Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 5

“Ɔdɔ a Kristo Wɔ No Hyɛ Yɛn”

“Ɔdɔ a Kristo Wɔ No Hyɛ Yɛn”

“Ɔdɔ a Kristo wɔ no hyɛ yɛn . . . sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase no rentena ase mma wɔn ho bio.”—2 KOR. 5:14, 15.

DWOM 13 Kristo Yɛ Yɛn Nhwɛsofo

NEA YƐREBESUA a

1-2. (a) Sɛ yedwinnwen Yesu asetena ne ne som adwuma ho a, sɛn na ebetumi ama yɛate nka? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

 SƐ YƐN dɔfo bi wu a, yɛn ani gyina no papaapa! Bere a yɛn dɔfo no rebewu no, ɛnkanka sɛ ɔfaa ateetee mu ansa na ɔrewu a, mfiase no de, sɛ yɛkae a, ebetumi ayɛ yɛn yaw paa. Nanso, bere rekɔ so no, sɛ yɛkae biribi a ɔkyerɛɛ yɛn, biribi a ɔyɛe, asɛm bi a ɔka de hyɛɛ yɛn nkuran, anaa asɛm bi a ɔka ma yɛserewee a, ebetumi ama yɛn ani asan agye.

2 Yesu nso, amanehunu a ɔfaa mu ansa na ɔrewu no, yɛkan ho asɛm a, ɛma yɛn werɛ how paa. Sɛnea Yesu agyede afɔre no som bo ma yɛn no, edu Nkaedi bere no a, yɛhyɛ da yi bere si hɔ de dwinnwen ho. (1 Kor. 11:24, 25) Nanso, asɛm biara a Yesu kae ne nea ɔyɛe nyinaa bere a ɔwɔ asaase so no, sɛ yesusuw ho a, ɛma yɛn ani gye paa. Afei nso, nea ɔreyɛ seesei ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn daakye no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛhyɛ yɛn nkuran paa. Sɛnea yebehu wɔ adesua yi mu no, saa nneɛma yi nyinaa ne ɔdɔ a Yesu ada no adi akyerɛ yɛn no, sɛ yedwinnwen ho a, ɛbɛkanyan yɛn ma yɛayɛ nneɛma pɔtee bi de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ.

ANISƆ KANYAN YƐN MA YEDI YESU AKYI

3. Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ agyede no ho anisɔ?

3 Sɛ yedwinnwen Yesu asetena ne ne wu ho a, ɛma yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn no. Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asaase so no, ɔmaa nkurɔfo huu nhyira a Onyankopɔn Ahenni no de bɛba. Nokwasɛm ahorow yi a ɛfa Ahenni no ho no, yɛn ani sɔ paa. Yɛn ani sɔ agyede no paa, efisɛ ebue kwan ma yetumi ne Yehowa ne Yesu fa adamfo denneennen. Wɔn a wɔnya Yesu mu gyidi no nso wɔ anidaso sɛ wɔbetumi atena ase daa, na wɔasan ahu wɔn adɔfo a wɔawuwu no bio. (Yoh. 5:28, 29; Rom. 6:23) Yɛnyɛɛ biribiara a enti ɛfata sɛ yenya saa nhyira yi nyinaa. Nea Onyankopɔn ne Kristo ayɛ ama yɛn no nso, yɛrentumi ntua wɔn ka da. (Rom. 5:8, 20, 21) Nanso, yebetumi ama wɔahu sɛ yɛn ani sɔ nea wɔayɛ ama yɛn no paa. Yɛbɛyɛ no sɛn?

