Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 4

Mmɔden a Yɛbɔ Sɛ Yɛbɛyɛ Nkaedi No, Yehowa Hyira So

Mmɔden a Yɛbɔ Sɛ Yɛbɛyɛ Nkaedi No, Yehowa Hyira So

“Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.”—LUKA 22:19.

DWOM 19 Awurade Anwummeduan

NEA YƐREBESUA a

1-2. Adɛn nti na afe biara yɛkɔ Nkaedi no?

 BƐYƐ mfe 2,000 a atwam ni no, Yesu de ne nkwa too hɔ maa yɛn, na abue kwan ama yɛn sɛ yebetumi anya daa nkwa. Anadwo a ade rebɛkye ama Yesu awu no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmfa paanoo ne bobesa nyɛ afahyɛ korokorowa bi mfa nkae ɔdɔ a wayi no adi no.—1 Kor. 11:23-26.

2 Yɛdɔ Yesu paa, enti yedi n’ahyɛde so. (Yoh. 14:15) Afe biara, edu Nkaedi bere no a, yɛyɛ biribi de kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea Yesu ayɛ ama yɛn no. Enti, yeyi bere si hɔ bɔ mpae dwinnwen nea ne wu no kyerɛ ho. Afei nso, yɛde anigye yɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu, na yɛto nsa frɛ nnipa dodow biara a yebetumi sɛ wɔmmɛka yɛn ho ma yenni afahyɛ titiriw yi. Yɛasi yɛn bo sɛ yɛremma biribiara nsiw yɛn kwan sɛ yɛbɛkɔ Nkaedi no bi.

3. Dɛn na yɛbɛpɛɛpɛɛ mu wɔ adesua yi mu?

3 Adesua yi mu no, yɛbɛhwɛ nneɛma mmiɛnsa a Yehowa asomfo bɔ mmɔden yɛ na ama wɔatumi akae Yesu wu no: (1) yɛyɛ Nkaedi no sɛnea Yesu kyerɛe sɛ yɛnyɛ no, (2) yɛto nsa frɛ nkurɔfo sɛ wɔmmra Nkaedi no bi, (3) yɛbɔ mmɔden sɛ tebea a emu yɛ den mu mpo no, yɛbɛyɛ Nkaedi no.

YƐYƐ NKAEDI NO SƐNEA YESU KYERƐE SƐ YƐNYƐ NO

4. Nokwasɛm bɛn na afe biara wɔsi so dua wɔ Nkaedi no ase, na adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛtoto saa nokwasɛm no ase? (Luka 22:19, 20)

4 Afe biara yɛkɔ Nkaedi no a, yetie ɔkasa a egyina Bible so, na ɛma yenya nsɛmmisa bi ho mmuae a emu da hɔ. Ɛboa yɛn ma yehu nea enti a adasamma hia agyede, ne sɛnea onipa baako wu betumi apata nnipa bebree bɔne. Ɛkae yɛn nea paanoo no ne bobesa no gyina hɔ ma, ne wɔn a ɛsɛ sɛ wɔdi paanoo no na wɔnom bobesa no bi. (Kenkan Luka 22:19, 20.) Afei nso, nhyira a ɛda hɔ retwɛn wɔn a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛtena asaase so no, yedwinnwen ho. (Yes. 35:5, 6; 65:17, 21-23) Ɛnsɛ sɛ yɛtoto saa nokwasɛm yi ase. Nnipa ɔpepepem pii nte ase, na sɛnea Yesu afɔrebɔ no som bo fa no nso wɔnnim. Afei nso, sɛnea Yesu kyerɛe sɛ yɛnkae ne wu no, ɛnyɛ saa na wɔyɛ no. Adɛn ntia?

