no ahogono. Asɛmpa a na ɔreka nti, nkurɔfo tan n’ani, na bere a ɔbɔɔ akwakoraa no, wotwaa no asu. (Aso. 3:1; 4:1-3; 5:18; Adi. 1:9) Bere a Yesu ho asɛm a na Yohane reka nti wɔde no too afiase mpo no, Yohane kyerɛe sɛ ɔdɔ nkurɔfo. Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a ɔwɔ Patmo supɔw so no, ɔkyerɛw adiyisɛm a Onyankopɔn ma onyae no, na ɔma wɔde kɔmaa asafo ahorow no sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu “nneɛma a etwa sɛ ɛba ntɛm” no. (Adi. 1:1) Afei, ɛbɛyɛ sɛ bere a woyii Yohane fii Patmo supɔw so no, ɔkyerɛw Yohane Asɛmpa no a ɛka Yesu asetena ne ne som adwuma ho asɛm no. Ɔsan nso kyerɛw nkrataa mmiɛnsa de kɔhyɛɛ ne nuanom Kristofo nkuran na ɔde hyɛɛ wɔn den. Sɛnea Yohane de ne ho bɔɔ afɔre boaa nkurɔfo no, ɛdɛn na yebetumi asua afi mu?

10. Ɛdɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wodɔ nnipa?

10 Nea wobɛyɛ wɔ w’asetenam no na ɛbɛkyerɛ sɛ wodɔ nnipa. Satan wiase no pɛ sɛ wode wo bere ne w’ahoɔden nyinaa yɛ nea wopɛ, na wunya sika na wugye din. Nanso wɔn a wɔbɔ Ahenni no dawuru wɔ wiase nyinaa no nte saa. Wɔn de, wokum wɔn ho ka asɛmpa no na wɔboa nkurɔfo ma wɔbɛn Yehowa. Ebinom mpo de wɔn bere nyinaa ka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo na wɔkyerɛkyerɛ wɔn.

Nea yɛyɛ ma yɛn nuanom Kristofo ne yɛn abusuafo no, ɛno na ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn (Hwɛ nkyekyɛm 11, 17) *

11. Ɛdɛn na adawurubɔfo anokwafo pii yɛ de kyerɛ sɛ wɔdɔ Yehowa ne wɔn nuanom Kristofo?

11 Kristofo anokwafo pii wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ wɔde bere pii yɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahwɛ wɔn ho ne wɔn mmusua. Ne nyinaa akyi no, saa adawurubɔfo anokwafo yi yɛ nea wobetumi biara de boa Onyankopɔn ahyehyɛde no. Ɛho nhwɛso ne sɛ, wɔn mu bi tumi kɔboa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn. Ebi nso tumi kɔboa ma wosisi adan de boa Yehowa som. Ebinom nso yi ntoboa de boa wiase nyinaa som adwuma no. Nea enti a wɔyɛ weinom nyinaa ne sɛ, wɔdɔ Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa. Nnawɔtwe biara, yɛyɛ nneɛma bi de kyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo. Ebi ne sɛ, yɛkɔ asafo nhyiam, na yɛkɔ nso a yɛma mmuae. Ɛwom, ɛtɔ da a na yɛabrɛ, nanso yemia yɛn ani kɔ asafo nhyiam. Ɛtɔ da a, yɛpɛ sɛ yɛma mmuae a na yɛn yam hyehye yɛn, nanso yemia yɛn ani ma mmuae no. Ɛwom sɛ obiara wɔ ne haw de, nanso obiara hyɛ ne yɔnko nkuran ansa na yɛafi asafo nhyiam ase, na yɛpɔn nso a yɛyɛ saa ara. (Heb. 10:24, 25) Nneɛma a yɛn nuanom Kristofo yɛ yi, yɛn ani sɔ paa!

12. Ɛdɛn bio na Yohane yɛe de kyerɛe sɛ ɔdɔ ne nuanom Kristofo?

12 Yohane kamfoo ne nuanom Kristofo, na otuu wɔn fo nso. Saa a ɔyɛe no kyerɛ sɛ na ɔdɔ wɔn. Ɛho nhwɛso ne sɛ, nkrataa a Yohane kyerɛwee no mu no, ɔkamfoo ne nuanom Kristofo esiane wɔn gyidi ne wɔn nnwuma pa nti. Nanso, ɛnyɛ ɛno nko ara na ɔyɛe. Ɔsan tuu wɔn fo anibere so sɛ wɔnhwɛ wɔn ho yiye wɔ bɔne ho. (1 Yoh. 1:8–2:1) Yɛn nso, nneɛma pa a yɛn nuanom Kristofo yɛ no, ɛsɛ sɛ yɛkamfo wɔn wɔ ho. Nanso sɛ obi reda suban bɔne bi adi anaa ɔreyɛ biribi a ebetumi asɛe ɔne Yehowa ntam a, ɛsɛ sɛ yɛde anifere tu no fo. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ no. Ehia akokoduru na ama yɛatumi atu yɛn nnamfo fo. Nanso, Bible ka sɛ nnamfo pa de, obiara sew ne yɔnko anim, anaa obiara tu ne yɔnko fo.​—Mmeb. 27:17.

13. Ɛdɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ?

13 Ɛtɔ da a, sɛ yɛanyɛ nneɛma bi a, ɛno mmom na ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom Kristofo. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ yɛn nuanom ka biribi na anyɛ yɛn dɛ a, ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn bo fuw. Wo de, aka kakra ama Yesu awu afi asase so no, hwɛ asɛm bi a esii. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, sɛ wobenya nkwa a, gye sɛ wodi ne honam na wɔnom ne mogya. (Yoh. 6:53-57) Ná asɛm no ano yɛ den paa, enti n’asuafo no pii san fii n’akyi. Nanso ne nnamfo paa a Yohane ka ho no de, wɔansan amfi n’akyi; wɔkɔɔ so bataa no ho. Wɔante nea Yesu kae no ase, na ebetumi aba sɛ ɛmaa wɔn ho dwiriw wɔn mpo. Nanso Yesu nnamfo anokwafo no annya adwene sɛ wankasa yiye, na wɔamma n’asɛm no anhyɛ wɔn abufuw. Mmom wonyaa ne mu gyidi, efisɛ na wonim sɛ ɔka nokware. (Yoh. 6:60, 66-69) Wei ma yehu sɛ, sɛ yɛn nnamfo ka asɛm bi na anyɛ yɛn dɛ a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye paa na yɛamma yɛn bo amfuw wɔn. Mmom ɛsɛ sɛ yɛma wɔn kwan ma wɔkyerɛkyerɛ nea wɔkae no mu kyerɛ yɛn.​—Mmeb. 18:13; Ɔsɛnk. 7:9.

14. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yenya yɛn nuanom ho tan wɔ yɛn komam?

14 Yohane san tu yɛn fo sɛ ɛnsɛ sɛ yɛtan yɛn nuanom Kristofo. Sɛ yɛantie saa afotu no a, na yɛrema kwan ama Satan de yɛn ayɛ adwuma. (1 Yoh. 2:11; 3:15) Biribi saa too ebinom a wɔtenaa ase bɛyɛ afe 96 Y.B. Satan yɛɛ nea obetumi nyinaa sɛ ɔbɛma Onyankopɔn nkurɔfo atentan wɔn ho, na ama wɔn mu apaapae. Bere a Yohane kyerɛw ne nkrataa no, na nnipa bi a Satan suban no bi awura wɔn mu aba asafo no mu. Wɔn mu baako ne Diotrefe. Ná ɔde mpaapaemu kɛse aba asafo bi mu. (3 Yoh. 9, 10) Wɔn a akwankyerɛ kuw no soma wɔn ma wɔkɔsra asafo ahorow no, na ɔmfa obu ketekete sɛɛ mpo mma wɔn. Sɛ Diotrefe ne wɔn mu bi ani nhyia, na ohu sɛ onua bi agye wɔn kɔ ne fie a, na ɔyɛ nea obetumi biara sɛ obetu saa onua no afi asafo no mu. Wei kyerɛ sɛ na ɔyɛ aniammɔnho paa! Ɛnnɛ nso, Satan ani abere denneennen sɛ ɔbɛpaapae Onyankopɔn nkurɔfo mu sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi adi wɔn so. Mommma yɛnntan yɛn nuanom da, na ankɔfa mpaapaemu amma yɛn mu.

DƆ W’ABUSUA

Yesu ka kyerɛɛ Yohane sɛ ɔnhwɛ ne maame na ɔmmoa no mma ɔnkɔ so nsom Yehowa. Ɛsɛ sɛ mmusua ti a wɔwɔ hɔ nnɛ ma wɔn mmusua nya nea wohia (Hwɛ nkyekyɛm 15-16)

15. Ɛdɛn na ɛsɛ sɛ abusua ti biara kae?

15 Sɛ obi yɛ abusua ti a, ade baako paa a obetumi ayɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ n’abusua ne sɛ ɔbɛma wɔn honam fam nneɛma a wohia. (1 Tim. 5:8) Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae sɛ, honam fam nneɛma rentumi mma n’abusua no ne Yehowa ntam nyɛ papa. (Mat. 5:3) Ma yɛnhwɛ nea Yesu yɛe a abusua ti biara betumi asuasua. Yohane Asɛmpa no ma yehu sɛ, bere a Yesu sɛn asɛndua no so a ɔrewu mpo no, na ɔredwen n’abusua ho. Ná Yohane ne Yesu maame Maria gyina baabi a wɔabɔ Yesu asɛndua mu no. Ɔyaw a na Yesu refa mu no, na ɛnyɛ asɛm ketewa, nanso ne nyinaa akyi no, ɔka kyerɛɛ Yohane sɛ ɔnhwɛ Maria mma no. (Yoh. 19:26, 27) Ná Yesu wɔ nuanom a wobetumi ahwɛ Maria na wɔama no nea ohia, nanso ɛbɛyɛ sɛ saa bere no, na wɔn mu biara nni hɔ a wabɛyɛ Yesu suani. Enti na Yesu pɛ sɛ Maria nya obi a ɔbɛhwɛ no ama wanya nea ohia wɔ honam fam, na wasan aboa no ama wakɔ so asom Yehowa.

