Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 4

Nea Enti a Yɛkɔ Nkaedi No

Nea Enti a Yɛkɔ Nkaedi No

“Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.”—LUKA 22:19.

DWOM 20 Wode Wo Dɔba no Maa Yɛn

NEA YƐREBESUA *

1-2. (a) Bere bɛn paa na ɛyɛ a yɛkae yɛn dɔfo bi wu? (b) Anadwo ansa na Yesu rebewu no, dɛn na ɔyɛe?

 SƐ YƐN dɔfo bi wui akyɛ sɛ dɛn mpo a, yɛda so ara kae no. Afe biara, sɛ da a owui no du a, na yɛakae no paa.

2 Yɛdɔ Yesu Kristo paa. Enti afe biara, sɛ edu da a owui no a, yɛne nnipa ɔpepem pii a ɛwɔ wiase nyinaa bom kae ne wu no. (1 Pet. 1:8) Yehyiam kae onii a ɔde ne nkwa yɛɛ agyede de gyee yɛn fii bɔne ne owu mu no. (Mat. 20:28) Nokwasɛm ne sɛ, na Yesu pɛ sɛ n’akyidifo kae ne wu no. Enti, anadwo ansa na ɔrebewu no, ɔmaa n’asomafo no dii anwummere aduan soronko bi. Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.” *Luka 22:19.

3. Dɛn na yɛbɛka ho asɛm wɔ adesua yi mu?

3 Nnipa a ɛkɔ Kristo wu Nkaedi no, wɔn mu kakraa bi na ɛwɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro. Nanso, nnipa ɔpepem pii a aka no de, wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtena asaase so. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nea enti a akuw mmienu no nyinaa ani gye ho sɛ, afe biara, wɔbɛkɔ Nkaedi no. Ɛno akyi no, yɛbɛhwɛ mfaso a sɛ yɛkɔ a yenya. Momma yenni kan nhwɛ nea enti a wɔn a wɔasra wɔn no kɔ Nkaedi no.

NEA ENTI A WƆN A WƆASRA WƆN NO KƆ NKAEDI NO

4. Wɔn a wɔasra wɔn no, adɛn nti na wodi paanoo no na wɔnom bobesa no bi wɔ Nkaedi no ase?

4 Afe biara, sɛ wɔn a wɔasra wɔn no kɔ Nkaedi no a, wɔhwɛ kwan sɛ wobedi paanoo no na wɔanom bobesa no bi. Adɛn nti na wodi paanoo no na wɔnom bobesa no bi a, ɛfata? Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mmuae no, momma yɛnhwɛ nea esii anadwo a ade rebɛkye ama Yesu awu no. Bere a Yesu ne n’asomafo no dii Twam no wiei no, ɔma wodii nea nnɛ yɛfrɛ no Awurade Anwummere Aduan no. Ɔde paanoo ne bobesa no maa n’asomafo anokwafo 11 no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wonni na wɔnnom. Yesu kaa apam mmienu bi ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɛno ne apam foforo no ne Ahenni apam no. * (Luka 22:19, 20, 28-30) Saa apam yi buee kwan maa asomafo no ne nnipa kakraa bi sɛ wɔbɛkɔ akɔyɛ ahemfo ne asɔfo wɔ soro. (Adi. 5:10; 14:1) Kristofo a wɔasra wɔn no nkaefo * a wɔka saa apam mmienu yi ho no, wɔn nkutoo na wobetumi adi paanoo no na wɔanom bobesa no bi wɔ Nkaedi no ase.

5. Dɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no nim fa anidaso a wɔwɔ no ho?

5 Ade foforo nti a Kristofo a wɔasra wɔn no ani gye ho sɛ wɔbɛkɔ Nkaedi no ni: Nkaedi no ma wonya hokwan dwinnwen wɔn anidaso no ho. Yehowa ama wɔn anidaso nwonwaso bi. Ɛne sɛ wɔremporɔw, na wɔrentumi nwu da, na wɔne 144,000 no mufo a aka no ne Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no bɛbom adi ade. Nea ɛsen ne nyinaa no, wobehu Yehowa Nyankopɔn anim ne anim! (1 Kor. 15:51-53; 1 Yoh. 3:2) Kristofo a wɔasra wɔn no nim sɛ wɔato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔnkɔ soro nkonya saa hokwan no. Nanso sɛ wobenya kwan akɔ soro a, gye sɛ wodi nokware kosi owu mu. (2 Tim. 4:7, 8) Sɛ wɔn a wɔasra wɔn no dwinnwen ɔsoro anidaso a wɔwɔ no ho a, ɛma wɔn ani gye paa. (Tito 2:13) Na “nguan foforo” no nso ɛ? (Yoh. 10:16) Nea enti a wɔkɔ Nkaedi no, ebi ne sɛn?