5. Asomafo dodow no ara wui akyi no, sɛnea Yesu kyerɛe sɛ yɛnkae ne wu no, sɛn na nkurɔfo yɛɛ no?

5 Asomafo dodow no ara wui akyi pɛɛ no, atoro Kristofo bewurawuraa asafo no mu. (Mat. 13:24-27, 37-39) Wɔkasa ‘kyinkyim nsɛm de twee asuafo no dii wɔn akyi.’ (Aso. 20:29, 30) Bible ka sɛ, Yesu de ne nipadua “bɔɔ afɔre prɛko de soaa nnipa pii bɔne,” nanso akyiri yi atoro Kristofo no fii ase kyerɛkyerɛe sɛ ɛnyɛ saa na ɛte, na mmom ɛsɛ sɛ wɔbɔ Yesu afɔre no mpɛn pii. Wei yɛ nsɛm a atoro Kristofo no ‘kyinkyimii’ no mu baako. (Heb. 9:27, 28) Ɛnnɛ, nnipa komapafo pii gye saa atoro nkyerɛkyerɛ no di. Wɔkɔ asɔre nnawɔtwe biara, anaa ɛtɔ da a wɔkɔ no da biara kɔkae Yesu wu no. Ɛno na nnipa dodow no ara taa ka sɛ wɔrekɔ “Mass” b no. Ɔsom afoforo nso de, wɔnkae Yesu wu no mpɛn pii saa, nanso wɔn asɔremma dodow no ara nte nea Yesu afɔrebɔ no kyerɛ ase yiye. Ebia ebinom bebisa sɛ, ‘Ɛyɛ ampa sɛ Yesu wu no nti, Onyankopɔn betumi de me bɔne akyɛ me?’ Adɛn nti na wɔbisa saa asɛm no? Nea enti a ebinom bisa saa ne sɛ, adwene a nkurɔfo anya sɛ Yesu afɔrebɔ no rentumi mma yennya bɔnefakyɛ no, wɔagye adi. Sɛn na Yesu akyidifo anokwafo adi saa asɛm yi ho dwuma?

6. Eduu afe 1872 no, ntease bɛn na na Bible asuafo bi anya?

6 Afe 1870 no, Bible asuafo bi a na Charles Taze Russell di wɔn anim fii ase tweetwee Kyerɛwnsɛm no mu kɔɔ akyiri. Ná wɔpɛ sɛ wɔhu nea Yesu afɔrebɔ no kyerɛ ankasa, ne sɛnea ɛsɛ sɛ yɛkae ne wu no. Eduu afe 1872 no, na wɔasua Bible no ahu sɛ Yesu bewui de gyee adasamma ampa. Nea wɔhui no, wɔamfa anhyɛ wɔn ho. Mmom wɔnam nhoma, atesɛm nkrataa, ne nsɛmma nhoma so maa nkurɔfo tee. Ɛno akyi pɛɛ no, wɔsuasuaa tete Kristofo no, enti na afe biara wɔhyiam pɛnkoro yɛ Nkaedi no.

7. Nhwehwɛmu a Bible asuafo a wɔdi kan no yɛe no, sɛn na ɛreboa yɛn?

7 Nhwehwɛmu a saa Kristofo anokwafo no yɛe mfe pii a atwam ni no, ɛnnɛ yenya so mfaso. Ɔkwan bɛn so? Yehowa adaworoma, wabue yɛn ani ma yɛate Yesu afɔrebɔ no ne nea ɛkyerɛ ase. (1 Yoh. 2:1, 2) Afei nso, Bible ama yɛahu sɛ nnipa a wɔyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani no, anidaso mmienu na ɛwɔ hɔ ma wɔn; ebinom bɛkɔ soro na wɔrenwu da, nnipa ɔpepem pii nso benya daa nkwa wɔ asaase so. Sɛnea Yehowa dɔ yɛn paa ne sɛnea Yesu afɔrebɔ no boa yɛn no, sɛ yesusuw ho a, ɛma yɛbɛn Yehowa paa. (1 Pet. 3:18; 1 Yoh. 4:9) Enti sɛnea yɛn nuanom anokwafo a wɔtenaa ase tete no yɛe no, ɛnnɛ yɛn nso yɛto nsa frɛ nkurɔfo sɛ wɔmmɛka yɛn ho mma yɛnyɛ Nkaedi no sɛnea Yesu kyerɛe sɛ yɛnyɛ no.