Sɛ wudwinnwen nea Maria Magdalene yɛe no ho a, sɛn na ɛbɛkanyan wo ama woakyerɛ anisɔ? (Hwɛ nkyekyɛm 4-5)

4. Dɛn na Maria Magdalene yɛ de kyerɛe sɛ na n’ani sɔ nea Yesu ayɛ ama no no? (Hwɛ mfoni no.)

4 Momma yɛnhwɛ Yudani bea bi a ne din de Maria Magdalene. Ná ahonhommɔne nson reteetee no, enti ɛma ohuu amane paa. Ɛbɛyɛ sɛ ɔtee nka sɛ anidaso biara nni hɔ. Bere a Yesu ma ɔdee ne ho fii ahonhommɔne no ho no, wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ ne dɛ afa! Anisɔ a onyae no pusuw no ma odii Yesu akyi, na ɔde ne bere, n’ahoɔden, ne n’ahode boaa Yesu wɔ ɔsom adwuma no mu. (Luka 8:1-3) Ɛwom, nea Yesu yɛ maa Maria no, n’ani sɔe paa, nanso ɛbɛyɛ sɛ na onnim sɛ daakye Yesu bɛkyɛ no biribi a ɛsen saa mpo. Ná Yesu de ne nkwa bɛto hɔ ama adasamma, “na obiara a ogye no di no” atumi anya daa nkwa. (Yoh. 3:16) Maria dii Yesu nokware de kyerɛe sɛ n’ani sɔ nea wayɛ ama no no. Bere a Yesu rehu amane wɔ asɛndua so no, na Maria gyina hɔ, efisɛ na odwen Yesu ho, na na ɔpɛ sɛ ɔkyekye afoforo nso werɛ. (Yoh. 19:25) Yesu wui no, Maria ne mmea mmienu kɔɔ ɔda no so de aduhuam kɔsraa n’amu no ansa na wɔresie no. (Mar. 16:1, 2) Maria nokwaredi nti, Yehowa hyiraa no paa. Bere a Yesu nyan fii awufo mu no, Maria nyaa hokwan ne no hyia bɔɔ nkɔmmɔ. Wei yɛ hokwan a asuafo dodow no ara annya bi.—Yoh. 20:11-18.

5. Biribiara a Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn no, yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ ho anisɔ?

5 Yɛn nso, biribiara a Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn no, yebetumi akyerɛ ho anisɔ; yebetumi de yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn ahode aboa Yehowa adwuma. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, yebetumi atu yɛn ho ama akɔboa ma wɔasisi adan a yɛde som Yehowa anaa yɛaboa ma wɔasiesie.

ƆDƆ A YƐWƆ MA YEHOWA NE YESU KANYAN YƐN MA YƐDƆ AFOFORO

6. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ agyede no yɛ akyɛde a Yehowa de ama yɛn mu biara?

6 Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa ne Yesu dɔ yɛn no a, ɛkanyan yɛn ma yɛn nso yɛdɔ wɔn bi. (1 Yoh. 4:10, 19) Sɛ yehu sɛ Yesu wu maa yɛn mu biara a, ɛno mpo ma yɛdɔ wɔn kɛse. Ɔsomafo Paul huu no saa, na bere a ɔrekyerɛw Galatifo no, ɔma wɔhui sɛ n’ani sɔ agyede no. Ɔkaa sɛ: ‘Onyankopɔn Ba no dɔɔ me na ɔde ne ho too hɔ maa me.’ (Gal. 2:20) Yehowa nam agyede no so atwe wo abɛn no, sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi abɛyɛ n’adamfo. (Yoh. 6:44) Ɛnyɛ wo dɛ sɛ Yehowa ahu biribi pa bi wɔ wo mu, na watɔ wo aboɔden sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi abɛyɛ n’adamfo anaa? Wei mma ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa ne Yesu no mu nyɛ den anaa? Ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Dɛn na saa ɔdɔ no hyɛ me sɛ menyɛ?’

Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne Kristo no kanyan yɛn ma yɛka Ahenni no ho asɛmpa kyerɛ nnipa ahorow nyinaa (Hwɛ nkyekyɛm 7)

7. Sɛnea yehu wɔ mfoni no mu no, dɛn na yɛn nyinaa betumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa ne Yesu? (2 Korintofo 5:14, 15; 6:1, 2)

7 Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne Yesu ka yɛn ma yɛdɔ afoforo. (Kenkan 2 Korintofo 5:14, 15; 6:1, 2.) Ade baako a yɛyɛ de kyerɛ yɛn dɔ ne sɛ, yɛde nsi ne ahokeka yɛ asɛnka adwuma no. Obiara a yehyia no biara yɛka asɛm no bi kyerɛ no. Yɛnhwɛ obi kɔla, abusua a ofi mu, sika a ɔwɔ, anaa ne dibea ansa na yɛaka asɛm no akyerɛ no. Yɛyɛ saa a, na yɛreyɛ Yehowa apɛde, efisɛ nea ɔpɛ ne sɛ ‘nnipa ahorow nyinaa benya nokware no ho nimdeɛ a edi mu.’—1 Tim. 2:4.

8. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom?

8 Sɛ yɛdɔ yɛn nuanom a, ɛno nso kyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn ne Kristo. (1 Yoh. 4:21) Sɛ wɔhyia sɔhwɛ a, yɛma wɔhu sɛ yedwen wɔn ho na yɛboa wɔn. Sɛ wɔn dɔfo bi wu a, yɛkyekye wɔn werɛ, wɔyare a, yɛkɔsra wɔn, na wɔn aba mu bu a, yɛyɛ nea yebetumi biara hyɛ wɔn nkuran. (2 Kor. 1:3-7; 1 Tes. 5:11, 14) Yɛkɔ so bɔ mpae ma wɔn efisɛ yenim sɛ “ɔtreneeni nkotosrɛ wɔ tumi kɛse.”—Yak. 5:16.

9. Dɛn bio na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom?

9 Ade foforo nso a yɛyɛ de kyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom ne sɛ, yɛyere yɛn ho ma asomdwoe tena yɛne wɔn ntam. Sɛnea Yehowa de bɔne kyɛ no, yemia yɛn ani suasua no. Yɛn bɔne nti, sɛ Yehowa fi ne pɛ mu maa ne Ba no bewu maa yɛn a, yɛn nso, sɛ yɛn nuanom yɛ yɛn bɔne a, wohwɛ a ɛnsɛ sɛ yeyi yɛn yam de kyɛ wɔn anaa? Yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ sɛ akoa bɔne a Yesu kaa ne ho asɛm wɔ ne mfatoho baako bi mu no. Bere a ne wura de ɛka kɛse a ɔde no kyɛɛ no no, ɔno de, ɛka ketewa a ne yɔnko akoa bi de no no, wamfa ankyɛ no. (Mat. 18:23-35) Sɛ mente-me-ho-ase bi wɔ wo ne asafo no muni bi ntam a, wubetumi atu anammɔn ne no akosiesie mo ntam ansa na woakɔ Nkaedi no anaa? (Mat. 5:23, 24) Woyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ wodɔ Yehowa ne Yesu paa.

10-11. Dɛn na asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔdɔ Yehowa ne Yesu? (1 Petro 5:1, 2)

10 Dɛn na asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔdɔ Yehowa ne Yesu? Ade baako a ehia sɛ wɔyɛ ne sɛ, wɔbɛhwɛ ama Yesu nguan nsa aka nea wɔhia. (Kenkan 1 Petro 5:1, 2.) Yesu maa ɔsomafo Petro hui sɛ ɛsɛ sɛ ɔma n’ani ku saa asɛde no ho. Bere a Petro yii Yesu mae mprɛnsa no, ɛbɛyɛ sɛ na ne ho pere no sɛ ɔbɛma Yesu ahu sɛ ɔdɔ no. Bere a Yesu nyan fii awufo mu akyi no, obisaa Petro sɛ: “Simon, Yohane ba, wodɔ me?” Yebetumi anya awerɛhyem sɛ na Petro bɛyɛ nea ehia biara sɛ ɔyɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ ne Wura. Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Yɛn me nguan nkumaa.” (Yoh. 21:15-17) Enti, Petro nkwa nna a aka no, oyii ne yam hwɛɛ Awurade nguan de kyerɛe sɛ ɔdɔ Yesu.

11 Mpanyimfo, Nkaedi bere no mu no, dɛn na mubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Petro no da mo koma so? Sɛ motaa ne anuanom bɔ na mohyɛ wɔn nkuran, na moyɛ nea mubetumi biara boa wɔn a wɔagyae asɛnka ne adesua kɔ ma wɔsan ba Yehowa nkyɛn a, ɛkyerɛ sɛ modɔ Yehowa ne Yesu paa. (Hes. 34:11, 12) Afei nso, Bible asuafo ne nnipa afoforo a wɔbɛba Nkaedi no, mubetumi ama mo ani aku wɔn ho, na moayɛ nea mubetumi biara ama wɔn ani aka, efisɛ yɛpɛ sɛ wɔbɛyɛ Yesu asuafo.

