Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 5

Fa ‘Wo Bere Yɛ Nneɛma a Ɛho Hia’

Fa ‘Wo Bere Yɛ Nneɛma a Ɛho Hia’

“Monhwɛ mo abrabɔ yiye paa na sɛnea monantew no anyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa na mmom sɛ anyansafo, na momfa mo bere nyɛ nneɛma a ɛho hia.”—EFE. 5:15, 16.

DWOM 8 Yehowa Ne Yɛn Guankɔbea

NEA YƐREBESUA *

1. Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛanya bere ama Yehowa?

 YƐN ani gye ho sɛ yebenya bere ama wɔn a yɛpɛ wɔn asɛm. Awarefo a anigye wɔ wɔn aware mu no, nea wɔpɛ paa ne sɛ wɔn mmienu nko ara bɛkɔ akɔhyɛ baabi komm adwinnwen wɔn ho. Mmabun ani gye ho sɛ wɔne wɔn nnamfo bɛbɔ. Yɛn nyinaa nso ani gye ho paa sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo bɛbɔ. Nanso, nea ɛsen ne nyinaa no, ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yebenya bere ama Onyankopɔn. Sɛ yɛbɔ no mpae, yɛkenkan n’Asɛm no, na yedwinnwen n’atirimpɔw ne ne su ahorow a ɛyɛ fɛ no ho a, ɛkyerɛ sɛ yɛanya bere ama no. Ɛho hia paa sɛ yenya bere ma Yehowa!—Dw. 139:17.

2. Ɔhaw bɛn na yehyia?

2 Ɛwom, yenya bere ma Yehowa a, yɛn ani gye. Nanso ɛtɔ da a, sɛ ɛbɛyɛ, efisɛ nnwuma pii gu yɛn so. Wei nti, ebetumi ayɛ den sɛ yebenya bere de ayɛ nneɛma a yɛyɛ de som Onyankopɔn no. Adwumasɛm, asɛde a yɛwɔ wɔ yɛn abusua mu, ne nneɛma foforo a ɛho hia betumi agye yɛn bere nyinaa. Ɛba saa a, yebetumi ate nka sɛ yenni adagyew a yɛde bɛbɔ mpae, asua ade, anaa adwinnwen nea yesua no ho mpo.

3. Ade foforo bɛn na ebetumi awia yɛn bere?

3 Ade foforo bi nso wɔ hɔ a ebetumi awia yɛn bere. Sɛ yɛanhwɛ yiye a, yebetumi ama nneɛma bi a ɛnhyɛ da nyɛ bɔne agye yɛn bere. Ɛba saa a, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛbɛn Yehowa. Wo de, yɛmfa nneɛma a yɛde gye yɛn ani nyɛ nhwɛso. Ɛwom ara na yɛyɛ biribi de sesa nea yɛyɛ no daa no mu a, ɛma yɛn ani gye. Nneɛma a yɛyɛ de gye yɛn ani no, sɛ ɛfata mpo a, anhwɛ a bere a yɛde yɛ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho no, ebetumi adidi akɔ mu paa. Ebewie ase no, na yenni bere mpo a yɛde bɛsom Onyankopɔn. Ehia sɛ yɛde anigyede to nea ɛda, efisɛ ɛnyɛ ɛno ne ade a ɛho hia paa.—Mmeb. 25:27; 1 Tim. 4:8.

4. Dɛn na yɛrebesusuw ho?

4 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛde nneɛma a ehia di kan. Afei nso, bere a yɛde yɛ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho no, yɛbɛhwɛ sɛnea yɛde bedi dwuma yiye. Ɛno akyi no, yɛbɛhwɛ sɛnea sɛ yɛde yɛn bere di dwuma yiye a, yebenya so mfaso.