YƐTO NSA FRƐ NKURƆFO SƐ WƆMMRA NKAEDI NO BI

Dɛn na wubetumi ayɛ na sɛ edu bere a yɛreto nsa afrɛ nkurɔfo aba Nkaedi no a, woatumi de wo ho ahyɛ mu yiye? (Hwɛ nkyekyɛm 8-10) e

8. Dɛn na Yehowa asomfo ayɛ de ato nsa afrɛ nkurɔfo aba Nkaedi no? (Hwɛ mfoni no.)

8 Yehowa asomfo fii ase too nsa frɛɛ nkurɔfo baa Nkaedi no nyɛ nnɛ. Afe 1881 tɔnn no, wɔtoo nsa frɛɛ anuanom a ɛwɔ United States sɛ wɔnhyiam wɔ obi fie wɔ Allegheny, Pennsylvania nkae saa da titiriw no. Akyiri yi, edu Nkaedi no so a, na asafo biara yɛ ne de. March 1940 no, wɔka kyerɛɛ adawurubɔfo no sɛ, wɔbetumi ato nsa afrɛ obiara a ɔwɔ wɔn asaasesin mu a n’ani gye ho sɛ ɔbɛba Nkaedi no bi no. Afe 1960 ne bere a edi kan a Betel tintim Nkaedi nsato krataa maa nsafo no. Efi saa bere no reba no, yɛakyekyɛ Nkaedi nsato krataa ɔpepepem pii. Adɛn nti na yɛyere yɛn ho de bere pii to nsa frɛ nkurɔfo?

9-10. Sɛ yɛbɔ mmɔden to nsa frɛ nkurɔfo sɛ wɔmmra Nkaedi no a, henanom na ɛboa wɔn? (Yohane 3:16)

9 Ade baako nti a yɛto nsa frɛ nkurɔfo sɛ wɔmmra Nkaedi no bi ne sɛ, yɛpɛ sɛ wɔn a wɔmmaa bi da no hu nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn nyinaa. (Kenkan Yohane 3:16.) Yɛhwɛ kwan sɛ nea wɔbehu ne nea wɔbɛte wɔ Nkaedi no ase no bɛkanyan wɔn ama wɔasua Yehowa ho ade pii, na wɔabɛsom no. Nanso, ɛnyɛ wɔn nko ara na ɛboa wɔn.

10 Afei nso, yɛto nsa frɛ wɔn a wɔagyae adesua ne asɛnka kɔ no. Yɛyɛ saa de kae wɔn sɛ Onyankopɔn da so ara dɔ wɔn. Ɛyɛ a wɔn mu bebree ba bi, na yehu wɔn a yɛn ani gye paa. Wɔba Nkaedi no a, ɛkae wɔn sɛ bere bi a na wɔkeka wɔn ho wɔ Yehowa som mu no na wɔn ani gye paa. Momma yɛnhwɛ Monica. c Bere a COVID-19 nsanyare no bae no na ɔsan fii asɛnka ase. Bere a ɔkɔɔ afe 2021 Nkaedi no, ɔkaa sɛ: “Saa Nkaedi yi de, asɛ wɔyɛ maa me. Mfe 20 ni, afei na matumi adi nkurɔfo adanse ato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔmmra Nkaedi no bi. Meyɛɛ nea metumi biara too nsa frɛɛ nkurɔfo, efisɛ m’ani sɔ nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama me no paa.” (Dw. 103:1-4) Sɛ nkurɔfo bɛba Nkaedi no oo, sɛ wɔremma oo, yɛn de, yɛbɛyere yɛn ho ato nsa afrɛ wɔn, efisɛ yenim sɛ Yehowa ani sɔ yɛn mmɔdenbɔ no.

11. Sɛnea yɛyere yɛn ho to nsa frɛ nkurɔfo ba Nkaedi no, sɛn na Yehowa ahyira so? (Hagai 2:7)

11 Sɛnea yɛyere yɛn ho to nsa frɛ nkurɔfo ba Nkaedi no, Yehowa ahyira so paa. Afe 2021 sei, ɛmfa ho anohyeto a COVID-19 nsanyare no ma ɛbae no, nnipa dodow 21,367,603 na ɛbaa Nkaedi no; yennyaa bi saa da. Saa nnipa dodow yi, ɛyɛ Yehowa Adansefo a ɛwɔ wiase nyinaa mmɔho bɛyɛ mmienu ne fã! Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ nnipa dodow no na ehia Yehowa, mmom, nnipa mmaako mmaako a wɔba no na n’ani wɔ wɔn so. (Luka 15:7; 1 Tim. 2:3, 4) Yegye di paa sɛ yɛto nsa frɛ nkurɔfo sɛ wɔmmra nkaedi no a, Yehowa nam so bɛma yɛahu wɔn a wɔwɔ koma pa no.—Kenkan Hagai 2:7.

