Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 1

“Wɔn a Wɔhwehwɛ Yehowa No De, Adepa Biara Remmɔ Wɔn”

“Wɔn a Wɔhwehwɛ Yehowa No De, Adepa Biara Remmɔ Wɔn”

AFE 2022 AFE ASƐM: “Wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no de, adepa biara remmɔ wɔn.”​—DW. 34:10.

DWOM 4 “Yehowa Ne Me Hwɛfo”

NEA YƐREBESUA *

Bere a Dawid refa amanehunu mu mpo no, ɔtee nka sɛ ‘adepa biara ammɔ no’ (Hwɛ nkyekyɛm 1-3) *

1. Ɔhaw bɛn na Dawid kɔɔ mu?

 NÁ DAWID reguan apere ne nkwa. Saa bere no, na Israel hene Saul a ɔwɔ akyitaafo bebree no awe ataa so sɛ obekum no. Bere a ɔkɔm dee Dawid no, ɔkɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Nob mu kɔsrɛe sɛ wɔmma no paanoo nnum. (1 Sam. 21:1, 3) Akyiri yi, ɔne ne mmarima no nyaa ɔbodan bi kɔbɔɔ wɔn ho aguaa wɔ mu. (1 Sam. 22:1) Ɛyɛɛ dɛn na Dawid kɔɔ saa ɔhaw yi mu?

2. Dɛn na Saul yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ogyina nea ɛhɔ yɛ toro? (1 Samuel 23:16, 17)

2 Dawid dii nkonim wɔ akodi bebree mu. Wei maa nkurɔfo pii bɛpɛɛ n’asɛm, na wɔkamfoo no. Ɛno nti, na ahoɔyaw rekum Saul. Afei nso, na Saul nim sɛ ɔno ankasa asoɔden nti na Yehowa poo no sɛ Israel hene, na ɔpaw Dawid sɛ ommesi n’anan. (Kenkan 1 Samuel 23:16, 17.) Nanso, esiane sɛ na Saul da so ara yɛ Israel hene nti, na ɔwɔ asraafodɔm ne akyitaafo bebree. Wei nti, na ɛsɛ sɛ Dawid guan pere ne nkwa. Nea na Saul reyɛ no, na odwen sɛ obetumi ako atia Onyankopɔn nhyehyɛe, na wayɛ ara ma ahenni no abɔ Dawid anaa? (Yes. 55:11) Bible no nka, nanso nea yenim ne sɛ: Nea na Saul reyɛ no kyerɛ sɛ na ɔnenam baabi a ɛhɔ yɛ toro. Obiara a ɔko tia Onyankopɔn no, ke ara ne ke, obedi ntwo!

3. Nea na Dawid refa mu nyinaa akyi no, ɔtee nka sɛn?

3 Ná Dawid ani mmere tumidi. Ɛnyɛ ɔno ara na ɔkaa sɛ, ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ Israel hene. Yehowa na ɔpaw no. (1 Sam. 16:1, 12, 13) Dawid bɛyɛɛ Saul tamfo kɔkɔkɔkɔ. Nanso Dawid ammɔ Yehowa sobo sɛ, ɔno na ɔde ne nkwa ato asiane mu. Wannwiinwii nso sɛ, Yehowa na wama ɔkɔm ade no na ɔda ɔbodan mu. Mmom, dwom dɛdɛɛdɛ a emu nsɛm no bi na yɛn adesua yi gyina so no, ɛbɛyɛ sɛ ɔwɔ ɔbodan no mu no na ɔhyehyɛ de yii Yehowa ayɛ. Ɛka sɛ: “Wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no de, adepa biara remmɔ wɔn.”​—Dw. 34:10.

4. Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho, na adɛn nti na ɛho hia?

4 Ɛtɔ da a, Yehowa asomfo pii di kɔm, na wɔn ho tumi kyere wɔn. * Nsanyare a ɛtew sii wiase nyinaa nnansa yi koraa de, ama asɛm no asɛe koraa. Afei, “ahohiahia kɛse” a ɛrebobɔ ba no nti, yɛhwɛ kwan sɛ nneɛma mu bɛyɛ den koraa asen nea yɛrefa mu yi. (Mat. 24:21) Saa nsɛm no wɔ yɛn adwene mu no, momma yensusuw nsɛmmisa nnan yi ho: Ɔkwan bɛn so na ‘adepa biara ammɔ’ Dawid? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ? Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛhwɛ yɛn? Yɛbɛyɛ dɛn asiesie yɛn ho ama nea ɛda yɛn anim no?

