Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 3

Nea Yesua Fi Nisu a Yesu Tewee No Mu

Nea Yesua Fi Nisu a Yesu Tewee No Mu

“Yesu sui.”—YOH. 11:35.

DWOM 17 ‘Mepɛ na Mɛyɛ’

NEA YƐREBESUA *

1-3. Ɔhaw ahorow bɛn na ebetumi ama Yehowa asomfo atew nisu?

 WOKAE bere a etwa to a wusui? Ɛtɔ da na yɛn ani gye a, wobɛhwɛ na yɛn ani ataataa nisu. Nanso mpɛn pii no, sɛ yɛresu a, na ɛyɛ awerɛhow na yɛredi. Ɛho nhwɛso ne sɛ, sɛ yɛn ho nnipa bi wu a, yetumi su. Onuawa bi a ɔte United States a ne din de Lorilei kyerɛwee sɛ: “Me babea no wu no bubuu me ara ma ɛtɔ mmere bi a na biribiara ntumi nkyekye me werɛ. Ɛba saa a, na ɛyɛ me sɛ me wiase nyinaa aba awiei.” *

2 Ɔhaw afoforo nso betumi ama yɛatew nisu. Onuawa kwampaefo bi a ɔwɔ Japan a ne din de Hiromi kaa sɛ: “Ɛtɔ da a, mehwɛ sɛnea nkurɔfo mpɛ sɛ wotie me wɔ asɛnka mu no a, na m’abam abu. Enti ɛyɛ a meka kyerɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me, na minnya obi a ɔpɛ sɛ ohu nokware no.”

3 Wo nso, ɛyɛ a wote nka saa? Yɛn mu bebree tumi te nka saa. (1 Pet. 5:9) Yɛpɛ sɛ yɛde ‘anigye som Yehowa,’ nanso ɛtɔ da a, yɛde nisu na ɛyɛ saa. Adɛn ntia? Ebia na yɛredi awerɛhow, yɛn abam abu, anaa yɛrehyia yɛn gyidi ho sɔhwɛ. (Dw. 6:6; 100:2) Sɛ nneɛma a ɛtete saa hyɛ yɛn so a, dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina ano?

4. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Yebetumi ahwɛ nea Yesu yɛe asua no. Ɔno nso, ɛtɔ da a na nneɛma tumi hyɛ no so ma ‘osu.’ (Yoh. 11:35; Luka 19:41; 22:44; Heb. 5:7) Momma yɛnhwɛ tebea ahorow bi a ɛmaa Yesu sui. Sɛ yɛyɛ saa a, yebehu nea yebetumi asua afi mu. Afei nso, ɔhaw a ɛma yɛtew nisu no, yɛbɛhwɛ nneɛma bi a yɛyɛ a ebetumi ama yɛagyina ano.

NE NNAMFO NTI, ƆTEW NISU

Boa wɔn a wodi awerɛhow sɛnea Yesu yɛe no (Hwɛ nkyekyɛm 5-9) *

5. Sɛ yɛhwɛ asɛm a ɛwɔ Yohane 11:32-36 no a, dɛn na yesua fa Yesu ho?

5 Awɔw bere mu wɔ afe 32 Y.B. mu no, yare bɔɔ Lasaro a na ɔyɛ Yesu adamfo paa no ma owui. (Yoh. 11:3, 14) Ná Lasaro wɔ nua mmea mmienu; wɔn din de Maria ne Marta. Ná Yesu dɔ saa abusua yi paa. Lasaro wu no maa ne nua mmea mmienu no werɛ howee paa. Lasaro wui no, Yesu twaa kwan kɔɔ Betania, baabi a na Maria ne Marta te no. Bere a Marta tee sɛ Yesu reba no, ɔde mmirika kohyiaa no. Ɔkaa sɛ: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu.” (Yoh. 11:21) Ɛbɛyɛ sɛ ɔreka saa asɛm no, na ne werɛ ahow paa. Ɛno akyi bere tiaa bi, bere a Yesu hui sɛ Maria ne ebinom resu no, ɔno nso ‘sui.’—Kenkan Yohane 11:32-36.