SISI GYINAE PA; FA NNEƐMA A EHIA DI KAN

5. Sɛ ɔbabun bi pɛ sɛ ohu nea ɔyɛ a ebesi no yiye paa a, sɛn na afotu a ɛwɔ Efesofo 5:15-17 no betumi aboa no?

5 Yɛ nea ɛbɛma asi wo yiye paa. Nea mmabun yɛ a ɛbɛma asi wɔn yiye paa no, etumi yɛ wɔn so dadwen. Sukuu mu no, akyerɛkyerɛfo bi wɔ hɔ a wɔkyerɛ nea sukuufo no betumi de asi wɔn ani so daakye. Ebia saa akyerɛkyerɛfo yi ne abusuafo a wɔnyɛ Adansefo bepiapia mmabun sɛ wɔnkɔ suapɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya adwuma pa bi ayɛ daakye. Nhomasua a ɛte saa betumi agye wɔn bere pii. Asafo no mu nso, ebia na awofo ne anuanom rehyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa wɔn bere nyinaa nsom Yehowa. Ɛba saa a, dɛn na ebetumi aboa ɔbabun a ɔdɔ Yehowa ama wasi gyinae pa? Sɛ ɔkenkan Efesofo 5:15-17 na odwinnwen ho a, ɛbɛboa no. (Kenkan.) Ɔkenkan kyerɛwsɛm yi wie a, obetumi abisa ne ho sɛ: ‘Dɛn ne “Yehowa apɛde”? Gyinae bɛn na misi a, ɛbɛsɔ Yehowa ani? Gyinae bɛn na misi a, ebetumi ama mede me bere adi dwuma yiye paa?’ Kae sɛ, “nna yi yɛ nna bɔne,” na ɛrenkyɛ wiase a Satan di so yi bɛba awiei. Ɛno nti, nyansa wom sɛ yɛde nkwa a yɛwɔ yi bɛyɛ nea ɛbɛma Yehowa agye yɛn atom.

6. Gyinae bɛn na Maria sii, na adɛn nti na na ɛyɛ gyinae pa?

6 Fa nneɛma a ehia di kan. Sɛ yebetumi de yɛn bere adi dwuma yiye a, ɛtɔ mmere bi a, nneɛma mmienu bi a mfomso nni emu biara ho no, ɛsɛ sɛ yɛpaw emu baako. Nea ɛbɛma yɛate wei ase yiye no, momma yɛnhwɛ nea esii bere bi a Yesu kɔsraa Maria ne Marta no. Ná Marta pɛ ahɔhoyɛ. Wei nti, bere a Yesu kɔsraa wɔn no, n’ani gyei paa. Enti ofii ase yɛɛ nnuan bebree a ɔde bɛsom Yesu hɔho. Saa bere no nyinaa, na ne nuabea Maria de, wakɔtena Yesu nkyɛn retie ne nkyerɛkyerɛ. Ɛwom sɛ nea na Marta reyɛ no ye, nanso Maria de, ‘ɔpaw nea ɛyɛ papa paa.’ (Luka 10:38-42, ase hɔ asɛm) Ebetumi aba sɛ bere bi akyi no, Maria werɛ fii aduan ko a wodii no saa da no. Nanso yennye nni sɛ nea osua fii Yesu hɔ no de, ne werɛ befi da. Bere kakra a Maria nya de tiee Yesu no, na ɛsom bo ma no paa. Saa ara na yɛn nso, bere a yenya ma Yehowa no som bo ma yɛn. Yɛbɛyɛ dɛn de bere a yenya ma Yehowa no adi dwuma yiye?

FA BERE A WUNYA MA YEHOWA NO DI DWUMA YIYE

7. Adɛn nti na ɛho hia paa sɛ yenya bere de bɔ mpae, sua ade, na yedwinnwen nea yesua no ho?

7 Hu sɛ mpaebɔ ne ade a yesua na yedwinnwen ho no ka yɛn som ho. Sɛ yɛbɔ mpae a, na yɛne yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn paa no na ɛrekasa. (Dw. 5:7) Sɛ yesua Bible a, na yɛresua “Onyankopɔn ho nimdeɛ” afi nyansa nyinaa Farebae no hɔ. (Mmeb. 2:1-5) Sɛ yedwinnwen nea yesua no ho a, na yɛresusuw Yehowa su a ɛyɛ fɛ no ho. Afei nso, na yɛrekaakae nneɛma a ɛyɛ nwonwa a Yehowa abɔ ne tirim pɔw sɛ ɔbɛyɛ ama yɛne adasamma nyinaa no. Wohwɛ a, ɛnyɛ wei paa na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn bere yɛ anaa? Seesei a adagyew nni po so koraa yi, dɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya bere de ayɛ nneɛma a ɛho hia paa yi?