“HWEE RENHIA ME”

5-6. Dawid kaa sɛ, “adepa biara remmɔ” Onyankopɔn asomfo. Sɛn na Dwom 23:1-6 boa yɛn ma yɛte nea na ɔrepɛ akyerɛ no ase?

5 Bere a Dawid kaa sɛ, “adepa biara remmɔ” Onyankopɔn asomfo no, dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ? Ɔkaa asɛm bi a ɛne wei di nsɛ wɔ Dwom 23. Sɛ yesusuw ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛahu asɛm no ani so. (Kenkan Dwom 23:1-6.) Dawid fii Dwom 23 no ase sɛ: “Yehowa ne me Hwɛfo. Hwee renhia me.” Wohwɛ dwom no mu nsɛm a aka no a, Dawid kaa nneɛma bi a ɛho hia paa ho asɛm. Esiane sɛ na Yehowa yɛ ne Hwɛfo nti, onyaa honhom fam nhyira pii. Yehowa ‘de no faa ɔkwantrenee so,’ na ɔboaa no mmere pa ne mmere bɔne nyinaa mu. Ɛwom, Dawid kaa sɛ ɔda Yehowa “adidibea a ɛhɔ wura yɛ frɔmfrɔm,” nanso na ɛno nkyerɛ sɛ ɔne ɔhaw abɔ nsianho. Ɛtɔ da a, na n’abam tumi bu te sɛ nea ɔnam “obon a emu yɛ sum kabii mu.” Afei nso, na atamfo betumi ahaw no. Nanso, esiane sɛ na Yehowa ne Dawid Hwɛfo nti, na ‘onsuro bɔne biara.’

6 Enti yɛn asɛmmisa a ɛne sɛ: Ɔkwan bɛn so na ‘adepa biara ammɔ’ Dawid? no, ɛho mmuae ni. Ná ɔwɔ biribiara a ɛbɛboa no ama ɔne Onyankopɔn ayɔnkofa mu ayɛ den. Ná onhia honam fam nneɛma bebree na ama n’ani agye. Biribiara a Yehowa de maa no no, n’ani sɔe. Nea na ehia no paa ne Onyankopɔn nhyira ne n’ahobammɔ.

7. Sɛnea Luka 21:20-24 ma yehu no, ɔhaw bɛn na Kristofo a na wɔte Yudea no hyiae?

7 Nsɛm a Dawid kyerɛwee no ma yehu sɛ, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na honam fam nneɛma ammɛyɛ ade titiriw wɔ yɛn asetena mu. Biribiara a yɛwɔ no, yebetumi de adwudwo yɛn ho, nanso ɛnsɛ sɛ ɛbɛyɛ ade a ɛho hia yɛn paa wɔ yɛn abrabɔ mu. Kristofo a na wɔte Yudea no bɛtee saa nokwasɛm titiriw yi ase. (Kenkan Luka 21:20-24.) Yesu bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ bere bi bɛba a, ‘asraafodɔm betwa Yerusalem ho ahyia.’ Ɛba saa a, na ɛsɛ sɛ ‘wofi ase guan kɔ mmepɔw so.’ Guan a wobeguan no, ɛno na na ɛbɛma wɔanya nkwa, nanso na wobegyaw wɔn nneɛma bebree hɔ. Bere bi, Ɔwɛn-Aban no kaa sɛ: “Wogyaw wɔn mfuw ne wɔn afie, na wɔamfa wɔn agyapade a ɛwɔ fie mpo. Bere a na wɔwɔ Yehowa ahobammɔ ne ne mmoa mu ahotoso no, wɔde ne som dii biribi foforo biara a na ɛte sɛ nea ɛho hia no kan.”

8. Nea ɛtoo Kristofo a na wɔte Yudea no, ade titiriw bɛn na yebetumi asua afi mu?

8 Nea ɛtoo Kristofo a na wɔte Yudea no, ade titiriw bɛn na yebetumi asua afi mu? Ɔwɛn-Aban a yɛfaa mu asɛm kae no kaa sɛ: ‘Sɛnea yebu honam fam nneɛma no, ebia daakye yebehyia ho sɔhwɛ; so ɛno ne ade a ɛho hia sen biara, anaasɛ nkwagye a wɔn a wogyina Onyankopɔn afã benya no na ɛho hia kɛse? Yiw, awiei no ba a, ebetumi ama yɛn ho akyere yɛn na ama yɛahwere nneɛma bi. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ krado sɛ yɛbɛyɛ nea ɛho hia sɛ yɛyɛ biara sɛnea yɛn mfɛfo a woguan fii Yudea yɛe.’ *