YƐBƆ MMƆDEN SƐ TEBEA A EMU YƐ DEN MU MPO NO, YƐBƐYƐ NKAEDI NO

Mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛyɛ Nkaedi no, Yehowa hyira so (Hwɛ nkyekyɛm 12) f

12. Dɛn na ebetumi ama ayɛ den sɛ yɛbɛyɛ Nkaedi no? (Hwɛ mfoni no.)

12 Yesu ka too hɔ sɛ awiei bere no mu no, yɛbɛfa amanehunu pii mu; ebinom abusuafo bɛsɔre atia wɔn, nkurɔfo bɛtan yɛn ani, akodi ne nsanyare a edi awu bɛba, ne nea ɛkeka ho. (Mat. 10:36; Mar. 13:9; Luka 21:10, 11) Ɛtɔ da a, saa nneɛma yi ma ɛyɛ den sɛ yɛbɛkae Yesu wu no. Dɛn na yɛn nuanom ayɛ de adi saa ɔhaw yi so, na sɛn na Yehowa aboa wɔn?

13. Akokoduru a Artem nyae ne sɛnea na wasi ne bo sɛ ɔbɛkae Yesu wu no wɔ afiase no, sɛn na Yehowa hyiraa so?

13 Afiase. Yɛn nuanom a wɔn gyidi nti wɔda afiase no, wɔyɛ nea wɔbetumi biara kae Yesu wu no. Yɛnhwɛ nea Artem yɛe. Afe 2020 Nkaedi bere no, na ɔda afiase. Afiasedan a na ɔda mu no, na ne kɛse te sɛ dankora; na wɔyɛ nnipa nnum na ɛda mu. Ɛmfa ho sɛ na ɔda afiase no, onyaa nneɛma bi de yɛɛ Nkaedi no, na ɔyɛe sɛ ɔbɛma Nkaedi kasa no akyerɛ ne ho. Nanso, wɔn a na ɔne wɔn da afiase dan no mu hɔ no, na wɔnom sigaret ka kasafĩ paa. Enti, dɛn na ɔyɛe? Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛbɛyɛ yiye a, anka dɔnhwerew baako ntam de, mma wɔnnka kasafĩ, na mma wɔnnom sigaret. Anwanwasɛm, nkurɔfo a Artem ne wɔn da afiase no tee ase sɛ wɔrennom sigaret na wɔrenka kasafĩ bere a ɔreyɛ Nkaedi no. Artem ka sɛ, “Meka kyerɛɛ wɔn sɛ mepɛ sɛ meka Nkaedi no ho asɛm kyerɛ wɔn.” Ɛwom sɛ wɔkaa sɛ wɔmpɛ Nkaedi no ho asɛm ate de, nanso bere a wɔhui sɛ Artem reyɛ Nkaedi no na ɔrema ɔkasa no, wɔbisaa no ho asɛm.

14. COVID-19 nsanyare no nyinaa akyi no, sɛn na Yehowa asomfo yɛɛ Nkaedi no?

14 COVID-19 nsanyare no. Bere a saa nsanyare no bae no, Yehowa asomfo antumi ahyiam wɔ Ahenni Asa so ne mmeae ahorow anyɛ Nkaedi no. Nanso, ɛno ansiw wɔn kwan sɛ wɔbɛyɛ Nkaedi no. d Nsafo a na wɔbetumi anya Intanɛt no faa videoconference so yɛɛ Nkaedi no. Nsafo ɔpepem pii a na wɔnni Intanɛt wɔ baabi a wɔwɔ no nso ɛ? Aman bi so no, wɔyɛɛ nhyehyɛe maa ɔkasa no wɔ TV ne radio so. Ɛno da nkyɛn a, Betel ahorow bi maa Nkaedi kasa no wɔ kasa bɛboro 500 mu kyere guu afiri so, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔwɔ nkuraase no mpo betumi de ayɛ Nkaedi no. Enti, anuanom yɛɛ nhyehyɛe de kasa a wɔakyere agu afiri so no kɔmaa anuanom a na wɔbehia no.