16. Nnwuma bɛn na na egu Yohane so?

16 Ná nnwuma pii gu Yohane so. Ná ɔka asomafo no ho, enti na ɛsɛ sɛ ɔde nsi ne ahokeka yɛ asɛnka adwuma no. Ebetumi aba nso sɛ na waware, enti na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ma n’abusua nya nea wohia, na ɔsan boa wɔn ma wɔne Yehowa ntam yɛ papa. (1 Kor. 9:5) Ɛdɛn na mmusua ti a wɔwɔ hɔ nnɛ no betumi asua afi Yohane hɔ?

17. Adɛn nti na ehia sɛ abusua ti biara boa n’abusua ma wɔkɔ so som Yehowa yiye?

17 Sɛ onua bi yɛ abusua ti a, ebetumi aba sɛ nnwuma pii a ɛho hia gu no so. Sɛ ɔkɔ adwuma a, ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho yɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a ne suban pa no bɛhyɛ Yehowa anuonyam. (Efe. 6:5, 6; Tito 2:9, 10) Asafo no mu nso, ebia ɔyɛ nnwuma pii. Ebi ne sɛ ɔbɛsrasra anuanom ahyɛ wɔn nkuran, na ɔde nsi ne ahokeka ayɛ asɛnka adwuma no bi. Wei nyinaa da nkyɛn a, ɛho hia sɛ ɔne ne yere ne ne mma sua Bible daa. Sɛ ɔyɛ saa a, ne yere ne ne mma bɛda no ase paa sɛ ɔboa wɔn ma wonya apɔwmuden, wɔn ani gye, na wɔkɔ so som Yehowa.​—Efe. 5:28, 29; 6:4.

“MONTENA ME DƆ MU”

18. Ɛdɛn na na Yohane adwene si no pi wɔ ho, na adɛn ntia?

18 Yohane nyin kyɛe paa, na nneɛma pii nso kɔɔ so wɔ n’asetenam. Ohyiaa ɔhaw pii a na anka ebetumi ama ne gyidi ayɛ mmerɛw. Nanso Yesu ahyɛde ahorow a baako ne sɛ yɛnnɔ yɛn nuanom no, Yohane yɛɛ nea obetumi biara dii so daa. Wei nti, na Yohane adwene si no pi sɛ Yehowa ne Yesu dɔ no, na wɔbɛhyɛ no den ama watumi agyina sɔhwɛ biara ano. (Yoh. 14:15-17; 15:10; 1 Yoh. 4:16) Biribiara nni hɔ a Satan ne ne wiase no yɛe a ɛmaa Yohane dɔ ano dwoe. Mmom ɔkɔɔ so de ne kasa ne ne nneyɛe nyinaa kyerɛe sɛ ɔdɔ ne nuanom.

19. Ɛdɛn na 1 Yohane 4:7 hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ, na adɛn ntia?

19 Yɛn nso yɛte sɛ Yohane. Wiase a yɛte mu yi, Satan a ɔtan ahyɛ no ma no na odi so. (1 Yoh. 3:1, 10) Ne yam a, anka yɛrennɔ yɛn nuanom Kristofo, nanso ɔrentumi mma yɛnyɛ saa da, gye sɛ yɛn ara yɛma no kwan. Momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so adɔ anuanom. Yɛde yɛn kasa ne yɛn nneyɛe nyinaa bɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛn ani begye sɛ yɛka Yehowa abusua ho, na yɛn koma bɛtɔ yɛn yam paa.​—Kenkan 1 Yohane 4:7.

DWOM 88 Kyerɛ Me W’akwan

^ nky. 5 “Osuani a na Yesu dɔ no no,” ɛbɛyɛ sɛ ɔno ne ɔsomafo Yohane. (Yoh. 21:7) Wei kyerɛ sɛ, bere a na Yohane yɛ aberante mpo no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔwɔ suban pii a ɛyɛ fɛ. Mfe pii akyi no, Yehowa ma ɔkyerɛw ɔdɔ ho nsɛm pii. Adesua yi mu no, yebesusuw nsɛm a Yohane kyerɛwee no bi ho, na yɛahwɛ nea yebetumi asua afi ne hɔ.

^ nky. 59 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Abusua ti a onni adagyew koraa. Ɔboa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn, oyi ntoboa de boa wiase nyinaa som adwuma no, ɔfrɛ anuanom foforo ma wɔbɛka abusua som a ɔne ne yere ne ne mma yɛ ho.