NEA ENTI A NGUAN FOFORO NO KƆ NKAEDI NO

6. Adɛn nti na afe biara nguan foforo no kɔ Nkaedi no?

6 Sɛ nguan foforo no kɔ Nkaedi no a, wonni paanoo no nnom bobesa no bi, mmom wɔkɔ hɔ sɛ bɛhwɛadefo. Wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asaase so no, afe 1938 ne bere a edi kan a wɔtoo nsa frɛ wɔn ma wɔkɔɔ Nkaedi no bi. March 1, 1938 Ɔwɛn-Aban no kaa sɛ: “Ɛbɛyɛ papa koraa, na ɛyɛ ne kwan so sɛ [nguan foforo] no bɛba nhyiam a ɛte saa no bi, na wɔabɛhwɛ nea ɛbɛkɔ so. . . . Wɔn nso, ɛyɛ anigye bere ma wɔn, na ɛsɛ sɛ wodi ahurusi.” Sɛnea obi rehyia ayeforo a, ɔto nsa frɛ nkurɔfo ma wɔde anigye bɛhwɛ nea ɛrekɔ so no, saa ara na nguan foforo no nso ani gye ho sɛ wɔbɛkɔ Nkaedi no bi akɔhwɛ nea ɛrekɔ so.

7. Adɛn nti na nguan foforo no hwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ akotie Nkaedi kasa no?

7 Nguan foforo no nso dwinnwen wɔn anidaso no ho. Wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ akotie Nkaedi kasa no, efisɛ Mfirihyia Apem Nniso no mu no, nea Kristo ne 144,000 a ɔne wɔn bedi ade no bɛyɛ ama nnipa anokwafo no, ɛno paa na ɔkasa no ka ho asɛm. Saa Kristofo a wɔbɛkɔ akodi ade wɔ soro yi, Ɔhene Yesu Kristo bedi wɔn anim ama wɔaboa ma asaase no adan paradise. Afei nso, wɔbɛboa adasamma asoɔmmerɛwfo ma wɔakɔ pɛyɛ mu. Nnipa ɔpepem pii ba Nkaedi no ase sɛ bɛhwɛadefo. Bible nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 35:5, 6; 65:21-23 ne Adiyisɛm 21:3, 4 no, sɛ ɔkasafo no rekyerɛ sɛnea ɛbɛba mu no a, ɛma wotumi twa wɔn anidaso no ho mfoni. Wei ma wɔn ani gye paa. Sɛ wɔde wɔn ani bu sɛnea wɔne wɔn adɔfo bɛtena wiase foforo no mu a, ɛhyɛ wɔn anidaso a wɔwɔ ma daakye no mu den. Afei nso, ɛma wosi wɔn bo sɛ wɔrennyae Yehowa som da.—Mat. 24:13; Gal. 6:9.

8. Ade foforo bɛn nti na nguan foforo no kɔ Nkaedi no?

8 Momma yɛnhwɛ ade foforo nti a nguan foforo no kɔ Nkaedi no. Wɔpɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn a wɔasra wɔn no, na wɔtaa wɔn akyi. Onyankopɔn Asɛm ka too hɔ sɛ, wɔn a wɔasra wɔn no ne wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asaase so no bɛbom ayɛ adwuma. Ɔkwan bɛn so? Momma yensusuw nhwɛso kakra ho.

9. Nguan foforo no ne wɔn a wɔasra wɔn no, sɛn na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Sakaria 8:23 no ka ayɔnkofa a ɛbɛda wɔn ntam no ho asɛm?