15. Dɛn na wusua fi Bible suani bi a ne din de Sue hɔ?

15 Bere a abusuafo asɔre atia wo. Ebinom wɔ hɔ a, wɔn abusuafo a wɔsɔre tia wɔn nti, ɛma ɛyɛ den paa sɛ wɔbɛkɔ Nkaedi no. Momma yɛnhwɛ Bible suani bi a ne din de Sue asɛm no. Afe 2021 no, ade rebɛkye ama yɛayɛ Nkaedi no, Sue ka kyerɛɛ nea ɔne no sua Bible no sɛ ɔsɔretia a ɔrehyia wɔ fie nti, ɔrentumi mma Nkaedi no. Nea ɔne no sua Bible no ne no kenkan Luka 22:44. Afei ɔkyerɛɛ mu kyerɛɛ Sue sɛ, sɛ yɛrefa ɔhaw mu a, ɛsɛ sɛ yesuasua Yesu na yɛbɔ Yehowa mpae, na yɛde yɛn werɛ nyinaa hyɛ Yehowa mu. Ade kyee no, Sue yɛɛ paanoo ne bobesa no krado, na ɔhwɛɛ Daa Asɛm titiriw no wɔ jw.org so. Eduu anwummere no, ɔno nko ara kɔhyɛɛ ne dan mu, na otiee Nkaedi dwumadi no wɔ ne fon so. Ɛno akyi no, Sue kyerɛw nea ɔne no sua Bible no, na ɔkaa sɛ: “Ɛnnɛra, wohyɛɛ me nkuran paa. Enti meyɛɛ nea metumi biara kɔɔ Nkaedi no, na Yehowa nso di boaa me paa. M’ani agye aboro so, na minhu nea menka mpo mfa nna Yehowa ase!” Sɛ wokɔ ɔhaw a ɛte saa mu a, wohwɛ a Yehowa betumi aboa wo anaa?

16. Adɛn nti na yɛwɔ awerɛhyem sɛ, sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara kɔ Nkaedi no a, Yehowa behyira yɛn? (Romafo 8:31, 32)

16 Mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛkae Yesu wu no, ɛsɔ Yehowa ani paa. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ yɛkyerɛ nea wayɛ ama yɛn no ho anisɔ a, obehyira yɛn. (Kenkan Romafo 8:31, 32.) Ɛnde, momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ afe yi Nkaedi no bi, na yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa nyɛ pii wɔ Yehowa som mu Nkaedi bere yi.

DWOM 18 Agyede no Som Bo Ma Yɛn

a Benada, April 4, 2023 no, nnipa ɔpepem pii behyiam wɔ wiase baabiara akae Kristo wu no. Nnipa bebree wɔ hɔ a, saa da no ne bere a edi kan a wɔbɛkɔ bi. Ebinom wɔ hɔ a, wɔagyae adesua ne asɛnka kɔ mfe pii ni, nanso saa da no wɔbɛkɔ bi. Afoforo nso de, wɔn tebea ma ɛyɛ den paa sɛ wɔbɛkɔ bi, nanso wɔbɛkɔ. Sɛnea wo tebea te biara no, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ani begye sɛ wobɔɔ mmɔden kɔɔ bi.

b Asɔrefo no gye di sɛ, sɛ wɔreyɛ “Mass” no a, paanoo no ne bobesa no dane yɛ Kristo nipadua ne ne mogya. Wɔgye di sɛ bere biara a obi de ne ho bɛhyɛ saa adeyɛ yi mu no, na ɛkyerɛ sɛ wɔasan de Yesu nipadua ne ne mogya no abɔ afɔre bio.

c Wɔasesa edin no bi.

d Nsɛm a ɛwɔ jw.org so a yɛato din “2021 Memorial Commemoration” no, hwɛ ɛno nso.

e MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Efi afe 1960 reba no, krataa a yɛde to nsa frɛ nkurɔfo ba Nkaedi no, wɔayɛ mu nsakrae ama ayɛ kama paa; seesei yetintim bi, na yɛwɔ ɛlɛtrɔnik de nso.

f MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Anuanom bi ahyiam reyɛ Nkaedi no bere a ɔko rekɔ so wɔ baabi a wɔwɔ no.