6. Adɛn nti na Yesu sui saa bere no?

6 Adɛn nti na Yesu sui saa bere no? Insight on the Scriptures nhoma no ka sɛ: “Yesu adamfo Lasaro wu no, ne awerɛhow a na ne nua mmea no redi no, ɛno na ɛmaa Yesu ‘guu ahome kɛse na osui’ no.” * Ɛyaw a Yesu yɔnko berɛbo Lasaro faa mu bere a na ɔyare ne sɛnea ɔtee nka bere a ohui sɛ ɔrebewu no, ɛbɛyɛ sɛ na Yesu redwinnwen ho. Awerɛhow a na Maria ne Marta redi wɔ Lasaro wu no ho a Yesu hui no, yebetumi aka sɛ ɛno nso ne ade foforo nti a ɛmaa Yesu sui. Sɛ wo yɔnko berɛbo bi, anaa wo busuani bi awu a, akyinnye biara nni ho sɛ, wo nso woredi awerɛhow. Hwɛ nneɛma mmiɛnsa a wubetumi asua afi saa asɛm yi mu.

7. Yesu nnamfo nti ɔtew nisu. Dɛn na wei betumi ama yɛasua afa Yehowa ho?

7 Yehowa nim sɛnea wote nka. Yesu ‘da n’Agya nipaban adi pɛpɛɛpɛ.’ (Heb. 1:3) Bere a Yesu sui no, na ɔreda sɛnea n’Agya te nka no adi. (Yoh. 14:9) Sɛ obi a wodɔ no awu ma woredi awerɛhow a, nya awerɛhyem sɛ Yehowa nim nea worefa mu, na ɔte nka ma wo paa. Ɔpɛ sɛ ɔsa wo koma a abubu no yare.—Dw. 34:18; 147:3.

8. Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yesu benyan yɛn adɔfo a wɔawuwu?

8 Yesu pɛ sɛ onyan w’adɔfo a wɔawuwu. Yesu dii kan maa Marta awerɛhyem ansa na ɔresu. Ɔkaa sɛ: “Wo nua no bɛsɔre.” Marta gyee Yesu dii. (Yoh. 11:23-27) Esiane sɛ na Marta yɛ Yehowa somfo nokwafo nti, na onim sɛ odiyifo Elia ne odiyifo Elisa a wɔtenaa ase tete no nyanee awufo. (1 Ahe. 17:17-24; 2 Ahe. 4:32-37) Afei nso, ɛbɛyɛ sɛ na wate sɛ Yesu anyan ebinom. (Luka 7:11-15; 8:41, 42, 49-56) Wo nso, wubetumi anya awerɛhyem sɛ w’adɔfo a wɔawuwu no, wobɛsan ahu wɔn. Sũ a Yesu sui de kyekyee ne nnamfo a na wɔredi awerɛhow no werɛ no, ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔpɛ paa sɛ onyan awufo!

9. Wo nso, wobɛyɛ dɛn akyekye wɔn a wɔredi awerɛhow no werɛ? Ma nhwɛso.

9 Wubetumi akyekye wɔn a wɔredi awerɛhow no werɛ. Ɛnyɛ sɛ Yesu ne Marta ne Maria sui kɛkɛ, na mmom otiee wɔn, na ɔkaa awerɛkyekyesɛm kyerɛɛ wɔn. Yɛn nso, yebetumi ayɛ saa ara ama wɔn a wɔredi awerɛhow no. Dan yɛ asafo mu panyin a ɔte Australia. Ɔka sɛ: “Me yere wui no, na mihia mmoa. Da biara na awarefo bebree ayɛ krado sɛ wobetie me. Wogyaa me ma midii awerɛhow, na sɛ misu a, na ɛnyɛ wɔn aniwu. Afei nso, sɛ na ɛyɛ den ma me sɛ mɛyɛ nneɛma bi a, na wɔboa me. Ebi ne sɛ, na wɔhohoro me kar ho ma me, wokodi gua brɛ me, na na wɔnoa aduan ma me. Ná wɔne me taa bɔ mpae nso. Wɔkyerɛe sɛ wɔyɛ nnamfo pa, na wɔyɛ anuanom a ‘wɔwoo wɔn maa amanehunu bere.’”—Mmeb. 17:17.