Wubetumi apɛ baabi a ɛhɔ yɛ komm akɔhyɛ, na woayɛ wo kokoam adesua anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 8-9)

8. Sɛnea Yesu de ne bere dii dwuma wɔ sare no so no, dɛn na yebetumi asua afi mu?

8 Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, pɛ baabi a ɛhɔ yɛ komm kɔhyɛ. Momma yɛnhwɛ nea Yesu yɛe. Ansa na Yesu refi ne som adwuma ase wɔ asaase so no, ɔkɔhyɛɛ sare so nnafua 40. (Luka 4:1, 2) Esiane sɛ na ɛhɔ yɛ komm nti, otumi bɔɔ Yehowa mpae. Afei, nea na n’Agya pɛ sɛ ɔyɛ no nso, otumi dwinnwen ho. Akyinnye biara nni ho sɛ, saa a Yesu yɛe no ma otumi daa ne ho so wɔ sɔhwɛ a na ɛrenkyɛ obehyia no ho. Nea Yesu yɛe yi, sɛn na ebetumi aboa wo? Sɛ w’abusua mufo dɔɔso a, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ wubenya baabi a ɛhɔ yɛ komm akɔhyɛ wɔ fie hɔ. Ɛba saa a, wubetumi apue akɔhwehwɛ baabi a dede nni akɔhyɛ. Sɛ Julie pɛ sɛ onya bere bɔ Yehowa mpae kɔ akyiri a, saa na ɔyɛ. Ɔne ne kunu te dan ketewaa bi mu wɔ France, na ɛyɛ den sɛ obenya baabi akɔhyɛ a biribiara ntwetwe n’adwene. Julie kyerɛ mu sɛ: “Ɛno nti, da biara mitu mpase kɔ baabi a wɔaduadua nnua a ɛyɛ a nkurɔfo kɔtena gye wɔn ahome no. Mekɔ hɔ a, mitumi nya baabi kɔhyɛ a biribiara ntwetwe m’adwene, na mitumi ne Yehowa kasa paa.”

9. Ɛwom sɛ na Yesu nni adagyew, nanso dɛn na ɔyɛ de kyerɛe sɛ ɔne Yehowa abusuabɔ ho hia no?

9 Ná Yesu nni adagyew koraa. Bere a ɔreyɛ ne som adwuma wɔ asaase so no, baabi a ɔbɛkɔ biara na dɔm di n’akyi; na wɔn mu biara nso pɛ sɛ Yesu nya bere ma no. Bere bi, “kurow no mufo nyinaa beguu ɔpon no ano” a na wɔpɛ sɛ wohu no. Ne nyinaa mu no, Yesu hwɛ hui sɛ, daa ɔbɛpɛ bere de abɔ Yehowa mpae. Anɔpatutuutu a anim ntetewee no, ɔkɔpɛɛ “baabi a atew ne ho” kɔhyɛe, sɛnea ɛbɛyɛ a obenya bere ama n’Agya.—Mar. 1:32-35.

10-11. Sɛnea Mateo 26:40, 41 kyerɛ no, afotu a ɛho hia paa bɛn na Yesu de maa n’asuafo no wɔ Getsemane turo no mu, nanso dɛn na esii?

10 Anadwo a ade rebɛkye ama Yesu awu, na ɔde ne som adwuma no aba awiei wɔ asaase so no, ɔsan yɛe sɛ ɔbɛkɔ akɔpɛ baabi a ɛhɔ yɛ komm akɔhyɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi adwinnwen nneɛma ho na wabɔ mpae. Wei nti ɔkɔɔ Getsemane turo no mu. (Mat. 26:36) Saa bere no, Yesu de mpaebɔ ho afotu bi a ɛho hia paa maa n’asuafo no.