ƆDƆ A YƐWƆ MA YESU KANYAN YƐN MA YƐDA AKOKODURU ADI

12. Asɛm a Yesu kae anadwo a ade rebɛkye ama wawu no, adɛn nti na sɛ yedwinnwen ho a ɛbɛma yɛanya akokoduru? (Yohane 16:32, 33)

12 Anadwo a ade rebɛkye ama Yesu awu no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Mubehu amane wɔ wiase de, nanso munnya akokoduru! Madi wiase so nkonim.” (Kenkan Yohane 16:32, 33.) Bere a atamfo baa Yesu so no, dɛn na ɛboaa no ma onyaa akokoduru na odii nokware kosii owu mu? Ɔde ne ho too Yehowa so. Ná Yesu nim sɛ n’akyidifo behyia sɔhwɛ a ɛte saa, enti ɔsrɛɛ Yehowa sɛ ɔnhwɛ wɔn so. (Yoh. 17:11) Adɛn nti na wei ma yenya akokoduru? Efisɛ Yehowa ho yɛ den sen yɛn atamfo nyinaa. (1 Yoh. 4:4) Biribiara a ɛrekɔ so biara ohu. Yegye di sɛ, sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, ɔbɛboa yɛn ma yɛayi ehu afi yɛn mu, na yɛanya akokoduru.

13. Dɛn na Yosef a ofi Arimatea no yɛ de kyerɛe sɛ ɔwɔ akokoduru?

13 Momma yɛnhwɛ nea Yosef a ofi Arimatea no yɛe. Ná Yudafo no bu no paa. Ná ɔka Sanhedrin no ho; ɛno ne Yudafo asɛnnibea kɛse no. Nanso bere a Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ asaase so no, na Yosef nni akokoduru. Yohane kaa sɛ na Yosef ‘yɛ Yesu suani, a Yudafo no ho suro nti, wamma nkurɔfo anhu sɛ ɔyɛ osuani.’ (Yoh. 19:38) Ɛwom sɛ na Yosef ani gye Ahenni ho asɛmpa no ho, nanso wamma nkurɔfo anhu sɛ na ogye Yesu di. Ɛbɛyɛ sɛ na osuro sɛ, sɛ ɔma nkurɔfo hu sɛ ɔyɛ Yesu suani a, wɔremmu no bio. Nanso, Bible ma yehu sɛ Yesu wui no, Yosef de “akokoduru kɔɔ Pilato anim kɔsrɛe sɛ ɔmfa Yesu amu no mma no.” (Mar. 15:42, 43) Afei de, Yosef yii n’anim taa Yesu akyi; wanyɛ no sum ase bio.

14. Sɛ nnipa ho suro akyekyere wo a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

14 Sɛnea na Yosef suro nnipa no, saa ara na wote anaa? Wowɔ sukuu anaa adwuma mu a, ɛtɔ da a wofɛre sɛ wobɛma nkurɔfo ahu sɛ woyɛ Yehowa Danseni anaa? Esiane nea nkurɔfo bɛka afa wo ho nti, woretwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛyɛ ɔdawurubɔfo anaa wobɛbɔ asu? Mma biribiara nnsiw wo kwan sɛ wobɛyɛ nea wunim sɛ eye no. Fi wo komam bɔ Yehowa mpae. Srɛ no sɛ ɔmma wo akokoduru a wode bɛyɛ n’apɛde. Sɛ wuhu sɛnea Yehowa rebua wo mpaebɔ a, ɛbɛhyɛ wo den paa, na wubenya akokoduru kɛse.—Yes. 41:10, 13.