WƆN A ƆKAA ASƐMPA NO KYERƐƐ WƆN NTI, ƆTEW NISU

10. Nea esii a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Luka 19:36-40 no, ka ho asɛm.

10 Nisan 9, afe 33 Y.B. mu no, Yesu kɔɔ Yerusalem. Bere a Yesu rewura kurow no mu no, nnipadɔm bi puw bɛhwɛɛ no, na nkurɔfo de wɔn ntaade sesɛw kwan mu de kyerɛe sɛ wogye no tom sɛ wɔn Hene. Wutumi hu sɛ na obiara ani agye paa. (Kenkan Luka 19:36-40.) Enti, ɛbɛyɛ sɛ nea esii wɔ ɛno akyi no yɛɛ n’asuafo no nwonwa. ‘Bere a Yesu bɛn Yerusalem no, ɔhwɛɛ kurow no, na osuu kurow no.’ Bere a Yesu retew nisu no, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ ɛrenkyɛ nnipa a wɔte Yerusalem no behu amane paa.—Luka 19:41-44.

11. Adɛn nti na Yesu suu nnipa a na wɔte Yerusalem no?

11 Yesu dii yaw wɔ ne komam, efisɛ na onim sɛ ɛmfa ho sɛ ne man mufo agye no fɛfɛɛfɛ no, na wɔn mu dodow no ara ada no adi dedaw sɛ wɔrentie Ahenni ho asɛm no. Ɛno nti, na wɔbɛsɛe Yerusalem. Yudafo a na wobenya wɔn ti adidi mu no, na wɔbɛsoa wɔn akɔ obi man so. (Luka 21:20-24) Awerɛhosɛm ne sɛ, sɛnea Yesu kae no, nnipa dodow no ara poo no. Sɛn na nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ Ahenni ho asɛm no ho wɔ baabi a wote no? Mmɔden a worebɔ sɛ wobɛka nokware no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo no, sɛ nnipa dodow no ara ntie a, dɛn na wubetumi asua afi nisu a Yesu tewee no mu? Ma yɛnhwɛ nneɛma foforo mmiɛnsa bi a wubetumi asua afi mu.

12. Nea na ɛbɛto nkurɔfo nti, Yesu tew nisu. Dɛn na wei betumi ama yɛasua afa Yehowa ho?

12 Yehowa dwen nnipa ho. Nisu a Yesu tewee no ma yehu sɛnea Yehowa dwen nnipa ho fa. “Ɔmpɛ sɛ obiara bɛsɛe; nea ɔpɛ ne sɛ obiara bɛsakra n’adwene.” (2 Pet. 3:9) Ɛnnɛ, sɛ yɛkɔ so yɛ nea yebetumi biara ka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo ma ɛka wɔn koma a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn.—Mat. 22:39.

Sesa bere a wode kɔ asɛnka no mu sɛnea Yesu yɛe no (Hwɛ nkyekyɛm 13-14) *

13-14. Dɛn na Yesu yɛ de kyerɛe sɛ ɔwɔ ayamhyehye ma nnipa, na yɛbɛyɛ dɛn asuasua saa su no?

13 Yesu yeree ne ho yɛɛ asɛnka adwuma no. Hokwan biara a Yesu nyae no, ɔkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo de kyerɛe sɛ ɔdɔ nnipa. (Luka 19:47, 48) Dɛn na ɛkaa no ma ɔyɛɛ saa? Yesu yam hyehyee no maa wɔn. Ɛtɔ da a, na nnipa pii pɛ sɛ wotie Yesu nkyerɛkyerɛ, enti na ɔne n’asuafo no ‘ntumi nnidi mpo.’ (Mar. 3:20) Afei nso, esiane sɛ anadwo na na eye ma ɔbarima bi sɛ obetie Yesu nti, onyaa bere maa no. (Yoh. 3:1, 2) Nnipa a mfiase no wotiee Yesu no mu dodow no ara ammɛyɛ n’asuafo. Nanso Yesu dii obiara a otiee no no adanse fefeefe. Ɛnnɛ, yɛpɛ sɛ yɛma obiara nya hokwan tie asɛmpa no. (Aso. 10:42) Sɛ yebetumi ayɛ saa a, gye sɛ yɛsesa ɔkwan a yɛfa so ka asɛmpa no.