9. Afotu a ɔsomafo Paul de kɔmaa Hebrifo no, sɛn na ɛhyɛ wo nkuran?

9 Wohwɛ a, na ɛbɛyɛ mmerɛw ama Kristofo no sɛ wobegyaw biribiara hɔ akɔ obi man so akofi abrabɔ ase foforo anaa? Ná egye gyidi na wɔatumi de wɔn ho ato Yehowa so sɛ ɔbɛma wɔn nea wohia. Nanso, wonyaa biribi a na ɛbɛboa wɔn. Mfe nnum ansa na Roma asraafo rebetwa Yerusalem ho ahyia no, ɔsomafo Paul de afotu bi a ɛho hia paa maa Hebrifo no. Ɔkaa sɛ: “Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu, mmom momma mo ani nsɔ nea mowɔ. Efisɛ waka sɛ: ‘Merennyaw wo da, na merennan m’akyi nkyerɛ wo da biara da.’ Ɛma yenya akokoduru ka sɛ: ‘Yehowa ne me boafo; merensuro. Dɛn na onipa betumi ayɛ me?’” (Heb. 13:5, 6) Ɛda adi sɛ, wɔn a wotiee Paul afotu no ansa na Romafo no rebɛtow ahyɛ Yerusalem so no, ɛyɛɛ mmerɛw maa wɔn sɛ wɔbɛyɛ wɔn ho awiɛmfoɔ wɔ kurow foforo a wɔkɔɔ so no. Ná wɔwɔ awerɛhyem sɛ, Yehowa bɛma wɔn nsa aka nea wohia. Paul nsɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ, yɛn nso, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛhwɛ yɛn.

“YƐBƐMA ƐNO ARA ASƆ YƐN ANI”

10. Afotu bɛn na Paul de maa yɛn?

10 Afotu koro no ara na Paul de maa Timoteo, na ɛkɔ ma yɛn nso. Ɔkyerɛwee sɛ: “Enti sɛ yɛwɔ nea yebedi ne nea yɛbɛhyɛ a, yɛbɛma ɛno ara asɔ yɛn ani.” (1 Tim. 6:8) Wohwɛ a, wei kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ yetwa yɛn anom kakra mpo, yɛtena dan papa mu, anaa ɛwom ara a, yɛtɔ ntaade foforo? Ɛnyɛ saa na na Paul repɛ akyerɛ. Nea na ɔreka ne sɛ, nea yɛwɔ biara, ɛsɛ sɛ yɛma ɛno ara sɔ yɛn ani. (Filip. 4:12) Ɛno ne afotu a Paul de maa yɛn. Yɛn agyapade a ɛsom bo paa nyɛ honam fam nneɛma a yɛwɔ, na mmom yɛne Onyankopɔn ayɔnkofa.​—Hab. 3:17, 18.

Mfe 40 a Israelfo de nantew sare no so nyinaa, ‘hwee anhia wɔn.’ Ɛnnɛ, yɛn nso, nea yɛwɔ biara, yɛbɛma yɛn ani asɔ anaa? (Hwɛ nkyekyɛm 11) *

11. Sɛ yɛhwɛ nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israelfo no a, nea yɛwɔ a yɛbɛma asɔ yɛn ani ho asuade bɛn na ɛwom?

11 Nea ɛyɛ yɛn sɛ yehia no, ebia ɛnyɛ saa na Yehowa hu no. Bere a Israelfo no nantew sare no so mfe 40 akyi no, hwɛ nea Mose ka kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa sɛ: “Nea moayɛ nyinaa Yehowa mo Nyankopɔn ahyira so. Onim sɛnea moanantew sare kɛse yi so. Yehowa mo Nyankopɔn adi mo akyi mfe 40 yi nyinaa, na hwee nhiaa mo.” (Deut. 2:7) Saa mfe 40 no nyinaa, Yehowa maa Israelfo no mana dii. Ntaade a wɔrefi Egypt na ɛhyɛ wɔn no, antetew da. (Deut. 8:3, 4) Ebia ebinom bɛka sɛ, na nneɛma a wɔwɔ no sua, nanso Mose kaee wɔn sɛ, na biribiara nhia wɔn. Sɛ yɛma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ a, ɛma Yehowa ani gye. Nneɛma nketenkete a ɔde ma yɛn mpo, ɔpɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ, na yebu no sɛ akyɛde a efi ne hɔ.

NYA AWERƐHYEM SƐ YEHOWA BƐHWƐ WO

12. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Dawid amfa ne ho anto ne ho so, na mmom ɔde ne ho too Yehowa so?