9 Kenkan Sakaria 8:23. Nguan foforo no ne wɔn a wɔasra wɔn no, saa nkɔmhyɛ yi ka ayɔnkofa a ɛbɛda wɔn ntam no ho asɛm fɛfɛɛfɛ. Nsɛmfua “Yudani” ne “mo” a ɛwɔ nkɔmhyɛ no mu no, ne nyinaa gyina hɔ ma wɔn a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asaase so no. (Rom. 2:28, 29) “Nnipa du a wɔka amanaman no kasa horow nyinaa” no gyina hɔ ma nguan foforo no. ‘Wosuso [wɔn a wɔasra wɔn no] mu denneennen.’ Wei kyerɛ sɛ, wɔde nokwaredi bata wɔn ho wɔ nokware som mu. Ɛno nti, anadwo a yɛyɛ Nkaedi no, ɛnyɛ nwonwa sɛ nguan foforo no ba bi de kyerɛ sɛ wɔtaa wɔn a wɔasra wɔn no akyi denneennen.

10. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hesekiel 37:15-19, 24, 25 no, dɛn na Yehowa ayɛ ama aba mu?

10 Kenkan Hesekiel 37:15-19, 24, 25. Dɛn na Yehowa ayɛ ama saa nkɔmhyɛ yi aba mu? Waka wɔn a wɔasra wɔn no ne nguan foforo no abom, na mframa mfa wɔn ntam koraa. Nkɔmhyɛ no ka nnua mmienu bi ho asɛm. “Yuda dua” no gyina hɔ ma wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro no (Yuda abusuakuw mu na na wɔpaw Israel ahemfo). “Yosef dua a ɛwɔ Efraim nsam” no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asaase so no. * Ná Yehowa bɛka akuw mmienu yi abom ama ayɛ “dua baako.” Wei kyerɛ sɛ, wɔn nyinaa de baakoyɛ bɛbom asom, na wɔn Hene Kristo Yesu adi wɔn so. Afe biara, wɔn a wɔasra wɔn no ne nguan foforo no nyinaa bom kɔ Nkaedi no; wɔnkyɛ wɔn mu. Mmom, wɔkɔ no sɛ “kuw baako” a wɔwɔ “ɔhwɛfo baako.”—Yoh. 10:16.

11. “Nguan” a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Mateo 25:31-36, 40 no, dɛn ne ade titiriw a wɔyɛ de boa Kristo nuanom no?

11 Kenkan Mateo 25:31-36, 40. “Nguan” a Yesu kaa wɔn ho asɛm wɔ ha yi gyina hɔ ma atreneefo a ɛwɔ hɔ wɔ awiei mmere yi mu. Saafo yi wɔ anidaso sɛ wɔbɛtena asaase so. Wɔn ara nso ne nguan foforo no. Kristo nuanom a wɔde honhom asra wɔn a wɔda so wɔ asaase so no, “nguan” no de nokwaredi boa wɔn ma wɔyɛ adwumasono a ɛhyɛ wɔn nsa no. Saa adwuma no ne sɛ wɔbɛka asɛmpa no na wɔakyerɛkyerɛ nkurɔfo wɔ wiase nyinaa.—Mat. 24:14; 28:19, 20.

12-13. Nneɛma bɛn bio na nguan foforo no yɛ de boa Kristo nuanom no?

12 Afe biara, aka nnawɔtwe kakra ama Nkaedi no adu so no, nguan foforo no boa Kristo nuanom no ma wɔto nsa frɛ anigyefo a wɔwɔ wiase nyinaa ba Nkaedi no bi. (Hwɛ adaka a yɛato din “ Woresiesie Wo Ho Ama Nkaedi Bere No Anaa?”) Afei nso, wɔboa de nhyehyɛe biara a ɛho hia gu akwan mu sɛnea ɛbɛyɛ a asafo biara a ɛwɔ wiase betumi ayɛ Nkaedi no. Sɛ wɔn a wobedi paanoo no, na wɔanom bobesa no bi nni asafo bi mu mpo a, nguan foforo no hwɛ ma wɔyɛ Nkaedi no. Nguan foforo no ani gye ho paa sɛ wɔbɛyɛ saa nneɛma yi de aboa Kristo nuanom no. Nguan foforo yi nim sɛ, nea wɔyɛ de boa wɔn a wɔasra wɔn no, Yesu bu no sɛ, ɔno ankasa na wɔayɛ ama no.—Mat. 25:37-40.