14 Bɔ mmɔden yɛ nsakrae biara a ehia. Sɛ yɛansesasesa bere a yɛde kɔ asɛnka no mu a, ebia yɛrennya wɔn a wɔpɛ sɛ wotie asɛmpa no. Ɔkwampaefo bi a ɔde Matilda ka sɛ: “Bere a me ne me kunu de ka asɛmpa no, ɛyɛ a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛsesasesa mu. Yɛsɔre anɔpatutuutu di adanse wɔ baabi a nnwuma wɔ. Edu awia a nnipa bebree wɔ kurom no, yɛde trɔk yɛ baguam adansedi. Ɛrekɔ anwummere no, yehu sɛ saa bere no paa na yɛto nkurɔfo wɔ fie.” Sɛ́ anka yɛbɛka asɛmpa no bere a eye ma yɛn no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sesasesa bere a yɛde ka asɛmpa no, sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya nnipa bebree. Yɛyɛ saa a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ani begye.

N’AGYA DIN A ƐHO BƐTEW NTI, ƆTEW NISU

Sɛ worehu amane a, fa nkotosrɛ kɔ Yehowa anim sɛnea Yesu yɛe no (Hwɛ nkyekyɛm 15-17) *

15. Sɛnea asɛm a ɛwɔ Luka 22:39-44 kyerɛ no, anadwo a ade rebɛkye ama Yesu awu no, dɛn na esii?

15 Nisan 14, afe 33 Y.B. mu anadwo no, Yesu kɔɔ Getsemane turom. Ɔkɔɔ hɔ no, ɔkaa ne komam asɛm kyerɛɛ Yehowa. (Kenkan Luka 22:39-44.) Ɛyɛ saa bere a na nneɛma mu ayɛ den ama Yesu no na “ɔnam nteɛm a emu yɛ den ne nisu so de nkotosrɛ” kɔɔ n’Agya anim no. (Heb. 5:7) Dɛn na Yesu bɔɔ ho mpae anadwo a ade rebɛkye ama wawu no? Ɔbɔɔ mpae sɛ, Yehowa nhyɛ no den mma onni no nokware nkosi ase, na ɔnyɛ n’apɛde. Yehowa tiee ne Ba no mpaebɔ no, efisɛ ohui sɛ ɔrehu amane, enti ɔsomaa ɔbɔfo ma ɔkɔhyɛɛ no den.

16. Bere a Yesu rebɔ mpae wɔ Getsemane turom hɔ no, adɛn nti na na ne ho yeraw no?

16 Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a Yesu rebɔ mpae wɔ Getsemane turom hɔ no, ɔtew nisu; sɛnea na nkurɔfo bebu no sɛ ɔka abususɛm no, sɛ ɛho asɛm besi ne tirim a, na biribi reyɛ no. Afei nso, na onim sɛ ɛho hia paa sɛ odi nokware kosi awiei, sɛnea ɛbɛyɛ a n’Agya din ho bɛtew. Sɛ worehyia ɔhaw bi a ɛma ɛyɛ den sɛ wubedi Yehowa nokware a, dɛn na wubetumi asua afi nisu a Yesu tewee no mu? Yɛnhwɛ asuade foforo mmiɛnsa.

17. Yɛhwɛ sɛnea Yehowa buaa mpae a Yesu fi ne komam bɔe no a, dɛn na yebetumi asua afa Yehowa ho?

17 Yehowa tie wo nkotosrɛ. Adesrɛ a Yesu fi ne komam de too Yehowa anim no, otiei. Adɛn nti na otiee no? Efisɛ ade a na ehia Yesu paa ne sɛ obedi n’Agya nokware akosi ase, na watew ne din ho. Yɛn nso, sɛ ade a ehia yɛn paa ne sɛ yebedi Yehowa nokware akosi ase, na yɛatew ne din ho a, ɛnde yɛbɔ mpae sɛ ɔmmoa yɛn a, obetie.—Dw. 145:18, 19.

18. Ɔkwan bɛn so na Yesu te sɛ adamfo a ɔte wo ase?