12 Ná Dawid nim sɛ Yehowa yɛ ɔnokwafo, na wɔn a wɔdɔ no no, onsi wɔn fam koraa. Ɛwom, bere a na Dawid rekyerɛw Dwom a ɛto so 34 no, na ne nkwa da asiane mu. Nanso, esiane sɛ na ɔwɔ gyidi nti, ohui sɛ, ‘Yehowa bɔfo rebɔ ne ho ban.’ (Dw. 34:7) Ɛbɛyɛ sɛ, Dawid de Yehowa bɔfo no totoo ɔsraani bi a ɔrewɛn wɔ wuram ho; bere nyinaa ɔhwɛ sɛ ɔtamfo bi mmefu ne mu. Ná Dawid ankasa nim akodi yiye, na na Yehowa nso ahyɛ no bɔ sɛ ɔde ahenni no bɛma no. Nanso, Dawid annya adwene sɛ, ɔno ara betumi de tae anaa sekan adi ne tamfo no so nkonim. (1 Sam. 16:13; 24:12) Dawid de ne ho too Onyankopɔn so, na na onim sɛ Yehowa bɔfo ‘gye wɔn a wosuro no.’ Ɛnnɛ, yɛnhwɛ kwan sɛ Yehowa bɛbɔ yɛn ho ban anwonwakwan so. Nanso yenim sɛ, sɛ obi de ne ho to Yehowa so na owu mpo a, obenya daa nkwa.

Ahohiahia kɛse no mu no, aman bi a wɔaka wɔn ho abom a wɔne Gog a ofi Magog bɛyɛ sɛ wɔbɛtow ahyɛ yɛn so wɔ yɛn afie mu. Nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ, Yesu ne n’abɔfo no ani tua nea ɛrekɔ so no nyinaa, na wobetwitwa agye yɛn (Hwɛ adesua asɛm 1, nkyekyɛm 13)

13. Sɛ Gog a ofi Magog no tow hyɛ yɛn so a, adɛn nti na anhwɛ a wobɛka sɛ yenni ahobammɔ, nanso awerɛhyem bɛn na yebetumi anya? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban yi anim no.)

13 Ahotoso a yɛwɔ sɛ Yehowa betumi abɔ yɛn ho ban no, ɛrenkyɛ koraa, yebehyia ho sɔhwɛ. Sɛ aman bi a wɔaka wɔn ho abom a wɔne Gog a ofi Magog no tow hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so a, ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ yɛawu awie ara ne sa. Saa bere no, ɛsɛ sɛ yenya awerɛhyem sɛ, sɛ ɛdan sɛ bo a, Yehowa begye yɛn. Amanaman no de, wobehu yɛn sɛ nguan a wonni ahobammɔ biara. (Hes. 38:10-12) Yɛn a, yenni akode; yɛn nso a, yensuaa akodi. Ɛbɛyɛ amanaman no sɛ wɔbɛfa yɛn sɛ nwa. Wonnim sɛ Yehowa abɔfo mpempem bebree ayɛ krado sɛ wɔbɛbɔ Onyankopɔn nkurɔfo ho ban. Nanso yɛn de, yenim, efisɛ yɛwɔ gyidi. Amanaman no nni Onyankopɔn mu gyidi biara. Sɛ ɔsoro asafodɔm no betwitwa gye yɛn a, ɛbɛyɛ wɔn sɛ sini!​—Adi. 19:11, 14, 15.

SIESIE WO HO ƐNNƐ MA DAAKYE

14. Dɛn na yebetumi ayɛ nnɛ de asiesie yɛn ho ama daakye?

14 Dɛn na yebetumi ayɛ nnɛ de asiesie yɛn ho ama daakye? Nea edi kan, ɛnsɛ sɛ yɛma honam fam nneɛma bɛyɛ ade titiriw wɔ yɛn asetena mu efisɛ bere bi bɛba a, yɛbɛdan agya. Afei nso, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ biara, na yɛma yɛn ani gye paa sɛ yɛne Yehowa afa adamfo. Sɛ yehu Onyankopɔn yiye a, ɛbɛma yɛanya awerɛhyem paa sɛ, sɛ Gog a ofi Magog no tow hyɛ yɛn so a, Yehowa bɛbɔ yɛn ho ban.