11 Momma yɛnhwɛ nea esii. Bere a Yesu ne n’asuafo no koduu Getsemane turo no mu no, na ade asa paa; ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ anadwo dasum. Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ ‘monkɔ so nwɛn,’ na ogyaw wɔn hɔ kɔbɔɔ mpae. (Mat. 26:37-39) Nanso bere a Yesu rebɔ mpae no, nna wiaa wɔn. Bere a ɔbɛtoo wɔn sɛ wɔadeda no, ɔsan ka kyerɛɛ wɔn sɛ “monkɔ so nwɛn na mommɔ mpae daa.” (Kenkan Mateo 26:40, 41.) Yesu hui sɛ nea na n’asomafo no afa mu no sõ, na na wɔabrɛ nso. Yesu tee wɔn ase, na ɔkaa sɛ “honam no yɛ mmerɛw.” Ne nyinaa akyi no, Yesu kɔe mprenu bio kɔbɔɔ mpae. Sɛ́ anka n’asuafo no bɛbɔ mpae no, emu biara a ɔbɛba no, na wɔadeda.—Mat. 26:42-45.

Wubetumi abɔ mpae bere a wommrɛe pii anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 12)

12. Sɛ ɛtɔ da bi na dadwen ahyɛ yɛn so anaa yɛabrɛ dodo sɛ yɛbɛbɔ mpae a, dɛn na yebetumi ayɛ?

12 Pɛ bere pa. Ɛtɔ da bi a, dadwen anaa ɔbrɛ dodow nti, ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛbɔ mpae. Sɛ biribi a ɛte saa ato wo pɛn a, kae sɛ ɛnyɛ wo nko. Ɛnde, dɛn na wubetumi ayɛ? Ebinom rekɔda a na wɔbɔ mpae. Saafo no mu bi abehu sɛ, sɛ wɔbɔ mpae ntɛm kakra ansa na bere aso ama wɔakɔda a, ɛboa wɔn paa, efisɛ saa bere no na wɔmmrɛe pii. Afoforo nso ahu sɛ, sɛ wogyina hɔ, wɔtena ase anaa wobu nkotodwe bɔ mpae a, wotumi dwen nea wɔbɛka no ho yiye paa. Na sɛ adwinnwen ahyɛ wo so anaa w’aba mu abu ara ma enti wuntumi mmɔ mpae nso ɛ? Sɛnea wote nka no, ka ho asɛm kyerɛ Yehowa. Woyɛ saa a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ, yɛn Agya a ɔwɔ mmɔborɔhunu no bɛte wo ase.—Dw. 139:4.

Sɛ adesua rekɔ so a, adɛn nti na wunnyae text message ne email a wode sɛnde sɛnde nkurɔfo no? (Hwɛ nkyekyɛm 13-14)

13. Sɛ yɛreyɛ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho a, ɔkwan bɛn so na ɛlɛtrɔnik mfiri betumi atwitware yɛn akwan mu?

13 Sɛ woresua ade a, mma biribiara ntwetwe w’adwene. Yɛne Yehowa adamfofa no, ɛnyɛ mpaebɔ nko ara na yebetumi afa so ahyɛ mu den. Sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm no, na yɛkɔ adesua a, ɛno nso betumi aboa yɛn ama yɛabɛn Onyankopɔn. Bere a wode sua ade, ne bere a wode kɔ adesua no, biribi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ na ama wode saa bere no adi dwuma yiye anaa? Bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ mewɔ adesua ase anaa meresua ade a, dɛn na ɛtaa twetwe m’adwene?’ Ɛyɛ a nkurɔfo frɛ wo, wunya email anaa text message wɔ wo fon anaa tablɛt so? Ɛnnɛ, nnipa ɔpepepem pii wɔ saa ɛlɛtrɔnik mfiri a ɛboa wɔn yi bi. Nhwehwɛmufo bi kyerɛ sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yɛde yɛn adwene si biribi so, na yɛn fon bɛn yɛn kɛkɛ mpo a, ebetumi atwetwe yɛn adwene. Ɔbenfo bi a ɔyɛ adwene mu nhwehwɛmu ka sɛ, sɛ yɛn fon bɛn yɛn a, “ɛmma yentumi mfa yɛn adwene nsi nea yɛreyɛ no so; ɛma yɛn adwene kyinkyin.” Sɛ yɛrebefi ɔmansin anaa ɔmantam nhyiam ase a, ɛyɛ a wɔtaa ka kyerɛ yɛn sɛ, yɛnhwɛ sɛ yɛn ɛlɛtrɔnik mfiri remmɔ nyɛ dede nhaw afoforo. So yebetumi ayɛ saa ara bere a yɛreyɛ kokoam adesua anaa bere a yɛwɔ adesua ase, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn mfiri no rentwetwe yɛn adwene anaa?