YƐWƆ ANIGYE A, ƐKANYAN YƐN MA YƐKƆ SO SOM YEHOWA

15. Bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo no, dɛn na anigye a wɔnyae no kanyan wɔn ma wɔyɛe? (Luka 24:52, 53)

15 Yesu wui no, asuafo no werɛ howee paa. Fa no sɛ na woka wɔn ho. Ɛnyɛ wɔn yɔnko berɛbo nko ara na na wɔahwere no, mmom na wɔte nka nso sɛ wɔn anidaso asa. (Luka 24:17-21) Nanso bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn no, ogyee bere boaa wɔn ma wɔhuu sɛnea Bible nkɔmhyɛ baa mu wɔ ne so. Ɔsan nso maa wɔn adwuma titiriw bi. (Luka 24:26, 27, 45-48) Adaduanan akyi a Yesu kɔɔ soro no, na awerɛhow a asuafo no redi no atew kɔ ma wɔredi ahurusi. Nim a na wɔnim sɛ wɔn Wura no te ase, na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa wɔn ma wɔayɛ adwuma a ɔde ahyɛ wɔn nsa no maa wɔn ani gyei. Anigye a wɔnyae no kanyan wɔn ma wɔkɔɔ so yii Yehowa ayɛ.—Kenkan Luka 24:52, 53; Aso. 5:42.

16. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu asuafo no?

16 Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu asuafo no? Ɛnyɛ Nkaedi bere no nko ara na yebetumi asom Yehowa ama yɛn ani agye, na mmom afe mũ no nyinaa nso. Wei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn Ahenni no di kan wɔ yɛn asetena mu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, anuanom bebree asesa bere a wɔde yɛ adwuma mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi akɔ asɛnka ne adesua, na wɔayɛ abusua som daa. Honam fam nneɛma a afoforo susuw sɛ ehia no, anuanom binom de abɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi ayɛ pii wɔ asafo no mu, anaa sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi akɔsom wɔ baabi a wɔhia adawurubɔfo pii. Ɛwom sɛ ehia sɛ yemia yɛn ani kɔ so som Yehowa, nanso Yehowa ahyɛ bɔ sɛ, sɛ yɛde Ahenni no di kan wɔ yɛn asetena mu a, obehyira yɛn paa.—Mmeb. 10:22; Mat. 6:32, 33.

Nkaedi bere no du a, yi bere si hɔ fa dwinnwen nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama wo no ho (Hwɛ nkyekyɛm 17)

17. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ wɔ Nkaedi bere yi mu? (Hwɛ mfoni no.)

17 Yɛbɛyɛ Nkaedi no Benada, April 4. Nanso, Yesu asetena ne ne wu, ne ɔdɔ a ɔne Yehowa ayi no adi akyerɛ yɛn no, ntwɛn mma saa da no nnnu ansa na woadwinnwen ho. Fa hokwan biara a wubenya no Nkaedi bere yi mu no yɛ saa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, nsɛm a wɔahyehyɛ a wɔato din “Nnawɔtwe a Etwa To Wɔ Yesu Asaase So Asetena Mu” no, yi bere si hɔ kenkan na dwinnwen ho. Wubehu wɔ Nkekaho B12 wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase no mu. Bere a woreyɛ saa no, Bible mu nsɛm a ɛbɛma woanya anisɔ, ɔdɔ, akokoduru, ne anigye kɛse no, fa w’adwene si so. Afei, hwehwɛ nneɛma pɔtee a wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama wo no. Biribiara a wobɛyɛ de akae Yesu wɔ Nkaedi bere yi mu no, nya awerɛhyem sɛ n’ani bɛsɔ.—Adi. 2:19.

DWOM 17 ‘Mepɛ na Mɛyɛ’

a Edu Nkaedi bere no a, ɛyɛ a wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ Yesu asetena ne ne wu, ne ɔdɔ a ɔne n’Agya ada no adi akyerɛ yɛn no, yennwinnwen ho. Yɛyɛ saa a, ebepusuw yɛn ama yɛayɛ biribi de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea wɔayɛ ama yɛn no. Adesua yi bɛma yɛahu nneɛma pɔtee bi a yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ agyede no ne ɔdɔ a Yehowa ne Yesu ayi no adi akyerɛ yɛn no. Afei nso, yebehu sɛnea adesua no bɛkanyan yɛn ma yɛadɔ yɛn nuanom, yɛada akokoduru adi, na yɛanya anigye wɔ yɛn som mu.