13 Sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛkɔ soro oo, yɛbɛtena asaase so oo, nneɛma foforo bɛn nti na yɛn nyinaa kɔ Nkaedi no?

NEA ENTI A YƐN NYINAA KƆ NKAEDI NO

14. Dɛn na Yehowa ne Yesu ayɛ de akyerɛ sɛ wɔdɔ yɛn paa?

14 Yɛda Yehowa ne Yesu ase sɛ wɔakyerɛ sɛ wɔdɔ yɛn. Yehowa ayɛ nneɛma bebree de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn, nanso emu baako bi de, ɛda mu fua. Ɔsomaa ne Dɔba no ma obehuu amane wu maa yɛn. (Yoh. 3:16) Yesu nso fii ne pɛ mu de ne nkwa too hɔ maa yɛn de kyerɛe sɛ ɔdɔ yɛn paa. (Yoh. 15:13) Ɔdɔ a Yehowa ne Yesu ayi no adi akyerɛ yɛn no, yɛrentumi nyɛ biribiara mfa ntua ho ka da. Sɛnea yɛbɛbɔ yɛn bra da biara no na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea wɔayɛ ama yɛn no. (Kol. 3:15) Afei nso, yɛkɔ Nkaedi no a, ɔdɔ a Yehowa ne Yesu ayi no adi akyerɛ yɛn no, yenya hokwan dwinnwen ho. Ɛboa yɛn nso ma yɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn.

15. Adɛn nti na agyede no som bo paa ma wɔn a wɔasra wɔn no ne nguan foforo no nyinaa?

15 Agyede no som bo paa ma yɛn. (Mat. 20:28) Agyede no som bo paa ma wɔn a wɔasra wɔn no, efisɛ ɛno na ɛma wonya anidaso sɛ wɔbɛkɔ soro. Esiane Kristo afɔrebɔ no mu gyidi a wɔwɔ nti, Yehowa bu wɔn sɛ wɔyɛ atreneefo, na wagye wɔn ayɛ ne mma. (Rom. 5:1; 8:15-17, 23) Nguan foforo no nso ani sɔ agyede no. Esiane gyidi a wɔwɔ wɔ Kristo mogya a ohwie gui no mu nti, Onyankopɔn bu wɔn sɛ wɔn ho tew. Wei nti, wotumi de ɔsom kronn ma no. Afei nso, agyede no ama wɔanya anidaso sɛ wobefi “ahohiahia kɛse no mu” afi. (Adi. 7:13-15) Wɔn a wɔasra wɔn no ne nguan foforo no nyinaa, ade baako a wɔbɛyɛ de akyerɛ sɛ wɔn ani sɔ agyede no ne sɛ wɔbɛkɔ Nkaedi no afe biara.

16. Ade foforo bɛn bio nti na yɛkɔ Nkaedi no?

16 Ade foforo nti a yɛkɔ Nkaedi no ne sɛ yɛpɛ sɛ yetie Yesu. Sɛnea yɛn anidaso te biara no, ahyɛde a Yesu de mae wɔ anadwo a odii kan yɛɛ Nkaedi no, yɛntoto no ase koraa. Ɔkaa sɛ: “Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.”—1 Kor. 11:23, 24.

YƐKƆ NKAEDI NO A MFASO A YENYA

17. Ɔkwan bɛn so na Nkaedi no boa yɛn ma yɛbɛn Yehowa paa?

17 Ɛboa yɛn ma yɛbɛn Yehowa paa. (Yak. 4:8) Sɛnea yɛabehu no, anidaso a Yehowa ama yɛanya ne ɔdɔ nwonwaso a wayi no adi akyerɛ yɛn no, Nkaedi no ma yenya hokwan dwinnwen ho. (Yer. 29:11; 1 Yoh. 4:8-10) Daakye ho anidaso papa bi a yɛwɔ, ne ɔdɔ a enni huammɔ a Onyankopɔn wɔ ma yɛn no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no yɛ kɛse, na yɛne n’ayɔnkofa no nso, ɛma emu yɛ den.—Rom. 8:38, 39.