14. Sɛnea Filipifo 4:6, 7 ka no, sɛn na Yehowa betumi aboa yɛn ama yɛde yɛn adwene asi nea yɛreyɛ no so?

14 Srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na fa w’adwene si nea woreyɛ no so. Sɛ woreyɛ kokoam adesua anaa wowɔ adesua ase, na wuhu sɛ w’adwene rekyinkyin a, srɛ Yehowa na ɔmmoa wo. Sɛ dadwen bi na ɛreteetee wo a, ebia ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wode w’adwene besi honhom fam nneɛma so. Nanso ɛho hia paa sɛ woyɛ saa. Enti, bɔ mpae hwehwɛ Onyankopɔn asomdwoe a ɛbɛbɔ wo koma ne ‘w’adwene ho ban’ no.—Kenkan Filipifo 4:6, 7.

SƐ YENYA BERE MA YEHOWA A, YENYA SO MFASO

15. Sɛ yenya bere ma Yehowa a, ɛso mfaso baako ne sɛn?

15 Sɛ wunya bere ne Yehowa kasa, wutie no, na wudwinnwen ne ho a, wubenya so mfaso bebree. Ɔkwan bɛn so? Nea edi kan, ɛbɛboa wo ama woasisi gyinae pa. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ, “nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo.” (Mmeb. 13:20) Enti, sɛ wunya bere ma Yehowa a ɔyɛ nyansa nyinaa Farebae no a, ɔbɛma woayɛ onyansafo. Wobɛba abehu nea woyɛ a ɛbɛma woasɔ n’ani paa, ne nea woyɛ a ɛbɛma wadi yaw.

16. Sɛ yenya bere ma Yehowa a, ɔkwan bɛn so na ɛbɛma yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn?

16 Nea ɛto so mmienu, ɛbɛma woatumi akyerɛkyerɛ yiye. Sɛ yɛne obi resua Bible a, yɛn botae baako a ɛho hia paa ne sɛ, yɛbɛboa onii no ama wabɛn Yehowa. Sɛ yɛtaa ne yɛn soro Agya no kasa a, ɛbɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma no no akɔ so anyin. Ɛba saa a, ɛrenyɛ den mma yɛn sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ yɛn Bible suani ama wadɔ Yehowa. Yesu nhwɛso no ma yehu sɛ wei yɛ nokware. Sɛnea ɔde anigye kaa n’Agya ayamhyehye ne ne dɔ ho asɛm no, anyɛ den koraa amma n’akyidifo anokwafo no sɛ, wɔn nso bɛba abɛdɔ Yehowa.—Yoh. 17:25, 26.

17. Adɛn nti na mpaebɔ ne adesua boa yɛn ma yɛhyɛ yɛn gyidi den?

17 Nea ɛto so mmiɛnsa, ɛbɛhyɛ wo gyidi den. Sɛ woka kyerɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma wo akwankyerɛ, ɔnkyekye wo werɛ anaa ɔnwowaw wo a, ɛyɛ a dɛn na esi? Bere biara a Yehowa bebua saa mpaebɔ no, ɛto wo gyidi so. (1 Yoh. 5:15) Dɛn bio na ebetumi ahyɛ wo gyidi den? Ɛno ne kokoam adesua. Ade yi, “gyidi nam nea wɔte so na ɛba.” (Rom. 10:17) Nanso, sɛ yenya nimdeɛ a, ɛno ara kɛkɛ nkyerɛ sɛ yɛn gyidi bɛyɛ den. Dɛn bio na ehia sɛ yɛyɛ?