18 Yesu nim sɛnea wote nka. Sɛ worefa ɔhaw bi mu, na wunya adamfo a ɔte wo ase ma ɔkyekye wo werɛ a, ɛma w’ani gye paa. Sɛ w’adamfo no afa ɔhaw a worehyia no bi mu pɛn a, ɛno de ɛboa paa. Yesu ne saa adamfo no. Sɛ obi yɛ mmerɛw na ohia mmoa a, Yesu nim sɛnea ɛte. Onim yɛn mmerɛwyɛ, na ɔbɛhwɛ ama yɛn nsa aka mmoa biara a yehia “bere a ɛsɛ mu.” (Heb. 4:15, 16) Sɛnea Yesu maa ɔbɔfo boaa no wɔ Getsemane turom hɔ no, yɛn nso, ɛsɛ sɛ yɛyɛ krado sɛ mmoa biara a Yehowa de bɛma yɛn no, yebegye atom. Sɛ ɛyɛ biribi a yɛakan wɔ yɛn nhoma no bi mu oo, video bi a yɛahwɛ oo, ɔkasa bi a yɛatie oo, asafo mu panyin, anaa yɛn adamfo bi a ne ho akokwaw nsrahwɛ a ɛhyɛ nkuran oo, ɛsɛ sɛ yegye tom.

19. Sɛ worehyia ɔhaw bi a ɛma ɛyɛ den sɛ wubedi Onyankopɔn nokware a, dɛn na ebetumi ahyɛ wo den? Ma ɛho nhwɛso.

19 Yehowa bɛma wo “Onyankopɔn asomdwoe.” Ɔkwan bɛn so na Yehowa bɛhyɛ yɛn den? Sɛ yɛbɔ mpae a, yebenya “Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro ntease nyinaa so.” (Filip. 4:6, 7) Asomdwoe a Yehowa de ma yɛn no ka yɛn koma to yɛn yam, na ɛma yetumi dwen yiye. Hwɛ sɛnea onuawa bi a ne din de Luz hui sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ a metaa te nka sɛ mayɛ ankonam. Ɛtɔ da a, ɛma mete nka sɛ Yehowa nnɔ me. Ɛba saa a, ntɛm ara na maka sɛnea mete nka no akyerɛ Yehowa. Mebɔ mpae a, na me ho adwo me fɔmm.” Onuawa yi suahu ma yehu sɛ mpaebɔ betumi ama yɛanya asomdwoe.

20. Dɛn na yɛasua afi nisu a Yesu tewee no mu?

20 Hwɛ asuade a ɛhyɛ nkuran nko ara a yɛanya afi nisu a Yesu tewee no mu! Yɛahu sɛ, ɛsɛ sɛ yɛboa yɛn nnamfo a wɔredi awerɛhow. Afei, ɛsɛ sɛ yenya Yehowa ne Yesu mu ahotoso sɛ, sɛ yɛn dɔfo bi wu a, wɔbɛboa yɛn. Adesua yi akanyan yɛn ama yɛahu sɛ, ɛsɛ sɛ yenya ayamhyehye de ka asɛmpa no na yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo efisɛ Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo wɔ ayamhyehye. Afei nso, yɛabehu sɛ Yehowa ne ne Dɔba no nim sɛnea yɛte nka, wɔte yɛn mmerɛwyɛ ase, na wɔpɛ sɛ wɔboa yɛn ma yegyina ɔhaw a yɛrehyia ano. Momma yɛnkɔ so mfa nea yɛasua no nyɛ adwuma, kosi sɛ Yehowa bɛma ne bɔhyɛ nwonwaso no abam. Wahyɛ bɔ sɛ, ‘ɔbɛpopa yɛn aniwa mu nisu nyinaa.’—Adi. 21:4.

DWOM 120 Suasua Kristo Efisɛ Odwo

^ Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɛtɔ mmere bi a, na awerɛhow tumi hyɛ ne so ara ma ɔtew nisu. Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ tebea ahorow mmiɛnsa bi a ɛmaa Yesu tew nisu, na yɛahwɛ nea yebetumi asua afi mu.

^ Wɔasesa edin ahorow no bi.

^ MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Sɛnea na Maria ne Marta redi awerɛhow no kaa Yesu ma ɔkyekyee wɔn werɛ. Yɛn nso, sɛ obi dɔfo wu a, yebetumi akyekye ne werɛ.

^ MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yesu nyaa bere de kyerɛkyerɛɛ Nikodemo anadwo. Ɛsɛ sɛ yɛne nkurɔfo sua Bible bere a eye ma wɔn.

^ MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Yesu bɔɔ mpae sɛ Yehowa nhyɛ no den ma onni no nokware nkosi ase. Yɛn nso, sɛ yehyia sɔhwɛ a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ara.