15. Dawid yɛ aberantewaa no, dɛn na ɛkɔɔ so wɔ n’asetenam a ɛma ohui sɛ Yehowa renni no huammɔ da?

15 Momma yɛnhwɛ ade foforo a ɛboaa Dawid a ebetumi aboa yɛn nso ama yɛasiesie yɛn ho ama sɔhwɛ. Dawid kaa sɛ: “Monka nhwɛ na munhu sɛ Yehowa ye; anigye ne onipa a ɔde no yɛ ne guankɔbea.” (Dw. 34:8) Saa nsɛm no ma yehu nea enti a na Dawid nim sɛ Yehowa betumi aboa no no. Daa na Dawid de ne ho to Yehowa so; Onyankopɔn nso anni no huammɔ da. Dawid yɛ aberantewaa no, ɔne Filistini Goliat, ɔbran a wakwadare akodi mu no de sii ani. Ɔka kyerɛɛ Goliat sɛ: “Ɛnnɛ yi ara, Yehowa de wo bɛhyɛ me nsa.” (1 Sam. 17:46) Akyiri yi, Dawid kɔsom Ɔhene Saul. Saul bɔɔ mmɔden mpɛn pii sɛ obekum no, nanso na ‘Yehowa di Dawid akyi.’ (1 Sam. 18:12) Esiane sɛ Yehowa boaa Dawid bere bi a atwam nti, na onim sɛ Yehowa betwitwa agye no wɔ sɔhwɛ a ɔrehyia no mu.

16. Nneɛma pɔtee bɛn na yebetumi ayɛ de ‘aka’ Yehowa papayɛ ahwɛ?

16 Biribiara a yɛreyɛ no nnɛ no, sɛ yɛbɔ mmɔden hwehwɛ Yehowa akwankyerɛ a, ɛbɛma yɛanya awerɛhyem paa sɛ, obetumi atwitwa agye yɛn daakye. Egye gyidi ne Yehowa mu ahotoso na yɛasrɛ kwan wɔ yɛn adwumawura hɔ akɔ ɔmantam anaa ɔmansin nhyiam. Afei nso, ebia na yentumi nkɔ adesua ahorow no nyinaa anaa yennya bere pii mfa nyɛ asɛnka adwuma no. Sɛ saa a, yebehia gyidi na yɛatumi aka akyerɛ yɛn adwumawura sɛ ɔnyɛ nsakrae wɔ bere a yɛde yɛ adwuma no mu. Yɛmfa no sɛ yɛn adwumawura ampene yɛn adesrɛ no so, enti yɛn adwuma afi yɛn nsa. So yegye di paa sɛ Yehowa rennyaw yɛn, na ɔrennan n’akyi nkyerɛ yɛn da biara da, na daa ɔbɛma yɛn nsa aka nea yehia anaa? (Heb. 13:5) Anuanom a ɛwɔ bere nyinaa som adwuma no mu no, wɔn mu bebree anya osuahu a ɛma yehu sɛnea Yehowa boaa wɔn bere a na wohia ne mmoa paa no. Yehowa yɛ ɔnokwafo.

17. Dɛn ne afe 2022 afe asɛm no, na adɛn nti na ɛfata?

17 Sɛ Yehowa ka yɛn ho a, ɛnsɛ sɛ yesuro nea ebesi daakye. Sɛ yɛde Ahenni no di kan wɔ yɛn asetenam nko ara de a, yɛn Nyankopɔn no remma yɛn nsa nsi fam da. Akwankyerɛ Kuw no pɛ sɛ yehu sɛ, ɛho hia paa sɛ yesiesie yɛn ho nnɛ ma mmere bɔne a ɛrebobɔ ba no. Afei nso, wɔpɛ sɛ yenya Yehowa mu ahotoso sɛ ɔbɛkɔ so ahwɛ yɛn. Ɛno nti na wɔapaw Dwom 34:10 sɛ afe 2022 afe asɛm no. Ɛhɔ ka sɛ: “Wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no de, adepa biara remmɔ wɔn.”

DWOM 38 Ɔbɛma Woayɛ Den

^ Yeyii afe 2022 afe asɛm no fii Dwom 34:10. Ɛhɔ ka sɛ: “Wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no de, adepa biara remmɔ wɔn.” Yehowa asomfo anokwafo bebree wɔ hɔ a, wɔnhyɛ da nni bi. Sɛ saa a, adɛn nti na yebetumi aka sɛ ‘adepa biara mmɔɔ wɔn’? Sɛ yɛte kyerɛwsɛm yi ase a, sɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho ama mmere a emu yɛ den a ɛda yɛn anim no?

^ Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛbaa September 15, 2014 Ɔwɛn-Aban mu no.

^ Hwɛ May 1, 1999, Ɔwɛn-Aban, kr. 19.

^ MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Dawid guan kɔbɔɔ ne ho aguaa wɔ ɔbodan mu sɛnea ɛbɛyɛ a Ɔhene Saul rennya no nkum no. Ɛhɔ mpo no, n’ani sɔɔ nea Yehowa de maa no no.

^ MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Israelfo fii Egypt no, Yehowa maa wɔn mana dii, na wɔn ntaade nso antetew.