18. Nea enti a ehia sɛ yedwinnwen nea yesua no ho no, fa odwontofo no asɛm no kyerɛkyerɛ mu.

18 Ɛho hia sɛ yedwinnwen nea yesua no ho. Momma yɛnhwɛ biribi a nea ɔkyerɛw Dwom 77 no yɛe. Ná n’adwene atu afra, efisɛ na osusuw sɛ Yehowa apo ɔne ne mfɛfo Israelfo no. Wei nti, edu anadwo a, na ontumi nna. (Nkyekyɛm 2-8) Dɛn na ɔyɛe? Ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Medwinnwen wo nnwuma nyinaa ho, na wo nneyɛe nso, mesusuw ho.” (Nkyekyɛm 12) Ɛwom, odwontofo a na n’adwene atu afra no, na onim nneɛma a Yehowa ayɛ ama ne nkurɔfo tete no. Nanso obisaa ne ho sɛ: “Onyankopɔn nkae n’adom bio anaa? Anaasɛ n’abufuw ama ne mmɔborɔhunu asa?” (Nkyekyɛm 9) Odwontofo no dwinnwen Yehowa nnwuma ho. Afei, mmɔborɔhunu ne ayamhyehye a Onyankopɔn yii no adi kyerɛɛ ne nkurɔfo tete no, ɔde n’adwene sii ɛno nso so. (Nkyekyɛm 11) Ɛboaa no sɛn? Odwontofo no benyaa ahotoso sɛ, Yehowa rempo ne nkurɔfo. (Nkyekyɛm 15) Wo nso, nea Yehowa ayɛ ama ne nkurɔfo, ne nea wayɛ ama wo no, sɛ wudwinnwen ho a, ɛbɛhyɛ wo gyidi den.

19. Sɛ yenya bere ma Yehowa a, mfaso bɛn bio na yebenya?

19 Nea ɛto so nnan a ɛho hia paa ne sɛ, ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa no bɛyɛ kɛse. Su ahorow no nyinaa, ɔdɔ ne hene, efisɛ ɛno na ɛbɛkanyan wo ma woatie Yehowa, na wode nneɛma abɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛsɔ n’ani. Ɛno nso na ɛbɛboa wo ma woagyina sɔhwɛ biara ano. (Mat. 22:37-39; 1 Kor. 13:4, 7; 1 Yoh. 5:3) Biribiara nni hɔ a ɛsom bo sen sɛ yɛne Yehowa bɛfa adamfo denneennen!—Dw. 63:1-8.

20. Bere a wode yɛ nneɛma a ɛfa Yehowa som ho no, dɛn na wobɛyɛ na biribiara antwitware mu?

20 Kae sɛ, mpaebɔ, ne ade a yesua na yedwinnwen ho no, ne nyinaa ka yɛn som ho. Sɛ wopɛ sɛ woyɛ kokoam adesua anaa wobɔ mpae a, sɛnea Yesu yɛe no, pɛ baabi a ɛhɔ yɛ komm kɔhyɛ. Biribiara a ebetumi atwetwe w’adwene no, yi fi hɔ. Sɛ woreyɛ nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho a, ka kyerɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na w’adwene ankyinkyin. Sɛ wode wo bere di dwuma yiye nnɛ a, Yehowa behyira wo ama woanya daa nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu.—Mar. 4:24.

DWOM 28 Nea Yehowa Bɛfa No Adamfo

^ Yehowa ne yɛn adamfo a ɔsen biara. Yɛne n’adamfofa no ho hia yɛn paa, na yɛpɛ sɛ yehu no yiye. Sɛ wopɛ sɛ wuhu obi yiye a, ɛnyɛ da koro asɛm. Yehowa nso, sɛ yɛpɛ sɛ yɛne n’adamfofa no mu kɔ so yɛ den a, ɛnyɛ da koro na yebetumi de ayɛ. Esiane sɛ yennya yɛn ho atwaye koraa nti, yɛbɛyɛ dɛn anya bere de abɛn yɛn soro Agya no? Sɛ yɛbɛn no a, mfaso bɛn na yebenya?