18. Sɛ yedwinnwen Yesu nhwɛso no ho a, ɛbɛkanyan yɛn ma yɛayɛ dɛn?

18 Ɛkanyan yɛn ma yesuasua Yesu nhwɛso no. (1 Pet. 2:21) Sɛ aka kakra ama Nkaedi no adu so a, nea ɛkɔɔ so wɔ Yesu asetena mu aka nnawɔtwe ama wawu, ne wu no, ne ne wusɔre ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no, ɛno na yɛde yɛn adwene kɔ so paa. Afei, anwummere a yɛreyɛ Nkaedi no, ɔkasa no kae yɛn ɔdɔ a Yesu yii no adi kyerɛɛ yɛn no. (Efe. 5:2; 1 Yoh. 3:16) Sɛ yɛkenkan sɛnea Yesu de ne nkwa bɔɔ afɔre maa yɛn, na yedwinnwen ho a, ɛkanyan yɛn ma ‘yɛkɔ so nantew sɛnea onii no nantewee no.’—1 Yoh. 2:6.

19. Yɛbɛyɛ dɛn akɔ so de yɛn ho asie Onyankopɔn dɔ mu?

19 Ɛma yesi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so de yɛn ho asie Onyankopɔn dɔ mu. (Yuda 20, 21) Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ yɛde yɛn ho asie Onyankopɔn dɔ mu? Ɛne sɛ biribiara mu, yebetie no, yɛbɛtew ne din ho, na yɛama ne koma atɔ ne yam. (Mmeb. 27:11; Mat. 6:9; 1 Yoh. 5:3) Sɛ yɛkɔ Nkaedi no a, ɛka yɛn ma yesi yɛn bo sɛ, da biara yɛbɛbɔ yɛn bra ama Yehowa ahu sɛ, ‘yɛpɛ sɛ yɛde yɛn ho sie ne dɔ mu daa!’

20. Dɛn nti paa na yɛkɔ Nkaedi no?

20 Sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛkɔ soro oo, yɛbɛtena asaase so oo, yɛwɔ nea enti paa a yɛkɔ Nkaedi no. Afe biara, edu saa da no a, yehyiam kae Yesu Kristo wu no, efisɛ yɛdɔ no paa. Nea ɛsen saa koraa no, yɛkae ɔdɔ kɛse a Yehowa yii no adi kyerɛɛ yɛn no; ɔsomaa ne Ba no ma ɔde ne nkwa bɛyɛɛ agyede maa yɛn. Afe yi, yɛbɛyɛ Nkaedi no Fida, April 15, 2022 anwummere. Yɛdɔ Yehowa ne ne Ba no. Enti, sɛ edu da a Yesu wui no a, yɛremma biribiara nsiw yɛn kwan sɛ yɛbɛkɔ Nkaedi no.

DWOM 16 Kamfo Yehowa, Ne Ba a Wasra no no Nti

^ Sɛ yɛn anidaso ne sɛ yɛbɛkɔ soro oo, sɛ yɛbɛtena paradise asaase so oo, afe biara, yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛkɔ Nkaedi no. Adesua yi mu no, Bible no bɛma yɛahu nea enti paa a yɛkɔ Nkaedi no, ne mfaso a yɛkɔ a yenya.

^ Wɔakyerɛ saa asɛm yi ase sɛ “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae” (Akuapem Twi Bible, a The Bible Society of Ghana yɛe).

^ Sɛ wopɛ sɛ wuhu apam foforo no ne Ahenni apam no ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a yɛato din ‘Mobɛyɛ Asɔfo Ahemman’ a ɛwɔ October 15, 2014, Ɔwɛn-Aban no mu, kr. 13-15 no.

^ ASƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Asɛm a ɛne Kristofo a wɔasra wɔn no nkaefo no, ɛkyerɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asaase so.

^ Sɛ wopɛ sɛ wunya nkɔmhyɛ a ɛwɔ Hesekiel ti 37 no mu nkyerɛkyerɛmu pii a, hwɛ Nokware Som—Yehowa Ama So Bio! nhoma no, kr. 130-135, nky. 3-17.